Mose Nhoma A Edi Kan

Anaasɛ

Gyenesis

1

Adebɔ Mfiase

1Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. 2Na asase yɛ basaa a na ɛda mpan, na sum kata bun no ani, na Onyankopɔn Honhom butuw nsu no ani.

3Onyankopɔn hyɛe se, “Ɛnyɛ hann,” na ɛyɛɛ hann. 4Onyankopɔn huu sɛ hann no ye, na ɔtew hann no fii sum no ho. 5Onyankopɔn frɛɛ hann no se, “adekyee,” na sum no nso se, “adesae.” Ade sae na ade kyee, da a edi kan ne no.

6Onyankopɔn kae se, “Nkyemu mmra nsu no ntam, na ɛnkyekyɛ nsu no mu.” 7Enti Onyankopɔn yɛɛ nkyɛmu no, de kyekyɛɛ nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase fii nsu a ɛwɔ nkyɛmu no atifi no mu. Na ɛyɛɛ saa. 8Onyankopɔn too atifi nkyɛmu no din wim. Na ade sae, na ade kyee; eyi ne da a ɛto so abien.

9Na Onyankopɔn kae se, “Nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase no ano mmoa wɔ faako, na asase kesee nna ne ho adi.” Na ɛyɛɛ saa. 10Onyankopɔn too beae kesee ne din “asase.” Na nsu a ɛboaa ne ho ano no nso, ɔtoo no din “ɛpo.” Onyankopɔn hui sɛ eye.

11Afei Onyankopɔn kae se, “Afifide mfifi wɔ asase so; afifide a ɛsow aba, nnuaba ahorow a ɛsow aba ne nea nʼaba hyehyɛ mu nyinaa mfifi wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa. 12Afifide a ɛsow aba ne nnua fifii wɔ asase so na nʼaba no nyin yɛɛ nnua ne afifide sɛ ne sɛso. Onyankopɔn hui sɛ eye. 13Na ade sae, na ade kyee. Eyi ne da a ɛto so abiɛsa.

14Na Onyankopɔn kae se, “Hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu, na ɛmmɛpae adekyee ne adesae mu. Na ɛmmɛyɛ nnyinaso mma bere nkyekyɛmu, nna ne mfe, 15na ɛmma hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu, na ahyerɛn wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa. 16Onyankopɔn yɛɛ akanea akɛse abien a ɛyɛ owia ne ɔsram sɛ, owia no nni adekyee so na ɔsram no nni anadwo so. Ɔbɔɔ nsoromma nso. 17Onyankopɔn de akanea akɛse abien yi sii nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu sɛ ɛnhyerɛn wɔ asase so, 18na wonni adekyee ne adesae no so, na ɛntew hann no mfi sum no ho. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. 19Na ade sae, na ade kyee. Da a ɛto so anan ne no.

20Onyankopɔn kae se, “Abɔde a nkwa wɔ mu nhyɛ nsu no ma, na nnomaa ntu mfa asase ne nkyɛmu a ɛwɔ wim no so.” 21Enti Onyankopɔn bɔɔ po mu mmoa akɛse ne mmoa ahorow nyinaa a wɔwɔ nkwa na wɔkeka wɔn ho ne nnomaa ahorow nyinaa. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. 22Onyankopɔn hyiraa abɔde no nyinaa so, kae se, “Monwo na monyɛ bebree na monhyɛ po no mu nsu no ma, na nnomaa ase ntrɛw wɔ asase so.” 23Na ade sae, na ade kyee. Da a ɛto so anum ne no.

24Onyankopɔn kae se, “Abɔde a nkwa wɔ mu ahorow nyinaa ne wɔn sɛso, anantwi ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne mmoa ahorow a wɔyɛ keka a wɔwɔ asase so nyinaa mmra asase so.” Na ɛyɛɛ saa. 25Onyankopɔn bɔɔ mmoa ahorow, anantwi ahorow ne wɔn sɛso ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne wɔn sɛso. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.

26Onyankopɔn kae se, “Momma yɛmmɔ onipa sɛ yɛn sɛso, na onni po mu mpataa, wim nnomaa, anantwi ne mmoa a wɔyɛ keka ne biribiara a ɛwea nʼafuru so wɔ asase so no so.”

27Enti Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ ne sɛso;

Onyankopɔn sɛso so na ɔbɔɔ wɔn;

ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.

28Onyankopɔn hyiraa wɔn, ka kyerɛɛ wɔn se, “Monwo na monyɛ asase so ma, na munni biribiara so. Munni po mu mpataa ne wim nnomaa ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so no nyinaa so.”

29Afei Onyankopɔn kae se, “Mede asase so afifide a ɛsow aba nyinaa, afifide biara a aba hyɛ ne nnuaba mu wɔ asase yi so nyinaa hyɛ wo nsa. Ɛbɛyɛ wʼaduan. 30Mede nhabammono nyinaa ama aboa biara a ɔwɔ asase so, anomaa biara a ɔwɔ wim, biribiara a ɛwea nʼafuru so, biribiara a nkwa wɔ mu wɔ asase so sɛ wɔn aduan.” Na ɛyɛɛ saa.

31Onyankopɔn hwɛɛ nea wayɛ nyinaa huu sɛ ɛyɛ papa. Na ade sae, na ade kyee. Eyi ne da a ɛto so asia.

2

1Eyi ne ɔkwan a Onyankopɔn faa so bɔɔ ɔsoro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa.

2Eduu da a ɛto so ason no, na Onyankopɔn awie nnwuma a ofii ase yɛe no nyinaa. Enti da a ɛto so ason no, ogyee nʼahome. 3Enti Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no, na ɔtew ho, efisɛ saa da no na Onyankopɔn gyee nʼahome fii adebɔ nnwuma no nyinaa mu.

4Eyi ne ɔsoro ne asasebɔ ho asɛm. Bere a Awurade Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase no.

5Na afifide biara nni asase so, na wuram nnua biara nso nni hɔ. Efisɛ, na Awurade Nyankopɔn mmaa osu ntɔɔ wɔ asase so, na onipa nso nni asase so a ɔbɛyɛ so adwuma. 6Nanso nsuti puepue fifii asase mu bɛfɔw asase ani nyinaa. 7Awurade Nyankopɔn de asase no so dɔte nwen onipa, na ɔhomee nkwa home guu ne hwenem, maa onipa no bɛyɛɛ ɔteasefo.

8Afei Awurade Nyankopɔn yɛɛ turo wɔ Eden apuei fam, na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwen no no tenae. 9Awurade Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa fifi fii asase no mu; nnua a ɛyɛ fɛ na wodi. Na nkwa dua ne papa ne bɔnehu dua sisi turo no mfimfini.

10Na asu sen fii Eden bɛfɔw turo no mu afifide no; efi hɔ a, na saa asu no mu apaapae ayɛ nsubɔnten anan. 11Wɔtoo asu a apaapae no mu nea edi kan no din Pison. Na ɛkɔntɔn fa Hawila asase a sikakɔkɔɔ wɔ so no so nyinaa. 12Na saa asase no so sikakɔkɔɔ ye. Na ɛhyɛ a ɛyɛ huam ne apopobibiribo nso wɔ hɔ. 13Asubɔnten a ɛto so abien no din de Gihon. Na ɛno ara na ɛkɔntɔnkɔntɔn fa Kus2.13 Kus—Ɛyɛ Hebri asɛm a ɛkyerɛ ɔmantam te sɛ Sudan anaa Etiopia a ɛwowɔ Apam Dedaw mu no nyinaa. Asubɔnten a wɔbɔ din wɔ ha yi yɛ Nil. Ebinom nso ka se Kus wɔ Mesopotamia. asase ho nyinaa. 14Asu a ɛto so abiɛsa no, na wɔfrɛ no Tigris a ɛsen kɔ asase kɛse Asiria apuei fam no. Asu a ɛto so anan no nso, na wɔfrɛ no Eufrate.

15Awurade Nyankopɔn faa onipa no de no kɔtenaa Eden turo mu hɔ sɛ ɔnyɛ mu adwuma, na ɔnhwɛ so. 16Na Awurade Nyankopɔn bɔɔ onipa no kɔkɔ se, “Wowɔ ho kwan sɛ wudi dua biara so aba wɔ turo yi mu ha; 17nanso wunni ho kwan sɛ wudi papa ne bɔnehu dua no so aba. Da a wubedi no, nea ɛbɛyɛ biara no, wubewu.”

Onyankopɔn Bɔ Hawa

18Afei Awurade Nyankopɔn kae se, “Enye sɛ onipa nko tena; mɛbɔ ɔboafo a ɔfata no ama no.”

19Saa bere no na Awurade Nyankopɔn de mfutuma abɔ wuram mmoa ne wim nnomaa nyinaa. Enti, ɔde wɔn brɛɛ onipa sɛ ɔnhwehwɛ din ko a ɔde bɛtoto wɔn; na din a onipa de too abɔde a nkwa wɔ mu biara no, ɛno ara na ɛyɛɛ din a wɔde frɛɛ no. 20Enti onipa totoo nyɛmmoa, wim nnomaa ne wuram mmoa no nyinaa din.

Nanso onipa de, wannya ɔboafo a ɔfata. 21Enti Awurade Nyankopɔn maa onipa daa nnahɔɔ. Bere a onipa daa saa no, oyii ne mfe mu mparow baako, na ɔde honam taree baabi a oyii mparow hɔ no. 22Afei Awurade Nyankopɔn de mfe mu mparow baako a oyi fii onipa mu no bɔɔ ɔbea, de no maa onipa no.

23Na Adam kae se,

“Mʼankasa me dompe

ne me honam bi ni.

Wɔbɛfrɛ oyi ɔbea efisɛ

ɔbarima mu na woyii no fii.”

24Eyi nti na ɔbarima gyaw nʼagya ne ne na de ne ho kɔbɔ ne yere ho sɛnea wɔn baanu no bɛyɛ nnipa koro.

25Saa bere no, na ɔbarima ne ne yere nyinaa ho da hɔ, nanso na wɔmfɛre.

3

Bɔne A Adam Yɛe Ne Akyi Asɛm

1Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafo wɔ wuram mmoadoma a Awurade Nyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbea no nkyɛn kobisaa no se, “Enti ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Munnni turo yi mu aduaba biara?’ ”

2Ɔbea no buaa ɔwɔ se, “Yetumi di nnua a ɛwɔ turo yi mu no so aduaba biara, 3nanso Onyankopɔn kae se, ‘Ɛnsɛ sɛ yedi dua a esi turo no mfimfini no so aduaba, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nsa mpo ka, anyɛ saa a yebewu.’ ”

4Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Morenwuwu. 5Mmom, Onyankopɔn nim sɛ, da a mubedi no ara pɛ, mo ani bɛba mo ho so, ama moayɛ sɛ Onyankopɔn, na moahu papa ne bɔne.”

6Bere a ɔbea no huu sɛ dua a esi mfimfini no so aba no wodi a, ɛbɛyɛ yie, na ɛyɛ akɔnnɔ, na afei ɛtew ani no, ɔtew bi dii, de bi maa ne kunu a na ɔne no wɔ hɔ no, maa ɔno nso dii. 7Wodi wiee no, wɔn baanu ani baa wɔn ho so, na wohuu sɛ wɔn nyinaa da adagyaw. Enti wɔkekaa nhaban sisii anim, de kataa wɔn adagyaw so.

8Da no anwummere, wɔtee Awurade Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu; enti Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kosiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛnea Awurade Nyankopɔn renhu wɔn. 9Na Awurade Nyankopɔn frɛɛ Adam bisaa no se, “Mowɔ he?”

10Adam buae se, “Metee wo nka wɔ turo no mu hɔ, nanso na misuro, efisɛ na meda adagyaw nti mekɔtɛwee.”

11Na Onyankopɔn bisaa no se, “Hena na ɔka kyerɛɛ wo se na woda adagyaw? Woadi dua a meka kyerɛɛ wo se nni so aba no bi ana?”

12Adam kae se, “Yiw, nanso ɔbea no a wode no maa me sɛ me ne no ntena no na ɔde aduaba a ɔtew fii dua no so no brɛɛ me maa midii.”

13Enti Awurade Nyankopɔn bisaa ɔbea no se, “Dɛn na woayɛ yi?”

Ɔbea no buae se, “Ɔwɔ no na ɔdaadaa me ma midii.”

14Enti Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no se, “Esiane saa ade a woayɛ yi nti,

“Wɔadome wo wɔ mmoa

nyinaa ne nkekaboa mu.

Wobɛwea wʼafuru so,

na wo nkwanna

nyinaa woadi mfutuma.

15Mede ɔtan bɛto

wo ne ɔbea no

ne wʼasefo ne nʼasefo ntam.

Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti,

na wo nso woaka ne nantin.”

16Afei, Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no nso se,

“Wobɛte ɔyaw pa ara wɔ wʼawo mu;

ɔyaw mu na wobɛwo mma.

Eyi nyinaa akyi no,

wʼani begyina wo kunu na obedi wo so.”

17Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso se, “Esiane sɛ wutiee wo yere asɛm, na wudii dua a mehyɛɛ wo se, ‘nni so aba no’ nti,

“Madome asase,

na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wubedidi so

wo nkwanna nyinaa.

18Ebefifi nsɔe ne nkyɛkyerɛ

ama wo na woadi wuram nhaban.

19Wubesiam wʼanim fifiri

ansa na woanya aduan adi,

kosi sɛ wubewu akɔ dɔte mu,

efisɛ dɔte no mu na menwen wo fii;

woyɛ dɔte,

na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”

20Adam too ne yere no din Hawa, efisɛ ɔno na ɔbɛyɛ ateasefo nyinaa na.

21Awurade Nyankopɔn de aboa nhoma yɛɛ ntade maa Adam ne ne yere Hawa de kataa wɔn ho. 22Awurade Nyankopɔn kae se, “Afei, onipa no abɛyɛ sɛ yɛn ara a, wahu papa ne bɔne. Ɛnsɛ sɛ yɛma no kwan na ɔteɛ ne nsa kɔtew nkwa dua no so aba no bi di, na ɔtena ase afebɔɔ.” 23Enti Awurade Nyankopɔn pam no fii Eden turo no mu sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ asase a wɔnwenee no fii mu no so. 24Ɔpam onipa no, ɔde Kerubim ne afoa a ɛdɛw twaa ne ho fa baabiara no sii Eden turo no apuei fam sɛ ɛnwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no.

4

Kain Ne Habel Afɔrebɔ

1Adam de ne ho kaa ne yere Hawa ma onyinsɛn, woo abarimaa a wɔfrɛ no Kain. Na ɔkae se, Awurade adaworoma, mawo ɔbabarima. 2Akyiri no, ɔsan woo nʼakyi babarima too no din Habel.

Na Habel bɛyɛɛ oguanhwɛfo, na Kain nso bɛyɛɛ okuafo. 3Nna bi akyi no, Kain de nʼafum nnɔbae bi kɔbɔɔ Awurade afɔre. 4Habel nso de ne nyɛmmoa no mu mmakan a wɔadodɔ srade kɔbɔɔ Onyankopɔn afɔre. Awurade ani sɔɔ Habel afɔrebɔ no. 5Nanso Kain afɔrebɔ no de, nʼani ansɔ. Asɛm no anyɛ Kain dɛ, na ne bo fuwii.

6Awurade bisaa Kain se, “Adɛn nti na wo bo afuw? Adɛn nti na woamuna saa? 7Sɛ woyɛ ade pa a, anka wɔrennye wo nto mu ana? Sɛ wonyɛ ade pa de a, bɔne gyina wo pon ano, ɛrehwehwɛ wo ako atia wo, nanso ɛsɛ sɛ wudi no so.”

Kain Kum Habel

8Da bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel se, “Ma yɛnkɔ afum.” Bere a wɔwɔ afum hɔ no, Kain tow hyɛɛ ne nua Habel so, kum no.

9Awurade bisaa Kain se, “Wo nua Habel wɔ he?”

Kain buae se, “Minnim. Mɛyɛ dɛn ahu? Me na mehwɛ me nua so ana?”

10Awurade bisaa Kain se, “Dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su fi asase so frɛ me. 11Mprempren, wɔadome wo, apam wo afi asase a ebuee nʼano gyee wo nua mogya fii wo nsam no so. 12Sɛ woyɛ asase no so adwuma sɛ dɛn ara a, worennya nnɔbae biara mfi so. Wobɛyɛ ɔkobɔfo, akyinkyin asase so.”

13Kain kae se, “Awurade mʼasotwe boro me so. 14Nnɛ, woapam me afi asase so ne wʼanim. Mɛyɛ ɔkobɔfo akyinkyin asase so na obiara a obenya me no bekum me.”

15Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, “Ɛnte saa koraa! Obiara a obekum Kain no benya Kain asotwe no mpɛn ason.” Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyirae bi sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara a obehyia no no renkum no. 16Enti Kain guan fii Awurade anim, kɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apuei fam.

Anibue Mfiase

17Kain de ne ho kaa ne yere na onyinsɛn, woo ɔbabarima, too no din Henok. Saa bere no, Kain kyekyeree kurow bi de too ne ba Henok. 18Henok woo Irad. Irad woo Mehuyael. Mehuyael woo Metusael. Metusael woo Lamek.

19Lamek waree mmea baanu a wɔn din de Ada ne Sila. 20Ada woo Yabal a nʼasefo yɛ wɔn a wɔte ntamadan mu yɛn mmoa. 21Na Yabal nuabarima din de Yubal a nʼasefo yɛ mmɛnhyɛnfo ne sankubɔfo. 22Sila woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Tubal-Kain. Na ɔyɛ kɔbere atomfo ne nnade ahorow nyinaa atomfo agya. Na Tubal-Kain wɔ nuabea bi a ne din de Naama.

23Da bi, Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom Ada ne Sila se,

“Muntie me, me yerenom

makum aberante bi a,

ɔtow hyɛɛ me so, piraa me.

24Sɛ Kain so aweretɔ bɛyɛ mpɛn ason a,

ɛno de, me Lamek de, nea obekum me no, nʼasotwe bɛyɛ mpɛn aduɔson ason.”

25Akyiri no, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa. Na ɔwoo ɔbabarima bio. Na wɔtoo no din Set kae se, “Onyankopɔn ama me ɔba foforo asi Habel a Kain kum no no anan mu.” 26Set nso woo ɔbabarima na ɔtoo no din Enos.

Saa bere no mu na nnipa fitii ase bɔɔ Awurade din.

5

Adam Asefo

1Sɛnea Adam asefo nnidiso te ni.

Bere a Onyankopɔn nwen onipa no, ɔnwen no sɛ ɔno ara ne sɛso. 2Ɔbɔɔ ɔbea ne ɔbarima, na ohyiraa wɔn. Ɔbɔɔ wɔn wiee no, ɔtoo wɔn din onipa.

3Adam dii mfe ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima sɛ ɔno ara ne bɔbea ne ne sɛso. Ɔtoo ne din Set. 4Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfe ahanwɔtwe a ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. 5Sɛ wɔka Adam mfe nyinaa bɔ mu a, odii mfe ahankron aduasa, ansa na ɔrewu.

6Set dii mfe ɔha ne anum no, ɔwoo Enos. 7Set woo Enos akyi no, ɔtenaa ase, dii mfe ahanwɔtwe ne ason, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. 8Sɛ wɔka Set mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne dumien, ansa na ɔrewu.

9Enos dii mfe aduɔkron no, ɔwoo Kenan. 10Enos woo Kenan akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe ne dunum, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. 11Sɛ wɔka Enos mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne anum, ansa na ɔrewu.

12Kenan dii mfe aduɔson no, ɔwoo Mahalalel. 13Kenan woo Mahalalel akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe aduanan, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. 14Sɛ wɔka Kenan mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne du, ansa na ɔrewu.

15Mahalalel dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Yared. 16Mahalalel woo Yared akyi no, ɔtenaa ase, dii mfe ahanwɔtwe aduasa, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. 17Sɛ wɔka Mahalalel mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahanwɔtwe aduɔkron anum, ansa na ɔrewu.

18Yared dii mfe ɔha aduosia abien no, ɔwoo Henok. 19Yared woo Henok akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. 20Sɛ wɔka Yared mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron aduosia abien, ansa na ɔrewu.

21Henok dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Metusela. 22Henok woo Metusela akyi no, Henok de ne ho bataa Awurade ho mfe ahaasa, na ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. 23Sɛ wɔka Henok mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahaasa aduosia anum. 24Henok de ne ho bataa Onyankopɔn; afei, obi anhu no bio, efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe.

25Metusela dii mfe ɔha aduɔwɔtwe ason no, ɔwoo Lamek. 26Metusela woo Lamek akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanson aduɔwɔtwe abien, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. 27Sɛ wɔka Metusela mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron aduosia akron, ansa na ɔrewu.

28Lamek dii mfe ɔha ne aduɔwɔtwe abien no, ɔwoo ɔbabarima. 29Ɔtoo no din Noa, na ɔkae se, “Ɔno na ɔbɛma yɛanya ahomegye afi kuayɛ mu adwumaden wɔ asase a Awurade adome no so.” 30Lamek woo Noa akyi no, ɔtenaa ase mfe ahannum aduɔkron anum, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. 31Sɛ wɔka Lamek mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahanson aduɔson ason, ansa na ɔrewu.

32Noa dii mfe ahannum no, ɔwoo mmabarima baasa a wɔfrɛ wɔn Sem, Ham ne Yafet.

6

Nnipa Ne Bɔne

1Bere a nnipa dɔɔso wɔ asase so na wɔwoo mmabea no, 2Onyankopɔn mmabarima no huu sɛ nnipa mmabea no ho yɛ fɛ, nti nea obiara pɛ no no, ɔfaa no waree. 3Na Awurade kae se, “Me honhom rentena nnipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam; na wɔn nkwa nna bɛyɛ mfe ɔha aduonu.”

4Saa bere no, na nnipa abran wɔ asase no so. Bere a Onyankopɔn mmabarima yi kɔɔ nnipa mmabea yi ho no, wɔne wɔn wowoe. Saa nnipa yi ne kan tete nnipa atitiriw a wogyee din no.

5Awurade Nyankopɔn huu sɛ adesamma amumɔyɛ adɔɔso wɔ asase so, na nnipa nsusuwii nyinaa yɛ bɔne nko ara. 6Awurade Nyankopɔn nuu ne ho sɛ ɔbɔɔ wɔn bɛtenaa asase so. Saa bɔne no yɛɛ Awurade Nyankopɔn awerɛhow. 7Awurade kae se, “Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afi asase so; mmoa ne mmoa a wɔwea asase so ne wim nnomaa, efisɛ manu me ho sɛ mebɔɔ wɔn.” 8Nanso Noa de, onyaa adom Awurade anim.

9Noa awo ntoatoaso ni.

Na Noa yɛ onipa ɔtreneeni a ne ho nni asɛm wɔ ne bere sofo no mu. Ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde. 10Noa woo mmabarima baasa na wɔn din de Sem, Ham ne Yafet.

11Na bɔne ahyɛ asase so ma a, amumɔyɛsɛm adɔɔso. 12Onyankopɔn huu saa bɔne yi nyinaa wɔ asase so, huu awurukasɛm ne amumɔyɛsɛm wɔ mmaa nyinaa nso. 13Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa se, “Esiane sɛ nnipa ama basabasa aba asase so nti, mɛsɛe nnipa ne asase a wɔte so no nyinaa. 14Fa ɔwawa dua yɛ adaka. Yɛ adan wɔ Adaka no mu, na fa ama ka mu ne akyi nyinaa. 15Sɛɛ na ɛsɛ sɛ woyɛ no: ma ne tenten nyɛ anammɔn ahannan aduonum, ne trɛw anammɔn aduɔson anum, na ne sorokɔ nso nyɛ anammɔn aduanan anum. 16Bɔ adaka no so. Ma ne sorokɔ nyɛ bɛyɛ sɛ nsateaa dunwɔtwe. Fa ɔpon to adaka no nkyɛn, na yɛ nsɛmso abiɛsa; nea edi kan, nea ɛda ntam ne nea ɛwɔ soro. 17Tie! Mede nsuyiri rebɛkata asase so nyinaa, na mede asɛe abɔde a nkwa wɔ mu; biribiara a nkwa wɔ mu no, ne nyinaa bewuwu. 18Na wo de, me ne wo bɛyɛ apam; na wo, wo mmabarima, wo yere ne wo mmabarima yerenom nyinaa ne wo bɛba Adaka no mu. 19Ɛsɛ sɛ wode abɔde a nkwa wɔ mu nyinaa, abien abien a ɛyɛ onini ne ɔbere, a wo ne wɔn bɛtena adaka no mu nsuyiri bere no a wonnwuwu. 20Nnomaa ahorow biara abien, mmoa biara abien, ne abɔde biara a ɛwea asase so abien bɛba wo nkyɛn, na woahwɛ wɔn, na wɔanwuwu. 21Afei, fa nnuan ahorow a wodi na kora. Ɛno na ɛbɛyɛ wo ne wɔn nnuan a mubedi.”

22Noa yɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.

7

1Afei, Awurade ka kyerɛɛ Noa se, “Wo ne wo fifo nyinaa nkɔ Adaka no mu, efisɛ asase so nnipa nyinaa mu no, wo na mahu sɛ woyɛ ɔtreneeni. 2Fa mmoa a wɔn ho tew biara, anini ason ne abere ason ka wo ho. Na fa mmoa biara a wɔn ho ntew nso abien, onini ne ɔbere. 3Na fa nnomaa biara anini ason ne abere, sɛnea ɛbɛyɛ a nsuyiri no akyi no, wɔn ase bɛfɛe. 4Nnanson akyi no mɛma osu atɔ wɔ asase so awia ne anadwo adaduanan. Mɛpepa abɔde biara a nkwa wɔ mu a mabɔ afi asase so.”

5Noa dii nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa so.

6Bere a nsuyiri baa asase so no, na Noa adi mfe ahansia. 7Noa ne ne mmabarima ne ne yere ne ne nsenom mmea kɔhyɛɛ adaka no mu sɛnea ɛbɛyɛ a nsuyiri no renka wɔn. 8Mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, 9abien abien a wɔyɛ anini ne abere kɔkaa Noa ho wɔ adaka no mu, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ no. 10Na nnanson no akyi no, nsuyiri no fii ase.

11Noa dii mfe ahansia no mu no, ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunson no, nsuti a ɛwɔ asase mu no nyinaa bobɔe, na ɔsoro mfɛnsere nso buebuei. 12Osu tɔɔ wɔ asase so awia ne anadwo adaduanan.

13Saa da no ara, Noa ne ne mmabarima Sem, Ham ne Yafet ne ne yere ne ne mmabarima baasa no yerenom kɔhyɛɛ adaka no mu. 14Na wuram mmoa ahorow ne nyɛmmoa ahorow ne aboa biara a ɔnam asase so ne anomaa biara ne abɔde biara a ɛwɔ ntaban ka wɔn ho wɔ Adaka no mu. 15Abɔde biara a nkwa wɔ wɔn mu abien abien baa Noa nkyɛn bewuraa Adaka no mu. 16Mmoa a wowuraa mu no nyinaa, na wɔyɛ anini ne abere, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa no. Afei, Awurade kaa Noa hyɛɛ adaka no mu, too no mu.

17Nsuyiri no toaa so adaduanan wɔ asase so. Ɛmaa Adaka no so maa ɛtɛn nsu no ani. 18Nsu no kɔɔ so yirii tɛnn wɔ asase so, maa Adaka no tɛn nsu no ani. 19Nsu no yirii tɛnn wɔ asase so ara kosii sɛ ɛkataa mmepɔw atenten akɛse a ɛwɔ asase so nyinaa so. 20Nsu no yirii ara kosii sɛ ɛkataa mmepɔw no so boroo so anammɔn aduonu. 21Abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛnam asase so te sɛ nnomaa, wuram mmoa a wɔwea asase so ne adesamma ase hyewee. 22Biribiara a ɛte asase ani no nso ase hyewee. 23Wɔpepaa biribiara a nkwa wɔ mu a ɛte asase so no. Nnipa ne mmoa ne abɔde a wɔnam asase so ne wim nnomaa nyinaa nso wɔpepaa wɔn fii asase so. Ɛkaa Noa ne wɔn a na wɔka ne ho wɔ adaka no mu no nko ara.

24Nsuyiri no toaa so wɔ asase so nnafua ɔha aduonum.

8

1Nanso Onyankopɔn kaee Noa ne wuram mmoa a na wɔne no wɔ Adaka no mu no, na ɔmaa mframa bɔ faa asase so, na nsu no twee. 2Asuti a ɛwowɔ asase ase no mu nsu a ɛbobɔe no gyaee ba, na ɔsoro mfɛnsere no nso mu toto maa osu no gyaee tɔ. 3Nsu no toaa so twe fii asase so. Nnafua ɔha ne aduonum akyi no, na nsu no atwe koraa. 4Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunson so, Adaka no kɔtaa Ararat mmepɔw so. 5Nsu no toaa so, twee ara kosii ɔsram a ɛto so du no so. Na ɔsram no da a edi kan no, mmepɔw no atifi daa adi.

6Adaduanan akyi no, Noa buee mfɛnsere a otwa too Adaka no ho no, 7na ɔsomaa kwaakwaadabi ma odii akɔneaba kosii sɛ nsu no nyinaa yow fii asase no so. 8Afei, ɔsomaa aborɔnoma sɛ ɔnkɔhwɛ sɛ asase no so awo ana. 9Nanso aborɔnoma no annya baabi ansi, efisɛ na nsu no akata asase no so nyinaa. Enti ɔsan baa Noa nkyɛn ma Noa teɛɛ ne nsa soo ne mu de no baa Adaka no mu. 10Noa twɛn nnanson, na ɛno akyi no, ɔsan somaa aborɔnoma no bio. 11Bere a aborɔnoma no san baa ne nkyɛn anwummere no, na ngodua ahabammono a watew tua nʼano. Ɛno na ɛmaa Noa huu sɛ nsu no atwe afi asase no so. 12Noa twɛn nnanson bio, na ɔsan somaa aborɔnoma no, nanso wansan amma ne nkyɛn bio.

13Na ɛbaa sɛ Noa dii mfe ahansia ne baako, ɔsram a edi kan no mu da a edi kan no, na nsu no atwe afi asase no so. Enti Noa yii Adaka no suhyɛ no, na ohuu sɛ asase so awo. 14Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu ason so no na asase no so woo koraa.

15Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa se, 16“Wo ne wo yere ne wo mmabarima ne wɔn yerenom mfi Adaka no mu mpue. 17Yi abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ wo nkyɛn, a ɛyɛ nnomaa, mmoa ne mmoa a wɔnam asase so nyinaa fi Adaka no mu sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn ase bɛdɔ wɔ asase so.”

18Enti Noa ne ne mmabarima ne ne yere ne ne mmabarima yerenom fii Adaka no mu. 19Mmoa no nyinaa ne abɔde a wɔnam asase so nyinaa ne nnomaa nyinaa ne biribiara a ɛnam asase so nyinaa fii Adaka no mu saa ara mmaako mmaako.

Onyankopɔn Bɔ A Ɔhyɛɛ Noa

20Na Noa sii afɔremuka maa Awurade. Ɔfaa mmoa ne nnomaa a wɔn ho tew, de bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so. 21Awurade tee afɔre a Noa bɔe no huam no, ɔkaa wɔ ne koma mu se, “Ɛwɔ mu sɛ bɔne ahyɛ onipa koma ma fi ne mmofraase de, nanso merenni onipa akyi nnome asase bio. Na merensɛe abɔde a nkwa wɔ mu bio sɛnea mayɛ yi.

22“Mmere dodow a asase da so wɔ hɔ yi,

ogu ne otwa,

awɔw ne ahuhuru,

asusow ne ɔpɛ,

awia ne anadwo

to rentwa da.”

9

Apam A Onyankopɔn Ne Noa Yɛe

1Afei, Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mmabarima no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monwo, na monyɛ bebree nhyɛ asase so ma. 2Mo ho hu ne mo ho suro bɛtɔ mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa ne wim nnomaa nyinaa ne abɔde a wɔwɔ asase so ne nsu mu mpataa nyinaa so. Wɔn nyinaa hyɛ mo nsa. 3Biribiara a nkwa wɔ mu, na ɛkeka ne ho no bɛyɛ mo aduan. Sɛnea mede nhabammono hyɛɛ mo nsa no, afei de, mede biribiara ma mo.

4“Nanso ɛnsɛ sɛ mowe aboa a wontwaa ne mene mmaa ne mogya no ngui no nam. 5Na wo nkwa de, nea ɛbɛyɛ biara, mebisa ho akontaabu. Onipa a okum ne yɔnko nipa no, mebisa no ho asɛm. Mpo, aboa biara a obekum onipa no, mewɔ saa aboa no nso asɛmmisa. Mebisa onipa kra ho asɛm.

6“Obiara a ohwie onipa mogya gu no,

onipa so na wɔnam behwie ɔno nso mogya agu,

efisɛ Onyankopɔn no ara sɛso na ɔbɔɔ onipa.

7Mo de, monwo, na monyɛ bebree. Mo ase mfɛe wɔ asase so, na monnɔɔso.”

8Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mmabarima a wɔka ne ho no se, 9“Nnɛ, me ne mo ne mo asefo a wɔbɛwo wɔn no 10ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a na wɔwɔ mo nkyɛn wɔ Adaka no mu yɛ apam: nnomaa, nyɛmmoa ne wuram mmoa a wɔne mo fi Adaka no mu bae no nyinaa, ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ asase so. 11Me ne mo yɛ mʼapam sɛ: Meremfa nsuyiri nsɛe abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so. Saa ara nso na meremfa nsuyiri nsɛe asase bio da.”

12Na Onyankopɔn kae se, “Eyi ne apam a me, Onyankopɔn, ne mo ne abɔde a nkwa wɔ mu biara a wɔka mo ho no ne nkyirimma nyinaa reyɛ no ho nsɛnkyerɛnne. 13Mato me nyankontɔn wɔ omununkum mu. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛbɛda me ne asase ntam. 14Bere biara a mede omununkum bɛba asase ani, na sɛ nyankontɔn pue wɔ omununkum no mu a, 15mɛkae mʼapam a ɛda me ne mo ne abɔde a nkwa wɔ mu ahorow no nyinaa ntam. Nsuyiri a ɛbɛsɛe abɔde a nkwa wɔ mu no nyinaa remma da biara da bio. 16Bere biara a nyankontɔn bɛto wɔ omununkum mu no, mehu na makae apam a ɛwɔ hɔ daa a ɛda me, Onyankopɔn, ne abɔde a nkwa wɔ mu ahorow nyinaa a wɔwɔ asase yi so no ntam no.”

17Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa se, “Eyi ne apam a me ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ asase yi so ayɛ no ho nsɛnkyerɛnne.”

Noa Mmabarima

18Eyinom ne Noa mmabarima a wofi Adaka no mu bae: Sem, Ham ne Yafet. Ham na ɔwoo Kanaan. 19Eyinom ne Noa mmabarima. Wɔn mu na nnipa a wɔahwete wɔ asase so nyinaa fi bae.

20Noa yɛ okuafo a odii kan. Ɔyɛɛ bobeturo. 21Da bi, ɔnom bobesa no bi bow ma ɔdaa ne ntamadan mu adagyaw. 22Ham a ɔwoo Kanaan no kɔtoo nʼagya Noa sɛ ɔda adagyaw. Ofii hɔ no, ɔkɔbɔɔ ne nuabarimanom baanu no amanneɛ. 23Enti Sem ne Yafet faa atade de guu wɔn mmati so, kɔɔ nkyirinkyiri de kɔkataa wɔn agya adagyaw so. Na wɔn ani nkyerɛ wɔn agya nti, wɔanhu nʼadagyaw mu.

24Bere a Noa ani so tetew no, na ohuu sɛnea ne kaakyiri no ayɛ no, 25ɔkae se,

“Nnome nka Ham asefo a wɔyɛ Kanaanfo.

Wɔbɛyɛ wɔn nuanom

mu nkoa mu nkoa.”

26Noa kaa bio se,

“Me nhyira a efi Awurade, me Nyankopɔn, nkyɛn no nka Sem!

Kanaan nyɛ Sem akoa.

27Onyankopɔn ntrɛw Yafet ase ne nʼasase mu.

Yafet ntena Sem ntamadan mu,

na Kanaan nyɛ nʼakoa.”

28Nsuyiri no akyi no, Noa tenaa ase mfe ahaasa ne aduonum. 29Noa dii mfe ahankron ne aduonum, ansa na ɔrewu.

10

Noa Awo Ntoatoaso

1Eyinom ne Noa mmabarima: Wɔne Sem, Ham ne Yafet asefo. Wɔwowoo mmabarima nsuyiri no akyi.

Yafet Asefo

2Yafet asefo ni:

Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

3Gomer asefo ni:

Askenas, Rifat ne Togarma.

4Yawan asefo ni:

Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim. 5Na wɔn asefo bɛyɛɛ po so adwumayɛfo wɔ nsase ahorow so a na abusuakuw biara ka ne kasa nko.

Ham Asefo

6Ham asefo ni:

Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

7Kus10.7 Kus aman ahorow ason no nyinaa wɔ Arabia. asefo ni:

Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka.

Na Raama asefo nso ne:

Saba ne Dedan.

8Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofo kɛse wɔ asase so. 9Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo kɛse a Awurade ahyira no, na wɔbɔ ne din ka asɛm. Na obiara a ɔyɛ akokodurusɛm no, wɔde no toto Nimrod a na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo kɛse a Awurade ahyira no no ho. 10Nʼahenni fii ase wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a ne nyinaa wɔ Sinear10.10 Sinear kyerɛ tete Babilonia. asase so. 11Ofii saa asase no so trɛw nʼahenni mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne 12Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kurow kɛse wɔ saa ahemman no mu.

13Na Misraim woo

Ludfo, Anamfo, Lehabfo, Naftuhfo, 14Patrusfo, Kasluhfo ne Kaftorfo a wɔn ase na Filistifo10.14 Filistifo ase fi India Aborɔfo mu. Wotu fii Kraftor (Yer 47.4; Amos 9.7). Mfe ɔha ne dumien mu ansa na wɔrebɛwo Kristo no (AWK) na wodii Misraim so. Wɔpam wɔn fii Misraim no, wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Kanaan mpoano. fi.

15Na Kanaan woo nʼabakan

Sidon ne Het. 16Yebusifo, Amorifo, Girgasifo, 17Hewifo, Arkifo, Sinifo, 18Arwadfo, Semarifo ne Hematifo.

Akyiri no, Kanaanfo mmusua no petee. 19Kanaan nsase ahye trɛw fii Sidon koduu Gerar de kosii Gasa koduu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kosi Lasa.

20Eyinom ne Ham asefo a wɔn mmusuakuw, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi.

Sem Asefo

21Sem a na ne nua panyin ne Yafet no nso woo mmabarima. Sem nananom ne Eber mma.

22Sem asefo ni:

Elam, Asur,10.22 Asur yɛ Asiria tete din. Arfaksad, Lud ne Aram.

23Aram asefo ni:

Us, Hul, Geter ne Mas.

24Na Arfaksad woo Sela,

na Sela woo Eber.

25Eber woo mmabarima baanu.

Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.

26Yoktan woo

Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera, 27Hadoram, Usal, Dikla, 28Obal, Abimael, Seba, 29Ofir, Hawila ne Yobab.

30Asase a wɔte so no trɛw fi Mesa kosi Sefar, ɔmantam a ɛda bepɔw so wɔ apuei fam no.

31Eyinom ne Sem mmabarima, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman te no.

32Eyinom ne Noa mmabarima mmusua, sɛnea wɔn awo ntoatoaso te wɔ wɔn amanaman mu. Na efi eyinom mu na nsuyiri no akyi no amanaman petee asase so.

11

Babel Abantenten

1Bere bi, na nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ka kasa koro. 2Saa nnipa yi tu baa apuei fam no, wɔbɛtoo asase tamaa wɔ Babilonia asase so, na wɔtenaa hɔ.

3Wosisee wɔn ho wɔn ho se, “Momma yentwa ntayaa na yɛnto mma ɛmmen yiye.” Na wɔde ntayaa ne ama na esi adan. 4Na wɔkae bio se, “Momma yɛnkyekye kurow kɛse, na yensi abantenten a ne sorɔnsorɔmmea du ɔsorosoro wɔ kurow no mu, na yennye din, na yɛanhwete wɔ asase so.”

5Awurade sian fii ɔsoro baa fam, behuu kurow kɛse a wɔrekyekyere no ne abantenten a wɔresi no. 6Awurade kae se, “Sɛ nnipa koro a wɔka kasa baako afi ase redi saa dwuma yi a, ɛno de biribiara a wɔbɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no renyɛ wɔn den. 7Mommra na yɛnkɔ asase so, na yɛnkɔtoto wɔn kasa, na obiara nnya ne kasa, sɛnea obiara nte ne yɔnko kasa.”

8Ɛnam eyi so maa Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu ma wɔpetee asase so nyinaa, maa wogyaee kurow kɛse no kyekyere. 9Ɛno nti na wɔfrɛɛ kurow kɛse no Babel,11.9 Din Babel no kyerɛ basabasa wɔ Hebri kasa mu. efisɛ, ɛhɔ na Awurade totoo kasa baako a na wɔka wɔ wiase nyinaa saa bere no, maa wɔn kasa ahorow. Efi hɔ na Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu ma wɔpetee asase so nyinaa.

Sem Awo Ntoatoaso

10Eyi ne Sem asefo ho asɛm.

Nsuyiri no akyi, mfe abien no a na Sem adi mfe ɔha no, ɔwoo Arfaksad. 11Sem woo Arfaksad akyi no ɔtenaa ase mfe ahannum, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.

12Arfaksad nso dii mfe aduasa anum no, ɔwoo Sela. 13Arfaksad woo Sela akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne abiɛsa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.

14Sela dii mfe aduasa no, ɔwoo Eber. 15Sela woo Eber akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne abiɛsa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.

16Eber dii mfe aduasa anan no, ɔwoo Peleg. 17Eber woo Peleg akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne aduasa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.

18Peleg dii mfe aduasa no, ɔwoo Reu. 19Peleg woo Reu akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu ne akron, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.

20Reu dii mfe aduasa abien no, ɔwoo Serug. 21Reu woo Serug akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu ne ason, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.

22Serug dii mfe aduasa no, ɔwoo Nahor. 23Serug woo Nahor akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.

24Nahor dii mfe aduonu akron no, ɔwoo Tera. 25Nahor woo Tera akyi no ɔtenaa ase mfe ɔha ne dunkron, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.

26Tera dii mfe aduɔson no, ɔwoo Abram, Nahor ne Haran.

Tera Asefo

27Eyi ne Tera asefo ho asɛm.

Tera woo Abram, Nahor ne Haran. Na Haran woo Lot. 28Bere a Haran agya Tera te ase no, Haran wuu wɔ faako a wɔwoo no a wɔfrɛ hɔ Ur, a ɛwɔ Kaldea asase so no. 29Abram ne Nahor warewaree. Na Abram yere din de Sarai, na Nahor nso yere din de Milka a na ɔyɛ Haran babea. Saa Haran yi na ɔwoo Milka ne Iska. 30Na Sarai yɛ obonin; na onni ba.

31Tera faa ne babarima Abram ne ne nena Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼasebea Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa sii mu fii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na woduu Haran no, wɔtenaa hɔ.

32Tera dii mfe ahannu ne anum, na owui wɔ Haran.

12

Onyankopɔn Frɛ Abraham

1Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Fi wʼabusuafo nkyɛn ne wʼasase so kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.

2“Mɛma wo ayɛ ɔman kɛse,

na mehyira wo.

Mɛma wo din atrɛw,

na woayɛ nhyira ama nnipa bebree.

3Mehyira wɔn a wohyira wo,

na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no.

Ɛnam wo so na wobehyira

nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”

4Enti Abram kɔe, sɛnea Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Lot ne no kɔe. Bere a Abram refi Haran asase so akɔ no, na wadi mfe aduɔson anum. 5Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapade ne nʼasomfo a onyaa wɔn wɔ Haran nyinaa, sii mu kɔɔ Kanaan asase so.

6Wɔfaa asase no so ara kosii baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem, koduu odum dua bi a esi baabi a wɔfrɛ hɔ More. Ɛhɔ na wosii wɔn ntamadan. Saa bere no, na Kanaanfo na wɔte asase no so. 7Afei, Awurade Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Abram ka kyerɛɛ no se, “Mede saa asase yi bɛma wʼaseni.” Enti Abram sii afɔremuka wɔ hɔ, de kaee Awurade Nyankopɔn a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no no.

8Akyiri no, Abram fii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔw bi a ɛwɔ apuei fam, sii ne ntamadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔe fam, na Ai nso da apuei fam. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa Awurade Nyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ.

9Na Abram fii hɔ toaa so de nʼani kyerɛɛ Negeb.

Abram Ne Sarai Kɔ Misraim

10Saa bere no, ɔkɔm kɛse bi sii asase a na Abram te so no so. Enti otu kɔtenaa Misraim12.10 Asuten a ɛdeda Misraim no nti, ɔpɛ dennen no anka no. asase so kakra, efisɛ ɔkɔm a ɛbaa asase no so no, na ano yɛ den yiye. 11Ɔreyɛ adu Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai se, “Minim sɛ woyɛ ɔbea a wo ho yɛ fɛ yiye. 12Sɛ Misraimfo no hu wo a, wɔbɛka se, ‘Ne yere ni. Momma yenkum no, na yɛmfa no.’ 13Na sɛ woka sɛ woyɛ me nuabea a, Misraimfo no bɛhwɛ me yiye, efisɛ wɔn ani wɔ wo ho nti wɔrenkum me.”

14Bere a woduu Misraim asase so no, Misraimfo no huu sɛ ɔbea no ho yɛ fɛ yiye. 15Na ɔhene Farao mpanyimfo huu no no, wɔkamfoo nʼahoɔfɛ, kɔbɔɔ no amanneɛ. Enti ɔhene Farao soma ma wɔkɔfaa ɔbea no baa nʼahemfi hɔ. 16Esiane ɔbea no ahoɔfɛ nti, ɔhene Farao hwɛɛ Abram yiye, maa no nguan, anantwi, afurumnini ne afurumbere, nkoa, mfenaa ne yoma.

17Na esiane Abram yere Sarai te a na ɔte Farao ahemfi hɔ no nti, Awurade Nyankopɔn maa ɔyaredɔm baa Farao ne ne fifo so. 18Eyi nti, Farao frɛɛ Abram bisaa no se, “Dɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔbea no yɛ wo yere? 19Adɛn nti na wokae se, ‘Ɔyɛ me nuabea’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛte de a, gye wo yere. Wo yere ni! Fa wʼade kɔ!” 20Na Farao hyɛɛ asraafo sɛ wonkogya Abram ne ne yere kwan a wɔn fifo ne wɔn agyapade nyinaa ka ho.

13

Abram Ne Lot Di Ntetewmu

1Abram tu fii Misraim. Ɔno, ne yere, Lot, nʼagyapade ne ne fifo nyinaa baa Negeb. 2Saa bere no na Abram anya ne ho a ɔwɔ nyɛmmoa, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ pii.

3Ofii Negeb hɔ no, odii atutena ara koduu Bet-El, faako a odii kan sii ne ntamadan a ɛwɔ Bet-El ne Ai ntam no. 4Ɛhɔ na kan no osii nʼafɔremuka. Ɛhɔ nso na ɔkɔɔ so som Awurade.

5Na Lot a ɔne Abram nam no nso yɛ ɔdefo a ɔwɔ nguan, anantwi ne asomfo bebree. 6Esiane sɛ saa bere no na Abram ne Lot nyinaa anya wɔn ho, na wɔwɔ nguan, anantwi ne asomfo pii nti, na wɔnsen asase no so. 7Na akasakasa taa baa Abram mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo no ntam. Saa bere no na Kanaanfo ne Perisifo nso tete asase no so.

8Enti Abram ka kyerɛɛ Lot se, “Mesrɛ wo, mma akasakasa mma me ne wo anaa me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, efisɛ yɛyɛ anuanom. 9Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda wʼanim yi? Ma yenni mpaapaemu. Sɛ wokɔ benkum a, mɛkɔ nifa, na sɛ wokɔ nifa nso a, mɛkɔ benkum.”

10Lot hwɛɛ ne ho hyiae, huu sɛ asase a ɛda Yordan ho no yɛ asasebere. Na nsu wɔ mu baabiara te sɛ Eden turo mu anaasɛ Misraim asase a ɛda Soar fam hɔ no ara pɛ. Saa bere no, na Awurade nnya nsɛee Sodom ne Gomora ɛ. 11Na Lot de nʼani kyerɛɛ apuei fam, faa asase a ɛda Yordan ho no. Eyi ne ɔkwan a Abram ne Lot faa so dii ntetewmu no. 12Abram tenaa Kanaan asase so. Na Lot nso dii atutena wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ nsase tamaa no so, na okosii ne ntamadan wɔ baabi a ɛbɛn Sodom. 13Na nnipa a wɔwɔ Sodom kurow no mu no yɛ amumɔyɛfo a daa wɔyɛ bɔne akɛseakɛse de tia Awurade.

14Lot tew ne ho fii Abram ho akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Afei, ma wʼani so hwɛ atifi fam, anafo fam, apuei fam ne atɔe fam. 15Mede asasetam a wʼani tua yi nyinaa bɛma wo ne wʼasefo afebɔɔ. 16Mɛma wʼasefo adɔɔso sɛ asase so mfutuma a obiara ntumi nkan. 17Sɔre, kɔ na kɔhwehwɛ asase no so nyinaa, efisɛ mede rema wo.”

18Enti Abram tutuu ne ntamadan bɛtenaa odum kwae bi a ɛyɛ Mamrɛ de wɔ Hebron no. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa Awurade.

14

Abram Gye Lot

1Na ɛbaa sɛ Babiloniahene Amrafel, Elasarhene Ariok, Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal bere so, 2na saa ahemfo yi ne Sodomhene Birsa, Gomorahene Birsa, Admahene Sinab, Seboimhene Semeber ne Belahene a na wɔfrɛ no Soar no dii ako. 3Saa ahemfo yi a wɔyɛ Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene boaboaa wɔn asraafo ano wɔ Sidim subon a ɛno ne Nkyene Po no mu. 4Wɔsom Kedorlaomer mfe dumien, na afe a ɛto so dumiɛnsa mu no, wɔtew atua.

5Afe akyi no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔbɛkaa ne ho no tuu ɔsa. Na wɔko dii saa nnipa yi so nkonim: Refaimfo,14.5 Refaimfo nkyerɛase ne “nnipa abran.” a wɔwɔ Asterot-Karnaim ne Susifo a wɔwɔ Ham ne Emifo a wɔwɔ Kiriataim 6ne Horifo a wɔwɔ bepɔw Seir so de kosi El-Paran a ɛda sare ano no. 7Afei, wɔsan wɔn akyi baa En-Mispat a akyiri no, wɔfrɛɛ no Kades bekunkum Amalekfo ne Amorifo nso a na wɔte Hasason-Tamar, sɛee wɔn man no nyinaa.

8Afei, saa ahemfo baanum yi a wɔne Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene a wɔfrɛ no Soar no kɔɔ 9saa ahemfo baanan yi a wɔne Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal, Sinearhene Amrafel ne Elasarhene Ariok nkyɛn. Wokohyiaa wɔ Sidim subon mu. 10Na nkomoa pii wɔ Sidim Bon no mu a wɔatu ama wɔ hɔ pɛn. Enti ɛbaa sɛ Sodomhene ne Gomorahene asraafo no reguan no, wɔn mu bi kɔtotɔɔ nkomoa no mu, na nkae no nso guan kɔɔ mmepɔw a na ɛwɔ hɔ no so. 11Ahemfo baanan a wodii nkonim no fom Sodom ne Gomorafo ahode ne wɔn nnuan nyinaa de kɔe. 12Esiane sɛ na Abram nuabarima ba Lot te Sodom asase so no nti, nkonimdifo no faa ɔno ne nʼagyapade nyinaa kɔe.

13Na Sodom ne Gomora aguanfo no mu baako bɛbɔɔ Hebrini Abram ɔko no mu amanneɛ. Saa bere no, na Abram abɔ ne ho atenase wɔ odum kwae bi a ɛyɛ Amorini Mamrɛ de no ase. Mamrɛ yi nso, na ne nuanom ne Eskol ne Aner a na wɔyɛ Abram aboafo no. 14Bere a Abram tee sɛ wɔafa ne busuani Lot dommum no, ɔboaboaa ne fifo nnipa ahaasa ne dunwɔtwe a wɔatetew wɔn sɛ akofo ano, maa wotiw atamfo no, kosii kurow bi a wɔfrɛ no Dan mu. 15Da no anadwo, Abram kyekyɛɛ nʼakofo no mu ma wɔtow hyɛɛ atamfo no so, kunkum wɔn, taa wɔn koduu kurow bi a wɔfrɛ no Hoba a ɛwɔ Damasko atifi fam no mu. 16Abram gyee ɔko mu nneɛma a wɔfaa no nyinaa faa ne busuani Lot ne nʼagyapade ne mmea ne nnipa foforo a wɔkyekyeree wɔn no nyinaa san bae.

17Abram kodii Kedorlaomer ne ahemfo a na wɔka ne ho no so nkonim akyi no, Sodomhene behyiaa no wɔ Sawe bon a ɛno ara na wɔfrɛ no Ɔhene Bon no mu.

18Na Salemhene14.18 Salem yɛ Yerusalem tete din. Melkisedek a na ɔyɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo no de brodo ne nsa brɛɛ no, 19behyiraa Abram se:

“Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase,

Nhyira nka wo, Abram.

20Na nhyira nka Ɔsorosoro Nyankopɔn

a ɔde wʼatamfo ahyɛ wo nsam no.”

Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kae no nyinaa mu biara nkyekyɛmu du mu baako.

21Sodomhene no ka kyerɛɛ Abram se, “Fa me nnipa a wofaa wɔn no ma me na wo nso, fa nneɛma a aka no nyinaa.”

22Nanso Abram ka kyerɛɛ Sodomhene no se, “Madi nsew aka ntam akyerɛ AWURADE, Ɔsorosoro Nyankopɔn, ɔsoro ne asase yɛfo se, 23Merennye biribiara, sɛ ɛyɛ asaawa hama baako anaa mpaboa so hama mpo, mfi wo nkyɛn, na woanka da sɛ, ‘Me na memaa Abram nyaa ne ho.’ 24Merennye hwee mfi wo nkyɛn, gye nea me mmarima yi adi nko. Me nkurɔfo Aner, Eskol ne Mamrɛ de, ma wɔn wɔn kyɛfa.”

15

Onyankopɔn Ne Abram Apam

1Eyinom akyi no, Awurade kasa kyerɛɛ Abram wɔ anisoadehu mu se,

“Abram, nsuro.

Meyɛ wo nkatabo.

Meyɛ wo kyɛfa a ɛsom bo.”

2Abram nso buae se, “Awurade Nyankopɔn, dɛn na wode bɛma me wɔ bere a minni ɔba. Onipa a obedi mʼade no yɛ Damaskoni Elieser?” 3Na Abram toaa so se, “Wommaa me mma nti, akoa a wɔwoo no wɔ me fi no na obedi mʼade.”

4Na Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ɔbarima yi renni wʼade da, gye wʼankasa wo yafunumma.” 5Onyankopɔn de Abram kɔɔ afikyiri, na ɔka kyerɛɛ no se, “Ma wʼani so hwɛ soro na hwɛ sɛ wubetumi akan soro nsoromma ana.” Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ara na wʼasefo bɛdɔɔso nen.”

6Abram gyee asɛm a Awurade kae no dii. Ne saa nti, Awurade buu no onipa trenee.

7Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ Abram bio se, “Mene Awurade a mede wo fi Ur a ɛwɔ Kaldeafo asase so bae sɛ mede saa asase yi rema wo sɛ wʼagyapade.”

8Nanso Abram kae se, “Ɔsorosoro Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na mehu sɛ asase no bɛyɛ me dea?”

9Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Fa nantwi ba a wadi mfe abiɛsa, abirekyibere a wadi mfe abiɛsa, Odwennini a wadi mfe abiɛsa, agyenkuku ne aborɔnoma ba brɛ me.”

10Abram de eyinom nyinaa brɛɛ Onyankopɔn, paapae wɔn mu abien abien, na ɔde afaafa no kyerɛkyerɛɛ anim, de guguu hɔ. Na nnomaa no de, wampaapae wɔn mu. 11Na apete besisii mmoa no afunu so no, Abram pam wɔn.

12Bere a owia rekɔtɔ no, Abram daa hatee, na sum kabii a ɛyɛ hu tɔɔ ne so. 13Afei, Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Gye di sɛ wʼasefo bɛyɛ ahɔho wɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so. Wɔbɛyɛ nkoa wɔ ɔman no mu, asom, na wɔayɛ wɔn ayayade mfe ahannan. 14Nanso mɛtwe saa ɔman a wʼasefo bɛsom wɔn no aso, na ɛno akyi no, wobefi ɔman a wɔsom mu no mu aba sɛ adefo. 15Wo de, wubewu asomdwoe mu. Wubenyin akyɛ yiye ansa na woawu. 16Nanso awo ntoatoaso a ɛto so anan no mu, wʼasefo bɛsan aba saa ɔman yi mu bio. Efisɛ saa bere yi, Amorifo a wɔte saa asase yi so nnɛ yi bɔne a wɔyɛ no nnya nnuu nea wɔtwe wɔn aso ma ɛyɛ yiye ɛ.”

17Na ɛbaa sɛ owia kɔtɔe, na sum durui no, Abram huu ogyaframa bi sɛ ɛrefi wusiw ne ogyatɛn a ɛredɛw bɛfaa mmoa a wɔakum wɔn no afunu afaafa no ntam. 18Saa da no ara, Awurade ne Abram yɛɛ apam, kae se, “Mede saa asase a efi Misraim asubɔnten no ho, de kosi asubɔnten kɛse Eufrate ho bɛma wo ne wʼasefo. 19Saa ara nso na mede Kenifo, Kenesifo, Kadmonifo, 20Hetifo, Perisifo, Refaimfo, 21Amorifo, Kanaanfo, Girgasifo ne Yebusifo nsase nyinaa bɛma wo ne wʼasefo no.”

16

Ismael Awo

1Saa bere no, na Sarai nwoo ɔba mmaa Abram ɛ. Na ɔwɔ Misraimni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar; 2enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Wo ara wunim sɛ Awurade ama mayɛ obonin; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.”

Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so. 3Abram tenaa Kanaan asase so mfe du akyi no, ne yere Sarai de Misraimni abaawa Hagar no kɔmaa ne kunu no sɛ ɔnware no. 4Abram ne Hagar dae, na onyinsɛnee.

Bere a Hagar huu sɛ wanyinsɛn no, ofii ase buu nʼawuraa Sarai animtiaa. 5Enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ɔhaw a aba me so yi nyinaa fi wo! Mede mʼabaawa maa wo; afei a wahu sɛ wanyinsɛn no nti, otiatia mʼanim. Awurade mmu me ne wo ntam atɛn.”

6Nanso Abram ka kyerɛɛ Sarai se, “Ɔyɛ wʼabaawa. Nea wopɛ sɛ wode yɛ no biara, fa yɛ no.” Efi saa bere no, Sarai tan nʼabaawa Hagar ani ma oguan fii ne nkyɛn.

7Awurade bɔfo huu Hagar wɔ nsu aniwa bi ho wɔ sare no so. Na saa nsu aniwa no da ɔkwan a ɛkɔ kurow bi a wɔfrɛ no Sur no nkyɛn. 8Ɔbɔfo no bisaa Hagar se, “Sarai abaawa Hagar, wufi he, na worekɔ he?”

Hagar buaa no se, “Mereguan afi mʼawuraa Sarai nkyɛn.”

9Na Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ Hagar se, “San kɔ wʼawuraa no nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.” 10Ɔbɔfo no ka kaa ho se, “Mɛma wʼase afɛe a, wɔkan a ɛnyɛ yiye.”

11Awurade bɔfo no san ka kyerɛɛ Hagar se,

“Woanyinsɛn,

na wobɛwo ɔbabarima.

Wobɛto no din Ismael, efisɛ

Awurade ate wʼamanehunu.

12Ɔbɛyɛ sɛ sare so afurum.

Obetia nnipa nyinaa,

na nnipa nyinaa nso betia no;

atutuwpɛ so na

ɔne ne nuanom bɛtena.”

13Eyi akyi no ɔkae se, “Mahu Nea ohu me.” Ɛno nti, ɔde din El-Roi a ase ne “Onyankopɔn a ohu me” no too no. 14Ɛno nti na wɔfrɛ nsu aniwa no se Beer-Lahai-Roi a ase ne “Onyankopɔn Teasefo a ohu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam besi nnɛ.

15Enti Hagar woo ɔbabarima maa Abram. Abram too abofra no din Ismael. 16Hagar woo Ismael no, na Abram adi mfe aduɔwɔtwe asia.

17

Twetiatwa Apam

1Abram dii mfe aduɔkron akron no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no kae se, “Mene Otumfo Nyankopɔn, nantew mʼanim na yɛ pɛ. 2Mesi apam a ɛda me ne wo ntam no so dua, na mama wʼasefo adɔɔso.”

3Abram de nʼanim butuu fam, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, 4“Me fa mu de, saa apam yi na ɛda me ne wo ntam: wobɛyɛ aman bebree agya. 5Wɔremfrɛ wo Abram bio. Wɔbɛfrɛ wo Abraham, efisɛ mayɛ wo aman bebree agya. 6Mɛma wʼasefo adɔɔso. Wɔbɛyɛ amanaman bebree na ahemfo nso afi wɔn mu. 7Mɛma mʼapam no ayɛ daapem apam a ɛbɛda me ne wo ne wʼasefo ne awo ntoatoaso a ɛbɛba no ntam. Na mɛyɛ wo ne wʼasefo Nyankopɔn. 8Mede Kanaan asase a nnɛ wote so sɛ ɔhɔho no nyinaa bɛma wo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no nyinaa. Ɛbɛyɛ wʼagyapade a wo ne obi mmɔ mu hye afebɔɔ. Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn.”

9Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Wo de, ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no di mʼapam no so. 10Eyi ne mʼapam a ɛda me ne wo ntam a ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no di so. Ɛsɛ sɛ wotwa ɔbarima biara twetia. 11Ɛsɛ sɛ mutwa twetia. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛda me ne mo ntam no ho nsɛnkyerɛnne. 12Ɔbarima biara a ɔyɛ wʼaseni a wɔbɛwo no no, odi nnaawɔtwe pɛ a, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia. Nkoa a wɔwoo wɔn wɔ wo fi ne ɔnanani biara a wuyii sika tɔɔ no fii ɔmamfrani nkyɛn a ɔnyɛ wʼaseni no nso, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia saa ara. 13Sɛ wɔwoo no wo fi oo, sɛ nso wɔkarii sika kɔtɔɔ no oo, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia. Saa honam mu apam yi bɛyɛ daapem apam. 14Wɔbɛpam ɔbarima biara a wontwaa no twetia no afi ne nkurɔfo mu, efisɛ saa onipa no anni mʼapam no so.”

15Onyankopɔn san ka kyerɛɛ Abraham se, “Ɛfa wo yere Sarai ho nso, efi nnɛ rekɔ, woremfrɛ no Sarai bio. Wobɛfrɛ no Sara. 16Mehyira no, na mɛma no awo ɔbabarima ama wo. Mehyira no ama wabɛyɛ aman nyinaa na. Nʼasefo mu na amanaman mu ahemfo befi.”

17Abraham de nʼanim butuw fam bio. Ɔserew bisaa ne ho se, “Ebetumi aba sɛ ɔbarima a wadi mfe ɔha bɛwo ɔba ana? Sara nso a wadi mfe aduɔkron no nso, obetumi awo ɔba ana?” 18Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Onyankopɔn ɛno de, hyira Ismael!”

19Na Onyankopɔn kae se, “Mmom, wo yere Sara bɛwo ɔbabarima ama wo, na wobɛto no din Isak, a ase ne Serew. Me ne no bɛyɛ daapem apam a ɛbɛtena hɔ ama nʼasefo a wɔbɛba akyiri no nyinaa. 20Na Ismael ho asɛm a wokae no nso, mate. Mehyira no ama nʼase adɔ bebree. Ɔbɛyɛ abirɛmpɔn dumien agya. Na mɛma no ayɛ ɔman kɛse. 21Nanso me ne Isak a Sara bɛwo no afe sesɛɛ no na ɛbɛyɛ mʼapam no.” 22Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Abraham wiee no, ogyaw no hɔ kɔe.

Wotwa Abraham Twetia

23Saa da no ara, Abraham faa ne babarima Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn wɔ ne fi ne mmarima a wɔtɔɔ wɔn fii ananafo nkyɛn, twitwaa wɔn nyinaa twetia, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. 24Wotwaa Abraham twetia no, na wadi mfe aduɔkron akron. 25Ne babarima Ismael nso, wotwaa no twetia no, na wadi mfe dumiɛnsa. 26Saa da no ara, na wotwaa Abraham ne ne ba Ismael nyinaa twetia. 27Ɔbarima biara a ɔwɔ Abraham fi, wɔn a wɔwoo wɔn wɔ Abraham fi ne ɔbarima biara a wɔtɔɔ no fii ɔnanani bi nkyɛn no, wotwitwaa wɔn nyinaa twetia, kaa Abraham ho.

18

Onyankopɔn Hyɛ Abraham Ne Sara Awo Ho Bɔ

1Awia ketee bi a Abraham te ne ntamadan a ɛwɔ Mamrɛ odum kwae kwan ano no, Awurade yii ne ho adi bio kyerɛɛ no. 2Abraham maa nʼani so no, ohuu sɛ mmarima baasa bi apue ne ntentenso. Ohuu wɔn no, otuu mmirika fii ne ntamadan no kwan ano kohyiaa wɔn, kotow wɔn.

3Abraham kae se, “Me wura, sɛ manya adom wɔ wʼanim a, ntwa me a meyɛ wʼakoa ho nkɔ. 4Momma wɔmfa nsu bi mmrɛ mo nhohoro mo anan ase, na monhome wɔ nnua yi ase kakra. 5Moaba mo akoa nkyɛn yi, momma mempɛ aduan kakra bi mma monka mo ano, na munnya ahoɔden nkɔ mo kwan.”

Nnipa no penee so kae se, “Eye, yɛ nea wopɛ sɛ woyɛ.”

6Enti Abraham de ahoɔhare kɔɔ ne yere Sara nkyɛn wɔ ntamadan no mu, kɔka kyerɛɛ no se, “Ka wo ho fa asikresiam pa susukoraa abiɛsa, na fɔtɔw na fa to brodo.”

7Afei, Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ nʼanantwibuw no mu, kɔkyeree nantwi ba a oye na wadɔ srade de no maa ne somfo ma ɔde ahoɔhare yɛɛ ne ho adwuma. 8Afei, ɔfaa nufusu ani srade ne nufusu ne nantwi ba a ɔde anoa aduan no, de too nnipa baasa no pon. Bere a nnipa no gu so redidi no, na ogyina wɔn nkyɛn wɔ nnua no ase.

9Nnipa no bisaa Abraham se, “Wo yere Sara wɔ he?”

Abraham buaa wɔn se, “Ɔwɔ ntamadan no mu.”

10Afei, Awurade kae se, “Nea ɛbɛyɛ biara, afe sesɛɛ mɛba wo nkyɛn, na mɛba no na wo yere Sara awo ɔbabarima.”

Saa bere no, na Sara gyina ntamadan no pon akyi, retie nkɔmmɔ no. 11Na Abraham ne Sara nyinaa anyinyin yiye a wɔn mfe akɔ anim koraa nti, na Sara awo apa ho. 12Sara tee asɛm no, ɔserew ne tirim, kae se, “Manya awie aberewabɔ, na me kunu nso abɔ akwakoraa yi, ɛbɛyɛ dɛn na manya saa anigyede yi?”

13Enti Awurade bisaa Abraham se, “Adɛn nti na Sara serew bisae se, ‘Ampa ara sɛ manyin adu sɛɛ yi, metumi awo ba ana?’ 14Biribi boro Awurade ahoɔden so sɛ ɔbɛyɛ? Afe sesɛɛ a mɛsan aba sɛnea mahyɛ wo ho bɔ no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.”

15Na Sara suro nti, otwaa atoro se, “Manserew.”

Nanso Onyankopɔn kae se, “Ɛyɛ nokware turodoo sɛ woserewee.”

Abraham Di Ma Sodom

16Mmarima no kraa sɛ wɔrekɔ no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Abraham kogyaa wɔn kwan. 17Afei, Awurade kae se, “Ade a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ no memfa nsie Abraham ana? 18Ɛyɛ nokware turodoo sɛ Abraham bɛyɛ ɔman kɛse a ɛwɔ tumi. Na ɛnam Abraham so na wobehyira amanaman a ɛwɔ asase so nyinaa. 19Efisɛ mapaw Abraham sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mma ne ne fifo Awurade kwan. Na wɔayɛ ade pa ne ade trenee a ɛsɔ Awurade ani. Sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no bɛba mu.”

20Afei, Awurade kae se, “Mate nnebɔne a ɛyɛ duru a ɛrekɔ so wɔ Sodom ne Gomora no. 21Mɛkɔ hɔ akɔhwɛ sɛ, nea wɔyɛ no yɛ bɔne a ɛyɛ duru sɛnea mate no ana. Sɛ ɛnte saa nso a, mehu.”

22Na mmarima baasa no mu baanu dan wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Nanso Abraham de, na ɔda so gyina Awurade anim. 23Na Abraham twiw bɛn Onyankopɔn bisaa no se, “Wobɛsɛe nnipa trenee ne nnipa bɔnefo nyinaa afra ana? 24Na sɛ nnipa trenee aduonum wɔ kurow no mu a, wobɛsɛe kurow no a worenhwɛ saa nnipa trenee aduonum no ho nnyae kurow no sɛe ana? 25Ɛmpare wo sɛ wobɛyɛ saa, sɛ wubekum nnipa trenee ne nnipa bɔnefo afra, de asotwe koro no ara bɛma nnipa trenee ne nnipa bɔnefo. Ɛmpare wo! Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee ana?”

26Na Awurade kae se, “Sɛ mihu nnipa trenee aduonum wɔ Sodom kurow no mu a, wɔn nti merensɛe kurow no.”

27Na Abraham bisae se, “Afei, me a meyɛ nsõ ne dɔte a mensɛ hwee, nanso masi me bo ne Awurade akasa yi, 28sɛ ɛba sɛ nnipa trenee no dodow yɛ aduanan anum nso ɛ? Esiane saa nnipa anum a wɔafi nnipa trenee aduonum no so ama aka nnipa trenee aduanan anum no nti, wobɛsɛe kurow mu no nyinaa ana?”

Onyankopɔn buae se, “Sɛ mihu nnipa trenee aduanan anum wɔ kurow no mu a, merensɛe no.”

29Abraham toaa nʼadebisa no so se, “Sɛ ɛba sɛ, nnipa trenee aduanan pɛ na wɔwɔ kurow no mu ɛ?”

Na Awurade buaa Abraham se, “Nnipa trenee aduanan no nti, merensɛe kurow no.”

30Abraham kɔɔ so srɛɛ bio se, “Mesrɛ wo, Awurade, mma wo bo mfuw me, ma menkasa. Sɛ ɛba sɛ nnipa trenee aduasa na wɔwɔ kurow no mu nso ɛ?”

Awurade buae se, “Sɛ mihu nnipa trenee aduasa a, merensɛe kurow no.”

31Afei, Abraham bisae se, “Masi me bo ne Awurade akasa yi, ɛba sɛ nnipa trenee aduonu pɛ na wɔwɔ kurow no mu ɛ?”

Onyankopɔn buae se, “Saa nnipa trenee aduonu no nti, merensɛe kurow no.”

32Abraham kɔɔ so bisae se, “Awurade, mma wo bo mfuw me; ma mimmisa mʼasɛm baako pɛ a etwa to. Sɛ ɛba sɛ, nnipa trenee du na wɔwɔ kurow no mu nso ɛ?”

Awurade buae se, “Saa nnipa trenee du no nti, merensɛe kurow no.”

33Bere a Awurade ne Abraham kasa wiee no, ogyaw Abraham hɔ kɔe. Abraham nso san kɔɔ nʼatenae.

19

Sodom Ne Gomora Amumɔyɛ

1Ɔsoro abɔfo baanu no duu Sodom anwummere. Na Lot te kurow no pon ano. Bere a Lot huu sɛ wɔreba no, ɔsɔre kohyiaa wɔn kwan. Obuu nkotodwe, de nʼanim butuw fam, nam so maa wɔn akwaaba. 2Ɔkae se, “Me wuranom, mesrɛ mo, mommɛsoɛ mo akoa fi na memma mo nsu nhohoro mo anan ho, na monna, na ɔkyena anɔpatutuutu, moatoa mo akwantu no so.”

Nanso abɔfo no buae se, “Dabi, mmom, yɛbɛda aguabɔbea.”

3Nanso Lot kɔɔ so srɛɛ wɔn anibere so nti, wɔne no kɔɔ ne fi. Ɔtoo brodo a wamfa mmɔkaw amfra da no ara, de too wɔn pon ma wodii. 4Ansa na wɔbɛkɔ akɔda no, Sodomfo mpanyin ne mmofra nyinaa fi kurow no afanan betwaa ofi no ho hyiae. 5Wɔteɛteɛɛ mu frɛɛ Lot bisaa no se, “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi wɔ he? Fa wɔn brɛ yɛn, na yɛne wɔn nkɔda.”

6Lot fii adi, too ne pon mu, kohyiaa Sodom mmarima no. 7Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Me nuanom, mesrɛ mo, munni amumɔyɛsɛm a ɛte saa. 8Muntie! Mewɔ mmabea baanu a wonhuu mmarima da. Momma memfa wɔn mmrɛ mo, na nea mopɛ biara, moayɛ wɔn. Na saa mmarima baanu yi de, mommfa mo nsa nka wɔn, efisɛ wɔaba me suhyɛ bammɔ mu.”

9Dɔm no teɛteɛɛ mu se, “Twe wo ho! Woyɛ hena? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei de worebɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Yɛne wo bedi no anibere so asen nkurɔfo no.” Dɔm no twiw faa Lot so, na wofii ase bubuu apon no.

10Nanso ɔsoro abɔfo baanu a wɔhyɛ fie hɔ no pue bɛtwee Lot kɔhyɛɛ fie hɔ, too pon no mu. 11Ɔsoro abɔfo baanu no maa mpanyin ne mmofra a wogyinagyina ɔpon no akyi no ani furafurae, enti wɔanhu ɔpon no koraa.

Sodom Ne Gomora Sɛe

12Mmarima baanu no bisaa Lot se, “Wowɔ abusuafo bi wɔ kurom ha sɛ ɛyɛ wo nsenom, wo mmabea, wo mmabarima anaa obi foforo bi a ɔyɛ wo ho nipa? Yi wɔn nyinaa fi ha, 13efisɛ yɛrebɛsɛe saa kurow yi pasaa. Amumɔyɛsɛm a etia nnipa yi a adu Awurade anim no ano den nti, wasoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe kurow yi.”

14Enti Lot fii adi kɔbɔɔ mmarima bi a wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛwareware ne mmabea no amanneɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ no ntɛm, na mumfi kurow yi mu, efisɛ Awurade Nyankopɔn rebɛsɛe kurow yi!” Nanso na saa mmarima yi susuw sɛ ɔredi fɛw bi.

15Anɔpahema no, ɔsoro abɔfo no hyɛɛ Lot se, “Ntɛm! Ka wo ho, na fa wo yere ne wo mmabea baanu a wɔwɔ ha no fi ha kɔ; anyɛ saa a, wɔde mo bɛfra kurow no, asɛe mo.”

16Ɔtwentwɛn ne anan ase no, ɔsoro abɔfo no susoo Lot ne yere ne ne mmabea baanu no nsa, twee wɔn, de wɔn fii kurow no mu asomdwoe mu, efisɛ Awurade huu wɔn mmɔbɔ. 17Ɔsoro abɔfo no yii Lot mmabea baanu no fii kurow no mu ara pɛ, abɔfo no mu baako kae se, “Munguan nnye mo kra nkwa; monnhwɛ mo akyi. Munnnyina baabiara. Munguan nkɔ mmepɔw no so, anyɛ saa a mubewuwu!”

18Nanso Lot ka kyerɛɛ wɔn se, “Dabi me wuranom! 19Mo akoa anya mo anim adom, na moayɛ me adɔe kɛse de agye me nkwa. Nanso me de, merentumi nguan nkɔ mmepɔw no so, efisɛ misuro sɛ anhwɛ a, saa amanehunu yi bɛto me, ama mawu. 20Hwɛ, kurow ketewa bi bɛn ha. Mesrɛ mo, momma minkohintaw hɔ mmom, na manhwere me nkwa. Kurow no nsua ana?”

21Ɔsoro abɔfo no ka kyerɛɛ Lot se, “Eye, Mɛpene wʼabisade yi so; merensɛe saa kurow ketewa no. 22Ɛno de, guan kɔ hɔ ntɛm, efisɛ sɛ wunnuu hɔ a, merenyɛ biribiara.” Efi saa bere no na wɔfrɛɛ kurow no Soar a ase ne kurow ketewa.

23Bere a Lot duu Soar no, na owia apue. 24Afei, Awurade maa sufre ne ogya tɔ fii soro, guu Sodom ne Gomora so. 25Saa ɔkwan yi so na wɔfa de sɛee saa nkuropɔn abien ne asasetam no nyinaa. Nnipa a na wɔtete saa nkuropɔn no so ne asase no so afifide nso nyinaa sɛee. 26Nanso Lot yere twaa nʼani hwɛɛ nʼakyi ma ɔdan nkyene siw.

27Ade kyee anɔpatutuutu no, Abraham kɔɔ baabi a ogyinaa Awurade anim no. 28Ɔmaa nʼani so hwɛɛ Sodom ne Gomora fam ne asasetam no so nyinaa, huu wusiw kumɔnn a abua asase no so te sɛ wusiw a efi fononoo mu.

29Bere a Onyankopɔn sɛee nkurow a ɛwɔ asase tamaa no so no, Onyankopɔn kaee Abraham, na oyii Lot fii ɔsɛe a ɛbaa nkurow a na Lot te so no mu no.

Lot Ne Ne Mmabea Baanu No

30Lot ne ne mmabea baanu no tu fii Soar kɔtenaa ɔbodan bi a na ɛwɔ mmepɔw no so no mu, efisɛ na osuro sɛ ɔbɛtena Soar. 31Da koro bi, ɔbabea panyin no ka kyerɛɛ akumaa no se, “Yɛn agya abɔ akwakoraa, na ɔbarima biara nso nni ha a ɔne yɛn bɛda, sɛnea wɔyɛ wɔ wiase baabiara no. 32Ne saa nti, ma yɛmma yɛn agya nsa nnom, na afei yɛne no nna, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam ne so bɛma yɛn ase afɛe.”

33Saa anadwo no, wɔmaa wɔn agya nsa nomee. Na ɔbabea panyin no ne no kɔdae. Lot anhu bere ko a ne babea panyin no de bɛdaa hɔ ne bere ko a ɔsɔre kɔe.

34Ade kyee no, ɔbabea panyin no ka kyerɛɛ akumaa no se, “Nnɛra anadwo, me ne mʼagya dae. Saa anadwo yi, ma yɛnsan mma no nsa nnom, na wo nso, wo ne no nkɔda, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam yɛn agya so bɛma yɛn ase afɛe.” 35Saa anadwo no nso, wɔmaa wɔn agya nsa nomee. Na akumaa no nso ne nʼagya kɔdae. Bio, Lot anhu bere ko a akumaa no de bɛdaa hɔ ne bere ko a ɔsɔre kɔe.

36Enti Lot ne ne mmabea baanu no nyinsɛnee. 37Ne babea panyin no woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Moab. Ɔno na ɔyɛ Moabfo agya de besi nnɛ. 38Akumaa no nso woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Ben-Ami; ɔno nso ne Amon mma agya de besi nnɛ.

20

Abraham Ne Abimelek

1Afei, Abraham tu fii hɔ kɔɔ anafo mantam asase bi a wɔfrɛ no Negeb kɔtenaa nkurow Kades ne Sur ntam. Ɔtenaa Gerar kakra. 2Abraham maa nnipa no tee ase sɛ, Sara yɛ ne nuabea. Enti, Gerarhene Abimelek soma kɔfaa Sara baa nʼahemfi.

3Nanso Onyankopɔn soo Abimelek dae, ka kyerɛɛ no se, “Wosɛ owu, efisɛ ɔbea a woakɔfa no no yɛ obi yere.”

4Nanso na Abimelek nnya ne Sara nnae, enti ɔkae se, “Awurade, enti wobɛsɛe onipa a ɔnyɛɛ bɔne bi? 5Abraham ka kyerɛɛ me se, ‘Ɔyɛ me nuabea.’ Na Sara no nso kae se, ‘Ɔyɛ me nuabarima.’ Enti mede adwene mu fann ne koma mu tew na ɛyɛɛ nea meyɛe no.”

6Na Onyankopɔn soo Abimelek dae bio ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ nokware turodoo sɛ, wode adwene mu fann ne koma mu tew na ɛyɛɛ nea woyɛe no; ɛno nti, mamma woanyɛ bɔne antia me. Ɛno nti na mamma woamfa wo ho anka no no. 7Ne saa nti san fa ɔbarima no yere no kɔma no, efisɛ saa ɔbarima no yɛ odiyifo a obetumi abɔ mpae ama wo ama woatena. Na sɛ woansan amfa no ankɔma no a, hu sɛ, wo ne wʼasefo nyinaa bewuwu.”

8Ade kyee anɔpatutuutu no, Abimelek frɛɛ ne mpanyimfo nyinaa bɔɔ wɔn nsɛm a asisi no ho amanneɛ. Na wosuroo yiye. 9Afei, Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no se, “Dɛn na woayɛ yɛn yi? Bɔne bɛn na mayɛ wo a woakɔfa afɔbusɛm kɛse a ɛte sɛɛ yi abɛto me ne me man so yi? Ade a wode ayɛ me yi nyɛ ade a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ me.” 10Afei, Abimelek bisaa Abraham se, “Dɛn adwene na ɛkaa wo a ɛma woyɛɛ saa?”

11Abraham buae se, “Misusuwii sɛ nokware, Onyankopɔn biara nni mo mu, na me yere nti, mubekum me. 12Eyi akyi no, ampa ara, ɔyɛ me nuabea. Yefi agya koro na yemfi ɛna koro. Ɛno nti na mewaree no no. 13Na bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ me Abraham se mintu mfi mʼagya fi nkɔ asase a ɔbɛkyerɛ me so no. Me nso, meka kyerɛɛ Sara se, ‘Adɔe a ɛsɛ sɛ woyɛ me ni: baabiara a yebedu no, ka se meyɛ wo nuabarima.’ ”

14Enti Abimelek de nguan, anantwi, nkoa ne mfenaa brɛɛ Abraham. Na ɔde ne yere Sara san brɛɛ no. 15Abimelek kae se, “Mʼasasetam na ɛda wʼanim yi, ɛso baabiara a wopɛ sɛ wotena no, fa.”

16Abimelek ka kyerɛɛ Sara nso se, “Mede dwetɛ kilogram dubaako ne fa rema wo nuabarima no. Eyi ne mpata a mede rema wo wɔ bɔne a wɔde too wo so no, wɔ wɔn a wɔka wo ho no nyinaa anim. Asodi biara nna wo so.”

17Enti Abraham bɔɔ mpae, srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnsa ɔhene Abimelek, ɔhemmea ne mfenaa a wɔwɔ fie hɔ no yare mma wɔnwo mma. 18Esiane Abraham yere Sara nti, Awurade too Abimelek fifo nyinaa yafunu mu de twee Abimelek aso.

21

Isak Awo

1Afei, Awurade dom Sara sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no. 2Sara nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkwakoraabere mu, bere a Awurade hyɛɛ no bɔ no mu pɛpɛɛpɛ. 3Abraham too ɔbabarima a Sara woo no maa no no din Isak, a ase ne Serew. 4Bere a Isak dii nnaawɔtwe no, otwaa no twetia, sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no. 5Wɔwoo Isak maa Abraham no, na wadi mfe ɔha.

6Sara kae se, “Onyankopɔn ama maserew. Na obiara a ɔbɛte saa asɛm yi ne me bɛbɔ mu aserew.” 7Sara ka kaa ho se, “Hena na ɔsoo ho dae ka kyerɛɛ Abraham se Sara bɛwo mma. Nanso ne nkwakoraabere mu yi, mawo ɔbabarima ama no.”

Wɔpam Hagar Ne Ismael

8Abofra no nyin ma wotwaa no nufu. Da a wotwaa Isak nufu no, Abraham too pon kɛse. 9Nanso Sara hui sɛ, ɔbabarima a nʼafenaa Misraimni Hagar woo no maa Abraham no redi Isak ho fɛw. 10Enti Sara ka kyerɛɛ Abraham se, “Pam saa afenaa yi ne ne babarima yi fi ha; na Isak ne saa afenaa babarima yi nni wʼagyapade biara mu kyɛfa.”

11Abraham tee saa asɛm no, esiane ne babarima Ismael nti, ne werɛ how yiye. 12Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Mma wo babarima Ismael ne wʼafenaa Hagar ho asɛm no nhaw wo bebree. Asɛm biara a Sara bɛka akyerɛ wo no, tie, efisɛ Isak so na wɔnam bɛkan wʼasefo. 13Mɛma afenaa no babarima Ismael no nso asefo ayɛ ɔman kɛse, efisɛ ɔno nso yɛ wʼaseni.”

14Ade kyee anɔpatutuutu no, Abraham faa aduan ne nsu a egu aboa nhoma mu de maa Hagar. Ɔde aduan no ne nsu no sisii Hagar mmati so, ka kyerɛɛ ɔne ne ba Ismael no se wɔnkɔ. Ofii hɔ kokyinkyin Beer-Seba sare so a na onhu baabi a ɔrekɔ.

15Nsu a ɛwɔ aboa nhoma no mu sae no, ɔde ne babarima no kohintaw wura no mu baabi. 16Na ɔkɔtenaa akyiri baabi a wotow ɔbo a ɛbɛtɔ, kae se, “Merentumi nhwɛ sɛ abarimaa no bewu.” Na bere a Hagar te hɔ saa no, ofii ase sui.

17Onyankopɔn tee sɛ abarimaa no resu. Onyankopɔn bɔfo fi ɔsoro frɛɛ Hagar bisaa no se, “Hagar! Ɛyɛ dɛn? Nsuro, efisɛ Onyankopɔn ate abarimaa no su wɔ faako a ɔda no. 18Ma abarimaa no so, efisɛ mɛma no ayɛ ɔman kɛse.”

19Na Onyankopɔn buee Hagar ani ma ohuu asubura bi. Ɔde aboa nhoma no kɔsaw nsu ma, na ɔmaa abarimaa no bi nomee.

20Onyankopɔn adom nti, abarimaa no nyinii. Ɔtenaa sare no so huu agyantow yiye. 21Bere a ɔte Paran sare so no, ne na kɔfaa ɔbea fi Misraim asase so de no brɛɛ no aware.

Abraham Ne Abimelek Apam

22Saa bere no mu, ɔhene Abimelek ne ne sahene Pikol baa Abraham nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Biribiara a woyɛ no, Onyankopɔn ka wo ho. 23Enti afei, di nsew ka ntam wɔ Onyankopɔn anim kyerɛ me wɔ ha se, worentwa me mma anaa mʼasefo nkontompo. Saa ayamye a mayɛ wo no, saa ara na fa yɛ me ne ɔman a wote so sɛ ɔnanani no.”

24Abraham penee so se, “Meka saa ntam no!”

25Na Abraham de asubura bi a Abimelek nkoa de anuɔden afa no ho asɛm kɔtoo Abimelek anim. 26Nanso Abimelek kae se, “Minnim onipa ko a ɔyɛɛ saa ade no. Woammɔ me ho amanneɛ. Nnɛ na mate saa asɛm yi.”

27Enti Abraham de nguan ne anantwi brɛɛ Abimelek. Na mmarima baanu yi de yɛɛ apam. 28Abraham yii nguantenmma abere ason fii nguankuw no mu gyinaa nkyɛn, 29na Abimelek bisaa Abraham se, “Nguantenmma abere ason a woayi wɔn agyina nkyɛn yi ase kyerɛ dɛn?”

30Abraham buae se, “Ne nkyerɛase ara ne sɛ, ɛyɛ akyɛde a mede rema wo de adi adanse sɛ, me na mituu saa abura yi.”

31Efi saa bere no rekɔ no, wɔfrɛɛ saa abura no Beer-Seba, a ase ne Ntanka Abura, efisɛ ɛhɔ na wɔn baanu yɛɛ apam no.

32Wɔyɛɛ apam no wiee wɔ Beer-Seba no, ɔhene Abimelek ne ne Sahene Pikol san kɔɔ Filistifo asase so. 33Abraham nso duaa dua bi a wɔfrɛ no asantɛw wɔ abura no ho wɔ Beer-Seba. Ɛhɔ na na ɔsom Awurade teasefo no daa. 34Abraham tenaa Filistifo asase no so sɛ ɔnanani nna bebree.

22

Wɔsɔ Abraham Hwɛ

1Nna bi akyi no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe. Ɔfrɛɛ Abraham se, “Abraham!”

Abraham buae se, “Me ni!”

2Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Fa wo ba, wo ba koro Isak a wodɔ no no kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ mmepɔw a ɛwɔ hɔ no mu baako a mɛkyerɛ wo no so.”

3Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafurum. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Otwitwaa ogya a ɛbɛso ɔhyew afɔre no bɔ no, osii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no. 4Ne nnansa so no, Abraham too nʼani huu sɛ baabi a ɔrekɔ no wɔ akyirikyiri. 5Na Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no se, “Mo ne afurum no ntwɛn wɔ ha, na me ne abarimaa no nkɔ anim kakra nkɔsom. Sɛ yɛsom wie a, yɛbɛsan aba.”

6Abraham faa nnyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre no de soaa ne ba Isak. Na ɔno nso faa ogya ne sekan kurae. Bere a wɔrekɔ no, 7Isak frɛɛ nʼagya Abraham se, “Agya!”

Na Abraham buae se, “Me ba, asɛm bɛn?”

Isak bisaa no se, “Ogya ne nnyina no ni, na oguamma a yɛde no rekɔbɔ ɔhyew afɔre no wɔ he?”

8Abraham buae se, “Onyankopɔn no ankasa bɛma yɛn afɔre guan no a yɛde rekɔbɔ ɔhyew afɔre no.” Na wɔn baanu no toaa so kɔe.

9Wokoduu faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔremuka wɔ hɔ, hyehyɛɛ nnyina no wɔ so. Ɔkyekyeree ne ba Isak, de no too nnyina no so wɔ afɔremuka no so. 10Abraham twee sekan no, maa so sɛ ɔde rebetwa ne ba no mene akum no. 11Ɛhɔ ara na Awurade bɔfo frɛɛ no fi ɔsoro se, “Abraham! Abraham!”

Na Abraham gyee so se, “Me ni.”

12Awurade bɔfo no kae se, “Mfa wo nsa nka abofra no. Nyɛ no bɔne biara. Esiane sɛ woamfa wo dɔba, wo ba koro no ankame me no nti, mahu sɛ wusuro Onyankopɔn.”

13Abraham maa nʼani so huu sɛ nkyɛkyerɛ bi aso Odwennini bi mmɛn mu wɔ wura no mu hɔ. Abraham kɔkyeree Odwennini no de no bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so sii ne ba no anan mu. 14Abraham too beae no din se Awurade De Bɛma. Ebesi nnɛ no wɔka se, “Wɔde bɛma wɔ Awurade bepɔw no so.”

15Awurade bɔfo no frɛɛ Abraham fii ɔsoro nea ɛto so abien kae se, 16“Maka me ho ntam se, esiane sɛ woayɛ eyi, na woamfa wo ba, wo ba koro no ankame me nti, 17hyira na mehyira wo na mama wʼase adɔ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nwea. Na wʼasefo begye wɔn atamfo nkuropɔn adi so. 18Wɔnam wʼasefo so na wobehyira wiase amanaman nyinaa, efisɛ woadi mʼasɛm so.”

19Na Abraham san kɔɔ nʼasomfo no nkyɛn ne wɔn sii mu kɔɔ Beer-Seba kɔtenaa hɔ.

Nahor Mma

20Nna bi akyi no, wɔka kyerɛɛ Abraham se, “Milka nso yɛ ɔbeatan a wawo mmabarima ama wo nuabarima Nahor:

21Us yɛ abakan, Us nuabarima a odi so ne Bus.

Kemuel a ɔto so abiɛsa na ɔwoo Aram.

22Wɔn a wɔaka no ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf ne Betuel.”

23Betuel bɛyɛɛ Rebeka nʼagya.

Milka ne Abraham nua Nahor na wɔwowoo saa mmabarima baawɔtwe yi.

24Nahor ne ne mpena Rehuma nso woo mma baanan a wɔn din de,

Teba, Gaham, Tahas ne Maaka.

23

Sara Wu

1Sara dii mfe ɔha aduonu ason. 2Owui wɔ Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kogyam ne yere Sara, suu no wɔ hɔ.

3Abraham gyaw ne yere Sara amu no wɔ hɔ, kɔɔ Hetifo mpanyimfo nkyɛn, kɔsrɛɛ wɔn se, 4“Meyɛ ɔhɔho ne mamfrani a mete mo mu. Mesrɛ mo, montɔn mo asase yi bi mma me, na minsie me yere wɔ so.”

5Hetifo no buaa Abraham se, 6“Owura, yɛsrɛ wo, tie asɛm a yɛrebɛka yi. Woyɛ Onyankopɔn somfo kɛse wɔ yɛn mu. Yɛn boda biara a ɛsɔ wʼani a wopɛ sɛ wusie wo yere wɔ hɔ no, yɛma wo ho kwan, kosie no. Yɛn mu biara remfa ne boda nkame wo.”

7Ɛhɔ ara na Abraham sɔre bɔɔ ne mu ase wɔ Hetifo no anim, 8ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ moapene so sɛ minsie mʼamu no wɔ ha de a, mepa mo kyɛw, monsrɛ Efron a ɔyɛ Sohar babarima no mma me, 9na ɔntɔn Makpela ɔboda a ɛwɔ nʼafuw ano no mma me. Monka nkyerɛ no na ɔntɔn no sɛnea ne bo di pɛpɛɛpɛ mma me, na mede hɔ ayɛ me ne mʼabusuafo amusiei.”

10Saa bere no na Hetini Efron a ɔte ne manfo mu no buaa Abraham, maa ne nkurɔfo a wɔahyia wɔ kurow no pon ano nyinaa tee sɛ, 11“Dabi, me wura, tie me! Mede afuw no ne ɔboda a ɛwɔ mu no kyɛ wo. Migyina me manfo anim, na mede kyɛ wo. Kosie wʼamu no wɔ hɔ.”

12Bio Abraham de obu ne nidi bɔɔ ne mu ase wɔ ɔmanfo no anim, 13ka kyerɛɛ Efron maa wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa tee asɛm a ɔkae no se, “Mesrɛ mo, ɔmanfo, monyɛ aso mma me. Momma mintua asase no ka. Mompene so mma me, na minnya kwan nkosie mʼamu no.”

14Efron buaa Abraham se, 15“Me wura, tie me! Asase no bo yɛ dwetɛ kilogram anan ne fa. Yɛnyɛ nnipa baako ana? Meregye saa sika yi ayɛ dɛn? Kosie wʼamu no!”

16Abraham penee Efron asɛm no so. Ɔkarii dwetɛ kilogram anan ne fa a ɛyɛ asase no bo a ɔbɔ maa Hetifo no tee no de tuaa ka.

17Enti wɔde Efron asase a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ, a ɛyɛ afuw no, ɔboda a ɛwɔ mu no, nnua a ɛwɔ afuw no mu ne nʼahye so nyinaa maa 18Abraham sɛ nʼagyapade. Eyi nyinaa sii wɔ Hetifo no ne wɔn a wɔbaa kurow no pon no ano nyinaa anim. 19Akyiri no, Abraham siee ne yere Sara wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela afuw a ɛbɛn Mamrɛ a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so no mu. 20Enti Hetifo no yɛɛ nhyehyɛe de afuw no ne ɔboda a ɛwɔ mu no maa Abraham sɛ nʼagyapade ne nʼamusiei.

24

Isak Ware Rebeka

1Na Abraham anyin a ne mfe akɔ anim yiye. Awurade hyiraa no wɔ akwan ahorow nyinaa so. 2Da koro bi, Abraham ka kyerɛɛ ne somfo panyin a ɔhwɛ nʼagyapade nyinaa so no se, “Fa wo nsa ka me srɛ ase. 3Mepɛ sɛ woka Awurade a ɔyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn ntam sɛ, worenware Kanaanfo a me ne wɔn te yi babea biara mma me babarima Isak. 4Na mmom, wobɛkɔ me man mu, mʼabusuafo nkyɛn, akɔware ɔbea abrɛ no.”

5Ɔsomfo no bisaa Abraham se, “Me wura, na sɛ ɛba sɛ ɔbea no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no dɛn? Memfa wo babarima no nkɔ wo man no mu ana?”

6Abraham kae se, “Hwɛ yiye na woamfa me babarima no ankɔ hɔ da. 7Awurade, ɔsoro Nyankopɔn a ɔde me fi mʼagya fi ne mʼasase so baa ha na ɔkaa ntam hyɛɛ me bɔ se, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefo no,’ ɔno ara na ɔbɛsoma ne bɔfo adi wʼanim akɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya ɔyere afi hɔ ama me babarima no. 8Sɛ ɛba sɛ, ɔbea no ampene sɛ ɔne wo bɛba a, wo ntam a wokae no nkyekyere wo. Ɛnsɛ sɛ wode me babarima no kɔ hɔ.” 9Enti, ɔsomfo no de ne nsa kaa ne wura Abraham srɛ ase, kaa saa asɛm yi ho ntam.

10Na, ɔsomfo no faa ne wura yoma no mu du kɔe. Ɔrebɛkɔ no, ogyee ne wura Abraham nkyɛn nnepa ahorow bebree kaa ho. Ɔde nʼani kyerɛɛ Mesopotamia, koduu Nahor kurow mu. 11Oduu Nahor kurotia no, ɔmaa yoma no butubutuw abura bi a ɛwɔ hɔ no ho. Na onwini adwo a ɛyɛ bere a mmea bɛtow nsu wɔ abura no mu.

12Na ɔsomfo no bɔɔ mpae se, “Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, hu me wura Abraham mmɔbɔ, na boa me, na mʼakwantu yi nsi yiye. 13Hwɛ, migyina abura yi so, na kurow yi mu mmabaa rebɛtow nsu. 14Ma ɛmmra mu sɛ, ababaa biara a mɛka akyerɛ no se, ‘Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsu no bi nnom no,’ sɛ ɔka se, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ a, ɔnyɛ ababaa a woapaw no ama wʼakoa Isak. Ɛnam eyi so bɛma mahu sɛ, woahu me wura mmɔbɔ.”

15Ogu so rebɔ mpae no na Rebeka bae a ne sukuruwa si ne bati so. Saa Rebeka no yɛ Betuel ba. Betuel no nso yɛ Abraham nuabarima Nahor ne ne yere Milka babarima. 16Na Rebeka no yɛ ɔbabun a ne ho yɛ fɛ yiye. Na ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da. Osian kɔɔ abura no so, kɔhyɛɛ ne sukuruwa no nsu ma, san bae.

17Ɔsomfo no de ahoɔhare kohyiaa Rebeka, ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, hwie wo sukuruwa no mu nsu no kakra ma mennom.”

18Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kae se, “Me wura, gye bi nom.”

19Rebeka maa ɔsomfo no nsu no bi nom wiee no, ɔkae se, “Mɛsan akɔsaw nsu no bi abrɛ wo yoma no nyinaa nso anom.” 20Enti Rebeka de ahoɔhare hwiee ne nsu no guu anomee bi mu, san kɔsaw nsu a ɛbɛso yoma no nyinaa nom de bae. 21Ɔsomfo no hwɛɛ Rebeka komm, karii no pɛɛ sɛ ohu sɛ Awurade ama nʼakwantu no asi no yiye ana.

22Yoma no nom nsu no wiee no, ɔsomfo no yii sikakɔkɔɔ hwenemkaa a emu duru kari gram asia ne nkapo abien a ɛno nso mu duru yɛ gram ɔha dunan. 23Na obisae se, “Hena ba ne wo? Mesrɛ wo, yebenya nnabea wɔ wʼagya fi ama ade akye ana?”

24Rebeka buaa no se, “Betuel babea ne me. Me nananom ne Milka ne Nahor.” 25Ɔka kaa ho se, “Yɛwɔ sare ne mmoa aduan bebree ne baabi a mo nso mobɛda.”

26Na ɔsomfo no buu nkotodwe, sɔree Awurade Nyankopɔn se, 27“Nhyira nka Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ onnyaee nokwaredi ne ayamye a ɔyɛ ma me wura no. Me de, Awurade adi mʼanim wɔ mʼakwantu yi mu, de me abedu me wura abusuafo fi.”

28Rebeka tuu mmirika kɔkaa nsɛm a asisi no nyinaa kyerɛɛ ne na fifo. 29Na Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban. Laban tee asɛm no, ɔde ahoɔhare kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ abura no so. 30Laban huu hwenemkaa no ne nkapo a egu ne nuabea no nsa no, na ɔtee asɛm a ɔbarima no ka kyerɛɛ Rebeka no, ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn kohuu sɛ ogyina yoma no ho wɔ asubura no so. 31Laban ka kyerɛɛ ɔsomfo no se, “Bra, wo a Awurade ahyira wo.” Obisaa ɔsomfo no se, “Adɛn nti na wugyina kurotia ha? Masiesie wo nnabea ne baabi a yoma no nso bɛda.”

32Enti ɔsomfo no kɔɔ fie hɔ maa Laban yiyii nneɛma a ɛwɔ yoma no so no. Wɔmaa yoma no sare ne aduan, afei Laban maa ɔsomfo no ne nnipa a wɔka ne ho no nsu de hohoroo wɔn anan ho. 33Eyi akyi no, ɔtoo wɔn pon. Nanso ɔsomfo no kae se, “Merempɛ sɛ medidi, gye sɛ mabɔ mʼamanneɛ.”

Laban kae se, “Bɔ wʼamanneɛ ɛ.”

34Enti ɔsomfo no bɔɔ nʼamanneɛ se, “Meyɛ Abraham somfo. 35Awurade ahyira me wura bebree, ama wayɛ ɔdefo. Wama no nguan ne anantwi, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa ne yoma ne mfurum. 36Bio, me wura yere Sara awo ɔbabarima ama no wɔ ne mmerewabere mu; Awurade na ɔde nea ɔwɔ nyinaa ama no. 37Me wura ma mekaa ntam se, ‘Worenware Kanaanfo a me ne wɔn te yi babea biara mma me babarima Isak. 38Na mmom, wobɛkɔ me man mu, mʼabusuafo nkyɛn, akɔware ɔbea wɔ hɔ abrɛ me babarima Isak.’

39“Na mibisaa me wura se, ‘Na sɛ ɛba sɛ, ɔbea no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no dɛn?’

40“Me wura Abraham buae se, ‘Awurade a manantew nʼanim no bɛsoma ne bɔfo, adi wʼanim, sɛnea ɛbɛyɛ a, wʼakwantu no besi yiye, na woanya ɔyere ama me babarima afi mʼabusua mu a ɛyɛ mʼagya fi no mu. 41Afei, sɛ ɛba sɛ, woba mʼabusua mu, na sɛ wɔamfa ɔbea no amma wo a, wo ntam a wokae no renkyekyere wo.’

42“Mebaa asubura no so nnɛ no, mesrɛe sɛ, ‘Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma akwantu yi nsi me yiye! 43Hwɛ, migyina abura yi so. Sɛ ababaa bi bɛtow nsu wɔ ha, na meka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsu no kakra nnom” no, 44na sɛ ɔka se, “Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom” a, ɔnyɛ ababaa a Awurade apaw no ama me wura Abraham babarima Isak no.’

45“Ansa na mewie me koma mu mpaebɔ no, Rebeka puee a sukuruwa si ne bati so. Rebeka kɔɔ abura no so, kɔtow nsu, na meka kyerɛɛ no se, ‘Mesrɛ wo, ma me nsu no bi nnom.’

46“Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kae se, ‘Me wura, gye bi nom na mɛsan asaw nsu no bi abrɛ wo yoma no nyinaa nso anom.’ Enti menom nsu no bi, na ɔmaa yoma no nyinaa nso bi nomee.

47“Mibisaa no se, ‘Hena ba ne wo?’

“Rebeka buae se, ‘Betuel ba ne me. Me nenanom ne Milka ne Nahor.’

“Ɛhɔ ara na mede hwenemkaa no hyɛɛ ne hwenem, na mede nkapo no nso guu ne nsa. 48Afei, mebɔɔ me mu ase sɔree Awurade. Mekamfoo Awurade a ɔyɛ me wura, Abraham Nyankopɔn, a wadi mʼanim de me afa ɔkwan pa so, ama manya me wura nuabarima nena aware ama ne babarima no. 49Afei, sɛ wobɛyɛ me wura adɔe adi no nokware a, ka kyerɛ me. Sɛ ɛnte saa nso a, ka kyerɛ me, sɛnea ɛbɛyɛ a, mehu ɔkwan ko a mɛfa so.”

50Laban ne Betuel buae se, “Saa asɛm yi fi Awurade nti, yenni ho asɛm biara. 51Rebeka ni. Momfa no nkɔ, na ɔnkɔware mo wura no babarima no, sɛnea Awurade ahyɛ no.”

52Bere a Abraham somfo no tee nea wɔkae no, obuu nkotodwe wɔ Awurade anim. 53Na ɔsomfo no yii sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwinne ne ntade maa Rebeka. Ɔsan de nneɛma a ɛsom bo yiye yɛɛ Rebeka nuabarima ne ne na ayɛ. 54Afei, ɔsomfo no ne nnipa a wɔka ne ho no didi nomee, na wɔda maa ade kyee.

Ade kyee anɔpa a wɔsɔree no, ɔsomfo no kae se, “Munnya me kwan, na mensan nkɔ me wura nkyɛn.”

55Nanso Rebeka nuabarima no ne ne na buaa ɔsomfo no se, “Ma ababaa no ntena yɛn nkyɛn bɛyɛ sɛ nnafua du bi, na ɛno akyi, wode no akɔ.”

56Akoa no buaa wɔn se, “Awurade ahyira mʼakwantu yi so ama me yi de, mesrɛ mo, monnnye me nnka ha. Munnya me kwan, na mensan nkɔ me wura nkyɛn.”

57Afei, wosii gyinae sɛ, “Momma yɛmfrɛ ababaa no, na yemmisa nʼadwene.” 58Enti wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no se, “Wopɛ sɛ wo ne saa ɔbarima yi kɔ ana?”

Rebeka buae se, “Yiw, mɛkɔ!”

59Enti wogyaa Rebeka ne ɔbea a ogyigyee no ne mmofraase no ne Abraham somfo no ne ne nkurɔfo kwan. 60Wohyiraa Rebeka se,

“Onuabea, Awurade nka wo ho,

na wʼase nnɔ mpempem!

Awurade mma wʼasefo no

nni wɔn atamfo nyinaa so nkonim.”

61Na Rebeka ne ne mmaawa siesiee wɔn ho, tenatenaa wɔn yoma so ne Abraham somfo no kɔe. Eyi ne ɔkwan a Abraham somfo no faa so de Rebeka kɔe.

62Saa bere no na Isak a na anka ɔte Negeb no fi hɔ abɛtena Beer-Lahai-Roi. 63Da koro anwummere bi a Isak kotuu mpase wɔ sare so refa adwene no, ɔtoo nʼani huu sɛ yoma sa so reba. 64Rebeka nso too nʼani, na ohuu Isak. Rebeka si fii ne yoma no so, 65bisaa Abraham somfo no se, “Ɔbarima bɛn na ɔnam sare yi so rebehyia yɛn yi?”

Ɔsomfo no buae se, “Ɔyɛ me wura babarima.” Enti Rebeka yii ne nkataanim de kataa nʼanim.

66Abraham somfo no bɔɔ Isak nsɛm a asisi no nyinaa ho amanneɛ. 67Isak de Rebeka kɔɔ ne na Sara ntamadan mu. Na ɔwaree no ma ɔbɛyɛɛ ne yere. Na ɔdɔ no yiye. Eyi maa Isak werɛ kyekyee wɔ ne na Sara wu akyi.

25

Abraham Ware Ketura

1Abraham waree ɔbea foforo bi a ne din de Ketura. 2Abraham ne Ketura woo saa mma a wɔn din didi so yi: Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua. 3Yoksan woo Seba ne Dedan. Dedan asefo ne Asurfo, Letusfo ne Leumfo. 4Midian woo Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa. Eyinom nyinaa yɛ Ketura asefo.

5Abraham de nʼagyapade nyinaa maa Isak. 6Nanso bere a ɔte ase no, ɔmaa ne mpenamma akyɛde, na oyii wɔn fii ne babarima Isak nkyɛn ma wɔkɔɔ apuei fam asase bi so.

Abraham Wu

7Abraham nkwanna nyinaa kosii mfe ɔha aduɔson anum. 8Abraham nyin bɔɔ akwakoraa posoposo ansa na ɔrewu akɔka ne mpanyimfo ho. 9Ne mmabarima Isak ne Ismael siee no wɔ Makpela boda a ɛwɔ Efron no mu. Na ɛhɔ yɛ Hetini Sohar babarima no afuw a ɛwɔ Mamrɛ apuei fam. 10Eyi ne asase a Abraham tɔ fii Hetifo nkyɛn no. Ɛhɔ na wosiee Abraham ne ne yere Sara. 11Abraham wu akyi no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak a na saa bere no ɔte Beer-Lahai-Roi abura no ho no.

Ismael Asefo

12Eyi ne Abraham babarima Ismael a Sara afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no woo no maa Abraham no asefo ho asɛm.

13Wɔn a wodidi so yi yɛ Ismael mmabarima a wɔabobɔ wɔn din fi mpanyin mu no.

Na Nebaiot yɛ Ismael abakan.

Wɔn a wodidi so yi nso yɛ Kedar, Adbeel, Mibsam,

14Misma, Duma, Masa,

15Hadad, Tema, Yetur,

Nafis ne Kedema.

16Saa din a wɔabobɔ yi yɛ Ismael mmabarima no. Saa din yi na ɛdeda mmusuakuw dumien ne wɔn atenae so.

17Ismael dii mfirihyia ɔha aduasa ason ansa na ɔrewu. Owu ma wosiee no wɔ ne nkurɔfo mu. 18Ismael asefo yi tenatenaa nsase a efi Hawila kosi Sur a ɛbɛn Misraim pɛɛ wɔ Asiria ntentenso. Daa na akokoakoko wɔ mmusuakuw yi ntam.

Esau Ne Yakob

19Abraham babarima Isak ne nʼasefo ho asɛm ni.

Abraham woo Isak. 20Isak dii mfirihyia aduanan no, ɔwaree Rebeka a ɔyɛ Aramni Betuel a ofi Paddan-Aram no babea. Rebeka yɛ Aramni Laban nuabea.

21Isak waree Rebeka mfe bebree a na wɔnwo. Enti Isak bɔɔ Awurade mpae, srɛɛ ɔba maa ne yere. Akyiri no, Awurade tiee ne mpaebɔ, maa ne yere Rebeka nyinsɛnee. 22Bere a Rebeka nyinsɛnee no, ɛtɔ da a, na mmofra no di aperepere wɔ ne yafunu mu. Sɛ ɛba saa a, obisa ne ho se, “Dɛn na ɛreyɛ me yi?” Afei, ɔbɔɔ mpae bisaa Awurade nea ɛkyerɛ.

23Awurade buaa no se,

“Aman abien na wɔwɔ wo yafunu mu.

Wɔbɛtetew nnipa baanu a wɔwɔ wo yafunu mu no mu.

Mmofra baanu no, ɔbaako asefo bɛyɛ ahoɔdenfo asen ne nua a ɔka ne ho no asefo.

Na ɔpanyin no bɛsom akumaa no.”

24Rebeka awo duu so no, ɔwoo ntaten. 25Na nea odii kan bae no yɛ ɔkɔkɔɔ a ne ho nwi yɛ kuhaa te sɛ nea ɔhyɛ nwi atade. Enti wɔtoo no din Esau. 26Eyi akyi no, ne nua no bae a na ne nsa kura Esau nantin; enti wɔtoo ne din Yakob. Rebeka woo wɔn no, na Isak adi mfe aduosia.

27Mmofra no nyin no, Esau bɛyɛɛ ɔbɔmmɔfo a ɔtow a, ɔmfom. Na ɔyɛ ha fa wuram baabiara. Yakob nso bɛyɛɛ obi a ɔyɛ komm a ɔmpɛ ne ho asɛm. Na bere biara, ɔpɛ sɛ ɔtena fie. 28Na Isak pɛ Esau asɛm yiye, efisɛ na bere biara ɔkɔyɛ ha de hanam a Isak pɛ ba fie. Nanso na Rebeka de, ɔpɛ Yakob asɛm.

Esau Tɔn Ne Panyin

29Da bi a Esau fi wuram bae a na ɔkɔm de no yiye no, ɔbɛtoo sɛ ne nua kumaa Yakob nso renoa aduan bi a ani yɛ kɔkɔɔ na ɛyɛ akɔnnɔ nso. 30Ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Mesrɛ wo, ma me wʼaduan a woanoa yi bi nni!” Ɛno nti na wɔfrɛ Esau sɛ Edom, a nkyerɛase ne ade kɔkɔɔ.

31Yakob buae se, “Tɔn wo panyin no ma me ansa.”

32Esau kae se, “Ɔkɔm rekum me, na mede panyin reyɛ dɛn?”

33Yakob buaa Esau se, “Mate, ka ntam kyerɛ me wɔ Onyankopɔn anim sɛ, panyin no yɛ me dea.” Esau kaa ntam no de tɔn ne panyin no maa ne nua kumaa Yakob.

34Enti Yakob maa Esau aduan no bi ma odii. Ɔnom nsu guu so, sɔre kɔɔ ne kwan.

Eyi ne ɔkwan a Esau faa so tɔn ne panyin no.

26

Isak Ne Ɔhene Abimelek

1Na ɔkɔm kɛse bi baa asase no so; ɛsono ɔkɔm kɛse a ɛbaa Abraham bere so no. Ɛno nti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifo hene Abimelek kurow mu. 2Ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Isak, ka kyerɛɛ no se, “Nkɔ Misraim, na mmom, tena asase a mɛkyerɛ wo no so. 3Tena asase yi so kakra, efisɛ mede saa asase no nyinaa bɛma wo ne wʼasefo, na mede asi bɔ a mehyɛɛ wʼagya Abraham no so dua. 4Mɛma wʼasefo adɔɔso te sɛ nsoromma a ɛwɔ soro, na mede saa nsase yi nyinaa ama wɔn. Ɛnam wʼasefo so na wobehyira wiase aman ahorow nyinaa. 5Efisɛ Abraham tiee me nne, dii me nsɛm, mʼahyɛde ne me mmara nyinaa so.” 6Enti Isak tenaa Gerar.

7Bere a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkae se, “Ɔyɛ me nuabea.” Efisɛ na osuro sɛ ɔbɛka se, “Ɔyɛ me yere.” Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ na osusuw sɛ, esiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ nti, anhwɛ a na kurom hɔ mmarima akum no.

8Isak tenaa hɔ kyɛɛ kakra no, da bi, Filistifo hene Abimelek gyina ne mfɛnsere mu na ohuu sɛ Isak regoru ne yere Rebeka ho. 9Ɛno nti, Abimelek soma ma wɔkɔfrɛɛ Isak. Isak bae no, obisaa no se, “Ɔbea no yɛ wo yere ankasa. Adɛn nti na woka se, ‘Ɔyɛ me nuabea?’ ”

Isak buaa no se, “Misusuwii sɛ, sɛ meka se ɔyɛ me yere a, ne nti, ebia na wɔakum me.”

10Na ɔhene Abimelek kae se, “Dɛn asɛm na wo ne yɛn adi yi? Nokware a woamma anna adi nti, anka obi betumi afa wo yere no, na wode mmusu aba yɛn so.”

11Ɛno nti, Abimelek bɔɔ ne manfo no kɔkɔ se, “Obiara a ɔde ne nsa bɛka saa ɔbarima yi, anaa ne yere no, ɔkwan biara so no wobekum no.”

12Saa afe no ara Isak dɔw afuw. Na Awurade hyiraa nʼadwumade so. Ne nnɔbae baa bebree. 13Isak yɛɛ ɔdefo. Nʼahonya kɔɔ so dɔɔso ma odii taamu. 14Onyaa nguan, anantwi, ne asomfo bebree ma ɛyɛɛ saa ma Filistifo no ani beree no yiye. Saa anibere yi nti, Filistifo no de dɔte kosisiw 15abura ahorow a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu wɔ ne bere so no nyinaa ano.

16Ɛbaa saa no, ɔhene Abimelek ka kyerɛɛ Isak se, “Tu fi yɛn asase so, efisɛ wʼahonya dodow no aka yɛn ahyɛ.”

17Isak tu fii Gerar kurow no mu, kɔɔ Gerar subon mu de hɔ kɔyɛɛ nʼatenae. 18Enti Isak maa ne nkoa san tutuu mmura a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu na ne wu akyi no Filistifo no sisiw ne nyinaa no. Ɔsan de din koro no ara a nʼagya Abraham de totoo mmura no totoo no bio.

19Isak nkoa no tuu abura foforo bi wɔ Gerar subon no mu, kɔtoo nsu a ɛyɛ kurunnyenn. 20Nanso Gerar nguanhwɛfo ne Isak nguanhwɛfo gyee abura no ho akyinnye. Gerar nguanhwɛfo no kae se, “Abura yi yɛ yɛn de.” Eyi maa Isak too saa abura no din Esek, a ase kyerɛ akyinnyegye abura. 21Isak nkoa no san tuu abura foforo, nanso Gerar nguanhwɛfo no san ne wɔn kasakasaa ɛno nso so. Eyi maa Isak san too saa abura no nso din Sitna, a ase kyerɛ Aperedi. 22Isak gyaw saa abura no hɔ kotuu abura foforo. Afei, nnipa a wɔne no te hɔ no gyaee no haw a obiara ne no ankasa so bio. Eyi maa Isak too saa abura yi din Rehobot a ase ne “Afei de Awurade abɔ yɛn atenase na yebenya yɛn ho wɔ asase yi so.”

23Isak tu fii hɔ kɔɔ Beer-Seba. 24Anadwo no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no, ka kyerɛɛ no se, “Mene wʼagya, Abraham Nyankopɔn. Nsuro, efisɛ me ne wo na ɛwɔ hɔ. Bɔ a mahyɛ mʼakoa Abraham nti, mehyira wo na mama wʼasefo adɔɔso, na wɔayɛ ɔman kɛse.”

25Isak sii afɔremuka, som Awurade wɔ hɔ. Osii ntamadan tenaa hɔ, na ne nkoa nso tuu abura maa no.

26Da bi, ɔhene Abimelek ne ne fotufo Ahusad ne ne sahene Pikol fi Gerar bɛsraa Isak. 27Isak bisaa wɔn se, “Adɛn nti na mo a na mo ne me nka, na mopam me fii mo nkyɛn aba me ha nnɛ sɛ morebɛsra me?”

28Wobuaa no se, “Yehu pefee sɛ Awurade wɔ wʼafa nti, yɛasi gyinae sɛ, yɛne wo bɛyɛ apam. Apam no bɛda wo ne yɛn ntam. Pene so, na yɛne wo nyɛ saa apam no 29sɛ worenhaw yɛn, sɛnea yɛn nso, yɛanhaw wo no. Yɛne wo tenaa yiye. Yegyaa wo kwan asomdwoe mu. Na afei, hwɛ sɛnea Awurade ahyira wo.”

30Isak too wɔn pon, na wodidi nomee de twɛn apam a wɔne no rebɛyɛ no. 31Ade kyee anɔpa no, Isak ne mmarima no kekaa wɔn ho wɔn ho ntam, de sii wɔn apam a wɔayɛ no so dua. Na Isak gyaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ asomdwoe mu.

32Da no ara, Isak asomfo bɛkaa abura a na wɔretu no ho asɛm kyerɛɛ no se, “Yɛato nsu.” 33Isak too abura no din Seba a, ase kyerɛ sɛ “Ntanka abura.” Kurow a akyiri no wɔkyekyeree wɔ hɔ no, wɔtoo hɔ din Beer-Seba a ebesi nnɛ, wɔda so frɛ hɔ saa ara.

34Esau dii mfe aduanan no, ɔwaree ababaa bi a na wɔfrɛ no Yudit. Na nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Beeri. Esau san waree Basmat a nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Elon. 35Nanso Isak ne Rebeka bo annwo wɔ saa aware no ho.

27

Yakob Gye Esau Nhyira

1Isak bɔɔ akwakoraa a nʼani so ayɛ no wusiwusi na onhu ade papa no, da koro bi, ɔfrɛɛ ne babarima panyin Esau. “Me ba.”

Na Esau gyee so se, “Agya, mini.”

2Isak kae se, “Mprempren mabɔ akwakoraa, na minnim da a mewu. 3Fa wʼagyan ne wo bɛmma, na kɔ wuram kɔhwehwɛ hanam bi brɛ me. 4Fa noa mʼakɔnnɔduan no bi brɛ me, na minni, na minhyira wo ansa na mawu.”

5Bere a Isak ne ne ba Esau rekasa no, na Rebeka retie. Enti bere a Esau kɔɔ sɛ ɔrekokum nam no aba pɛ, na 6Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob se, “Yakob tie! Metee sɛ wʼagya reka akyerɛ wo nua Esau se, 7‘Kɔhwehwɛ hanam bi fa noa mʼakɔnnɔduan no bi brɛ me, na minni, na minhyira wo wɔ Awurade anim, ansa na mawu.’ 8Afei, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yiye, na di so. 9Kɔ nguankuw no mu, na kɔkyere nguan abien a wɔadodɔ srade brɛ me, na memfa nnoa akɔnnɔduan, sɛnea wʼagya pɛ no pɛpɛɛpɛ mma no. 10Sɛ menoa wie a, fa kɔma no, na onni, na onhyira wo ansa na wawu.”

11Yakob ka kyerɛɛ ne na Rebeka se, “Wunim sɛ me nua Esau ho wɔ nwi, na me nso, me ho yɛ trontrom. 12Sɛ ɛba sɛ mʼagya de ne nsa fa me ho, na ohu sɛ ɛnyɛ Esau a, ɛbɛyɛ sɛ gyama meredaadaa no, na wadome me mmom, sen sɛ anka obehyira me.”

13Yakob ne na ka kyerɛɛ no se, “Me ba, ma nnome no mmra me so. Wo de, yɛ nea maka akyerɛ wo no ara. Kɔ na kɔkyere nguan no brɛ me.”

14Enti Yakob tiee ne na Rebeka asɛm, kɔkyeree nguan no brɛɛ no. Na okum wɔn, de noaa akɔnnɔduan bi, sɛnea Isak pɛ no pɛpɛɛpɛ. 15Ɛno akyi no, Rebeka faa ne ba panyin Esau atade papa bi a ɛwɔ fie hɔ de maa ne ba Yakob hyɛe. 16Afei, ɔde nguan a wokum wɔn no nhoma yɛɛ ahyɛnsa, kataa Yakob nsa ho. Ɔde bi kataa ne kɔn ho nyinaa. 17Ɔde brodo a wato no foforo kaa akɔnnɔduan a wanoa no ho, de maa ne ba Yakob.

18Yakob de aduan no kɔmaa nʼagya Isak wɔ ne dan mu. Oduu hɔ no, ɔkae se, “Agya!”

Isak buae se, “Mewɔ hɔ na ɛyɛ hena?”

19Yakob ka kyerɛɛ nʼagya se, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau. Mayɛ nea woka kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Mede hanam a wopɛ no bi anoa wʼakɔnnɔduan no abrɛ wo, enti mesrɛ wo, sɔre tena ase, na didi, na sɛ wudidi wie a, woahyira me.”

20Isak bisaa ne ba no se, “Ɛyɛɛ dɛn na wo ho ayɛ hare sɛɛ yi?”

Yakob buae se, “Awurade, wo Nyankopɔn no, na ogyinaa mʼakyi maa me nsa kaa hanam no bi ntɛm.”

21Afei, Isak ka kyerɛɛ Yakob se, “Me ba, twiw bɛn me, na memfa me nsa nka wo nhwɛ sɛ, wo ne me ba Esau no ampa ana.”

22Yakob twiw bɛn nʼagya Isak, na ɔde ne nsa kekaa ne ho kae se, “Nne yi yɛ Yakob nne, nanso nsa yi yɛ Esau de.” 23Isak anhu sɛ ɛyɛ Yakob, efisɛ na ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau pɛpɛɛpɛ. Enti, ohyiraa no. 24Isak san bisaa Yakob se, “Enti ampa ara sɛ wo ne me ba Esau no?”

Yakob buae se, “Yiw, me ne Esau.”

25Afei, Isak kae se, “Me ba, fa wʼaduan no brɛ me na minni, na midi wie a, mahyira wo.”

Yakob de aduan no brɛɛ nʼagya Isak, na odii; ɔsan de nsa brɛɛ no maa ɔnomee. 26Isak wiee no, ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Me ba, bra befew mʼano!”

27Enti Yakob kɔɔ nʼagya Isak nkyɛn kofew nʼano. Bere a Isak huam Yakob atade mu, na ogye too mu sɛ, ɛyɛ ne ba Esau no, ohyiraa no se,

“Ampa ara! Me ba ho hua te sɛ

hua a efi afuw

a Awurade ahyira so no mu.

28Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosu ne asase mu srade,

na afum aduan ne nsa mmu wo so.

29Amanaman bɛsom wo,

na nnipa nyinaa abu wo nkotodwe.

Wubedi wo nuanom so, na wo na mma nso akotow wo.

Wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo nyinaa,

na wɔn a wohyira wo nyinaa nso,

wobehyira wɔn.”

Esau Nhyira Abɔ No

30Isak hyiraa Yakob wiei, na ofii nʼagya nkyɛn kɔe ara pɛ, na ne nua Esau fi nʼahayɛ bae. 31Ɔno nso noaa akɔnnɔduan brɛɛ nʼagya. Na ɔka kyerɛɛ no se, “Agya, sɔre na di me hanam aduan no, na hyira me.”

32Nʼagya Isak bisaa no se, “Na hena ni?”

Esau buae se, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau.”

33Isak tee saa asɛm yi pɛ, ne ho fii ase wosow biribiribiri, na obisae se, “Ɛno de, na hena na ɔkɔɔ ahayɛ kokum nam de noaa aduan brɛɛ me yi. Mididi wie hyiraa onipa ko no pɛ na wobaa yi. Nokware ni, nhyira a mahyira no no, sɛ mesan mʼano a, ɛrenyɛ yiye!”

34Bere a Esau tee asɛm a nʼagya kae no, ɔno nso de awerɛhow teɛɛ mu denneennen, ka kyerɛɛ nʼagya se, “Agya! Hyira me. Hyira me nso bi!”

35Nanso Isak kae se, “Ɛno de, na wo nua na ɔde nnaadaa abegye wo nhyira kɔ!”

36Esau kae se, “Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔfrɛ no Yakob27.36 Din Yakob nkyerɛase reyɛ akɔyɛ omimfo anaa osisifo. a ase kyerɛ nantintwitwafo. Eyi ne ne mprenu so a wadaadaa me. Nea edi kan ne sɛ, ɔdaadaa me gyee me panyin. Nea ɛto so abien nso ne sɛ, ɔde nnaadaa agye me nhyira!” Afei, Esau bisaa nʼagya se, “Enti woannyaw me nhyira no bi a wode behyira me nso?”

37Isak buaa Esau se, “Manya de no ayɛ wo wura dedaw. Mede ne nuanom nyinaa ayɛ ne nkoa. Mahyira no sɛ, obenya afum nnuan ne nsa foforo bebree. Na afei, dɛn bio na aka a metumi ayɛ ama wo, me ba?”

38Esau bisaa nʼagya se, “Agya, enti nhyira baako pɛ na wowɔ? Agya, hyira me nso bi!”

Esau Twaa Adwo

39Afei, nʼagya Isak buaa no se,

“Tie! Asase27.39 Edom asase a na Esau asefo te so no, na ɛyɛ kesee ne abotan a srade nni mu koraa a (1 Mose 36.8; 2 Ah 8.20). kesee so na wobɛtena,

na ɔsoro bosu rentɔ wɔ so.

40Wode wo afoa na ɛbɛtena ase,

na woasom wo nua kumaa.

Nanso daakye bi,

sɛ wokanyan wo ho a,

wubefi wo nua no som ase.”

Yakob Guan Kɔ Laban Nkyɛn

41Esiane Esau nhyira a Yakob kɔdaadaa wɔn agya Isak gyee no nti, Esau tan Yakob. Esau kaa wɔ ne tirim se, “Ɛrenkyɛ, na mʼagya Isak awu. Sɛ owu a, mekum me nua Yakob.”

42Obi tee adwene a Esau afa wɔ ne nua kumaa Yakob ho no, ɔkɔbɔɔ wɔn na Rebeka amanneɛ. Enti Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no se, “Wo nua Esau abɔ ne tirim sɛ, sɛ onya wo a, obekum wo ansa na ne bo atɔ ne yam. 43Enti me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yiye. Guan ntɛm kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran. 44Tena ne nkyɛn kakra wɔ hɔ, kosi sɛ wo nua Esau bo bedwo. 45Sɛ wo nua koma tɔ ne yam, na ne werɛ fi nea woyɛɛ no, na ogyaa mu ma ɛka a, mɛsoma abɛka akyerɛ wo, na woafi Haran aba. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ metena hɔ hwɛ, na me mma baanu bɔ mu wu da koro?”

46Enti Rebeka ka kyerɛɛ Isak se, “Saa Hetifo mmabaa yi koraa ama asetena afono me. Sɛ ɛkɔba sɛ Yakob nso kɔware Hetifo asase so mmabaa yi bi a, mmea a wɔte sɛ eyinom bi a, ɛno de, na miwuu koraa a, anka eye.”

28

Isak Hyira Yakob

1Isak frɛɛ Yakob, hyiraa no hyɛɛ no se, “Nware saa Kanaanfo mmea yi bi da. 2Ka wo ho kɔ Betuel a ɔyɛ wo na Rebeka agya no nkyɛn wɔ Paddan-Aram, na kɔware wo wɔfa Laban mmabea no mu baako. 3Otumfo Nyankopɔn no nhyira wo. Ɔmma wʼase nnɔ bebree, na wʼasefo no abɛyɛ ɔman kɛse a mmusuakuw bebree befi mu aba. 4Onyankopɔn mfa nhyira a ɔde hyiraa Abraham no nhyira wo ne wʼasefo. Ɔmma asase a nnɛ wote so sɛ ɔhɔho yi, a ɛyɛ asase a Onyankopɔn de maa Abraham no nyɛ wo dea.” 5Sɛnea Isak gyaa ne ba Yakob kwan ni: Yakob kɔɔ Laban a ɔyɛ Aramni Betuel babarima nkyɛn wɔ Paddan-Aram. Na saa Laban yi yɛ Esau ne Yakob mama Rebeka ne nuabarima.

Esau Ware Ismael Babea

6Esau tee sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan ma ɔkɔ Paddan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ. Ohyiraa no no, ɔhyɛɛ no se, “Nware saa Kanaanfo mmea yi bi da.” 7Yakob tiee nʼagya ne ne na afotu no sii mu kɔɔ Paddan-Aram. 8Esau huu sɛ nʼagya Isak mpɛ Kanaanfo mmea asɛm. 9Enti osii mu kɔɔ Abraham babarima Ismael nkyɛn, kɔwaree ne babea Mahalat. Na Mahalat yɛ Nebaiot nuabea, na ɔyɛ Ismael a ɔno nso yɛ Abraham babarima no babea. Esau waree Mahalat kaa ne yerenom ho.

Yakob Dae A Ɔsoo Wɔ Bet-el

10Yakob fii Beer-Seba de nʼani kyerɛɛ Haran. 11Oduu baabi na onwini redwo no, ɔpɛɛ baabi soɛe, efisɛ na ade resa. Ɔfaa ɔbo bi wɔ faako a wadu hɔ de yɛɛ sumii. 12Ɔdae no, ɔsoo dae bi. Dae no mu no, ohuu sɛ antweri bi si fam a nʼatifi ka wim, na Onyankopɔn abɔfo redi so aforosian. 13Ohuu sɛ Onyankopɔn gyina antweri no atifi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Mene Awurade, Abraham Nyankopɔn, ne wʼagya Isak Nyankopɔn. Mede asase a woda so yi bɛma wo ne wʼasefo. 14Wʼasefo bɛyɛ sɛ asase so mfutuma, na mobɛtrɛtrɛw akɔ apuei ne atɔe, atifi ne anafo nyinaa. Wo ne wʼasefo mu na wofi behyira wiase mmusuakuw nyinaa. 15Eyinom nyinaa akyi no, mɛka wo ho, na baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi, na mɛsan de wo aba saa asase yi so. Merennyaw wo da, kosi sɛ bɔ a mahyɛ wo yi nyinaa bɛba mu.”

16Yakob nyanee no, ɔkaa wɔ ne tirim se, “Ampa ara, sɛɛ na Awurade wɔ saa beae ha yi, a na minnim!” 17Yakob suroe, na ɔkɔɔ so kaa wɔ ne tirim se, “Ɛha yɛ hu papa. Ɛha nyɛ baabiara sɛ Onyankopɔn fi. Ɔsoro pon ano ne ha.”

18Enti Yakob sɔree anɔpatutuutu maa ɔbo a ɔde yɛɛ sumii no so sii hɔ, hwiee ngo guu so. 19Ɔtoo beae no din Bet-El a ase kyerɛ Onyame fi. Kan no na anka wɔfrɛ saa kurow no Lus.

20Na Yakob kaa ntam se, “Sɛ Onyankopɔn bɛka me ho, ahwɛ me so wɔ saa akwantu yi mu, ama me aduan adi, ama me ntama afura, 21sɛnea ɛbɛyɛ a mɛsan aba mʼagya fi asomdwoe mu a, ɛno de, Awurade bɛyɛ me Nyankopɔn. 22Saa ɔbo a mede asi hɔ sɛ nkaedum yi bɛyɛ Onyankopɔn fi. Biribiara a wo, Onyankopɔn, de bɛma me no, mede mu nkyɛmu du mu baako bɛma wo.”

29

Yakob Kodu Paddan-Aram

1Yakob toaa nʼakwantu so koduu apueifo asase so. 2Asase no so baabi na okohuu abura bi a nguankuw abiɛsa butubutuw ho. Efisɛ saa abura no mu nsu na na wɔsaw ma nguan no nom. Na ɔbo kɛse bi na ɛkata abura no so. 3Bere biara a nguankuw no bɛboa wɔn ho ano wɔ hɔ no, nguanhwɛfo no pirew ɔbo no fi abura no ano ma nguan no nsu nom. Sɛ nguan no nom nsu no wie a, na nguanhwɛfo no asan de ɔbo no akata abura no ano.

4Yakob bisaa wɔn se, “Anuanom, mufi he na mobaa ha?”

Wobuaa Yakob se, “Yefi Haran.”

5Yakob san bisaa wɔn se, “Munim Nahor nena Laban ana?”

Nguanhwɛfo no nso buaa no se, “Yiw, yenim no.”

6Na Yakob bisaa wɔn se, “Na ne ho te dɛn?”

Wobuaa no se, “Ne ho ye. Na ne babea Rahel koraa na ɔne ne nguan reba yi.”

7Yakob kae se, “Monhwɛ. Owia no ano yɛ den dodo. Bere a ɛsɛ sɛ wɔboaboa mmoa no ano nnui. Momma wɔn nsu nnom, na monka wɔn nkɔ wɔn adidibea.”

8Nguanhwɛfo no buaa Yakob se, “Sɛ yɛmmoaboaa nguan no nyinaa ano, na yempirew ɔbo no mfii abura no ano a, yɛrentumi mma wɔn nsu nnom.”

9Yakob gu so ne wɔn rekasa no ara na Rahel a ɔno nso yɛ oguanhwɛfo no de nʼagya nguan baa hɔ. 10Bere a Yakob huu ne na nuabarima Laban babea Rahel ne ne wɔfa Laban nguan no, okopirew ɔbo no fii abura no ano. Afei, wɔmaa nguan no nsu nomee. 11Afei, Yakob few Rahel ano, na osui. 12Na Yakob aka akyerɛ Rahel se, ɔno Yakob yɛ Rahel no agya busuani a ɔsan yɛ nʼagya Laban no nuabea Rebeka babarima. Enti Rahel tuu mmirika kɔka kyerɛɛ nʼagya.

13Laban tee ne nuabea Rebeka ba Yakob ho asɛm no, ɔyɛɛ ntɛm kohyiaa no. Laban yɛɛ no atuu, few nʼano, de no baa ne fi maa Yakob bɔɔ no nʼanantese. 14Laban ka kyerɛɛ no se, “Woyɛ me dehye.” Na Yakob tenaa Laban nkyɛn ɔsram.

Yakob Ware Laban Mmabea Lea Ne Rahel

15Da koro bi, Laban ka kyerɛɛ Yakob se, “Ɛwɔ mu sɛ woyɛ me busuani de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ, sɛ woyɛ adwuma ma me a ɛnsɛ sɛ mitua wo ka. Kyerɛ me akatua a wopɛ na memfa mma wo.”

16Na Laban wɔ mmabea baanu. Na ɔpanyin no din de Lea na akumaa no nso de Rahel. 17Na Lea aniwa aba yɛ fɛ, na Rahel yɛ ɔbea fɛfɛ a nʼanim yɛ nyam yiye. 18Na Yakob dɔ Rahel wɔ aware kwan so, nti ɔka kyerɛɛ Rahel agya Laban se, “Sɛ wode wo babea kumaa Rahel bɛma me aware a, anka me nso mɛsom wo mfe ason.”

19Laban kae se, “Mepene so! Eye sɛ mede no bɛma wo aware mmom sen sɛ mede no bɛma obi foforo bi a minnim no. Enti tena me nkyɛn.” 20Esiane ɔdɔ a na Yakob dɔ Rahel nti, ɔsom Laban mfe ason, na wanhu koraa sɛ wasom akyɛ saa. Ɛyɛɛ no sɛ gyama ɔsomee nnansa bi pɛ.

21Yakob som wiee no, ɔka kyerɛɛ Laban se, “Masom awie nti, fa Rahel ma me na menware no.”

22Ɛno nti, Laban too pon kɛse, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa a na ɔne wɔn wɔ hɔ nyinaa baa aponto no ase. 23Na eduu anadwo a sum aduru no, Laban de ne babea Lea kɔmaa Yakob, maa ɔne no dae. 24Ɛno akyi no, Laban de nʼafenaa Silpa kaa Lea ho sɛ ɔnkɔsom no.

25Ade kyee no, ohuu sɛ Lea mmom na ɔda nʼakyi. Ɛnna Yakob bisaa Laban se, “Asɛm bɛn na wo ne me adi yi? Ɛnyɛ Rahel nti na mesom wo? Adɛn nti na woadaadaa me sɛɛ?”

26Laban buaa Yakob se, “Ɛha de, ɛnyɛ yɛn amanne sɛ yɛde ɔbabea kumaa ma aware wɔ bere a ɔpanyin no nwaree ɛ. 27Ma Lea nni nnaawɔtwe wɔ wo nkyɛn, na nnaawɔtwe no akyi no, sɛ wopɛ Rahel ara a, mɛma woasan asom mfirihyia ason bio, na mede no ama wo aware.”

28Yakob penee so ne Lea tenaa nnaawɔtwe. Ɛno akyi no, ɔsom mfe ason ansa na Laban de ne babea Rahel nso maa no waree. 29Laban de nʼafenaa Bilha nso maa ne babea Rahel sɛ ɔnkɔsom no. 30Yakob de ne ho kaa Rahel nso. Na ɔdɔ Rahel sen Lea. Yakob tenaa Laban nkyɛn, som no mfirihyia ason bio sɛnea ɔne no hyehyɛe no.

Yakob Mma

31Awurade huu sɛ Yakob ani nnye Lea ho no, obuee ne yafunu mu, nanso Rahel de, na ɔnwo. 32Lea nyinsɛn woo ɔbabarima. Ɔtoo no din Ruben a nkyerɛase ne “Awurade ahu mmɔbɔ a meyɛ.” Na Lea kae se, “Awurade ahu me mmɔbɔ. Nokware, afei na me kunu ani begye me ho.”

33Lea nyinsɛnee bio na ɔsan woo ɔbabarima bio no, ɔkae se, “Esiane sɛ Awurade huu sɛ me kunu ani nnye me ho nti, wasan akyɛ me ɔbabarima bio.” Enti, ɔtoo ne din Simeon a nkyerɛase ne “Awurade ate!”

34Lea san nyinsɛnee bio. Na ɔwoo ɔbabarima bio no, ɔkae se, “Afei de, me kunu de ne ho bɛfam me ho, efisɛ mawo mmabarima baasa ama no.” Ɛno nti, ɔtoo no din Lewi a nkyerɛase ne “Ahofam.”

35Lea san nyinsɛnee. Bere a ɔsan woo ɔbabarima bio no, ɔkae se, “Saa bere yi de, mɛkamfo Awurade.” Ɛno nti, ɔtoo no din Yuda, a ne nkyerɛase ne “Nkamfo.” Eyi akyi no, ɔhomee awo so.

30

1Bere a Rahel huu sɛ ɔne Yakob nwo no, nʼani beree ne nuabea no. Enti ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Sɛ wo ne me anwo mma a, mewu!”

2Yakob bo fuw Rahel ma ɔkae se, “Meyɛ Onyankopɔn? Ɔno na wasiw wo yafunu ano.”

3Na Rahel ka kyerɛɛ Yakob se, “Mʼafenaa Bilha ni, wo ne no nkɔda, na ɔnwo mma me, na ɛnam ne so ama me nso manya abusua.”

4Enti Rahel de nʼabaawa Bilha maa Yakob waree. Yakob ne no dae. 5Onyinsɛn woo ɔbabarima maa Yakob. 6Na Rahel kae se, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me. Wate mʼadesrɛ ama me ɔbabarima.” Ne saa nti, ɔtoo no din Dan a ne nkyerɛase ne, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me.”

7Rahel afenaa Bilha nyinsɛnee bio, woo ɔbabarima a ɔto so abien maa Yakob. 8Na Rahel kae se, “Me ne me nua Lea adi yɛn ho aperepere na madi nkonim.” Ɛno nti, ɔtoo abofra no din Naftali a ne nkyerɛase ne, “Mʼakodi.”

9Bere a Lea huu sɛ nʼawo atew kɔ no, ɔno nso de nʼafenaa Silpa maa Yakob waree. 10Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima maa Yakob. 11Na Lea kae se, “Akraye bɛn ni!” Enti ɔtoo abofra no din Gad a ne nkyerɛase ne, “Asi me yiye.”

12Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima a ɔto so abien maa Yakob. 13Na Lea kae se, “Mʼani agye! Afei de, mmea no bɛfrɛ me anigye.” Enti, ɔtoo no din Aser a ne nkyerɛase ne “Anigye.”

14Awitwabere mu da bi, Ruben kɔɔ afum kohuu afifide bi a wɔfrɛ no dudaim. Ɔde bi brɛɛ ne na Lea. Rahel ka kyerɛɛ Lea se, “Mesrɛ wo, ma me wo ba no dudaim30.14 dudaim: Eyi ne sɛnea wɔfrɛ dua no wɔ Hebri kasa mu. no bi.”

15Nanso Lea de abufuw buae se, “Woabegye me kunu akyi no, woresan abegye me ba dudaim a ɔde abrɛ me no bi apaa so?”

Na Rahel de awerɛhow kae se, “Eye, ɛno de, Yakob mmɛda wo nkyɛn nnɛ anadwo yi, na ma me dudaim no bi.”

16Enti da no anwummere a Yakob fi afum reba no, Lea kohyiaa no, ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wobɛda me nkyɛn anadwo yi, efisɛ mede me ba dudaim atɔ wo.” Enti Yakob kɔdaa Lea nkyɛn anadwo no.

17Onyankopɔn tiee Lea mpaebɔ, na onyinsɛn woo ɔbabarima a ɔto so anum maa Yakob. 18Na Lea kae se, “Mede mʼafenaa Silpa maa me kunu Yakob no, Onyankopɔn adom me.” Enti wɔtoo abofra no din Isakar a nkyerɛase ne “Akyɛde.”

19Lea san nyinsɛnee bio, na ɔwoo ne babarima a ɔto so asia maa Yakob. 20Enti Lea kae se, “Onyankopɔn ama me akyɛde a ɛsom bo yiye. Afei de, manya me kunu anim anuonyam. Ɔde obu ne nidi bɛma me, efisɛ mawo mmabarima baasia ama no. Enti ɔtoo abarimaa no din Sebulon a ne nkyerɛase ne Anuonyam.”

21Akyiri no, Lea woo ɔbabea too no din Dina.

22Afei, Onyankopɔn kaee Rahel, tiee ne mpaebɔ, buee nʼawotwaa ano. 23Rahel nyinsɛn woo ɔbabarima, na ɔkae se, “Afei de, Onyankopɔn apepa mʼanimguase ama me nso mawo ɔba.” 24Rahel too ne ba no din Yosef a ne nkyerɛase ne “Awurade mfa ɔbabarima baako nka me ho.”

Yakob Ahonya

25Rahel woo Yosef no, ankyɛ na da koro bi, Yakob ka kyerɛɛ Laban se, “Mepɛ sɛ mesan kɔ mʼankasa mʼasase so ne me fi, enti mesrɛ wo, gya me kwan na menkɔ. 26Fa me yerenom ne me mma a wɔn nti mebɛsom wo no ka ho. Wʼankasa ara wunim ɔsom pa a masom wo.”

27Laban buae se, “Mesrɛ wo, nkɔ nnya me. Makɔ abisa ahu sɛ, nhyira dodow a manya yi nyinaa fi te a wote me nkyɛn yi.” 28Laban ka kaa ho se, “Kyerɛ me akatua biara a wubegye, na metua.”

29Yakob buaa Laban se, “Wʼankasa wunim som a masom wo, ne sɛnea mahwɛ wʼanantwi ne wo nguan ama wɔn ase afɛe afa. 30Wʼahode kakra a na wowɔ bere a mebae no, nnɛ, adɔɔso abu so. Biribiara a meyɛ maa wo no nso, Awurade ahyira so. Na me nso, bere bɛn na metumi apɛ biribi de agyaw mʼabusuafo?”

31Laban bisaa Yakob se, “Akatua ahe na memfa mma wo?”

Yakob nso buae se, “Mma me hwee, na mmom, sɛ wobɛyɛ mʼabisade baako pɛ yi ama me de a, mɛkɔ so ayɛn wo mmoa no. 32Nnɛ, ma menkɔhwehwɛ wo mmoa no nyinaa mu, na minnyi oguan biara a ne ho yɛ ntokontrama, oguan ba biara a ɔyɛ tuntum ne abirekyi biara a ɔyɛ ntokontrama. Eyinom na ɛbɛyɛ mʼakatua. 33Eyi bɛma me nokwaredi adi me adanse, bere biara a wobɛhwehwɛ akatua a wode ama me no mu no. Sɛ wuhu abirekyi biara a ɔnyɛ ntokontrama anaa oguan biara a nʼahosu mmiri wɔ me mmoa no mu a, na ɛkyerɛ sɛ mawia wɔn afi wo de mu.”

34Laban buaa Yakob se, “Eye, yɛ no sɛnea woaka no.” 35Da no ara, Laban yiyii adwennini a wɔyɛ ntokontrama no nyinaa ne nguanbere a wɔyɛ ntokontrama no nso; mmoa no mu biara a fufu wɔ ne ho ne oguan ba biara a ɔyɛ tuntum no, ɔde wɔn kɔmaa ne mmabarima. 36Na Laban mma no faa mmoa no de wɔn twaa nnansa kwan, fii baabi a na Yakob wɔ hɔ. Saa bere no mu no, Yakob tenaa hɔ, hwɛɛ Laban nguan no.

37Na Yakob faa saa nnua yi: ɔsɛsɛ, odwen ne ɔfo mman amono, yiyii ho akamakam ma ɛkɔtoo dua kwatii no. 38Afei, ɔde mman amono a wayiyi ho no nyinaa guguu mmoa no adidi nnaka mu, sɛnea ɛba sɛ, mmoa no ba sɛ wɔrebɛnom nsu no bi a, wobehu. Saa bere no na anini no foro abere no. 39Enti sɛ mmoa no hyia mu wɔ dua mman ntokontrama no ho, na wonyinsɛn na wɔwowo a, wɔn mma no ho yɛ ntokontrama. 40Ɔnam saa kwan yi so yii Laban nguankuw no mu abere no guu faako ma ɛkaa anini no. Na ɔmaa wɔne Yakob nguan a wɔyɛ tuntum no hyiaa mu. Saa ɔkwan yi so na ɔfa tew nʼankasa ne nguankuw fii Laban de ho. 41Edu bere a nguanbere a wɔwɔ ahoɔden no pɛ sɛ wohyia adwennini no a, Yakob de mman a wayiyi ho akamakam no gu wɔn anim. 42Nanso wanyɛ nguan abere a wɔyɛ mmerɛw no saa. Enti nguantenmma a wonni ahoɔden no bɛyɛɛ Laban dea, na wɔn a wɔwɔ ahoɔden no nso bɛyɛɛ Yakob dea. 43Ɛnam eyi so maa Yakob nyaa ne ho tam. Onyaa mmoa, mfenaa, nkoa, yoma ne mfurum bebree.

31

Yakob Guan Fi Laban Nkyɛn

1Yakob tee sɛ Laban mmabarima no reka se, “Yakob afa yɛn agya ho nneɛma nyinaa. Nʼahonya nyinaa fi yɛn agya nneɛma a wafa no.” 2Yakob huu sɛ afei de, Laban ntew nʼanim nkyerɛ no sɛ kan no.

3Na Awurade ka kyerɛɛ Yakob se, “San kɔ wʼabusuafo ne wo nkurɔfo asase so, na medi wʼakyi.”

4Enti Yakob soma ma wɔkɔfrɛɛ ne yerenom Rahel ne Lea se wɔmmra ne nkyɛn wɔ sare no so, faako a ɔne ne nguankuw no wɔ no. 5Wɔbae no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mahu sɛ afei de, mo agya Laban anim nyɛ me fɛ sɛ kan no, nanso Onyankopɔn a mʼagya Isak som no no ka me ho. 6Munim sɛ mayi me yam de mʼahoɔden nyinaa ayɛ adwuma ama mo agya; 7nanso mo agya nam asisi kwan so asesa mʼakatua mu mpɛn du. Nanso eyi nyinaa akyi no, Onyankopɔn amma no kwan amma wanyɛ me bɔne. 8Sɛ ɔka se, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ ntokontrama no bɛyɛ wʼakatua,’ na sɛ mmoa no wo a, na wɔawo mma a wɔn ho yɛ ntokontrama. Sɛ ɔka se, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ nsensanee no bɛyɛ wʼakatua’ a, na wɔawowo mma a wɔn ho yɛ nsensanee. 9Ɔkwan a Onyankopɔn nam so agye mo agya nsam nyɛmmoa no de wɔn ama me ama mayɛ ɔdefo no ne no.

10“Eduu bere a mmoa no hyia mu no, mesoo dae huu sɛ adwennini a wɔforo nguanbere no ho yɛ ntokontrama, nsensanee anaa nsisimu. 11Onyankopɔn bɔfo frɛɛ me wɔ dae no mu ka kyerɛɛ me se, ‘Yakob!’ Na migyee so se, ‘Me ni!’ 12Na ɔsoro abɔfo no ka kyerɛɛ me se, ‘Hwɛ na hu sɛ adwennini a wɔforo nguanbere no nyinaa ho yɛ nsensanee, ntokontrama anaa nsisimu, na mahu ɔkwan a Laban de wo fa so no nyinaa. 13Mene Onyankopɔn a miyii me ho adi kyerɛɛ wo wɔ Bet-El, faako a wode ɔbo sii hɔ, hwiee ngo guu so, som me, hyɛɛ me bɔ sɛ, wobɛsom me no. Afei, tu fi saa asase yi so ntɛm ara, na san kɔ asase a wɔwoo wo wɔ so no so.’ ”

14Na Rahel ne Lea bisae se, “Enti saa tebea a yɛwɔ mu yi, yɛwɔ kyɛfa bi wɔ yɛn agya agyapade mu ana? 15Yɛn agya mfa yɛn sɛ yɛyɛ ahɔho? Watɔn yɛn, na yɛn ti sika a ogyee no nso, wadi. 16Ɛyɛ nokware turodoo sɛ yɛn agya ahode a Onyankopɔn gyei no nyinaa yɛ yɛn ne yɛn mma dea. Enti biribiara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ yɛ no, yɛ.”

17Na Yakob de ne mma ne ne yerenom tenatenaa yoma so. 18Ɔkaa ne mmoa nyinaa, agyapade a wanya nyinaa ne mmoa a onyaa wɔ Paddan-Aram nyinaa dii nʼanim sɛ, ɔrekɔ nʼagya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so.

19Bere a Laban kɔɔ wuram sɛ ɔrekotwitwa ne nguan ho nwi no, Rahel faa nʼakyi kowiaa nʼagya fi abosom. 20Yakob daadaa Aramni Laban a wamma wanhu sɛ ɔreguan. 21Yakob de nʼahode nyinaa guanee. Otwaa Asubɔnten Eufrate, de nʼani kyerɛɛ bepɔw asase Gilead no so.

Laban Tiw Yakob

22Yakob ne nʼabusuafo guanee no, nnansa akyi ansa na Laban tee sɛ wɔkɔ. 23Laban faa ne fifo kaa ne ho, de anibere tiw Yakob. Nnanson akyi ansa na ɔkɔtoo Yakob ne ne nkurɔfo no wɔ bepɔw Gilead so. 24Saa da no ara anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ dae mu kyerɛɛ Aramni Laban. Ɔka kyerɛɛ no wɔ dae no mu se, “Hwɛ yiye na woankɔka asɛm biara; sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne ankyerɛ Yakob.”

25Bere a Laban ne ne fifo kɔtoo Yakob no, na Yakob asisi ne ntamadan wɔ bepɔw Gilead atifi. Laban ne ne fifo no nso sisii wɔn ntamadan wɔ hɔ. 26Na Laban kɔɔ Yakob nkyɛn kobisaa no se, “Asɛm bɛn na wode adi me yi? Woadaadaa me, akyekyere me mmabea de wɔn reguan te sɛ nnommumfo. 27Adɛn nti na wodaadaa me, na wuguan fii me nkyɛn a woankra? Sɛ wokraa me a, anka mɛto wo pon, na mama nnipa abɛbɔ sanku, ato nnwom wɔ aponto no ase, de agya wo kwan. 28Woamma mankyiakyia me nenanom ne me mmabea yi nsam annya wɔn kwan mpo. Woadi nkwaseasɛm. 29Mewɔ tumi sɛ anka meyɛ wo bɔne, nanso nnɛra anadwo, Onyankopɔn a wo agya som no no ka kyerɛɛ me wɔ dae mu se, ‘Hwɛ yiye na woanka asɛm biara, sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne ankyerɛ Yakob.’ 30Esiane sɛ wʼani agyina wʼagya fi nti, na ɛsɛ sɛ wokɔ ara. Na adɛn nti na wuwiaa mʼabosom de kaa wo nneɛma ho?”

31Yakob buaa Laban se, “Na misuro. Na ɛyɛ me sɛ wode tumi begye wo mmabea no afi me nsam. 32Nanso obiara a wubehu wʼabosom no wɔ ne nkyɛn no, ɔsɛ owu. Wʼankasa hwehwɛ sɛ wubehu biribiara a ɛyɛ wo de wɔ me nneɛma yi mu wɔ yɛn nuanom yi anim. Sɛ wuhu biribiara a ɛyɛ wo de a, fa wʼade.” Bere a Yakob kaa saa asɛm yi no, na onnim sɛ Rahel na wawia nʼagya Laban abosom no.

33Ɛno nti, Laban kɔɔ Yakob, Lea, ne nʼasomfo Bilha ne Silpa ntamadan mu kɔhwehwɛɛ hɔ, nanso wanhu biribiara. Afei, okowuraa Rahel ntamadan mu. 34Na Rahel awia abosom no de ahyehyɛ ne yoma no agua ase, atena so. Enti Laban kɔhwehwɛɛ nneɛma a ɛwɔ Rahel ntamadan no nyinaa mu, nanso wanhu abosom no.

35Rahel ka kyerɛɛ nʼagya se, “Agya, mma wo bo mfuw me sɛ mete hɔ wɔ wʼanim na mennsɔre nnyina hɔ, makɔ afikyiri.” Enti Laban toaa so hwehwɛɛ abosom no ara, nanso wanhu.

36Ɛyɛɛ saa no, Yakob bo fuw Laban yiye, bisaa no se, “Bɔne bɛn na mayɛ? Amumɔyɛsɛm bɛn na madi a ɛno nti, woataa me ara yi?” 37Wohwehwɛɛ me nneɛma nyinaa mu yi, dɛn ade na wuhuu a ɛyɛ wo ne wo fifo de? Nea wuhuu biara no, fa bɛto gua wɔ me nuanom ne wo nuanom a wɔahyia ha yi nyinaa anim, na wɔnkyerɛ nea ɛyɛ ne de.

38“Mfirihyia aduonu a wo ne me tenae, wo nguan ne wo mmirekyi abere no ampɔmpɔn, na mankum wʼadwennini yi bi amfi wo nguankuw yi mu anwe da. 39Mamfa wʼaboa biara a akekaboa bi atetew ne mu ammrɛ wo; wɔn a mmoa kum wɔn no, mʼankasa mehyɛɛ anan mu. Afei sɛ ɛba sɛ wowia wo mmoa no bi, anadwo anaa awia a, woma mitua ka. 40Eyi ne tebea a na mewɔ mu: Meyɛɛ wʼadwuma awia maa owia hyee me ne anadwo maa awɔw dee me; nam so maa nna yera fii mʼaniwa mu. 41Tebea a na mewɔ mu mfirihyia aduonu a metenaa wo nkyɛn no nyinaa ni. Mede mfirihyia dunan na ɛyɛɛ adwuma maa wo, de waree wo mmabea baanu no. Na mede mfirihyia asia nso hwɛɛ wo nguan, na wosesaa mʼakatua mpɛn du. 42Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn a mʼagya som no, Onyankopɔn a Abraham som no a ɔwɔ mʼafa ne suro a misuro mʼagya Isak a, anka nokware ni, wopam me maa mede me nsa pan kɔe. Nanso Onyankopɔn huu mʼamanehunu ne me nsa ano adwuma nti na nnɛra anadwo ɔkaa wʼanim no.”

Laban Ne Yakob Yɛ Apam

43Laban buaa Yakob se, “Mmea no yɛ me mmabea, mmofra no nso yɛ me nenanom, na nguankuw no nso yɛ me nguankuw. Nneɛma a wuhu yi nyinaa yɛ me de. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ mʼankasa me mmabea ne me nenanom bɔne? 44Afei, bra na me ne wo nyɛ apam a ebedi me ne wo ntam adanse. Saa apam no so na yebedi wɔ yɛn asetena nyinaa mu.”

45Enti Yakob faa ɔbo de sii hɔ yɛɛ nkaedum. 46Yakob kyerɛɛ ne nuanom no se, “Montase abo!” Enti wɔtasee abo boaa ano, na wɔn nyinaa tenaa ho didii. 47Laban frɛɛ abo kuw no Yegar-Sahaduta a ne nkyerɛase ne Adanse Kuw. Yakob nso frɛɛ saa abo kuw no Gal-Ed, a ne nkyerɛase ne Adanse Kuw saa ara.

48Laban kae se, “Abo Kuw yi na edi me ne wo ntam adanse nnɛ!” Ɛno nti na wɔfrɛ no Gal-Ed no. 49Na wɔsan frɛ abo nkaedum no nso bio sɛ, “Mispa” efisɛ Laban kae se, “Awurade mmoa yɛn, na sɛ yɛn ntam tetew mpo a, yɛn mu biara bedi saa apam yi so. 50Sɛ woanhwɛ me mmabea yi yiye anaasɛ woware mmea foforo ka me mmabea yi ho a, ɛwɔ mu sɛ merenhu, nanso Onyankopɔn de, obehu.”

51Laban san ka kyerɛɛ Yakob se, “Abo Kuw yi ni. Nkaedum a mede asi me ne wo ntam no nso ni. 52Abo Kuw yi, ne nkaedum yi nyɛ adanse sɛ, me Laban, merentra saa Abo Kuw yi ne nkaedum yi mma baabi a wowɔ mmɛtoa wo. Na wo Yakob nso, worentra saa Abo kuw yi ne nkaedum yi mma baabi a mewɔ mmɛtoa me. 53Ma Abraham Nyankopɔn ne Nahor31.53 Na Nahor yɛ Abraham nuabarima (11.26) na ɔyɛ Laban nena (24.24,29). Laban som anyame bebree. Nyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn nyɛ otemmufo wɔ me ne wo ntam.”

Enti Yakob de nʼagya Isak Nyankopɔn ho suro kaa ntam sɛ, ɔrentra ɔhye no. 54Yakob bɔɔ Onyankopɔn afɔre wɔ bepɔw no atifi, na ohyiahyiaa ne nnamfonom ma wobedidii. Ɛno akyi no, wɔdaa ne nkyɛn wɔ bepɔw no so.

55Laban sɔree anɔpatutuutu few ne nenanom ne ne mmabea no ano, hyiraa wɔn. Na ɔsan nʼakyi kɔɔ ne kurom.

32

Yakob Yɛ Ahoboa Kohyia Esau

1Yakob nso toaa nʼakwantu no so. Onyankopɔn abɔfo behyiaa no. 2Yakob huu wɔn no, ɔkae se, “Ɛha yɛ Onyankopɔn fi!” Enti ɔtoo saa beae hɔ din “Mahanaim,” a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn asase.

3Yakob somaa abɔfo dii nʼanim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn wɔ Seir a ɛwɔ Edom asase so. 4Nkra a ɔde maa wɔn ni: “Monka nkyerɛ me wura Esau se, ‘Wʼakoa Yakob se, yɛn wɔfa Laban nkyɛn na makɔtena sɛ ɔhɔho ara de besi nnɛ yi. 5Nnɛ de, mewɔ anantwi ne mfurum, nguan ne mmirekyi, nkoa ne mfenaa bebree. Masoma mʼabɔfo yi aba wo, me wura nkyɛn, sɛ wɔmmɛka nkyerɛ wo se, mereba. Mewɔ anidaso nso sɛ, menya wʼanim anuonyam ama woagye me fɛw so.’ ”

6Asomafo no san baa Yakob nkyɛn no, wɔbɛka kyerɛɛ no se, “Yɛkɔɔ wo nua Esau nkyɛn kɔkaa wo nkra no kyerɛɛ no, na ose ɔreba abehyia wo, na mmarima ahannan na wɔka ne ho reba.”

7Yakob de ehu ne awerɛhow kyekyɛɛ nnipa a ɔne wɔn nam no ne mmoa no mu akuw abien. 8Ɔkaa wɔ ne tirim se, “Sɛ ɛba sɛ Esau ne ne dɔm no ba bɛtow hyɛ kuw baako so a, kuw a ɛto so abien no betumi aguan.”

9Na Yakob bɔɔ Awurade mpae se, “Ao, Awurade Nyankopɔn a mʼagya Abraham ne mʼagya Isak som wo, Awurade a woka kyerɛɛ me se, ‘San kɔ wʼasase so ne wʼabusua mu, na mɛma woayɛ ɔdefo.’ 10Wʼadɔe a wode ayɛ me ne nokware a woadi wʼakoa no mu kakraa bi mpo, mfata me. Da a mifii fie kotwaa Asubɔnten Yordan no, na me pema nko ara na mikurae, nanso nnɛ, me na mikura dɔm ahorow abien yi. 11Mesrɛ wo, gye me fi me nua Esau nsam. Misuro sɛ ɔbɛtow ahyɛ me ne me yerenom ne me mma so. 12Nanso wo na woahyɛ me bɔ se, ‘Nokware mu, mɛma woanya wo ho, na mama wʼase afɛe ayɛ sɛ mpoano nwea a wontumi nkan.’ ”

13Saa da no, ɔdaa hɔ. Na oyii nʼagyapade no bi sɛ akyɛde a ɔde bɛma ne nua Esau. 14Nneɛma no ni: Mmirekyibere ahannu, mpapo aduonu, nguanmmere ahannu, adwennini aduonu. 15Yomabere aduasa ne wɔn mma, anantwibere aduanan, anantwinini du, mfurummmere aduonu, mfurumnini du. 16Ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuwakuw, de maa nʼasomfo a kuw baako biara hyɛ ɔsomfo baako nsa. Ɔka kyerɛɛ nʼasomfo no se, “Munni mʼanim nkɔ, na mmom, momma akwan nneda mmoa akuwakuw no ntam.”

17Yakob san ka kyerɛɛ nʼasomfo a wodi kan no se, “Sɛ me nua Esau hyia mo, na obisa mo se, ‘Hena asomfo ne mo, mufi he na morekɔ he na hena mmoa na mode wɔn nam yi a?’ 18Monka nkyerɛ no se, ‘Mmoa no yɛ wʼakoa Yakob de. Ne nyinaa yɛ akyɛde a ɔde rebrɛ ne wura Esau, na nʼankasa di akyi reba.’ ”

19Saa ara nso na Yakob ka kyerɛɛ nʼasomfo a wɔto so abien, abiɛsa ne wɔn a wodidi so a wɔde mmoa no rekɔ no se, “Sɛ muhyia Esau a, monka saa asɛm koro no ara nkyerɛ no. Monka nka ho se, 20‘Wʼakoa Yakob ankasa di yɛn akyi reba.’ ” Efisɛ na Yakob ayɛ nʼadwene sɛ, “Mede akyɛde ahorow a mede asoma adi kan yi bɛpata no, na sɛ akyiri yi ohu me a, wagye me ato mu.” 21Enti wɔde Yakob akyɛde ahorow no dii kan kɔe. Na ɔno ankasa de, ɔdaa nʼatenae hɔ anadwo no.

Yakob Ne Onyankopɔn Atentam

22Anadwo no ara, Yakob sɔre faa ne yerenom baanu ne ne mfenaa baanu no ne ne mma dubaako no, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan wɔ Yabok asutwabea hɔ. 23Ɔde wɔn twaa asubɔnten no wiee no, ɔsan bɛfaa nʼagyapade a aka nyinaa de twaa asu no. 24Enti ɛkaa Yakob nko ara wɔ nʼatenae hɔ. Anadwo no, obi ne no bɛtentamee ara kosii adekyee wɛɛ. 25Bere a ɔbarima a ɔne no tentamee no huu sɛ ɔrentumi nni Yakob so no, ɔbɔɔ Yakob dwonku ma ehuanee. 26Na ɔbarima no ka kyerɛɛ Yakob se, “Ade akye nti, gyaa me ma menkɔ.”

Nanso Yakob buaa no se, “Sɛ woanhyira me a, meremma wo nkɔ.”

27Ɔbarima no bisaa Yakob se, “Wo din de dɛn?”

Obuae se, “Me din de Yakob.”

28Ɔbarima no kae se, “Efi nnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Israel. Efisɛ wo ne Onyankopɔn ne nipa atentam, na woadi nkonim.”

29Yakob bisae se, “Mesrɛ wo, wɔfrɛ wo dɛn?”

Ɔbarima no nso bisaa no se, “Adɛn nti na worebisa me din?” Na ohyiraa Yakob wɔ hɔ.

30Ɛmaa Yakob too beae hɔ din Peniel, a ne nkyerɛase ne “Onyankopɔn Anim.” Na ɔkae se, “Mahu Onyankopɔn anikann, nanso meda so te nkwa mu.”

31Yakob refi Penuel no na owia agyina. Esiane ne dwonku a na ahuan no nti, na ɔka ne nan mu. 32Ɛno nti na ebesi nnɛ yi, Israelfo nwe aboa dwonku koraa sɛ nkae ade no; efisɛ saa ntin kɛse a ɛwɔ Yakob dwonku no na ɔbarima a ɔne no tentamee no bɔe, maa dwonku no huanee no.

33

Yakob Ne Esau Ka Wɔn Ho Bɔ Mu

1Yakob maa nʼani so na ohuu sɛ Esau ne ne mmarima ahannan a wɔka ne ho no fi akyirikyiri reba. Enti ɔkyekyɛɛ ne mma no mu maa Lea, Rahel ne nʼasomfo baanu no. 2Ɔmaa asomfo no ne wɔn mma dii kan. Lea ne ne mma nso dii hɔ; na Rahel ne ne ba Yosef nso dii akyi. 3Yakob de, odii wɔn anim. Ɔreyɛ abɛn ne nua Esau no, ɔbɔɔ ne mu ase mpɛn ason.

4Esau tuu mmirika kohyiaa Yakob, yɛɛ no atuu. Ɔbam Yakob, few nʼano. Na wɔn baanu nyinaa sui. 5Na Esau maa nʼani so huu mmea no ne mmofra no. Obisaa Yakob se, “Eyinom yɛ hefo.”

Obuae se, “Wɔyɛ mma a Onyankopɔn de wɔn adom me a meyɛ wʼakoa no.”

6Na Yakob asomfo ne wɔn mma twiw bɛn Esau bɛkotow no. 7Saa ara na Lea ne ne mma nso bɛkotow no. Na Yosef ne ne na Rahel nso ba bɛkotow no.

8Esau bisae se, “Nguan ne anantwi ne mmoa bebrebe a wɔsa so reba yi nso ase ne dɛn?”

Yakob buae se, “Me wura, ɛyɛ akyɛde a mede rebrɛ wo, na manya wʼanim anuonyam.”

9Nanso Esau buaa no se, “Me nua, mewɔ saa mmoa yi bebree ma ɛboro so. Enti fa nea wode rebrɛ me yi ka wo de ho.”

10Yakob kae se, “Dabi, sɛ woagye me fɛw so de a, mesrɛ wo, gye akyɛde a mede rebrɛ wo yi. Nokware ni, esiane sɛ wugyee me ɔdɔ so nti, mihuu wʼanim no, na ayɛ me sɛnea mahu Onyankopɔn anim. 11Mesrɛ wo, gye mʼakyɛde a mede rebrɛ wo yi, efisɛ Awurade adom me ama mayɛ ɔdefo.” Esiane sɛ Yakob kɔɔ so srɛɛ no ara sɛ onnye nʼakyɛde no nti, Esau gyei.

12Na Esau kae se, “Ma yɛnkɔ. Yebedi mo anim ne mo akɔ.”

13Nanso Yakob buaa no se, “Me wura ankasa nim sɛ mmofra no bi susua. Ɛsɛ sɛ mehwɛ anantwi ne nguan ne mmoa a wɔawowo no nso ka wɔn brɛoo. Sɛ meka wɔn so da koro pɛ mpo a, wɔn nyinaa bewuwu. 14Enti me wura, di yɛn kan na yɛne nyɛmmoa no bedi wʼakyi nkakrankakra abɛto wo wɔ Seir.”

Yakob Kɔ Sekem

15Enti Esau kae se, “Ɛno de, ma minnyaw me mmarima no bi mma wo.”

Yakob kae se, “Adɛn na woyɛ saa? Me wura, ma minya wʼanim anuonyam kɛkɛ.”

16Enti da no ara, Esau san nʼakyi kɔɔ Seir. 17Nanso Yakob de, ɔkɔɔ Sukot kosisii ne ntamadan, pɛɛ baabi a ne mmoa no nso bɛda, de hɔ yɛɛ nʼatenae. Ɛno nti na wɔfrɛ saa beae hɔ Sukot, a ne nkyerɛase ne Asese no.

18Yakob fii Paddan-Aram no, okoduu Sekem kurow a ɛwɔ Kanaan asase so no mu asomdwoe mu. 19Yakob tɔɔ asase a ɔtenaa so no dwetɛ mpɔw ɔha fii Sekem agya Hamormma nkyɛn. 20Wosii afɔremuka wɔ hɔ, too saa afɔremuka no din El-Elohe-Israel, a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn Afɔremuka.

34

Sekem Gu Dina Ho Fi

1Da koro bi, Lea ne Yakob ba Dina fii adi kɔsraa mmabaa a wɔwɔ wɔn mpɔtam hɔ no. 2Bere a Hewifohene Hamor babarima Sekem huu Dina no, ɔkyeree no kɔtoo no mmonnaa. 3Efi saa bere no, Sekem tuu nʼani sii Yakob ba Dina so. Ɔbɔɔ mmɔden ara sɛ ɔne no bɛkasa ama wapene so, na waware no. 4Ɛno nti, Sekem dii ho nkɔmmɔ kyerɛɛ nʼagya Hamor se, “Mepɛ sɛ meware ababaa yi, enti kɔka ne ho asɛm ma me!”

5Bere a Yakob tee sɛ Sekem akɔkyere ne babea Dina akɔto no mmonnaa no, na ne mmabarima no nyinaa ne wɔn agya anantwi wɔ wuram. Enti Yakob anka hwee kosii sɛ wɔbae.

6Sekem nʼagya Hamor kɔɔ Yakob nkyɛn ne no kodii nkɔmmɔ. 7Yakob mmabarima no tee wɔn nuabea Dina ho asɛm no pɛ, wofii wuram hɔ bae. Wɔn werɛ howee na wɔn bo nso fuw yiye, efisɛ Sekem ayɛ aniwude wɔ Israel. Ɔne Yakob babea dae, na eyi yɛ akyiwade.

8Nanso Hamor ka kyerɛɛ Yakob se, “Me ba Sekem ani gye wo ba Dina ho. Mesrɛ wo, fa no ma no na ɔnware no. 9Mo ne yenni aware. Momfa mo mmabea mma yɛn, na yɛnware wɔn, na yɛn nso, yɛmfa yɛn mmabea mma mo aware. 10Mubetumi ne yɛn atena. Asase yi nyinaa yɛ mo dea. Montena so, nni gua wɔ so, mpɛ mu agyapade.”

11Na Sekem ka kyerɛɛ Dina nʼagya ne ne nuabarimanom no se “Munnye me nto mu. Biribiara a mubegye me no, metua. 12Ɔbea no ti ade ne biribiara a mubegye aka ho no, mommɔ bo biara a mopɛ, na metua. Nea ehia me ara ne sɛ, mode ababaa no bɛma me aware.”

13Esiane sɛ na Sekem agu wɔn nuabea Dina ho fi no nti, mmuae a wɔmaa Sekem ne nʼagya Hamor no anyɛ nokware. Na mmom, na wɔwɔ adwene foforo bi wɔ akyi. 14Yakob mmabarima no ka kyerɛɛ Sekem ne nʼagya Hamor se, “Yɛrentumi mfa yɛn nuabea mma ɔbarima a ontwaa twetia aware. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛagu yɛn ho anim ase. 15Ansa na yɛde yɛn nuabea bɛma wo aware no, gye sɛ woatwitwa wo mmarima nyinaa twetia te sɛ yɛn. 16Sɛ moyɛ saa de a, yɛne mo bedi aware. Mobɛware yɛn mmea, na yɛn nso, yɛaware mo mmea. Yɛne mo bɛtena fɛfɛɛfɛ sɛ nnipa baako. 17Sɛ moampene so amma wɔantwitwa mo twetia de a, yebegye yɛn nuabea de no akɔ.”

18Asɛm a wɔkae no tɔɔ Hamor ne ne ba Sekem asom. 19Sekem a na ɔyɛ aberante a odi mu wɔ nʼagya mma nyinaa mu no antwentwɛn ne nan ase koraa. Okotwaa twetia no, sɛnea Yakob mma no kae no, efisɛ na ɔpɛ Yakob babea no yiye. 20Enti Hamor ne ne ba Sekem kɔbɔɔ gua wɔ kurow no pon ano ne ɛhɔ mmarima kɔkasae se, 21“Yakob ne ne mma yi ne yɛn te yiye. Mompene so na wɔne yɛn ntena yɛn asase yi so, na yenni gua. Efisɛ yɛn asase yi so a yɛne wɔn bɛsen so. Yebetumi aware wɔn mmabea, na wɔn nso betumi aware yɛn de. 22Nanso ansa na wɔn mmarima no bɛpene so ne yɛn atena sɛ nnipa koro no, gye sɛ yɛn mmarima nyinaa twitwa twetia, sɛnea wɔn nso wɔatwitwa twetia no. 23Sɛ ɛba saa a, wɔn mmoa, wɔn agyapade ne wɔn mmoa ahorow a ɛkeka ho no nyinaa remmɛyɛ yɛn de ana? Enti momma yɛmpene so mma wɔn, na yɛne wɔn ntena.”

24Mmarima a wokohyiaa Hamor ne ne ba Sekem wɔ kurow no pon ano no nyinaa ne wɔn yɛɛ adwene maa mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa twitwaa twetia.

Dina So Aweretɔ

25Nnansa akyi a na twetiatwa no nti, kurom hɔ mmarima no nyinaa deda hɔ a wogye wɔn ho a ennye no, Yakob mmabarima baanu Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuabarimanom no faa wɔn mpeaw. Wɔkɔtow hyɛɛ kurow no so bere a wɔn ani nna wɔn ho so, kunkum mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa. 26Wɔde peaw kum Hamor ne ne ba Sekem, na wɔfaa wɔn nuabea Dina fii Sekem fi de no kɔɔ wɔn nkyɛn. 27Yakob mmabarima a wɔaka no nso tow hyɛɛ kurow no so. Wotiatiaa nnipa a wɔawuwu no so, fom kurow no mu nneɛma nyinaa pasaa, efisɛ ɛhɔ na Sekem guu wɔn nuabea Dina ho fi. 28Wɔfom wɔn mmoa, wɔn anantwi, wɔn nguan, wɔn mfurum ne wɔn agyapade biara a ɛwɔ kurow no mu ne nea ɛwɔ wuram nyinaa. 29Wɔfaa wɔn ahode, wɔn yerenom ne wɔn mmea, fom wɔn afi mu nneɛma nyinaa.

30Na Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi se, “Mode ɔhaw abɛto me so, ama nnɛ me ho koraa abɔn Perisifo ne Kanaanfo a mete wɔn asase so yi. Yɛnnɔɔso. Sɛ wɔka wɔn ho bo mu bɛtow hyɛ yɛn so a, wɔbɛhyew me ne mʼasefo nyinaa.”

31Na wobuaa wɔn agya se, “Enti anka yɛntena hɔ nhwɛ na ɔnyɛ yɛn nuabea sɛ oguamanfo ana?”

35

Yakob San Kɔ Bet-El

1Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob se, “Kɔ Bet-El kɔtena hɔ. Sɛ wudu hɔ a, si afɔremuka ma me. Me na miyii me ho adi kyerɛɛ wo bere a na woreguan afi wo nua Esau nkyɛn no.”

2Enti Yakob ka kyerɛɛ ne fifo ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa se, “Monsɛe mo anyame a mode wɔn fi amannɔne bae no nyinaa. Munnwira mo ho, na monsesa mo ntade nso.” 3Ɔtoaa so se, “Yɛrebetu kwan akɔ Bet-El. Na sɛ yedu hɔ a, yebesi afɔremuka ama Onyankopɔn a otiee me mpaebɔ wɔ mʼamanehunu mu, na ɔkaa me ho wɔ mʼakwantu mu no.” 4Enti wɔn nyinaa de wɔn ahoni ne asokaa maa Yakob. Yakob tuu fam wɔ odum bi ase wɔ Sekem, de ne nyinaa hyɛɛ hɔ. 5Na wosii mu. Wɔrekɔ no, Onyankopɔn bɔɔ nkurow a wɔfaa so no nyinaa mu nnipa no hu a ɛno nti obiara antumi antaa wɔn.

6Yakob ne ne nkurɔfo a wɔka ne ho no beduu Lus a ɛno ara ne Bet-El a ɛwɔ Kanaan asase so no. 7Osii afɔremuka wɔ hɔ, too hɔ din El-Bet-El, efisɛ ɛhɔ na bere a ɔreguan afi ne nua Esau nkyɛn no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ no.

8Eyi akyi no, Debora a ɔyɛ Rebeka bagyigyefo no wu ma wosiee no wɔ odum bi a ɛwɔ Bet-El bon mu no ase. Efi saa bere no, wɔtoo beae hɔ din Alon-Bakut, a ne nkyerɛase ne Agyaadwotwa Dum.

9Yakob fi Paddan-Aram beduu Bet-El no, Onyankopɔn san yii ne ho adi kyerɛɛ no, hyiraa no. 10Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Ɛwɔ mu sɛ wɔfrɛ wo Yakob de, nanso efi nnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom, wɔbɛfrɛ wo Israel a ne nkyerɛase ne Onipa a ɔne Onyankopɔn adi asi.” Enti Onyankopɔn too ne din se Israel.

11Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob se, “Mene Onyankopɔn tumfo no. Wʼase nnɔ, na wʼase mfɛe. Ɔman ne aman asafo befi wo mu aba. Saa ara na ahemfo nso befi wo mu aba. 12Mede asase a mede maa Abraham ne Isak no bɛma wo. Yiw, mede saa asase koro yi ara bɛma wʼasefo.” 13Na Onyankopɔn fii faako a na ɔne Yakob rekasa hɔ no kɔɔ ɔsoro.

14Yakob sii ɔbodum wɔ hɔ, hwiee afɔresa guu so, de bɔɔ Onyankopɔn afɔre. Ɔsan de afɔrengo sraa odum no ho. 15Yakob too beae a Onyankopɔn ne no kasae no Bet-El, a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn fi.

Benyamin Awo Ne Rahel Wu

16Yakob ne ne fifo sii mu fii Bet-El, de wɔn ani kyerɛɛ Efrat. Wɔrekɔ no, awo kaa Rahel wɔ akwantemfi. 17Bere a ɔreko awo no, ɔbea ɔwogyefo no ka kyerɛɛ no se, “Nsuro na worebɛwo ɔbabarima bio.” 18Nanso Rahel koo awo tɔe. Na bere a ne kra refi ne mu na ɔreyɛ awu no, ɔtoo ne babarima a wawo no no din Ben-Oni, a ne nkyerɛase ne Mʼawerɛhow Mu Ba. “Nanso nʼagya san too no din Benyamin a, ne nkyerɛase ne Me dɔba.”

19Rahel wu ma wosiee no Efrat a ɛno ara ne Betlehem no akwantemfi. 20Yakob yɛɛ nkaedum sii Rahel da no so a ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ.

21Israel toaa nʼakwantu no so, kosii ne ntamadan wɔ Edir abantenten no akyi nohɔ baabi. 22Bere a Israel te saa asase no so no, ɔtee sɛ ne ba panyin Ruben ne Bilha a ɔyɛ nʼagya afenaa a waware no no akɔda.

Na Yakob wɔ mmabarima dumien:

23Lea mma na wɔn din didi so yi:

Ruben a ɔno ne Israel abakan,

Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon.

24Rahel nso mmabarima baanu no ne

Yosef ne Benyamin.

25Rahel afenaa Bilha mmabarima baanu no ne

Dan ne Naftali

26Lea afenaa Silpa nso mmabarima baanu no ne

Gad ne Aser.

Eyinom ne Yakob mmabarima a wɔwoo wɔn wɔ Paddan-Aram no.

Isak Wu

27Akyiri yi no, Yakob baa nʼagya Isak nkyɛn wɔ Mamrɛ wɔ Kiriat-Arba, a ɛno ara ne Hebron, faako a Abraham ne Isak tenaa sɛ ahɔho no. 28Isak dii mfe ɔha ne aduɔwɔtwe. 29Isak wu ma wɔfaa no kɔkaa ne mpanyimfo ho; na wabɔ akwakoraa posoposo. Ne mmabarima Esau ne Yakob na wosiee no.

36

Esau Asefo

1Eyinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefo.

2Esau waree Kanaanfo mmea baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babea, Ana babea Oholibama a ɔsan yɛ Hewini Sibeon nena ne 3Basmat a ɔyɛ Ismael babea na ɔyɛ Nebaiot nuabea.

4Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel. 5Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmabarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no.

6Esau faa ne yerenom, ne mmabarima, ne mmabea, ne fifo nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapade biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu fii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so wɔ akyirikyiri. 7Efisɛ na wɔn ahonyade no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob betumi atena faako. Na wɔn mmoa dodow nti, wɔn baanu no nsen asase a wɔte so no so. 8Ɛno nti, Esau a wɔfrɛ no Edom no, kɔbɔɔ nʼatenae wɔ Seir bepɔw so.

9Eyinom ne Esau a ɔyɛ Edomfo agya no asefo a wɔwoo wɔn maa no bere a na ɔwɔ Seir bepɔw so no.

10Esau mmabarima no din na edidi so yi:

Elifas, a ɔyɛ Esau yere panyin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima.

11Elifas nso mmabarima din na edidi so yi:

Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas. 12Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nenanom.

13Reuel mmabarima din na edidi so yi:

Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nenanom.

14Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babea, na ɔsan yɛ Sibeon nena no mmabarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne eyinom:

Yeus, Yalam ne Kora.

15Eyinom ne Esau asefo no mu atitiriw:

Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmabarima din na edidi so yi:

Atitiriw Teman, Omar, Sefo, Kenas, 16Kora, Gatam ne Amalek. Saa din a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefo atitiriw a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitiriw yi yɛ Ada nenanom.

17Esau babarima Reuel mmabarima din na edidi so yi:

Otitiriw Nahat, Otitiriw Serah, Otitiriw Sama ne Otitiriw Misa. Saa din a wɔabobɔ yi ne Reuel a ɔyɛ Esau ba a ɔto so abien no nnipa atitiriw a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nenanom.

18Esau yere Oholibama mmabarima din na edidi so yi:

Otitiriw Yeus, Otitiriw Yalam ne Otitiriw Kora. Saa din a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babea no asefo nnipa atitiriw no.

19Saa din a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmabarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitiriw no.

20Eyinom ne Horini Seir mmabarima a na saa bere no wɔtete Seir asase so no:

Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 21Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmabarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitiriw no.

22Lotan mmabarima ne eyinom:

Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabea.

23Sobal nso mmabarima ne eyinom:

Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.

24Na eyinom ne Sibeon mmabarima:

Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, bere bi ɔde nʼagya Sibeon mfurum kɔɔ adidi wɔ sare no so a okohuu asu aniwa bi a na nsuɔhyew fi mu ba no.

25Ana mma ni:

Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babea no.

26Disan mmabarima ni:

Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.

27Eser mmabarima ne eyinom:

Bilhan, Saawan ne Akan.

28Eyinom ne Disan mma:

Us ne Aran.

29Eyinom ne Horifo nnipa atitiriw:

Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 30Disan, Eser ne Disan.

Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifo nnipa atitiriw a bere a na wɔwɔ Seir asase so no, wodii wɔn mmusua no so.

Edom Ahemfo

31Eyinom ne nnipa a wodii kan dii hene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebedi Israelmma so hene:

32Bela a ɔyɛ Beor babarima bedii hene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkurow din de Dinhaba.

33Na Bela wui no, Serah babarima Yobab a ofi Bosra bedii nʼade sɛ ɔhene.

34Na Yobab wui no, Husam a ofi Teman asase so bedii nʼade sɛ ɔhene.

35Husam wu akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a okodii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na odii nʼade sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkurow no din Hawit.

36Hadad wui no, Samla a ofi Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.

37Samla wui no, Saulo a ofi Rehobot a ɛda asu Eufrate ho no bedii hene.

38Na Saulo wui no, Akbor babarima Baal-Hanan bedii hene.

39Akbor babarima Baal-Hanan nso wui no, Hadad bedii nʼade, tenaa nʼahengua so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkurow no din de Pau, na ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Me-Sahab babea a ɔno nso yɛ Matred babea.

40Sɛnea wɔn a wodidi so yi a wɔyɛ Esau asefo no mmusua ne wɔn tenabea te ni:

Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua,

41Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua,

42Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua,

43Magdiel abusua ne Iram abusua.

Eyinom ne Edom mmusua a wɔde wɔn atenae no din totoe.

Na wɔn nyinaa yɛ Edomfo a wɔyɛ Esau asefo.

37

Yosef Adaeso

1Yosef tenaa Kanaan asase a na nʼagya te so sɛ ɔhɔho no so.

2Yosef abusua ho asɛm ni:

Bere a Yakob ba Yosef dii mfirihyia dunson no, na ɔboa ne nuanom a wɔyɛ Bilha ne Silpa a wɔyɛ nʼagya yerenom no mmabarima no hwɛ wɔn agya nguan so. Na ɔtaa bɛka nneyɛe bɔne a ɛkɔ so fa ne nuanom no ho no kyerɛ wɔn agya.

3Na Israel pɛ ne ba Yosef asɛm sen ne mma a wɔaka no nyinaa, efisɛ ɔwoo no ne nkwakoraabere mu; ɛno nti, ɔpam batakari bi a ɛyɛ fɛ maa no. 4Bere a ne nuanom no huu sɛ wɔn agya pɛ nʼasɛm sen wɔn nyinaa no, wɔtan no a na wɔnka abodwosɛm nkyerɛ no.

5Da bi, Yosef soo dae. Ɔkaa dae a ɔsoo no kyerɛɛ ne nuanom mmarima no, wɔtan no sen kan no mpo. 6Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Muntie dae bi a maso. 7Mesoo dae, na yɛrekyekyere aburow afiafi wɔ afum. Bere a yegu so rekyekyere aburow no, amono mu hɔ ara, mʼafiafi a makyekyere no sɔre gyinaa ntenten. Mo afiafi a moakyekyere no nso twaa me de no ho hyia kotow no.”

8Yosef nuanom no bisaa no se, “Enti wʼadwene ne sɛ wubedi yɛn so ana? Wugye di sɛ, ampa ara, wubetumi aka yɛn ahyɛ?” Esiane ne dae a ɔsoo no ne asɛm a ɔkae no nti, ɛmaa ne nuanom no kyii no kɔkɔɔkɔ.

9Na ɔsoo dae bio. Ɔkaa dae a ɔsoo no kyerɛɛ ne nuanom no se, “Muntie: Maso dae foforo bio. Mesoo dae, na owia, ɔsram ne nsoromma dubaako rekotow me.”

10Ɔkaa dae no kyerɛɛ nʼagya ne ne nuabarimanom no, nʼagya kaa nʼanim se, “Dae bɛn na woaso yi? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ ampa ara, wo na ne me ne wo nuabarimanom no bɛba abɛkotow wo ana?” 11Eyi maa ne nuabarimanom no ani beree no mmoroso. Nanso nʼagya de, ɔdwenee asɛm no ho kɔɔ akyiri.

Yosef Nuanom Bɔ Ne Ho Pɔw

12Da bi, Yosef nuabarimanom no de wɔn agya nguan kɔɔ adidi wɔ Sekem. 13Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Sɛnea wunim no, wo nuanom no de mmoa no kɔ adidi wɔ Sekem. Bra, na mensoma wo wɔn nkyɛn.”

Yosef buae se, “Yoo, agya, mate.”

14Enti Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nguan no ho te dɛn, na san bɛka biribi kyerɛ me.” Enti Israel somaa Yosef fii Hebron subon no mu.

Bere a Yosef duu Sekem no, 15ɔbarima bi huu no sɛ ɔnenam wura no mu. Ɔbarima no bisaa no se, “Worehwehwɛ dɛn?”

16Yosef buaa no se, “Merehwehwɛ me nuabarimanom. Mesrɛ wo, wubetumi akyerɛ me baabi a wɔde wɔn nguan no kɔ adidi?”

17Ɔbarima no buaa no se, “Wo nuabarimanom no afi ha kɔ. Metee sɛ wɔreka se, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.’ ”

Enti Yosef tiw ne nuanom no, kɔtoo wɔn wɔ Dotan hɔ. 18Bere a Yosef puei no, wohuu no wɔ akyirikyiri sɛ ɔreba. Ansa na ɔredu wɔn nkyɛn no, wɔbɔɔ ne ho pɔw sɛ wobekum no.

19Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Monhwɛ! Ɔdaesofo no na ɔreba no! 20Mommra mprempren ara mma yenkum no, na yɛntow no nkyene amoa no bi mu, na yɛnkɔka nkyerɛ yɛn agya se, aboa bi akyere no awe, na yɛnhwɛ sɛ biribi befi ne dae ahorow no mu aba ana.”

21Ruben a ɔyɛ wɔn nua panyin tee saa asɛm no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegye Yosef nkwa. Ɔkae se, “Mommma yenkum no. 22Munnhwie mogya ngu. Momma yɛntow no nkyene amoa a ɛwɔ sare yi so no bi mu. Na mommma yɛmfa yɛn nsa nka no.” Ruben kaa saa asɛm yi de gyee no fii wɔn nsam, sɛnea obenya kwan de no akɔhyɛ wɔn agya nsa.

23Yosef beduu ne nuabarimanom no nkyɛn no, wɔworɔw ne batakari fɛfɛ a na ɔhyɛ no, 24na wɔtow no kyenee amoa bi mu. Na nsu biara nni amoa no mu.

Wɔtɔn Yosef

25Bere a anuanom no tenaa ase sɛ wɔredidi no, wɔtoo wɔn ani huu sɛ yoma bebree sa so reba faako a na wɔrebedidi hɔ no. Wohuu sɛ saa nkurɔfo no yɛ Ismaelfo aguadifo bi a wɔsoso atomude, akyenkyennuru ne kurobow a wɔde fi Gilead rekɔtɔn no wɔ Misraim asase so.

26Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Sɛ yekum yɛn nua yi, kata ne mogya so a, mfaso bɛn na yebenya? 27Momma yenyi no, na yɛntɔn no mma Ismaelfo aguadifo yi, sen sɛ yebekum no. Ɛdan dɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua kumaa, yɛn ankasa yɛn mogya.” Ne nuanom no penee so.

28Bere a Midian aguadifo no beduu hɔ no, Yosef nuanom no yii no fii amoa no mu, tɔn no maa Ismaelfo no gyee dwetɛ gram ahannu aduonu awotwe (228) ma wɔde no kɔɔ Misraim.

29Ruben san nʼakyi baa amoa no ho, na ohuu sɛ Yosef nni amoa no mu no, osunsuan ne ntade mu. 30Ɔkɔɔ ne nuabarimanom no hɔ, kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Abarimaa no nni hɔ oo! Enti mprempren menyɛ me ho dɛn?”

31Na anuanom no faa Yosef batakari no, kum abirekyi, de batakari no nuu ne mogya no mu. 32Wɔde Yosef batakari fɛfɛ no kɔɔ wɔn agya nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yehuu saa atade yi wɔ wura mu hɔ baabi. Hwɛ sɛ ɛyɛ Yosef atade ana?”

33Wɔn agya hui, na ɔkae se, “Nokware, ɛyɛ me ba Yosef atade! Aboa bɔne bi akyere no awe. Ampa ara, aboa ko no atetew Yosef nam pasaa.”

34Na Yakob sunsuan ne ntade mu, hyɛɛ atweaatam, suu ne ba no nna bebree. 35Ne mmabarima ne ne mmabea nyinaa betwaa ne ho hyia kyekyee ne werɛ, nanso ankosi hwee. Yakob kae se, “Dabi, mede awerɛhow bewu akɔto me ba no wɔ asaman.” Enti nʼagya Yakob suu no.

36Nea ɛbae ne sɛ, Midianfo no nso kɔtɔn Yosef maa Potifar wɔ Misraim. Saa Potifar no na ɔyɛ ɔhene Farao dabehene ne nʼawɛmfo so panyin.

38

Yuda Ne Tamar

1Saa bere no mu ara na Yuda tu fii ne nuabarimanom no nkyɛn ne Adulamni barima bi a wɔfrɛ no Hira kɔtenae. 2Ɛhɔ na Yuda kohyiaa Kanaanni beae bi a ɔyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sua no babea. Yuda waree Sua babea no. 3Sua babea no nyinsɛn woo ɔbabarima, na wɔtoo no din Er. 4Sua babea no san nyinsɛn woo ɔbabarima bio. Wɔtoo abofra no din Onan. 5Sua babea no nyinsɛn ne mprɛnsa so wɔ Kesib, woo ɔbabarima bio. Saa abarimaa no nso wɔtoo no din Sela.

6Bere a Yuda abakan Er nyin no, wɔwaree ababaa bi a wɔfrɛ no Tamar maa no. 7Esiane sɛ na Yuda abakan Er yɛ omumɔyɛfo wɔ Awurade anim no nti, Awurade kum no.

8Er wu akyi no, Yuda ka kyerɛɛ Er akyiba Onan se, “Ɛsɛ sɛ woware okunafo Tamar, sɛnea yɛn amanne te no, na sɛ wo ne no wo a, mma no ayɛ wo nua no diadefo.” 9Esiane sɛ na Onan mpɛ sɛ ɔbɛwo akyɛ a mmofra no renyɛ nʼankasa mma nti, sɛ ɔne okunafo Tamar kɔda a, ɔmma ne ho nsu no ngu ɔbea no mu. Mmom, ɔma no gu fam sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrenwo ɔba a ɛbɛyɛ ne nua owufo no de. 10Esiane sɛ nea ɔyɛe no ansɔ Awurade ani, sɛ ɔmpɛ sɛ ɔwo ba ma ne nua owufo no nti, okum ɔno nso.

11Na Yuda ka kyerɛɛ nʼase okunafo Tamar se, “Tu na kɔtena wʼagya fi sɛ okunafo kosi sɛ me babarima Sala benyin.” Na osuro sɛ, Sela nso bewu, sɛnea ne nuanom mpanyimfo Er ne Onan wuwui no. Enti Tamar tu kɔtenaa nʼagya fi hɔ.

12Mmere bi akyi no, Yuda yere a ɔyɛ Sua babea no nso wui. Bere a woyii Yuda fii kuna mu no, ɔkɔɔ ne nguanhotwitwafo nkyɛn wɔ Timna. Ɔrekɔ no, ɔne nʼadamfo Adulamni Hira na ɛkɔe.

13Obi bɛbɔɔ Tamar amanneɛ se, “Wʼase Yuda rebɛsen akɔ Timna akotwitwa ne nguan ho nwi.” 14Enti Tamar yii ne kuna ntade no guu hɔ. Ɔfaa nkataanim kataa nʼanim, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara nhu sɛ ɛyɛ ɔno Tamar, na ɔkɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timna kwan so. Efisɛ ohuu sɛ Sela anyin de, nanso na Yuda mmaa ne babarima no kwan mma ɔmmɛwaree no ɛ.

15Bere a Yuda huu Tamar no, na osusuw sɛ ɔyɛ ɔbea guamanfo bi, efisɛ na wakata nʼanim. 16Yuda kɔɔ Tamar nkyɛn wɔ kwankyɛn hɔ a, na onnim sɛ ɔyɛ nʼase. Yuda ka kyerɛɛ no se, “Ma yɛnkɔ mprempren ara na me ne wo nkɔda.”

Tamar bisaa no se, “Sɛ me ne wo kɔda a, wobɛma me dɛn?”

17Yuda buae se, “Mɛma wɔde ɔpapo afi me nguankuw no mu abrɛ wo.”

Tamar bisaa no bio se, “Ansa na wode ɔpapo no bɛba no, dɛn na wode bedi wo ho akagyinamu?”

18Yuda nso bisaa no se, “Dɛn ade na wopɛ sɛ mede di me ho akagyinamu?”

Tamar buae se, “Nea wode bedi wo ho akagyinamu ne wo nsa so kaa ne ne hama ne saa pema a wukura yi.” Enti Yuda de saa nneɛma yi nyinaa maa Tamar ne no kɔda ma onyinsɛnee. 19Tamar fii hɔ akyi no, okoyii ne nkataanim no guu hɔ, san faa ne kunatam no furae.

20Yuda de ɔpapo no maa nʼadamfo Adulamni no sɛ, ɔmfa nkɔma ɔbea no, na onnye nneɛma a ɔde dii ne ho akagyinamu no mmrɛ no, nanso wanhu no. 21Obisaa kurom hɔfo no se, “Ɛhe na hyiadan mu ɔbea guamanfo a na ɔte Enaim kwankyɛn frɛfrɛ mmarima no wɔ?”

Wobuaa no se, “Yenni hyiadan mu ɔbea guamanfo biara wɔ ha.”

22Enti ɔsan kɔɔ Yuda hɔ, kɔka kyerɛɛ no se, “Manhu no. Na kurom hɔfo nso kae se, ‘Hyiadan mu ɔbea oguamanfo38.22 Na saa nguamanfo yi rekɔyɛ sɛ saa bere no aguaman anyame no. biara nni ha.’ ”

23Yuda nso kae se, “Ma no mfa nneɛma no, na anyɛ saa a wɔbɛserew yɛn. Wo ara wudi ho adanse sɛ memaa wode ɔpapo no kɔe, nanso woanhu no.”

24Ɛbɛyɛ asram abiɛsa akyi no, Yuda tee sɛ nʼase Tamar abɔ aguaman, anyinsɛn.

Ɔtee saa asɛm no, ɔkae se, “Monkɔkyere no mmra, na yɛnhyew no nkum no.”

25Wɔkɔkyeree Tamar de no reba abekum no no, ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ nʼase Yuda se, “Onipa a ne nneɛma ni no na ɔne me nyinsɛnee. Monhwɛ sɛ mubehu onipa ko a saa nsa so kaa ne ne hama ne pema yi yɛ ne de no ana.”

26Yuda gye too mu se, saa nneɛma no yɛ ne dea. Ɔtoaa so se, “Ɔbea yi yɛ ɔtreneeni sen me, efisɛ mamfa no amma me babarima Sela anware.” Efi saa bere no, Yuda ankɔ Tamar ho bio.

27Tamar awo duu so no, ɔwoo nta. 28Bere a ɔrewo no, nta no mu baako de ne nsa dii kan bae. Enti ɔbea a ɔregye no awo no de asaawa kɔkɔɔ bɔɔ abofra no bakɔn, kae se, “Oyi na wɔwoo no kan.” 29Saa abofra no twee ne nsa san kɔɔ mu. Ɔsan twee ne nsa kɔɔ mu no, wɔwoo ne nua a ɔka ne ho no mmom. Na ɔwogyefo no kae se, “Abususɛm bɛn ni!” Wɔtoo no din Peres. 30Akyiri no, ɔwoo ne nuabarima a na asaawa kɔkɔɔ bɔ ne nsakɔn no. Wɔtoo ɔno nso din Serah.

39

Yosef Ne Potifar Yere Ho Asɛm

1Wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Misraimni Potifar a na ɔyɛ Misraimhene Farao dabehene a na otua asraafodɔm ano no na ɔtɔɔ Yosef fii Ismaelfo aguadifo no nsam.

2Na Awurade ka Yosef ho nti, nʼabrabɔ sii no yiye. Ɔtenaa ne wura Misraimni no fi. 3Yosef wura no huu sɛ Awurade ka ne ho, na nea na ɔyɛ biara no, Awurade hyiraa so maa no, na 4Yosef nyaa nʼanim adom ma ɔde no yɛɛ ne boafo. Ankyɛ koraa na Potifar de Yosef sii ne fifo so panyin, de nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa. 5Bere a Potifar de Yosef sii ne fifo so panyin, de nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa no, Awurade hyiraa Misraimni Potifar fie so, esiane Yosef nti. Awurade hyiraa nʼagyapade a ɛwɔ fi ne ne mfuw nyinaa so. 6Enti ɔde nʼagyapade nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Esiane sɛ Potifar de nʼagyapade ne nʼadwumade nyinaa hyɛɛ Yosef nsa nti, wannwene biribiara ho sɛ aduan a obedi nko ara.

Na Yosef yɛ aberante a ɔwɔ nnyinaso, na ne ho nso yɛ fɛ yiye. 7Ankyɛ ahe biara na Yosef wura Potifar yere tuu nʼani sii ne so, ka kyerɛɛ Yosef se, “Bra, na wo ne me mmɛda!”

8Nanso Yosef ampene so, ka kyerɛɛ ne wura yere no se, “Esiane sɛ fie ha biribiara hyɛ me nsa nti, me wura nnwen fie ha biribiara ho. Ɔde nʼagyapade nyinaa ahyɛ me nsa. 9Obiara nni tumi nsen me wɔ fie ha. Me wura mfa biribiara nkame me wɔ fie ha sɛ wo nko ara, efisɛ woyɛ ne yere. Onyame mpa ngu sɛ mɛyɛ ade a ɛte saa. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ amumɔyɛde a ɛte sɛɛ! Ɛbɛyɛ bɔne kɛse atia Onyankopɔn.” 10Ɛwɔ mu sɛ da biara na Potifar yere no de saa asɛm yi hiahia Yosef ho de, nanso Yosef antwiw ammɛn no mpo, na akowie sɛ ɔne no bɛda.

11Da koro bi, Yosef kɔɔ fie hɔ sɛ ɔrekɔyɛ nʼadwuma. Oduu hɔ no, na asomfo no mu biara nni hɔ. 12Potifar yere no soo Yosef atade mu kyeree no, ka kyerɛɛ no se, “Bra na wo ne me mmɛda!” Nanso Yosef yii nʼatade no guu ne so, guan fii fie hɔ.

13Potifar yere no huu sɛ Yosef agyaw nʼatade wɔ ne nsam aguan afi fie hɔ no, 14ɔfrɛɛ ne fifo, de nteɛteɛmu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ! Me kunu akɔfa Hebrini bi aba fie ha sɛ ommegu yɛn anim ase. Ɔbaa ha sɛ ɔrebɛto me mmonnaa na meteɛteɛɛ mu. 15Ɔtee sɛ mereteɛteɛ mu no, oyii nʼatade guu me so, guan fii fie ha.”

16Potifar yere no de Yosef atade a oyi guu ne so no siei, kosii sɛ ne kunu bae. 17Ɔbea no bɔɔ ne kunu amanneɛ se, “Hebrini akoa no a wokɔtɔɔ no brɛɛ yɛn no baa me nkyɛn sɛ anka ɔrebɛto me mmonnaa. 18Meteɛteɛ mu no na oguan fii fie ha, gyaw nʼatade.”

19Bere a Yosef wura Potifar tee asɛm a ne yere ka kyerɛɛ no se, “Ɔkwan a wʼakoa no de me faa so ni” no, ne bo fuw yiye. 20Yosef wura Potifar tee asɛm no no, ɔkyeree Yosef kɔtoo afiase, faako a ɔhene nneduafo gu no.

Bere a Yosef da afiase hɔ no, 21na Awurade ka ne ho. Awurade yɛɛ no adɔe ma ɛno nti, afiase sohwɛfo panyin no pɛɛ nʼasɛm yiye. 22Ɛyɛɛ saa maa afiase sohwɛfo panyin no de Yosef sii nneduafo no nyinaa so panyin, a na biribiara a wɔyɛ wɔ afiase hɔ no hyɛ ne nsa. 23Esiane sɛ na Awurade ka Yosef ho no nti, na afiase sohwɛfo panyin no nhaw ne ho nyɛ adwuma. Efisɛ biribiara a Yosef bɛyɛ no, Awurade hyira so ma esi yiye.

40

Yosef Kyerɛ Dae Ase

1Mmere bi akyi no, ɛbaa sɛ Misraimhene Farao nsahyɛfo panyin ne ne brodotofo panyin fom no. 2Farao bo fuw ne nsahyɛfo panyin no ne ne brodotofo panyin no yiye. 3Enti ɔde wɔn koguu afiase wɔ ɔwɛmfo panyin Potifar no fi, beae koro no ara a wɔde Yosef kɔtoo no. 4Ɔwɛmfo panyin Potifar de wɔn hyɛɛ Yosef nsa sɛ, ɔnhwɛ na ɔnyɛ nea ehia wɔn nyinaa mma wɔn.

Wɔdaa afiase hɔ kyɛɛ kakraa no, 5nnipa baanu no nyinaa a na wɔyɛ ɔhene Farao brodotofo panyin ne nsahyɛfo panyin a na wogu afiase hɔ no sosoo adae anadwo koro no ara. Na saa adae abien no mu biara wɔ ne nkyerɛase.

6Ade kyee a Yosef baa nneduafo baanu no nkyɛn no, ohuu sɛ wɔn nyinaa ayeyɛ bosobosoo. 7Obisaa Farao fi mpanyimfo nneduafo a na wɔne no gu afiase hɔ no se, “Adɛn nti na nnɛ de, mo werɛ ahow mo ho sɛɛ?”

8Nneduafo no buaa Yosef se, “Anadwo yi, yɛn baanu nyinaa sosoo adae, nanso yennya obiara wɔ ha nkyerɛ yɛn ase.”

Yosef nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛwɔ mu sɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛ dae ase de, nanso monka mo dae a mososoe no nkyerɛ me.”

9Enti Farao nsahyɛfo panyin no dii kan kaa ne dae a ɔsoo no kyerɛɛ Yosef se, “Me dae mu no, mihuu bobe dua. 10Na saa bobe dua no wɔ mman abiɛsa. Eguu nhwiren, hyehyɛ nyin yɛɛ kasiaw beree. 11Na mikura ɔhene Farao nsa kuruwa. Metetew bobe aba no, kyikyi guu ɔhene Farao nsa kuruwa no mu, de maa no sɛ ɔnnom.”

12Yosef ka kyerɛɛ nsahyɛfo panyin deduani no se, “Wo dae no ase ni: mman abiɛsa a wuhui no kyerɛ nnansa. 13Nnansa ntam no, Farao beyi wo, ama woakodi wo dibea sɛ ɔhene nsahyɛfo panyin. Na wode Farao kuruwa bɛhyɛ ne nsa sɛnea na woyɛ no kan no. 14Na sɛ esi wo yiye a, kae me na yɛ me adɔe; ka me ho asɛm kyerɛ ɔhene Farao, na ɔmma wommeyi me mfi afiase ha. 15Efisɛ manyɛ bɔne biara na wɔkyeree me fii me manfo Hebrifo asase so de me baa ha. Na ɛha nso mpo a meda yi, manyɛ mfomso biara a ɛsɛ sɛ wogyina so de me to afiase.”

16Bere a brodotofo panyin deduani no huu sɛ Yosef akyerɛ nsahyɛfo panyin no dae no ase, ama atɔ asom no, ɔka kyerɛɛ Yosef se, “Me nso, mesoo dae bi. Me dae no mu no, na meso nkɛntɛn abiɛsa a brodo gugu mu. 17Kɛntɛn a esi soro pɛɛ no, na nnuan ahorow a wɔato a mede rekɔma Farao gu mu a na nnomaa sisi aduan no so wɔ mʼatifi redi.”

18Yosef ka kyerɛɛ no se, “Wo dae a wosoo no nkyerɛase ni, Nkɛntɛn abiɛsa no gyina hɔ ma nnansa. 19Nnansa ntam no, Farao bɛma wɔabeyi wo afi afiase ha, atwa wo ti, de wo sin no akɔsɛn dua so, ama nnomaa asosɔw wo nam.”

20Ne nnansa so no, na Farao redi nʼawoda. Enti ɔtoo pon kɛse bi maa ne mpanyimfo ne ne fifo nyinaa. Ɔsoma ma wokoyii ne brodotofo panyin ne ne nsahyɛfo panyin nneduafo no fii afiase hɔ baa nʼanim. 21Ɔhene Farao san de ne nsahyɛfo panyin no sii ne sibea ma ɔhyɛɛ ɔhene Farao nsa. 22Nanso ne brodotofo panyin no de, Farao ma wɔkɔsɛn no sɛnea Yosef kyerɛɛ ne dae no ase kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ.

23Nsahyɛfo panyin no nso werɛ fii Yosef a wankae no koraa.

41

Yosef Kyerɛ Farao Dae Ase

1Mfe abien akyi no, Farao soo dae bi. Na ogyina Asubɔnten Nil ho. 2Ohuu wɔ dae no mu sɛ anantwi ason a wɔadodɔ srade, na wɔn ho tua wɔn ho fii asubɔnten no mu ba bɛwee sare a na ɛwɔ hɔ no. 3Anantwi akɛse ason no akyi no, anantwi ason foforo a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya fii Asubɔnten Nil mu ba begyinaa anantwi a wɔadodɔ srade no ho wɔ asu no konkɔn so. 4Anantwi ason a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya no memenee anantwi ason a wɔadodɔ srade no. Na Farao bɔɔ pitiri nyanee!

5Nna faa Farao bio ma ɔsoo dae a ɛto so abien. Ohuu wɔ dae no mu sɛ, ɔmo kasiaw ason a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ asow wɔ ɔmo dua baako so. 6Akyiri no, kasiaw ason bi a ɛyɛ nkanyankanya a apuei mframa abɔ no ama atwintwam nso fifii. 7Ɔmo nkanyankanya no memenee ɔmo a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ no. Farao nyanee, na ohuu sɛ sɛɛ na nea ohuu no nyinaa yɛ ɔdae.

8Ade kyee no, nʼadwene mu yɛɛ no basaa. Enti Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ nkonyaayifo ne anyansafo a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa baa ne fi. Farao kaa dae a ɔsoo no nyinaa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ ase.

9Ɛhɔ na Farao nsahyɛfo panyin no ka kyerɛɛ Farao se, “Nnɛ na wɔakae me me sintɔ. 10Mmere bi a atwa mu no, wo Farao bo fuw wʼasomfo yiye. Ɛnam so ma wode me ne wo brodotofo panyin kɔtoo afiase wɔ awɛmfo panyin fi. 11Yɛn baanu nyinaa sosoo adae anadwo koro no ara a na ɛsono sɛnea yɛn mu biara dae no si te. 12Saa bere no, na Hebrini aberantewa bi a na ɔyɛ awɛmfo panyin Potifar somfo ka yɛn ho wɔ afiase hɔ. Yɛkaa yɛn dae a yɛsosoo no kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn mu biara dae ase pɛpɛɛpɛ. 13Na ne nkyerɛase a ɔmaa no baa mu saa pɛpɛɛpɛ. Mesan kodii me dibea, na wɔsɛn brodotofo panyin no nso.”

14Amono mu hɔ ara, Farao soma ma wokoyii Yosef fii afiase hɔ bae. Ofi afiase hɔ no, oyii nʼabogyesɛ, sesaa nʼatade, na ɔbaa Farao anim.

15Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Maso dae bi a obiara ntumi nkyerɛ ase. Nanso mate sɛ wo de, sɛ obi ka ne dae kyerɛ wo a, wutumi kyerɛ ase. Ɛno nti na masoma abɛfrɛ wo yi.”

16Yosef buaa Farao se, “Me ara merentumi mfi me tumi mu nkyerɛ dae no ase. Onyankopɔn na ɔbɛkyerɛ wo dae no ase.”

17Na Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Mʼadaeso no mu no, na migyina Asubɔnten Nil konkɔn so. 18Mihuu sɛ anantwi ason a wɔadodɔ srade, na wɔn ho tua wɔn ho fi asubɔnten no mu ba bɛnantew wura no mu, fii ase wee sare. 19Anantwi akɛse ason no akyi no, anantwi ason foforo a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya nso puei; minhuu anantwi a wɔyɛ tan bi saa wɔ Misraim asase so da. 20Anantwi ason a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya no memenee anantwi ason a wɔadodɔ srade na wɔn ho tua wɔn ho a wodii kan puei no. 21Nanso wɔmemenee wɔn nyinaa akyi no, hwee ankyerɛ sɛ wɔayɛ saa, na wɔn ho da so yɛ nkanyankanya, tantan no ara. Na mebɔɔ pitiri nyanee.

22“Mesan soo dae bio hui sɛ, ɔmo kasiaw ason a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden sɛ asow wɔ ɔmo dua baako so. 23Eyinom akyi no, ɔmo kasiaw ason bi a apuei mframa abɔ no, ama akisa ayeyɛ nkanyankanya nso fifii. 24Ɔmo nkanyankanya no memenee ɔmo ason a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden no. Mekaa me dae no nyinaa kyerɛɛ nkonyaayifo no, wɔn mu biara antumi ankyerɛ me ase.”

25Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ Farao se, “Wo dae abien a wososoe no nyinaa nkyerɛase yɛ pɛ. Onyankopɔn nam dae no so reda biribi a ɔrebɛyɛ no adi akyerɛ wo. 26Anantwi ason a wɔadodɔ srade no ne ɔmo kasiaw ason a ɛyɛ fɛ, na ɛwɔ ahoɔden no ase kyerɛ mfe ason; ɛyɛ dae koro. 27Anantwi ason a wɔafonfɔn, na wɔayeyɛ nkanyankanya no yɛ mfe ason, na saa ara na ɔmo kasiaw ason a ayeyɛ nhweanhweaa a apuei mframa ama akisa no te: ɛyɛ ɔkɔm a ɛbɛba mfe ason.

28“Ɛyɛ sɛnea meka kyerɛɛ Ɔhene no: Onyankopɔn akyerɛ wo nea ɔrebɛyɛ. 29Mfe ason a edi kan no, aduan bebu wɔ Misraim asase so nyinaa, 30nanso akyiri no, ɔkɔm kɛse bi bɛba mfe ason. Na nnipa werɛ befi asetena pa a wonyaa no mfe ason a edi kan no mu no. Ɔkɔm bɛposa asase no. 31Esiane ɔkɔm a ebedi mmere pa a atwa mu no akyi no ano den a ɛbɛyɛ no nti, saa bere no wɔrenkae mmere pa no bio wɔ asase no so. 32Saa dae abien a wosoo no kyerɛ sɛnea ɔkɔm no ano bɛyɛ den afa. Ɛkyerɛ sɛ, nea ɛbɛyɛ biara, asɛm a maka akyerɛ wo no bɛba mu saa pɛpɛɛpɛ. Efisɛ Onyankopɔn na wasi gyinae pi saa. Na ɛrenkyɛre koraa ɛbɛba mu saa.

33“Enti wɔmma Ɔhene hwehwɛ onyansafo kɛse a ɔwɔ nhumu wɔ Misraim asase yi so, na ɔmfa ɔman yi mu kuadwuma ho asɛm nyinaa hyɛ ne nsa. 34Ma ɔhene Farao nyiyi nnipa, ntuatua amansin ahorow anum no ano. Na saa nnipa a wɔde wɔn betuatua amansin no ano no nyiyi nnɔbae a ɛbɛba mmere pa mfe ason no mu no nkyɛmu anum mu baako, mfa nsie. 35Ɛsɛ sɛ saa nnipa a wotuatua amansin no ano no boaboa nnuan a wobegyigye mmere pa mfe ason a nnuan bebu no, de gu asan so wɔ ɔhene Farao din mu. Wɔmfa saa nnuan no nhyehyɛ asan so wɔ nkurow akɛse mu. 36Nnuan yi na mfe ason a ɔkɔm bɛba wɔ Misraim asase so no, ɔmanfo no bedi. Saa nnuan yi na wɔde besie ama ɔman no. Sɛ anyɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ, ɔkɔm bɛbɔ ɔman no.”

Farao Pagyaw Yosef

37Farao ne ne mpanyimfo no gyee asɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa too mu. 38Enti Farao bisaa wɔn se, “So yebenya obi a ɔte sɛ ɔbarima yi, nea Onyankopɔn honhom ahyɛ no ma?”

39Na Farao dan nʼani ka kyerɛɛ Yosef se, “Onyankopɔn ayi saa dae yi ne ne nkyerɛase akyerɛ wo yi, obiara nni hɔ a ɔyɛ onyansafo a ɔwɔ nhumu wɔ Misraimman yi mu sɛ wo. 40Mede saa adwuma kɛse yi nyinaa hyɛ wo nsa. Asɛm biara a wobɛka afa saa adwuma yi ho no, obiara nni ho asɛm ka wɔ Misraim nyinaa. Mʼahengua a me Farao, mete so no nko ara na ɛma meyɛ ɔkɛse sen wo.”

41Enti Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Mede Misraim asase nyinaa ahyɛ wo nsa.” 42Na Farao worɔw ne nsɔwano kaa de hyɛɛ Yosef nsa. Ɔde sirikyi batakari papa bi hyɛɛ Yosef, de sika ntweaban yan no. 43Ɔmaa Yosef teaseɛnam tenaa mu sɛ nʼabediakyiri. Baabiara a Yosef bɛkɔ no, na nnipa di nʼanim teɛteɛɛ mu se, “Momma kwan!” Saa ɔkwan yi so na ɔhene Farao fa de Misraim asase nyinaa hyɛɛ Yosef nsa.

44Na Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Mene Farao, Misraimhene de, nanso obiara ntumi mfi wʼakyi nyɛ biribiara wɔ Misraimman yi mu baabiara, gye sɛ woama ho kwan ansa.” 45Farao maa Yosef ahennin se Safnat-Panea. Farao maa Yosef ɔbea nso waree. Na ababaa no din de Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfo Potifera babea. Ɛnam eyi so maa Yosef nyaa tumi maa ne din hyetaa wɔ Misraim asase so nyinaa.

46Bere a Yosef kɔɔ ɔhene Farao agua ase no, na wadi mfirihyia aduasa. Farao maa Yosef kwan maa ɔbɔɔ aporɔw faa Misraim asase so nyinaa. 47Mfe ason a edi kan no mu no, aduan buu so wɔ Misraim asase so yiye. 48Saa mfe ason no mu no, Yosef boaboaa nnuan a ebuu so wɔ Misraimman mu no ano kɔkoraa wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ Misraim no mu. Wɔde aduan biara a wonya fii kurow biara mu no bi siee wɔ hɔ. 49Mfe ason akyi no, na Yosef akora nnuan wɔ nnuankorabea hɔ, ama abu so ara kosii sɛ afei na obiara mmu ho nkontaa bio.

50Ansa na ɔkɔm kɛse no rebɛba no, na Yosef yere Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfo Potifera babea no awo mmabarima baanu. 51Yosef too nʼabakan no din Manase, a nkyerɛase ne Onyankopɔn ama me werɛ afi mʼamanehunu ne mʼagya fi nyinaa. 52Yosef babarima a ɔto so abien no nso, wɔtoo no din Efraim, a nkyerɛase ne Onyankopɔn ama mʼase afɛe wɔ asase a mebaa so sɛ akoa no so.

53Mfe ason a aduan buu so wɔ Misraim asase so no twaa mu. 54Sɛnea Yosef hyɛɛ nkɔm no, ɔkɔm a ɛbɛba mfe ason a edi so no fii ase. Ɔkɔm kɛse sii nsase a na atwa Misraim ho ahyia no nyinaa so, nanso Misraim asase ankasa so de, na aduan abu so. 55Bere a ɔkɔm no sii denneennen wɔ Misraim asase so no, ɔmanfo no su frɛɛ Farao. Farao ka kyerɛɛ Misraimfo nyinaa se, “Monkɔ Yosef nkyɛn, na biribiara a ɔbɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no, monyɛ.”

56Bere a ɔkɔm kɛse no trɛw faa ɔman no nyinaa mu no, Yosef buebuee ne nnuankorabea no nyinaa ano, tɔn aburow maa Misraimfo no, efisɛ na ɔkɔm no ano yɛ den yiye ma wɔn. 57Enti na aman a atwa Misraim ho ahyia no nyinaa kɔtɔ aduan wɔ Yosef nkyɛn wɔ Misraim, efisɛ na ɔkɔm a aba no ano yɛ den yiye.

42

Yosef Nuabarimanom Kɔ Misraim

1Bere a Yakob tee sɛ aburow wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Adɛn nti na morehwehwɛhwehwɛ mo ho mo ho anim kɛkɛ yi?” 2Yakob toaa so se, “Mate sɛ aburow wɔ Misraim. Monkɔ hɔ, na monkɔtɔ bi mmra na ɔkɔm ankunkum yɛn.”

3Enti Yosef nuabarimanom mpanyimfo du no kɔɔ Misraim sɛ wɔrekɔtɔ aburow no bi. 4Nanso Yakob amma Benyamin a ɔyɛ Yosef nua kumaa no ankɔ bi, efisɛ na osuro sɛ biribi bɛyɛ no. 5Enti Israel mmabarima no de wɔn ho bɔɔ atɔfo a wofifi aman ahorow so kɔtɔ aburow wɔ Misraim no ho, efisɛ na ɔkɔm no atrɛw akodu Kanaan asase so mmaa nyinaa.

6Na Yosef yɛ amrado wɔ Misraim asase so. Ɔno na ɔtɔn aburow ma nnipa nyinaa wɔ ɔman no mu. Yosef nuabarimanom no koduu nʼanim no, wobuu no nkotodwe, de wɔn anim nso butubutuw fam. 7Bere a Yosef ani bɔɔ anuanom no so no, ohuu wɔn, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛnea onnim wɔn ma ɔhaahaa nʼani kasa kyerɛɛ wɔn se, “Mufi he?”

Anuanom no buaa no se, “Yefi Kanaan asase so, na yɛaba sɛ yɛrebɛtɔ aduan.”

8Na Yosef ahu ne nuanom no de, nanso wɔn de, na wonhuu no ɛ. 9Yosef kaee dae a mmere bi ɔso faa wɔn ho no ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ akwansrafo! Morebɛhwɛ baabi a yɛn asase yi nni bammɔ.”

10Anuanom no buae se, “Dabi da yɛn wura, wo nkoa bae sɛ yɛrebɛtɔ aduan. 11Yɛn nyinaa fi agya baako. Wo nkoa yɛ anokwafo, na yɛnyɛ akwansrafo.”

12Nanso Yosef tii mu se, “Dabi da, morebɛhwɛ baabi a yɛn asase yi nni bammɔ.”

13Anuanom no buae se, “Na wo nkoa yɛ anuanom dumien, ɔpanyin bi a ɔte Kanaan asase so mma. Mprempren, yɛn kaakyiri no wɔ yɛn agya nkyɛn, na ɔbaako nso afi mu.”

14Yosef ka kyerɛɛ wɔn se, “Asɛm no ara na meka kyerɛɛ mo no: Moyɛ akwansrafo! 15Ɔkwan a mɛfa so de asɔ mo ahwɛ ni: Sɛ Farao te ase yi, moremfi ha nkɔ da, kosi sɛ mode mo kaakyiri no bɛba. 16Monsoma mo mu baako, na ɔnkɔfa mo kaakyiri no mmra. Mede mo a moaka no nyinaa begu afiase. Ɛno na ɛbɛma yɛahu sɛ mo asɛm a moreka no yɛ nokware. Sɛ ɛnte saa a na Farao te ase yi, na moyɛ akwansrafo!” 17Na ɔde wɔn nyinaa guu afiase nnansa.

18Nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Meyɛ onyamesuroni. Ɛno nti, monyɛ eyi na moanya nkwa. 19Sɛ moyɛ nokwafo ampa ara a, momma mo nua baako nna afiase ha na mo a moaka no nso nkɔtɔ aburow no bi nkɔma mo fifo a ɔkɔm rekum wɔn no. 20Nanso nea ɛte biara no, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahu mo nsɛm no mu nokware na moanwuwu.” Wɔyɛɛ nea ɔkaa no.

21Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Nokware, yɛn nuabarima yi nti na wɔretwe yɛn aso. Yehuu sɛnea ɔpaa yɛn kyɛw sɛ yenyaa no nanso yɛantie no; ɛno nti na saa amanehunu yi aba yɛn so no.”

22Ruben buae se, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ sɛ yebu ne mogya ho akontaa” 23Esiane sɛ na obi kyerɛ nsɛm a Yosef ka no ase kyerɛ wɔn no nti, na wonnim sɛ Yosef te wɔn kasa no.

24Yosef sɔre fii wɔn nkyɛn kosui. Ɔsan bae ne wɔn bɛkasae bio. Oyii Simeon fii wɔn mu, maa wɔkyekyeree no wɔ wɔn anim.

25Yosef hyɛɛ sɛ, wɔnhyɛ wɔn nkotoku no aburow amaama, na wɔnsan mfa obiara sika a anka ɔde rebɛtɔ aburow no nhyɛ ne kotoku mu, na wɔmma wɔn akwansoduan nso nka ho. Wɔyɛɛ eyi maa wɔn. 26Wɔhyehyɛɛ wɔn aburow nkotoku no wɔ wɔn mfurum no so ma wofii hɔ.

27Wɔrekɔ no ara, wogyinaa kwan so anadwo homee. Ɛhɔ na wɔn mu baako san ne kotoku sɛ ɔrema nʼafurum aduan adi. Ɔsan ne kotoku no, ohuu sɛ ne sika a anka ɔde rekɔtɔ aburow no hyɛ kotoku no fa baabi. 28Ɔka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Wɔde me sika no asan ahyɛ me kotoku no mu. Monhwɛ. Ɛno ni!”

Saa asɛm yi maa wɔn koma tutui. Enti wɔhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim kae se, “Dɛn na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?”

29Woduu wɔn agya Yakob nkyɛn wɔ Kanaan no, wɔbɔɔ no nsɛm a asisi no nyinaa ho amanneɛ. Wɔkae se, 30“Yeduu Misraim asase so no, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so no poopoo nʼani, kyerɛɛ yɛn sɛ yɛyɛ akwansrafo. 31Nanso yebuaa no se, ‘Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafo. 32Yɛyɛ anuanom dumien a yefi agya baako. Ɔbaako afi mu. Mprempren, yɛn kaakyiri no wɔ yɛn agya nkyɛn wɔ Kanaan.’

33“Na ɔbarima a ɔhwɛ asase no so ka kyerɛɛ yɛn se, ‘Ɔkwan a mepɛ sɛ mefa so sɔ mo hwɛ ni: Munnyaw mo nuanom baako wɔ me nkyɛn ha, na monkɔtɔ aburow no bi nkɔma mo fifo a ɔkɔm rekum wɔn no. 34Nanso momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahu sɛ monyɛ akwansrafo na moyɛ nnipa pa. Na mede mo nua no bɛma mo, na mubetumi adi gua wɔ asase yi so.’ ”

35Bere a wɔrehwiehwie wɔn aburow no afi wɔn nkotoku no mu no, obiara huu ne sika a anka ɔde rekotua aburow no ka wɔ ne kotoku no ano. Wɔne wɔn agya huu sika no, wɔn koma tutui. 36Ɛyɛɛ saa maa wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn se, “Moama mahwere me mma. Yosef nni hɔ; Simeon nso nni hɔ; afei mopɛ sɛ mofa Benyamin nso ka ho! Biribiara ko tia me.”

37Ruben ka kyerɛɛ nʼagya se, “Sɛ mamfa Benyamin ansan amma a, wowɔ ho kwan sɛ wukum me mmabarima baanu no si anan. Fa no hyɛ me nsa, na mɛsan de no abrɛ wo.”

38Nanso Yakob buae se, “Me babarima no ne morenkɔ hɔ, efisɛ ne nuabarima awu ama aka ɔno nko. Sɛ saa kwan a morebetu yi, asiane bi kosiane no a, mewu.”

43

Yakob Mma No San Kɔ Misraim

1Saa bere no mu no, na ɔkɔm no ano da so yɛ den wɔ asase no so nyinaa. 2Enti bere a aduan a wɔkɔtɔ fii Misraim bae no reyɛ asa no, wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsan nkɔ nkɔtɔ aduan kakra mmra bio.”

3Nanso Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Yakob se, “Owura no sua kyerɛɛ yɛn denneennen se, ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, munnsi mʼanim ha bio.’ 4Sɛ wobɛma yɛne yɛn nua kumaa no akɔ de a, ɛno de, yɛbɛsan akɔ akɔtɔ aduan no bi abrɛ wo. 5Nanso sɛ woamma yɛamfa no ankɔ de a, yɛrenkɔ, efisɛ owura no suaa denneennen se, ‘Sɛ mo nua kumaa no nka mo ho a, munnsi mʼanim bio.’ ”

6Israel bisaa ne mma no se, “Adɛn nti na moka kyerɛɛ owura no se mowɔ nua kumaa bi wɔ hɔ, na mode saa ɔhaw yi abɛto me so?”

7Anuanom no buaa wɔn agya Israel se, “Owura no nyaa adagyew, tɔɔ ne bo ase bisaa yɛn ne yɛn abusuafo ho nsɛm nyinaa se, ‘Mo agya da so te ase ana? Mowɔ onua foforo bi ka mo ho?’ Nsɛm a obisaa yɛn no na yebuaa no. Na yennim sɛ ɔbɛka se, ‘Momfa mo nua kumaa no mmra.’ ”

8Ɛhɔ na Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Israel se, “Fa yɛn nua no hyɛ me nsa, na yensi mu nkɔ ntɛm nkɔtɔ aduan no bi mmra, na ɔkɔm ankum yɛn ne wo ne yɛn mma. 9Mʼankasa mɛhwɛ abofra no so. Sɛ mamfa no amma a, bisa me. Sɛ mamfa no amma, ammegyina wʼanim ha, amma woanhu sɛ wo ba no ni a, saa asodi no nna me so me nkwanna nyinaa. 10Sɛ yɛantwentwɛn yɛn nan ase a, anka saa bere yi, yɛakɔ aba bɛyɛ mprenu.”

11Afei, wɔn agya Israel ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ meyɛ ho hwee na ɛrenyɛ yiye de a, ɛno de, momfa asase yi so nnepa a bi ne akyenkyennuru kakra, ɛwo kakra, aduhuam, kurobow, nkate ne ɔsonkoran aba nhyɛ mo nkotoku mu, nkɔyɛ owura no ayɛ. 12Sika a mode rekɔ no nso, monyɛ no mmɔho efisɛ ɛsɛ sɛ mosan de sika a kan no mode kɔe na ɔsan de hyɛɛ mo nnesoa mu bae no kɔma no. Ebia na ɛyɛɛ no anipaso. 13Momfa mo nua no nso nka mo ho, na munsi mu ntɛmntɛm nkɔ. 14Otumfo Nyankopɔn nnyina mo akyi, na owura no nhu mo mmɔbɔ, na onyaa mo nua panyin Simeon, na ɔmfa Benyamin nso nka mo ho, na mo nyinaa nsan mmra. Sɛ ɛsɛ sɛ midi wɔn wu ho awerɛhow nso a, minni asɛm biara ka.”

15Enti Israelmma no faa akyɛde ahorow a wɔde rekɔ akɔyɛ owura no ayɛ no, ne wɔn sika mmɔho abien, ne wɔn nua kumaa Benyamin kaa wɔn ho, sii mu kɔe. Woduu Misraim no, wokoyii wɔn ho adi kyerɛɛ Yosef. 16Bere a Yosef huu sɛ Benyamin ka wɔn ho no, ɔka kyerɛɛ ne fi somfo panyin no se, “Fa nkurɔfo no kɔ me fi, na kum aboa bi, na wɔmfa nnoa aduan, na awia me ne wɔn bedidi.”

17Ɔsomfo panyin no yɛɛ sɛnea Yosef kae no ma ɔde nkurɔfo no kɔɔ Yosef fi. 18Ɔde wɔn duu Yosef fi no, wosuroe. Wɔkae se, “Gyama esiane dwetɛ a yɛbɛtɔɔ aduan a edi kan no wɔde hyehyɛɛ yɛn nkotoku mu no nti na ɔde yɛn aba ha. Ɔpɛ sɛ ɔde korɔn to yɛn so, na ɔfa yɛn sɛ ne nkoa, na ɔsan fa yɛn mfurum no nyinaa.”

19Woduu Yosef fi kwan no ano no, wɔkɔɔ Yosef somfo panyin no nkyɛn. 20Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn wura, yɛsrɛ wo, yɛbaa ha bere bi a atwa mu bɛtɔɔ aduan. 21Bere a yɛresan akɔ yɛn kurom a ade sae, na yɛsoɛsoɛɛ no, asoɛe hɔ na yebuebuee yɛn nkotoku ano, na yehuu sɛ obiara sika a okurae a anka ɔde rekɔtɔ aburow no hyɛ ne kotoku no mu pɛpɛɛpɛ. Ɛno nti, yɛasan de aba. 22Yɛasan de sika foforo aba sɛ yɛde rebɛtɔ aduan. Yennim onipa ko a ɔde saa sika no hyehyɛɛ yɛn nkotoku no mu.”

23Ɔsomfo panyin no ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnyɛ asɛm biara. Munnsuro. Onyame a mosom no ne mo agya Nyame a ɔsom no no na ɔde saa sika no hyehyɛɛ mo nkotoku no mu maa mo. Na mo sika no de, yegyei.” Afei, oyii Simeon fii afiase hɔ de no brɛɛ wɔn.

24Ɔsomfo panyin no de wɔn kɔɔ Yosef fi, maa wɔn nsu hohoroo wɔn anan ase, na ɔmaa wɔn mfurum no nso aduan dii. 25Wɔboaboaa akyɛde a wɔde bɛma Yosef no ano de twɛn no, efisɛ na wɔate sɛ wobedidi wɔ fie hɔ awia no.

26Bere a Yosef bae no, anuanom no buu no nkotodwe, de wɔn akyɛde no maa no. 27Yosef bisaa wɔn sɛnea wɔn ho te. Ɔtoaa so se, “Mo agya akwakoraa a mokaa ne ho asɛm no ho te dɛn? Ɔda so te ase ana?”

28Wobuaa no se, “Wʼakoa a ɔyɛ yɛn agya no ho ye. Ɔda so te ase.” Wɔde obu ne nidi bɔɔ wɔn mu ase wɔ nʼanim.

29Bere a nʼani tɔɔ ne na ba Benyamin anim no, obisae se, “Oyi ne mo nua kumaa a mokaa ne ho asɛm kyerɛɛ me no ana?” Ɔtoaa so se, “Me ba, Onyankopɔn nnom wo!” 30Yosef huu ne nua kumaa Benyamin no, ne werɛ howee, enti ɔyɛɛ ntɛm fii adi kɔhyɛɛ ne pia mu kosui.

31Osu wiee no, ɔhohoroo nʼanim, san bae de animia kae se, “Momma yennidi!”

32Wɔtoo Yosef pon wɔ baabi, na wɔtoo anuanom no nso pon wɔ baabi wɔ ɔdan koro no ara mu. Misraimfo a wɔyɛ Yosef asomfo no nso didii wɔ baabi foforo, efisɛ Misraimfo no mmu Hebrifo, na wɔne wɔn ato nsa adidi. 33Wɔde Yosef nuanom no tenatenaa ase mpanyin mu. Ɛyɛɛ saa maa anuanom no de ahodwiriw hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim. 34Wotitii nnuan no fi Yosef pon so kɔmaa wɔn no, na Benyamin de no dɔɔso sen ne nua biara de mpɛn anum. Ɛmaa wɔne Yosef de anigye ne ahosɛpɛw didi nomee.

44

Yosef Amma Benyamin Ankɔ

1Afei, Yosef hyɛɛ ne somfo panyin no se, “Fa aduan dodow biara a mmarima no betumi asoa no hyɛ wɔn nkotoku no amaama, na fa obiara sika nso hyɛ ne kotoku mu ma no. 2Na fa me dwetɛ kuruwa no ka akumaa no aduan no sika ho, na fa hyɛ ne kotoku no mu.” Na ɔyɛɛ sɛnea Yosef kaa no pɛpɛɛpɛ.

3Ade kyee anɔpa no, ogyaa anuanom no ne wɔn mfurum no kwan. 4Wɔannu akyiri baabiara, na Yosef ka kyerɛɛ ne somfo panyin no se, “Tiw nkurɔfo no ntɛm, na sɛ woto wɔn a, bisa wɔn se, ‘Adɛn nti na mode bɔne tua papa ka? Adɛn nti na moawia me dwetɛ kuruwa? 5Ɛnyɛ saa kuruwa yi a me wura nom ano na ɔhwɛ mu ka nhumusɛm no ni? Eyi yɛ bɔne kɛse a moayɛ.’ ”

6Ɔkɔtoo wɔn no, otii saa asɛm koro yi ara mu kyerɛɛ wɔn. 7Nanso anuanom no buaa no se, “Adɛn nti na yɛn wura keka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ ade a ɛte saa! 8Sika a yehuu wɔ yɛn nkotoku mu no, yɛansan amfa amfi Kanaan ammrɛ mo ana? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewia dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ fi wo wura fi? 9Sɛ wuhu saa kuruwa no wɔ wo nkoa no biara nkyɛn a, okum na ɛsɛ sɛ wukum saa onipa no. Na sɛ ɛba saa nso a, yɛn nyinaa bɛyɛ wo wura nkoa.”

10Ɔsomfo no buae se, “Eye, na nea owiae no nko na ɔbɛyɛ mʼakoa; na mo a moaka no bɛfa mo ho adi.”

11Anuanom no nyinaa yiyii wɔn nnesoa no fii mfurum no so guu fam, sansan wɔn nkotoku no ano. 12Na ɔsomfo no fii ase, hwehwɛɛ wɔn nkotoku no mu fi ɔpanyin no so kosii akumaa no so. Wohuu kuruwa no wɔ Benyamin kotoku no mu. 13Ɛbaa saa no, anuanom no sunsuan wɔn ntade mu. Afei, wɔn nyinaa san hyehyɛɛ wɔn nnesoa no wɔ wɔn mfurum no so, san kɔɔ kurow no mu.

Anuanom No Bu Yosef Nkotodwe

14Bere a Yuda ne ne nuanom no koduu kurow no mu hɔ no, na Yosef da so wɔ ne fi hɔ. Enti wɔn nyinaa totow wɔn ho guu fam wɔ nʼanim. 15Yosef bisaa wɔn se, “Dɛn ade na moayɛ yi? Munnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nam nhumusɛm so betumi ahu biribiara mu ana?”

16Yuda buae se, “Anoyi bɛn na yebetumi ayi wɔ me wura anim? Asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ama woahu sɛ yenni saa asɛm yi ho fɔ? Onyame ada yɛn wʼasomfo afɔdi yi adi. Yɛne nea wohuu kuruwa no wɔ no nkyɛn no nyinaa yɛ yɛn wura nkoa.”

17Nanso Yosef kae se, “Ɛmpare me sɛ mɛyɛ ade a ɛte saa. Onipa a wohuu kuruwa no wɔ ne nkyɛn no nko ara na ɔbɛyɛ mʼakoa. Mo a moaka no de, monsan nkɔ mo agya nkyɛn asomdwoe mu.”

Yuda Srɛ Ma Benyamin

18Yuda sɔre kɔɔ Yosef anim, ka kyerɛɛ no se, “Ma me a meyɛ wʼakoa no kwan na me ne wo, me wura, nkasa. Ɛwɔ mu sɛ wo ne Farao yɛ pɛ de, nanso mesrɛ wo, nya ntoboase ma wʼakoa. 19Me wura bisaa nʼasomfo no se, ‘Mowɔ agya anaa onuabarima bi?’ 20Na yebuae se, ‘Yɛwɔ agya a wabɔ akwakoraa ne yɛn kaakyiri a ɔwoo no ne nkwakoraabere mu. Ne nuabarima a ɔka ne ho no awu. Na ɔno nko ara ne ne na ba a waka. Nʼagya pɛ nʼasɛm yiye.’

21“Na ɔka kyerɛɛ wʼasomfo se, ‘Momfa no mmra, na menhwɛ no.’ 22Yɛka kyerɛɛ me wura se, ‘Abarimaa no rentumi ntew ne ho mfi nʼagya ho. Na sɛ ɛba sɛ ɔtew ne ho fi nʼagya ho a, nʼagya no bewu.’ 23Ɛnna woka kyerɛɛ wʼasomfo se. ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, munnsi mʼanim bio.’ 24Yɛsan kɔɔ wʼakoa, yɛn agya nkyɛn no, yɛkaa wo a woyɛ yɛn wura no nsɛm a woka kyerɛɛ yɛn no nyinaa kyerɛɛ no.

25“Na yɛn agya kae se, ‘Monsan nkɔ bio nkɔtɔ aduan kakra mmra.’ 26Nanso yɛka kyerɛɛ yɛn agya se, ‘Yɛrentumi nkɔ, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho. Sɛ yɛamfa yɛn nua kumaa no anka yɛn ho ankɔ a, yɛrentumi nkɔ owura no anim.’

27“Wʼakoa, yɛn agya, ka kyerɛɛ yɛn se, ‘Munim sɛ me ne me yere woo mmabarima baanu. 28Wɔn mu baako fii me nkyɛn kɔe a manhu no bio ma mekae se, “Aboa bi atetew no pasaa.” Efi saa bere no, minhuu no bio. 29Sɛ mofa oyi fi me nkyɛn, na asiane bi kosiane no wɔ kwan so a, me nso, mede awerɛhow bewu bi.’

30“Enti saa bere yi, sɛ yekopue fi wʼakoa, yɛn agya, anim na abofra yi nka yɛn ho, ne sɛnea ne koma da abofra no so fa no, 31sɛ ohu sɛ abofra no nka yɛn ho a, obewu. Wo nkoa bɛma wɔn agya de ne ti so dwen akɔ asaman awerɛhow mu. 32Wʼakoa a ɔde ne ho dii abofra no akagyinamu sɛ ɔde no bɛba no kae se, ‘Sɛ mamfa no ansan ammrɛ wo a, ɛho asodi no mmɛda me so, me nkwanna nyinaa.’

33“Afei, mesrɛ wo, ma wʼakoa nsi abofra no anan mu wɔ ha, na ma abofra no ne ne nuabarimanom no nsan nkɔ. 34Na sɛ abofra no anka me ho ankɔ a, mɛyɛ dɛn na makopue wɔ mʼagya anim? Dabi! Merentumi nnyina ahohia a ɛbɛto mʼagya wɔ saa asɛm yi ho no ano.”

45

Yosef Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Ne Nuanom

1Afei, na Yosef yɛ ne ho hwee a, ɛnyɛ yiye wɔ nʼasomfo no nyinaa anim. Enti ɔteɛɛ mu kyerɛɛ nʼasomfo no se, “Obiara mfi ha nkɔ.” Enti bere a oyii ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom no, na asomfo no mu biara nni hɔ. 2Osuu denneennen maa Misraimfo no tee, Farao fifo tee asɛm no.

3Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, “Mene Yosef! Mʼagya te ase ana?” Nanso asɛm no bɔɔ wɔn piriw ma wɔtotɔɔ mum wɔ nʼanim.

4Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, “Montwiw mmɛn me.” Wotwiw bɛn no no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mene mo nuabarima Yosef. Me na motɔn me ma wɔde me kɔɔ Misraim no. 5Mommma biribiara nhaw mo. Na monnkasakasa so sɛ motɔn me ma wɔde me baa ha. Onyankopɔn na ɔyɛe. Ɔno na ɔsomaa me, dii mo anim baa ha sɛ mimmegye mo nkwa. 6Mfe abien ni a ɔkɔm baa asase yi so. Mfe anum a ɛreba yi nso, obiara rennua, na obiara nso rentwa. 7Onyankopɔn asoma me ha sɛ memma mo ne mo fifo ntena nkwa mu, na moayɛ ɔman kɛse.

8“Enti ɛnyɛ mo na mode me baa ha, na ɛyɛ Onyankopɔn ankasa! Wayɛ me Farao fotufo ne ne fi sohwɛfo, na ɔde Misraiman nyinaa nso ahyɛ me nsa. 9Afei, monka mo ho nkɔ mʼagya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, ‘Sɛnea wo babarima Yosef se ni, Onyankopɔn ayɛ me Misraiman nyinaa sohwɛfo. Enti ntwentwɛn wʼanan ase koraa, na bra Misraim! 10Wobɛba abɛtena Gosen45.10 Na Gosen da Nil fam a na ɛyɛ asase pa. asase so, na woabɛn me. Fa wo mma, wo nananom, wo nguan ne wʼanantwi ne biribiara a wowɔ bra. 11Sɛ woba hɔ a, mɛhwɛ wo, efisɛ aka saa ɔkɔm kɛse yi mfe anum. Sɛ anyɛ saa a, wo ne wo fifo ne wɔn a wɔka wo ho nyinaa bedi hia buruburoo.’

12“Mo ne me nua Benyamin nyinaa di adanse sɛ, ampa ara, ɛyɛ me Yosef na me ne morekasa yi. 13Monka anuonyam a Onyame adom nti, wɔahyɛ me wɔ Misraim asase so ne biribiara a mo ankasa mode mo ani abehu no nyinaa ho asɛm nkyerɛ mʼagya. Monkɔfa mʼagya nsian mmrɛ me ntɛm.”

14Ɔyɛɛ Benyamin atuu, sui, a anigye ne awerɛhow adi afra. Benyamin nso fii ase sui. 15Ofifew ne nuanom no nyinaa ano sui, na ɛno akyi no, wotumi ne no kasae.

Farao Hyia Yakob Ba Misraim

16Bere a wɔtee wɔ Farao fi sɛ Yosef nuanom no aba no, Farao ne ne mpanyimfo a wɔka ne ho no nyinaa ani gyei. 17Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Ka kyerɛ wo nuanom no se, wɔmfa nneɛma nsoasoa wɔn mmoa no, na wɔnkɔ Kanaan asase so, 18na wɔnkɔfa wɔn agya ne wɔn abusuafo nyinaa mmra Misraim asase so ha mmɛtena ha. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Farao bɛma mo Misraim asase no fa a eye pa ara atena so. Wobedi asase no so nnepa!’

19“Ka kyerɛ wɔn se, ‘Momfa nteaseɛnam mfi Misraim ha nkɔfa mo yerenom ne mo mma. Momfa mo agya nso nka ho mmra. 20Monnhaw mo ho wɔ mo agyapade ho, efisɛ mede nnepa a ɛwɔ Misraim asase so nyinaa no bi bɛma mo.’ ”

21Enti Yosef maa wɔn nteaseɛnam ne nnuan a wobedi wɔ ɔkwan so, sɛnea Farao hyɛe no. 22Ɔmaa ne nuanom no mu biara atade foforo, nanso Benyamin de, ɔmaa no ntade ahorow anum ne dwetɛ kilogram abiɛsa ne fa. 23Saa nneɛma a edidi so yi nso na Yosef de kɔmaa nʼagya Israel: mfurumnini du a wɔahyehyɛ Misraim nneɛma pa wɔ wɔn so, mfurummmere du a wɔsoso aburow, brodo ne nnuan ahorow ne nʼakwansoduan. 24Ogyaa ne nuanom no kwan, na akwannya no mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monnkɔkasakasa wɔ ɔkwan so.”

25Enti wofii Misraimman mu kɔɔ wɔn agya Israel nkyɛn wɔ Kanaan asase so. 26Wodui no, wɔde anigye bɔɔ wɔn agya amanneɛ se, “Yosef te ase! Nokwasɛm ni, ɔno na odi Misraiman nyinaa so!” Israel tee saa asɛm no, ne ho dwiriw no. Wannye anni. 27Na bere a wɔkaa nsɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛka no wiee no, na ohuu nteaseɛnam a Yosef de somaa sɛ wɔmfa mmɛfa no no, wɔn agya Yakob ho san no. 28Na Israel kae se, “Magye nsɛm no nyinaa adi. Me ba Yosef da so te ase. Mɛkɔ akohu no ansa na mawu.”

46

Yakob Kɔ Misraim

1Enti Israel de nʼahode nyinaa sii mu koduu Beer-Seba. Ɔbɔɔ Onyankopɔn a na nʼagya Isak som no no afɔre wɔ hɔ.

2Anadwo anisoadehu mu no, Onyankopɔn frɛɛ Yakob se, “Yakob! Yakob!”

Yakob gyee so se, “Me ni.”

3Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Mene Onyankopɔn. Onyankopɔn a wʼagya som no. Nsuro sɛ wobɛkɔ Misraim, efisɛ mɛma wʼase adɔ ayɛ ɔman kɛse wɔ hɔ. 4Mʼankasa ne wo bɛkɔ Misraim, na masan de wo aba ha. Edu bere a worebewu a, wubewu wɔ Yosef nsam.”

5Na Yakob sii mu fii Beer-Seba. Israelmma no de wɔn agya Yakob, wɔn yerenom ne wɔn mma tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma ma wɔde bɛfaa wɔn no mu. 6Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapade a wɔanya wɔ Kanaan asase so no nyinaa kaa wɔn ho kɔɔ Misraim. Yakob ne nʼasefo nyinaa sii mu kɔɔ Misraim. 7Israel de ne mmabarima, ne nenanom, ne mmabea ne wɔn mma a wɔn nyinaa yɛ nʼasefo kaa ne ho kɔɔ Misraim.

8Din a edidi so yi yɛ Israelfo, Yakob asefo a ɔde wɔn kɔɔ Misraim.

Ruben yɛ Yakob abakan.

9Ruben nso mmabarima din na edidi so yi:

Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.

10Simeon nso mmabarima yɛ:

Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a ne na yɛ Kanaanni.

11Lewi mmabarima din na edidi so yi:

Gerson, Kohat ne Merari.

12Yuda nso mmabarima yɛ:

Er, Onan, Sela, Peres ne Serah. Nanso Er ne Onan de, wowuwuu wɔ Kanaan asase so ansa na Israel reba Misraim asase so.

Peres mmabarima yɛ:

Hesron ne Hamul.

13Isakar mmabarima nso yɛ:

Tola, Puwa, Hiob ne Simron.

14Sebulon mmabarima nso yɛ:

Sered, Elon ne Yakleel.

15Wɔn a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Lea mma a ɔne Yakob woo wɔ Paddan-Aram a ne babea Dina nso ka ho. Saa mmabarima ne ne babea yi nyinaa dodow si nnipa aduasa abiɛsa.

16Gad nso mma din na edidi so yi:

Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli.

17Aser nso mma din na edidi so yi:

Yimna, Isua, Isui ne Beria ne wɔn nuabea Sera.

Beria nso mma yɛ:

Heber ne Malkiel.

18Eyinom nso ne Silpa, afenaa a Laban de no maa ne babea Lea a ɔno nso de no maa ne kunu Yakob waree no mma. Wɔn nyinaa dodow ano si nnipa dunsia.

19Yakob yere Rahel mma yɛ:

Yosef ne Benyamin.

20Yosef ne ne yere Asnat, a ɔyɛ Potifera a ɔyɛ On bosomfo babea woo Manase ne Efraim wɔ Misraim.

21Benyamin nso mmabarima din na edidi so yi:

Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard.

22Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Rahel mmabarima a ɔne Yakob woe. Wɔn nyinaa dodow yɛ nnipa dunan.

23Dan babarima yɛ

Husim.

24Naftali nso mmabarima din na edidi so yi:

Yahseel, Guni, Yeser ne Silem.

25Bilha a ɔyɛ Laban afenaa a ɔde no maa ne babea Rahel mmabarima a ɔne Yakob woo no na wɔabobɔ wɔn din yi. Na wɔn dodow yɛ nnipa baason.

26Nnipa a Yakob de wɔn kɔɔ Misraim nyinaa, a wɔyɛ nʼasefo ankasa, a ne mmabarima yerenom nka ho dodow yɛ aduosia asia. 27Sɛ wɔde Yosef mmabarima baanu a ɔwoo wɔn wɔ Misraim no ka ho a, na Yakob asefo a ɔde wɔn kɔɔ Misraim no nyinaa dodow yɛ nnipa aduɔson.

Farao Bɔ Yakob Atenase Wɔ Gosen

28Israel somaa Yuda ma odii kan kɔɔ Yosef hɔ kobisaa no Gosen kwan. Akyiri no, wokoduu Gosen. 29Yosef siesiee ne nteaseɛnam ma wɔkɔɔ Gosen kohyiaa nʼagya Israel. Yosef duu nʼagya Yakob anim pɛ na ɔbam no, sui ara kwansin.

30Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Ohu a mahu wo sɛ wote ase yi nti, sɛ owu bɛfa me nnɛ koraa a, mepɛ.”

31Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no ne nʼagya fifo no se, “Mɛkɔ akɔka akyerɛ Farao se, ‘Me nuabarimanom ne mʼagya fifo a na anka wɔte Kanaan asase so nyinaa aba ha abɛka me ho. 32Mmarima no yɛ nguanhwɛfo. Wɔhwɛ mmoa so. Na wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi ne biribiara a wɔwɔ aba.’ 33Sɛ Farao frɛ mo, na obisa mo se, ‘Adwuma bɛn na moyɛ a,’ 34momma no mmuae se, ‘Wo nkoa ayɛn mmoa fi wɔn mmofraase, te sɛ nea yɛn agyanom yɛe no ara pɛpɛɛpɛ.’ Sɛ moka saa kyerɛ no a, ɔbɛma mode Gosen ayɛ mo atenae, efisɛ Misraimfo kyi nguanhwɛfo kɔkɔɔkɔ.”

47

1Yakob mma no beduu Misraim asase so no, Yosef kɔka kyerɛɛ Farao se, “Mʼagya ne me nuanom no de wɔn nguan ne wɔn anantwi ne wɔn agyapade nyinaa afi Kanaan asase so aba, na wɔwɔ Gosen asase so.” 2Yosef yii ne nuabarimanom no mu baanum de wɔn kokyia Farao.

3Farao bisaa anuanom no se, “Adwuma bɛn na moyɛ?”

Wobuaa no se, “Wo nkoa yɛ nguanhwɛfo, sɛnea na yɛn agyanom nso yɛ nguanhwɛfo no.” 4Anuanom no toaa so se, “Yɛaba ha sɛ ananafo a yɛrebɛtena ha kakra, efisɛ ɔkɔm no ano yɛ den yiye wɔ Kanaan asase so hɔ, na wo nkoa nguan nnya aduan nni. Enti yɛresrɛ wo kwan na yɛatena Gosen asase so ha.”

5Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Wʼagya ne wo nuanom aba wo nkyɛn. 6Misraim asase nyinaa hyɛ wo nsa. Ma wʼagya ne wo nuabarimanom baabi pa na wɔntena. Ma wɔntena Gosen asase so. Sɛ wunim wɔn mu bi a wɔwɔ mmoayɛn ho nimdeɛ a, ma wɔnhwɛ me nguan so mma me.”

Yakob Hyira Farao

7Afei, Yosef kɔfaa nʼagya Yakob de no bekyiaa Farao ma Yakob hyiraa no. 8Farao bisaa Yakob se, “Woadi mfe ahe?”

9Yakob buaa Farao se, “Madi mfe ɔha ne aduasa a ɔhaw ne abɛbrɛsɛ wɔ mu. Minnu mʼagyanom nkwanna a wɔde tenaa asase so no ho hwee.” 10Na Yakob hyiraa Farao, na ofii nʼanim kɔe.

11Enti Yosef bɔɔ nʼagya ne ne nuanom no atenase wɔ Misraim asase so. Ɔmaa wɔn agyapade wɔ asase no fa baabi a eye pa ara wɔ Rameses mansin mu, sɛnea Farao hyɛe no. 12Yosef maa nʼagya ne ne nuanom no aduan sɛnea wɔn mma dodow te.

13Na aduan nni hɔ baabiara, efisɛ na ɔkɔm a aba no ano ayɛ den yiye. Saa ɔkɔm yi kaa Misraim ne Kanaan asase nyinaa ma emu nnipa ne nnɔbae twintwamee. 14Yosef prapraa Misraim ne Kanaan asase so sika nyinaa a onya fii aduantɔn no mu no baa Farao ahemfi. 15Bere a nnipa a wɔwɔ Misraim ne Kanaan asase so ho sika nyinaa sae no, Misraim nnipa nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Yɛn ho sika nyinaa asa, enti ma yɛn aduan nni! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewuwu?”

16Yosef buaa wɔn se, “Sɛ mo sika asa de a, momfa mo nguan ne mo anantwi mmra mmegye aduan.” 17Enti wɔde wɔn mmoa no brɛɛ Yosef. Mmoa a wɔde wɔn bɛsesaa aduan no yɛ apɔnkɔ, nguan, mmirekyi, anantwi ne mfurum. Saa afe no mu no, wɔde wɔn mmoa nyinaa bɛsesaa aduan.

18Afe akyi no, Misraimfo no nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛkae se, “Yɛrentumi mfa biribiara nhintaw yɛn wura. Yɛn ho sika nyinaa asa, na yɛn anantwi nso yɛ wo dea. Hwee nni hɔ bio a yebetumi de abrɛ wo, yɛn wura, sɛ yɛn nnipadua ne yɛn nsase nko. 19Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwere yɛn nkwa ne yɛn nsase wɔ wʼanim! Afei, ma yɛmfa yɛn nnipadua ne yɛn nsase nyinaa mmɛsesa aduan. Yɛde yɛn ho ne yɛn nsase nyinaa bɛkɔ nkoasom mu. Ma yɛn aburow, na ɔkɔm ankum yɛn, amma asase no nso anna mpan.”

20Enti Yosef tɔɔ Misraim nsase nyinaa maa Farao. Esiane ɔkɔm no ano den nti, Misraimfo no tɔn wɔn nsase no nyinaa. Ɛyɛɛ saa ma nsase no nyinaa bedii Farao nsam. 21Efi Misraim ti kosi ti, Yosef de mu nnipa nyinaa bɛyɛɛ ne nkoa. 22Asɔfo nko ara nsase na wantɔ, efisɛ asɔfo no de, na Farao atwa anoduan bi de ama wɔn. Ne saa nti na wɔn de, wɔantɔn wɔn nsase no.

23Yosef ka kyerɛɛ nnipa no se, “Afei a matɔ mo ne nsase de ama Farao yi, mo nso, munnye aburow nkodua. 24Na sɛ aburow no yɛ yiye, na mutwa a, momfa nkyɛmu anum mu baako mmrɛ Farao. Na nkyɛmu anum mu anan a ɛbɛka no, mo ne mo fifo ne mo mma nni bi, na munnyaw bi nso a mubedua.”

25Wɔkae se, “Anokwa, woagye yɛn nkwa. Ka kyerɛ yɛn wura Farao se, onnye yɛn nto mu, na yɛnyɛ nkoa.”

26Ɛnam saa asɛm yi so maa mmara a Yosef hyɛe sɛ wɔmfa asase no so nnɔbae nyinaa mu nkyɛmu anum mu baako mma Farao no da so wɔ hɔ besi nnɛ. Asɔfo no nsase nko ara na ankodi Farao nsam.

Yosef Hyɛ Nʼagya Bɔ

27Israelfo no bɔɔ atenase wɔ Gosen mansin a ɛwɔ Misraim asase so no so. Wonyaa agyapade wɔ hɔ, na wɔn ase nso fɛee yiye.

28Yakob tenaa Misraim mfe dunson. Odii mfirihyia ɔha ne aduanan ason ansa na ɔrewu. 29Eduu sɛ Yakob rebewu no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef, ka kyerɛɛ no se, “Me ba, sɛ wodɔ me de a, ka ntam di nsew sɛ, wobɛyɛ me adɔe, adi me nokware. Sɛ miwu a, nsie me wɔ Misraim ha. 30Sɛ miwu a, momfa me mfi Misraim ha, nkosie me wɔ faako a wosiee me mpanyimfo no.”

Yosef hyɛɛ bɔ se, “Medi asɛm a woaka no so.”

31Yakob kaa bio se, “Ka ntam kyerɛ me.” Yosef kaa ntam no, na Israel nso butuw ne pema so sɔree Onyankopɔn.

48

Yakob Hyira Efraim Ne Manase

1Mmere bi akyi no, wɔka kyerɛɛ Yosef se, “Wʼagya yare.” Enti Yosef faa ne mmabarima baanu, Efraim ne Manase kaa ne ho kɔsraa no. 2Bere a wɔbɔɔ Yakob amanneɛ se, “Wo ba Yosef aba wo nkyɛn rebɛsra wo” no, Yakob miaa nʼani sɔre tenaa ne mpa so.

3Yakob ka kyerɛɛ Yosef se, “Otumfo Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ na ohyiraa me, 4ka kyerɛɛ me se, ‘Mɛma woawo, ama wʼase afɛe. Mɛma wʼasefo ayɛ ɔman kɛse. Mede saa asase yi bɛma wʼasefo afebɔɔ sɛ wɔn agyapade.’

5“Ɛno nti, mede wo mma baanu a wɔwoo wɔn maa wo ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Misraim asase so ha no bɛka me mma no ho. Efraim ne Manase bɛka me mma ho, sɛnea Ruben ne Simeon yɛ me mma no. 6Mma foforo biara a wobɛwo wɔn wɔ Efraim ne Manase akyi no na wɔbɛyɛ wo de. Wɔde wɔn bɛka wɔn nuanom no ho wɔ asase a wɔde bɛma wɔn sɛ wɔn agyapade no so. 7Bere a mifi Paddan-Aram reba no, ababaa Rahel wuu wɔ ɔkwan mu ma ɛyɛɛ me yaw. Na aka akwansin kakraa bi na yɛadu Efrat. Ɛno nti, misiee no wɔ Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi.”

8Bere a Israel huu Yosef mmabarima no, obisae se, “Na eyinom yɛ hefo?”

9Yosef buaa nʼagya se, “Wɔyɛ mmabarima a Onyankopɔn de wɔn adom me wɔ ha.”

Na Israel kae se, “Fa wɔn bra mʼanim ha na minhyira wɔn.”

10Saa bere no, esiane onyin nti, na Israel ani so ayɛ wusiwusi a onhu ade papa. Ne saa nti, Yosef de ne mma no kɔɔ ne nkyɛn pɛɛ ma ɔyɛɛ wɔn atuu, fifew wɔn ano.

11Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Manna mannwene sɛ mehu wʼanim bio da, nanso hwɛ nea Onyame ayɛ. Wama me ho kwan ama mahu wo mma nso.”

12Yosef maa wɔn so fii Israel kotodwe anim, na ɔno ara nso buu nkotodwe de nʼanim butuw fam. 13Ɔsɔre no, ɔde ne nsa nifa soo Efraim mu, de no gyinaa Yakob benkum so, na ɔde ne nsa benkum soo Manase mu, de no gyinaa Yakob nifa so bɛn no pɛɛ. 14Israel teɛɛ ne nsa nifa de too Efraim a ɔyɛ akumaa no apampam, na ɔde ne nsa benkum no too Manase nso apampam. Ɛwɔ mu sɛ na Manase yɛ abakan de, nanso ɔde ne nsa benkum na ɛtoo nʼapampam.

15Ohyiraa Yosef se,

“Onyankopɔn a mʼagyanom

Abraham ne Isak nantew nʼanim,

ne me Nyankopɔn a ɔhwɛɛ me sɛ oguanhwɛfo

de besi nnɛ no,

16ɔsoro bɔfo a ogyee me fii ɔhaw nyinaa mu no,

onhyira saa mmarimaa yi.

Wɔmfa me din ne mʼagyanom,

Abraham ne Isak din ntoto wɔn,

na wɔn ase mfɛe

wɔ asase so.”

17Bere a Yosef huu sɛ nʼagya de ne nsa nifa ato Efraim apampam no, anyɛ no dɛ. Enti oyii nʼagya nsa nifa no fii Efraim apampam, kɔtoo Manase apampam. 18Yosef ka kyerɛɛ nʼagya se, “Dabi, mʼagya, oyi ne mʼabakan, nti fa wo nsa nifa to nʼapampam.”

19Nanso nʼagya ampene so kae se, “Me ba, minim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na wayɛ ɔkɛse. Nanso ne nua kumaa no bɛyɛ ɔkɛse asen no, na nʼasefo bɛyɛ aman bebree.” 20Enti da no, Yakob hyiraa mmarimaa no se,

“Israelfo nyinaa nam mo din so behyirahyira wɔn ho wɔn ho.

Wɔbɛka se, ‘Onyankopɔn behyirahyira mo, ama moakɔ so frɔmfrɔm te sɛ Efraim ne Manase.’ ”

Saa ɔkwan yi so na Yakob fa maa Efraim bedii Manase anim.

21Na Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Merebewu, nanso Onyankopɔn bɛhwɛ mo so, na wasan de mo akɔ Kanaan, mo agyanom asase so bio. 22Wo a mprempren woabɛyɛ wo nuanom nyinaa so panyin no, mede asase a menam me afoa ne mʼagyan so gye fii Amorifo nkyɛn no rema wo.”

49

Yakob Hyira Ne Mmabarima

1Yakob frɛɛ ne mmabarima nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Mummetwa me ho nhyia, na menka mo nea ɛbɛba mo so daakye.

2“Yakob mmabarima, mommoaboa mo ho ano, na muntie;

muntie mo agya Israel.

3“Ruben, wo na woyɛ mʼabakan.

Wo na woyɛ me tumi ne mʼahoɔden nsɛnkyerɛnne a edi kan a

ɛboro anuonyam ne tumi so.

4Woyɛ kitikiti sɛ asorɔkye, nanso worenkɔ so bio,

efisɛ woforoo wʼagya mpa ne ne yere kɔdae,

de guu mʼanim ase.

5“Simeon ne Lewi yɛ anuanom.

Wogyina hɔ ma basabasayɛ ne asisi.

6Mma me nkɔka wɔn agyinatu ho,

efisɛ wɔnam wɔn abufuw so akunkum nnipa,

na wokunkum anantwi de gyee wɔn ani.

7Nnome nka wɔn abufuw, efisɛ ano yɛ den,

na ɛyɛ atirimɔdensɛm!

Ɛno nti, mɛbɔ wɔn asefo ahwete

Israelman mu nyinaa.

8“Yuda, wo nuabarimanom beyi wo ayɛ.

Wobɛsɛe wʼatamfo nyinaa.

Wʼagya mmabarima bɛkotow wo.

9Yuda, woyɛ gyata ba a

woawe wʼatamfo nam awie.

Wote sɛ gyata a wabutuw.

Hena na obetumi akɔka no?

10Ahempema remfi Yuda nsam,

na saa ara nso na ahempema remfi nʼanan ntam,

kosi sɛ, nea ɛyɛ ne dea a aman nyinaa betie no no bɛba.

11Ɔbɛsa nʼafurum wɔ bobe dua mu.

Ɔde nʼafurum ba bɛsa bobe pa mman mu.

Ɔbɛhoro ne ntama wɔ nsa mu,

na wahoro nʼatade nso wɔ bobesa kɔɔ mu.

12Nʼaniwa aba bebiri asen bobesa.

Ne se bɛyɛ fitaa asen nufusu.

13“Sebulon bɛtena mpoano.

Obesisi ahyɛngyinabea ama ahyɛn.

Nʼahye so bɛtrɛw akosi Sidon.

14“Isakar yɛ afurum hoɔdenfo a

obutuw hɔ rehome wɔ nguankuw mu.

15Sɛ ohu sɛnea nʼahomegyebea ye fa,

ne sɛnea nʼasase no so dwo a,

obekuntun agye adesoa,

na wapene so sɛ akoa ama ɔhyɛ adwuma.

16“Dan bebu ne manfo atɛn

sɛ Israel mmusuakuw no baako.

17Dan bɛyɛ sɛ ɔwɔ a ɔda kwankyɛn;

ɔbɛyɛ sɛ ahurutoa a ɔnam ɔtempɔn mu a

ɔka ɔpɔnkɔ nantin,

sɛnea ɛbɛma ne sotefo atew ahwe nʼakyi.

18Awurade, wo nkwagye na meretwɛn.

19“Nnipa bɔnefo bɛtow ahyɛ Gad so,

na ɔno nso betiw wɔn atow ahyɛ wɔn so.

20“Aser aduan a odi no bɛyɛ aduan pa.

Na ɔbɛma ahennuan a ɛyɛ akɔnnɔ.

21“Naftali te sɛ ɔforote a wɔagyaa no a

ɔwo mma ahoɔfɛfo.

22“Yosef yɛ ngodua a ɛsow aba,

a esi asuten ho,

na ne mman tra afasu.

23Agyantowfo kaa no hyɛe,

de abufuw tow hyɛɛ ne so.

24Nanso ne bɛma no gyinaa pintinn,

na ne basa mu yɛɛ den;

esiane Otumfo Nyankopɔn a Yakob som no no

a ɔyɛ oguanhwɛfo ne Israel botantim no;

25esiane Onyankopɔn a wʼagya som no a ɔboa wo no;

Otumfo a ɔde ɔsoro nhyira behyira wo;

nhyira a efi asase ase pɛɛ;

nhyira a efi nufu ne ɔyafunu mu no.

26Wʼagya nhyira a wɔahyira no no

bɛdɔɔso asen tete nteredee mmepɔw

ne nkoko a etintim hɔ daa no so nnɔbae.

Eyinom nyinaa mmra Yosef ti so,

engugu anuanom no mu nea wɔapaw no no anintɔn so.

27“Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam;

ɔbɔ aporɔw anɔpa, kyere ne hanam we,

na edu anwummere a, ɔkyekyɛ nam nkae no.”

28Eyi ne nhyira a Israel mmusuakuw dumien no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛnea ɛfata no.

Yakob Wu Ne Ne Sie

29Yakob rebewu no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn se, “Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanyimfo ho. Sɛ miwu a, munsie me wɔ ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuw a wosiee me mpanyimfo wɔ mu no mu. 30Ɛno ne ɔboda ne afuw a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no fii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusiei. 31Saa ɔboda no mu na wosiee Abraham ne ne yere Sara. Ɛhɔ ara nso na wosiee Isak ne ne yere Rebeka, na misiee Lea nso. 32Me nena Abraham tɔɔ afuw no ne ɔboda a ɛka ho no nyinaa fii Hetifo no nkyɛn.”

33Bere a Yakob kasa kyerɛɛ ne mma no wiee no, ɔmaa ne nan so guu ne mpa so wui. Wokosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn.

50

Wosie Yakob Wɔ Kanaan

1Yosef tow ne ho hwee nʼagya so suu no, na ofew nʼano. 2Ɛno akyi no, Yosef maa ne duruyɛfo bɛhyɛɛ nʼagya Israel akyenkyennuru, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrensɛe. Enti oduruyɛfo no hyɛɛ no akyenkyennuru. 3Wɔde adaduanan na ɛhyɛɛ Israel akyenkyennuru no, efisɛ saa nna dodow no na ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ no aduru no. Misraimfo suu no nnafua aduɔson.

4Wosuu no wiee no, Yosef kasa kyerɛɛ Farao fifo se, “Sɛ manya mo anim anuonyam a, monka nkyerɛ Farao mma me se, 5‘Mʼagya ma mekaa ntam,’ na ɔkae se: Hwɛ, aka kakra na mawu. Enti sɛ miwu a, ɔboda a mʼankasa mitwaa wɔ Kanaan asase so no mu na munkosie me. ‘Enti momma me kwan mma minkosie mʼagya, na mɛsan aba.’ ”

6Farao penee akwansrɛ no so, kae se, “Kɔ na kosie wʼagya, sɛnea ɔmaa wo kaa no ntam no.”

7Enti Yosef kɔ kosiee nʼagya. Farao asomfo nyinaa ne ne mpanyimfo ne nʼatenankongua ne Misraim nnipa titiriw nyinaa kogyaa Yosef ayi 8kaa Yosef fifo nyinaa a ne nuabarimanom ne nʼagya fifo no ho. Wɔn mma ne wɔn nguan ne wɔn anantwi nko ara na wogyaw wɔn wɔ Gosen asase so hɔ. 9Nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo nso kaa wɔn ho kɔɔ ayi no bi. Nnipadɔm pa ara na wɔkɔe.

10Woduu Atad a ne nkyerɛase ne baabi a wɔpo atoko, a ɛbɛn Asubɔnten Yordan no, wɔde nnanson twaa agyaadwo, yɛɛ Yosef agya Israel ayi kɛse wɔ hɔ. 11Bere a Kanaanfo a na wɔte asase no so huu sɛnea wosi yɛɛ ayi no wɔ Atad no, wɔkae se, “Eyi yɛ ayi kɛse bi a Misraimfo ayɛ.” Ɛno nti, Kanaanfo a wɔte asase no so no too hɔ din Abel-Misraim, a ne nkyerɛase ne Misraimfo reyɛ ayi kɛse.

12Enti Yakob mmabarima no yɛɛ sɛnea wɔn agya kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. 13Wɔsoaa no, de no kɔɔ Kanaan asase so, kosiee no wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ afuw a na Abraham atɔ afi Hetini Efron nkyɛn de ayɛ amusiei no mu. 14Yosef siee nʼagya wiee no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wokogyaa no ayi no nyinaa san baa Misraim.

Yosef De Ne Nuanom Bɔne Kyɛ Wɔn

15Yosef agya wu akyi no, ne nuanom no de ehu ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Sɛ ɛba sɛ Yosef da so wɔ yɛn ho menasepɔw, na otua yɛn bɔne ahorow a yɛayɛ no nyinaa so ka a, na yɛreyɛ no dɛn?” 16Enti wotuu nnipa kɔɔ Yosef hɔ kɔka kyerɛɛ no se, “Wʼagya kaa saa asɛm yi ansa na ɔrewu. 17‘Asɛm yi na ɛsɛ sɛ moka kyerɛ Yosef: Mesrɛ wo, fa bɔne ahorow a wo nuanom ayɛ wo no nyinaa kyɛ wɔn.’ Enti afei mesrɛ wo, fa Onyankopɔn a wʼagya som no no nkoa bɔne kyɛ wɔn.” Bere a Yosef tee asɛm a ne nuanom no kae no, osui.

18Yosef nuabarimanom no bɛtotow wɔn ho guguu nʼanim, kae se, “Yɛyɛ wo nkoa.”

19Nanso Yosef ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro me! Meyɛ Onyankopɔn a metumi abu mo atɛn, atwe mo aso ana? 20Ɛwɔ mu sɛ moyɛɛ mo adwene sɛ mobɛyɛ me bɔne de, nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ, ɛbɛdan ade pa, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi agye nnipa dodow nkwa, sɛnea ɔreyɛ no nnɛ yi. 21Enti munnsuro! Mʼankasa mede biribiara a ehia mo ne mo mma nyinaa bɛma mo.” Yosef nam saa kasakyerɛ yi so hyɛɛ wɔn bɔ sɛ, ɔrenyɛ wɔn bɔne biara.

Yosef Wu

22Yosef ankasa ne ne nuanom ne nʼagya abusuafo nyinaa tenaa Misraim asase so. Odii mfe ɔha ne du ansa na ɔrewu. 23Yosef huu Efraim mma nena ne Manase ba Makir mma nso. Wɔwoo wɔn guu ne srɛ so.

24Na, Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, “Ɛrenkyɛ biara na mawu. Nanso Onyankopɔn bɛboa mo, ayi mo afi saa asase yi so, de mo akɔ bɔhyɛ asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so.” 25Yosef maa Israel mmabarima no kaa ntam, na Yosef kae se, “Nokware, Onyankopɔn bedi aboa mo. Sɛ miwu nso a, monsoa me nnompe mfi ha nkɔ Kanaan asase so.”

26Yosef dii mfe ɔha ne du, na owui. Wɔhyɛɛ no akyenkyennuru de no too funnaka mu wɔ Misraim.