Kwadwom
11Sɛnea kuropɔn no adan amamfo ni,
kuropɔn a anka nnipa ahyɛ no ma!
Adɛn nti na wayɛ okunafobea a
kan no na anka ɔyɛ ɔkɛse wɔ amanaman no mu?
Nea na ɔyɛ ɔhemmea wɔ amantam no mu no
abɛyɛ afenaa nnɛ.
2Osu yayaayaw anadwo,
nusu sensan nʼafono so.
Nʼadɔfo nyinaa mu no,
obiara nni hɔ a ɔkyekyee ne werɛ.
Ne nnamfonom nyinaa ayi no ama
Wɔayɛ nʼatamfo.
3Amanehunu ne adwumaden akyi no,
Yuda kɔ nnommum mu.
Ɔte amanaman no mu
na onni ahomegyebea.
Wɔn a wɔtaa no nyinaa ato no
wɔ nʼahokyere mu.
4Akwan a ɛkɔ Sion no resu,
efisɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase.
Nʼapon nyinaa adeda mpan,
na nʼasɔfo si apini,
ne mmabaa di yaw,
na ɔwɔ yawdi a mu yɛ den mu.
5Nʼatamfo abɛyɛ ne wuranom;
wɔn a wɔne no ayɛ adɔm ho adwo wɔn.
Awurade ama awerɛhow aba ne so
nʼamumɔyɛ bebrebe nti.
Ne mma kɔ nnommum mu.
Wɔayɛ nneduafo ama ɔtamfo.
6Anuonyam nyinaa atu
afi Ɔbabea Sion so kɔ.
Ne mmapɔmma ayɛ sɛ aforote
a wonnya adidibea;
na wɔde mmerɛwyɛ aguan
wɔ wɔn ataafo anim.
7Nʼamanehunu ne akyinkyinakyinkyin nna mu no,
Yerusalem kae ademude nyinaa
a na ɛwɔ no wɔ nna a atwa mu no mu.
Ne nkurɔfo kɔtɔɔ ɔtamfo no nsa mu no,
na obiara nni hɔ a ɔbɛboa no.
Nʼatamfo de wɔn ani hwɛɛ no
na wɔserew ne sɛe.
8Yerusalem ayɛ bɔne kɛse
enti ne ho agu fi.
Wɔn a wodi no ni no sopa no,
efisɛ wɔahu nʼadagyaw;
ɔno ankasa gu ahome
na ɔdan nʼani.
9Nʼafideyɛ atu aka ne ntade mu;
wannwene ne daakye ho.
Nʼasehwe yɛ nwonwa;
obiara ankyekye ne werɛ.
“Awurade, hwɛ mʼamanehunu,
efisɛ ɔtamfo adi nkonim.”
10Ɔtamfo no de ne nsa too
nʼademude nyinaa so;
ohuu sɛ amanaman
rehyɛn ne kronkronbea hɔ,
nnipa a woabra sɛ
wɔnnhyɛn wʼasafo mu no.
11Ne nkurɔfo nyinaa si apini
bere a wɔrehwehwɛ aduan;
wɔde wɔn ademude sesa aduan
de nya ahoɔden.
“Awurade, hwɛ na dwene me ho,
efisɛ wobu me animtiaa.”
12“Ɛmfa mo ho ana, mo a mutwa mu wɔ hɔ nyinaa?
Monhwɛ na munhu.
Ɔyaw bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me de
a wɔma ɛbaa me so yi,
nea Awurade de baa me so
wɔ nʼabufuwhyew da no ana?
13“Ɔsomaa ogya fii ɔsoro,
ma ɛbaa me nnompe mu.
Osum afiri maa mʼanan
na ɔsan me kɔɔ mʼakyi.
Ɔyɛɛ me pasaa,
metɔɔ beraw da mu nyinaa.
14“Woakyekyere me bɔne ahyɛ konnua mu;
ɔde ne nsa nwen bɔɔ mu.
Wɔde asɛn me kɔn mu
na Awurade atwe mʼahoɔden.
Ɔde me ahyɛ wɔn a
merentumi nnyina wɔn anim no nsa.
15“Awurade apo
akofo a wɔwɔ me ntam nyinaa;
wafrɛ asraafo atia me
sɛ wɔmmɛdwerɛw me mmerante.
Awurade atiatia Ɔbabea Ɔbabun Yuda so
wɔ ne nsakyiamoa mu.
16“Eyinom nti na misu
na nusu aguare me.
Obiara mmɛn a ɔbɛkyekye me werɛ,
nea ɔbɛhyɛ me honhom den nni hɔ.
Me mma agyigya
efisɛ ɔtamfo no adi nkonim.”
17Sion trɛw ne nsa mu
nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ.
Awurade ahyɛ ama Yakob se
ne mfɛfo bɛyɛ nʼatamfo;
Yerusalem abɛyɛ
afide wɔ wɔn mu.
18“Awurade yɛ ɔtreneeni,
nanso manni nʼahyɛde so.
Muntie, mo amanaman nyinaa
monhwɛ me yaw.
Me mmerante ne mmabaa
kɔ nnommum mu.
19“Mefrɛɛ mʼadɔfo
nanso woyii me mae.
Mʼasɔfo ne me mpanyimfo
ase tɔree wɔ kuropɔn no mu,
bere a wɔrehwehwɛ aduan adi
na wɔanwuwu.
20“Awurade, hwɛ me mmɔbɔ!
Meredi yaw wɔ me mu,
na me koma mu nso minni ahotɔ,
efisɛ mayɛ otuatewfo kɛse.
Afoa hyɛ me awerɛhow wɔ abɔnten so;
ofie nso yɛ owu nko ara.
21“Nnipa ate mʼapinisi,
nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ.
Mʼatamfo nyinaa ate mʼamanehunu
wɔn ani gye nea woayɛ no ho.
Ma nna a woahyɛ no mmra
sɛnea wɔbɛyɛ sɛ me.
22“Fa wɔn atirimɔdensɛm nyinaa si wʼanim;
na wo ne wɔn nni
sɛnea wo ne me adi;
esiane mʼamumɔyɛ no nti.
Mʼapinisi dɔɔso
na me koma abotow.”
21Sɛnea Awurade de nʼabufuwhyew mununkum
akata Ɔbabea Sion so ni?
Watow Israel anuonyam
afi ɔsoro abɛhwe fam;
wankae ne nan ntiaso
wɔ nʼabufuw da no.
2Awurade annya ahummɔbɔ
na wamene Yakob atenae nyinaa;
nʼabufuwhyew mu, wadwiriw
Yuda Babea abandennen no agu fam.
Wagu nʼahenni ne ne mmapɔmma
ho fi.
3Ɔde abufuwhyew atwitwa
Israel mmɛn nyinaa.
Wayi ne bammɔ
wɔ bere a atamfo no reba.
Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyatannaa
a ɛhyew biribiara a atwa ho ahyia.
4Wapema ne bɛmma sɛ ɔtamfo;
ne nsa nifa ayɛ krado.
Te sɛ ɔtamfo no, wakunkum
wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ ani so nyinaa;
wahwie nʼabufuwhyew sɛ ogya
agu Ɔbabea Sion ntamadan so.
5Awurade ayɛ sɛ ɔtamfo;
wamene Israel.
Wamene nʼahemfi nyinaa
asɛe nʼabandennen.
Wama awerɛhowdi ne agyaadwotwa adɔɔso
ama Yuda Babea.
6Wama nʼatenae ada mpan sɛ turo;
wasɛe nʼaguabɔbea.
Awurade ama Sion werɛ afi
nʼafahyɛ ne homenna;
nʼabufuwhyew mu no
wabu ɔhene ne ɔsɔfo animtiaa.
7Awurade apo nʼafɔremuka
na wagyaa ne kronkronbea mu.
Ɔde nʼahemfi afasu
ahyɛ nʼatamfo nsa.
Wɔteɛ mu wɔ Awurade fi
te sɛ afahyɛ da.
8Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe
Ɔbabea Sion fasu a atwa ne ho ahyia no.
Ɔde susuhama too ho
na wannyae ɔsɛe no.
Ɔmaa pie ne afasu dii abooboo;
wɔn nyinaa sɛee.
9Nʼapon amem fam;
wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no.
Ne hene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asu kɔ amanaman no mu,
mmara nni hɔ bio,
na nʼadiyifo nnya anisoadehu a
efi Awurade hɔ bio.
10Ɔbabea Sion mpanyimfo
tete fam ayɛ komm;
wɔde mfutuma agu wɔn tirim
afurafura atweaatam.
Yerusalem mmabaa
asisi wɔn ti ase.
11Mʼani rentumi nnyae nisutew,
me yafunu mu retwa me,
me koma retew atɔ fam,
efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo,
efisɛ mmofra ne mmotafowa totɔ piti
wɔ kuropɔn no mmɔnten so.
12Wobisa wɔn nanom se,
“Ɛhe na brodo ne nsa wɔ?”
Bere a wɔtotɔ beraw sɛ apirafo
wɔ kuropɔn no mmɔnten so,
bere a wɔn nkwa resa
wɔ wɔn nanom abasa so.
13Asɛm bɛn na metumi aka ama wo?
Dɛn ho na metumi de wo atoto,
Ɔbabea Yerusalem?
Dɛn na metumi de asusuw wo,
de akyekye wo werɛ,
Sion Babea Ɔbabun?
Wʼapirakuru so sɛ po.
Hena na obetumi asa wo yare?
14Wʼadiyifo anisoadehu
yɛ atoro a so nni mfaso;
wɔanna mo amumɔyɛ adi
ansiw mo nnommumfa ano.
Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no
yɛ atoro ne nnaadaa.
15Wɔn a wotwa mu wo kwan so nyinaa
bobɔ wɔn nsam gu wo so;
wodi wo ho fɛw na wɔwosow wɔn ti
gu Yerusalem Babea so ka se,
“Eyi ne kuropɔn a na wɔfrɛ no
ahoɔfɛ a edi mu no?
Asase nyinaa anigyede no ni?”
16Wʼatamfo nyinaa baa wɔn anom
tɛtrɛɛ tia wo;
wɔserew na wɔtwɛre wɔn se
na wɔka se, “Yɛamene no.
Da a na yɛretwɛn no ni;
Yɛatena ase ahu.”
17Awurade ayɛ nea ɔhyehyɛe;
wama nʼasɛm a
ɔhyɛɛ dedaada no aba mu.
Watu wo agu a wanhu wo mmɔbɔ,
wama ɔtamfo no ani agye
wama wʼatamfo no mmɛn so.
18Nnipa no koma
su frɛ Awurade.
Ɔbabea Sion afasu,
momma mo nusu nsen sɛ asubɔnten
awia ne anadwo;
munnye mo ahome
momma mo ani nso nnya ɔhome.
19Sɔre, su dennen anadwo,
ɔdasu mu mfiase;
hwie wo koma mu nsɛm sɛ nsu
gu Awurade anim.
Ma wo nsa so kyerɛ no
wo mma nkwa nti,
wɔn a ɔkɔm ama wɔatotɔ beraw
wɔ mmɔnten so.
20“Hwɛ na dwene ho, Awurade:
Hena na wode no afa saa ɔkwan yi so pɛn?
Ɛsɛ sɛ mmea we wɔn yafunumma nam ana,
mma a wɔahwɛ wɔn?
Ɛsɛ sɛ wokunkum ɔsɔfo ne odiyifo
wɔ Awurade kronkronbea ana?
21“Mmofra ne mpanyin da adabum
wɔ mmɔnten so mfutuma mu so,
me mmerante ne mmabaa
atotɔ wɔ afoa ano.
Woakum wɔn wɔ wʼabufuwda;
woayam wɔn na woannya ahummɔbɔ.
22“Sɛnea wotoo wo nsa frɛ wɔ aponto da no,
saa ara na wofrɛfrɛɛ
amanehunu fii afanan nyinaa tiaa me.
Awurade abufuw da no,
obiara anguan na anka obiara:
wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetew wɔn no,
me tamfo adwerɛw wɔn.”
31Mene ɔbarima a mahu amane
wɔ nʼabufuw abaa ano.
2Wapam me afi ne ho ama manantew
sum mu na ɛnyɛ hann mu;
3Ampa ara wama nsa so atia me
mpɛn bebree, da mu nyinaa.
4Wama me were ne me nam anyin
Na wabubu me nnompe.
5Waka me ahyɛ mu, na watua me ano
ɔde nweenwen ne ahokyere atwa me ho ahyia.
6Wama matena sum mu
sɛ wɔn a wɔawuwu dedaw no.
7Wato ɔfasu atwa me ho ahyia enti mintumi nguan;
wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ beraw.
8Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpae srɛ mmoa a
osiw me mpaebɔ ano.
9Ɔde abotan asiw me kwan;
wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.
10Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn,
te sɛ gyata a watɛw,
11ɔtwee me fii ɔkwan no mu bebaree me
na ogyaw me a minni mmoa biara.
12Okuntun ne ta mu
na ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so.
13Ɔde bɛmma a efi ne kotoku mu
hwirew me koma mu.
14Meyɛɛ akyiwade maa me nkurɔfo nyinaa;
wɔto akutia nnwom
de di me ho fɛw da mu nyinaa.
15Ɔde nhaban nweenwen ahyɛ me ma.
Wama me bɔnwoma anom.
16Ɔde mmosea abubu me se;
na watiatia me so wɔ mfutuma mu.
17Wɔama asomdwoe abɔ me;
na me werɛ afi yiyedi.
18Enti mise, “Mʼanuonyam asa,
nea mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.”
19Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyinakyinkyin mu,
nweenwen ne bɔnwoma mu.
20Mekae yiye,
na me kra abotow wɔ me mu.
21Nanso midwen eyi ho;
saa nti mewɔ anidaso.
22Awurade dɔ kɛse nti yɛnsɛee ɛ.
Nʼayamhyehye nni huammɔ.
23Ɛyɛ foforo anɔpa biara;
wo nokwaredi yɛ kɛse.
24Meka kyerɛ me ho se,
“Awurade yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.”
25Awurade ye ma wɔn a wɔn anidaso wɔ ne mu,
onipa a ɔhwehwɛ no no;
26Eye sɛ wɔyɛ komm
de twɛn Awurade nkwagye.
27Eye ma ɔbarima sɛ ɔsoa konnua no
wɔ ne mmerantebere mu.
28Ma ɔntena ase komm,
efisɛ Awurade de ato ne so.
29Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfutuma mu,
ebia anidaso wɔ hɔ.
30Ma ɔmfa nʼafono mma nea ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ no no
na ɔnhyɛ no aniwu.
31Na Awurade ntow onipa biara nkyene koraa.
32Ɛwɔ mu, ɔde awerɛhow ba de, nanso obenya ayamhyehye.
Ne dɔ kɛse no to rentwa da.
33Ofi amemenemfe mu de amanehunu
anaa awerɛhow brɛ nnipa mma.
34Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛw
nneduafo a wɔwɔ asase no so a,
35sɛ wotiatia obi ahofadi so
wɔ Ɔsorosoroni no anim a,
36anaa sɛ wobu obi ntɛnkyew a,
Awurade renhu saa nneɛma yi ana?
37Hena na obetumi aka na wama aba mu
wɔ bere a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛe?
38Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom
na mmusu ne nnepa fi ana?
39Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔteasefo nwiinwii
bere a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho?
40Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ,
na yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn.
41Momma yɛmma yɛn koma ne yɛn nsa so,
nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka se:
42“Yɛayɛ bɔne, na yɛatew atua
na wamfa ankyɛ.
43“Wode abufuw akata wo ho ataa yɛn;
na woakunkum a woannya ahummɔbɔ.
44Wode wo ho asie omununkum mu
nti mpaebɔ biara nnu wo nkyɛn.
45Woayɛ yɛn atantanne ne nwura
wɔ amanaman no mu.
46“Yɛn atamfo nyinaa abaa wɔn anom tɛtrɛɛ
de tia yɛn.
47Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhwease,
mmubui ne ɔsɛe.”
48Me nusu sen sɛ asuten
efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo.
49Me nusu bɛsen ara,
na ɛrennyae,
50kosi sɛ Awurade bɛhwɛ
afi ɔsoro, na wahu.
51Nea mihu no ma me kra werɛ how,
me kuropɔn no mu mmea nyinaa nti.
52Mʼatamfo a menyɛɛ wɔn hwee
pampam me sɛ anomaa.
53Wɔpɛɛ sɛ wotwa me nkwa so
na wosiw me abo wɔ amoa mu;
54nsu bu faa me ti so,
na ɛyɛɛ me sɛnea wɔrewie me.
55Mebɔɔ wo din, Awurade
fii amoa no ase tɔnn.
56Wotee me sufrɛ: “Nsiw wʼaso
wɔ me gye sufrɛ ho.”
57Wutwiw bɛn me bere a mefrɛɛ wo no,
na wokae se, “Nsuro.”
58Wo Awurade, wudii mʼasɛm maa me;
na wugyee me nkwa.
59Woahu bɔne a wɔayɛ me, Awurade.
Di mʼasɛm ma me!
60Woahu wɔn aweretɔ no mu den,
wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa.
61Awurade, woate wɔn ntwirii,
wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa,
62nea mʼatamfo ka no asomsɛm na wɔka no brɛoo
de tia me da mu nyinaa.
63Hwɛ wɔn! Sɛ wogyinagyina hɔ anaasɛ wɔtete hɔ,
wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw.
64Fa nea ɛfata tua wɔn so ka, Awurade,
nea wɔn nsa ayɛ nti.
65Pirim wɔn koma,
na ma wo nnome mmra wɔn so.
66Fa abufuw taa wɔn, na sɛe wɔn
fi Awurade ɔsorosoro ase.
41Hwɛ sɛnea sikakɔkɔɔ ayera ne hyerɛn no ni
Sikakɔkɔɔ ankasa na ho abiri saa!
Wɔatoto aboɔdemmo kronkron apete
wɔ abɔnten biara so.
2Hwɛ sɛnea Sion mmabarima a wodi mu
na anka wɔsom bo sɛ sikakɔkɔɔ no ayɛ,
mprempren wɔfa wɔn sɛ dɔte nkuku,
ɔnwemfo nsa ano adwuma!
3Mpo adompo yi wɔn nufu
ma wɔn mma num,
nanso me nkurɔfo ayɛ atirimɔdenfo
sɛ sohori a ɔwɔ sare so.
4Osukɔm nti, akokoaa tɛkrɛma
fam ne dodo mu;
mmofra no srɛ aduan,
nanso obiara mfa mma wɔn.
5Wɔn a na anka wodi nnuan pa no
ohia buruburoo aka wɔn wɔ mmɔnten so.
Wɔn a wɔde sirikyi tetew wɔn no
mprempren wɔdeda nso a wɔaboa ano so.
6Me nkurɔfo asotwe
so sen Sodom a
wotuu wɔn mpofirim no,
a wɔannya ɔboafo biara de.
7Na wɔn ahenemma ho twa sen sukyerɛmma,
na wɔnan sen nufusu,
na wɔn nipadua no bere, na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa,
na wɔte sɛ hoabo.
8Nanso mprempren de, wobiri sen wusiw bɔtɔ;
na wonhu wɔn yiye wɔ mmɔnten so.
Wɔn were atwintwam wɔ wɔn nnompe so;
ho awo wosee sɛ abaa.
9Wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no ye koraa
sen wɔn a ɔkɔm kunkum wɔn;
ɔkɔm tware wɔn ma wowuwu,
esiane aduan a enni mfuw so nti.
10Mmea a wɔwɔ ayamhyehye
de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma,
ayɛ wɔn aduan,
bere a wɔsɛee me nkurɔfo no.
11Awurade ada nʼabufuwhyew nyinaa adi;
wahwie nʼabufuw a ano yɛ den no.
Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion
ma ɛhyew ne fapem.
12Asase so ahemfo annye anni,
wiase mu nnipa nso annye anni
sɛ atamfo betumi ahyɛn
Yerusalem apon mu.
13Nanso esii, nʼadiyifo no bɔne
ne nʼasɔfo amumɔyɛ nti,
wɔn na wohwiee atreneefo mogya
guu wɔ kuropɔn no mu.
14Afei wɔkeka wɔ mmɔnten so
te sɛ nnipa a wɔn ani afura.
Mogya a ama wɔn ho agu fi no nti
obiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntade.
15Nnipa teɛteɛɛ mu gu wɔn so se, “Mumfi ha nkɔ! Mo ho ntew!”
“Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.”
Sɛ woguan kɔnenam a
amanaman no mu nnipa ka se,
“Wɔrentumi ntena ha bio.”
16Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete;
nʼani nni wɔn so bio.
Wɔmmfa nidi mma asɔfo,
na wɔn ani nsɔ mpanyimfo.
17Nea ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn,
yɛpɛɛ sɛ yebenya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa;
yefi yɛn abantenten so de yɛn ani too
ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so.
18Nnipa dii yɛn ntɛntɛnso wɔ yɛn anammɔntu mu,
enti yɛantumi annantew yɛn mmɔnten so.
Yɛn awiei bɛnee, na wɔkan yɛn nna,
efisɛ na yɛn awiei adu so.
19Yɛn ataafo ho yɛ hare
sen akɔre a wɔwɔ wim;
wɔtaa yɛn faa mmepɔw so
na wɔtɛw yɛn wɔ sare so.
20Nea Awurade asra no ngo, yɛn nkwa home ankasa no,
kɔtɔɔ wɔn mfiri mu.
Yegye dii sɛ ne nwini ase,
yebenya nkwa wɔ amanaman no mu.
21Di ahurusi na ma wʼani nnye, Edom Babea,
wo a wote Us asase so.
Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi;
wobɛbow na wɔabɔ wo adagyaw.
22Ɔbabea Sion, wʼasotwe bɛba awiei;
ɔremma wo nkɔ so ntena nnommum mu.
Nanso Ɔbabea Edom, obetua wo bɔne so ka
na wada wʼamumɔyɛ adi.
51Awurade, kae nea aba yɛn so;
hwɛ, na hu yɛn animguase.
2Wɔadan yɛn agyapade ama ahɔho,
wɔde yɛn afi ama ananafo.
3Yɛayɛ nyisaa na yenni agyanom,
yɛn nanom yɛ akunafo.
4Ɛsɛ sɛ yɛtɔ nsu a yɛnom;
yebenya nnyina a, gye sɛ yɛtɔ.
5Wɔn a wɔtaa yɛn no abɛn yɛn pɛɛ;
Yɛabrɛ na yennya ahomegye.
6Yɛde yɛn ho maa Misraim ne Asiria
sɛnea yebenya aduan a ɛbɛso yɛn.
7Yɛn agyanom yɛɛ bɔne, na wonni hɔ bio,
na yɛn na wɔn asotwe abɛda yɛn so.
8Nkoa di yɛn so,
na obiara nni hɔ a obegye yɛn afi wɔn nsam.
9Yɛde yɛn nkwa bɔ afɔre de pɛ yɛn anoduan,
afoa a ɛwɔ sare so no nti.
10Yɛn honam adɔ sɛ fononoo.
Ɔkɔm ama atiridii abɔ yɛn.
11Wɔato mmea mmonnaa wɔ Sion,
ne mmabun a wɔwɔ Yuda nkurow so.
12Wɔkyekyere mmapɔmma nsa na wɔasɛn wɔn;
wɔmmfa nidi mma mpanyimfo.
13Mmerante yɛ adwumaden wɔ awiyammo so;
na mmerantewa nan toto wɔ nnyina duruduru ase.
14Mpanyimfo ntena kuropɔn apon ano bio;
mmerante agyae wɔn nnwonto.
15Ahosɛpɛw afi yɛn koma mu;
yɛn asaw adan agyaadwotwa.
16Ahenkyɛw afi yɛn ti so.
Yɛn ara, yennue sɛ yɛayɛ bɔne!
17Eyi nti yɛn koma atɔ beraw,
eyinom nti yɛn ani so ayɛ kusuu
18wɔ Sion bepɔw a ada mpan
na sakraman nenam so no nti.
19Wo, Awurade, di hene afebɔɔ;
wʼahengua fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso.
20Adɛn nti na wo werɛ fi yɛn daa yi?
Adɛn nti na wagyaw yɛn, mmere tenten mu yi?
21Ka yɛn bata wo ho bio, Awurade, na yɛatumi asan aba wo nkyɛn;
yɛ yɛn nna foforo sɛ tete no
22gye sɛ woapo yɛn koraa
anaasɛ wo bo afuw yɛn mmoroso.