Odiyifo
Yeremia
Nhoma
11Nsɛm a efi Yeremia nkyɛn ni. Yeremia yɛ Hilkia babarima a na ɔyɛ Anatot asɔfo no mu baako wɔ Benyamin asase so. 2Awurade asɛm baa ne nkyɛn wɔ Yosia a ɔyɛ Yuda hene Amon babarima adedi afe a ɛto so dumiɛnsa no mu. 3Ɛtoaa so wɔ Yuda hene Yosia babarima Yehoiakim bere so, kosii Yuda hene Yosia babarima Sedekia bere so a nnipa a wɔte Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ adedi no afe a ɛto so dubaako no ɔsram a ɛto so anum no mu.
Yeremia Frɛ
4Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
5“Ansa na mereyɛ wo wɔ awotwaa mu no na minim wo;
ansa na wɔrebɛwo wo no, miyii wo sii nkyɛn;
meyɛɛ wo odiyifo maa aman no.”
6Mekae se, “Aa, Otumfo Awurade minnim kasa; meyɛ abofra.”
7Awurade ka kyerɛɛ me se, “Nka se ‘meyɛ abofra.’ Ɛsɛ sɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo no nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo sɛ ka no. 8Nsuro wɔn, efisɛ meka wo ho, na magye wo,” nea Awurade se ni.
9Na Awurade teɛɛ ne nsa de kaa mʼano na ɔka kyerɛɛ me se, “Mprempren mede me nsɛm ahyɛ wʼanom. 10Hwɛ, nnɛ, mede wo asi aman ne ahenni so sɛ, tutu na dwiriw gu, sɛe na tu gu, kyekyere na dua.”
11Na Awurade asɛm baa me nkyɛn se, “Dɛn na wuhu yi, Yeremia?”
Na mibuae se, “Mihu ɔsonkoran dubaa.”
12Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Wahu no yiye, na merehwɛ anim sɛ mʼasɛm bɛba mu.”
13Awurade asɛm baa me nkyɛn bio se, “Dɛn na wuhu yi?”
Mibuae se, “Mihu kuku a ɛrehuru sɛ ano rekyea akyerɛ yɛn fi atifi fam.”
14Awurade ka kyerɛɛ me se, “Wobefi atifi fam de amanehunu aba wɔn a wɔte asase no so nyinaa so. 15Merebɛfrɛ atifi ahenni mu nnipa nyinaa,” nea Awurade se ni.
“Wɔn ahemfo de wɔn ahengua bɛba
abesisi Yerusalem kuropɔn apon ano;
wɔbɛtow ahyɛ nʼafasu a atwa ahyia
ne Yuda nkurow nyinaa so.
16Mebu me nkurɔfo atɛn
wɔ wɔn amumɔyɛ sɛ wɔagyaw me,
sɛ wɔhyew nnuhuam ma anyame afoforo
na wɔkotow sɔre nea wɔde wɔn nsa ayɛ.
17“Siesie wo ho! Sɔre na ka nea mɛka akyerɛ wo biara kyerɛ wɔn. Mma wɔmmmɔ wo hu, anyɛ saa a mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim. 18Nnɛ, mayɛ wo kuropɔn a ɛwɔ bammɔ, dadedum ne kɔbere fasu sɛ wobɛsɔre atia asase no nyinaa, Yuda ahemfo, nʼadwumayɛfo, asɔfo ne nnipa a wɔwɔ asase no so. 19Wɔbɛko atia wo, nanso wɔrentumi nni wo so nkonim, efisɛ meka wo ho na megye wo,” sɛnea Awurade se ni.
2Israel Pa Onyankopɔn Akyi
1Awurade asɛm baa me so: 2“Kɔpae mu ka ma Yerusalem nte:
“ ‘Mekae sɛnea wode wo ho maa me wo mmabun bere mu,
sɛnea wodɔɔ me wɔ wʼayeforo bere mu
na wudii mʼakyi wɔ sare so,
asase a wonnuaa hwee wɔ so no.
3Na Israel yɛ kronkron ma Awurade,
ne twabere mu aduankan;
wɔn a wodii nʼani no wobuu wɔn fɔ,
na amanehunu baa wɔn so,’ ”
sɛnea Awurade, se ni.
4Muntie Awurade asɛm, mo Yakob asefo,
mo Israel mmusuakuw nyinaa.
5Eyi ne nea Awurade se:
“Mfomso bɛn na mo agyanom huu wɔ me ho a
ɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sɛɛ?
Wodii ahoni a wɔn so nni mfaso akyi,
maa wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufo.
6Wɔammisa se, ‘Ɛhe na Awurade wɔ?
Nea oyii yɛn fii Misraim
na ɔde yɛn faa sare wosee so,
nweatam ne abonabon asase
a awo na ayɛ owubon no.
Asase a obiara mfa so na obiara nte so no.’
7Mede mo beduaa asasebere so
sɛ munni so nnuaba ne ɛso nnepa.
Nanso mubeguu mʼasase ho fi,
na moyɛɛ mʼagyapade akyiwade.
8Asɔfo no ammisa se,
‘Ɛhe na Awurade wɔ?’
Wɔn a wɔde mmara yɛ adwuma no anhwehwɛ me;
ntuanofo sɔre tiaa me.
Adiyifo no de Baal hyɛɛ nkɔm,
na wodii ahoni huhuw akyi.
9“Ɛno nti, merebɔ mo kwaadu bio,”
nea Awurade se ni.
“Na mɛbɔ mo mma mma kwaadu.
10Muntwa nkɔ Kitim mpoano nkɔhwɛ,
monsoma nkɔ Kedar nkɔhwehwɛ mu yiye;
monhwɛ sɛ biribi a ɛte sɛɛ asi wɔ hɔ:
11Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn ana?
Nso wɔnnyɛ anyame mpo.
Nanso me nkurɔfo de wɔn anuonyam
asesa ahoni huhuw.
12Mo ɔsorosoro, momma mo ho nnwiriw mo wɔ eyi ho,
na mo ho nwosow wɔ akomatu mu,”
nea Awurade se ni.
13“Me nkurɔfo ayɛ bɔne ahorow abien:
Wɔapa me,
me a meyɛ nkwa asubura no,
na wɔatutu wɔn ankasa mmura amoa,
mmura a apaapae a entumi nkora nsu.
14Israel yɛ akoa anaa ɔsomfo fi awo mu ana?
Adɛn nti na wayɛ asade yi?
15Gyata abobɔ mu;
wɔaworo so akyerɛ no.
Wɔama nʼasase ada mpan;
wɔahyehyew ne nkurow ayɛ no amamfo.
16Afei Memfis ne Tapanhes mmarima
ayi wo ti so nwi.
17Ɛnyɛ wo na woama eyi aba wo so
sɛ wopaa Awurade wo Nyankopɔn akyi,
wɔ bere a ɔrekyerɛ wo kwan no?
18Afei adɛn nti na wokɔ Misraim
kɔnom Sihor mu nsu?
Na adɛn nti na wokɔ Asiria
kɔnom Asubɔnten no mu nsu?
19Wo amumɔyɛ bɛtwe wʼaso;
wo nsanakyi bɛka wʼanim.
Enti dwene ho na hu sɛ,
sɛ wopa Awurade wo Nyankopɔn akyi
na woannya ne ho suro a,
ɛyɛ bɔne ne ɔyaw ma wo.”
Awurade, Asafo Awurade na ose.
20“Tete mmere no, wububuu wo konnua mu,
na wotetew wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu;
na wokae se, ‘Merensom wo!’
Ampa, wɔ koko biara so
ne dua biara a adennan ase
na wotena bɔɔ aguaman.
21Miduaa wo sɛ bobe ankasa
a efi bobe a ase ye pa ara mu.
Na ɛyɛɛ dɛn na wodan wʼakyi kyerɛɛ me
bɛyɛɛ bobe a anyin asɛe wɔ wura mu yi?
22Sɛ wode soda
ne samina bebree guare mpo a,
wʼafɔdi nkekae da so wɔ mʼanim ara,”
sɛnea Otumfo Awurade se ni.
23“Ɛbɛyɛ dɛn na woaka se, ‘Me ho nguu fi ɛ;
minnii Baalnom akyi ɛ’?
Hwɛ sɛnea woyɛɛ wo ho wɔ obon no mu;
dwene nea woayɛ no ho.
Woyɛ yomabere hoɔharefo
a wutu mmirika kɔ ha ba ha,
24wura mu afurum a nweatam so tena akokwaw no,
ohuahua bere a ɔpɛ sɛ onini hyia no.
Sɛ nʼakɔnnɔ no ano yɛ den a hena na obesianka no?
Anini biara a wɔtaa no no nhaw wɔn ho bebree;
edu bere a ɛsɛ sɛ wohyia no a wobenya no.
25Ntu mmirika nkosi sɛ wʼanan ase bɛyɛ kwaterekwa,
na wo mene mu bɛyow.
Nanso wokae se, ‘So nni mfaso!
Mepɛ ananafo anyame,
na ɛsɛ sɛ midi wɔn akyi.’
26“Sɛnea wɔkyere ɔkorɔmfo a wogu nʼanim ase no,
saa na wɔagu Israelfi anim ase,
wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfo,
wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo.
27Wɔka kyerɛ dua se, ‘Woyɛ mʼagya,’
ne ɔbo se, ‘Wo na wowoo me.’
Wɔadan wɔn akyi akyerɛ me
na ɛnyɛ wɔn anim;
nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka se,
‘Bra begye yɛn!’
28Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he?
Momma wɔmmra sɛ wobetumi agye mo
bere a mowɔ amanehunu mu!
Efisɛ mowɔ anyame bebree
te sɛ nea mowɔ nkurow bebree no, Yuda.
29“Adɛn nti na mobɔ me sobo?
Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,”
Awurade na ose.
30“Metwee mo nkurɔfo aso kwa;
wɔamfa me nteɛso.
Wʼafoa akunkum wʼadiyifo
te sɛ gyata a nʼani abere.
31“Mo nnɛmmafo, munnwen Awurade asɛm ho:
“Mayɛ sɛ, nweatam ama Israel ana?
Anaasɛ asase a so aduru sum kabii ana?
Adɛn nti na me nkurɔfo ka se, ‘Yɛwɔ ho kwan sɛ yekyinkyin;
yɛremma wo nkyɛn bio.’
32Ɔbabun werɛ fi ne mpempranne,
ayeforo werɛ befi nʼahyehyɛde ana?
Nanso me nkurɔfo werɛ afi me
nna a wontumi nkan.
33Hwɛ nyansa a mowɔ de pɛ mo adɔfo!
Mmea a wɔnsɛ hwee koraa tumi sua mo akwan.
34Mo adurade mu wɔ
ahiafo a wodi bem mogya,
nanso moankyere wɔn sɛ wɔrebubu akɔ mu.
Eyinom nyinaa akyi
35woka se, ‘Midi bem;
ne bo mfuw me.’
Nanso mebu wo atɛn
efisɛ woka se, ‘Menyɛɛ bɔne biara ɛ.’
36Adɛn nti na wukyinkyin sɛɛ,
sesa wʼakwan?
Misraim bedi wo huammɔ
sɛnea Asiria yɛe no.
37Afei wubefi saa beae hɔ
a wo nsa gu wo ti so.
Efisɛ Awurade apo wɔn a wode wo ho too wɔn so no;
wɔremmoa wo.
31“Sɛ ɔbarima gyaa ne yere
na ɔbea no kɔware ɔbarima foforo a,
ɛsɛ sɛ ɔbarima no san kɔ ɔbea no nkyɛn ana?
Ɛremma asase no ho ngu fi koraa ana?
Nanso wo ne adɔfo bebree abɔ aguaman,
na mprempren de wobɛsan aba me nkyɛn ana?”
Awurade na ose.
2“Ma wʼani so hwɛ nkoko no so.
Baabi wɔ hɔ a wɔntoo wo mmonnaa da ana?
Wotenaa kwankyɛn twɛn adɔfo,
wotenaa sɛ mmoahwɛfo a wodi atutena wɔ nweatam so.
Woagu asase no ho fi,
wode wʼaguamammɔ ne wʼamumɔyɛ na ayɛ.
3Enti wɔatwe obosu asan,
na asusowbere su antɔ.
Nanso wʼanim ayɛ sɛ oguamanfo a ɔmfɛre hwee;
wʼani nwu hwee.
4Nnansa yi ara, woamfrɛ me se:
‘Mʼagya, me mmabunmmere mu adamfo,
5wo bo befuw biribiara ana?
Wʼabufuwhyew no bɛkɔ so daa ana?’
Sɛɛ na wokasa,
nanso woyɛ bɔne nyinaa sɛnea wutumi.”
Israel A Onni Nokware
6Ɔhene Yosia adedi bere so no, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Woahu nea Israel a onni nokware no ayɛ? Wakɔ nkoko nyinaa so ne dua a adennan biara ase akɔsɛe aware wɔ hɔ. 7Misusuwii sɛ anka wayɛ eyinom nyinaa akyi no, ɔbɛsan aba me nkyɛn nanso wamma, na ne nuabea Yuda a ɔno nso nka nokware no hui. 8Memaa Israel a onni nokware no awaregyae nhoma na mepam no esiane nʼawaresɛe abrabɔ nti. Nanso mihuu sɛ ne nuabea Yuda a onni nokware no ansuro; ɔno nso kɔbɔɔ aguaman bra. 9Esiane sɛ Israel aguamammɔ anyɛ no asɛnhia nti, ɔde fi kaa asase no na ɔne abo ne nnua bɔɔ aguaman. 10Eyinom nyinaa akyi no, ne nuabea Yuda amfi ne koma nyinaa mu ansan amma me nkyɛn, ɔyɛ de kyerɛɛ kɛkɛ,” sɛnea Awurade se ni.
11Awurade ka kyerɛɛ me se, “Israel a onni nokware no teɛ sen Yuda okontomponi no. 12Kɔ, fa wʼani kyerɛ atifi fam kɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn:
“ ‘San wʼakyi, Israel a onni nokware,’ Sɛɛ na Awurade se,
‘Meremmuna nkyerɛ wo bio,
efisɛ meyɛ mmɔborɔhunufo,’ sɛɛ na Awurade se,
‘Me bo remfuw afebɔɔ.
13Gye wo afɔdi to mu,
woatew Awurade, wo Nyankopɔn anim atua,
woakyekyɛ wʼadɔe mu ama ananafo anyame
wɔ dua biara a adennan ase,
na woanyɛ osetie amma me,’ ”
sɛnea Awurade se ni.
14“Monsan mo akyi, mo akyirisanfo,” sɛnea Awurade se ni, “efisɛ meyɛ mo kunu. Meyi wo; ɔbaako befi kurow mu na baanu afi abusuakuw mu, na mede mo aba Sion. 15Afei mɛma mo nguanhwɛfo a wɔda me koma so, wɔn a wɔde nimdeɛ ne ntease bɛkyerɛ mo ɔkwan. 16Saa nna no mu, sɛ mo dɔɔso bebree wɔ asase no so a,” Awurade na ose, “nnipa renka bio se, ‘Awurade apam adaka no.’ Ɛremma wɔn adwene mu anaa wɔrenkae da; wɔn kɔn rennɔ na wɔrenyɛ foforo nso. 17Saa bere no wɔbɛfrɛ Yerusalem Awurade Ahengua, na amanaman nyinaa behyia wɔ Yerusalem abɛkamfo Awurade din. Na wɔrenni wɔn koma bɔne a ɛma wɔyɛ asoɔden no akyi bio. 18Saa nna no mu, Yuda fi bɛka Israelfi ho, na wɔabɔ mu afi atifi fam asase bi so aba asase a mede maa mo agyanom sɛ agyapade no so.
19“Mʼankasa mekae se,
‘Anka ɛbɛyɛ me anigye sɛ mɛyɛ mo sɛ mma
na mama mo asase a eye,
agyapade a edi mu ma ɔman biara.’
Misusuwii sɛ mobɛfrɛ me ‘Agya’
na monnan mo ho mfi mʼakyi.
20Nanso te sɛ ɔbea a onni ne kunu nokware no,
saa ara na moanni me nokware, Israelfi,”
sɛnea Awurade se ni.
21Wɔte osu bi wɔ nkoko no so,
ɛyɛ Israelfo agyaadwotwa ne nkotosrɛ,
efisɛ wɔakyeakyea wɔn akwan
na wɔn werɛ afi Awurade, wɔn Nyankopɔn.
22“Monsan mmra, ɔyera mma;
mɛsa mo akyirisan yare no.”
“Yiw, yɛbɛba wo nkyɛn,
efisɛ wo ne Awurade, yɛn Nyankopɔn no.
23Ampa, ahoni huuyɛ wɔ nkoko
ne mmepɔw so no yɛ nnaadaa;
nokware Awurade yɛn Nyankopɔn mu
na Israel nkwagye wɔ.
24Efi yɛn mmofraase, anyame huhuw adi
yɛn agyanom nsa ano adwuma so aba,
wɔn nguankuw ne anantwi,
wɔn mmabarima ne wɔn mmabea.
25Momma yɛmfa yɛn aniwu nneda fam
na yɛn ahohora nkata yɛn so.
Yɛayɛ bɔne atia Awurade yɛn Nyankopɔn,
yɛn ne yɛn agyanom;
efi yɛn mmofraase besi nnɛ
yɛanyɛ osetie amma Awurade, yɛn Nyankopɔn no.”
41“Sɛ wo, Israel, wobɛsan wʼakyi a,
san bra me nkyɛn,”
sɛɛ na Awurade se.
“Sɛ wuyi wʼahoni a ɛyɛ akyiwade fi mʼani so
na sɛ woamman bio,
2na sɛ wufi nokware, pɛpɛyɛ ne trenee mu
ka ntam se, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’ a
afei wobehyira aman no
na ne mu na wobenya anuonyam.”
3Eyi ne asɛm a, Awurade ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalem:
“Munsiesie mo asase a womfuntum da,
na munnnua wɔ nsɔe mu.
4Muntwitwa mo ho twetia mma Awurade
muntwitwa mo koma twetia,
mo Yuda mmarima ne Yerusalemfo,
anyɛ saa a mʼabufuwhyew bɛsɔre na adɛw sɛ ogya
mo bɔne a moayɛ nti,
ɛbɛhyew a obiara rennum.”
Amanehunu A Efi Atifi Fam
5“Bɔ nkae wɔ Yuda na pae mu ka wɔ Yerusalem se
‘Hyɛn torobɛnto no wɔ asase no nyinaa so!’
Teɛ mu dennen se:
‘Mommoaboa mo ho ano!
Momma yenguan nkɔ nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu!’
6Momma frankaa so na monkɔ Sion
munguan nkɔbɔ mo ho aguaa!
Efisɛ mede amanehunu fi atifi fam reba,
ɔsɛe a ɛyɛ hu.”
7Gyata bi afi ne tu mu;
ɔbɔɔaman bi asi mu.
Wafi ne tenabea
sɛ ɔrebɛsɛe wʼasase.
Wo nkurow bebubu
na ada mpan.
8Enti fura atweaatam,
di awerɛhow na twa adwo,
efisɛ Awurade abufuwhyew no
nnan mfii yɛn so.
9“Saa da no,” Awurade na ose,
“ɔhene no ne adwumayɛfo no bɛbɔ hu,
asɔfo no bo betu,
na adiyifo no ho bedwiriw wɔn.”
10Afei, mekae se, “Aa, Otumfo Awurade, woadaadaa nnipa yi ne Yerusalem, wokae se, ‘Mubenya asomdwoe,’ wɔ bere a afoa da yɛn mene mu.”
11Saa bere no wɔbɛka akyerɛ nnipa yi ne Yerusalem se, “Mframa a emu yɛ hyew bɛbɔ afi nkoko wosee a ɛwɔ nweatam so aba me nkurɔfo so, ɛnyɛ nea ɛpo ho anaa ehuhuw so; 12mframa a ano yɛ den boro saa no fi me nkyɛn. Afei mepae mu ka mʼatemmu a etia wɔn.”
13Hwɛ! ɔreba sɛ omununkum,
ne nteaseɛnam reba sɛ mfɛtɛ,
nʼapɔnkɔ ho yɛ hare sen akɔre.
Yennue! Yɛawu!
14Yerusalem, yi bɔne fi wo koma mu na woanya nkwa.
Wode adwemmɔne bɛhyɛ wo mu akosi da bɛn?
15Nne bi rebɔ amanneɛ fi Dan,
ɛrebɔ amanehunu ho dawuru fi Efraim nkoko so.
16“Monka eyi nkyerɛ aman no,
mommɔ no dawuru nkyerɛ Yerusalem se,
‘Atuafo dɔm fi akyirikyiri asase bi so reba,
wɔma ɔko nteɛmu so de tia Yuda nkuropɔn.
17Wotwa ne ho hyia sɛ mmarima a wɔrewɛn afuw,
efisɛ watew me so atua,’ ”
sɛɛ na Awurade se.
18“Wo ankasa abrabɔ ne nneyɛe,
na ɛde eyi aba wo so.
Eyi yɛ wʼasotwe.
Ɛyɛ nwen!
Ɛwowɔ koma!”
19Ao, mʼahoyeraw, mʼahoyeraw!
midi me mu yaw.
Me koma mu yawdi!
Me koma bɔ kitirikitiri wɔ me mu,
mintumi nyɛ komm.
Efisɛ, mate torobɛnto no nnyigye;
mate ɔko frɛ no.
20Amanehunu di amanehunu akyi;
asase no nyinaa asɛe.
Wɔasɛe me ntamadan prɛko pɛ,
ne me hintabea mpofirim.
21Ɛsɛ sɛ mehwɛ ɔko frankaa no
na mitie torobɛnto no nnyigye kosi da bɛn?
22“Me nkurɔfo yɛ nkwaseafo;
wonnim me.
Wɔyɛ mma a wonni adwene;
wɔnte hwee ase.
Wɔwɔ bɔneyɛ ho nyansa;
na wonnim sɛnea wɔyɛ papa.”
23Mehwɛɛ asase no,
na enni bɔbea, na ɛda mpan;
mehwɛɛ ɔsorosoro, na wɔn hann no nni hɔ.
24Mehwɛɛ mmepɔw no,
na wɔrewosowosow,
na nkoko no nyinaa rehinhim.
25Mehwɛe, na nnipa nni hɔ;
wim anomaa biara atu kɔ.
26Mehwɛe, na nsasebere no adan nweatam
na ne nkurow nyinaa asɛe
wɔ Awurade anim, wɔ nʼabufuwhyew ano.
27Sɛnea Awurade se:
“Wɔbɛsɛe asase no nyinaa;
mmom, merensɛe no korakora.
28Enti asase bedi awerɛhow
na ɔsorosoro beduru sum,
efisɛ makasa na merentwe nsan;
masi gyinae na merennan no.”
29Apɔnkɔsotefo ne agyantowfo nnyigyei
ma kurow biara sofo guan.
Ebinom kɔhyɛ nkyɛkyerɛ mu,
ebinom foro kɔ abotan mu.
Nkurow no nyinaa so adeda mpan;
na obiara nte so.
30Dɛn na woreyɛ, wo a wɔasɛe wo?
Adɛn na wufura ɔkɔben
de sikakɔkɔɔ agude asiesie wo ho?
Adɛn na wode nnuru keka wʼani?
Wohyehyɛ wo ho kwa.
Wʼadɔfo bu wo animtiaa;
wɔrehwehwɛ wo akum wo.
31Mete osu bi te sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu,
apinisi te sɛ ɔbea a ɔrewo nʼabakan,
Ɔbabea Sion resu te sɛ nea osi apini,
ɔtrɛw ne nsa mu na ɔreka se,
“Afei de meretɔ piti;
wɔde me nkwa ama awudifo.”
5Obiara Nyɛ Ɔtreneeni
1“Munni akɔneaba wɔ Yerusalem mmɔnten so,
monhwɛ mo ho nhyia nhwɛ,
monhwehwɛ guabɔbea nyinaa.
Sɛ muhu onipa baako mpo a
ɔyɛ pɛ na odi nokware a,
mede kuropɔn yi ho bɛkyɛ no.
2Ɛwɔ mu wɔka se, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’
nanso wɔda so ka ntam hunu.”
3Awurade, wʼani mpɛ nokware ahu ana?
Wobɔɔ wɔn hwee fam, nanso wɔante yaw biara;
wodwerɛw wɔn, nanso wɔpoo nteɛso.
Wɔyɛɛ wɔn anim dennen sen ɔbo
na wɔansakra wɔn adwene.
4Misusuw se, “Eyinom nko ara ne ahiafo no;
wɔyɛ nkwaseafo nso,
efisɛ wonnim Awurade akwan,
nea wɔn Nyankopɔn hwehwɛ.
5Enti mɛkɔ ntuanofo no nkyɛn
akɔkasa akyerɛ wɔn;
ampa ara wonim Awurade akwan
nea wɔn Onyankopɔn hwehwɛ.”
Nanso wɔn nso de adwene koro abubu konnua no
atetew nkyehama no mu.
6Ɛno nti gyata bi a ofi kwae mu bɛtow ahyɛ wɔn so,
pataku bi a ofi nweatam so bɛtetew wɔn mu.
Ɔsebɔ bi bɛtɛw abɛn wɔn nkurow,
na obiara a obeyi ne ti no ɔbɛtetew ne mu nketenkete,
efisɛ wɔn atuatew no ano yɛ den
na wɔn akyirisan aboro so.
7“Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mede mo ho kyɛ mo?
Mo mma apo me,
wɔde anyame a wɔnyɛ anyame aka ntam.
Memaa wɔn nea wohia nyinaa,
nanso wɔbɔɔ aguaman
na wɔbɔɔ yuu kɔɔ nguamanfo afi mu.
8Mpɔnkɔnini aniberefo a wɔhwɛ wɔn yiye,
wɔn mu biara su di ne yɔnko yere akyi.
9Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyi ho?”
Sɛɛ na Awurade se.
“Ɛnsɛ sɛ, mʼankasa metɔ
ɔman a ɛte sɛɛ so were ana?
10“Momfa ne bobe nturo no mu na monsɛe no,
nanso monnsɛe no koraa.
Mompempan ne mman no,
efisɛ saa nnipa yi nyɛ Awurade dea.
11Israelfi ne Yudafi
anni me nokware koraa,”
Awurade na ose.
12Wɔadi atoro afa Awurade ho,
wɔkae se, “Ɔrenyɛ hwee!
Ɔhaw biara remma yɛn so;
yɛrenhu afoa anaa ɔkɔm da.
13Adiyifo no yɛ mframa bi kɛkɛ
na asɛm no nte wɔn mu;
enti momma nea wɔka no mmra wɔn so.”
14Enti eyi ne nea Asafo Awurade, Nyankopɔn se:
“Esiane sɛ, nnipa no aka saa nsɛm yi nti,
mɛyɛ me nsɛm a ɛwɔ wʼanom no ogya
na saa nnipa yi ayɛ nnyina a ogya no bɛhyew.
15Israelfi,” Awurade na ose,
“Mede ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri rebetia wo,
tete man a ɛyɛ ɔmantease,
nnipa a munnim wɔn kasa,
na monnte wɔn kasa ase.
16Wɔn agyan mmɔtɔwa te sɛ ɔda a ano da hɔ;
wɔn nyinaa yɛ dɔmmarima.
17Wɔbɛsɛe mo nnɔbae ne mo nnuan,
asɛe mo mmabarima ne mo mmabea;
wɔbɛsɛe mo nguankuw ne mo anantwikuw,
asɛe mo bobe ne mo mmrɔdɔma.
Wɔde afoa bɛsɛe
nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ a mode mo werɛ ahyɛ mu no.
18“Afei saa nna no mu mpo,” sɛɛ na Awurade se, “Merensɛe mo korakora. 19Na sɛ nnipa no bisa se, ‘Adɛn nti na Awurade, yɛn Nyankopɔn, ayɛ yɛn sɛɛ’ a, mobɛka akyerɛ wɔn se, ‘Sɛnea moagyaw me hɔ akɔsom ananafo anyame wɔ mo ankasa mo asase so no, saa ara na mprempren mobɛsom ananafo wɔ asase a ɛnyɛ mo dea no so.’
20“Monka eyi nkyerɛ Yakobfi
na mo mpae mu nka wɔ Yuda se:
21Muntie, mo nkwaseafo ne nnipa a munni adwene,
mowɔ ani nso munhu ade,
na mowɔ aso nso monte asɛm:
22Ɛnsɛ sɛ musuro me ana?” Sɛɛ na Awurade se.
“Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ mʼanim ana?
Mede nwea ato ɔhye ama po,
ɔhye a ɛwɔ hɔ daa a ɛrentumi ntra.
Asorɔkye bɛbɔ nanso ɛrentumi mmu mfa so;
ebehuru so nanso ɛrentumi ntra.
23Nanso saa nnipa yi wɔ asoɔden ne atuatew koma;
wɔatwe wɔn ho afi me ho kɔ.
24Wɔnnka nkyerɛ wɔn ho wɔn ho se,
‘Momma yensuro Awurade yɛn Nyankopɔn,
a ɔma osu tɔ wɔ ne mmere mu,
nea ɔma yɛn awerehyɛmu wɔ otwabere nnapɛn a wahyɛ no ho.’
25Mo amumɔyɛ abɔ eyinom agu;
mo bɔne ama ade pa abɔ mo.
26“Amumɔyɛfo bi wɔ me nkurɔfo yi mu
a wɔtɛw sɛ nnipa a wosum nnomaa afiri,
na wɔte sɛ wɔn a wosum mfiri yi nnipa.
27Sɛnea nnomaa ahyɛ kɛntɛn ma no
saa ara na asisi ahyɛ wɔn afi amaama;
wɔayeyɛ adefo anyinya tumi,
28na wɔadodɔ srade ama wɔn ho ayɛ hanahana.
Wɔn amumɔyɛsɛm no nni awiei;
wɔnnka ayisaa asɛm mma wonni bem,
na wɔmmɔ ahiafo tumi ho ban.
29Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyinom ho ana?”
Sɛɛ na Awurade se.
“Ɛnsɛ sɛ, mʼankasa metɔ
ɔman a ɛte sɛɛ so were ana?
30“Ade a ɛyɛ hu ne ahodwiriw
asi wɔ asase no so:
31Adiyifo no hyɛ akɔntoro,
asɔfo no de wɔn dibea di tumi,
na me nkurɔfo no pɛ no saa ara.
Nanso awiei no dɛn na wobɛyɛ?”
6Atamfo Atwa Yerusalem Ho Ahyia
1“Benyaminfo, munguan nkɔbɔ mo ho aguaa!
Munguan mfi Yerusalem!
Monhyɛn torobɛnto no wɔ Tekoa!
Munsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem!
Efisɛ amanehunu bobɔw fi atifi fam,
ɔsɛe bi a ɛyɛ hu.
2Mɛsɛe Ɔbabea Sion,
ɔhoɔfɛfo sɔɔnɔ no.
3Nguanhwɛfo ne wɔn nguankuw bɛba abetia no;
wobesisi wɔn ntamadan atwa ne ho ahyia,
wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.”
4“Munsiesie mo ho ne no nkɔko!
Monsɔre, momma yɛnkɔtow nhyɛ ne so owigyinae!
Nanso hwɛ, onwini redwo,
na anwummere sunsuma reware.
5Enti monsɔre, momma yɛnkɔtow nhyɛ ne so anadwo
na yɛnsɛe nʼaban ahorow!”
6Nea Asafo Awurade se ni:
“Muntwitwa nnua no ngu fam
na muntwa Yerusalem ho dantaban.
Ɛsɛ sɛ wɔtwe kuropɔn yi aso;
nhyɛso ahyɛ no ma.
7Sɛnea abura puw ne nsu no,
saa ara na opuw nʼamumɔyɛ.
Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛe nka wɔ ne mu;
ne yare ne nʼapirakuru wɔ mʼanim daa.
8Fa kɔkɔbɔ, Yerusalem,
anyɛ saa metwe me ho afi wo ho
na mama wʼasase ada mpan
a obiara ntumi ntena so.”
9Nea Asafo Awurade se ni:
“Ma wonyiyi Israel nkae no mu yiye
sɛnea woyiyi bobe mu yiye no;
fa wo nsa fa mman no so bio,
sɛ obi a ɔretetew bobe aba.”
10Hena na metumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ?
Hena na obetie me?
Wɔn aso asisiw
enti wɔnte asɛm.
Awurade asɛm yɛ akyiwade ma wɔn,
na wɔn ani nnye ho.
11Nanso Awurade abufuwhyew ahyɛ me ma,
na mintumi nkora so.
“Hwie gu mmofra a wɔwɔ mmɔnten so
ne mmerante a wɔahyia;
ɛbɛka okunu ne ɔyere,
mmasiriwa, wɔn a onyin ahunhuan wɔn no so.
12Wɔbɛdan wɔn afi ama afoforo,
wɔn mfuw ne wɔn yerenom bɛka ho;
sɛ meteɛ me nsa
wɔ wɔn a wɔte asase no so a,”
sɛnea Awurade se ni.
13“Efi akumaa so kosi ɔkɛse so,
wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo de pɛ ahonya;
adiyifo ne asɔfo te saa,
wɔn nyinaa yɛ asisifo.
14Wɔtoto me nkurɔfo apirakuru
te sɛnea ɛnyɛ hu.
Wɔka se, ‘Asomdwoe, asomdwoe’
wɔ mmere a asomdwoe nni hɔ.
15Wɔn ani wu wɔ wɔn animguase nneyɛe no ho ana?
Dabi da, wɔn ani nnwu koraa;
wonnim fɛre mpo.
Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfo mu;
wɔbɛhwehwe ase, sɛ metwe wɔn aso a,”
sɛnea Awurade se ni.
16Eyi ne nea Awurade se,
“Munnyina nkwantanan no so na monhwɛ;
mummisa tete akwan no,
mummisa faako a ɔkwan pa no da na monnantew so,
na mubenya home ama mo akra.
Nanso mokae se, ‘yɛnnantew so.’
17Mede awɛmfo sisii mo so na mekae se,
‘Muntie torobɛnto nnyigyei no!’
Nanso mokae se, ‘Yɛrentie.’
18Ɛno nti monyɛ aso, mo amanaman;
mo a moyɛ nnansefo, monhwɛ,
monhwɛ nea ɛbɛto wɔn.
19Tie, wo asase:
Mede amanehunu reba saa nnipa yi so,
wɔn nneyɛe so aba,
efisɛ wɔantie me nsɛm
na wɔapo me mmara.
20Nnuhuam a efi Seba
anaa ahwerew pa a efi akyirikyiri asase so fa me ho bɛn?
Minnye wo hyew afɔre no nto mu,
wʼafɔrebɔ ahorow no nsɔ mʼani.”
21Ɛno nti, nea Awurade se ni:
“Mede akwanside begu saa nkurɔfo yi anim.
Agyanom ne mmabarima nyinaa behintiw wɔ so;
yɔnkonom ne nnamfonom bɛyera.”
22Sɛnea Awurade se ni:
“Monhwɛ, nsraadɔm bi reba,
wofi atifi fam asase so;
wɔrehwanyan wɔn
afi nsase ano.
23Wokurakura bɛmma ne mpeaw;
wɔn tirim yɛ den, na wonni ahummɔbɔ.
Wɔn nnyigyei te sɛ po asorɔkye.
Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,
wɔba te sɛ mmarima a wɔrekɔ ɔko.
Wɔrebɛtow ahyɛ wo so, Ɔbabea Sion.”
24Yɛate wɔn ho nsɛm,
na yɛn nsa sesa yɛn ho sɛ nea awuwu.
Awerɛhow akyekyere yɛn
yɛte yaw sɛ ɔbea a ɔreko awo.
25Mfi adi nkɔ wuram
na nnantew akwan no so,
efisɛ ɔtamfo no wɔ afoa,
na baabiara ayɛ hu.
26Me nkurɔfo, mumfura atweaatam
na mommunummunum wɔ nsõ mu,
momfa adwadwotwa yaayaw nni awerɛhow
sɛnea wosu ma ɔbabarima koro,
efisɛ ɔsɛefo no
bɛba yɛn so mpofirim.
27“Mayɛ wo obi a ɔsɔ agude hwɛ
na me nkurɔfo dadeben,
a wobɛhwɛ
na woasɔ wɔn akwan ahwɛ.
28Wɔn nyinaa yɛ atuatewfo a wɔyɛ den,
wɔnenam di nseku.
Wɔyɛ kɔbere ne dade;
wɔn nyinaa yɛ wɔn ade wɔ porɔwee kwan so.
29Afa no bɔ mframa dennen
de ogya nan sumpii no,
nanso ɔnan no yɛ ɔkwa.
Entumi nyiyii bɔne no mfii wɔn mu ɛ.
30Wɔfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapo,
efisɛ Awurade apo wɔn.”
7Atoro Nyamesom So Nni Mfaso
1Eyi ne asɛm a efi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn: 2“Gyina Awurade asɔredan no pon ano, na ka saa asɛm yi:
“ ‘Muntie Awurade asɛm, mo nnipa a mowɔ Yuda nyinaa a mofa apon yi ano kɔsom Awurade. 3Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se: Monsakra mo akwan ne mo nneyɛe, na mɛma mo atena ha. 4Mommfa mo ho nto nnaadaasɛm so na monnka se, “Eyi ne Awurade asɔredan, Awurade asɔredan, Awurade asɔredan!” 5Sɛ mosakra mo akwan ne mo nneyɛe nokware mu, na mo ne mo ho mo ho di no trenee mu, 6sɛ moanhyɛ ɔhɔho, ayisaa anaa okunafo so, na moanhwie mogya a edi bem angu wɔ ha, na moanni anyame foforo akyi ankɔ mo ara ɔsɛe mu a, 7ɛno de, mɛma mo atena ha, asase a mede maa mo agyanom afebɔɔ no so. 8Nanso monhwɛ, mode mo ho ato nnaadaa nsɛm a so nni mfaso so.
9“ ‘Mobɛbɔ korɔn na moadi awu, mobɛbɔ aguaman na moadi adansekurum, mobɛhyew nnuhuam ama Baal na moadi anyame afoforo a munnim wɔn akyi, 10na afei, moaba abegyina mʼanim wɔ ofi a me din da so na moaka se, “Yenni ɔhaw,” sɛ moyɛ akyiwade yi nyinaa a na munni ɔhaw ana? 11Na ofi a me din da so yi, abɛyɛ adwowtwafo tu ama mo ana? Nanso migu so rehwɛ! Awurade na ose.
12“ ‘Na afei monkɔ Silo, faako a midii kan bɔɔ atenae de me Din too so, na monhwɛ nea meyɛɛ no esiane me nkurɔfo Israelfo amumɔyɛ nti. 13Bere a moreyɛ eyinom nyinaa, Awurade na ose, mekasa kyerɛɛ mo mpɛn bebree, nanso moantie; mefrɛɛ mo, nanso moannye so. 14Ɛno nti, sɛnea meyɛɛ Silo no, mede bɛyɛ ofi a me Din da so no, asɔredan a mode mo ho to so, baabi a mede maa mo ne mo agyanom no. 15Mɛpam mo afi mʼanim sɛnea meyɛɛ mo nuanom Efraimfo no.’
16“Enti mommmɔ mpae mma saa nnipa yi, monnsrɛ na munni mma wɔn nso; monnsrɛ me, efisɛ merentie mo. 17Munnhu nea wɔreyɛ wɔ Yuda nkurow no mu ne Yerusalem mmɔnten so no ana? 18Mmofra boaboa nnyina ano, na agyanom sɔ ogya no ano, mmea fɔtɔw asikresiam de to brodo ma Ɔsoro Hemmea. Na wogu nsa ma anyame afoforo de hyɛ me abufuw. 19Na ɛyɛ me na wɔrehyɛ me abufuw ana? Awurade na ose. Na ɛnyɛ wɔn mmom na wɔrehaw wɔn ho, hyɛ wɔn ho aniwu ana?
20“ ‘Ɛno nti, nea Otumfo Awurade se ni: Wobehwie mʼabufuw ne mʼabufuwhyew agu beae yi so, agu nnipa ne mmoa, mfuw so nnua ne asase no so aba so, na ɛbɛdɛw a ɛrennum.’
21“ ‘Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Monkɔ so, momfa mo ɔhyew afɔrebɔ nka mo afɔrebɔ a aka no ho, na mo ankasa monwe nam no! 22Na bere a miyii mo agyanom fii Misraim na mekasa kyerɛɛ wɔn no, manhyɛ wɔn mmara a ɛfa ɔhyew afɔrebɔ ne afɔrebɔ ho nko ara, 23mmom mede saa mmara yi kaa ho: Monyɛ osetie mma me, na mɛyɛ mo Nyankopɔn, na moayɛ me nkurɔfo. Monnantew akwan nyinaa a mɛhyɛ mo no so, na asi mo yiye. 24Nanso wɔantie na wɔanyɛ aso; mmom, wofi wɔn koma bɔne mu yɛɛ asoɔden. Wɔsan wɔn akyi na wɔankɔ wɔn anim. 25Efi bere a mo agyanom fii Misraim de besi nnɛ yi, da biara ne bere biara mesomaa me nkoa adiyifo baa mo nkyɛn. 26Nanso wɔantie me na wɔanyɛ aso. Wɔde asoɔden yɛɛ bɔne boroo wɔn agyanom de so.’
27“Sɛ moka eyinom nyinaa kyerɛ wɔn a, wɔrentie mo; sɛ mofrɛ wɔn a wɔrennye so. 28Ɛno nti monka nkyerɛ wɔn se, ‘Eyi ne ɔman a ɔnyɛɛ osetie mmaa Awurade, ne Nyankopɔn, na ɔmfaa nteɛso no. Nokware asa, na afi wɔn ano. 29Munyi mo tinwi na montow ngu, muntwa agyaadwo wɔ nkoko no so, efisɛ Awurade apo, na wagyaa saa awo ntoatoaso yi a wɔwɔ nʼabufuwhyew no ase akyidi.’ ”
Okum Bon No
30“ ‘Yudafo ayɛ bɔne wɔ mʼani so, sɛnea Awurade se ni. Wɔde ahoni a, ɛyɛ akyiwade asisi ofi a me Din da so mu de agu ho fi. 31Wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea wɔ Ben Hinom bon mu; ɛhɔ na wɔhyew wɔn mmabarima ne wɔn mmabea. Ade a manhyɛ wɔn na amma mʼadwene mu nso. 32Ɛno nti, monhwɛ yiye na nna no reba, Awurade na ose, a wɔremfrɛ hɔ Tofet anaa Hinom Bon bio, na mmom, wɔbɛfrɛ no Okum Bon, efisɛ wobesie awufo wɔ Tofet kosi sɛ hɔ bɛyɛ ma. 33Na afei saa nnipa yi afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa, na ɛrenka obiara wɔ hɔ a ɔbɛpam wɔn. 34Mede ahosɛpɛw ne anigye nnyigyei, ayeforo ne ayeforokunu nne a ɛwɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so no bɛba awiei, efisɛ asase no bɛda mpan.’ ”
81“ ‘Saa bere no, sɛnea Awurade se ni, wobeyiyi Yuda ahemfo ne adwumayɛfo nnompe, asɔfo ne adiyifo nnompe ne Yerusalemfo nnompe afi wɔn nna mu. 2Wɔbɛsɛw no kɛtɛ wɔ owia ne ɔsram ne ɔsorosoro nsoromma nyinaa a wɔdɔe, na wɔsomee, na wodii akyi kɔɔ so abisa na wɔsɔree no ase. Wɔremmoa wɔn ano na wɔrensie wɔn; mmom, wɔbɛyɛ sɛ sumina a egugu fam. 3Baabiara a metwa saa ɔman bɔne yi nkae no asu akɔ no, wɔbɛpɛ sɛ wobewu sen sɛ wɔbɛtena nkwa mu, sɛnea Asafo Awurade se ni.’
Bɔne Ne Asotwe
4“Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Awurade se ni:
“ ‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre ana?
Sɛ onipa dan ne ho a, ɔnsan nʼakyi ana?
5Afei adɛn nti na saa nnipa yi adan wɔn ho?
Adɛn nti na Yerusalem dan ne ho daa yi?
Wokura nnaadaa mu pintinn;
na wɔmpɛ sɛ wɔsan wɔn akyi.
6Mawɛn mʼaso atie,
nanso wɔnnka nea ɛteɛ.
Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumɔyɛ ho,
na ɔka se, “Dɛn na mayɛ?”
Obiara fa ne kwan
te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrepem akɔ akono.
7Mpo aturukuku a ɔwɔ wim
nim ne mmere a wɔahyehyɛ ama no,
na asukɔnkɔn, asomfena ne agyenkuku
hu bere a wotu kɔtena baabi,
nanso me nkurɔfo nnim
nea Awurade hwehwɛ.
8“ ‘Adɛn na mutumi ka se, “Yenim nyansa,
efisɛ yɛwɔ Awurade mmara,”
wɔ bere a akyerɛwfo kyerɛwdua torofo
de atoro adannan mu?
9Anyansafo no anim begu ase;
wɔn ho bedwiriw wɔn na afide ayi wɔn.
Sɛ wɔapo Awurade asɛm no a,
na nyansa bɛn na wɔwɔ?
10Mede wɔn yerenom bɛma mmarima afoforo
ne wɔn mfuw nso ama afoforo.
Efi akumaa so kosi ɔkɛse so,
wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo de pɛ ahonya;
adiyifo ne asɔfo te saa,
wɔn nyinaa yɛ asisifo.
11Wɔtoto me nkurɔfo apirakuru
te sɛnea ɛnyɛ hu.
Wɔka se, “Asomdwoe, asomdwoe”
wɔ mmere a asomdwoe nni hɔ.
12Wɔn ani wu wɔ wɔn animguase nneyɛe no ho ana?
Dabi da, wɔn ani nnwu koraa;
wonnim fɛre mpo.
Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfo mu;
wɔbɛhwehwe ase, sɛ metwe wɔn aso a,
sɛnea Awurade se ni.
13“ ‘Mɛfa wɔn twabere nnɔbae akɔ,
nea Awurade se ni.
Aba biara remma bobe nnua no so.
Aba biara remma borɔdɔma nnua no so,
ɛso nhaban begunguan.
Nea mede ama wɔn no,
wobegye afi wɔn nsam.’ ”
14Adɛn nti na yɛtete ha?
Mommoaboa mo ho ano!
Momma yenguan nkɔ nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ mu
na yenkowuwu wɔ hɔ!
efisɛ Awurade yɛn Nyankopɔn abu yɛn kumfɔ
na wama yɛn nsu a awuduru wɔ mu sɛ yɛnnom,
efisɛ yɛayɛ bɔne atia no.
15Yɛhwɛɛ kwan sɛ yebenya asomdwoe
nanso biribi pa biara amfi mu amma,
yɛhwɛɛ ayaresabere kwan
nanso ehu nko ara na ɛkaa yɛn.
16Wɔte atamfo no apɔnkɔ home
fii Dan;
na wɔn apɔnkɔnini su
ma asase no nyinaa wosow.
Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛe
asase no ne so nneɛma nyinaa,
kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.
17“Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano wɔ bɔre aba mo mu,
nhurutoa a wontumi nnwudwo wɔn,
na wɔbɛkeka mo,”
nea Awurade se ni.
18Wone mʼawerɛhow mu Werɛkyekyefo,
me koma abotow wɔ me mu.
19Tie me nkurɔfo sufrɛ;
a efi akyirikyiri asase so:
“Awurade nni Sion ana?
Ne Hene no nni hɔ bio ana?”
“Adɛn nti na wɔde wɔn nsɛsode ahyɛ me abufuw,
wɔn ananafo ahoni huhuw no?”
20“Otwabere no atwa mu,
ahuhuru bere no aba awiei,
na wonnnyee yɛn nkwa.”
21Sɛ wɔadwerɛw me nkurɔfo no nti, wɔadwerɛw me;
midi awerɛhow, na ahodwiriw akyekyere me.
22Aduru bi nni Gilead ana?
Ɔyaresafo bi nni hɔ ana?
Na afei adɛn nti na ayaresa nni hɔ
mma me nkurɔfo apirakuru?
91Ao, sɛ me ti yɛ asuti,
na mʼaniwa yɛ nusu abura a!
Mɛtew nusu awia ne anadwo
ama me nkurɔfo a wɔakunkum wɔn no.
2Ao, sɛ mewɔ akwantufo asoɛe
wɔ nweatam no so a
anka megyaw me nkurɔfo hɔ
na mafi wɔn nkyɛn;
efisɛ wɔn nyinaa yɛ nguaman,
nnipakuw a wonni nokware.
3“Wosiesie wɔn tɛkrɛma
te sɛ agyan de di atoro;
Ɛnyɛ nokware so na wɔnam
di yiye wɔ asase yi so.
Wɔyɛ bɔne toatoa so;
na wonnye me nto mu,”
Awurade na ose.
4“Monhwɛ yiye wɔ mo nnamfonom ho;
munnye obiara nni wɔ mo abusua mu.
Efisɛ wɔn mu biara yɛ ɔdaadaafo,
na adamfo biara yɛ ɔsɛefo.
5Adamfo daadaa adamfo,
na wɔn mu biara nka nokware.
Wɔn tɛkrɛma akokwaw atorodi mu,
wɔde bɔneyɛ haw wɔn ho.
6Wote nnaadaa mfimfini;
na wɔn nnaadaa mu wɔmpɛ sɛ wogye me to mu,”
sɛnea Awurade se ni.
7Ɛno nti, sɛɛ na Asafo Awurade se,
“Hwɛ, mɛnan wɔn asɔ wɔn ahwɛ,
na dɛn bio na metumi ayɛ
esiane me nkurɔfo yi bɔne nti?
8Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ bɔre;
ɛka nnaadaasɛm.
Obiara kasa asomdwoe mu kyerɛ ne yɔnko,
nanso ne koma mu de, osum no afiri.
9Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyi ho?”
Sɛɛ na Awurade se.
“Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ
ɔman a ɛte sɛɛ so were ana?
10Mesu na metwa adwo ama mmepɔw no,
mɛbɔ abubuw a ɛfa nweatam adidibea ho.
Ayɛ fo na obi mfa hɔ bio,
na wɔnte anantwi su wɔ hɔ.
Wim nnomaa no atutu kɔ
na mmoa no nso aguan kɔ.
11“Mɛyɛ Yerusalem mmubui siw,
sakraman atu;
na mɛma Yuda nkurow ada mpan
sɛnea obiara ntumi ntena hɔ.”
12Onipa bɛn na onim nyansa ara sɛ ɔbɛte eyi ase? Hena na Awurade akyerɛkyerɛ no a obetumi akyerɛ ase? Adɛn nti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ nweatam a obiara ntumi mfa so?
13Awurade kae se, “Esiane sɛ wɔapo me mmara a mehyɛ maa wɔn no nti, wɔanyɛ osetie amma me na wɔanni me mmara so. 14Mmom, wɔadi wɔn koma asoɔden akyi, wɔadi Baalnom akyi sɛnea wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no.” 15Ɛno nti, nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: “Hwɛ, mɛma saa nnipa yi adi aduan a ɛyɛ nwen na wɔanom nsu a wɔde awuduru afra. 16Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so no so, na mede afoa bɛtaa wɔn kosi sɛ mɛsɛe wɔn.”
17Sɛnea Awurade tumfo se ni:
“Dwene ho! Frɛ mmea agyaadwotwafo no,
frɛ wɔn a wɔakwadaw mu pa ara.
18Ma wɔmmra ntɛm
mmesu ngu yɛn so
kosi sɛ yɛn ani so bɛtaa nusu
na nusu aguare yɛn.
19Wɔte agyaadwotwa nnyigyei fi Sion se,
‘Wɔasɛe yɛn!
Yɛn anim agu ase yiye!
Ɛsɛ sɛ yetu fi yɛn asase so
efisɛ yɛn afi abubu.’ ”
20Afei, mo mmea, muntie Awurade asɛm;
monyɛ aso mma nsɛm a efi nʼanom.
Monkyerɛ mo mmabea sɛnea wotwa dwo;
monkyerɛ mo ho mo ho abubuwbɔ.
21Owu aforo afa yɛn mfɛnsere mu
ahyɛn yɛn aban mu;
apam mmofra afi mmɔnten so
ne mmerante afi ɔman aguabɔbea.
22Ka se, “Sɛɛ Na Awurade se,
“ ‘Nnipa afunu bɛdeda hɔ
te sɛ sumina a egugu petee mu,
te sɛ aburow a nnɔbaetwafo atwa agu nʼakyi
a obiara mmoaboaa ano.’ ”
23Eyi ne nea Awurade se:
“Mma onyansafo mfa ne nyansa nhyehyɛ ne ho
anaa ɔhoɔdenfo mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne ho
anaa ɔdefo mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho.
24Mmom ma nea ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛ
ɔwɔ nhumu, na onim sɛ,
me ne Awurade a ɔyɛ adɔe,
na obu atɛntrenee na ɔyɛ adetrenee wɔ asase so,
efisɛ eyinom na ɛsɔ mʼani,”
sɛnea Awurade se ni.
25“Nna no reba,” Awurade na ose, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso: 26Misraimfo, Yudafo, Edomfo, Amonfo, Moabfo ne wɔn a wɔtete nweatam a ɛwɔ akyirikyiri nsase so nyinaa. Na nokware, saa aman yi nyinaa yɛ momonotofo na mpo Israelfi nyinaa yɛ koma mu momonotofo.”
10Onyankopɔn Ne Ahoni
1Muntie nea Awurade ka kyerɛ mo, Israelfi. 2Sɛɛ na Awurade se:
“Munnsua amanaman no akwan
anaa momma wim nsɛnkyerɛnne mmɔ mo hu,
ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ amanaman no hu.
3Na nkurɔfo no amanne nka hwee;
wotwa dua fi kwae mu,
na odwumfo de ne fitii asen.
4Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ hyehyɛ no;
wɔde nnadewa ne asae bobɔ si hɔ
sɛnea ɛrenhwe fam.
5Ɛte sɛ kaakaabotoni a esi ɛfere mfikyifuw mu,
wɔn ahoni no ntumi nkasa;
ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn
efisɛ wontumi nnantew.
Munnsuro wɔn;
wɔrentumi nhaw mo
na wɔrentumi nyɛ ade pa biara nso.”
6Obiara nte sɛ wo, Awurade;
woyɛ ɔkɛse
na wo din so wɔ tumi mu.
7Hena na ɛnsɛ sɛ odi wo ni,
Amansanhene?
Eyi na ɛfata wo.
Amanaman no so anyansafo nyinaa mu
ne wɔn ahenni nyinaa mu,
obiara ne wo nsɛ.
8Wɔn nyinaa yɛ adwenharefo ne nkwaseafo;
dua ahoni a so nni mfaso na ɛma wɔn nkyerɛkyerɛ.
9Wɔde dwetɛ a wɔaboro fi Tarsis ba,
ne sikakɔkɔɔ nso fi Ufas ba.
Ɛyɛ nea odwumfo ne sika dwumfo ayɛ
a wɔde ntama bibiri ne beredum afura no,
ne nyinaa yɛ adwumfo anyansafo nsa ano nnwuma.
10Nanso Awurade ne nokware Onyankopɔn no;
ɔno ne Onyankopɔn teasefo, daapem Hene no.
Sɛ ne bo fuw a asase wosow;
na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuwhyew ano.
11“Ka eyi kyerɛ wɔn: ‘Saa anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asase no bɛyera afi asase so ne ɔsorosoro ase.’ ”10.11 Saa nkyerɛase yi fi Arameike kasa mu.
12Nanso Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase;
ɔtoo wiase fapem wɔ ne nyansa mu,
na ɔde ne nhumu trɛw ɔsorosoro mu.
13Sɛ ɔpaapae aprannaa a ɔsorosoro nsu bobɔ mu;
ɔma omununkum ma ne ho so fi nsase ano.
Ɔde anyinam ka osu ho ba,
na ogyaa mframa mu fi nʼadekoradan mu.
14Onipa biara nnim nyansa, na onni nimdeɛ;
sikadwumfo biara anim gu ase, esiane nʼahoni nti.
Ne nsɛsode yɛ atoro;
wonni ɔhome biara wɔ wɔn mu.
15Wɔn so nni mfaso, wɔn ho yɛ serew;
sɛ wɔn atemmu du so a, wɔbɛyera.
16Nea ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ eyinom,
efisɛ ɔno ne ade nyinaa Yɛfo
a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapade nso ka ho,
Asafo Awurade ne ne din.
Ɔsɛe A Ɛreba
17Mommoaboa mo ahode ano mfi asase no so,
mo a motete nkurow a wɔatua wɔn ano mu.
18Na sɛɛ na Awurade se:
“Saa bere yi mɛtow wɔn a
wɔtete asase yi so agu;
mede amanehunu bɛba wɔn so
sɛnea wɔbɛfa wɔn nnommum.”
19Me pira yi nti minnue,
mʼapirakuru yɛ akisikuru!
Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ,
“Eyi ne me yare, na ɛsɛ sɛ mimia mʼani.”
20Wɔasɛe me ntamadan;
wɔatwitwa nʼahama nyinaa mu.
Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhu wɔn bio;
anka obiara a obesi me ntamadan
anaa obesiesie me suhyɛ.
21Nguanhwɛfo no yɛ adwenharefo
wommisa Awurade akyi kwan;
ɛno nti wɔnkɔ so
na wɔn nguankuw no abɔ ahwete.
22Muntie! Amanneɛ no reba,
basabasayɛ kɛse a efi atifi fam asase bi so!
Ɛbɛma Yuda nkurow ada mpan,
na ayɛ sakraman atu.
Yeremia Mpaebɔ
23Awurade, minim sɛ, onipa nkwa nyɛ ne de;
na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛkyerɛ nʼanammɔntu.
24Teɛ me so, Awurade, wɔ trenee mu,
mfi wʼabufuw mu nyɛ;
anyɛ saa a wobɛdwerɛw me.
25Hwie wʼabufuwhyew no gu amanaman
a wonnye wo nto mu no so,
nnipa a wɔmmɔ wo din no so.
Efisɛ, wɔasɛe Yakob
wɔasɛe no koraa
na wɔasɛe nʼasase a wɔwoo no too so no.
11Wɔabu Apam No So
1Asɛm a efi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn ni: 2“Tie apam yi mu nhyehyɛe na ka kyerɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem. 3Ka kyerɛ wɔn se, sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: ‘Nnome nka onipa a onni apam yi mu nhyehyɛe so, 4nea mehyɛ maa mo agyanom bere a miyii wɔn fii Misraim, fononoo a wɔnan dade wɔ mu no.’ Mekae se, ‘Monyɛ osetie mma me na monyɛ biribiara a mehyɛ mo, na mobɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ mo Nyankopɔn. 5Na afei mɛma ntam a mekaa mo agyanom se, mɛma wɔn asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no aba mu,’ asase a mote so nnɛ yi.”
Mibuae se, “Amen, Awurade.”
6Awurade ka kyerɛɛ me se, “Bɔ saa asɛm yi ho dawuru wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so se: ‘Muntie apam yi ho nhyehyɛe na munni so. 7Efi bere a miyii mo agyanom fii Misraim besi nnɛ yi, mebɔɔ wɔn kɔkɔ bere biara se, “Monyɛ osetie mma me.” 8Nanso wɔantie na wɔamfa no asɛm; na mmom, wodii asoɔden a efi wɔn koma bɔne mu no akyi. Ɛno nti memaa nnome a efi apam a mahyɛ wɔn sɛ wonni so na wɔanni so no mu no baa wɔn so.’ ”
9Na afei Awurade ka kyerɛɛ me se, “Atuatew apam bi wɔ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem no ntam. 10Wɔasan kɔ wɔn agyanom a wɔampɛ sɛ wotie mʼasɛm no bɔne ho. Wɔadi anyame foforo akyi akɔsom wɔn. Yerusalem fifo ne Yuda fifo abu apam a me ne wɔn agyanom yɛe no so. 11Ɛno nti nea Awurade se ni: ‘Mede amanehunu a wɔrentumi nguan mfi mu bɛba wɔn so. Ɛwɔ mu sɛ, wosu frɛ me de, nanso merennye wɔn so. 12Yuda nkurow ne Yerusalemfo bɛkɔ akosu afrɛ anyame a wɔhyew nnuhuam ma wɔn no, nanso sɛ amanehunu ba a wɔrentumi mmoa wɔn koraa. 13Wo Yuda, wowɔ anyame a wɔn dodow bɛyɛ sɛ wo nkurow; na afɔremuka a moasisi sɛ mobɛhyew nnuhuam wɔ so ama animguase nyame Baal no dɔɔso sɛ Yerusalem mmɔnten.’
14“Mmɔ mpae mma saa nnipa yi, nni mma wɔn na nsrɛ mma wɔn, efisɛ, sɛ wosu frɛ me wɔ wɔn amanehunu mu a merennye wɔn so.
15“Dɛn na me dɔfo reyɛ wɔ mʼasɔredan mu
bere a ɔne bebree hyehyɛ nsɛmmɔnedi ho?
Ahodwira nam betumi abɔ wo asotwe agu ana?
Sɛ woyɛ wʼamumɔyɛsɛm a
na wʼani agye.”
16Awurade, frɛ wo ngodua a enyin frɔmfrɔm
a ɛsow aba a ɛyɛ fɛ.
Nanso ɔde ahum kɛse bi nteɛmu
bɛto mu gya,
na ne mman bebubu.
17Asafo Awurade a oduaa wo no ahyɛ amanehunu ho nkɔm wɔ wo ho, efisɛ Israel fifo ne Yuda fifo ayɛ bɔne ahyɛ me abufuw sɛ wɔhyew nnuhuam ma Baal.
Yeremia Tirisopam
18Esiane sɛ Awurade yii pɔw a wabɔ kyerɛɛ me no nti, mihui, efisɛ saa bere no ɔde nea wɔreyɛ no kyerɛɛ me. 19Meyɛɛ sɛ oguamma a odwo a wɔde no rekɔ akokum no; amma mʼadwene mu sɛ wɔabɔ wɔn tirim pɔw atia me sɛ,
“Momma yɛnsɛe dua no ne nʼaba no;
momma yentwa no mfi ateasefo asase so,
sɛnea wɔnnkae ne din bio.”
20Nanso wo, Asafo Awurade, wo a wubu atɛntrenee
na wosɔ koma ne adwene hwɛ,
ma minhu wʼaweretɔ wɔ wɔn so,
na wo nsam na mede me nsɛm nyinaa hyɛ.
21Ɛno nti nea Awurade ka fa Anatot mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum wo na wɔka se, “Nhyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu anyɛ saa a, wubewu wɔ yɛn nsa ano,” 22Ɛno nti, nea Asafo Awurade se ni: “Mɛtwe wɔn aso. Wɔn mmerante bewuwu afoa ano, na ɔkɔm bekunkum wɔn mmabarima ne mmabea. 23Wɔrennya wɔn nkae biara mpo, efisɛ mede amanehunu bɛba Anatotfo so wɔ wɔn asotwe afe mu.”
12Yeremia Anwiinwii
1Woyɛ ɔtreneeni bere biara, Awurade,
sɛ mede asɛm to wʼanim a.
Nso me ne wo bɛkasa afa wʼatɛntrenee ho:
Adɛn nti na amumɔyɛfo kwan si wɔn yiye?
Adɛn nti na wɔn a wonni gyidi ho dwo wɔn?
2Woadua wɔn, na wɔagye ntin;
wonyinyin na wɔsow aba.
Wɔbɔ wo din bere biara
nanso wɔn koma mmɛn wo.
3Nanso wunim me, Awurade;
wuhu me, na wosɔ mʼadwene a mewɔ wɔ wo ho no hwɛ.
Twe wɔn kɔ sɛ nguan a wɔrekotwitwa wɔn mu!
Yi wɔn si nkyɛn ma okumda!
4Asase no nkyen nkosi da bɛn
na prama so sare nguan nkosi da bɛn?
Esiane sɛ wɔn a wɔte so no yɛ amumɔyɛfo nti
mmoa ne nnomaa a wɔwɔ so awuwu.
Na nnipa no da so ka se,
“Ɔrenhu nea ɛba yɛn so.”
Onyankopɔn Mmuae
5“Sɛ wo ne mmarima atu mmirika
ama woabrɛ a,
ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ besi mmirikakan?
Sɛ wuhintiw wɔ asase petee so a,
ɛno de, dɛn na wobɛyɛ wɔ Yordan ho nkyɛkyerɛ mu?
6Wo nuabarimanom, wʼankasa abusuafo,
wɔn mpo ayi wo ama;
wɔteɛ mu dennen tia wo.
Mfa wo ho nto wɔn so,
sɛ mpo wɔka wo ho asɛm pa a.
7“Megyaw me fi,
ato mʼagyapade asaworam;
mede nea medɔ no no
bɛhyɛ nʼatamfo nsa.
8Mʼagyapade ayɛ me sɛ
gyata a ɔwɔ kwae mu.
Ɔbobɔ mu gu me so;
ɛno nti metan no.
9So mʼagyapade nyɛɛ me sɛ anomaa
a nkekae sisi ne ho a ɔkyere mmoa
na nnomaa foforo a wɔkyere mmoa atwa ne ho ahyia resosɔw no ana?
Monkɔboaboa nkekaboa nyinaa ano.
Momfa wɔn mmra na wonkum wɔn.
10Nguanhwɛfo bebree bɛsɛe me bobeturo,
na wɔatiatia me mfuw so;
wɔbɛdan me mfuw fɛɛfɛ no
ayɛ no asase hunu a ɛda mpan.
11Ɛbɛyɛ asase a ada mpan a,
awo wosee na ɛda hɔ kwa wɔ mʼanim;
asase no nyinaa bɛda mpan
efisɛ obiara nni hɔ a ɔhwɛ so.
12Nkoko wosee a ɛwɔ nweatam no nyinaa so no
na asɛefo bɛba abegu bebree,
Awurade afoa bekunkum wɔn
afi asase ano de akosi ano nohɔ;
obiara remfa ne ho nni.
13Wobedua atoko, nso wobetwa nsɔe;
wɔbɛbrɛ wɔn ho nanso wɔrennya hwee.
Wɔn ani bewu wɔ wɔn nnɔbaetwa ho.
Awurade abufuwhyew nti.”
14Nea Awurade se ni: “Na me yɔnkonom amumɔyɛfo a wɔfa agyapade a, mede maa me nkurɔfo Israelfo no de, metu wɔn afi wɔn nsase so na metu Yudafi afi wɔn mu. 15Na sɛ mitu wɔn wie a, mehu wɔn mmɔbɔ bio, na mede wɔn mu biara bɛba nʼagyapade, ne nʼasase so. 16Na sɛ wosua me nkurɔfo akwan yiye na wɔbɔ me din ka ntam se, ‘Nokware sɛ Awurade te ase yi’ a, ɛwɔ mu sɛ mmere bi wɔkyerɛɛ me nkurɔfo ma wɔde Baal kaa ntam de, nanso wɔn ase betim wɔ me nkurɔfo mu. 17Nanso sɛ ɔman bi antie a, metu nʼase, na masɛe no korakora,” Awurade na ose.
13Nwera Abɔso
1Sɛɛ na Awurade ka kyerɛɛ me: “Kɔ na kɔtɔ nwera abɔso bɔ wʼasen, nanso mma no nka nsu.” 2Enti metɔɔ abɔso sɛnea Awurade kyerɛe no, na mede bɔɔ mʼasen.
3Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn ne mprenu so se, 4“Fa abɔso a wotɔe a ɛbɔ wʼasen no kɔ Eufrate ho mprempren ara na fa kosie ɔbotan tokuru bi mu.” 5Enti mede kosiee Eufrate ho, sɛnea Awurade ka kyerɛɛ me no.
6Nna bebree akyi no, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Afei kɔ Eufrate ho na kɔfa abɔso a meka kyerɛɛ wo se fa kosie hɔ no.” 7Enti mekɔɔ Eufrate ho kotuu abɔso no wɔ beae a mede siei no, nanso na asuw atetew a so nni mfaso biara.
8Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 9“Sɛɛ na Awurade se, ‘Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantankyɛnee no. 10Saa amumɔyɛfo yi a wɔmpɛ sɛ wotie mʼasɛm na wodi wɔn komaden akyi na wodi anyame afoforo akyi som wɔn, sɔre wɔn no, bɛyɛ sɛ saa abɔso yi, na wɔn so remma mfaso biara! 11Sɛnea abɔso kyekyere onipa asen no, saa ara na mede Israelfi ne Yudafi nyinaa bataa me ho sɛ wɔnyɛ me nkurɔfo a wɔbɛma me din so, aka mʼayeyi na wɔahyɛ me anuonyam, nanso wɔantie me,’ nea Awurade se ni.
Nsa Kotoku
12“Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni, Wɔmfa nsa nhyɛ nsa kotoku biara ma.’ Na sɛ wɔka kyerɛ wo se, ‘Yenim sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nsa hyɛ nsa kotoku biara ma a,’ 13afei ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Awurade se ni: Mede nsabow bɛhyɛ wɔn a wɔtete asase yi so nyinaa ma, a ahemfo a wɔte Dawid ahengua so, asɔfo, adiyifo ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa ka ho bi. 14Mɛtotow wɔn abobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mmabarima nyinaa, Awurade na ose. Meremma ahummɔbɔ anaa ayamye anaa ayamhyehye nsiw ɔsɛe a merebɛsɛe wɔn no ho kwan.’ ”
Nnommumfa Ho Ahunahuna
15Muntie na monyɛ aso,
na monnyɛ ahantan,
efisɛ Awurade akasa.
16Monhyɛ Awurade, mo Nyankopɔn, anuonyam
ansa na wama sum aduru,
ansa na mo anan ahintihintiw
wɔ nkoko a ɛso reduru sum no so.
Mo ani da hann so,
nanso ɔbɛdan no sum kusuu
na wɔasesa ayɛ no sum kabii.
17Nanso sɛ moantie a,
mesu wɔ kokoa mu
esiane mo ahantan nti;
mʼani bɛtaataa nsu,
na nusu aguare me,
efisɛ wɔbɛfa Awurade nguankuw no akɔ nnommum mu.
18Monka nkyerɛ ɔhene ne ɔhemmea se,
“Mumfi mo ahengua so nsi fam,
na mo anuonyam ahenkyɛw
befi mo ti so.”
19Wɔbɛtoto Negeb nkuropɔn apon mu,
na obiara nni hɔ a obebuebue.
Wɔbɛsoa Yudafo akɔ nnommum mu
wobetwa wɔn asu koraa.
20Mo mpagyaw mo ani nhwɛ
wɔn a wofi atifi fam reba no.
Nguankuw a wɔde hyɛɛ mo nsa no,
nguan a mode wɔn hoahoaa mo ho no wɔ he?
21Sɛ Awurade de wɔn a wɔyɛ mo nnamfonom yɛ mo so atitiriw a,
dɛn na mobɛka?
Na ɛrenyɛ mo yaw
te sɛnea ɔbea ɔreko awo ana?
22Na sɛ wubebisa wo ho se,
“Adɛn nti na eyi aba me so a?”
Na efi wʼamumɔyɛ bebrebe no
nti na wɔatetew wo fam atade mu
ayɛ wo nipadua basaa no.
23Etiopiani betumi asesa nʼahosu ana?
Na ɔsebɔ nso betumi asesa ne ho nsisimu no?
Saa ara na worentumi nyɛ papa,
wo a bɔneyɛ akokwaw wo no.
24“Mɛbɔ mo ahwete sɛ ntɛtɛ a,
nweatam so mframa rebɔ no.
25Eyi ne nea mubenya,
mo kyɛfa a mahyɛ ama mo,”
Awurade na ose,
“efisɛ mo werɛ afi me
na mode mo ho ato anyame huhuw so.
26Mɛtwe mo fam ntade abua mo anim
na wɔahu mo ahohora.
27Mo aguamammɔ ne mo akɔnnɔ bɔne,
mo aguamammɔ a momfɛre ho!
Mahu mo nneyɛe bɔne no
wɔ nkoko ne sare so.
Due, Yerusalem!
Wobɛyɛ fi akosi da bɛn?”
14Nsuyow, Ɔkɔm, Afoa
1Eyi ne Awurade asɛm a ɔde maa Yeremia a ɛfa nsuyow ho:
2“Yuda resu,
ne nkuropɔn hu amane;
wɔbɔ asase no ho abubuw,
na osu foro fi Yerusalem kɔ.
3Mmapɔmma soma wɔn asomfo ma wɔkɔhwehwɛ nsu;
wɔkɔhwɛ ahina mu
nanso wonnya nsu.
Wɔde wɔn asuhina san ba a hwee nni mu;
wɔde awerɛhow ne abawpa
katakata wɔn ti so.
4Asase no apaapae,
efisɛ osu ntɔ wɔ asase no so;
akuafo no koma atutu
na wɔkata wɔn ti so.
5Mpo ɔforotebere a ɔwɔ sare so
gyaw ne ba a wawo no foforo,
efisɛ sare biara nni hɔ.
6Sare so mfurum gyinagyina nkoko wosee no so
home sɛ sakraman;
wɔkrankran wɔn ani hwehwɛ didibea
nanso wonhu bi.”
7Ɛwɔ mu sɛ yɛn amumɔyɛ di adanse tia yɛn de,
nanso Awurade, wo din nti yɛ ho biribi.
Yɛn atuatew dɔɔso;
na yɛayɛ bɔne atia wo.
8Wo a woyɛ Israel Anidaso,
nʼAgyenkwa wɔ amanehunu mmere mu,
adɛn nti na woayɛ sɛ ɔhɔho wɔ asase no so,
sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo?
9Adɛn nti na woayɛ sɛ obi a ade afu ne mu yi,
sɛ ɔkofo a onni ahoɔden a ɔde boa?
Wowɔ yɛn ntam, Awurade
na wo din da yɛn so;
nnyaw yɛn mu!
10Eyi ne nea Awurade ka fa saa nnipa yi ho:
“Wɔn ani gye akyinkyinakyinkyin ho yiye;
wɔmma wɔn anan nhome.
Ɛno nti Awurade nnye wɔn nto mu;
afei ɔbɛkae wɔn amumɔyɛsɛm no
na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.”
11Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Mmɔ yiyeyɛ ho mpae mma saa nnipa yi. 12Mmom ɛwɔ mu sɛ wodi mmuada de, nso merentie wɔn sufrɛ; ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre de, nso merennye. Mmom, mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛsɛe wɔn.”
13Nanso mekae se, “Ao, Otumfo Awurade, adiyifo no ka kyerɛ wɔn daa se, ‘Morenhu afoa, na ɔkɔm remma. Nokware mɛma mo asomdwoe a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ha.’ ”
14Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Adiyifo no hyɛ akɔntoro wɔ me din mu. Mensomaa wɔn, minnyii wɔn na menkasa nkyerɛɛ wɔn ɛ. Wɔrehyɛ nkɔm fa atoro anisoadehu, asumansɛm, abosonsom ne wɔn ankasa nnaadaa adwene ho. 15Ɛno nti, nea Awurade ka fa adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho ni: mensomaa wɔn nanso wɔka se, ‘Afoa biara anaa ɔkɔm biara remma asase yi so.’ Saa adiyifo no ara bɛtotɔ wɔ afoa ano ne ɔkɔm mu. 16Na nnipa a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtotow wɔn agu Yerusalem mmɔnten so esiane ɔkɔm ne afoa nti. Wɔrenya obiara nsie wɔn: wɔn yerenom, wɔn mmabarima anaa wɔn mmabea. Mɛma amanehunu a ɛfata wɔn aba wɔn so.
17“Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn:
“ ‘ma nisu nguare me
anadwo ne awia, a to ntwa,
efisɛ Ɔbabea Babun no, me nkurɔfo,
anya apirakuru a ɛyɛ hu
na ɛyɛ ahodwiriw mmoroso.
18Sɛ mekɔ ɔman no mu a,
mihu nnipa a wɔatotɔ wɔ afoa ano;
sɛ mekɔ kuropɔn no mu a
mihu ɔkɔm nsunsuanso.
Odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa
kɔ asase a wonnim so so.’ ”
19Woapo Yuda koraa ana?
Wubu Sion animtiaa ana?
Adɛn nti na wode ɔhaw aba yɛn so
na yennya ayaresa?
Yɛn ani daa asomdwoe so,
nanso ade papa biara mmaa ɛ;
yɛn ani daa ayaresa bere so
nanso ehu na ɛbae.
20Awurade, yegye yɛn amumɔyɛ
ne yɛn agyanom afɔdi to mu;
nokware, yɛayɛ bɔne atia wo.
21Na wo din nti mmu yɛn animtiaa;
nhura wʼanuonyam ahengua no ho.
Kae wo ne yɛn apam no
na mmu so.
22Na amanaman ahoni ahuhuw no mu bi ma osu tɔ ana?
Wim ankasa na ɛtɔ obosu ana?
Dabi da, ɛyɛ wo, Awurade yɛn Nyankopɔn.
Enti wo so na yɛn ani da,
na wo na woyɛ eyinom nyinaa.
151Afei Awurade ka kyerɛɛ me se, “Sɛ mpo, Mose ne Samuel15.1 Mose ne Samuel. Wogyee din efisɛ wogyinaa mu maa Israel nnebɔneyɛfo no wɔ Awurade anim. (2 Mose 32.11-14,30-34; 4 Mose 14.13-23; 5 Mose 9.18-20,25-29; 1 Sam 7.5-9; 12.19-25; Nnw 99.6-8). begyinaa mʼanim a anka me koma rentɔ nkɔ saa nnipa yi so. Ma womfi mʼani so! Ma wɔnkɔ! 2Na sɛ wobisa wo se, ‘Ɛhe na yɛnkɔ’ a, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Awurade se:
“ ‘Wɔn a wɔahyɛ owu ama wɔn no, bɛkɔ owu mu;
wɔn a wɔahyɛ afoa ama wɔn no bɛtotɔ wɔ afoa ano;
wɔn a wɔahyɛ ɔkɔm ama wɔn no, ɔkɔm bɛde wɔn;
wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommum mu.’
3“Mede adesɛefo ahorow anan bɛba wɔn so,” Awurade na ose, “afoa a ebekunkum wɔn, akraman a wɔbɛtwe wɔn ase akɔ, wim nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtetew wɔn nam asɛe wɔn. 4Mɛma wɔayɛ akyiwade ama asase so ahenni nyinaa, esiane nea Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem nti.
5“Hena na obehu wo mmɔbɔ, Yerusalem?
Hena na obegyam wo?
Hena na obegyina abisa sɛnea wo ho te?
6Woapo me,” Awurade na ose.
“Wugu akyirisan so ara.
Ɛno nti mɛteɛ me nsa wɔ wo so na masɛe wo.
Me yam renhyehye me mma wo bio.
7Mede nhuhuwso apampaa behuhuw wɔn so
wɔ asase no kuropɔn apon ano.
Mede owu ne ɔsɛe bɛba me nkurɔfo so,
efisɛ wɔnsakraa wɔn akwan ɛ.
8Mɛma wɔn akunafo adɔɔso
asen mpoano nwea.
Mede ɔsɛefo bɛba owigyinae,
abɛhaw wɔn mmerante nanom;
mpofirim mede
ɔyaw ne ehu bɛba wɔn so.
9Ɔbeatan a wawo ason bɛtɔ beraw,
na wagyaa mu.
Ne wia bɛtɔ wɔ bere a ade nsaa ɛ;
wobegu nʼanim ase abrɛ no ase.
Mede nkae no bɛma afoa
wɔ wɔn atamfo anim,”
Awurade na ose.
10Ao, me na a wowoo me,
onipa a asase no sofo nyinaa ne me ham, di aperepere!
Memfɛm obi biribi na memmɔɔ bosea mfii obi hɔ ɛ,
nanso obiara dome me.
11Awurade kae se,
“Nokware megye wo ama botae pa bi;
ampa ara mɛma wʼatamfo apa wo kyɛw
wɔ amanehunu ne ahohia mmere mu.
12“Onipa betumi abu dade mu
dade a efi atifi fam, anaa kɔbere?
13“Mo ahode ne mo nnwetɛbona
mede bɛma sɛ wɔmfom a wɔrentua ka,
esiane mo nnebɔne nyinaa
wɔ mo man no mu nti.
14Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfo
wɔ ɔman a munnim so so,
mʼabufuw bɛma ogya adɛw
na ɛbɛhyew mo.”
15Wote ase, Awurade;
kae me na hwɛ me so.
Tɔ wɔn a wɔtaa me no so were.
Wowɔ abodwokyɛre, mma me nwu;
hwɛ sɛnea wo nti wɔbɔ me ahohora.
16Wo nsɛm bae no, midii;
ɛyɛɛ mʼahosɛpɛw ne me koma apɛde,
na wo din da me so,
Ao, Asafo Awurade Nyankopɔn.
17Mantena wɔn a wogye wɔn ani fekuw mu,
ne wɔn annye wɔn ani;
metew me ho tenae, efisɛ wo nsa daa me so
na wʼabufuw hyɛɛ me ma.
18Adɛn nti na me yaw to ntwa da
na mʼapirakuru ayɛ akisikuru a ano yɛ den?
Wopɛ sɛ woyɛ sɛ nnaadaa asuwa ma me,
sɛ asuti a ɛyow ana?
19Enti sɛɛ na Awurade se,
“Sɛ wosakra wʼadwene a megye wo ato mu bio
na woasom me;
sɛ nsɛm a edi mu fi wʼanom, na ɛnyɛ nsɛm huhuw a,
wobɛyɛ me kasamafo.
Ma saa nnipa yi nnan mmra wo nkyɛn,
na wo de, ɛnsɛ sɛ wodan kɔ wɔn nkyɛn.
20Mede wo bɛyɛ ɔfasu ama saa nnipa yi,
bammɔ fasu a wɔde kɔbere ato;
wɔne wo bedi asi
nanso wɔrenni wo so nkonim,
efisɛ me ne wo wɔ hɔ
sɛ meyi wo na magye wo nkwa,”
Awurade, na ose.
21“Megye wo nkwa afi amumɔyɛfo nsam
na mayi wo afi atirimɔdenfo nsam.”
16Amanehunu Da
1Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2“Ɛnsɛ sɛ woware na wowo mmabarima anaa mmabea wɔ ha.” 3Sɛɛ na Awurade ka fa mmabarima ne mmabea a wɔwo wɔn asase yi so; mmea a wɔyɛ wɔn nanom ne mmarima a wɔyɛ wɔn agyanom no ho: 4“Owuyare bekunkum wɔn. Wɔrensu wɔn na wɔrensie wɔn, mmom wɔbɛyɛ sɛ sumina a egugu fam. Wɔbɛtotɔ afoa ano na ɔkɔm bekunkum wɔn na wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa.”
5“Nhyɛn ofi a ayiyɛ aponto wo mu; nkosu wɔn abia, na mma wɔn hyɛden, efisɛ mayi me nhyira, me dɔ ne mʼahummɔbɔ afi saa nnipa yi so,” Awurade na ose. 6Atitiriw ne mpapahwekwa bewuwu wɔ asase yi so. Wɔrensie wɔn na wɔrensu wɔn na obiara remmɔ ne ho kam, na ɔrenyi ne ti wɔ wɔn nti. 7Obiara remma wɔn a wodi awufo no ho awerɛhow no aduan mfa nkyekye wɔn werɛ, owufo no agya anaa ne na mpo, obiara remma wɔn nsa mfa nkyekye wɔn werɛ.
8“Na nhyɛn ofi a aponto kɔ so wɔ mu nkɔtena ase, nnidi na nnom. 9Na sɛɛ na Awurade Tumfo, Israel Nyankopɔn no se: Wo nkwanna mu a wʼani tua no, mede ahosɛpɛw ne anigye nnyigyei, ayeforokunu ne ayeforo ahosɛpɛw nne a ɛwɔ ha no bɛba awiei.
10“Sɛ woka eyinom nyinaa kyerɛ saa nnipa yi na wobisa wo se, ‘Adɛn nti na Awurade abɔ atoyerɛnkyɛm a ɛyɛ hu sɛɛ atia yɛn? Dɛn mfomso na yɛayɛ? Bɔne bɛn na yɛayɛ atia Awurade, yɛn Nyankopɔn’ a, 11ɛno de ka kyerɛ wɔn se, ‘Efisɛ mo agyanom gyaw me hɔ kodii anyame foforo akyi, kɔsom wɔn sɔree wɔn, Awurade asɛm ni. Wogyaw me na wɔanni me mmara so. 12Na mo de, moayɛ amumɔyɛsɛm asen mo agyanom. Monhwɛ sɛnea mo mu biara di ne koma bɔne asoɔden akyi wɔ bere a anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ osetie ma me. 13Ɛno nti, metu mo afi saa asase yi so de mo akɔ asase a, mo anaasɛ mo agyanom nnim so, na mobɛsom anyame foforo wɔ hɔ awia ne anadwo, na merenhu mo mmɔbɔ.’
14“Nanso nna no reba,” Awurade na ose, “a nnipa renka bio se, ‘Sɛ Awurade te ase yi, nea oyii Israelfo fii Misraim,’ 15mmom, wɔbɛka se, ‘Sɛ Awurade te ase yi nea oyii Israelfo fii atifi fam asase ne aman a otuu wɔn kɔɔ so nyinaa.’ Efisɛ mɛsan de wɔn aba asase a mede maa wɔn tete agyanom no no so.
16“Na mprempren, mɛsoma apopofo bebree a wɔbɛkyere wɔn.” Awurade na ose. “Ɛno akyi, mɛsoma akɔfa abɔmmɔfo bebree a wɔbɛtaataa wɔn wɔ mmepɔw ne nkoko nyinaa so ne abotan atokuru mu. 17Mʼani tua wɔn akwan nyinaa; enhintaw me, na wɔn bɔne nso nhintaw wɔ mʼani so. 18Metua wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne so ka mprenu, efisɛ wɔde aniwude nsɛsode a enni nkwa ne wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwade abɛhyɛ mʼagyapade so ma de agu mʼasase ho fi.”
19Awurade, mʼahoɔden ne mʼabandennen,
mʼahohia mu guankɔbea,
wo nkyɛn na amanaman no bɛba;
wobefi nsase ano aka se,
“Yɛn agyanom annya biribiara sɛ anyame huhuw,
ahoni a wɔn so nni mfaso na wɔammoa wɔn.
20Nnipa yɛ wɔn ankasa anyame ana?
Yiw, nanso wɔnyɛ nokware anyame!”
21“Ɛno nti mɛkyerɛkyerɛ wɔn,
saa bere yi nea mɛkyerɛ wɔn,
me tumi ne mʼahoɔden.
Afei wobehu sɛ
me din ne Awurade.
171“Wɔde dade kyerɛwdua akrukyerɛw Yuda bɔne,
dade kyerɛwdua a ano te sɛ kyerɛwbo,
wɔ wɔn koma apon so
ne wɔn afɔremuka mmɛn so.
2Mpo, wɔn mma kae
wɔn afɔremuka ne Asera nnua
a ɛwɔ nnua a adennan no nkyɛn
ne nkoko atenten no so.
3Me mmepɔw a ɛwɔ asase no so,
mo ahonyade ne mo nnwetɛbona nyinaa
mede bɛma sɛ asade,
ɛne mo sorɔnsorɔmmea nso,
esiane mo man no so bɔne nti.
4Mo ankasa mfomso nti mobɛhwere
agyapade17.4 agyapade—Kanaan asase. a mede maa mo no.
Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfo
wɔ asase a munnim so so,
efisɛ moahwanyan mʼabufuw,
na ɛbɛtena hɔ daa.”
5Sɛɛ na Awurade se,
“Nnome nka nea ɔde ne ho to onipa so,
nea ɔde ne ho to ɔhonam so pɛ nʼahoɔden
na ne koma dan fi Awurade ho.
6Ɔbɛyɛ sɛ wura a ɛwɔ nsase tamaa so;
sɛ yiyedi ba a ɔrenhu,
ɔbɛtena nweatam a awo so,
ne nkyene asase a obi nte so so.
7“Nhyira nka onipa a ɔde ne ho to Awurade so,
na nʼanidaso wɔ ne mu.
8Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no asu ho
na ne ntin teɛ kɔ asu no mu.
Sɛ ahuhuru ba a onsuro;
ne nhaban yɛ frɔmfrɔm mmere nyinaa.
Onni ɔhaw biara wɔ afe a osu ntɔ mu
na ɛkɔ so sow aba daa.”
9Koma yɛ nnaadaa sen ade nyinaa
na ano nni aduru.
Hena na ɔbɛte nʼase?
10“Me Awurade, mepɛɛpɛɛ koma mu
na mehwehwɛ adwene mu,
gyina so de tua onipa ka sɛnea nʼabrabɔ te,
ne sɛnea ɛfata ne nneyɛe.”
11Sɛnea asɛmɛntɛ a osow nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee no,
saa ara na onipa a onya sika a ɔmfa ɔkwan pa so no te.
Sɛ obu ne nkwa nna mu abien a wobegyaw no mu,
na awiei no, ne kwasea bɛda adi.
12Anuonyam ahengua a wɔama so fi mfiase no,
ne yɛn kronkronbea.
13Awurade, woyɛ Israel anidaso,
wɔn a wɔpa wʼakyi nyinaa ani bewu.
Wɔn a wɔtwe wɔn ho fi wo ho no, wobesie wɔn
efisɛ wɔagyaw Awurade
a ɔyɛ nkwa asuti no.
14Sa me yare Awurade, na me ho bɛtɔ me;
gye me na menya nkwa,
na wo ne ɔbaako a mekamfo wo.
15Wobisa me daa sɛ,
“Ɛhe na Awurade asɛm no wɔ?
Ma ɛmmra mu mprempren!”
16Minnguan mfii mʼadwuma sɛ wo guanhwɛfo ho;
wunim sɛ menhwehwɛɛ abasamtu da.
Nea efi mʼanom yɛ pefee wɔ wʼanim.
17Nhunahuna me;
wo ne me guankɔbea wɔ amanehunu da.
18Ma wɔn a wɔtaa me anim ngu ase,
na yi me fi ahohora mu.
Ma wɔmmɔ hu,
nanso mma me koma ntu.
Ma amanehunu da no mmra wɔn so;
fa ɔhawprenu sɛe wɔn.
Monyɛ Homeda No Kronkron
19Sɛɛ na Awurade ka kyerɛɛ me, “Kɔ na kogyina nnipa no pon a Yuda ahemfo di hɔ ahyɛmfiri no; kogyina Yerusalem apon a aka no nso ano. 20Ka kyerɛ wɔn se, ‘Muntie Awurade asɛm, mo Yuda ahemfo ne Yudafo nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem a wɔfa saa apon yi mu. 21Sɛɛ na Awurade se: Monhwɛ yiye na moansoa nnesoa Homeda anaa moamfa amfa Yerusalem apon mu. 22Monnsoa adesoa mfi mo afi mu na monnyɛ adwuma biara Homeda, na mmom monyɛ Homeda no kronkron, sɛnea mehyɛɛ mo agyanom no. 23Nanso wɔantie na wɔammu; wɔyɛɛ asoɔden, wɔantie na wɔampɛ nteɛso. 24Nanso sɛ mohwɛ yiye na moyɛ osetie ma me a, sɛɛ na Awurade se, na moamfa nnesoa amfa saa kuropɔn yi apon mu Homeda, na sɛ moyɛ Homeda no kronkron a monnyɛ adwuma biara a, 25ɛno de ahemfo a wɔte Dawid ahengua so ne wɔn adwumayɛfo bɛfa saa apon yi mu. Wɔn nyinaa bɛba a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, a Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem ka ho, na nnipa bɛtena kuropɔn yi mu daa nyinaa. 26Nnipa befi Yuda nkurow ne nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia no aba, wobefi Benyamin asase ne atɔe fam nkoko so, wobefi mmepɔw, mantam ne Negeb aba a wɔde ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔ, aduan afɔrebɔde, nnuhuam ne aseda afɔrebɔde reba Awurade fi. 27Nanso sɛ moanyɛ osetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apon mu Homeda a, ɛno de mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apon mu na abɛhyew nʼaban ahorow no.’ ”
18Ɔnwemfo No Fi
1Eyi ne Awurade asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn. 2“Kɔ ɔnwemfo no fi, na hɔ na mede mʼasɛm no bɛma wo.” 3Ɛno nti, mekɔɔ ɔnwemfo no fi na mihuu no sɛ, ɔreyɛ adwuma wɔ ne ntwahode so. 4Nanso kuku a na ɔde dɔte no reyɛ ho adwuma no sɛe wɔ ne nsam; ɛno nti ɔnwemfo no yɛɛ kuku foforo, sɛnea eye pa ara ma no.
5Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 6“Israelfi, merentumi nyɛ mo sɛnea ɔnwemfo yi yɛ ana?” Awurade na ose. “Sɛnea dɔte te wɔ ɔnwemfo nsam no, saa ara na mote wɔ me nsam, Israelfi. 7Sɛ bere biara meka se ɛsɛ sɛ wotutu ɔman bi anaa ahenni bi ase, dwerɛw wɔn, sɛe wɔn a, 8na sɛ ɔman a mebɔɔ no kɔkɔ no sakra fi ne bɔne ho a, mɛsakra mʼadwene na meremfa amanehunu a misusuwii sɛ mede bɛba wɔn so mma bio. 9Na sɛ mmere foforo bi meka se, ɛsɛ sɛ wɔkyekye ɔman anaa ahenni bi gye no si hɔ, 10na sɛ ɔyɛ bɔne wɔ mʼani so na wanyɛ osetie amma me a, ɛno de mesan adwene papa a mepɛɛ sɛ meyɛ no no ho.
11“Na afei ka kyerɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem no se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Hwɛ! mede amanehunu reba mo so, na mereyɛ nhyehyɛe a etia mo. Ɛno nti mo mu biara nnan mfi nʼakwammɔne so na munsiesie mo akwan ne mo nneyɛe.’ 12Nanso wobebua se, ‘So nni mfaso. Yɛbɛkɔ so adi yɛn ara yɛn nhyehyɛe so; yɛn mu biara bɛyɛ asoɔden a efi ne koma bɔne mu.’ ”
13Ɛno nti nea Awurade se ni,
“Mummisa wɔ amanaman no mu se,
hena na wate biribi sɛɛ pɛn?
Ɔbabun Israel ayɛ
ade bi a ɛyɛ hu yiye.
14So sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon no18.14 Lebanon—Ɛyɛ mmepɔw atenten a ɛwɔ atifi fam no mu baako a ne sorokɔ boro anammɔn mpem du.
yera fi nʼabotan a esian no so ana?
So nʼatifi nsu wiridudu a efi akyirikyiri
no gyae sen ana?
15Nanso me nkurɔfo werɛ afi me.
Wɔhyew nnuhuam ma ahoni huhuw,
a ɛma wohintihintiw wɔ wɔn akwan so
ne tete atempɔn so.
Wɔma wɔfa kwatikwan
ne akwan a wɔmmɔe so.
16Wɔn asase bɛda mpan,
na ayɛ ade a wobebu no animtiaa daa;
wɔn a wotwa mu hɔ no ho bedwiriw wɔn
na wobehinhim wɔn ti.
17Sɛnea apuei mframa te no,
mɛbɔ wɔn ahwete wɔ wɔn atamfo anim;
mɛdan mʼakyi akyerɛ wɔn na ɛnyɛ mʼanim
wɔ wɔn amanehunu da no.”
18Wɔkae se, “Mommra ma yɛmfa adwene ntia Yeremia; sɛnea ɛbɛyɛ a asɔfo no nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho, anyansafo no afotu anaa asɛm a efi adiyifo hɔ no renyera. Mommra na yentu yɛn ano ngu ne so a yɛrentie nea ɔbɛka biara.”
19Yɛ aso ma me, Awurade;
tie nea wɔn a wɔpam me ti so no reka!
20Ɛsɛ sɛ wɔde bɔne tua papa so ka ana?
Nanso wɔatu amoa ama me.
Kae sɛ migyinaa wʼanim
na mekasa maa wɔn,
sɛnea wubeyi wʼabufuwhyew afi wɔn so.
21Ɛno nti, ma ɔkɔm nne wɔn mma;
yi wɔn ma afoa.
Ma wɔn yerenom nyɛ abonin ne akunafo;
ma wonkunkum wɔn mmarima,
na wɔmfa afoa nkunkum wɔn mmerante wɔ ɔko mu.
22Ma wɔnte osu wɔ wɔn afi mu
bere a atamfo atu wɔn so sa mpofirim,
efisɛ wɔatu amoa ama me,
na wɔasunsum mʼanan mfiri.
23Nanso wunim Awurade,
pɔw a wɔabɔ nyinaa se wobekum me.
Mfa wɔn nsɛmmɔne nkyɛ wɔn,
na nyi wʼani mfi wɔn bɔne so.
Ma wonni nkogu wɔ wʼanim;
na wo ne wɔn nni wɔ wʼabufuw mu.
191Sɛɛ na Awurade se: “Kɔ na kɔtɔ dɔtekuruwa fi ɔnwemfo nkyɛn. Fa nnipa no mpanyimfo no mu bi ne asɔfo no mu bi ka wo ho 2na fi adi kɔ Ben Hinom Bon a ɛbɛn Pɔthɛd Pon ano no. Ɛhɔ na pae mu ka nsɛm a meka kyerɛ wo no, 3se, ‘Muntie Awurade asɛm, mo Yuda ahemfo ne Yerusalemfo. Sɛɛ na Asafo Awurade Israel Nyankopɔn se. Muntie, mede amanehunu reba ha, na obiara a ɔbɛte no aso mu bɛyɛ no yonn. 4Efisɛ wɔagyaw me na wɔde ha ama ananafo anyame; wɔahyew afɔrebɔde wɔ so ama anyame a wɔn anaa wɔn agyanom, anaa Yuda ahemfo nhuu wɔn da, na wɔde mogya a edi bem ahyɛ ha ma. 5Wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea sɛ wɔde ogya bɛhyew wɔn mmabarima sɛ afɔrebɔde ama Baal, ade a manhyɛ anaa mammɔ so, anaa amma mʼadwene mu. 6Ɛno nti, monhwɛ yiye na nna bi reba, Awurade na ose, a nnipa remfrɛ ha se Tofet anaa Ben Hinom Bon bio, na mmom, Okum Bon.
7“ ‘Mɛsɛe Yuda ne Yerusalem nhyehyɛe wɔ ha. Mɛma wɔatotɔ wɔ afoa ano wɔ wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no anim, na mede wɔn afunu bɛma wim nnomaa ne asase so mmoa sɛ wɔn aduan. 8Mɛsɛe saa kuropɔn yi na mayɛ no ahodwiriwde; wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nyinaa ho bedwiriw wɔn, na nʼapirakuru no nti wobedi ne ho fɛw. 9Mɛma wɔawe wɔn mmabarima ne wɔn mmabea nam, na wobefi ahohia a atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no anotua de bɛba wɔn so no mu awe wɔn ho wɔn ho nam.’
10“Afei bɔ kuruwa no wɔ wɔn a wɔka wo ho no anim ma wɔnhwɛ, 11na ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se: Mɛbɔ saa ɔman yi ne kuropɔn yi sɛnea wɔabɔ ɔnwemfo kuruwa yi a wɔrentumi nsiesie bio. Wobesie awufo wɔ Tofet kosi sɛ, ɛhɔ bɛyɛ ma. 12Sɛɛ ara na mɛyɛ saa beae yi ne wɔn a wɔtete so, Awurade na ose. Mɛyɛ kuropɔn yi sɛ Tofet. 13Afi a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda ahemfo ahemfi ho begu fi te sɛ Tofet ha. Afi a wɔhyew nnuhuam wɔ adan atifi maa ɔsoro asafo nyinaa na woguu nsa maa anyame foforo no.’ ”
14Afei Yeremia san fii Tofet, faako a Awurade somaa no se ɔnkɔhyɛ nkɔm wɔ hɔ no bae, na Obegyinaa Awurade asɔredan abangua mu na ɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se, 15“Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Muntie! Mede amanehunu a meka guu kuropɔn yi ne ho nkuraase no nyinaa so no bɛba wɔn so, efisɛ wɔyɛɛ asoɔden, na wɔantie me nsɛm.’ ”
20Yeremia Ne Pashur
1Bere a Imer a ɔyɛ Awurade asɔredan mu adwumayɛfo so panyin babarima ɔsɔfo Pashur tee sɛ Yeremia rehyɛ nkɔm fa saa nneɛma yi ho no, 2ɔma wɔboroo Yeremia, na wɔbɔɔ no dua mu wɔ Benyamin Atifi Pon a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu hɔ no. 3Ade kyee a Pashur san no no, Yeremia ka kyerɛɛ no se, “Awurade din a ɔde ama wo no nyɛ Pashur na mmom Magormisabib. 4Na sɛɛ na Awurade se: ‘Mɛma wo ho ayɛ hu ama wʼankasa ne wo nnamfonom nyinaa, wʼankasa de wʼani behu sɛ wɔtotɔ wɔ wɔn atamfo mfoa ano. Mede Yuda nyinaa bɛma Babiloniahene na wasoa wɔn akɔ Babilonia anaasɛ ɔde afoa bekunkum wɔn. 5Mede kuropɔn yi ahode, nʼadwumayɛ so aba, ne nneɛma a ɛsom bo ne Yuda ahemfo nnwetɛbona nyinaa bɛma wɔn atamfo. Wɔbɛfa no sɛ asade akɔ Babilonia. 6Na wo Pashur, ne wo fifo nyinaa bɛkɔ nnommum mu wɔ Babilonia. Ɛhɔ na wo ne wo nnamfonom a wohyɛɛ wɔn akɔntoro no nyinaa bewuwu na wɔasie mo.’ ”
Yeremia Anwiinwii
7Awurade, wodaadaa me na ɛbaa mu saa;
wudii me so na wutintim me so.
Wodii me ho fɛw da mu nyinaa;
na obiara serew me.
8Bere biara a mɛkasa no, meteɛ mu,
pae mu ka akakabensɛm ne ɔsɛe.
Enti Awurade asɛm de ahohora ne nsopa
abrɛ me da mu nyinaa.
9Sɛ meka se, “Meremmɔ ne din
anaa merenkasa wɔ ne din mu” a,
nʼasɛm te sɛ ogya wɔ me koma mu,
ogya a wɔde ahyɛ me nnompe mu,
mabrɛ ne ne kita
nokware, merentumi.
10Mete asomsɛm bebree sɛ,
“Ehu wɔ baabiara!
Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!”
Me nnamfonom nyinaa
retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka se,
“Ebia wɔbɛdaadaa no;
na yɛatumi no
atɔ ne so were.”
11Nanso Awurade ka me ho sɛ dɔmbarima;
enti mʼataafo bɛwatiri na wɔrentumi.
Wobedi nkogu na wobegu wɔn anim ase pasaa;
wɔn werɛ remfi wɔn nsopa no da.
12Asafo Awurade! Wo a wosɔ ɔtreneeni hwɛ
na wopɛɛpɛɛ koma ne adwene mu,
ma minhu wʼaweretɔ wɔ wɔn so,
efisɛ mede mʼasɛm dan wo.
13Monto dwom mma Awurade!
Munyi Awurade ayɛ!
Ogye ohiani nkwa fi
amumɔyɛfo nsam.
14Nnome nka da a wɔwoo me!
Nhyira mpare da a me na woo me.
15Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya amanneɛ,
nea ɔmaa nʼani gyei, na ɔkae se,
“Wɔawo ɔbabarima ama wo!”
16Ma saa onipa no nyɛ sɛ nkurow a
Awurade tu gui a wannya ahummɔbɔ no.
Ma ɔnte osu anɔpa,
ne akobɛn nnyigyei owigyinae.
17Sɛ wankum me wɔ awotwaa mu
amma me na anyɛ ɔda amma me no nti,
nʼawotwaa yɛɛ kɛse afebɔɔ.
18Adɛn koraa na mifii awotwaa mu pue
behuu ɔhaw ne awerɛhow
na mede aniwu rebewie me nkwa nna yi?
21Awurade Po Sedekia Abisade
1Asɛm fi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn bere a ɔhene Sedekia somaa Malkia babarima Pashur ne Maaseia babarima ɔsɔfo Sefania kɔɔ ne nkyɛn no. Wɔkae se, 2“Bisa Awurade, ma yɛn efisɛ Babiloniahene Nebukadnessar ne yɛn rebedi ako. Ebia Awurade bɛyɛ anwonwade ama yɛn, sɛnea ɔyɛɛ mmere bi a atwa mu no na ama wafi yɛn so akɔ.”
3Na Yeremia buaa wɔn se, “Monka nkyerɛ Sedekia se, 4‘Sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Merebɛdan mo nsam akode atia mo, nea mode reko atia Babiloniahene ne Babiloniafo a wɔwɔ ɔfasu no akyi na wɔatua mo kuropɔn no ano. Mɛboa wɔn ano wɔ kuropɔn yi mu. 5Me ara mede nsa a mateɛ ne abasa a ɛyɛ den bɛko atia mo wɔ abufuw, anibere ne abufuwhyew mu. 6Mɛbobɔ wɔn a wɔtete kuropɔn yi mu ahwehwe fam; nnipa ne mmoa nyinaa, na ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bekunkum wɔn. 7Ɛno akyi, Awurade asɛm ni, mede Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfo ne nnipa a wɔwɔ kuropɔn yi mu a ɔyaredɔm, afoa ne ɔkɔm ankunkum wɔn no bɛma Babiloniahene Nebukadnessar ne wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no. Ɔde afoa bekunkum wɔn; ɔrenhu wɔn mmɔbɔ na ɔrennya ayamhyehye mma wɔn.’
8“Bio, ka kyerɛ nnipa no se, ‘Eyi ne nea Awurade se: Hwɛ mede nkwa kwan ne owu kwan resi mo anim. 9Obiara a ɔte saa kuropɔn yi mu bewu wɔ afoa anaa ɔkɔm anaa ɔyaredɔm ano. Nanso obiara a obepue na ɔde ne ho akɔma Babiloniafo a wɔabetua mo kuropɔn yi no, bɛfa ne ho adi. 10Mawe ahinam sɛ mɛyɛ kuropɔn yi bɔne na ɛnyɛ papa, Awurade na ose. Wɔde bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔde ogya bɛhyew no.’
11“Nea ɛka ho ne sɛ, ka kyerɛ Yuda adehye se, ‘Muntie Awurade asɛm; 12Dawidfi, sɛɛ na Awurade se:
“ ‘Mummu atɛntrenee anɔpa biara;
munnye nea wɔabɔ no korɔn no
mfi ne nhyɛsofo nsam,
anyɛ saa a, mʼabufuwhyew bɛsɔre na ahyew sɛ ogya
esiane bɔne a moayɛ nti,
ɛbɛhyew a obiara rennum no.
13Mene mo anya, Yerusalem
Mo a mote obon yi atifi
abotan asasetaw so,
Awurade na ose,
mo a moka se, “Hena na obetumi ako atia yɛn?
Hena na obetumi ahyɛn yɛn hintabea?”
14Mɛtwe mo aso sɛnea ɛfata mo nneyɛe,
Awurade na ose.
Mɛto mo kwae mu gya,
a ɛbɛhyew biribiara a atwa mo ho ahyia no.’ ”
22Atemmu A Etia Ahemfo Amumɔyɛfo
1Sɛɛ na Awurade se, “Sian kɔ Yudahene ahemfi na kɔpae mu ka saa asɛm yi: 2‘Tie Awurade asɛm, Yudahene, wo a wote Dawid ahengua so, wo, wʼakannifo ne wo nkurɔfo a wɔfa apon yi mu. 3Sɛɛ na Awurade se: Monyɛ nea ɛteɛ na ɛnam kwan mu. Munnye nea wɔabɔ no korɔn mfi ne hyɛsofo nsam. Monnyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo bɔne na monnyɛ wɔn basabasa nso, na munnhwie mogya a edi bem ngu wɔ ha. 4Sɛ moyɛ ahwɛyie na mudi saa ahyɛde yi so a, ɛno de ahemfo a wɔte Dawid ahengua so ne wɔn adwumayɛfo ne wɔn nkurɔfo bɛfa saa ahemfi apon yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so. 5Enti sɛ moanni saa nhyehyɛe yi so a, Awurade na ose, “Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfi yi bɛdan ofituw.” ’ ”
6Nea Awurade ka fa Yudahene ahemfi ho ni:
“Ɛwɔ mu wote sɛ Gilead ma me,
te sɛ Lebanon mmepɔw atifi,
nokware, mɛyɛ wo sɛ nweatam,
sɛ nkurow a obiara nte mu.
7Mɛsoma asɛefo abɛtoa mo,
obiara ne nʼakode,
wobetwitwa mo sida mpuran fɛfɛ no mu
na wɔatow agu ogya no mu.
8“Nnipa a wofifi aman bebree so betwa mu wɔ kuropɔn yi so, na wobebisabisa wɔn ho wɔn ho se, ‘Adɛn nti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛse yi sɛɛ?’ 9Na mmuae no bɛyɛ sɛ, ‘Efisɛ wɔagyaw Awurade, wɔn Nyankopɔn apam no akɔsɔre anyame afoforo asom wɔn.’ ”
10Munnsu ɔhene a wafi mu, na munni ne ho awerɛhow;
mmom, munsu dennen mma nea ɔkɔ nnommum mu,
efisɛ ɔrensan nʼakyi
na ɔrenhu asase a wɔwoo no wɔ so no bio.
11Na sɛɛ na Awurade ka faa Yosia babarima Salum a odii nʼagya ade sɛ Yudahene na wafi ha no ho: “Ɔrensan mma bio. 12Obewu wɔ faako a wɔafa no nnommum kɔ hɔ; na ɔrenhu saa asase yi bio.”
13“Nnome nka nea ɔmfa ɔkwan trenee so nsi nʼahemfi,
ɔde asisi si nʼabansoro,
ɔma ne manfo yɛ adwuma kwa,
ontua wɔn apaade so ka.
14Ɔka se, ‘Mesi ahemfi kɛse ama me ho
nea ɛwɔ abansoro adan a mu soso.’
Enti ɔyɛ mfɛnsere akɛse wɔ mu,
ɔde sida dura mu
na ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu.
15“Wowɔ sida bebree a
na ɛma woyɛ ɔhene ana?
Na wʼagya nni aduan ne nsa ana?
Ɔyɛɛ nea ɛfa ne kwan mu na ɛteɛ,
enti esii no yiye.
16Odii mmɔborɔfo ne ahiafo nsɛm maa wɔn,
enti biribiara yɛɛ yiye maa no.
Na ɛnyɛ eyi na ɛkyerɛ sɛ obi nim me ana?”
Awurade na ose.
17“Mo ani ne mo koma
wɔ mfaso bɔne nko ara so,
sɛ muhwie mogya a edi bem gu
na moyɛ nhyɛso ne asisi nso.”
18Ɛno nti, sɛɛ na Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho:
“Wɔrensu no:
‘A, me nuabarima! A, me nuabea!’
Wɔrensu no:
‘A, me wura! A, nʼahoɔfɛ!’
19Wobesie no sɛ afurum,
wɔbɛtwe nʼase na wɔatow no akyene
Yerusalem apon akyi.”
20“Monkɔ Lebanon nkosu,
momma wɔnte mo nne wɔ Basan,
munsu mfi Abarim,
efisɛ wɔadwerɛw mo dɔm nyinaa.
21Mebɔɔ wo kɔkɔ, bere a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo no,
nanso wokae se, ‘Merentie!’
Eyi ne ɔkwan a wonam so fi wo mmerantebere mu;
woanyɛ osetie amma me.
22Mframa bɛbɔ wo nguanhwɛfo nyinaa akɔ,
na wʼapamfo nyinaa bɛkɔ nnommum mu.
Afei wʼani bewu na wʼanim agu ase
esiane wʼamumɔyɛ nyinaa nti.
23Mo a mote Lebanon,
na modeda sida adan mu,
sɛnea mubesi apini wɔ ɔyaw mu,
ɔyaw ɛte sɛ ɔbea a ɔreko awo de.
24“Nokware, sɛ mete ase yi,” Awurade na ose, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛ me nsa nifa so nsɔwano kaa a, anka mɛworɔw wo. 25Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wusuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafo. 26Mɛpam wo ne ɛna a ɔwoo wo no akogu ɔman foforo so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, hɔ na mo baanu bewuwu. 27Morensan mma asase a mo kɔn dɔ sɛ mobɛsan aba so no so bio.”
28Saa ɔbarima Yehoiakin yi yɛ asɛnka a abɔ
ade a obiara mpɛ ana?
Adɛn nti na wɔbɛpam ɔne ne mma,
akogu asase a wonnim so no so?
29Ao, asase, asase, asase!
Tie Awurade asɛm!
30Sɛɛ na Awurade se:
“Monkyerɛw ɔbarima yi ho asɛm nto hɔ te sɛ obi a onni ba,
ɔbarima a ɔrennya nkɔso ne nkwa nna nyinaa
na nʼasefo mu biara rennya nkɔso,
na wɔn mu biara rentena Dawid ahengua so
na wɔrenni Yuda so hene bio.”
23Trenee Dubaa No
1“Nnome nka nguanhwɛfo a wɔsɛe na wɔhwete me nguankuw no!” Awurade na ose. 2Ɛno nti sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ ahwɛfo a wɔhwɛ me nkurɔfo so ni: “Esiane sɛ moabɔ me nguankuw ahwete, na moapam wɔn na moanhwɛ wɔn so yiye no nti, mede asotwe bɛbrɛ mo, mo bɔne a moayɛ no nti,” nea Awurade se ni. 3“Mʼankasa mɛboaboa me nguan nkae no afi aman a mapam wɔn akɔ hɔ nyinaa no so na mede wɔn bɛsan aba wɔn adidibea bio, baabi wɔbɛwowo na wɔn ase atrɛw. 4Na meyi nguanhwɛfo a wɔbɛhwɛ wɔn so, na wɔrensuro na wɔremmɔ hu bio na wɔn mu baako mpo renyera.” Awurade na ose.
5“Nna bi reba,” Awurade na ose,
“sɛ mɛma trenee dubaa bi so ama Dawid
ɔhene bi a obedi ade nyansa mu
na wayɛ nea ɛteɛ ne nea eye wɔ asase yi so.
6Ne mmere so, wobegye Yuda nkwa
na Israel bɛtena ase wɔ asomdwoe mu.
Eyi ne din a wɔde bɛfrɛ no:
Awurade Yɛn Trenee.
7Na afei nna bi reba,” Awurade na ose, “a nnipa renka bio se, ‘Nokware sɛ Awurade te ase yi, nea oyii Israelfo fii Misraim,’ 8na mmom, wɔbɛka se, ‘Nokware sɛ Awurade te ase yi, nea oyii Israel asefo fii atifi asase so ne aman nyinaa a ɔpam wɔn kɔɔ hɔ no so no.’ Na afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.”
Atoro Adiyifo
9Nea ɛfa adiyifo no ho no:
Me koma abubu wɔ me mu;
me nnompe nyinaa wosow.
Mete sɛ ɔsabowfo,
mete sɛ obi a nsa abow no,
esiane Awurade
ne ne nsɛm kronkron no nti.
10Aguamammɔfo ahyɛ asase no so ma;
nnome no nti asase no awo wosee,
adidibea a ɛwɔ nweatam no so ahyew.
Adiyifo no nam ɔkwan bɔne so
de wɔn tumi yɛ nea ɛnteɛ.
11“Odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa nsuro Nyankopɔn;
mʼasɔredan mu mpo mihu wɔn amumɔyɛsɛm,”
Awurade na ose.
12“Ɛno nti, wɔn kwan so bɛyɛ torotorootoro;
wɔbɛpam wɔn akɔ sum mu
na hɔ na wɔbɛhwehwe ase.
Mede amanehunu bɛba wɔn so
wɔ afe a wɔbɛtwe wɔn aso mu no,”
Awurade na ose.
13“Samaria adiyifo mu no
mihuu saa atantanne yi:
Wɔde Baal hyɛɛ nkɔm
nam so maa me nkurɔfo Israelfo fom kwan.
14Na Yerusalem adiyifo mu no
mahu ade a ɛyɛ hu:
Wɔsɛe aware na wodi atoro.
Wɔhyɛ wɔn a wɔyɛ bɔne no mpamuden,
enti obiara ntwe ne ho mfi nʼamumɔyɛsɛm ho.
Wɔn nyinaa te sɛ Sodom ma me;
na Yerusalemfo te sɛ Gomora.”
15Ɛno nti sɛɛ na Asafo Awurade, se fa adiyifo no ho:
“Mɛma wɔadi aduan a ɛyɛ nwen
na wɔanom nsu a awuduru wɔ mu,
efisɛ Yerusalem adiyifo nti,
bɔneyɛ ahyɛ asase yi so ma.”
16Sɛɛ na Asafo Awurade se:
“Munntie nkɔm a adiyifo no hyɛ kyerɛ mo;
wɔma mo nya anidaso a enni nnyinaso.
Wɔbɔ wɔn tirim ka anisoadehu,
a emfi Awurade anom.
17Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wobu me animtiaa no se,
‘Awurade se: Mubenya asomdwoe.’
Na wɔn a wodi wɔn komaden akyi no nyinaa,
wɔka kyerɛ wɔn se, ‘Ɔhaw biara remma mo so.’
18Na wɔn mu hena na wasɔre wɔ Awurade agyinatufo mu
sɛ ɔbɛhwɛ anaa obetie nʼasɛm?
Hena na wayɛ aso ate nʼasɛm?
19Hwɛ, Awurade ahum
betu abufuwhyew mu,
mfɛtɛ bedi kyinhyia wɔ
amumɔyɛfo mpampam.
20Awurade abufuw rensan
kosi sɛ obewie
ne koma mu nhyehyɛe nyinaa.
Nna a ɛreba no mu no
mobɛte ase yiye.
21Mansoma saa adiyifo yi,
nanso wɔde wɔn asɛm akyinkyin;
mamma wɔn nkra biara,
nanso wɔahyɛ nkɔm.
22Sɛ wɔkaa mʼagyinatufo ho a,
anka wɔbɛpae mu aka mʼasɛm akyerɛ me nkurɔfo
na ama wɔatwe wɔn ho afi wɔn akwammɔne
ne wɔn nneyɛe bɔne ho.
23“Meyɛ Onyankopɔn a mebɛn nko ara anaa,”
Awurade na ose,
“na menyɛ Onyankopɔn a mewɔ akyirikyiri nso?
24Obi betumi de ne ho asie baabi a
merentumi nhu no ana?”
Awurade na ose.
“Menyɛɛ ɔsoro ne asase so ma ana?”
Awurade na ose.
25“Mate nea adiyifo a wɔde me din hyɛ atoro nkɔm no keka. Wɔkeka se, ‘Mesoo dae! Mesoo dae!’ 26Eyi bɛkɔ so akosi da bɛn wɔ atoro adiyifo yi koma mu? Wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nnaadaa nkɔm? 27Wodwen sɛ dae a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no bɛma me nkurɔfo werɛ afi me din, sɛnea Baal som nti wɔn agyanom werɛ fii me din no. 28Ma odiyifo a waso dae no nka nʼadaeso, na ma nea ɔwɔ mʼasɛm no nka no nokware mu. Na dɛn na ntɛtɛ ne awi wɔ yɛ?” Awurade na ose. 29“Na mʼasɛm nte sɛ ogya,” Awurade na ose, “ɛnte sɛ asae a ɛpaapae ɔbotan mu nketenkete ana?
30“Ɛno nti,” Awurade na ose, “mikyi adiyifo a wɔfa nsɛm a efi wɔn yɔnkonom nkyɛn, na wɔpae mu ka no sɛnea efi me nkyɛn no. 31Yiw,” Awurade asɛm ni, “mikyi saa adiyifo a wɔde wɔn ankasa tɛkrɛmawo ka se, ‘Awurade na ose.’ 32Nokware, mikyi wɔn a wɔhyɛ adaeso ho atoro nkɔm,” Awurade na ose. “Wɔka kyerɛ wɔn na wɔde atoro nsɛm daadaa me nkurɔfo ma wɔfom kwan, nso mensomaa wɔn na minnyii wɔn. Wɔn so nni mfaso mma saa nnipa yi koraa,” Awurade na ose.
Atoro Adiyisɛm Ne Atoro Adiyifo
33“Sɛ saa nnipa yi, anaa odiyifo anaa ɔsɔfo bisa mo se, ‘Dɛn ne Awurade adiyisɛm no a?’ Monka nkyerɛ wɔn se, ‘Adiyisɛm bɛn? Mɛpo mo, Awurade na ose.’ 34Sɛ odiyifo bi, ɔsɔfo bi anaa obi foforo si so dua se, ‘Awurade adiyisɛm ni’ a, mɛtwe saa ɔbarima no ne ne fifo aso. 35Eyi ne nea mo mu biara kɔ so ka kyerɛ ne yɔnko anaa ne busuani: ‘Awurade mmuae ne dɛn?’ Anaa ‘Dɛn na Awurade aka?’ 36Nanso ɛnsɛ sɛ mobɔ ‘Awurade adiyisɛm’ so bio; efisɛ obiara asɛm bɛyɛ nʼadiyisɛm, ne saa nti modannan nsɛm a efi Onyankopɔn, Ɔteasefo, Asafo Awurade yɛn Nyankopɔn nkyɛn no mu. 37Eyi ne nea mokɔ so ka kyerɛ odiyifo: ‘Mmuae bɛn na Awurade de ama mo?’ Anaa ‘Asɛm bɛn na Awurade aka?’ 38Ɛwɔ mu, musi so dua se, ‘Eyi ne Awurade adiyisɛm’ nanso sɛɛ na Awurade ka: Mokae se, ‘Eyi yɛ Awurade adiyisɛm,’ wɔ bere a maka akyerɛ mo se monnka saa nsɛm yi bio. 39Afei, nokware, me werɛ befi mo, na mapam mo ne kuropɔn a mede maa mo ne mo agyanom afi mʼani so. 40Na mede daa animguase, ne daa ahohora a werɛ remfi da bɛba mo so.”
24Borɔdɔma Nkɛntɛn Abien
1Babiloniahene Nebukadnessar faa Yudahene Yehoiakyin a ɔyɛ Yehoiakim babarima, nʼadwumayɛfo, nʼadwumfo ne nʼatomfo a wɔwɔ Yuda fii Yerusalem kɔɔ nnommum mu wɔ Babilonia no akyi no, Awurade kyerɛɛ me borɔdɔma nkɛntɛn abien a wɔde asisi Awurade asɔredan no anim. 2Kɛntɛn baako mu borɔdɔma no yɛ papa te sɛ nea ɛbere ntɛm; borɔdɔma a ɛwɔ kɛntɛn a ɛka ho no mu no nye sɛ wodi mpo.
3Na Awurade bisaa me se, “Dɛn na wuhu, Yeremia?”
Mibuae se, “Borɔdɔma, nea eye pa ara, ne nea enye mma sɛ wodi mpo.”
4Na Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 5“Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: ‘Borɔdɔma papa no gyina hɔ ma atukɔfo a wofi Yuda, wɔn a mitwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia asase so no. 6Mɛma mʼani aku wɔn ho, ama wɔn yiyedi, na mɛsan de wɔn aba ha bio. Mesiesie wɔn na merensɛe wɔn. Medua wɔn, na merentu wɔn ase. 7Mɛma wɔn koma a wɔde behu me sɛ, me ne Awurade. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo, na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.
8“ ‘Nanso te sɛ borɔdɔma a enye no, nea enye sɛnea wodi mpo no,’ nea Awurade se ni, ‘saa ara na mɛyɛ Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfo ne Yerusalem nkae no, sɛ wɔte asase yi so anaa wɔte Misraim. 9Mɛma wɔn ayɛ akyide ne mfomsode ama ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa, wɔbɛyɛ ahohora na wɔabɔ wɔn din bɔne, wɔbɛyɛ akyiwade ne mmusu baabiara a mɛpam wɔn akɔ. 10Mɛsoma afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm akɔ wɔn so kosi sɛ wɔbɛsɛe wɔn koraa afi asase a mede maa wɔn ne wɔn agyanom no so.’ ”
25Mfe Aduɔson Nkoasom
1Asɛm a ɛfa Yudafo nyinaa ho baa Yeremia nkyɛn wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anan a ɛyɛ Babiloniahene Nebukadnessar adedi afe a edi kan no mu. 2Enti odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa se, 3Mfe aduonu abiɛsa25.3 mfe aduonu abiɛsa, Yosia dii hene mfe dunkron na Yehoiakim nso dii hene mfe anan. ni, efi Yudahene Amon babarima Yosia adedi afe a ɛto so dumiɛnsa besi nnɛ, Awurade asɛm aba me so na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso muntiei ɛ.
4Mpo Awurade asoma nʼasomfo a wɔyɛ nʼadiyifo aba mo nkyɛn mpɛn bebree, na muntiee wɔn, na monyɛɛ aso mmaa wɔn ɛ. 5Wɔkae se, “Mo mu biara mfi nʼakwan bɔne ne ne nneyɛe bɔne ho, na mubetumi atena asase a Awurade de maa mo ne mo agyanom no so afebɔɔ. 6Munni anyame foforo akyi nkɔsom wɔn, nsɔre wɔn; mommfa nea mode mo nsa ayɛ no nhyɛ me abufuw. Afei merenhaw mo.”
7“Nanso moantie me,” Awurade na ose, “na mode nea mode mo nsa ayɛ ahyɛ me abufuw, na mode ɔhaw aba mo so.”
8Afei nea Asafo Awurade se ni: “Esiane sɛ moantie me nsɛm no nti, 9mɛfrɛ atifi fam nnipa nyinaa ne mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar,” Awurade na ose, “na mede wɔn abɛko atia saa asase yi ne sofo, ne amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa. Mɛsɛe wɔn pasaa na mayɛ wɔn ahodwiriwde ne fɛwdi, ne amamfo afebɔɔ. 10Meyi ahosan ne anigye nnyigyei, ayeforokunu ne ayeforo nne, awiyammo nnyigyei ne kanea hann afi wɔn mu. 11Ɔman mu no nyinaa bɛdan asase wosee, na saa amanaman yi bɛsom Babiloniahene mfirihyia aduɔson.
12“Na mfirihyia aduɔson awiei no, mɛtwe Babiloniahene ne ne man, Babiloniafo asase aso wɔ wɔn amumɔyɛ ho, mɛdan no amamfo afebɔɔ,” sɛnea Awurade se ni. 13“Mɛma asotwe a mahyɛ atia asase no nyinaa aba wɔn so, nea wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu na Yeremia ahyɛ ho nkɔm atia aman no nyinaa no. 14Wɔn ankasa de, amanaman bebree25.14 Aman aman bebree—Saa aman no yɛ Persia, Media ne ne nkurɔfo. ne ahempɔn de wɔn bɛyɛ nkoa; na metua wɔn nneyɛe ne wɔn nsa ano adwuma so ka.”
Onyankopɔn Abufuwhyew Kuruwa No
15Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛɛ me: “Gye saa kuruwa yi a mʼabufuwhyew nsa ahyɛ no ma yi, na ma amanaman a mɛsoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom. 16Sɛ wɔnom a, wɔbɛtɔ ntintan na wɔabobɔ dam esiane afoa a mɛsoma akɔ wɔn so no nti.”
17Ɛno nti, migyee kuruwa no fii Awurade nsam, na memaa amanaman a ɔsomaa me wɔn nkyɛn no nomee:
18Yerusalem ne Yuda nkurow, nʼahemfo ne ne nnwumayɛfo sɛ wɔnyɛ ɔsɛe, aninyanne, animɔharefo ne nnome, sɛnea wɔte nnɛ da yi.
19Misraimhene Farao, nʼasomfo, nʼadwumayɛfo ne ne manfo nyinaa, 20ananafo a wɔwɔ hɔ nyinaa;
Us ahemfo;
Filistifo ahemfo (a ɛyɛ Askelon, Gasa, Ekron ne nnipa a wɔagyaw wɔn wɔ Asdod);
21Edom, Moab ne Amon;
22Tiro ne Sidon ahemfo nyinaa;
ne ahemfo a wɔwɔ mpoano aman a wɔwɔ po agya no;
23Dedan, Tema, Bus ne nnipa a wɔtete akyirikyiri no;
24Arabia ahemfo ne ananafo ahemfo nyinaa a wɔtete nweatam so no.
25Simri, Elam ne Media ahemfo nyinaa;
26ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, ne wɔn mu biara, asase so ahenni ahorow.
Na wɔn nyinaa akyi no Sesakhene nso bɛnom bi.
27“Afei ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: Monnom, mommobow na momfefe, na mohwehwe ase a monnsɔre bio, esiane afoa a mɛsoma aba mo so no nti.’ 28Na sɛ wɔampɛ sɛ wogye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se: Ɛsɛ sɛ monom! 29Monhwɛ, merebefi ase de amanehunu aba kuropɔn a me Din da so no so, na mobɛfa mo ho adi a wɔrentwe mo aso ana? Wɔbɛtwe mo aso, efisɛ merefrɛ afoa aba wɔn a wɔtete asase no so nyinaa so, Asafo Awurade na ose.’
30“Afei hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm tia wɔn, na ka kyerɛ wɔn se,
“ ‘Awurade befi ɔsoro abobɔ mu;
ɔbɛma ne nne so afi ne tenabea kronkron hɔ,
na wabobɔ mu dennen atia nʼasase.
Ɔbɛteɛ mu te sɛ wɔn a wotiatia bobe aba so,
ɔbɛteɛ mu agu wɔn a wɔtete asase no so no so.
31Huuyɛ begyigye akɔ nsase ano,
na Awurade bɛbɔ kwaadu, atia amanaman;
obebu adesamma nyinaa atɛn
na ɔde amumɔyɛfo ama afoa,’ ”
Awurade na ose.
32Sɛɛ na Asafo Awurade se:
“Monhwɛ! Amanehunu retrɛtrɛw
fi ɔman so kɔ ɔman foforo so;
ahum kɛse bi rema ne ho so
afi nsase ano.”
33Saa bere no, wɔn a Awurade akunkum wɔn no bɛdeda baabiara, fi asase ano kosi ano nohɔ. Wɔrensu wɔn na wɔremmoaboa wɔn ano na wɔrensie wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ sumina a egugu fam.
34Munsu na muntwa adwo, mo nguanhwɛfo;
mommunummunum wɔ mfutuma mu, mo nguankuw ntuanofo.
Mo kum bere no adu;
mobɛhwehwe ase sɛ adwennini a wɔadodɔ.
35Nguanhwɛfo no rennya baabiara nguan nkɔ,
na nguankuw no ntuanofo no rennya kwan nguan.
36Muntie nguanhwɛfo no su,
ne nguankuw no ntuanofo agyaadwotwa,
efisɛ Awurade resɛe wɔn mmoa adidibea.
37Sare nsase a asomdwoe wɔ so no bɛda mpan
esiane Awurade abufuwhyew no nti.
38Obefi ne tu mu sɛ gyata,
na wɔn asase bɛda mpan
esiane nnomumfafo no afoa
ne Awurade abufuwhyew no nti.
26Owu Hunahuna Yeremia
1Yehoiakim a ɔyɛ Yudahene Yosia babarima adedi mfiase mfe no, saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn bae: 2“Sɛɛ na Awurade se: Gyina Awurade fi mu adiwo hɔ, na ka kyerɛ nnipa a wofi Yuda nkurow mu bɛsom wɔ Awurade fi mu nyinaa. Ka nea mehyɛ wo no nyinaa kyerɛ wɔn; nyi asɛm biara mfi mu. 3Ebia wobetie, na wɔn mu biara asan afi nʼakwammɔne so. Sɛ ɛba saa a, mɛtwɛn, na meremfa amanehunu a wɔn bɔne nti mepɛɛ sɛ mede ba wɔn so no mma bio. 4Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Awurade se ni: Sɛ moantie me, na moanni me mmara a mahyɛ mo no so, 5na sɛ moantie nsɛm a mʼasomfo adiyifo a mesoma wɔn mo nkyɛn bere biara no ka kyerɛ mo no a, (mpo munntiee wɔn), 6ɛno de, mɛyɛ ofi yi sɛ Silo, na kuropɔn yi ayɛ nnome wɔ asase so aman nyinaa mu.’ ”
7Asɔfo, adiyifo ne nnipa no nyinaa tee sɛ Yeremia reka saa nsɛm yi, wɔ Awurade fi hɔ. 8Na Yeremia wiee nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no se ɔnka nkyerɛ nnipa no nyinaa no ka no, asɔfo no, adiyifo ne nnipa no nyinaa tow hyɛɛ ne so kae se, “Ɛsɛ sɛ wuwu! 9Adɛn na wohyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu se, ofi yi bɛyɛ sɛ Silo na kuropɔn yi bɛda mpan a obiara ntena mu ana?” Na nnipa no nyinaa betwaa Yeremia ho hyiaa wɔ Awurade fi hɔ.
10Bere a Yuda adwumayɛfo tee saa nsɛm yi no, wofii ahemfi hɔ foro kɔɔ Awurade fi kɔtenaa ofi no Pon Foforo no ano. 11Na asɔfo no ne adiyifo no ka kyerɛɛ adwumayɛfo no ne nnipa no nyinaa se, “Ɛsɛ sɛ wobu saa ɔbarima yi kumfɔ, efisɛ wahyɛ nkɔm atia kuropɔn yi. Moate wɔ mo asom!”
12Na Yeremia kasa yii ne ho ano wɔ adwumayɛfo ne nnipa no nyinaa anim se, “Awurade somaa me se, memmɛhyɛ nkɔm ntia ofi yi ne kuropɔn yi sɛnea moate no nyinaa. 13Na afei monteɛteɛ mo akwan ne mo nneyɛe, na monyɛ osetie mma Awurade, mo Nyankopɔn. Na Awurade bɛtwɛn, na ɔremfa amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba mo so no mma bio. 14Me de, mewɔ mo nsam; mubetumi ayɛ me sɛnea eye na ɛteɛ wɔ mo ani so. 15Nanso monkae se, sɛ mukum me a, moahwie mogya a edi bem agu, na so afɔdi bɛba mo so, kuropɔn yi so ne wɔn a wɔtete mu no so; na nokware Awurade na wasoma me sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa ngu mo asom.”
16Na adwumayɛfo no ne nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfo no ne adiyifo no se, “Ɛnsɛ sɛ wobu saa ɔbarima yi kumfɔ! Wakasa akyerɛ yɛn wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn din mu.”
17Na asase no so mpanyimfo no mu bi sɔree, na wɔka kyerɛɛ bagua no nyinaa se, 18“Mika a ofi Moreset hyɛɛ nkɔm wɔ Yudahene Hesekia bere so ka kyerɛɛ Yudafo nyinaa se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se:
“ ‘Wobefuntum Sion te sɛ afuw.
Na Yerusalem bɛyɛ mmubui
na asɔredan no koko bɛyɛ sɛ nkɔ a nkyɛkyerɛ afuw wɔ so.’
19Na Yudahene Hesekia anaa Yudani bi kum no ana? Hesekia ansuro Awurade ansrɛ ne hɔ adom? Na ɛno amma Awurade antwɛn sɛ obeyi amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba wɔn so no amfi wɔn so ana? Yɛreyɛ de amanehunu kɛse aba yɛn ankasa so!”
20(Semaia babarima Uria a, ofi Kiriat-Yearim no nso yɛ ɔbarima foforo a ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Awurade din mu; ɔhyɛɛ nkɔm koro yi ara tiaa saa kuropɔn yi ne saa asase yi, sɛnea Yeremia yɛe no. 21Bere a ɔhene Yehoiakim ne ne mpanyimfo ne nʼadwumayɛfo nyinaa tee ne nsɛm no, ɔhene no pɛɛ sɛ okum no, nanso Uria tee no, ɔde ehu guan kɔɔ Misraim. 22Ɔhene Yehoiakim somaa Akbor babarima Elnatan ne mmarima bi kɔɔ Misraim. 23Wɔde Uria fii Misraim bae, na wɔde no kɔmaa ɔhene Yehoiakim. Ɔma wɔde afoa kum no na wɔtow ne funu kyenee kwasafo asiei.)
24Afei nso, na Safan babarima Ahikam gyina Yeremia akyi, enti wɔamfa no amma dɔm no sɛ wonkum no.
27Yuda Bɛsom Nebukadnessar
1Yudahene Yosia babarima Sedekia adedi mfiase no, asɛm yi fi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn se, 2Sɛɛ na Awurade ka kyerɛɛ me: “Fa mmeamdua ne nkyehama yɛ konnua sɛn wo kɔn mu. 3Fa nkra ma abɔfo a wɔaba Yudahene Sedekia nkyɛn wɔ Yerusalem na wɔmfa nkɔma ahemfo a wɔwɔ Edom, Moab, Amon, Tiro ne Sidon. 4Fa nkra kɔma wɔn wuranom se: Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Ka eyi kyerɛ wo wuranom se: 5Mede me tumi kɛse ne me basa a mateɛ mu yɛɛ asase ne so nnipa ne mmoa a wɔwɔ so, na mede ma obiara a mepɛ. 6Afei mede mo aman nyinaa bɛhyɛ mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na mede wuram mmoa mpo bɛhyɛ nʼase. 7Amanaman nyinaa bɛsom no ne ne babarima ne ne nenabarima kosi sɛ ne bere betwa mu; na afei aman bebree ne ahemfo akɛseakɛse bedi ne so.
8“ ‘Nanso sɛ ɔman bi anaa ahenni bi rensom Babiloniahene Nebukadnessar anaa wɔremfa wɔn kɔn nhyɛ ne konnua ase a, mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe saa ɔman no aso, kosi sɛ mede ne nsa bɛsɛe no, Awurade na ose. 9Ɛno nti munntie mo adiyifo, mo nkɔmhyɛfo, mo adae asekyerɛfo, mo samanfrɛfo anaa mo ntafowayifo a wɔka kyerɛ mo se, “Morensom Babiloniahene.” 10Wɔhyɛ mo atoro nkɔm a ɛbɛma wɔayi mo afi mo asase so akɔ akyirikyiri nko ara; mɛpam mo ama mo ase ayera. 11Nanso sɛ ɔman biara de ne kɔn bɛhyɛ Babiloniahene konnua no ase na wasom no a, mɛma saa ɔman no aka ɔno ara asase so na wadɔw so atena so, Awurade, na ose.’ ”
12Mede saa nkra koro no ara kɔmaa Yudahene Sedekia se, “Momfa mo kɔn nhyɛ Babiloniahene konnua ase na monsom ɔno ne ne nkurɔfo na mubenya nkwa. 13Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wo ne wo nkurɔfo wuwu wɔ afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano, sɛnea Awurade de ahunahuna ɔman biara a ɔmpɛ sɛ ɔsom Babiloniahene no? 14Munntie adiyifo no a wɔka kyerɛ mo se, ‘Morensom Babiloniahene,’ efisɛ wɔhyɛ mo atoro nkɔm. 15‘Mensomaa wɔn’ Awurade na ose. ‘Wɔhyɛ atoro nkɔm wɔ me din mu. Enti mɛpam mo na moayera, mo ne adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm no.’ ”
16Na meka kyerɛɛ asɔfo no ne saa nkurɔfo yi nyinaa se, “Sɛɛ na Awurade se: Munntie adiyifo no a wɔhyɛ mo nkɔm se, ‘Ɛrenkyɛ koraa wɔde Awurade fi nneɛma no befi Babilonia aba.’ Wɔhyɛ atoro nkɔm kyerɛ mo. 17Munntie wɔn. Monsom Babiloniahene na mubenya nkwa. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ saa kuropɔn yi sɛe? 18Sɛ wɔyɛ adiyifo na Awurade asɛm wɔ wɔn mu a, ma wɔn nkotow nsrɛ Asafo Awurade na nneɛma a wɔde siesie dan mu a aka wɔ Awurade fi ne Yudahene ahemfi ne Yerusalem no, wɔamfa ankɔ Babilonia. 19Na sɛɛ na Asafo Awurade ka fa kɔbere mfrafrae afadum, po, nnyinaso a wotumi pia ne nneɛma a wɔde siesie dan mu no a aka wɔ kuropɔn yi mu no ho. 20Nea Babiloniahene Nebukadnessar amfa ankɔ bere a ɔbɛfaa Yudahene Yehoiakim babarima Yehoiakyin ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma fii Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia no. 21Yiw, nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, ka fa nneɛma a aka wɔ Awurade fi, Yudahene ahemfi ne Yerusalem no ho no ni: 22‘Wɔbɛfa akɔ Babilonia, na hɔ na ɛbɛka kosi da a mɛba abɛfa,’ Awurade na ose. ‘Afei mede nneɛma no bɛsan aba bio abesisi wɔn sibea wɔ ha.’ ”
28Odiyifo Torofo Hanania
1Ɔsram a ɛto so anum wɔ afe koro a ɛyɛ Yudahene Sedekia adedi mfiase, afe a ɛto so anan no mu, odiyifo Hanania a ɔyɛ Asur a ofi Gibeon babarima no ka kyerɛɛ me wɔ Awurade fi bere a na asɔfo ne nnipa no nyinaa ahyia no se, 2“Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: ‘Mebubu Babiloniahene konnua no. 3Mfe abien mu no, mede Awurade fi mu nneɛma a Babiloniahene Nebukadnessar bɛfa fii ha kɔɔ Babilonia no nyinaa bɛsan aba. 4Na mɛsan de Yehoiakyin a ɔyɛ Yudahene Yehoiakim babarima ne Yuda nnommum a wɔkɔɔ Babilonia no nyinaa aba’ sɛɛ na Awurade se, ‘na mebubu Babiloniahene konnua no.’ ”
5Na odiyifo Yeremia buaa odiyifo Hanania wɔ asɔfo ne nnipa a na wogyinagyina Awurade fi no nyinaa anim. 6Ɔkae se, “Amen! Ma Awurade nyɛ no saa! Ma Awurade mma wo nkɔm a woahyɛ sɛ wɔde Awurade fi nneɛma no nyinaa ne nnommum no befi Babilonia asan aba ha yi no mmra mu. 7Nanso tie asɛm a ɛsɛ sɛ meka ma wote na nnipa no nyinaa nso te: 8Efi tete no, adiyifo a wodii mʼanim ne wʼanim no hyehyɛɛ ɔko, amanehunu ne ɔyaredɔm ho nkɔm tiaa aman bebree ne ahenni akɛse. 9Nanso odiyifo a ɔhyɛ asomdwoe ho nkɔm no, sɛ ne nkɔmhyɛ no ba mu a wobegye no ato mu sɛ obi a ampa ara Awurade asoma no.”
10Na odiyifo Hanania yii konnua no fii odiyifo Yeremia kɔn mu, bubuu mu, 11na ɔkaa wɔ nnipa no nyinaa anim se, “Sɛɛ na Awurade se: ‘Saa ara na mebubu Babiloniahene Nebukadnessar konnua no afi amanaman nyinaa kɔn mu wɔ mfe abien mu.’ ” Odiyifo Yeremia tee eyi no ofii hɔ kɔe.
12Odiyifo Hanania bubuu konnua no fii odiyifo Yeremia kɔn mu akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se: 13“Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Woabubu dua konnua mu, nanso mede dade konnua besi anan mu. 14Na sɛnea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Mede dade konnua bɛto amanaman nyinaa kɔn mu, ama wɔn asom Babiloniahene Nebukadnessar, na wɔbɛsom no. Na mpo mɛma no adi wuram mmoa so.’ ”
15Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania se, “Tie, Hanania! Awurade nsomaa wo, nanso, woama ɔman yi agye atoro ato mu. 16Ɛno nti, sɛ Awurade se ni: ‘Merebeyi wo afi asase so. Afe yi mu ara wubewu, efisɛ woaka atuatew nsɛm atia Awurade.’ ”
17Ɔsram a ɛto so ason wɔ afe no ara mu no, odiyifo Hanania wui.
29Krataa A Wɔde Kɔmaa Nnommum No
1Eyi ne krataa mu nsɛm a odiyifo Yeremia kyerɛw fii Yerusalem kɔmaa nnommum no mu mpanyimfo nkae, asɔfo, adiyifo ne nnipa a wɔaka nyinaa a Nebukadnessar afa wɔn afi Yerusalem akɔ Babilonia no. 2(Eyi yɛ bere a ɔhene Yehoiakyin ne ɔhemmea no, asennii adwumayɛfo, Yuda ne Yerusalem ntuanofo, adwumfo ahorow nyinaa afi Yerusalem akɔ nnommum mu no akyi.) 3Ɔde krataa no hyɛɛ Safan babarima Elasa ne Hilkia babarima Gemaria nsa, wɔn na Yudahene Sedekia somaa wɔn kɔɔ Ɔhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babilonia no. Krataa no mu nsɛm ni:
4Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ wɔn a mema wɔfaa wɔn nnommum fi Yerusalem kɔɔ Babilonia no nyinaa ni: 5“Munsisi afi, na momfa mmɔ atenase; monyɛ nturo na munni mu aba. 6Monwareware, na monwowo mmabarima ne mmabea. Monhwehwɛ yerenom mma mo mmabarima na momfa mo mmabea nso mma aware, na wɔn nso nwowo mmabarima ne mmabea. Monnɔ wɔ hɔ na mo so antew. 7Afei, monhwehwɛ kuropɔn a mema wotuu mo kɔtenaa so no asomdwoe ne yiyedi. Mommɔ Awurade mpae mma no, efisɛ ne yiyedi mu na mo nso mubedi yiye.” 8Yiw, sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: “Mommma adiyifo ne nkɔmhyɛfo a wɔwɔ mo mu no nnaadaa mo. Munntie wɔn adae a mohyɛ wɔn nkuran ma wɔsoso no. 9Wɔhyɛ atoro nkɔm wɔ me din mu. Mensomaa wɔn,” Awurade na ose.
10Nea Awurade se ni: “Sɛ mosom Babilonia mfe aduɔson a, mɛba abɛhwɛ mo na mɛma mʼadom mu bɔhyɛ sɛ mede mo bɛba ha bio no aba mu. 11Minim nhyehyɛe a mewɔ ma mo,” Awurade na ose, “Nhyehyɛe a ɛde mo besi yiye na ɛrenhaw mo, nhyehyɛe a ɛbɛma mo anidaso ne awiei pa. 12Afei mobɛfrɛ me na moaba abɛbɔ me mpae, na metie mo. 13Mobɛhwehwɛ me na mubehu me, sɛ mode mo koma nyinaa hwehwɛ me a. 14Mubehu me,” Awurade na ose, “na meyi mo afi nkoasom mu de mo asan aba. Mɛboaboa mo ano afi amanaman ne mu ne faako a mepam mo kɔɔ no nyinaa,” Awurade na ose, “na mede mo bɛsan aba faako a mituu mo fi kɔɔ nnommum mu no bio.”
15Mobɛka se, “Awurade ama yɛn adiyifo wɔ Babilonia,” 16nanso, sɛɛ na Awurade ka fa ɔhene a ɔte Dawid ahengua so ne nnipa a wɔaka wɔ kuropɔn no mu nyinaa, mo manfo a wɔne mo ankɔ nnommum mu no. 17Yiw, nea Asafo Awurade se ni: “Mɛma afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm aba wɔn so, na wɔayɛ sɛ borɔdɔma a asɛe enti wontumi nni. 18Mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm betiw wɔn, na mɛyɛ wɔn atantanne ama ahenni a ɛwɔ asase no so nyinaa, ne nnome ne ahodwiriwde, fɛwdi ne animtiaabude wɔ amanaman a mepam wɔn kɔɔ so no mu. 19Efisɛ, wɔantie me nsɛm,” sɛɛ na Awurade se, “nsɛm a mede somaa mʼasomfo adiyifo mpɛn bebree baa mo nkyɛn. Na mo nnommum nso antie,” Awurade na ose.
20Afei muntie Awurade asɛm, mo nnommum a mama mo afi Yerusalem akɔ Babilonia no nyinaa. 21Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn ka fa Kolaia babarima Ahab ne Maaseia babarima Sedekia a wɔde me din rehyɛ mo atoro nkɔm no ho ni: “Mede wɔn bɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wakum wɔn wɔ mo anim. 22Esiane wɔn nti, Yuda nnommum a wɔwɔ Babilonia nyinaa de saa nnome yi bɛdome sɛ: ‘Awurade nyɛ wo sɛ, Sedekia ne Ahab a Babiloniahene hyew wɔn wɔ ogya mu no.’ 23Na wɔayɛ akyiwade a ɛboro so wɔ Israel: wɔne wɔn yɔnkonom yerenom adeda de asɛe aware, na wɔde me din adi atoro a menka nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ. Minim na midi ho adanse,” Awurade na ose.
Semaia Nkra
24Ka kyerɛ Nehelamni Semaia se, 25“Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se ni: Wokyerɛw krataa wɔ wo din mu kɔmaa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, ɔsɔfo Maaseia babarima Sefania, ne asɔfo a aka no nyinaa. Woka kyerɛɛ Sefania se, 26‘Awurade ahyɛ wo sɔfo asi Yehoiada anan mu se hwɛ Awurade fi no so; Ɛsɛ sɛ wode nkɔnsɔnkɔnsɔn ne dade konnua gu obiara a wabɔ dam na ɔyɛ ne ho sɛ odiyifo no. 27Afei adɛn nti na wonka Yeremia a ofi Anatot a ɔyɛ ne ho sɛ odiyifo wɔ mo mu no anim? 28Ɔde saa nkra yi abrɛ yɛn wɔ Babilonia: Ɛbɛkyɛ. Ɛno nti munsisi afi mfa nyɛ atenae; monyɛ nturo na munni mu aba.’ ”
29Ɔsɔfo Sefania kenkan krataa no kyerɛɛ odiyifo Yeremia. 30Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 31“Fa saa nkra yi kɔma nnommum no nyinaa se, ‘Eyi ne nea Awurade ka fa Nehelamni Semaia ho: Esiane sɛ wahyɛ mo nkɔm a mpo mansoma no, na wama moagye atoro adi nti, 32nea Awurade se ni: Nokware, mɛtwe Nehelamni Semaia ne nʼasefo aso. Ɔrennya obiara a ɔbɛka wɔ saa nkurɔfo yi mu, na ɔrenhu nneɛma pa a mɛyɛ ama me nkurɔfo, efisɛ waka atuatew nsɛm atia me,’ ” Awurade na ose.
30Wogye Israel Si Hɔ
1Asɛm a efi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ ni: 2“Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, se: ‘Kyerɛw nsɛm a maka akyerɛ wo nyinaa gu nhoma mu. 3Nna bi reba,’ sɛnea Awurade se, ‘a mede me nkurɔfo Israelfo ne Yudafo befi nnommum mu asan aba na mede wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so no so,’ Awurade na ose.”
4Eyi ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho: 5“Nea Awurade se ni:
“ ‘Akomatu nteɛteɛmu na mete,
mete basabasayɛ, na ɛnyɛ asomdwoe.
6Mummisa na munhu:
Ɔbarima betumi awo mma ana?
Afei, adɛn nti na mihu ɔbarima hoɔdenfo biara
sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu,
na anim biara ayɛ bosaa saa?
7Sɛnea da no bɛyɛ hu afa!
Da biara renyɛ sɛ ɛno.
Ɛbɛyɛ amanehunu bere ama Yakob,
nanso wobeyi no afi mu.
8“ ‘Saa da no,’ Asafo Awurade na ose,
‘Mebubu konnua no afi wɔn kɔn mu,
na matetew wɔn nkyehama no mu;
ananafo remfa wɔn nyɛ nkoa bio.
9Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Nyankopɔn
ne Dawid, wɔn hene,
a mɛpagyaw no ama wɔn.
10“ ‘Enti nsuro, Yakob, me somfo;
mma wʼaba mu mmu, Israel,’
nea Awurade se ni.
‘Nokware, megye wo afi akyirikyiri,
ne wʼasefo afi wɔn nnommum asase so.
Yakob bɛsan anya asomdwoe ne bammɔ
na obiara renhunahuna no bio.
11Me ne wo wɔ hɔ na megye wo nkwa,’
Awurade na ose.
‘Ɛwɔ mu, mesɛe amanaman no nyinaa pasaa,
emu na mebɔ mo ahwete kɔ,
nanso merensɛe mo korakora.
Mɛteɛteɛ mo, nanso mɛyɛ no wɔ trenee kwan so;
meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’
12“Sɛɛ na Awurade se:
“ ‘Wʼapirakuru ayɛ akisikuru,
na wontumi nsa.
13Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo,
wo kuru no rennya aduru,
na worennya ayaresa.
14Wʼapamfo nyinaa werɛ afi wo;
wo ho biribiara mfa wɔn ho.
Mabɔ wo sɛnea wo tamfo bɛyɛ
na matwe wʼaso sɛnea otirimɔdenfo bɛtwe,
efisɛ wʼafɔdi so dodo
na wʼamumɔyɛ nso dɔɔso.
15Adɛn nti na wusu dennen wɔ wʼapirakuru,
wo yawdi a ano nni aduru no ho?
Wʼafɔdi kɛse ne wʼamumɔyɛ bebrebe nti
na mede saa nneɛma yi ayɛ wo.
16“ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo;
mo atamfo nyinaa bɛkɔ nnommum mu.
Wɔn a wɔfow mo no wɔbɛfow wɔn
wɔn a wɔtow hyɛɛ mo so no, mɛtow ahyɛ wɔn so.
17Nanso mɛma wo ahoɔden bio
na masa wʼapirakuru,’
Awurade na ose,
‘efisɛ wɔfrɛ wo nea wɔapam no,
Sion a wo ho nhia obiara.’ ”
18Sɛɛ na Awurade se:
“ ‘Mɛsan de Yakob ntamadan mu ahonyade aba
na manya ayamhyehye ama nʼatenae ahorow no;
wɔbɛkyekye kuropɔn no bio wɔ ne mmubui so,
na ahemfi no besi nea ɛsɛ sɛ esi.
19Wɔn mu na aseda nnwom befi aba
ne ahosɛpɛw nnyigyei.
Mɛma wɔadɔɔso,
na wɔn dodow no so rentew;
mɛhyɛ wɔn anuonyam,
na wɔremmu wɔn abomfiaa.
20Wɔn mma bedi yiye sɛ kan no,
mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim;
wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso.
21Wɔn kannifo bɛyɛ wɔn ankasa nipa;
na wɔn sodifo befi wɔn mu.
Mɛka no abata me ho na wabɛn me,
na hena na ɔde ne ho bɛma
sɛ ɔbɛbɛn me?’ ”
Awurade na ose.
22“ ‘Enti mobɛyɛ me nkurɔfo,
na mayɛ mo Nyankopɔn.’ ”
23Hwɛ, Awurade ahum
betu abufuwhyew mu,
mfɛtɛ bedi kyinhyia wɔ
amumɔyɛfo mpampam.
24Awurade abufuw rennwo
kosi sɛ obewie
ne koma mu nhyehyɛe nyinaa.
Nna a ɛreba no mu no
mobɛte eyi ase.
311“Saa bere no,” Awurade na ose, “Mɛyɛ Israel mmusuakuw no nyinaa Nyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfo.”
2Nea Awurade se ni:
“Nnipa a wotumi gyinaa wɔ afoa ano no
benya adom wɔ nweatam so;
mede ahomegye bɛbrɛ Israel.”
3Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kan no na ɔkae se,
“Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ mo
mede adɔe atwe mo.
4Mede mo besi hɔ bio
na wɔbɛsan de wo, Ɔbabun Israel, asi hɔ.
Wobɛfa wʼakasae bio
na woafi adi ne anigyefo akɔsaw.
5Bio, mobɛyɛ bobe nturo
wɔ Samaria nkoko so;
akuafo no bedua
na wɔadi so aba.
6Da bi bɛba a, awɛmfo bɛteɛ mu
wɔ Efraim nkoko so se,
‘Mommra, momma yɛnforo nkɔ Sion,
nkɔ Awurade yɛn Nyankopɔn nkyɛn.’ ”
7Nea Awurade se ni:
“Momfa ahosɛpɛw nto nnwom mma Yakob;
Monteɛ mu mma amanaman mu kannifo.
Momma wɔnte mo ayeyi na monka se,
‘Awurade, gye wo nkurɔfo,
Israel nkae no.’
8Hwɛ, mede wɔn befi atifi fam asase so aba
na maboa wɔn ano afi nsase ano.
Wɔn mu bi bɛyɛ anifuraefo, mpakye,
apemfo ne mmea a wɔwɔ awoko mu;
dɔm kɛse bɛsan aba.
9Wɔde osu na ɛbɛba;
wɔbɛbɔ mpae bere a mede wɔn resan aba no.
Mede wɔn bɛfa nsuwa ho;
ɔkwan tamaa a wɔrenhintiw wɔ so,
efisɛ mɛyɛ Israel agya,
na Efraim yɛ me babarima piesie.
10“Muntie Awurade asɛm, mo amanaman;
mommɔ no dawuru wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so se,
‘Nea ɔbɔɔ Israel petee no bɛboaboa wɔn ano
na wahwɛ ne nguankuw so sɛ oguanhwɛfo.’
11Na Awurade begyina mu ama Yakob
na wagye wɔn afi wɔn a
wɔwɔ ahoɔden sen wɔn no nsam.
12Wɔbɛba na wɔde ahurusi ateɛ mu wɔ Sion sorɔnsorɔmmea;
wɔbɛsɛpɛw wɔn ho wɔ akyɛde bebrebe a
efi Awurade hɔ mu,
atoko, nsa foforo ne ngo,
nguantenmma ne anantwi.
Wɔbɛyɛ sɛ turo a wɔagugu so nsu yiye,
na wɔrenni awerɛhow bio.
13Afei mmabaa bɛsaw na wɔn ani agye,
mmerante ne nkwakoraa nso ka ho.
Mɛma wɔn awerɛhow adan anigye;
mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛw de asi awerɛhow anan mu.
14Mɛma asɔfo no nea ehia wɔn ama abu so,
na mama mʼakyɛde bebrebe amee me nkurɔfo,”
Awurade, na ose.
15Sɛɛ na Awurade se:
“Wɔte nne bi wɔ Rama,
awerɛhow ne agyaadwotwa bebree,
Rahel resu ne mma
na ɔmpɛ sɛ wɔkyekye ne werɛ,
efisɛ ne mma nni hɔ bio.”
16Sɛɛ na Awurade se:
“Hyɛ wo ho so na woansu,
mia wʼani na woante nusu,
efisɛ wobetua wʼadwumayɛ so ka,”
Awurade na ose.
“Wɔbɛsan afi atamfo no asase so aba.
17Enti anidaso wɔ hɔ ma wo daakye.”
Awurade na ose.
Wo mma bɛsan aba wɔn ankasa asase so.
18“Ampa ara mate sɛ Efraim resu se,
‘Woteɛteɛɛ me so sɛ nantwi ba a nʼani yɛ den,
na manya ahohyɛso.
Gye me bio, na mɛsan aba,
efisɛ wo ne Awurade, me Nyankopɔn.
19Meman akyi no,
minyaa adwensakra;
na akyiri a minyaa ntease no,
mebɔɔ me koko so.
Mʼanim guu ase na mefɛree,
efisɛ me mmabun mu animguase da so so me.’
20Efraim nyɛ me babarima dɔfo,
ɔba a ɔsɔ mʼani ana?
Ɛwɔ mu, metaa kasa tia no de,
nanso meda so kae no.
Enti me koma pere hwehwɛ no;
mewɔ ayamhyehye ma no,”
sɛɛ na Awurade se.
21“Momfa agyiraehyɛde nsisi akwan ho;
munsisi akwankyerɛ afadum.
Monhyɛ ɔtempɔn no nsow,
ɔkwan a monam so ba.
San wʼakyi, Ɔbabun Israel,
san bra wo nkurow so.
22Wubekyinkyin akosi da bɛn,
Ɔbabea Israel sesafo?
Awurade bɛyɛ ade foforo wɔ asase so,
ɔbea bɛbɔ ɔbarima ho ban.”
23Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se: “Sɛ mesan de wɔn fi nnommum mu ba a, nnipa a wɔwɔ Yuda asase ne nkurow so bɛsan aka saa nsɛm yi se, ‘Awurade nhyira wo, wo yiyeyɛ kuropɔn ne bepɔw kronkron.’ 24Nnipa bɛbɔ mu atena ase wɔ Yuda ne ne nkurow nyinaa so, akuafo ne wɔn a wɔde wɔn nguankuw nenam. 25Mɛma nea wabrɛ no anya ahoɔden foforo, na nea watɔ piti no nso mɛma no amee.”
26Minyanee, na mehwɛɛ me ho hyiae. Medaa hatee.
27“Nna bi reba,” Awurade na ose, “A mede nnipa mma ne mmoa mma bedua Israel ne Yuda fi. 28Sɛnea mehwɛ ma wotutui, wodwiriwii, wobubui, wɔsɛee na wɔde amanehunu bae no, saa ara na mɛhwɛ ama wɔasi na wɔadua,” sɛnea Awurade se ni. 29Saa nna no mu, nnipa renka bio se,
“ ‘Agyanom adi bobe nwennaa,
na mma se afem.’
30Mmom, obiara bewu wɔ ɔno ara bɔne ho; nea obedi bobe nwennaa no ɔno na ne se bɛfem.
31“Bere no reba,” Awurade na ose,
“a me ne Israelfi
ne Yudafi bɛyɛ apam foforo.
32Ɛrenyɛ sɛ apam a
me ne wɔn agyanom yɛe no
bere a misoo wɔn nsa,
dii wɔn anim fii Misraim,
esiane sɛ wobuu mʼapam so,
wɔ bere a na meyɛ okunu ma wɔn no,”
Awurade na ose.
33“Eyi ne apam a me ne Israelfi bɛyɛ saa bere no akyi,”
Awurade na ose.
“Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu,
na makyerɛw wɔ wɔn koma so.
Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn,
na wɔbɛyɛ me nkurɔfo.
34Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio,
anaa ne nua se, ‘Hu Awurade,’
Efisɛ, wɔn nyinaa behu me,
efi wɔn mu akumaa so, kosi ɔkɛse so,”
Sɛnea Awurade se ni.
“Na mede wɔn amumɔyɛ bɛkyɛ wɔn,
na merenkae wɔn bɔne bio.”
35Sɛɛ na Awurade se,
nea ɔma owia hyerɛn adekyee,
na ɔhyɛ ɔsram ne nsoromma
sɛ wɔnhyerɛn anadwo;
nea ɔkanyan ɛpo
ma nʼasorɔkye bobɔ mu,
Asafo Awurade ne ne din.
36“Saa ahyɛde yi twa mu mʼani so a,”
Awurade na ose,
“ɛno ansa na Israel begyae
ɔmanyɛ wɔ mʼanim.”
37Sɛɛ na Awurade se:
“Sɛ wobetumi asusuw wim ntrɛwmu
na wɔatumi ahwehwɛ asase ase fapem mu a
ɛno de, mɛpo Israel asefo nyinaa,
esiane nea wɔayɛ nyinaa nti,”
Awurade na ose.
38“Nna no reba,” Awurade na ose, “a wɔbɛkyekye kuropɔn yi bio ama me, fi Hananel abantenten kosi Twɔtwɔw so Pon. 39Wɔbɛtwe susuhama no mu, afi hɔ de akosi Gareb koko so, na akɔntɔn akɔ Goa. 40Obon a wɔtow afunu ne nsõ gu mu no nyinaa ne asase a ɛkɔ Kidron bon mu wɔ apuei fam, kosi apɔnkɔ pon no twɔtwɔw so bɛyɛ kronkron ama Awurade. Wɔrentutu na wɔrensɛe kuropɔn no da.”
32Yeremia Tɔ Asase
1Eyi ne asɛm a efi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ wɔ Yudahene Sedekia adedi afe a ɛto so du a na ɛyɛ Nebukadnessar adedi afe a ɛto so dunwɔtwe no mu. 2Na Babiloniahene nsraadɔm aka Yerusalem ahyɛ a na odiyifo Yeremia nso da dua mu wɔ awɛmfo adiwo a ɛwɔ Yuda ahemfi.
3Na Yudahene Sedekia de no ato afiase wɔ hɔ reka se, “Adɛn nti na wohyɛ nkɔm a ɛte sɛɛ? Woka se, ‘Nea Awurade se ni: Mede saa kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na wafa no nnommum. 4Yudahene Sedekia rennya kwan nguan mfi Babiloniafo nsam, na ampa ara hyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔne no akasa anim ne anim na ɔde nʼani ahu no. 5Ɔde Sedekia bɛkɔ Babilonia, na hɔ na ɔbɛtena akosi sɛ me ne no bedi, Awurade na ose. Sɛ woko tia Babiloniafo no a worenni nkonim.’ ”
6Yeremia kae se, “Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 7Wo wɔfa Salum babarima Hanamel rebɛba wo nkyɛn, abɛka se, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot32.7 Anatot—Yeremia kurom. no, efisɛ woyɛ me busuani titiriw na wowɔ ho kwan, na ɛyɛ wʼasɛde nso sɛ wotɔ.’
8“Na sɛnea Awurade aka no, me wɔfa ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ awɛmfo adiwo hɔ bɛkae se, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot wɔ Benyamin mantam mu no. Esiane sɛ wowɔ ho kwan sɛ wugye na wofa no nti, tɔ na fa.’
“Mihuu sɛ eyi yɛ Awurade asɛm.” 9Enti metɔɔ asase a na ɛwɔ Anatot no fii me wɔfa ba Hanamel nkyɛn na mituaa dwetɛ gram ɔha ne aduɔkron anan (194) maa no. 10Mede me nsa hyɛɛ adetɔ nhoma no ase, sɔw ano32.10 sɔw ano—Ɛnyɛ sɛ ɔde nsa bɛhyɛ ase sɛ ɛyɛ nokware nko, na mmom, sɛnea wɔbɛhyɛ nhyehyɛe no mu nsɛm no mu den na amma obiara antumi ansakra mu. wɔ nnansefo anim, na mede nsania karii dwetɛ mpɔw no. 11Na mefaa adetɔ nhoma no, nea wɔasɔw ano a ɛho nhyehyɛe wɔ mu no, ne nea wɔnsɔw ano no nso, 12na mede saa adetɔ nhoma no maa Neria babarima Baruk32.12 Baruk—Ase ne “Awurade ahyira no.” Na ɔyɛ Yeremia kyerɛwfo nokwafo. a, ɔyɛ Maaseia nena no wɔ me wɔfa ba Hanamel, nnansefo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adetɔ nhoma no ase ne Yudafo a na wɔwɔ awɛmfo adiwo hɔ no nyinaa anim.
13“Meka kyerɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim se, 14‘Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Fa saa adetɔ so nhoma yi, nea wɔasɔw ano ne nea wɔnsɔw ano, na fa gu dɔte asuhina mu, sɛnea ɛbɛkyɛ yiye.32.14 fa to asuhina mu sɛnea ɛbɛkyɛ yiye—Krataa a wohuu no asuhina mu wɔ Ɛlefantin ne Kumram (nkurow a ɛdeda Nkyene Po atɔe fam) no dii mfe 2,000 ne akyi a ɛho anka.15Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Wɔbɛtotɔ afi, mfuw ne bobe nturo wɔ asase yi so bio.’
16“Mede adetɔ nhoma no maa Neria babarima Baruk akyiri no, mebɔɔ Awurade mpae se,
17“Ao, Otumfo Awurade, wo na wonam wo tumi ne wo basa a woateɛ mu so abɔ ɔsoro ne asase. Biribiara nyɛ den mma wo. 18Wuyi ɔdɔ adi kyerɛ mpempem, nanso wutua agyanom amumɔyɛ so ka gu wɔn mma a wodi wɔn akyi srɛ so. Onyankopɔn Tweduampɔn a woso na wowɔ tumi, wo din ne Asafo Awurade, 19wo botae so, na wo nneyɛe yɛ kɛse. Wʼaniwa hu nnipa akwan nyinaa; na wutua obiara ka sɛnea nʼabrabɔ ne ne nneyɛe te. 20Woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade wɔ Misraim na atoa so de abesi nnɛ wɔ Israel ne adesamma nyinaa mu, na wode agye din a ɛwɔ wo de besi nnɛ. 21Wode nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, nsa a ɛyɛ den ne abasa a wɔateɛ mu ne nneɛma ɛyɛ hu yii wo man Israel fii Misraim. 22Wode asase a wokaa ho ntam sɛ wode bɛma wɔn agyanom no maa wɔn, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so. 23Wɔba bedii, na wɔtenaa so, nanso wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; wɔanyɛ nea wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Enti wode saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.
24“Hwɛ sɛnea wɔasisi ntuano mpampim de rebegye kuropɔn no. Esiane afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm nti, wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafo a wɔretow ahyɛ ne so no nsa. Nea wokae no aba mu sɛnea wuhu no mprempren no. 25Na ɛwɔ mu sɛ wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafo nsa de, nanso wo, Otumfo Awurade, ka kyerɛ me se, ‘Fa dwetɛ tɔ asase na ma nnansefo mmra ho nhyehyɛe no mu.’ ”
26Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 27“Mene Awurade adesamma nyinaa Nyankopɔn. Na biribi yɛ den dodo ma me ana? 28Enti nea Awurade se ni: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniafo ne Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wɔafa. 29Babiloniafo a wɔretow ahyɛ saa kuropɔn yi so no bɛba, na wɔato mu gya; wɔbɛhyew no dwerɛbee, ɛno ne afi a nnipa hyew nnuhuam wɔ atifi maa Baal na wohwiee afɔrebɔ nsa maa anyame foforo de hyɛɛ me abufuw no.
30“Israelfo ne Yudafo nyɛɛ biribiara sɛ bɔne wɔ mʼani so, efi wɔn mmabun bere mu; ampa ara Israelfo nyɛɛ biribiara sɛ wɔde nneɛma a wɔde wɔn nsa ayɛ bɛhyɛ me abufuw, Awurade na ose. 31Efi da a wɔkyekyeree saa kuropɔn yi de besi nnɛ, wahyɛ me abufuw ne abufuwtraso a ɛsɛ sɛ miyi no fi mʼani so. 32Israelfo ne Yudafo de bɔne a wɔayɛ nyinaa ahyɛ me abufuw, wɔn, wɔn ahemfo ne adwumayɛfo, wɔn asɔfo ne adiyifo, mmarima a wɔwɔ Yuda ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem. 33Wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ me; ɛwɔ mu, mekyerɛkyerɛ wɔn bere biara de, nanso wɔantie na wɔamfa nteɛso. 34Wɔasisi ahoni a ɛyɛ akyiwade wɔ ofi a me Din da so no mu, de guu ho fi. 35Wosisii sorɔnsorɔmmea maa Baal wɔ Ben Hinom bon mu, de wɔn mmabarima ne mmabea bɔɔ afɔre maa Molek, wɔ bere a menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa mʼadwene mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwade yi mma Yuda nyɛ bɔne.
36“Woreka wɔ kuropɔn yi ho se, ‘Wɔnam afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm so de bɛhyɛ Babiloniahene nsa’; nanso sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: 37Ampa ara mɛboaboa wɔn ano afi nsase a mifi mʼabufuwhyew mu pam wɔn koguu hɔ; mɛsan de wɔn aba ha na mama wɔatena ase ahotɔ mu. 38Wɔbɛyɛ me nkurɔfo, na mayɛ wɔn Nyankopɔn. 39Na mɛma wɔn koma koro na wɔayɛ wɔn ade abɔ mu, sɛnea bere biara wobesuro me, wɔn ankasa ne wɔn nkyirimma yiyedi nti. 40Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yiyeyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn koma mu, ama wɔasuro me, sɛnea wɔrentwe wɔn ho mfi me ho da. 41Mʼani begye sɛ mɛyɛ wɔn yiye, na ampa ara mede me koma ne me kra nyinaa bedua wɔn wɔ asase yi so.
42“Sɛɛ na Awurade se: Sɛnea mede amanehunu kɛse yi nyinaa aba nkurɔfo yi so no, saa ara na mede yiyedi a mahyɛ wɔn ho bɔ no bɛma wɔn. 43Wɔbɛtotɔ nsase bio wɔ ha, nea moka wɔ ho se, ‘Wɔde ahyɛ Babiloniafo nsa, ɛno nti ada mpan, na nnipa anaa mmoa nni so no.’ 44Wɔde dwetɛ bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyɛ adetɔ nhoma wɔ so. Wɔbɛsɔw ano wɔ nnansefo anim wɔ Benyamin32.44 Benyamin mantam. Wɔbɔ Benyamin din ha kan efisɛ na hɔ yɛ ɔmantam a Yeremia kurow a ofi mu wɔ. mantam, nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia, nkurow a ɛwɔ Yuda, bepɔw so man, atɔe fam mmepɔw ase ne Negeb, efisɛ mɛsan de wɔn ahonyade ama wɔn, Awurade na ose.”
33Ogye Ho Bɔhyɛ
1Bere a Yeremia da so da dua mu wɔ awɛmfo adiwo hɔ no, Awurade asɛm baa ne nkyɛn ne mprenu so se: 2“Sɛɛ na Awurade se, nea ɔbɔɔ asase, Awurade a ɔyɛe na ɔma egyinae, Awurade ne ne din: 3‘Frɛ me na megye wo so, na maka wo nsɛm akɛse ne nneɛma a ahintaw a wunnim.’ 4Na nea Awurade, Israel Nyankopɔn, ka de fa afi a ɛwɔ saa kuropɔn yi mu ne Yuda ahemfi ahorow a wɔabubu no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya nea wɔde besiw ntuano afasu ne afoa no ano, 5wɔ wɔne Babiloniafo ɔko no mu. ‘Nnipa a mede mʼabufuw ne mʼabufuwhyew bekunkum wɔn no afunu bɛyɛ hɔ ma. Meyi mʼani afi saa kuropɔn yi so esiane nʼamumɔyɛ nyinaa nti.
6“ ‘Nanso mede ahoɔden ne ayaresa bɛbrɛ no; mɛsa me nkurɔfo yare na mama wɔanya asomdwoe ne bammɔ a ɛdɔɔso. 7Mɛsan de Yuda ne Israel afi nnommum mu aba na masan agye wɔn asi hɔ sɛ nea na wɔte dedaw no. 8Mɛhohoro wɔn bɔne a wɔayɛ atia me no nyinaa, na mede wɔn atuatew ho bɔne nso akyɛ wɔn. 9Na saa kuropɔn yi bɛma me din ahyeta, ɛbɛma me anigye, ayeyi ne anuonyam wɔ asase so aman a wɔte nnepa a meyɛ ma no nyinaa mu; wobesuro na wɔn ho apopo wɔ yiyedi ne asomdwoe bebrebe a mede ma no nti.’
10“Sɛɛ na Awurade se: ‘Woka fa saa beae yi ho se, “Ada mpan a nnipa anaasɛ mmoa nni so.” Nanso Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten a ada mpan na nnipa anaa mmoa nni no, hɔ na wɔbɛsan ate bio, 11ahurusi ne anigye nnyigyei, ayeforo ne ayeforokunu nne ne wɔn a wɔde aseda afɔrebɔ reba Awurade fi nne se,
“ ‘ “Momfa aseda mma Asafo Awurade,
efisɛ Awurade ye,
na ne dɔ wɔ hɔ daa.”
Na mɛsan de asase no so nnepa a wɔwɔ hɔ dedaw no aba bio,’ Awurade, na ose.
12“Sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Ɛha yi a ada mpan a nnipa ne mmoa nni no; ne nkurow nyinaa so no, wobenya nguanhwɛfo adidibea ne nea wɔn nguankuw bɛhome. 13Nkurow a ɛwɔ ɔman a ɛda bepɔw so no atɔe fam mmepɔw ase mu, Negeb, Benyamin mantam mu, nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia ne Yuda nkurow mu, nguankuw betwa mu bio wɔ nea ɔkan wɔn no nsa ase.’ Awurade, na waka.
14“ ‘Nna no reba,’ Awurade na ose, a mɛma adom bɔ a mehyɛɛ Israel ne Yudafi no aba mu.
15“ ‘Nna no mu ne saa bere no
mɛma trenee Dubaa afefɛw afi Dawid ase;
ɔbɛyɛ nea ɛteɛ ne nea eye wɔ asase no so.
16Saa nna no mu, wobegye Yuda nkwa
na Yerusalem bɛtena asomdwoe mu.
Eyi ne din a wɔde bɛfrɛ no
Awurade, Yɛn Trenee.’
17Na sɛɛ na Awurade se: ‘Ɔbarima a ɔbɛtena Israel ahengua so no remmɔ Dawid da, 18saa ara nso na asɔfo a wɔyɛ Lewifo no, ɔbarima a obegyina mʼanim daa abɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre na ɔde afɔre ahorow abrɛ me, remmɔ wɔn da.’ ”
19Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se: 20“Sɛɛ na Awurade se: ‘Sɛ wubetumi abu me ne adekyee ne adesae apam so, na adekyee ne adesae amma wɔn bere a wɔahyehyɛ no a, 21ɛno de, na me ne mʼakoa Dawid apam ne Lewifo a wɔyɛ asɔfo a wɔsom wɔ mʼanim no apam no nso, wubetumi abu so, na Dawid rennya nʼaseni a ɔbɛtena ahengua so adi hene bio. 22Mɛma mʼakoa Dawid asefo ne Lewifo a wɔsom wɔ mʼanim no ase adɔ te sɛ ɔsoro nsoromma a wontumi nkan ne mpoano nwea a wontumi nsusuw.’ ”
23Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 24“Wontee sɛ nnipa yi reka se, ‘Awurade apo ahenni abien a oyii no’ ana? Enti wobu me man animtiaa na wɔmmfa wɔn sɛ wɔyɛ ɔman bio. 25Nea Awurade se ni: ‘Sɛ mantintim me ne adekyee ne adesae apam ne ɔsoro ne asase mmara no a, 26ɛno de anka mɛpo Yakob ne mʼakoa Dawid asefo, na merenyi ne mmabarima mu baako sɛ onni Abraham, Isak ne Yakob asefo so. Na mede wɔn ahonyade bɛsan ama wɔn, na manya ayamhyehye ama wɔn.’ ”
34Wɔbɔ Sedekia Kɔkɔ
1Bere a Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakofo ne nʼahenni nyinaa ne nnipa a wɔwɔ ahemman a odi so no mu reko tia Yerusalem ne nkurow a atwa ne ho ahyia no, saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ se, 2“Nea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni: Kɔ Yudahene Sedekia nkyɛn na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔbɛhyew no dwerɛbee. 3Worenguan mfi ne nsam na nokware, wɔbɛkyere wo de wo akɔma no. Wode wʼani behu Babiloniahene na ɔne wo bɛkasa anim ne anim. Na wobɛkɔ Babilonia.
4“ ‘Nanso tie Awurade bɔhyɛ, Yudahene Sedekia. Sɛɛ na Awurade ka fa wo ho: Worennwu wɔ afoa ano; 5na wubewu asomdwoe mu. Sɛnea nnipa bɔɔ ayiyɛ gyatannaa de hyɛɛ wʼagyanom anuonyam, ahemfo dedaw a wodii wʼanim no, saa ara na wɔbɛbɔ gyatannaa ahyɛ wo anuonyam na wɔadi awerɛhow se, “Ao, owura!” Mʼankasa na mehyɛ saa bɔ yi, Awurade na ose.’ ”
6Na odiyifo Yeremia kaa eyinom nyinaa kyerɛɛ Yudahene Sedekia wɔ Yerusalem, 7bere a Babiloniahene asraafo reko atia Yerusalem ne Yuda nkuropɔn, Lakis ne Aseka34.7 Lakis ne Aseka—Salomo babarima Rehoboam bɔɔ saa nkurow yi ho ban nanso akyiri no, Asiria hempɔn Senaherib tuaa ano wɔ Lakis hene Hesekia bere so. (2 Be 32.9) a na wogu so reko wɔ hɔ. Eyinom ne nkuropɔn a na aka wɔ Yuda a wɔwɔ bammɔ.
Nkoa Ahofadi
8Asɛm no fi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn wɔ bere a ɔhene Sedekia ne Yerusalemfo ayɛ apam sɛ wɔbɛma nkoa ahofadi no akyi. 9Ɛsɛ sɛ obiara gyaa ne nkoa ne mfenaa Hebrifo; na obiara nni ho kwan sɛ ɔde ne yɔnko Yudani yɛ akoa. 10Enti adwumayɛfo no nyinaa ne nnipa a wɔyɛɛ saa apam yi penee so sɛ wobegyaa wɔn nkoa ne mfenaa, na wɔremfa wɔn nyɛ nkoa bio. Wɔpenee so, na wogyaa wɔn. 11Nanso akyiri no, wɔsesaa wɔn adwene na wɔsan faa nnipa a wogyaa wɔn no de wɔn yɛɛ nkoa bio.
12Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 13“Nea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Me ne mo agyanom yɛɛ apam bere a miyii wɔn fii Misraim, nkoasom asase so no. Mekae se, 14‘Mfe ason biara no, ɛsɛ sɛ mo mu biara gyaa ne yɔnko Hebrini a watɔn ne ho ama no. Sɛ wasom mfe asia a gyaa no na ɔmfa ne ho nni.’ Nanso mo agyanom antie na wɔamfa mʼasɛm. 15Ɛnkyɛe koraa, nanso munuu mo ho na moyɛɛ nea eye wɔ mʼani so: Mo mu biara paee ahofadi maa ne manmma. Mpo moyɛɛ apam wɔ mʼanim, wɔ ofi a me Din da so no mu. 16Nanso mprempren, moadan mo ho na moahura me din ho; mo mu biara asan akɔfa nkoa ne mfenaa a mugyaa wɔn sɛ wɔnkɔ baabiara a wɔpɛ no. Moahyɛ wɔn ama wɔayɛ mo nkoa bio.
17“Afei nea Awurade se ni: Muntiee me na mompaee ahofadi mmaa mo ankasa nkurɔfo. Enti afei mepae ‘ahofadi’ ma mo, Awurade na ose. ‘Ahofadi’ a ebegyaa mo ama afoa, ɔyaredɔm ne ɔkɔm. Mɛma moayɛ akyiwade ama asase so ahenni ahorow nyinaa. 18Nnipa a wɔabu mʼapam so, na wɔanni nhyehyɛe a ɛwɔ apam a wɔayɛ wɔ mʼanim no so no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwi ba a wɔpae ne mu abien na wɔnantew nʼafaafa no ntam no. 19Yuda ne Yerusalem ntuanofo, asennii adwumayɛfo, asɔfo ne asase no so nnipa no nyinaa a monantew faa nantwi ba no afaafa no ntam no, 20mede wɔn bɛma wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no. Wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa.
21“Mede Yudahene Sedekia ne nʼadwumayɛfo bɛhyɛ wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa, Babiloniahene asraafo a wɔatwe wɔn ho no nsa. 22Merebɛhyɛ, Awurade asɛm ni, na mɛsan de wɔn aba kuropɔn yi mu. Wɔbɛko atia no, wɔbɛfa, na wɔahyew no dwerɛbee. Na mɛma Yuda nkurow ada mpan a obiara rentumi ntena hɔ.”
35Rekabfo
1Eyi ne asɛm a efi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ wɔ bere a na Yudahene Yosia babarima Yehoiakim di ade no: 2“Kɔ Rekabfo abusua no nkyɛn, na to nsa frɛ wɔn na wɔmmra Awurade fi no pia baako mu, na ma wɔn nsa nnom.”
3Enti mekɔpɛɛ Habasinia babarima Yeremia babarima Yaasania ne ne nuabarimanom ne ne mmabarima nyinaa, Rekabfo abusuadɔm no. 4Mede wɔn baa Awurade fi, na mede wɔn kɔɔ Onyame nipa Yigdalia babarima Hanan mmabarima dan mu. Ɛno na edi adwumayɛfo dan a esi ɔpon ano hwɛfo Salum babarima Maaseia dan atifi no so. 5Afei mede nkuruwa ne nkora a nsa wɔ mu besisii Rekabfo abusuamma no anim na meka kyerɛɛ wɔn se, “Monnom nsa kakra.”
6Nanso wobuae se, “Yɛnnnom nsa,35.6 Yɛnnnom nsa—Rekabfo daa daa ntam a wɔaka. (4 Mose 6.2-3,20; Ate 13.4-7) efisɛ yɛn nena Rekab babarima Yehonadab maa yɛn ɔhyɛ nsɛm yi se, ‘Ɛnsɛ sɛ mo anaa mo asefo nom nsa. 7Na afei ɛnsɛ sɛ musisi afi, mudua anaa moyɛ bobe nturo, ɛnsɛ sɛ moyɛ eyinom mu biara, na mmom montena ntamadan mu bere biara. Ɛno na mo nkwanna bɛware, wɔ asase a moyɛ atutenafo wɔ so no so.’ 8Yɛatie biribiara a yɛn nena Rekab babarima Yonadad hyɛɛ yɛn no. Na yɛn, yɛn yerenom, mmabarima ne mmabea nnom nsa da 9na yensisii afi ntenaa mu anaa yennyaa bobe nturo anaa mfuw anaa nnɔbae. 10Yɛatenatena ntamadan mu, na yɛadi biribiara a yɛn nena Yehonadab hyɛɛ yɛn no so pɛpɛɛpɛ. 11Nanso bere a Babiloniahene Nebukadnessar tuu asase yi so sa no, yɛkae se, ‘Mommra, ɛsɛ sɛ yɛkɔ Yerusalem na yeguan fi Babiloniafo ne Aramfo asraafo anim.’ Ɛno nti yɛaka Yerusalem.”
12Afei Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 13“Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Kɔ na kɔka kyerɛ mmarima a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem se, ‘Morensua biribi na morentie mʼasɛm ana?’ Awurade na ose. 14‘Rekab ba Yehonadab hyɛɛ ne mmabarima sɛ wɔnnom nsa, na wɔadi saa ɔhyɛ yi so. De besi nnɛ wɔnnom nsa, efisɛ wodi wɔn agyanom ahyɛde so. Na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso muntiee me. 15Mesomaa mʼasomfo adiyifo nyinaa baa mo nkyɛn mpɛn bebree. Wɔkae se, “Ɛsɛ sɛ mo mu biara sakra fi nʼamumɔyɛ akwan so, na moma mo akwan teɛ; munnni anyame foforo akyi na monnsom wɔn. Ɛno na mobɛtena asase a mede ama mo ne mo agyanom yi so.” Nanso mummmuaa me na munntiee me ɛ. 16Rekab babarima Yehonadab asefo adi ahyɛde a wɔn agyanom de maa wɔn no so, nanso saa nnipa yi ntie mʼasɛm.’
17“Ɛno nti, sɛɛ na Asafo Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no se: ‘Muntie! Mede amanehunu biara a mahyɛ ama Yuda ne obiara a ɔte Yerusalem no bɛba wɔn so. Mekasa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantie, mefrɛɛ wɔn nanso wɔannye so.’ ”
18Afei Yeremia ka kyerɛɛ Rekab abusua no se, “Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se: ‘Moayɛ osetie ama mo nena Yehonadab ahyɛde no, na moadi ne nkyerɛkyerɛ so, na moayɛ biribiara a ɔhyɛɛ mo no.’ 19Ɛno nti, nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: ‘Rekab babarima Yehonadab benya ɔbarima a ɔbɛsom me bere biara.’ ”
36Yehoiakim Hyew Yeremia Nhoma Mmobɔwee
1Yudahene Yosia babarima Yehoiakim afe a ɛto so anan mu, saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ: 2“Fa nhoma mmobɔwee, na kyerɛw nsɛm a maka akyerɛ wo fa Israel, Yuda ne aman a aka no ho nyinaa, efi bere a mifii ase kasa kyerɛɛ wo wɔ Yosia adedi bere so de besi nnɛ no gu so. 3Ebia, sɛ Yudafo te amanehunu biara a mayɛ mʼadwene sɛ mede bɛba wɔn so no a, wɔn mu biara bɛdan afi nʼamumɔyɛ ho na afei mede wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.”
4Enti Yeremia frɛɛ Neria babarima Baruk, na bere a ɔreka nsɛm a Awurade aka akyerɛ no nyinaa no, Baruk kyerɛw guu nhoma mmobɔwee no mu. 5Afei Yeremia ka kyerɛɛ Baruk se, “Meda dua mu; merentumi nkɔ Awurade asɔredan mu. 6Enti kɔ Awurade fi mmuadadi da bi na kenkan nsɛm a efi Awurade nkyɛn a meka ma wokyerɛw guu nhoma mmobɔwee no so no kyerɛ nnipa no. Kenkan kyerɛ Yudafo a wofi wɔn nkurow so aba no. 7Ebia wɔde wɔn nkotosrɛ bɛba Awurade anim na wɔn mu biara adan afi nʼamumɔyɛ akwan no so, efisɛ abufuw ne abufuwhyew nsɛm a Awurade aka atia saa nnipa yi so.” 8Neria babarima Baruk yɛɛ biribiara a odiyifo Yeremia kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, ɔkenkan Awurade nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu wɔ Awurade asɔredan no mu. 9Ɔsram a ɛto so akron wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anum so no, wɔpaee Awurade anim mmuadadi maa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa ne wɔn a wofi Yuda nkurow so aba no. 10Baruk kenkan Yeremia nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Awurade asɔredan no mu nyinaa; fii Safan babarima Gemaria a ɔyɛ ɔkyerɛwfo no pia a ɛwɔ asɔredan no atifi adiwo na ɛbɛn Ɔpon Foforo no mu.
11Bere a Safan babarima Gemaria babarima Mikaia tee Awurade nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu no, 12ɔkɔɔ ɔkyerɛwfo no dan a ɛwɔ ahemfi hɔ no mu, faako a na adwumayɛfo no nyinaa: ɔkyerɛwfo Elisama, Semaia babarima Delaia, Akbor babarima Elnatan, Safan babarima Gemaria, Hanania babarima Sedekia ne adwumayɛfo a wɔaka no nyinaa tete. 13Mikaia kaa nsɛm a Baruk kenkan fii nhoma mmobɔwee no mu nyinaa kyerɛɛ wɔn no akyi no, 14adwumayɛfo no nyinaa somaa Kusi babarima Selemia babarima Netania babarima Yehudi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Baruk se, “Fa nhoma mmobɔwee a wokenkan fii mu kyerɛɛ nnipa no bra, na bra.” Enti Neria babarima Baruk kɔɔ wɔn hɔ a na okura nhoma mmobɔwee no. 15Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛsrɛ wo tena ase, na kenkan kyerɛ yɛn.”
Enti Baruk kenkan kyerɛɛ wɔn. 16Wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no, wɔde ehu hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim na wɔka kyerɛɛ Baruk se, “Ɛsɛ sɛ yɛka saa nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔhene.” 17Afei wobisaa Baruk se, “Ka kyerɛ yɛn, ɛyɛɛ dɛn na wokyerɛw eyinom nyinaa? Yeremia na ɔka ma wokyerɛw ana?”
18Baruk buae se, “Yiw, ɔno na ɔkaa saa nsɛm yi nyinaa ma mede adubiri kyerɛw guu nhoma mmobɔwee no mu.”
19Na adwumayɛfo no ka kyerɛɛ Baruk se, “Wo ne Yeremia, munkohintaw. Monnkyerɛ obiara mo akyi kwan.”
20Wɔde nhoma mmobɔwee no kosiee ɔkyerɛwfo Elisama dan mu akyiri no, wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn wɔ nʼabangua no mu kɔkaa biribiara kyerɛɛ no. 21Ɔhene no somaa Yehudi se, ɔnkɔfa nhoma mmobɔwee no mmra. Yehudi kɔfa fii ɔkyerɛwfo Elisama dan mu, bɛkenkan kyerɛɛ ɔhene ne adwumayɛfo a wogyinagyina ne ho no nyinaa. 22Na ɛyɛ ɔsram a ɛto so akron a na ɔhene no te awɔwbere dan mu reto ogya a esi nʼanim. 23Bere biara a Yehudi bɛkenkan nhoma mmobɔwee no afaafa bɛyɛ abiɛsa anaa anan no, ɔhene no de ɔkyerɛwfo afoa, twitwa de gu ogya no mu, kosii sɛ nhoma mmobɔwee no nyinaa hyewee. 24Ɔhene no ne nʼasomfo a wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no ammɔ hu, na wɔansunsuane wɔn ntade mu nso. 25Ɛwɔ mu sɛ Elnatan, Delaia ne Gemaria srɛɛ ɔhene no sɛ ɔnhyew nhoma mmobɔwee no, nanso wantie wɔn. 26Mmom ɔhene no hyɛɛ ne babarima Yerahmeel, Asriel babarima Seraia ne Abdeel babarima Selemia se, wɔnkɔkyere ɔkyerɛwfo Baruk ne odiyifo Yeremia mmra. Nanso na Awurade de wɔn asie.
27Ɔhene no hyew nhoma mmobɔwee a na nsɛm a Baruk akyerɛw afi Yeremia anum wɔ mu no akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 28“Fa nhoma mmobɔwee foforo, na kyerɛw nsɛm a ɛwɔ kan mmobɔwee a Yudahene Yehoiakim hyew no gu mu. 29Afei ka kyerɛ Yudahene Yehoiakim se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Wohyew nhoma mmobɔwee no kae se: “Adɛn nti na wokyerɛw wɔ mu se ɔkwan biara so, Babiloniahene bɛba abɛsɛe asase yi na watɔre so nnipa ne mmoa nyinaa ase?” 30Ɛno nti, sɛɛ na Awurade ka fa Yudahene Yehoiakim ho: Ɔrennya obi ntena Dawid ahengua so. Wɔbɛtow ne funu akyene a, wɔrensie no, na wada owia hyew ne anadwo awɔw mu. 31Mɛtwe ɔno ne ne mma ne nʼasomfo aso wɔ wɔn amumɔyɛ nti; mede amanehunu biara a mahyɛ atia wɔn bɛba wɔn ne wɔn a wɔte Yerusalem ne Yudafo so, efisɛ wɔantie.’ ”
32Na Yeremia faa nhoma mmobɔwee foforo, na ɔka maa ne kyerɛwfo Baruk kyerɛwee. Ɔkaa biribiara a na ɛwɔ nhoma mmobɔwee no a ɔhene Yehoiakim hyew no no so. Na ɔde nsɛm pii kaa ho.
37Yeremia Da Afiase
1Babiloniahene Nebukadnessar de Yosia babarima Sedekia dii Yudahene; osii Yehoiakim babarima Yehoiakin anan mu. 2Ɔno, nʼasomfo ne nnipa a wɔwɔ asase no so antie Awurade asɛm a ɔnam odiyifo Yeremia so kae no.
3Ɔhene Sedekia somaa Selemia babarima Yehukal ne Maaseia babarima ɔsɔfo Sefania se, wɔnkɔka nkyerɛ Yeremia se, “Yɛsrɛ wo, bɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn, mpae ma yɛn.”
4Na Yeremia de ne ho a otumi di nnipa no mu akɔneaba, efisɛ na wɔmfaa no ntoo afiase ɛ. 5Na Farao asraafo afi Misraim reba, na Babiloniafo a wɔatua Yerusalem no tee wɔn nka no, wofii Yerusalem.
6Na Awurade asɛm baa odiyifo Yeremia nkyɛn se, 7“Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Monka nkyerɛ Yudahene a, ɔsomaa mo se mummebisa me hɔ biribi no se, ‘Farao asraafo a wofii adi sɛ wɔrebɛboa mo no bɛsan akɔ wɔn ankasa asase, Misraim so. 8Na Babiloniafo no bɛsan abɛtow ahyɛ saa kuropɔn yi so; wobegye na wɔahyew kurow no dwerɛbee.’
9“Sɛ Awurade se ni: Monnnaadaa mo ho nsusuw sɛ, ‘Ampa ara Babiloniafo no befi yɛn so akɔ.’ Wɔrenkɔ! 10Sɛ mudi Babiloniafo asraafo a wɔatow ahyɛ mo so no so ma ɛka apirafo wɔ wɔn ntamadan mu mpo a, wobefi adi abɛhyew kuropɔn yi dwerɛbee.”
11Babilonia asraafo no fii Yerusalem, esiane Farao asraafo no nti akyiri no, 12Yeremia yɛɛ ahoboa sɛ ɔrefi kuropɔn no mu, akɔ Benyamin mantam mu akogye nʼagyapade mu kyɛfa wɔ nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no nkyɛn. 13Nanso okoduu Benyamin Pon ano no, awɛmfo no so panyin a wɔfrɛ no Yiria a ɔyɛ Selemia babarima ne Hanania nena kyeree no kae se, “Woreguan agya yɛn akɔ Babiloniafo afa!”
14Yeremia buae se, “Ɛnyɛ nokware. Merenguan nkɔ Babiloniafo afa.” Nanso Yiria antie, na mmom ɔkyeree Yeremia de no kɔmaa ne mpanyimfo. 15Wɔn bo fuw Yeremia, na wɔma wɔboroo no de no too afiase wɔ ɔkyerɛwfo Yonatan fi a na wɔde ayɛ afiase no.
16Wɔde Yeremia too asase ase afiase, ma odii nna bebree wɔ hɔ. 17Akyiri no, ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa no baa ahemfi, ɛhɔ na obisaa no wɔ kokoa mu se, “Woanya asɛm bi afi Awurade nkyɛn ana?”
Yeremia buae se, “Yiw, wɔde wo bɛma Babiloniahene.”
18Afei Yeremia bisaa ɔhene no se, “Dɛn bɔne na mayɛ atia wo, anaa wʼadwumayɛfo anaa nnipa yi a enti wɔde me ato afiase yi? 19Ɛhe na wʼadiyifo a wɔhyɛɛ nkɔm kyerɛɛ wo se, ‘Babiloniahene rentow nhyɛ wo so anaa asase yi so’ no wɔ? 20Na afei, ɔdɛɛfo, mesrɛ wo tie. Ma memfa me nkotosrɛ nto wʼanim: Mfa me nkɔto ɔkyerɛwfo Yonatan fi hɔ bio, anyɛ saa a mewu wɔ hɔ.”
21Ɔhene Sedekia hyɛɛ sɛ wɔmfa Yeremia nkɔto awɛmfo adiwo hɔ, na wɔmma no brodo a efi brodotofo borɔn so da biara nkosi sɛ kuropɔn no mu brodo nyinaa bɛsa. Enti Yeremia kaa awɛmfo adiwo hɔ.
38Wɔde Yeremia Hyɛ Abura Mu
1Matan babarima Sefatia, Pashur babarima Gedalia, Selemia babarima Yukal ne Malkia babarima Pashur tee nsɛm a na Yeremia reka akyerɛ nnipa no nyinaa se, 2“Sɛɛ na Awurade se: Obiara a ɔbɛtena kuropɔn yi mu no bewu wɔ afoa, ɔkɔm anaa ɔyaredɔm ano, nanso obiara a ɔbɛkɔ Babiloniafo afa no benya nkwa. Obenya ne ti adidi mu, ɔbɛtena nkwa mu. 3Na sɛɛ na Awurade se, ‘Ampa ara, wɔde saa kuropɔn yi bɛhyɛ Babiloniahene asraafo nsa, na wɔn na wobedi so.’ ”
4Ɛno nti adwumayɛfo no ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɛsɛ sɛ wokum saa ɔbarima yi. Ɔde nsɛm a ɔreka no bu asraafo a wɔaka wɔ kuropɔn yi mu ne nnipa no nyinaa aba mu. Saa ɔbarima yi nhwehwɛ saa nnipa yi yiyedi na mmom wɔn sɛe.”
5Ɔhene Sedekia buae se, “Ɔwɔ mo nsam, ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo.”
6Enti wɔfaa Yeremia de no kɔhyɛɛ ɔhene babarima Malkia abura a ɛwɔ awɛmfo adiwo no mu. Wɔde ntampehama gyaagyaa no too abura no mu; na nsu nni mu, mmom dontori na na ɛwɔ mu, enti Yeremia kɔhyɛɛ dontori no mu.
7Na Ebed-Melek38.7 Ebed-Melek—Ɛkyerɛ “ahenkwaa”. Kusni odwumayɛni a ɔwɔ ahemfi hɔ tee sɛ wɔde Yeremia akɔto abura no mu. Bere a ɔhene no te Benyamin Pon hɔ no, 8Ebed-Melek fii ahemfi hɔ kɔka kyerɛɛ no se, 9“Ɔdɛɛfo, nea saa nnipa yi ayɛ nyinaa yɛ amumɔyɛsɛm a etia odiyifo Yeremia. Wɔatow no akyene abura mu, baabi a ɔkɔm bekum no wɔ bere a brodo asa wɔ kuropɔn yi mu.”
10Na ɔhene hyɛɛ Kusni, Ebed-Melek se, “Fa mmarima aduasa fi ha ka wo ho, na munkoyi odiyifo Yeremia mfi abura no mu, ansa na wawu.”
11Ɛno nti Ebed-Melek faa mmarima no kaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔdan bi a ɛwɔ adekorabea ase, wɔ ahemfi hɔ. Ɔkɔsesaw ntamagow ne ntade dedaw de kyekyeree ntampehama ho, gyaa mu maa Yeremia wɔ abura no mu. 12Na Kusni, Ebed-Melek ka kyerɛɛ Yeremia se, “Fa ntamagow ne ntade dedaw no hyehyɛ wo mmotuam, na ntampehama no ammia wo.” Na Yeremia yɛɛ saa, 13Wɔde ntampehama no twetwee no yii no fii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfo adiwo hɔ.
Sedekia Bisa Yeremia Nsɛm Bio
14Na Ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa odiyifo Yeremia baa Awurade asɔredan ano kwan a ɛto so abiɛsa hɔ. Ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia se, “Merebebisa wo asɛm bi, mfa biribiara nsie me.”
15Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia se, “Sɛ mema wo mmuae a, worenkum me ana? Mpo sɛ mitu wo fo a, worentie me.”
16Nanso ɔhene Sedekia kaa saa ntam yi kokoa mu kyerɛɛ Yeremia se, “Sɛ Awurade a ɔma yɛn nkwa no te ase yi, merenkum wo na meremfa wo nhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wokum wo no nsa.”
17Afei Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia se, “Sɛɛ na Asafo Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, no se: ‘Sɛ wode wo ho ma Babiloniahene adwumayɛfo a, wɔrenkum wo na wɔrenhyew kuropɔn yi, wo ne wʼabusuafo bɛtena nkwa mu. 18Na sɛ woremfa wo ho mma Babiloniahene adwumayɛfo a, wɔde saa kuropɔn yi bɛma Babiloniafo, na wɔbɛhyew no dwerɛbee; na wo ankasa rentumi nguan mfi wɔn nsam.’ ”
19Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia se, “Misuro Yudafo a wɔkɔ Babiloniafo afa no, efisɛ ebia Babiloniafo no de me bɛma wɔn na wɔayɛ me ayayade.”
20Yeremia buae se, “Wɔremfa wo mma wɔn. Tie Awurade asɛm na yɛ nea meka kyerɛ wo. Ɛno na ɛbɛma asi wo yiye na woanya nkwa. 21Nanso sɛ woamfa wo ho amma Babiloniafo no de a, nea Awurade ayi akyerɛ me ni: 22Mmea a wɔaka wɔ Yudahene ahemfi hɔ nyinaa no, wɔde wɔn befi adi abrɛ Babiloniahene adwumayɛfo no. Saa mmea no bɛka akyerɛ wo se,
“ ‘Wɔdaadaa wo na wodii wo so
wo nnamfonom a wugye wɔn di no.
Wʼanan amem wɔ dontori mu;
wo nnamfonom agyaw wo hɔ kɔ.’
23“Wɔde wo yerenom nyinaa ne wo mma bɛbrɛ Babiloniafo no. Wo de, worentumi nguan mfi wɔn nsam, na mmom Babiloniahene bɛkyere wo, na wɔbɛhyew saa kuropɔn yi.”
24Na Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia se, “Mma obiara nte saa nkɔmmɔdi yi, anyɛ saa a, wubewu. 25Sɛ adwumayɛfo no te sɛ me ne wo kasae, na wobebisa wo se, ‘Ma yɛnte nea woka kyerɛɛ ɔhene ne nea ɔhene nso ka kyerɛɛ wo; mfa nsie yɛn anyɛ saa a yebekum wo a,’ 26ɛno de ka kyerɛ wɔn se, ‘Na meresrɛ ɔhene sɛ ɔmmfa me nsan nkɔ Yonatan fi mma me nkowu wɔ hɔ.’ ” 27Adwumayɛfo no nyinaa baa Yeremia hɔ bebisaa no, na ɔkaa nea ɔhene hyɛɛ no se ɔnka no nyinaa. Enti wɔanka hwee ankyerɛ no bio, efisɛ obiara ante ɔne ɔhene nkɔmmɔtwetwe no.
28Na Yeremia tenaa ɔwɛmfo adiwo hɔ kosii da a wɔfaa Yerusalem.
Wɔfa Yerusalem
Sɛnea wɔfaa Yerusalem ni:
391Yudahene Sedekia dii ade no, ne mfe akron mu, ɔsram a ɛto so du so no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼasraafo nyinaa tuu Yerusalem so sa, wotuaa kuropɔn no na wɔyɛɛ mpie twaa ho hyiae. 2Sedekia adedi afe a ɛto so dubaako, ɔsram a ɛto so anan no da a ɛto so akron no, wobubuu kuropɔn no afasu. 3Na Babiloniahene adwumayɛfo no nyinaa bɛtenaa Mfimfini Pon hɔ: Nergal-Sareser a ofi Samgar ne Nebo-Sarsekim a ɔyɛ ɔsraani panyin ne Nergal-Sareser a ɔyɛ otitiriw, ne Babiloniahene adwumayɛfo a wɔaka no nyinaa. 4Bere a Yudahene Sedekia ne nʼasraafo nyinaa huu wɔn no, woguanee, wɔfaa ɔhene turo mu fii kuropɔn no mu anadwo, kɔfaa ɔpon a ɛwɔ afasu abien no ntam, de wɔn ani kyerɛɛ Araba.
5Nanso Babilonia asraafo no taa wɔn kɔtoo Sedekia wɔ Yeriko tataw so. Wɔfaa no dommum de no kɔmaa Babiloniahene Nebukadnessar wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na hɔ na obuu no atɛn. 6Ribla hɔ na Babiloniahene kunkum Sedekia mmabarima wɔ nʼanim na okum Yudafo mmapɔmma nyinaa nso. 7Afei otutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafrae mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia.
8Babiloniafo no de ogya too ahemfi no ne nnipa no afi mu, na wodwiriw Yerusalem afasu no. 9Ɔsahene Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no de kuropɔn no mu nkae, wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa no ne nnipa a wɔaka no kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia. 10Nanso ɔsahene Nebusaradan a otua awɛmfo no ano no gyaa ahiafo a wonni hwee no mu bi wɔ Yuda asase so, na saa bere no ɔmaa wɔn bobe nturo ne nsase.
11Na Babiloniahene Nebukadnessar afa ɔsahene Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no so ama saa ɔhyɛ nsɛm yi a ɛfa Yeremia ho se, 12“Fa no na hwɛ no so; nhaw no na nea obisa biara no, yɛ ma no.” 13Enti ɔsahene Nebusaradan a otua awɛmfo no ano, Nebusaradan, adwumayɛfo panyin, Nergal-Sareser a ɔyɛ otitiriw ne Babiloniahene adwumayɛfo a wɔaka no nyinaa 14soma ma wɔkɔfaa Yeremia fii awɛmfo adiwo hɔ bae. Wɔde no hyɛɛ Safan babarima Gedalia babarima Ahikam nsa sɛ ɔmfa no nkɔ ne fi. Enti Yeremia tenaa nʼankasa nkurɔfo mu.
15Bere a Yeremia da so da afiase wɔ awɛmfo adiwo hɔ no, Awurade asɛm baa ne nkyɛn se, 16“Kɔka kyerɛ Kusni Ebed-Melek se, ‘Sɛnea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Me nsɛm a etia kuropɔn yi, mede refa amanehunu so na ɛnyɛ yiyedi so ama aba mu. Saa bere no ɛbɛba mu wɔ wʼanim. 17Nanso megye wo saa da no, Awurade na ose; wɔremfa wo nhyɛ wɔn a wusuro wɔn no nsa. 18Megye wo nkwa, na worentɔ wɔ afoa ano na mmom wubenya wo ti adidi mu, efisɛ wugye me di, Awurade, na ose.’ ”
40Wogyaa Yeremia
1Ɔsahene Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no gyaa Yeremia wɔ Rama akyi no, asɛm no fi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ. Ohuu sɛ wɔagu Yeremia nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ nnommum a wofi Yerusalem ne Yuda a na wɔde wɔn rekɔ Babilonia no mu. 2Bere a ɔsahene a otua awɛmfo no ano no huu Yeremia no, ɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔhyɛɛ saa amanehunu yi maa beae yi. 3Na afei, Awurade ama aba mu, wayɛ sɛnea ɔkaa se ɔbɛyɛ no. Eyinom nyinaa baa mu, efisɛ mo saa nnipa yi yɛɛ bɔne tiaa Awurade na moanyɛ osetie amma no. 4Nanso nnɛ mereyi wo afi nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu wo nsa no mu. Sɛ wopɛ a, ma yɛnkɔ Babilonia na mɛhwɛ wo so, nanso sɛ wompɛ de a, mma. Hwɛ ɔman no nyinaa na ɛda wʼanim no, kɔ baabiara a wopɛ.” 5Na ansa na Yeremia bɛdan ne ho akɔ no, Nebusaradan ka kaa ho se, “San kɔ Ahikam babarima Gedalia a, ɔyɛ Safan nena, a Babiloniahene apa no sɛ ɔnhwɛ Yuda nkurow so no nkyɛn na wo ne no nkɔtena wɔ nnipa no mu, anaasɛ kɔ baabi foforo biara a wopɛ.”
Na ɔsahene no maa Yeremia aduan ne akyɛde, na ɔmaa no kɔe. 6Enti Yeremia kɔɔ Ahikam babarima Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na ɔne no tenaa nnipa a wɔkaa wɔ asase no so no mu.
Wokum Gedalia
7Bere a asraafo mpanyimfo no nyinaa ne wɔn mmarima a wɔda so wɔ wuram no tee sɛ, Babiloniahene ayɛ Ahikam babarima Gedalia amrado wɔ asase no so, na ɔde mmarima, mmea ne mmofra a wɔyɛ ahiafo wɔ asase no so, na wɔamfa wɔn ankɔ nnommum mu wɔ Babilonia ahyɛ ne nsa no, 8wɔbaa Gedalia hɔ wɔ Mispa: Netania babarima Ismael, Karea mmabarima Yohanan ne Yonatan, Tanhumet babarima Seraia, Efai a ofi Netofa mmabarima, Yesania a ɔyɛ Maakatni babarima ne wɔn mmarima. 9Na Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nena no kaa ntam de hyɛɛ wɔn ne wɔn mmarima den se, “Munnsuro sɛ mobɛsom Babiloniafo. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ebesi mo yiye. 10Me de, mɛtena Mispa, na masi mo anan mu wɔ Babiloniafo a, wɔba yɛn nkyɛn no mu, na mo de, monkɔboaboa nsa, ahohuru bere mu nnuaba ne ngo ano ngu adekora nkuruwa mu wɔ twabere mu, na montenatena nkurow a moafa no so.” 11Bere a Yudafo a wɔwɔ Moab, Amon, Edom ne aman ahorow a aka no, tee sɛ Babiloniahene agyaw nkae bi wɔ Yuda na wayi Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nena sɛ amrado wɔ wɔn so no, 12wɔn nyinaa san baa Yuda asase so fi aman a wɔbɔɔ wɔn petee no so, kɔɔ Gedalia hɔ wɔ Mispa. Na wɔboaboaa nsa ne ahohuru bere mu nnuaba bebree ano wɔ twabere mu.
13Na Karea babarima Yohanan ne ntuano asraafo a wɔda so wɔ wuram no baa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa 14na wɔka kyerɛɛ no se, “Wunnim sɛ, Amonhene Baalis asoma Netania babarima Ismael se, ommekum wo ana?” Nanso Ahikam babarima Gedalia annye wɔn anni.
15Na Karea babarima Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia wɔ kokoa mu wɔ Mispa se, “Ma minkokum Netania babarima Ismael, na obiara rente. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ okum wo na ɔma Yudafo a wɔatwa wo ho ahyia no bɔ ahwete, na Yudafo nkae no yera?”
16Nanso Ahikam babarima Gedalia ka kyerɛɛ Karea babarima Yohanan se, “Nyɛ saa ade yi! Nea woka fa Ismael ho no nyɛ nokware.”
411Ɔsram a ɛto so ason mu no, Elisama babarima Netania babarima Ismael a ɔyɛ ɔdehye a na anka ɔyɛ ɔhene adwumayɛfo no mu baako no ne mmarima du baa Ahikam babarima Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. Bere a wɔn nyinaa gu so redidi no, 2Netania babarima Ismael ne ne mmarima du no a wɔka ne ho no sɔree na wɔde afoa wɔɔ Ahikam babarima Gedalia, a ɔyɛ Safan nena ne nea Babiloniahene ayi no sɛ amrado wɔ asase no so no kum no. 3Ismael kum Yudafo a na wɔka Gedalia ho wɔ Mispa ne Babilonia asraafo a na wɔwɔ hɔ no nso.
4Ade kyee no, ansa na obiara bɛte Gedalia wu no, 5mmarima aduɔwɔtwe a wɔayiyi wɔn abogyesɛ, asunsuane wɔn ntade mu na wɔasesa wɔn honam ani fi Sekem, Silo ne Samaria bae a wɔde aduan afɔrebɔde ne nnuhuam reba Awurade fi. 6Netania babarima Ismael de agyaadwo fi Mispa kohyiaa wɔn. Bere a ohyiaa wɔn no ɔkae se, “Mommra Ahikam babarima Gedalia nkyɛn.” 7Woduu kuropɔn no mu no, Netania babarima Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kum wɔn na wɔtow wɔn afunu guu abura bi mu. 8Nanso nnipa no mu du ka kyerɛɛ Ismael se, “Nkum yɛn! Yɛwɔ awi ne atoko, ngo ne ɛwo a yɛde asie wɔ afuw bi mu.” Enti ogyaa wɔn na wankum wɔn nso. 9Abura a Ismael tow nnipa a okunkum wɔn no afunu ne Gedalia guu mu no, na ɛyɛ nea ɔhene Asa tuu sɛ ne ho bammɔ fa bi de tiaa Israelhene Baasa. Netania babarima Ismael de afunu hyɛɛ no ma.
10Ismael faa nnipa a na wɔaka wɔ Mispa no nyinaa nnommum; ɔhene mmabea ne wɔn a wɔkaa hɔ no nyinaa, wɔn a Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no ayi Ahikam babarima Gedalia sɛ ɔnhwɛ wɔn so no. Netania babarima Ismael faa wɔn nnommum na osii mu kɔɔ Amonfo nkyɛn.
11Bere a Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho no nyinaa tee awudisɛm a Netania babarima Ismael adi no, 12wɔfaa wɔn asraafo nyinaa sɛ wɔne Netania babarima Ismael rekɔko. Wɔkɔtoo no wɔ ɔtare kɛse bi a ɛwɔ Gibeon ho. 13Bere a nnipa a wɔka Ismael ho no nyinaa huu Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho no, wɔn ani gyei. 14Nnipa a na Ismael afa wɔn nnommum wɔ Mispa no nyinaa dan kɔɔ Karea babarima Yohanan afa. 15Nanso Netania babarima Ismael ne ne mmarima baawɔtwe, guan fii Yohanan anim kɔɔ Amonfo nkyɛn.
Woguan Kɔ Misraim
16Afei Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho no dii Mispa nkae a ogyee wɔn fii Netania babarima Ismael nsam bere a okum Ahikam babarima Gedalia no akyi no anim: Ɔde asraafo, mmea, mmofra ne asennii adwumayɛfo, fii Gibeon bae. 17Wosii mu sɛ wɔrekɔ Misraim no, wɔsoɛɛ wɔ Gerut Kimham a ɛbɛn Betlehem; 18na wɔreguan Babiloniafo no. Na wosuro wɔn, efisɛ na Netania babarima Ismael akum Ahikam babarima Gedalia a Babiloniahene yii no sɛ amrado a ɔhwɛ asase no so no.
421Afei asraafo mpanyimfo no nyinaa a Karea babarima Yohanan ne Hosaia babarima Yesania ka ho, ne nnipa no nyinaa, efi akumaa so kosi ɔkɛse so kɔɔ 2odiyifo Yeremia nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛsrɛ wo, tie yɛn adesrɛ yi na bɔ Awurade, wo Nyankopɔn mpae ma wɔn a wɔaka yi nyinaa. Sɛnea wuhu no, kan no na yɛdɔɔso nanso afei yɛaka kakraa bi. 3Bɔ mpae sɛnea Awurade, wo Nyankopɔn bɛkyerɛ yɛn faako a ɛsɛ sɛ yɛkɔ ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.”
4Yeremia buaa wɔn se, “Mate mo asɛm no, na ɔkwan biara so mɛbɔ Awurade, mo Nyankopɔn mpae sɛnea moasrɛ no; mɛka nea Awurade bɛka biara akyerɛ mo na meremfa hwee nsie mo.”
5Na afei, wɔka kyerɛɛ Yeremia se, “Sɛ yɛanyɛ nea Awurade, wo Nyankopɔn soma wo se ka kyerɛ yɛn no a, ma ɔnyɛ ɔdanseni nokwafo ntia yɛn. 6Sɛ yɛpɛ o, sɛ yɛmpɛ o, yɛbɛyɛ osetie ama Awurade, yɛn Nyankopɔn a yɛresoma wo wɔ ne nkyɛn no, sɛnea ebesi yɛn yiye, na yebedi Awurade, yɛn Nyankopɔn asɛm so.”
7Nna du akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia hɔ. 8Enti ɔfrɛɛ Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho ne nnipa no nyinaa; efi akumaa so kosi ɔkɛse so. 9Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn a mosomaa me sɛ memfa mo adesrɛ nkɔto nʼanim no se: 10‘Sɛ motena asase yi so a, mesiesie mo na merensɛe mo, medua mo na merentu mo ase, efisɛ me werɛ ahow wɔ amanehunu a mama aba mo so no ho. 11Munnsuro Babiloniahene a mprempren musuro no no. Munnsuro no, Awurade na ose, efisɛ mene mo wɔ hɔ, megye mo, na mayi mo afi ne tumi ase. 12Mehu mo mmɔbɔ na ɔno nso ahu mo mmɔbɔ na ɔde mo asan aba mo asase so.’
13“Nanso sɛ moka se, ‘Yɛrentena saa asase yi so,’ na ne saa nti moanyɛ osetie amma Awurade mo Nyankopɔn, 14na sɛ moka se, ‘Dabi, yɛbɛkɔ akɔtena Misraim, faako a yɛrenhu ɔko, na yɛrente akobɛn nnyigyei na aduankɔm renne yɛn a,’ 15ɛno de tie Awurade asɛm, mo Yuda nkae. Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Sɛ moawe ahinam sɛ mobɛkɔ akɔtena Misraim, na sɛ munya kɔtena hɔ a, 16ɛno de afoa a musuro no bɛto mo wɔ hɔ na ɔkɔm a, mo koma tu wɔ ho no bedi mo akyi akɔ Misraim na hɔ na mubewuwu. 17Nokware wɔn a wɔasi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no bewuwu wɔ afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano, na wɔn mu baako po renka anaa ɔrenguan mfi amanehunu a mede bɛba wɔn so no mu.’ 18Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Sɛnea mʼabufuw ne mʼabufuwhyew hwie guu nnipa a wɔwɔ Yerusalem so no, saa ara na sɛ, mokɔ Misraim a, mʼabufuwhyew behwie agu mo so. Mobɛyɛ nnome, ahodwiriwde, afɔbu ne ahohora; morenhu saa beae yi bio.’
19“Yuda nkae, Awurade aka akyerɛ mo se, ‘Monnkɔ Misraim.’ Mommma mo werɛ mmfi, nnɛ merebɔ mo kɔkɔ 20sɛ moyɛɛ mfomso a ɛyɛ hu yiye, bere a mosomaa me kɔɔ Awurade, mo Nyankopɔn hɔ, na mokae se, ‘Bɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn mpae ma yɛn, na ka nea ɔka biara kyerɛ yɛn na yɛbɛyɛ,’ no. 21Nnɛ, maka akyerɛ mo, nanso monyɛɛ osetie mmaa Awurade mo Nyankopɔn ara wɔ biribiara a ɔhyɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mo no ho. 22Enti afei mommma mo werɛ mfi sɛ, mubewuwu wɔ afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano wɔ faako a mopɛ sɛ mokɔtena hɔ no.”
431Bere a Yeremia wiee nsɛm a efi Awurade, wɔn Nyankopɔn nkyɛn no ka no, biribiara a Awurade asoma no sɛ ɔmmɛka nkyerɛ wɔn no, 2Hosaia babarima Asaria, Karea babarima Yohanan ne mmarima ahomasofo no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia se, “Woredi atoro! Awurade, yɛn Nyankopɔn, nsomaa wo se bɛka se, ‘Ɛnsɛ sɛ mokɔ Misraim kɔtena hɔ.’ 3Na mmom Neria babarima Baruk na ɔregyigye wo so tia yɛn ama wɔde yɛn ahyɛ Babiloniafo nsa, sɛnea wobekum yɛn anaa wɔbɛsoa yɛn de yɛn akɔ nkoasom mu wɔ Babilonia.”
4Enti Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo no nyinaa ne nnipa no anni Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ wɔn sɛ, wɔntena Yuda asase so no so. 5Mmom Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo no nyinaa de Yuda nkae a wofi amanaman a wɔbɔɔ wɔn ahwete kɔɔ so no so na wɔaba sɛ wɔrebɛtena Yuda asase so no nyinaa kɔe. 6Wɔde mmarima, mmea, mmofra ne ɔhene mmabea a ɔsahene Nebusaradan, a ɔyɛ ɔhene awɛmfo panyin no, de wɔn gyaw Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nena, odiyifo Yeremia ne Neria babarima Baruk nso kɔe. 7Enti wɔhyɛn Misraim a wɔanni Awurade asɛm so, na wokoduu Tapanhes.
8Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Tapanhes se, 9“Bere a Yudafo no rehwɛ no, fa abo akɛse, afei tutu fam wɔ birikisi nsɛwee a ɛwɔ Farao ahemfi a ɛwɔ Tapanhes abobow ano hɔ, na fa gu mu kata so. 10Afei ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: Mɛsoma me somfo Babiloniahene Nebukadnessar, na mede nʼahengua besi saa abo a masi wɔ ha no so; na ɔbɛtrɛw nʼadehye kyinii mu wɔ so. 11Ɔbɛba abɛtow ahyɛ Misraim so, na obekum wɔn a wɔahyɛ sɛ wonkum wɔn no, ɔbɛfa wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔnkɔ nnommum mu no nnommum, na wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔmfa wɔn mma afoa no, wɔde wɔn bɛma afoa. 12Ɔbɛto Misraim anyame asɔredan mu gya, ahyew na wɔafa wɔn anyame no nnommum. Sɛnea oguanhwɛfo de nʼatade kyekyere ne ho no, saa ara na ɔde Misraim bɛkyekyere ne ho na wafi hɔ akɔ a ne ho baabiara renti. 13Owia asɔredan a ɛwɔ Misraim no, obebubu nʼafadum kronkron no, na wahyew Misraim anyame asɔredan no dwerɛbee.’ ”
44Abosonsom Mu Amanehunu
1Saa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn; ɛfa Yudafo a wɔtete Misraim anafo fam wɔ Migdol, Tapanhes, Memfis ne Misraim atifi fam no ho. 2“Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Muhuu amanehunu kɛse a mede baa Yerusalem ne Yuda nkurow nyinaa so no. Nnɛ wɔayeyɛ amamfo na wɔasɛesɛe 3esiane bɔne a wɔayɛ no nti. Wɔhyew nnuhuam, som anyame foforo a, wɔn anaa mo anaa mo agyanom nnim wɔn de hyɛɛ me abufuw. 4Mesomaa mʼasomfo adiyifo mpɛn pii a wɔkae se, ‘Monnyɛ saa atantanne a mikyi no!’ 5Nanso wɔantie, wɔamfa anyɛ asɛm, na wɔannan amfi wɔn amumɔyɛsɛm no ho na wɔannyae hyew a wɔhyew nnuhuam ma anyame foforo no. 6Enti mihwiee mʼabufuw gui, na ɛdɛw kɔɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so ma ɛsɛesɛe na ɛdedaa mpan sɛnea ɛtete nnɛ yi.
7“Na mprempren, nea Asafo Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn se ni: Adɛn nti na mode amanehunu kɛse aba mo ho so, sɛ muyii mmarima ne mmea, mmofra ne mmotafowa fii Yuda a moannyaw nkae biara amma mo ho. 8Adɛn nti na mode nea mo nsa ayɛ hyɛ me abufuw, na mohyew nnuhuam ma anyame foforo wɔ Misraim, baabi a moabɛtena hɔ no? Mobɛsɛe mo ho, na moayɛ nnome ne nsopa wɔ asase so amanaman nyinaa mu. 9Mo werɛ afi amumɔyɛsɛm a mo agyanom, Yuda ahemfo ne ahemmea yɛe, na mo ne mo yerenom nso yɛɛ wɔ Yuda asase ne Yerusalem mmɔnten so no ana? 10Ebesi nnɛ yi, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase, wɔnnaa nidi adi na wonnii me mmara ne ahyɛde a mede maa mo ne mo agyanom no so.
11“Enti nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Masi mʼadwene pi sɛ mede amanehunu bɛba mo so na masɛe Yuda nyinaa. 12Mɛfa Yuda nkae a wosii wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no. Wɔn nyinaa bewuwu wɔ Misraim; wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano anaa ɔkɔm bekum wɔn. Efi akumaa so kosi ɔkɛse so, afoa ne ɔkɔm bekunkum wɔn. Wɔbɛyɛ nnome, ahodwiriwde, afɔbude ne ahohora. 13Mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe wɔn a wɔtete Misraim no aso, sɛnea metwee Yerusalem aso no. 14Yuda nkae a wɔakɔtena Misraim no mu biara renguan, na wɔremfa wɔn ho nni na wɔasan aba Yuda, asase a wɔpɛ sɛ wɔsan bɛtena so no so; wɔn mu biara remma, gye aguanfo kakraa bi.”
15Afei mmarima a na wonim sɛ wɔn yerenom hyew nnuhuam ma anyame foforo, wɔne mmea a wɔwɔ hɔ no nyinaa, nnipadɔm no, ne nnipa a wɔwɔ Misraim Atifi fam ne Anafo fam ka kyerɛɛ Yeremia se, 16“Yɛrentie asɛm a waka akyerɛ yɛn wɔ Awurade din mu no! 17Ampa ara yɛbɛyɛ biribiara a yɛkae se yɛbɛyɛ: Yɛbɛhyew nnuhuam ama Ɔsoro Hemmea na yɛahwie ahwiesa ama no, sɛnea yɛne yɛn agyanom, ahemfo ne adwumayɛfo yɛɛ wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so no pɛpɛɛpɛ. Saa bere no na yɛwɔ aduan, na yedi yiye a yenni ɔhaw biara nso. 18Nanso efi bere a yegyaee nnuhuam a yɛhyew ma Ɔsoro Hemmea, na yegyaee ahwiesa a yɛde ma no no, biribiara abɔ yɛn na yɛrewuwu wɔ afoa ne ɔkɔm ano.”
19Na mmea no ka kaa ho se, “Bere a yɛhyew nnuhuam maa44.19 mmea—Esiane sɛ na Ɔsoro Hemmea no yɛ Babilonia bosom a ɔma awo no nti, na mmea di ne som no mu akoten. Ɔsoro Hemmea, na yehwiee ahwiesa maa no no, na yɛn kununom nnim sɛ yɛto ɔfam a ɛyɛ ne sɛso, hwie ahwiesa ma no ana?”
20Na Yeremia ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa; mmarima ne mmea a wɔrebua no no se, 21“Mususuw sɛ, Awurade nnim sɛ, na mo ne mo agyanom, mo ahemfo, adwumayɛfo ne ɔmanfo no hyew nnuhuam ma ahoni wɔ Yuda nkurow so ne Yerusalem mmɔnten so ana? 22Bere a mo amumɔyɛ ne akyiwade a moyɛɛ no fonoo Awurade no, mo asase dannan nnomede ne amamfo a obiara nte so, sɛnea ɛte nnɛ yi. 23Esiane sɛ moahyew nnuhuam, ayɛ bɔne atia Awurade, na moanyɛ osetie amma no, na moanni ne mmara, nʼahyɛde ne nʼadansesɛm so nti, amanehunu aba mo so sɛnea muhu yi.”
24Afei Yeremia ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa a mmea no ka ho se, “Mo Yudafo a mowɔ Misraim nyinaa muntie Awurade asɛm. 25Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Mo ne mo yerenom de mo nneyɛe akyerɛ mo bɔ a mohyɛe se, ‘Ampa ara yebedi bɔ a yɛhyɛe sɛ, yɛbɛhyew nnuhuam ahwie ahwiesa ama Ɔsoro Hemmea no,’ no so.”
Monkɔ so, munni mo bɔhyɛ ne mo ntam so! 26Nanso muntie Awurade asɛm, mo Yudafo a mowɔ Misraim nyinaa. Mede me din kɛse no ka ntam se, nea Awurade se ni, obiara a ofi Yuda a ɔte Misraim asase so baabiara remmɔ me din nka ntam bio da se, “Sɛ Otumfo Awurade te ase yi.” 27Na mɛhwɛ ama wɔahu amane na ɛnyɛ yiyedi; Yudafo a wɔwɔ Misraim bewuwu wɔ afoa ne ɔkɔm ano kosi sɛ wɔbɛsɛe wɔn nyinaa. 28Wɔn a wobeguan afi afoa ano na wɔasan afi Misraim akɔ Yuda asase so no bɛyɛ kakraa bi. Afei Yuda nkae a wɔbɛtenaa Misraim no nyinaa behu nea nʼasɛm yɛ nokware; me de anaa wɔn de.
29“ ‘Eyi na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama mo sɛ mɛtwe mo aso wɔ ha, na moahu sɛ ampa ara mʼahunahuna a ɛfa ɔhaw ho no bɛba mu,’ Awurade na ose. 30‘Mede Misraimhene Farao Hofra rebɛhyɛ nʼatamfo a wɔpɛ sɛ wokum no no nsa, sɛnea mede Yudahene Sedekia hyɛɛ Babiloniahene Nebukadnessar, ne tamfo a na ɔrehwehwɛ no akum no no nsa. Sɛɛ na Awurade se.’ ”
45Asɛm A Wɔde Ma Baruk
1Eyi ne nsɛm a odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Baruk wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anan no mu, bere a na Baruk akyerɛw nsɛm a efi Yeremia anom no agu nhoma mmobɔwee bi mu. 2“Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ wo, Baruk: 3Wokae se, ‘Nnome nka me! Awurade de awerɛhow aka me yawdi ho; apinisi ne ɔbrɛ ama mʼahoɔden asa.’ 4Awurade kae se, ‘Ka eyi kyerɛ no: Nea Awurade se ni: Mɛsɛe nea makyekyere na matu nea madua no ase wɔ asase no so nyinaa. 5Enti ɛsɛ sɛ wopɛ nneɛma akɛse ma wo ho ana? Nyɛ saa. Efisɛ mede amanehunu bɛba nnipa nyinaa so, Awurade na ose, nanso baabiara a wobɛkɔ no, mɛbɔ wo ho ban.’ ”
46Nsɛm A Ɛfa Misraim Ho
1Eyi ne asɛm a efi Awurade nkyɛn baa odiyifo Yeremia hɔ a ɛfa aman no ho.
2Nea ɛfa Misraim ho:
Eyi ne nsɛm a etia Misraimhene Farao Neko asraafo a Babiloniahene Nebukadnessar dii wɔn so nkonim wɔ Karkemis, Asubɔnten Eufrate ho wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anan no:
3“Siesie wo nkatabo akɛse ne nketewa nyinaa,
na muntu santen nkɔ ɔsa!
4Munsiesie apɔnkɔ no,
na momforo ntenatena wɔn so.
Munnyinagyina mo afa
a mohyehyɛ mo nnade kyɛw!
Monsew mo mpeaw ano,
na monhyɛ mo nkatabo.
5Dɛn na mihu?
Wɔabɔ hu,
wɔresan wɔn akyi,
wɔn dɔmmarima adi nkogu.
Woguan ntɛm so
a wɔnhwɛ wɔn akyi,
na ehu wɔ baabiara,”
Awurade na ose.
6Ɔhoɔharefo ntumi nguan,
na ɔhoɔdenfo nso saa ara.
Atifi fam wɔ Asubɔnten Eufrate ho
wohintihintiw na wɔhwehwe ase.
7“Hena, na ɔma ne homene so sɛ Asubɔnten Nil,
sɛ nsubɔnten a mu nsu woro yi?
8Misraim ma ne homene so sɛ Nil,
sɛ nsubɔnten a mu nsu woro.
Ɔka se, ‘Mɛsɔre akata asase no so;
mɛsɛe nkuropɔn ne mu nnipa.’
9Monkɔ mo anim, apɔnkɔ!
Monka wɔn anibere so, mo nteaseɛnamkafo!
Muntu nteɛ, dɔmmarima,
Kus ne Put mmarima a mukura nkatabo,
Lidia mmarima a motow agyan.
10Nanso da no yɛ Awurade, Asafo Awurade dea,
aweretɔda, nʼatamfo so aweretɔ.
Afoa bekunkum akosi sɛ ɔbɛmee,
akosi bere a ɔde mogya bedwudwo ne osukɔm ano.
Efisɛ, Awurade, Asafo Awurade bɛbɔ afɔre
wɔ atifi fam asase a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ho no so.
11“Foro kɔ Gilead kogye aduru
Misraim Babea Ɔbabun.
Nanso nnuru bebrebe a wofa no yɛ ɔkwa,
ayaresa biara nni hɔ ma wo.
12Amanaman no bɛte wʼanimguase;
wʼagyaadwo bɛhyɛ asase so ma.
Ɔkofo baako behintiw afa ɔfoforo so;
na wɔn baanu bɛbɔ mu ahwe ase.”
13Eyi ne asɛm a Awurade ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia a ɛfa Babiloniahene Nebukadnessar ba a ɔbɛba abɛtow ahyɛ Misraim so:
14“Mommɔ eyi ho dawuru wɔ Misraim, na mompae mu nka wɔ Migdol;
monka wɔ Memfis ne Tapanhes nso se,
‘Munnyinagyina na monyɛ krado,
efisɛ, afoa rekunkum wɔn a wɔatwa mo ho ahyia.’
15Adɛn nti na mo dɔmmarima bɛbotow sɛɛ?
Wɔrentumi nnyina, efisɛ, Awurade bɛbɔ wɔn ahwe fam.
16Wobehintihintiw atoatoa so;
wɔbɛhwehwe ase adeda wɔn ho wɔn ho so.
Wɔbɛka se, ‘Monsɔre, momma yɛnkɔ yɛn nkyi
nkɔ yɛn nkurɔfo nkyɛn ne faako a wɔwoo yɛn,
na yemfi nhyɛsofo no afoa ano.’
17Ɛhɔ na wɔbɛteɛ mu se,
‘Misraimhene Farao tu ne ho kwa;
nʼakwannya a ɔwɔ no atwa mu.’
18“Ampa ara sɛ mete ase yi” Ɔhene a
ne din ne Asafo Awurade na ose,
“Ɔbaako bɛba a ɔte sɛ Tabor wɔ mmepɔw no mu,
sɛ Karmel wɔ mpoano.
19Mommoaboa mo nneɛma ano ntwɛn nnommumfa,
mo a motete Misraim,
efisɛ wɔbɛsɛe Memfis kurow
na ɛbɛda mpan a obiara rentena mu.
20“Misraim yɛ nantwi ba bere a ne ho yɛ fɛ,
nanso ɔtɛn bi fi
atifi fam reba ne so.
21Asraafo apaafo a wɔwɔ wɔn mu no
te sɛ nantwimma a wɔadodɔ srade.
Wɔn nso bɛdan wɔn ho abɔ mu aguan,
wɔrentumi nnyina wɔn anan so,
efisɛ amanehunu da no reba wɔn so,
bere a wɔde bɛtwe wɔn aso no.
22Misraim bɛteɛ mu sɛ ɔwɔ a ɔreguan
bere a ɔtamfo de ahoɔden reba ne so no;
wɔde mmonnua bɛba ne so
te sɛ, mmarima a wobu nnua.
23Wɔbɛsɛe ne kwae,”
Awurade na ose,
“sɛnea ayɛ kusuu yi mpo.
Wɔdɔɔso bebree sen mmoadabi,
na wɔrentumi nkan wɔn.
24Wobegu Misraim Babea anim ase,
wɔde no bɛhyɛ atifi fam nnipa no nsa.”
25Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, ka se, “Mede asotwe reba Tebes nyame Amon, Farao, Misraim ne nʼanyame ne nʼahemfo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Farao so no so. 26Mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wokum wɔn no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼadwumayɛfo no nsa. Nanso akyiri no, nnipa bɛtena Misraim asase so te sɛ kan no,” Awurade na ose.
27“Nsuro, Yakob me somfo;
nni yaw, Israel.
Ampa ara megye wo afi beae a ɛwɔ akyirikyiri,
ne wʼasefo afi wɔn nnommumfa asase so
Yakob bɛsan anya asomdwoe ne bammɔ,
na obiara renhunahuna no.
28Nsuro, Yakob me somfo;
na me ne wo wɔ hɔ,” Awurade na ose.
“Ɛwɔ mu, mesɛe aman no nyinaa koraa
aman a mehwetee mo kɔɔ so no de,
nanso merensɛe mo korakora.
Mede trenee nko ara na ɛbɛteɛteɛ mo so;
meremma mommfa mo ho nni a merentwe mo aso.”
47Nsɛm A Ɛfa Filistifo Ho
1Ansa na Farao bɛtow ahyɛ Gasa so no, eyi ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifo ho a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn:
2Sɛɛ na Awurade se:
“Monhwɛ sɛnea nsu rebobɔ ba wɔ atifi fam;
ɛbɛyɛ ɔhweam a abu afa so.
Ebebu afa asase no ne biribiara ɛwɔ so no so,
nkurow no ne nnipa a wɔtete mu.
Nnipa no bɛteɛteɛ mu;
wɔn a wɔte asase no so nyinaa betwa adwo
3bere a wɔate apɔnkɔ a wotu mmirika no anan ase nnyigyei,
na wɔate atamfo no nteaseɛnam gyegyeegye
ne wɔn ntwahonan nnyigyei no.
Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma;
wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.
4Na da no aba
sɛ wɔsɛe Filistifo no nyinaa
na wotwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu,
wɔn a anka wotumi boa Tiro ne Sidon no.
Awurade rebɛsɛe Filistifo no,
nkae a wofi Kreta mpoano no.
5Gasa bɛbɔ tikwaw bere a ɔretwa adwo;
wɔbɛma Askelon atɔ mum.
Mo nkae a mowɔ tataw so,
mobɛbobɔ mo ho akam akosi da bɛn?
6“ ‘Aa, Awurade afoa,’
‘da bɛn na wobɛhome?
San kɔhyɛ wo boha mu;
gyae na da komm.’
7Na ɛbɛyɛ dɛn na ada komm
bere a Awurade ahyɛ no
bere a wahyɛ no se
ɔnkɔtow nhyɛ Askelon ne mpoano asase no so?”
48Nsɛm A Ɛfa Moab Ho
1Nea ɛfa Moab ho:
Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se:
“Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no.
Wobegu Kiriataim anim ase, na wɔafa;
wobegu aban dennen no anim ase, na wɔadwiriw agu fam.
2Wɔrenkamfo Moab bio;
Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehwe ho pɔw;
‘Mommra, momma yɛnkɔbɔ saa ɔman yi.’
Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano ato mu;
afoa no bɛtaa mo.
3Muntie osu a efi Horonaim,
adesɛe ne ɔsɛe ho su.
4Wɔbɛbɔ Moab:
na ne mma nketewa bɛteɛteɛ mu.
5Wɔforo kɔ Luhit,
wɔde agyaadwotwa a mu yɛ den na ɛrekɔ;
ɔkwan a ɛkɔ Horonaim so no
wɔte ahoyeraw nteɛteɛmu wɔ adesɛe no ho.
6Munguan! muntu mmirika mpere mo nkwa.
Monyɛ sɛ wura wɔ nweatam so.
7Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛe ne mo ahonya so nti,
mo nso wɔbɛfa mo nnommum,
na Kemos bɛkɔ nnommum mu,
ɔne nʼasɔfo ne adwumayɛfo.
8Ɔsɛefo no betu kurow biara so sa,
na mu biara rennya ne ho ntetew.
Wɔbɛsɛe obon no
na wasɛe mmepɔw mpampam a ɛyɛ tamaa no,
efisɛ Awurade akasa.
9Momfa nkyene nhyɛ Moab,
efisɛ wɔrebɛsɛe no;
ne nkurow bɛda mpan a
obiara rentena mu.
10“Nnome nka nea ɔtwentwɛn ne nan ase wɔ Awurade adwumayɛ ho!
Nnome nka nea ɔmmfa nʼafoa nhwie mogya ngu!
11“Moab atena ase asomdwoe mu fi ne mmerantebere mu,
te sɛ nsa ase puw a ataa dinn,
wonnhwie mfi ahina mu nkogu ahina foforo mu,
ɔnkɔɔ nnommum mu da.
Enti ɔte sɛ nea ɔte ara,
na ne ho hua nsakrae ɛ.
12Nanso nna bi reba,”
Awurade na ose,
“a mɛsoma mmarima a wohwie fi ahina mu,
na wobehwie no agu;
wɔbɛma nʼahina mu ayɛ hwee
na wɔabobɔ ne nkuruwa.
13Afei Kemos ho bɛyɛ Moab aniwu,
sɛnea Israelfi anim guu ase
bere a wɔde wɔn ho too Bet-El so no.
14“Ɛbɛyɛ dɛn na wutumi ka se, ‘Yɛyɛ dɔmmarima,
mmarima akokodurufo wɔ ɔsa mu’?
15Wɔbɛsɛe Moab na wɔatu ne nkurow so sa;
wobekunkum ne mmerante a wɔte apɔw no,”
nea Ɔhene a wɔfrɛ no Asafo Awurade no se ni.
16“Moab asehwe abɛn;
nʼamanehunu bɛba ntɛm.
17Munsu no, mo a motete ne ho nyinaa,
ne mo a munim ne din nyinaa;
monka se, ‘Ɛyɛɛ dɛn na wɔabubu ahempema a ɛyɛ den yi
ɛyɛɛ dɛn wɔabu anuonyam pema fɛfɛ yi mu!’
18“Fi wʼanuonyam mu,
na bɛtena asase wosee no so,
wo a wote Dibon Babea,
efisɛ nea ɔsɛe Moab no
betu aba wo so
abɛsɛe wo nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ no.
19Gyina kwankyɛn na hwɛ,
wo a wote Aroer.
Bisa ɔbarima a ɔreguan no ne ɔbea a ɔrefi mu afi,
bisa wɔn se, ‘Asɛm bɛn na asi?’
20Moab anim agu ase, efisɛ wɔabubu no pasaa;
muntwa adwo na monteɛteɛ mu!
Mommɔ dawuru wɔ Arnon ho se
wɔasɛe Moab.
21Atemmu aba bepɔw tamaa so
wɔ Holon, Yahas ne Mefaat,
22Dibon ne Nebo ne Bet-Diblataim
23ne Kiriataim ne Bet Gamul ne Bet Meon
24ne Keriot ne Bosra
wɔ Moab nkurow nyinaa, nea ɛwɔ akyirikyiri ne nea ɛbɛn.
25Wɔatwa Moab mmɛn;
na ne basa abu,”
Awurade na ose.
26“Momma no mmow nsa,
efisɛ wabu Awurade animtiaa.
Momma Moab nyantam wɔ ne fe mu;
momma no nyɛ nea wodi ne ho fɛw.
27Ɛnyɛ Israel na na wudi ne ho fɛw?
Wɔkyeree no akorɔmfo mu ana,
a enti mowosow mo ti animtiaabu so
bere biara a mobɛka ne ho asɛm?
28Mumfifi mo nkurow so nkɔtena abotan mu,
mo a motete Moab.
Monyɛ sɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne berebuw
wɔ ɔbodan ano.
29“Yɛate Moab ahantan no
nʼahomaso ne gye a ogye ne ho di mmoroso;
nʼahantan ne nʼahomaso,
ne ne koma mu ahohoahoa.
30Minim nʼasoɔden nanso ɛyɛ ɔkwa,”
Awurade na ose,
“na nʼahohoahoa mfa hwee mma.
31Enti mitwa adwo ma Moab,
misu teɛ mu ma Moabfo nyinaa,
midi awerɛhow ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.
32Misu ma mo sɛnea Yaser su,
mo Sibma bobe.
Mo mman dennan kɔɔ po ho pɛɛ;
koduu Yaser po ho.
Ɔsɛefo no abegu
mo nnuaba a abere ne mo bobe no so.
33Ahosɛpɛw ne anigye atu afi
Moab nnuaba nturo ne mfuw so.
Matwa nsa a ɛteɛ fi nsakyiamoa no so;
obiara mmfa ahosɛpɛw ntiatia bobe no so.
Ɛwɔ mu nteɛteɛmu wɔ hɔ de,
nanso ɛnyɛ ahosɛpɛw nteɛteɛmu.
34“Wɔn su ano den gyigye fi
Hesbon kɔ Eleale ne Yahas,
fi Soar de kosi Horonaim ne Eglat Selisiya,
mpo, nsu a ɛwɔ Nimrim no ayow.
35Moab mu,
mede sorɔnsorɔmmea afɔrebɔ ne nnuhuam
a wɔhyew ma wɔn anyame no, bɛba awiei,”
Awurade, na ose.
36“Enti me koma su sɛ atɛntɛbɛn ma Moab;
esu sɛ atɛntɛbɛn ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.
Ahonyade a wɔpɛe no kɔ.
37Wɔabɔ eti biara tikwaw
na wɔayi abogyesɛ biara;
nsa nyinaa ho ayɛ akamakam
na atweaatam sisi obiara asen.
38Adan a ɛwɔ Moab nyinaa atifi
ne ɔmanfo aguabɔbea nyinaa;
biribiara nni hɔ sɛ awerɛhow,
efisɛ mabubu Moab
ayɛ no sɛ ahina a obiara mpɛ,”
Awurade na ose.
39“Hwɛ sɛnea wabubu afa! Hwɛ sɛnea wɔretwa adwo!
Na hwɛ sɛnea Moab de aniwu dan nʼakyi!
Moab ayɛ nea wodi ne ho fɛw,
ne ahodwiriwde ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.”
40Sɛɛ na Awurade se:
“Monhwɛ! ɔkɔre rebɔ hoo aba fam.
Watrɛw ne ntaban mu wɔ Moab so.
41Wɔbɛfa Keriot nnommum
na wɔafa nʼabandennen no.
Saa da no Moab dɔmmarima koma
betu sɛ ɔbea a ɔrekyem wɔ awo so.
42Wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio,
efisɛ obuu Awurade animtiaa.
43Ehu, nkonomoa ne afiri retwɛn mo,
Moabfo,”
Awurade na ose.
44“Nea oguan nea ɛyɛ hu no
bɛtɔ nkonomoa mu,
nea ɔbɛforo afi nkonomoa no mu no
afide beyi no;
na mede Moab asotwe afe no bɛba ne so,”
Awurade na ose.
45“Hesbon nwini ase
na aguanfo no gyinagyina a wonni mmoa biara,
efisɛ ogya bi atu afi Hesbon;
ogyaframa bi fi Sihon mfimfini;
ɛhyew Moab moma,
ne ahohoahoafo a wɔn ano yɛ den no ti koraa.
46Nnome nka wo, wo Moab!
Wɔasɛe Kemos nkurɔfo no;
wɔde wo mmabarima kɔ nnommum mu
na wo mmabea nso kɔ nkoasom mu.
47“Nanso mede Moab adenya bɛsan ama no
wɔ nna a ɛbɛba no mu,”
Awurade na ose.
Moab atemmu no awiei ni.
49Asɛm A Ɛfa Amon Ho
1Nea ɛfa Amonfo ho:
Sɛɛ na Awurade se:
“Israel nni mmabarima ana?
Onni wɔn a wobedi nʼade?
Ɛno de adɛn nti na Molek afa Gad ayɛ ne de yi?
Adɛn nti na ne nkurɔfo tete ne nkurow mu?
2Nanso nna no reba,”
Awurade na ose.
“Bere a mɛbobɔ mu de afrɛ ɔko
atia Raba a ɛyɛ Amonfo de;
ɛbɛyɛ afabo siw,
wɔbɛto nkuraa a atwa ne ho ahyia no mu gya.
Na Israel bɛpam wɔn a
wɔpam no no,”
sɛɛ na Awurade se.
3“Twa adwo. Hesbon, efisɛ wɔasɛe Ai!
Monteɛ mu, mo a mowɔ Raba!
Mumfura ayitam na munni awerɛhow;
mommɔ nnyenyen wɔ afasu no mu,
efisɛ Molek bɛkɔ nnommum mu,
ɔne nʼasɔfo ne nʼadwumayɛfo.
4Adɛn nti na wode wʼabon ahorow no hoahoa wo ho,
wʼabon a wunya mu aba bebree no nti?
Amon Babea a Onni nokware,
wode wo ho to wʼahonya so na woka se,
‘Hena na ɔbɛtow ahyɛ me so?’
5Mede ehu bɛba wo so,
ebefi wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no nyinaa,”
Awurade na ose, Asafo Awurade no.
“Wɔbɛpam mo nyinaa,
na obiara remmoaboa akobɔfo ano.
6“Nanso akyiri no, mɛsan de Amonfo adenya ama wɔn,”
sɛe na Awurade se.
Asɛm A Ɛfa Edom Ho
7Nea ɛfa Edom ho:
Sɛɛ na Asafo Awurade se:
“Nyansa nni Teman bio ana?
Afotu ayera wɔ anyansafo mu ana?
Wɔn nyansa no aporɔw ana?
8Monnan mo ho na munguan,
monkɔtetɛw abodan a mu dɔ mu,
mo a motete Dedan,
efisɛ mede amanehunu bɛba Esau so
wɔ bere a mɛtwe nʼaso no.
9Sɛ bobetetewfo no baa mo nkyɛn a
anka wɔrennya bobe no kakra ana?
Sɛ akorɔmfo baa ɔdasu mu a,
anka wɔrenwia ade dodow a wɔpɛ ana?
10Na mɛma Esau ada adagyaw.
Mɛda ne hintabea ahorow adi,
sɛnea ɔrentumi mfa ne ho nhintaw.
Ne mma, nʼabusuafo ne ne mfɛfo bewuwu,
na wɔrenhu no bio.
11Munnyaw mo ayisaa, mɛbɔ wɔn nkwa ho ban.
Mo akunafo nso betumi de wɔn ho ato me so.”
12Nea Awurade se ni: “Sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔmfata sɛ wɔnom kuruwa no nom a, ɛno de adɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔtwe mo aso? Wɔbɛtwe mo aso na mobɛnom nso. 13Meka me ho ntam sɛ wɔbɛsɛe Bosra na ayɛ ahodwiriwde, ahohorade ne nnome; na ne nkurow nyinaa bɛsɛe afebɔɔ,” Awurade na ose.
14Mate asɛm a efi Awurade nkyɛn:
wɔsomaa ananmusini bi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ amanaman no se,
“Mommoaboa mo ho ano nkɔtow nhyɛ no so!
Monsɔre nkɔ ɔko!”
15“Na mɛyɛ wo ketewa wɔ aman no mu,
na wɔabu wo animtiaa.
16Ehu a wobɔ
ne koma mu ahomaso adaadaa wo,
wo a wote abotan ntokuru mu,
na wote koko no sorɔnsorɔmmea.
Ɛwɔ mu, woyɛ wo berebuw wɔ sorosoro sɛ ɔkɔre de,
nanso hɔ na mefi de wo aba fam,”
Awurade na ose.
17“Edom bɛyɛ ahodwiriwde;
wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nyinaa ho bedwiriw wɔn na wɔadi ne ho fɛw
esiane nʼapirakuru nyinaa nti.
18Sɛnea wɔdan Sodom ne Gomora
ne wɔn nkurow gui no,”
Awurade na ose,
“saa ara na obiara rentena hɔ;
onipa biara rentena mu.
19“Sɛnea gyata a ofi Yordan nkyɛkyerɛ mu
rekɔ adidibea frɔmfrɔm no,
saa ara na mɛtaa Edom afi nʼasase so wɔ bere tiaa bi mu.
Hena ne nea mayi no sɛ ɔnyɛ eyi?
Hena na ɔte sɛ me, na hena na obetumi ne me adi asi?
Na oguanhwɛfo bɛn na obetumi asɔre atia me?”
20Enti tie nea Awurade ahyehyɛ atia Edom,
nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia wɔn a wɔte Teman ni:
Nguankuw no mu nkumaa no wɔbɛtwe wɔn akɔ;
wɔn nti ɔbɛsɛe adidibea no koraa.
21Wɔn asehwe nnyigyei bɛma asase awosow;
wɔn nteɛteɛmu gyegyeegye akodu Po Kɔkɔɔ ho.
22Monhwɛ! Ɔkɔre bi betu akɔ soro na wabɔ hoo aba fam a
watrɛtrɛw ne ntaban mu wɔ Bosra so.
Saa da no Edom dɔmmarima koma
betu sɛ ɔbea a ɔrekyem wɔ awo so.
Asɛm A Ɛfa Damasko Ho
23Nea ɛfa Damasko ho:
“Hamat ne Arpad di yaw,
efisɛ wɔate asɛmmɔne.
Wɔn koma abotow
te sɛ po a ayɛ hagyahagya.
24Damasko ayɛ mmerɛw,
wayɛ sɛ ɔrebeguan
wabɔ huboa;
ahoyeraw ne ɔyaw akyekyere no,
ɔyaw a ɛte sɛ ɔbea a, ɔrekyem wɔ awo so.
25Adɛn nti na wonnyaw kuropɔn a agye din yi ntoo hɔ,
kurow a mʼani gye mu?
26Ampa ara ne mmerante bɛtotɔ wɔ mmɔnten so;
wɔbɛma nʼasraafo nyinaa aka wɔn ano ato mu saa da no,”
sɛɛ na Asafo Awurade se.
27“Mede ogya bɛto Damasko afasu mu;
na ɛbɛhyew Ben-Hadad aban.”
Asɛm A Ɛfa Kedar Ne Hasor Ho
28Nea ɛfa Kedar ne Hasor ahenni, a Babiloniahene Nebukadnessar tow hyɛɛ so no.
Sɛɛ na Awurade se:
“Sɔre na kɔtow hyɛ Kedar so
na sɛe nnipa a wɔwɔ apuei fam no.
29Wɔbɛfa wɔn ntamadan ne wɔn nguankuw;
wɔbɛfa wɔn nkataso,
ne wɔn ho nneɛma ne yoma akɔ.
Nnipa bɛteɛteɛ mu se,
‘Ehu wɔ baabiara!’
30“Munguan nkɔ ntɛmntɛm!
Monhyehyɛ abodan a mu dɔ mu, mo a motete Hasor,”
Awurade na ose.
“Babiloniahene Nebukadnessar apam mo ti so;
wayɛ nhyehyɛe a etia mo.
31“Sɔre kɔtow hyɛ ɔman bi so a woremmrɛ,
ɔman a wɔte ahotoso mu,”
Awurade na ose,
“ɔman a wonni apon anaa akwanside;
na emu nnipa nko ara na wɔte.
32Wɔn mfurum bɛyɛ asade,
na wɔn anantwikuw akɛse no bɛyɛ asade.
Mɛbɔ saa nnipa a wɔtete akyirikyiri no ahwete ama mframa no,
na mede amanehunu befi afa nyinaa aba wɔn so,”
Awurade na ose.
33“Hasor bɛyɛ ahade ama adompo,
ɛbɛda mpan afebɔɔ.
Obiara rentena hɔ;
onipa biara rentena mu.”
Asɛm A Ɛfa Elam Ho
34Eyi ne asɛm a, efi Awurade nkyɛn baa odiyifo Yeremia hɔ a ɛfa Elam ho, wɔ Yudahene Sedekia adedi mfiase: 35Sɛɛ na Asafo Awurade se:
“Hwɛ mebubu Elam agyan mu,
nea wɔn ahoɔden gyina so no.
36Mede mframa anan no bɛba Elam so
afi ɔsorosoro afanan;
mɛbɔ wɔn ahwete mframa anan no mu,
na ɔman biara nni hɔ a
Elam atubrafo renkɔ so.
37Mɛbɔ Elam ahwete wɔ wɔn atamfo anim,
wɔ wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn no anim;
mede amanehunu bɛba wɔn so
mpo mʼabufuwhyew no,”
Awurade na ose.
“Mede afoa bɛtaa wɔn
kosi sɛ, mewie wɔn korakora.
38Mesi mʼahengua wɔ Elam
na masɛe ne hene ne nʼadwumayɛfo,”
Awurade na ose.
39“Nanso mɛsan de Elam adenya ama no
nna a ɛreba no mu,”
Awurade na ose.
50Asɛm A Ɛfa Babilonia Ho
1Asɛm a Awurade nam odiyifo Yeremia so ka faa Babilonia ne Babiloniafo asase ho ni:
2“Mommɔ no dawuru na mompae mu nka wɔ amanaman mu.
Momma frankaa so na mompae mu nka;
na momma wɔnte sɛ,
‘Wɔbɛfa Babilonia;
wobegu Bel anim ase,
na ehu bɛhyɛ Merodak ma.
Wobegu ne nsɛsode anim ase
na ehu bɛhyɛ nʼahoni ma.’
3Ɔman bi fi atifi fam bɛtow ahyɛ ne so
na wɔbɛyɛ nʼasase amamfo.
Obiara rentena so;
nnipa ne mmoa beguan afi so.
4“Nna no mu ne saa bere no,”
Awurade na ose,
“Israelfo ne Yudafo bɛka abɔ mu
de nusu akɔhwehwɛ wɔn Awurade, wɔn Nyankopɔn.
5Wobebisa ɔkwan a ɛkɔ Sion
na wɔde wɔn ani akyerɛ hɔ.
Wɔbɛba de wɔn ho abɛbɔ Awurade
wɔ daa apam a
werɛ remfi mu.
6“Me nkurɔfo ayɛ nguan a wɔayera;
wɔn nguanhwɛfo ama wɔafom ɔkwan
ma wokyinkyin mmepɔw so.
Wokyinkyin bepɔw ne koko so
na wɔn werɛ fii wɔn ankasa homebea.
7Obiara a ohuu wɔn no tetew wɔn mu:
wɔn atamfo kae se, ‘Yenni fɔ,
efisɛ wɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade, wɔn nokware didibea no,
Awurade wɔn agyanom anidaso no.’
8“Munguan mfi Babilonia;
mumfi Babiloniafo asase so,
na monyɛ sɛ mpapo a wodi nguankuw anim.
9Mɛkanyan amanaman akɛse nkabom
afi atifi fam asase so de wɔn abɛko atia Babilonia.
Wobegyinagyina wɔn afa atia no,
wobefi atifi fam ako afa no.
Wɔn agyan bɛyɛ sɛ dɔmmarima a wɔakwadaw akodi mu,
wɔn a wɔmmfa nsapan nsan wɔn akyi.
10Enti wɔbɛfow Babilonia;
wɔn a wɔfow no nyinaa benya asade bebree,”
Awurade na ose.
11“Esiane sɛ mo ani gye na mudi ahurusi,
mo a mofow mʼagyapade,
sɛ muhuruhuruw anigye so te sɛ nantwiforo a ɔwɔ sare frɔmfrɔm mu
na musu te sɛ apɔnkɔnini nti,
12wo na ani bewu pa ara;
nea ɔwoo wo anim begu ase.
Ɔbɛyɛ akumaa wɔ amanaman no mu,
sare, asase wosee ne nweatam.
13Awurade abufuw nti, obiara rentena hɔ
na ɛbɛda mpan korakora.
Wɔn a wotwa mu wɔ Babilonia nyinaa ho bedwiriw wɔn na wɔadi ne ho fɛw
esiane nʼapirakuru nyinaa nti.
14“Munnyinagyina mo afa ntwa Babilonia ho nhyia,
mo a motow agyan nyinaa.
Montow no! Munnyaw bɛmma biara,
efisɛ wayɛ bɔne atia Awurade.
15Monteɛ mu ntia no wɔ afanan nyinaa!
Ɔma ne nsa so, nʼabandennen bubu,
wodwiriw nʼafasu gu fam.
Esiane sɛ eyi yɛ Awurade aweretɔ no nti,
montɔ ne so were;
monyɛ no sɛnea wayɛ afoforo no.
16Munyi ogufo mfi Babilonia,
ɔne otwafo a okura ne kantankrankyi wɔ otwabere mu no.
Esiane nhyɛsofo no afoa nti
obiara nsan nkɔ ne nkurɔfo mu,
obiara nguan nkɔ nʼankasa asase so.
17“Israel yɛ nguankuw a wɔahwete
a gyata apam wɔn.
Nea odii kan tetew ne mu
yɛ Asiriahene;
na nea ɔdwerɛwee ne nnompe akyiri no
yɛ Babiloniahene Nebukadnessar.”
18Ɛno nti, sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se:
“Mɛtwe Babiloniahene ne nʼasase aso
sɛnea metwee Asiriahene aso no.
19Na mede Israel bɛsan aba nʼankasa didibea,
na obedidi wɔ Karmel ne Basan;
ɔbɛmee wɔ Efraim ne Gilead nkoko so.
20Saa nna no ne saa bere no,”
Awurade na ose,
“Wɔbɛhwehwɛ Israel afɔbu mu,
nanso wɔrennya bi,
wɔbɛhwehwɛ Yuda nnebɔne mu,
nanso wɔrenhu bi,
efisɛ, mede nkae a migyaa wɔn no bɔne bɛkyɛ wɔn.
21“Montow nhyɛ Merataim asase so
ne nnipa a wɔte Pekod.
Montaa wɔn, munkunkum wɔn
na monsɛe wɔn korakora,”
Awurade na ose.
“Monyɛ biribiara a mahyɛ mo no.
22Ɔko mu gyegyeegye wɔ asase no so,
ɔsɛe kɛse nnyigyei!
23Hwɛ sɛnea wɔabubu na wɔabobɔ
asase nyinaa so asae!
Hwɛ sɛnea Babilonia ada mpan
wɔ amanaman no mu!
24Misum wo afiri, Babilonia,
na eyii wo ansa na worehu;
wohuu wo kyeree wo
efisɛ woko tiaa Awurade.
25Otumfo Awurade abue nʼakode adekoradan
na wayi nʼabufuwhyew akode de apue,
efisɛ Asafo Awurade wɔ adwuma yɛ
wɔ Babiloniafo asase so.
26Mumfi akyirikyiri mmra ne so.
Mummubu nʼasan no ani;
monhɔre no siw sɛ awi akuwakuw.
Monsɛe no korakora
na munnyaw nkae biara mma no.
27Munkunkum nʼanatwinini nyinaa;
momfa wɔn nkɔ mma wonkokum wɔn!
Mmusu nka wɔn! Efisɛ wɔn da no adu,
bere a wɔde bɛtwe wɔn aso no.
28Muntie akobɔfo ne aguanfo a wofi Babilonia no
sɛ wɔreka wɔ Sion
sɛnea Awurade, yɛn Nyankopɔn atɔ were,
nʼasɔrefi ho aweretɔ.
29“Momfrɛ agyantowfo nkɔtoa Babilonia,
wɔn a wɔtow agyan nyinaa.
Muntwa ne ho nhyia;
mommma obiara nguan.
Muntua ne nneyɛe so ka;
monyɛ no sɛnea wayɛ.
Efisɛ wabu Awurade animtiaa,
Israel kronkronni no.
30Enti ne mmerante bɛtotɔ wɔ mmɔnten so;
wɔbɛtɔre nʼasraafo nyinaa ase saa da no,”
Awurade na ose.
31“Hwɛ, mikyi wo; ɔhantanni.”
Awurade, Asafo Awurade na ose,
“efisɛ wo da no adu
bere a wɔde bɛtwe wʼaso no.
32Ɔhantanni no behintiw na wahwe ase,
obiara remmoa no mma ɔnnsɔre;
mɛto ne nkurow mu gya
na ahyew wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa.”
33Sɛɛ na Asafo Awurade se:
“Wɔhyɛ Israelfo so,
na Yudafo nso saa ara.
Wɔn nnommumfafo no kura wɔn dennen
a wɔmpɛ sɛ wogyaa wɔn ma wɔkɔ.
34Nanso wɔn Gyefo yɛ ɔhoɔdenfo;
ne din ne Asafo Awurade.
Obedi wɔn asɛm ama wɔn anibere so,
sɛnea ɔde ahotɔ bɛba wɔn asase no so,
na wɔn a wɔte Babilonia no nea wahyɛ wɔn ahometew.
35“Afoa a etia Babiloniafo!”
Awurade na ose,
“etia wɔn a wɔte Babilonia
na etia nʼadwumayɛfo ne nʼanyansafo!
36Afoa a etia nʼatoro adiyifo!
Wɔbɛdan nkwaseafo.
Afoa a etia nʼakofo!
Ehu bɛhyɛ wɔn ma.
37Afoa a etia nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam
ne ananafo a wɔwɔ wɔn mu nyinaa!
Wɔbɛdan mmea.
Afoa a etia nʼademude!
Wɔbɛfom.
38Ɔyow wɔ nʼasu ahorow so!
Ɛbɛyoyow.
Efisɛ ɛyɛ ahoni asase,
ahoni a ehu bɛma wɔabobɔ adam.
39“Enti sare so mmoa ne mpataku bɛtena hɔ,
na ɛhɔ na patu bɛtena.
Obiara rentena so bio
efi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso.
40Sɛnea Onyankopɔn tuu Sodom ne Gomora
ne wɔn nkurow gui no,”
Awurade na ose,
“saa ara na obiara rentena hɔ;
onipa biara rentena mu.
41“Monhwɛ! Asraafo bi fi atifi fam reba;
ɔman kɛse ne ahemfo bebree,
wɔrehwanyan wɔn afi nsase ano.
42Wokurakura bɛmma ne mpeaw;
wɔn tirim yɛ den, na wonni ahummɔbɔ.
Wɔn nnyigyei te sɛ po a ɛworo so.
Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,
wɔba sɛ mmarima a wɔrekɔ sa
abɛtow ahyɛ wo so, Ɔbabea Babilonia.
43Babiloniahene ate wɔn ho nsɛm,
ne nsa sesa ne ho kwa.
Ahohiahia akyekyere no
ɔyaw a ɛte sɛ ɔbea a ɔrekyem wɔ awo so.
44Sɛnea gyata a ofi Yordan nkyɛkyerɛ mu
rekɔ adidibea frɔmfrɔm no,
saa ara na mɛtaa Babilonia fi nʼasase so wɔ bere tiaa bi mu.
Hena ne nea mayi no sɛ ɔnyɛ eyi?
Hena na ɔte sɛ me, na hena na obetumi ne me adi asi?
Na oguanhwɛfo bɛn na obetumi asɔre atia me?”
45Enti tie nea Awurade ahyehyɛ atia Babilonia,
nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia Babiloniafo asase ni:
Nguankuw no mu nkumaa no wɔbɛtwe wɔn akɔ;
wɔn nti ɔbɛsɛe adidibea no koraa.
46Babilonia nnommumfa nnyigyei bɛma asase awosow;
ne nteɛteɛmu gyegyeegye wɔ amanaman no mu.
511Sɛɛ na Awurade se:
“Monhwɛ, mɛkanyan ɔsɛefo bi honhom
atia Babilonia ne nnipa a wɔwɔ Leb Kamai.
2Mɛsoma ananafo akɔ Babilonia
sɛ wonkohuhuw ne so na wɔnsɛe nʼasase;
wobetia no wɔ afanan nyinaa
wɔ nʼamanehunu da no.
3Mma agyantowni pema nʼagyan,
mma ɔnhyɛ ne nkatabo.
Mma ne mmerante mfa wɔn ho nni;
sɛe nʼasraafo no pasaa.
4Wɔbɛhwehwe ase a wɔatotɔ wɔ Babilonia,
a wɔapirapira yiye wɔ ne mmɔnten so.
5Na Israel Nyankopɔn, Asafo Awurade no,
nnyaw Israel ne Yuda hɔ ɛ,
ɛwɔ mu, afɔdi ahyɛ wɔn asase no so ma
wɔ Israel Ɔkronkronni no anim.
6“Munguan mfi Babilonia!
Muntu mmirika mpere mo nkwa!
Mommma wɔnnsɛe mo esiane ne bɔne nti.
Awurade aweretɔbere aso;
ɔde nea ɛfata no betua no ka.
7Na Babilonia yɛ sikakɔkɔɔ kuruwa wɔ Awurade nsam;
ɔmaa asase nyinaa bow nsa.
Aman no nom ne nsa;
ɛno nti, afei wɔabobɔ adam.
8Babilonia bɛhwe ase abubu mpofirim.
Muntwa ne ho agyaadwo!
Mompɛ ne yaw no ano aduru;
ebia ne ho bɛtɔ no.
9“ ‘Anka yɛbɛsa Babilonia yare,
nanso wontumi nsa no yare;
momma yennyaw no hɔ na obiara nkɔ nʼankasa asase so,
efisɛ nʼatemmu du sorosoro;
ɛforo soro te sɛ omununkum.’
10“ ‘Awurade abu yɛn bem.
Mommra, momma yɛnka wɔ Sion,
nea Awurade, yɛn Nyankopɔn ayɛ.’
11“Monsew agyan no ano!
Momfa nkatabo no!
Awurade ahwanyan Mede ahemfo no,
efisɛ ne botae ne sɛ ɔbɛsɛe Babilonia.
Awurade bɛtɔ were,
ɔbɛtɔ were ama nʼasɔrefi no.
12Mompagyaw frankaa bi ntia Babilonia afasu!
Mummia bammɔ mu,
momma awɛmfo no nnyinagyina.
Munsiesie ahintawee!
Awurade bɛma nʼatirimpɔw aba mu,
nea wahyɛ atia Babilonia no.
13Mo a motete nsuwansuwa bebree ho
na nnwetɛbona abu mo so,
mo awiei aba,
bere a ɛsɛ sɛ wotwa mo kyene no.
14Asafo Awurade, aka ne ho ntam sɛ:
mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ tɛwtɛw,
na wɔabɔ ose wɔ wo so.
15“Ɔde ne tumi bɔɔ asase;
ɔtoo wiase fapem wɔ ne nyansa mu
na ɔde ne nhumu trɛw ɔsorosoro mu.
16Sɛ ɔbobɔ mu a, ɔsoro nsu woro so;
ɔma omununkum ma ne ho so fi nsase ano.
Ɔsoma anyinam ka osu ho
na ɔma mframa bɔ fi ne koradan mu.
17“Onipa biara nnim nyansa, na onni nimdeɛ;
sikadwumfo biara anim gu ase, esiane nʼahoni nti.
Ne nsɛsode yɛ atoro;
wonni ɔhome biara wɔ wɔn mu.
18Wɔn so nni mfaso, wɔn ho yɛ serew;
sɛ wɔn atemmu du so a, wɔbɛyera.
19Nea ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ eyinom,
efisɛ ɔno ne ade nyinaa Yɛfo
a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapade nso ka ho.
Asafo Awurade ne ne din.
20“Woyɛ me ko abaa,
mʼakode a mede kɔ sa
mede wo dwerɛw amanaman,
mede wo sɛe ahenni bebree,
21mede wo bobɔ ɔpɔnkɔ ne ne sotefo,
teaseɛnam ne ne kafo,
22mede wo dwerɛw ɔbarima ne ɔbea,
mede wo dwerɛw akwakoraa ne ɔbabun,
mede wo dwerɛw aberante ne ababaa,
23mede wo dwerɛw oguanhwɛfo ne nguankuw,
mede wo dwerɛw okuafo ne anantwi,
mede wo dwerɛw amradofo ne adwumayɛfo.
24“Metua Babilonia ne wɔn a wɔtete Babilonia ka wɔ mfomso a, wɔayɛ wɔ Sion nyinaa, wɔ wʼanim,” Awurade na ose.
25“Bepɔw sɛefo, me ne wo anya,
wo a wosɛe asase nyinaa no,”
Awurade na ose.
“Mɛteɛ me nsa wɔ wo so
mepia wo afi abotan no so,
na mayɛ wo sɛ bepɔw a ɛnka hwee.
26Wɔremfa ɔbo biara mfi wo so nyɛ tweatibo
anaasɛ fapem mpo,
efisɛ wobɛda mpan afebɔɔ,”
Awurade na ose.
27“Momma frankaa so wɔ asase no so!
Monhyɛn torobɛnto no wɔ amanaman no mu!
Munsiesie amanaman no mma wontu no so sa;
Momfrɛfrɛ saa ahenni ahorow yi mma wɔnko ntia no:
Ararat, Mini ne Askenas.
Munnyi ɔsahene ntia no;
momfa apɔnkɔ manyamanya te sɛ tɛwtɛw mmra.
28Munsiesie amanaman no mma wontu no so sa,
mo Mede ahemfo,
wɔn amradofo ne wɔn adwumayɛfo nyinaa,
ne aman a wodi so nyinaa.
29Asase no wosow, na onukunuku ne mu,
efisɛ Awurade atirimpɔw a etia Babilonia
sɛ ɔbɛsɛe Babilonia asase a
obiara rentumi ntena so no nsakraa ɛ.
30Babilonia dɔmmarima agyae ko
wɔhyehyɛ wɔn aban mu.
Wɔn ahoɔden asa;
wɔayɛ sɛ mmea.
Wɔatoto nʼatenae ahorow no mu gya,
na wɔabubu nʼapon akyi adaban.
31Abɔfo didi so
na asomafo didi so a
wɔrekɔbɔ Babiloniahene amanneɛ se,
wɔafa ne kuropɔn no,
32wɔagye asutwabea ahorow a ɛdeda asubɔnten no ano no afa,
na wɔde ogya ato ɔwora no mu,
na asraafo no abɔ huboa.”
33Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se:
“Babilonia Babea ayɛ sɛ, awiporowbea
wɔ bere a wɔretiatia hɔ.
Aka kakraa bi, na bere a ɛsɛ sɛ wotwa no sɛ nnɔbae no adu.”
34“Babiloniahene Nebukadnessar adwerɛw yɛn,
ɔde yɛn ato ɔhaw mu,
wayɛ yɛn sɛ ahina a hwee nni mu.
Wamene yɛn sɛ ɔwɔ no
na ɔde yɛn nneɛma a ɛyɛ dɛ ahyɛ ne yafunu ma,
na wapuw yɛn afi nʼanom agu.
35Ma ayakayakade a wɔde dii yɛn honam no mmra Babilonia so,”
nnipa a wɔtete Sion na wɔka.
“Ma yɛn mogya ngu wɔn a wɔtete Babilonia so,”
Yerusalem na ɔka.
36Enti sɛɛ na Awurade se:
“Hwɛ, medi mo asɛm ama mo
na matɔ were ama mo;
Mɛma po a ɛyɛ ne de no ayow
na mama ne nsubɔnten ayoyow.
37Babilonia bɛyɛ mmubui siw,
sakraman atu
ahodwiriwde ne fɛwdi,
baabi a obiara nte.
38Ne nkurɔfo nyinaa bobɔ mu sɛ gyata,
wɔbobɔ mu te sɛ gyatamma.
39Nanso bere a wɔahwanyan wɔn ho no,
mɛto pon ama wɔn
na mama wɔabobow nsa,
sɛnea wɔde nteɛteɛmu bedi ahurusi,
na wɔadeda a wɔrennyan bio,”
Awurade na ose.
40“Mede wɔn bɛba
te sɛ nguantenmma a wɔrekokum wɔn,
te sɛ adwennini ne mpapo.
41“Sɛnea wɔbɛfa Sesak,
wɔbɛfa asase nyinaa so ahohoahoa!
Babilonia bɛyɛ ahodwiriwde
wɔ amanaman no mu!
42Po bebunkam afa Babilonia so;
na nʼasorɔkye bɛkata ne so.
43Ne nkurow bɛda mpan,
nweatam a so awo,
asase a obiara nte so,
na obiara ntu kwan mfa so.
44Mɛtwe Bel aso wɔ Babilonia
na mama wapuw nea wamene agu.
Amanaman no rento santen nkɔ ne nkyɛn bio.
Na Babilonia fasu bebubu.
45“Me nkurɔfo, mumfi ne mu!
Muntu mmirika mpere mo nkwa!
Munguan mfi Awurade abufuwhyew ano.
46Mommma mo koma ntu na munnsuro
sɛ mote huhuhuhu wɔ asase no so a;
huhuhuhu ba afe yi na foforo ba afe a ɛbɛba,
basabasayɛ ho huhuhuhu wɔ asase no so
ɛfa ɔhene a ɔsɔre tia ɔfoforo ho.
47Na ampa ara bere no bɛba
a mɛtwe Babilonia ahoni aso;
nʼasase no nyinaa anim begu ase
na nʼatɔfo nyinaa bɛtotɔ ase wɔ ne so.
48Ɔsoro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa
de ahosɛpɛw bɛteɛ mu agu Babilonia so,
efisɛ ɔsɛefo befi atifi fam
abɛtow ahyɛ ne so,”
Awurade na ose.
49“Ɛsɛ sɛ Babilonia hwe ase, esiane Israel atɔfo nti
sɛnea atɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa ahwehwe ase
esiane Babilonia nti no.
50Mo a mo aguan afi afoa ano,
monkɔ, na monntwentwɛn mo nan ase!
Monkae Awurade wɔ akyirikyiri asase so,
na munnwen Yerusalem ho.”
51“Wɔagu yɛn anim ase,
efisɛ wayeyaw yɛn
na fɛre akata yɛn anim,
efisɛ ananafo ahyɛn
Awurade fi kronkronbea ahorow hɔ.”
52“Nanso nna bi reba,” Awurade na ose,
“a mɛtwe nʼahoni aso,
na nʼasase so nyinaa
apirafo besi apini.
53Sɛ Babilonia kɔka soro mpo,
na omiamia nʼaban tenten bammɔ mu a,
mɛsoma ɔsɛefo ne no abedi asi,”
Awurade na ose.
54“Osu nnyigyei bi fi Babilonia,
ɔsɛe kɛse bi nnyigyei
fi Babiloniafo asase so.
55Awurade bɛsɛe Babilonia;
ɔbɛma nʼasotuatua nnyigyei no agyae.
Atamfo a wɔte sɛ ahum betu sɛ nsu akɛse;
wɔn mmubomu bɛyɛ gyegyeegye.
56Ɔsɛefo bi bɛsɔre atia Babilonia;
wɔbɛfa ne dɔmmarima nnommum
na wobebubu wɔn tadua mu.
Efisɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ anan mu;
obetua so ka pɛpɛɛpɛ.
57Mɛma nʼadwumayɛfo ne nʼanyansafo abow nsa
nʼamradonom, ne mpanyimfo ne dɔmmarima nso saa ara;
wɔbɛdeda afebɔɔ a wɔrennyan,”
sɛɛ na ɔhempɔn a ne din ne Asafo Awurade, no se.
58Sɛɛ na Asafo Awurade, se:
“Wobedwiriw Babilonia afasu a ɛtrɛw no agu fam
na wɔbɛto nʼapon atenten no mu gya;
nnipa no haw wɔn ho kwa,
ɔman no adwumayɛ ma ogya no dɛw mmom.”
59Eyi ne asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Seraia a ɔyɛ adwumayɛfo panyin na ɔyɛ Maseia nena no, bere a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babilonia wɔ nʼadedi afe a ɛto so anan no mu. 60Na Yeremia akyerɛw amanehunu a ɛbɛba Babilonia so no nyinaa agu nhoma mmobɔwee so, nea wakyerɛw a ɛfa Babilonia ho nyinaa. 61Ɔka kyerɛɛ Seraia se, “Sɛ wudu Babilonia a, hwɛ sɛ wobɛkenkan saa nsɛm yi nyinaa sɛnea obiara bɛte. 62Afei ka se, ‘Awurade, woaka se wobɛsɛe beae yi sɛnea onipa anaa aboa biara rentumi ntena so; na ɛbɛda mpan afebɔɔ.’ 63Sɛ wokenkan nhoma mmobɔwee yi wie a, kyekyere fam ɔbo ho, na tow kyene Asubɔnten Eufrate mu. 64Afei ka se, ‘Sɛɛ na Babilonia ne ne nkurɔfo bɛmem a wɔrensɔre bio, esiane amanehunu a mede bɛba ne so no nti.’ ”
Yeremia nsɛm no awiei ni.
52Yerusalem Asehwe
1Sedekia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu baako. Odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ofi Libna no babea. 2Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea Yehoiakim yɛe no. 3Awurade abufuw nti na eyinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyiri no, oyii nʼani fii wɔn so.
Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene.
4Ɔsram Tebet (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) da a ɛto so dunum wɔ Sedekia ahenni mfe akron so no, ɔhene Nebukadnessar dii nʼakofo nyinaa anim, bɛko tiaa Yerusalem. Wotwaa kuropɔn no ho hyiae. Wɔbobɔɔ mpampim wɔ kuropɔn no afasu ho. 5Wotuaa kuropɔn no kosii Ɔhene Sedekia adedi afe a ɛto so dubaako no mu.
6Eduu ɔsram a ɛto so anan no da a ɛto so akron no, na ɔkɔm a asi kuropɔn no mu no ano ayɛ den a mu nnipa no nnya aduan nni. 7Na wɔpaee kuropɔn no fasu mu, na asraafo no nyinaa guanee. Wɔfaa ɔhene turo mu fii kuropɔn no mu anadwo, kɔfaa ɔpon a ɛwɔ afasu abien no ntam, de wɔn ani kyerɛɛ Araba. 8Nanso Babilonia asraafo no taa Ɔhene Sedekia kɔtoo no wɔ Yeriko tataw so. Na nʼasraafo no nyinaa afi ne ho abɔ ahwete, 9na wɔkyeree no.
Wɔfaa no dommum de no kɔmaa Babiloniahene wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na hɔ na obuu no atɛn. 10Ribla hɔ na Babiloniahene kunkum Sedekia mmabarima wɔ nʼanim na okum Yudafo adwumayɛfo nyinaa nso. 11Afei otutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafrae mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia, hɔ na ɔde no too afiase kosii ne wuda.
12Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da ɛto so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfe dunkron adedi mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin a ɔyɛ Babiloniahene mpanyimfo no mu baako no kɔɔ Yerusalem. 13Ɔde ogya too Awurade asɔredan, ahemfi ne afi a ɛwɔ Yerusalem nyinaa mu. Ɔhyew ofi biara a edi mu. 14Awɛmfo so panyin no hwɛ maa Babilonia asraafo no bubuu Yerusalem afasu no. 15Ɔsahene Nebusaradan a na otua awɛmfo no ano no faa wɔn a wodi hia no mu bi, wɔn a wɔkaa kuropɔn no mu, adwumfo a wɔaka ne wɔn a wɔkɔdɔm Babiloniahene no kɔɔ nnommum mu. 16Nanso Nebusaradan gyaa wɔn a wodi hia wɔ asase no so no nkae sɛ wɔnhwɛ bobe nturo ne mfuw no.
17Babiloniafo no bubuu kɔbere mfrafrae afadum, nnyinasode a wotumi moma so ne kɔbere mfrafrae Po a na ɛwɔ Awurade asɔredan mu, na wɔde kɔbere mfrafrae no nyinaa kɔɔ Babilonia. 18Afei wɔfaa nkuku, nsofi, kanea ntamabamma ntwitwaso, ɔpete nkuruwa, nsanka, mprɛte ne kɔbere mfrafrae nneɛma a wɔde yɛ ɔsom adwuma wɔ asɔredan mu no nso kɔe. 19Ɔhene awɛmfo sahene no faa nkankyee, nkankyee ntrantraa, ɔpete nkuruwa, nkuku, kaneannua, nsanka, mprɛte ne nkuruwa a wɔde di ɔnom afɔrebɔ ho dwuma no kɔe; wɔde sikakɔkɔɔ ankasa anaa dwetɛ na ɛyɛɛ eyinom nyinaa.
20Kɔbere mfrafrae a wɔde yɛɛ afadum abien no, Po no ne anantwinini dumien a ɛwɔ nʼase ne nnyinaso a wɔmema so, na wontumi nkari saa nneɛma a Ɔhene Salomo yɛɛ wɔ Awurade asɔredan mu yi mu duru. 21Na afadum no biara sorokɔ yɛ anammɔn aduonu ason na ne dantaban mu nso yɛ anammɔn dunwɔtwe. Emu da tokuru na ne hankare no mu piw yɛ nsateaa anan. 22Na kɔbere mfrafrae ntaaso a esi ɔfadum baako so no sorokɔ yɛ anammɔn ason ne fa a, wɔde kɔbere mfrafrae atoaa ahyehyɛ ho nyinaa ahyia. Afadum a aka no nso a wɔde kɔbere mfrafrae atoaa ahyehyɛ ho no te sɛ baako no. 23Na Kɔbere mfrafrae atoaa aba a ɛsensɛn ntaaso no ano no yɛ aduɔkron asia, na nea ɛkata ntaaso no ho yɛ ɔha.
24Awɛmfo no sahene no faa ɔsɔfopanyin Seraia, abediakyiri Sefania ne ɔponanoahwɛfo baasa no nnommum. 25Ɔfaa ɔpanyin a otua asraafo no ano, ne adehye afotufo baason fii nnipa a na wɔda so wɔ kuropɔn no mu no mu. Afei ɔfaa ɔkyerɛwfo a na ɔyɛ adwumayɛfo panyin ma wɔn a wɔfa nnipa ma wɔkɔyɛ asraafo wɔ asase no so, ne nʼadwumayɛfo no mu aduosia a ohuu wɔn wɔ kuropɔn no mu no. 26Ɔsahene Nebusaradan de wɔn nyinaa kɔɔ Babiloniahene anim wɔ Ribla. 27Ɔhene no ma wokunkum wɔn wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat.
Enti wotwaa Yuda asu fii nʼasase so.
28Nnipa dodow a Nebukadnessar de wɔn kɔɔ nkoasom mu ni:
nʼahenni afe a ɛto so ason mu,
Yudafo 3,023;
29Nebukadnessar ahenni afe a ɛto so dunwɔtwe mu,
nnipa a wofi Yerusalem, 832;
30nʼahenni afe a ɛto so aduonu abiɛsa mu,
ɔsahene Nebusaradan, a otua ɔhene awɛmfo ano no de Yudafo 745 kɔɔ nnommum mu.
Nnipa no nyinaa dodow yɛ 4,600.
Wogyaa Yehoiakyin
31Yudahene Yehoiakyin nnommumfa afe a ɛto so aduasa ason mu a Ewil-Merodak bɛyɛɛ Babiloniahene no, oyii Yudahene Yehoiakyin fii afiase wɔ ɔsram a ɛto so dumien no da a ɛto so aduonu anum. 32Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no dibea a ɛwɔ anuonyam sen ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no de. 33Enti Yehoiakin yii nʼafiase ntade guu nkyɛn, na efi saa da no odidii wɔ ɔhene didipon so bere biara, kosii ne wuda. 34Na Babiloniahene no san maa Yehoiakin sika bere ano bere ano, ma ɔde tuatua ne ho aka, kosii ne wuda.