Samuel
Nhoma A Ɛto So Abien
1Dawid Te Saulo Wu
1Saulo wu akyi no, Dawid san fii nkonim a odii Amalekfo so no mu bɛtenaa Siklag nnaanu. 2Ne nnansa so no, ɔbarima bi fi Saulo nsraban mu a watetew ne ntade mu, atu mfutuma agu ne ti mu, de rekyerɛ sɛ ɔretwa adwo bae. Oduu Dawid nkyɛn no, ɔdan ne ho hwee fam nidi mu.
3Dawid bisaa no se, “Ɛhe na wufi?”
Obuae se, “Maguan afi Israel nsraban mu.”
4Dawid bisaa no se, “Na ɛyɛɛ dɛn? Ɔko no kosii dɛn?”
Ɔkae se, “Mmarima no guan fii akono. Bebree totɔe. Na Saulo ne ne babarima Yonatan nso atotɔ.”
5Enti Dawid bisaa aberante a ɔbɛbɔɔ no saa amanneɛ no se, “Ɛyɛɛ dɛn na wuhuu sɛ Saulo ne ne babarima Yonatan awuwu?”
6Aberante no buae se, “Mikofii Gilboa bepɔw so, na mekɔtoo sɛ Saulo sɛn ne peaw so a atamfo no nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔsotefo mmɛn no ara. 7Ɔdan ne ho a ohuu me no, ɔteɛɛ mu frɛɛ me se memmra. Mibisaa no se, ‘Menyɛ dɛn?’
8“Obisaa me se, ‘Wo ne hena?’
“Mibuaa no se, ‘Meyɛ Amalekni.’
9“Na ɔsrɛɛ me se, ‘Begyina me so na kum me, na me ho yeraw me yiye, na mepɛ sɛ me wu.’
10“Enti migyinaa ne so kum no, efisɛ na minim sɛ tebea a ɔwɔ mu no, ɔrennya nkwa. Na mituu nʼahenkyɛw a ɛhyɛ no no ne nʼabasa so atweaban no sɛ mede rebrɛ wo, me wura.”
11Dawid ne ne mmarima no tee asɛm no, wɔde awerɛhow sunsuan wɔn ntade mu. 12Wotwaa ho agyaadwo, sui, bua daa da mu no nyinaa wɔ Saulo ne ne babarima Yonatan wu ne Awurade asraafo ne Israelman sɛ wɔn mu pii wuwuu saa da no.
13Na Dawid bisaa aberante a ɔbɛbɔɔ wɔn saa amanneɛ no se, “Wufi he?”
Na obuae se, “Meyɛ ɔhɔho Amalekni a mete mo asase so.”
14Dawid bisaa no se, “Na wunsuro sɛ wukum obi a Awurade asra no no?”
15Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no mu baako se, “Kum no!” Enti ɔbarima no twee nʼafoa de wɔɔ Amalekni no, kum no. 16Na Dawid kae se, “Wʼano ayi mmusu ama wo ama woawu, efisɛ wo ara na wokae se woakum obi a Awurade asra no no.”
Dawid Dwom A Ɔhyehyɛ Maa Saulo Ne Yonatan
17Na Dawid too kwadwom maa Saulo ne Yonatan. 18Na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkyerɛ nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa to. Wɔtoo no din sɛ agyan dwom a wɔakyerɛw wɔ Yasar Nhoma mu.
19“Wʼanuonyam ne wʼahosɛpɛw, Israel, awu da mmepɔw so!
Akofo akɛse atotɔ!
20“Monnka asɛm yi wɔ Gat,1.20 Gat ne Askelon yɛ Filisti nkurow.
na Filistifo abɔ ose!
Monnka wɔ Askelon mmɔnten so,
na abosonsomfo anserew ahosɛpɛw mu.
21“Gilboa mmepɔw,
mma obosu anaa osu ntɔ ngu wo so
anaa wo nsian so.
Efisɛ ɛhɔ na woguu ɔkofo kɛse no akokyɛm ho fi;
wɔremfa ngo nsra Saulo nkatabo ho bio.
22“Saulo ne Yonatan kunkum wɔn atamfo ahoɔdenfo!
Wɔamfi akono amma no nsapan.
23Ɔdɔ ne ahoɔfɛ bɛn
na na Saulo ne Yonatan nni,
wɔn mu antetew da, nkwa ne owu mu.
Na wɔn ho yɛ hare kyɛn akɔre;
na wɔn ho yɛ den kyɛn gyata.
24“Israel mmabea,
munsu Saulo,
efisɛ ofuraa mo ntama pa,
hyehyɛɛ mo sikakɔkɔɔ agude.
25“Akofo akɛse atotɔ akono.
Yonatan awu da mmepɔw no so.
26Misu wo, me nua Yonatan!
Na wosom me bo yiye.
Na wo dɔ a wowɔ ma me no yɛ nwonwa;
emu dɔ sen ɔbea dɔ!
27“Hwɛ sɛnea akofo akɛse atotɔ!
Ɔko mu akode ayerayera!”
2Dawid Di Yuda So Hene
1Mmere no ara mu, Dawid bisaa Awurade se, “Mensan nkɔ Yuda ana?”
Awurade buaa no se, “Kɔ.”
Dawid bisaa no se, “Kurow bɛn na menkɔ so?”
Awurade buaa no se, “Hebron.”
2Na Dawid yerenom ne Ahinoam a ofi Yesreel ne Abigail a ofi Karmel a na ɔyɛ Nabal yere no. Enti Dawid ne ne yerenom, 3ne ne mmarima ne wɔn fifo nyinaa tu kɔɔ Yuda, na wɔkɔtenaa Hebron ne ne nkurow so. 4Afei, Yuda ntuanofo kɔɔ Hebron, kɔsraa Dawid ngo sii no hene wɔ Yuda abusuakuw so.
Na bere a Dawid tee sɛ Yabes Gilead mmarima asie Saulo no, 5ɔsomaa abɔfo kosee wɔn se, “Awurade nhyira mo sɛ moayi nokware a ɛte saa adi, ama mo wura Saulo, na moasie no anuonyam so. 6Na afei, Awurade ne mo nni no yiye na ontua mo dɔ sononko yi so ka. Na me nso metua mo nea a moayɛ yi so ka. 7Afei a Saulo awu yi, mepɛ sɛ mobɛyɛ mʼasomfo nokwafo sɛ Yudafo a wɔasra me ngo sɛ minni wɔn so hene no.”
Is-Boset Di Hene Wɔ Israel
8Na Ner babarima Abner a na ɔyɛ Saulo safohene wɔ nʼakofo so ne Saulo babarima Is-Boset kɔɔ Mahanaim. 9Ɛhɔ na osii Is-Boset hene wɔ Gilead, Yesreel, Efraim, Benyamin, Asurifo2.9 Asuri yɛ Aser abusuakuw mu nnipa. asase ne Israel nyinaa so.
10Bere a Is-Boset dii ade no, na wadi mfirihyia aduanan, na odii ade fi Mahanaim mfe abien. Na Yuda abusuakuw no dii Dawid nokware. 11Dawid yɛɛ Hebron ne kuropɔn. Na odii Yuda so hene mfirihyia ason ne fa.
Israel Ne Yuda Di Ako
12Da koro bi, Abner dii Is-Boset asraafo anim, fi Mahanaim kɔɔ Gibeon. 13Saa bere koro no ara mu, Seruia babarima Yoab2.13 Yoab te sɛ Abisai ne Asahel nyinaa na na wɔyɛ Dawid wɔfaasenom (nkyekyɛmu 8). nso dii Dawid asraafo anim, fi Hebron na wohyiaa Abner wɔ Gibeon ɔtare ho. Akuw abien no tenatenaa ase a na wodi nhwɛanim. 14Afei, Abner susuw ho kyerɛɛ Yoab se, “Ma yɛmfa yɛn akofo no mu kakra, na wɔmfa wɔn nsa nni ako.”
Yoab penee so kae se, “Wɔnsɔre nko ɛ.”
15Enti woyii mmarima dumien fii kuw biara mu sɛ wonni wɔn ho ako. 16Obiara soo ne tamfo tinwi mu, de nʼafoa wowɔɔ wɔn ho wɔn ho, maa wɔn nyinaa wuwui. Enti wɔfrɛ atɔe mu hɔ se Afoa Afuw de besi nnɛ.
17Afei, nsraadɔm abien no de ɔko hyehyɛɛ so, na saa da no baa awiei no, na Dawid nsraadɔm no adi Abner ne Israel so nkonim.
Asahel Wu
18Na Yoab, Abisai ne Asahel a wɔyɛ Seruia mmabarima baasa no ka Dawid asraafo no ho saa da no. Na Asahel tu mmirika te sɛ ɔforote, 19na ɔpam Abner ara sɛ ɔbɛkyere no. 20Bere a Abner twaa nʼani huu sɛ odi nʼakyi no, ɔteɛɛ mu se, “Wo ni, Asahel!”
Obuae se, “Yiw, ɛyɛ me!” 21Na Abner ka kyerɛɛ no se, “Ɛno de, kɔhwehwɛ obi foforo, na wone no nko. Kɔ na kotintim mmerante no baako, na gye nʼakode a ɛwɔ ne ho nyinaa.” Nanso Asahel, kɔɔ so taa no.
22Bio, Abner teɛɛ mu ka kyerɛɛ Asahel se, “Fi ha kɔ! Sɛ mikum wo a, merentumi nhwɛ wo nuabarima Yoab anim.”
23Nanso Asahel antie ara, enti Abner de ne peaw no wɔɔ ne yafunu mu, maa peaw no pue fii nʼakyi. Obu hwee fam wuu wɔ hɔ. Na obiara a oduu atɔe mu hɔ no gyinaa dinn hwɛɛ Asahel sɛ ɔda hɔ.
24Bere a Yoab ne Abisai tee asɛm a asi no, wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔhwehwɛ Abner. Bere a woduu Amma bepɔw a ɛbɛn Gia a ɛwɔ ɔkwan a ɛda hɔ kɔ Gibeon sare so no, na onwini adwo. 25Abner asraafo a wofi Benyamin abusuakuw mu no boaa wɔn ho ano wɔ bepɔw no so yɛɛ krado maa ɔko.
26Ɛhɔ na Abner teɛɛ mu, ka kyerɛɛ Yoab se, “Enti, ɛsɛ sɛ daa yɛfa afoa so de ka yɛn ntam asɛm ana? Munnhu sɛ, saa ɔkwan no de nitan bɛto yɛn ntam ana? Da bɛn na wobɛfrɛ wo mmarima no aka akyerɛ wɔn se, wonnyae wɔn nuanom Israelfo akyidi?”
27Na Yoab kae se, “Sɛ woankasa a anka, Onyankopɔn nko ara na onim nea ɛbɛba; anka yɛbɛtaa wo anadwo mu no nyinaa.”
28Enti Yoab hyɛn ne torobɛnto,2.28 Sɛ wɔhyɛn torobɛnto a na ɛkyerɛ ɔko bi mfiase anaasɛ nʼawiei. maa ne mmarima no gyaee Israel asraafo no taa.
29Anadwo mu no nyinaa, Abner ne ne mmarima nantew kɔɔ Araba. Wotwaa Yordan bon, toaa so kɔɔ Bitron, beduu Mahanaim.
30Na Yoab gyaee Abner akyidi, na ɔboaboaa ne mmarima ano. Asahel akyi no, wohuu sɛ Dawid mmarima no mu dunkron ayera. 31Nanso na Dawid mmarima no akunkum Benyaminfo no mu nnipa ahansia ne aduosia a na wɔka Abner ho no. 32Wɔfaa Asahel siee no wɔ nʼagya ɔboda mu wɔ Betlehem. Na Yoab ne ne mmarima nantew anadwo mu no nyinaa koduu Hebron adekyee.
31Ɔko a ɛbɛtɔɔ wɔn a wɔwɔ Saulo afa ne wɔn a wɔwɔ Dawid afa no kyɛe yiye, na ne mfiase ni. Bere a Dawid adedi renya ahoɔden no na Saulo adedi no resɛe.
2Eyinom ne Dawid mmabarima a wɔwoo wɔn wɔ Hebron:
Nʼabakan no din de Amnon a ɔyɛ Ahinoam a ofi Yesreel no babarima.
3Nea ɔto so abien no din de Kileab a ɔyɛ Abigail a na ɔyɛ Nabal a ofi Karmel no kunabea babarima;
nea ɔto so abiɛsa no din de Absalom a ɔyɛ Gesurhene3.3 Gesur yɛ Siria ahemman ketewa bi a ɛhɔ na Absalom kɔpɛɛ guankɔbea (13.37-38; 14.23). Talmai babea Maaka babarima.
4Nea ɔto so anan no din de Adoniya a ɔyɛ Hagit babarima;
nea ɔto so anum no din de Sefatia a ɔyɛ Abital babarima.
5Na nea ɔto so asia no din de Yitream a ɔyɛ Dawid yere Egla babarima.
Wɔwoo saa mma yi maa Dawid wɔ Hebron.
Abner Kɔdɔm Dawid
6Bere a na ɔko a ɛda Saulo fi ne Dawid fi no gu so no, na Abner agye din ama nʼankasa ne ho wɔ Saulo fi. 7Na Saulo wɔ mpena bi a wɔfrɛ no Rispa, a ɔyɛ Aia babea. Na Is-Boset bisaa Abner se, “Adɛn nti na wo ne mʼagya mpena dae?”
8Abner bo fuw yiye kae se, “Meyɛ akraman sodifo wɔ Yuda na wɔadwoodwoo me saa? Nea mayɛ ama wo ne wʼagya, a manyi mo amma Dawid no, mʼayeyi ne sɛ, mode ɔbea yi ho asɛm rekyekyere me? 9Sɛ mammoa Dawid amma ne nsa anka nea Awurade hyɛɛ ho bɔ no a, Onyankopɔn ne me nni no ɔnwene so. 10Mede Saulo ahenni bɛkɔ akɔma Dawid na matim Dawid ahengua ase wɔ Israel ne Yuda so afi Dan akosi Beer-Seba.” 11Esiane sɛ na Is-Boset suro Abner nti, wantumi ankasa bio.
12Afei, Abner tuu abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Ma yɛnyɛ nhyehyɛe na mɛboa ama yɛadan Israelman mu no nyinaa ama wo.”
13Dawid buae se, “Ɛyɛ asɛm papa, nanso me ne wo renyɛ saa nhyehyɛe no gye sɛ, sɛ woreba a, wode me yere Mikal a ɔyɛ Saulo babea no brɛ me.” 14Enti, Dawid soma ma wɔkɔbɔɔ Saulo babarima Is-Boset amanneɛ se, “Ma me nsa nka me yere Mikal, efisɛ mede Filistifo ɔha nkwa na ɛtɔɔ no.”
15Enti Is-Boset gyee Mikal fii ne kunu Paltiel a ɔyɛ Lais babarima no nsam. 16Na Paltiel de osu dii ɔbea no akyi koduu Bahurim. Na Abner ka kyerɛɛ no se, “San kɔ fie.” Na Paltiel san kɔɔ fie.
17Na Abner ne Israel ntuanofo adidi nkɔmmɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mmere kakra a atwam no, na mopɛ sɛ musi Dawid ɔhene. 18Bere no ni. Efisɛ Awurade aka se, ‘Mayi Dawid sɛ onnye me nkurɔfo mfi Filistifo ne wɔn atamfo nyinaa nsam.’ ”
19Abner san ne Benyamin abusua mu ntuanofo kasae. Afei, ɔkɔɔ Hebron kɔbɔɔ Dawid amanneɛ se, Israel nyinaa ne Benyamin taa wʼakyi. 20Bere a Abner ne ne mmarima aduonu baa Hebron no, Dawid too wɔn pon kɛse. 21Na Abner ka kyerɛɛ Dawid se, “Ma menkɔ na menkɔfrɛ Israel nnipa nyinaa na wɔmmra wʼafa. Wɔne wo bɛyɛ apam, na wɔasi wo hene. Na ɛbɛma woadi biribiara a wo koma pɛ so.” Enti Dawid maa Abner kɔɔ dwoodwoo.
Yoab Kum Abner
22Abner kɔe ara pɛ, Yoab ne Dawid asraafo no bi fi ɔsa mu bae a wokura asade bebree. 23Bere a wɔka kyerɛɛ Yoab se Abner baa hɔ nkyɛe koraa, na ɔbɛsraa ɔhene, ama ɔhene ama no kɔ asomdwoe mu no, 24Yoab yɛɛ ntɛm kohuu ɔhene bisaa no se, “Dɛn na woayɛ yi? Abner kɔ a womaa no kɔe yi, wokyerɛ dɛn? 25Wunim pefee sɛ, ɔbaa wo so sɛ ɔkwansrafo, bɛhwehwɛɛ nea woreyɛ nyinaa mu ana?”
26Ɛhɔ ara, Yoab fi Dawid nkyɛn, na ɔsomaa abɔfo sɛ wontiw Abner. Wɔkɔtoo no Sira ɔtare ho, twee no de no bae. Nanso na Dawid nnim ho hwee. 27Afei, Abner san kɔɔ Hebron no, Yoab frɛɛ no kɔɔ nkyɛn kosii ɔpon ano te sɛ nea ɔrekɔka kokoamsɛm akyerɛ no no. Na ɛhɔ no na esiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔtɔ ne nuabarima Asahel so were no nti, Yoab wɔɔ Abner yafunu mu afoa ma owui.
28Akyiri no a Dawid tee asɛm no, ɔkae se, “Me ne mʼaheman nnim saa asɛm a ɛfa Abner yi ho hwee wɔ Awurade anim. 29Ne mogya ngu Yoab ne nʼagya fi so! Yoab fi de, awo ntoatoaso mu nyinaa, obi a watutu akuru anaa ɔyare kwata, nea ɔnam pema ho nantew anaa nea owu afoa ano ne nea ɔsrɛsrɛ aduan rempa hɔ da.”
30Yoab ne ne nuabarima Abisai kum Abner, efisɛ Abner kum wɔn nuabarima Asahel wɔ akono wɔ Gibeon.
Dawid Su Abner
31Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa se, “Munsunsuan mo ntama mu, na mumfura atweaatam. Muntwa Abner ho agyaadwo.” Na ɔhene Dawid ankasa dii santen a wɔato no akyi, kɔɔ ɔda no so. 32Wosiee Abner wɔ Hebron, na ɔhene Dawid ne nnipa no nyinaa suu wɔ ne da no ho.
33Afei, ɔhene too saa kwadwom yi maa Abner:
“Ɛsɛ sɛ Abner wu sɛnea nkwaseafo wu ana?
34Wɔankyekyere wo nsa;
wɔangu wo nan nkɔnsɔnkɔnsɔn.
Dabi, wodii wo awu;
amumɔyɛfo atirimpɔw so ade.”
Nnipa no nyinaa suu Abner bio. 35Da a wɔreyɛ ayi no, Dawid annidi da mu no nyinaa, maa afei, obiara srɛɛ no se onnidi. Nanso na Dawid aka ntam se, “Sɛ mididi ansa na owia akɔtɔ a, Onyankopɔn nkum me.”
36Eyi sɔɔ nnipa no ani yiye. Nokware, biribiara a ɔhene no yɛe no sɔɔ ɔmanfo no ani. 37Eyi maa obiara a ɔte Yuda ne Israel no huu sɛ, ɛnyɛ ɔhene Dawid na okum Abner.
38Na ɔhene Dawid bisaa ɔmanfo no se, “Munhu sɛ ɔkannifo kɛse ne onipa kɛse atɔ fam nnɛ wɔ Israel ana? 39Na ɛwɔ mu sɛ me ne ɔhene a wɔasra no de, nanso Seruia mmabarima Yoab ne Abisai de, wɔyɛ den dodo ma me sɛ metumi aka wɔn ahyɛ. Ɛno nti, Awurade ntua saa mmarima amumɔyɛfo yi so ka wɔ wɔn amumɔyɛsɛm ho.”
4Is-Boset Wu
1Bere a Is-Boset tee sɛ Abner awu wɔ Hebron no, nʼaba mu bui, na saa ara nso na ne nkurɔfo no bɔɔ huboa. 2Afei, na anuanom baanu a wɔn din de Baana ne Rekab na na wɔyɛ asafohene ma Is-Boset akofo no. Na wɔyɛ Rimon a ofi Benyamin fi wɔ Beerot kurow mu no mmabarima. Wɔfa no sɛ kurow Beerot ka Benyamin ho, 3efisɛ wɔn a na wɔte Beerot mmere bi no guan kɔɔ Gitaim a wɔda so te hɔ sɛ ahɔho de besi nnɛ yi.
4Na Saulo babarima Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ne din de Mefiboset a na ɔyɛ obubuafo fi ne mmofraase. Wokum Saulo ne Yonatan wɔ Yesreel akono no, na abofra no adi mfe anum. Bere a ɔko no ho asɛm duu kurow no mu no, obi a ɔhwɛ abofra no kyekyeree no de no guanee. Nanso bere a ɔreguan no, ɔhwee ase maa abofra no bɔɔ fam, ma ɔyɛɛ obubuafo.
5Da bi, Beerotni, Rimon mmabarima baanu a wɔn din de Rekab ne Baana kɔɔ Is-Boset fi awia bere mu a na ɔregye nʼahome. 6Wowuraa mu kɔɔ ne pia mu te sɛnea wɔrekɔpɛ awi, kɔwɔɔ ne yafunu mu afoa. Afei Rekab ne Baana wiawiaa wɔn ho guanee.
7Ansa na wɔbɛkɔ no, wotwaa ne ti bere a ɔda ne mpa so. Wɔfaa ne ti no kotwaa Yordan bon no, nantew anadwo mu no nyinaa kɔe. 8Wɔde Is-Boset ti no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene no se, “Wo tamfo Saulo a anka ɔrehwehwɛ wo akum wo no babarima Is-Boset ti ni. Nnɛ, Awurade ama me wo aweretɔ ho kwan atia Saulo ne nʼabusua.”
9Na Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana se, “Mmere dodow a Awurade a ogyee me fii ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu te ase yi, mɛka nokware akyerɛ mo. 10Bere a onipa bi bɛka kyerɛɛ me se, ‘Saulo awu’ a na osusuw sɛ ɔreka asɛm pa akyerɛ me no, mekyeree no kum no wɔ Siklag. Nʼasɛm a ɔbɛka kyerɛɛ me no so akatua a mede maa no ne no. 11Na akatua bɛn na memfa mma amumɔyɛfo a wɔakum obi a ne ho nni asɛm wɔ ne fi bere a ɔda ne mpa so? Ɛnsɛ sɛ mibisa ne mogya fi mo nsam ana?”
12Enti Dawid hyɛɛ ne mmarima ma wokunkum wɔn. Wotwitwaa wɔn nsa ne wɔn anan, na wɔde asin no sensɛn Hebron ɔtare ho. Na wɔfaa Is-Boset ti no kosiee no wɔ Abner ɔboda mu wɔ Hebron.
5Dawid Di Israel Nyinaa So Hene
1Afei, Israel mmusuakuw no nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafo. 2Mmere bi a atwa mu no a mpo, na Saulo yɛ yɛn hene no, wo ara na wudii Israel anim. Na Awurade aka akyerɛ wo se, ‘Wobɛyɛ me manfo Israel so guanhwɛfo. Wobɛyɛ wɔn kannifo.’ ”
3Enti Dawid ne Israel ntuanofo no yɛɛ apam wɔ Hebron Awurade anim. Na wɔsraa no ngo sii no Israelhene.
4Dawid dii ade no, na wanya mfirihyia aduasa. Na odii ade mfirihyia aduanan. 5Ɔtenaa Hebron dii ade wɔ Yuda so mfirihyia ason ne asram asia. Na ɔtenaa Yerusalem no nso, odii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfirihyia aduasa abiɛsa.
Dawid Ko Fa Yerusalem
6Dawid dii nʼakofo anim kɔɔ Yerusalem kɔko tiaa Yebusifo. Yebusifo no dii wɔn ho fɛw se, “Morentumi mma ha. Na mpo, anifuraefo ne mmubuafo betu mo afi ha.” Efisɛ na Yebusifo no dwene sɛ wɔwɔ bammɔ. 7Nanso Dawid ko faa Sion aban no a mprempren wɔfrɛ no Dawid Kuropɔn no.
8Bere a animka nkra fi bammɔfo a wɔwɔ kurow no mu duu Dawid asom no, ɔka kyerɛɛ ne dɔm no se, “Momfa nsudorobɛn no mu nkɔ kurow no mu, na monkɔsɛe Yebusifo mpakye ne anifuraefo no, efisɛ mikyi wɔn! Ɛno nti na wɔka se, ‘Anifuraefo ne mpakye’ renkɔ ahemfi” no.
9Enti Dawid yɛɛ nʼatenae wɔ abandennen na ɔfrɛɛ hɔ Dawid Kuropɔn no mu. Osisii bammɔ adan bebree twaa kurow no ho kaa ho. Wofii dwumadi no ase wɔ Milo de baa mu. 10Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛse adekyee biara, efisɛ na Asafo Awurade Nyankopɔn ka ne ho.
11Afei, Tirohene Huram somaa abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn a nnua dwumfo ne abo adansifo ka wɔn ho sɛ wonkosi ahemfi mma no. Huram de sida nnua bebree kɔɔ hɔ sɛ wɔmpae. 12Na Dawid huu sɛ, ne nkurɔfo Israelfo nti, Awurade asi no hene, na wayɛ nʼaheman kɛse.
13Dawid tu fi Hebron baa Yerusalem no, ɔwaree mmea bebree, faa mpenanom nso. Ɛno nti, ɔwoo mmabarima ne mmabea bebree. 14Eyinom ne Dawid mmabarima a wɔwowoo wɔn wɔ Yerusalem no: Samua, Sobab, Natan, Salomo 15Yibhar, Elisua, Nefeg, Yafia 16Elisama, Eliada ne Elifelet.
Dawid Di Filistifo So Nkonim
17Bere a Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid, de no asi Israelhene no, wɔboaboaa wɔn asraafo ano, kɔhwehwɛɛ Dawid sɛ wobenya no akyere no. Na Dawid tee no, ɔno nso kɔɔ ne ban mu. 18Afei, Filistifo no beduu Refaim bon mu, na wɔtrɛtrɛw wɔn ho mu wɔ hɔ. 19Enti Dawid bisaa Awurade se, “Menkɔtow nhyɛ Filistifo yi so ana? Wobɛdan wɔn ahyɛ me nsa ana?”
Awurade buaa no se, “Yiw, kɔ na mɛdan Filistifo no ahyɛ wo nsa.”
20Enti Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na ɛhɔ na odii Filistifo no so nkonim. Ɔkae se, “Awurade ayɛ! Ɔbɔ wuraa mʼatamfo no mu sɛ nsuyiri a ɛworo so!” Enti Dawid too beae hɔ din se Baal-Perasim. 21Filistifo no gyaw wɔn ahoni wɔ hɔ, maa Dawid ne ne mmarima no soaa ne nyinaa kɔe.
22Filistifo no san baa bio bɛtrɛtrɛw wɔn ho mu wɔ Refaim bon ho, 23enti Dawid bisaa Awurade nea ɔnyɛ. Awurade buae se, “Nkɔ tee, mmom, twa fa wɔn ho wɔ wɔn akyi, na tow hyɛ wɔn so wɔ baka nnua no anim. 24Na sɛ wote nnyigyei te sɛ nsrabɔ bi wɔ baka nnua no atifi a, bɔ toa wɔn! Ɛkyerɛ sɛ, Awurade atu di wʼanim rekokunkum Filistifo no.” 25Enti Dawid yɛɛ nea Awurade ka kyerɛɛ no no, na ɔsɛee Filistifo no fi Geba de kosii Geser.
6Wɔde Apam Adaka No Kɔ Yerusalem
1Na Dawid boaboaa Israel mmabun a wɔn ho mmu wɔn dwɛ mpem aduasa ano. 2Odii wɔn anim fi Baala a ɛwɔ Yuda, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Adaka, a ekura Awurade Tumfo no a wɔde no asi kerubim ntam no din. 3Wɔde Onyankopɔn Adaka no sii teaseɛnam foforo so, de fii Abinadab fi a na ɛwɔ bepɔw so no bae. Usa ne Ahio a na wɔyɛ Abinadab mmabarima no na na wɔkyerɛ teaseɛnam foforo no 4a na Onyankopɔn Adaka no si mu no kwan. Na Ahio na odi anim. 5Dawid ne Israel manfo gyee wɔn ani wɔ Awurade anim wɔ ahoɔden so a wɔreto nnwom, na wɔde asanku, mmɛnta, akasae, mfirikyiwa ne kyɛnkyɛn nenam mu.
6Na woduu Nakon awiporowbea no, nantwi no nan totoe, maa Usa teɛɛ ne nsa soo Onyankopɔn Adaka no mu sɛ ɔreteɛ no. 7Na Awurade bo fuw Usa sɛ ɔyɛɛ saa, na Onyankopɔn bɔɔ no ma owu daa adaka no ho.
8Dawid nso bo fuw, efisɛ Awurade abufuw atia Usa. Ɔtoo saa beae hɔ din Peres-Usa a ase ne abufuwhyew a etia Usa. Wɔfrɛ hɔ saa ara de besi nnɛ.
9Afei, na Dawid suro Awurade nti obisaa se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Awurade adaka no bɛba me nkyɛn?” 10Na Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔremma Awurade Adaka no so nkɔ Dawid Kuropɔn no mu. Na mmom, ɔmaa so de kɔɔ Obed-Edom a ɔyɛ Gatni fi. 11Na Awurade adaka no sii Gatni Obed-Edom fifo nkyɛn asram abiɛsa, na Awurade hyiraa no ne ne fi mu nnipa nyinaa.
12Afei, wɔka kyerɛɛ ɔhene Dawid se, “Esiane Awurade Adaka no nti, Awurade ahyira Obed-Edom fi ne biribiara a ɔwɔ so.” Enti Dawid kɔɔ hɔ kɔfaa Adaka no, de osebɔ kɛse baa Dawid Kuropɔn no mu. 13Nnipa a na wɔso Awurade Adaka no tuu anammɔn asia pɛ, wogyinaa hɔ twɛnee, sɛnea Dawid betumi de nantwi ne nantwi ba a wadɔ srade abɔ afɔre. 14Na Dawid fii nʼahoɔden nyinaa mu saw wɔ Awurade anim a na ɔhyɛ asɔfotade yuu. 15Enti Dawid ne Israel nyinaa de nteɛteɛmu ne ntorobɛntohyɛn maa Awurade Adaka no so kɔe.
Mikal Ka Dawid Anim
16Bere a wɔde Awurade Adaka no rewura Dawid Kuropɔn no mu no, Saulo babea a ne din de Mikal no kɔtɛwee mfɛnsere mu hwɛe. Ohuu sɛ ɔhene Dawid rehuruhuruw, resaw anigye so wɔ Awurade anim no, nʼani annye.
17Wɔde Awurade Adaka no kosii nʼafa wɔ ntamadan a ɛno nti, Dawid asi no mu, na Dawid bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ Awurade anim. 18Owiei no, ohyiraa nkurɔfo no wɔ Asafo Awurade din mu. 19Afei, ɔmaa Israel dɔm no mu onipa biara brodo mua, namkum ne bobe aba ɔfam. Na wɔn mu biara kɔɔ ne fi.
20Bere a Dawid san kɔɔ ne fi sɛ ɔrekohyira ne fifo no, Mikal fii adi ba behyiaa no ka kyerɛɛ no abufuw so se, “Nnɛ de, na Israelhene nsɛ ha! Ɔpaa ne ho kyerɛɛ ne mfenaa te sɛ nea obiara a ommu ne ho bɛyɛ no ara pɛ.”
21Dawid buaa Mikal se, “Na meresaw wɔ Awurade a oyii me, na otwaa wʼagya ne nʼabusuafo gyawee no anim. Oyii me sɛ menyɛ Israel a wɔyɛ Awurade nkurɔfo ɔkannifo. Ɛno nti, ɛyɛ me pɛ sɛ meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, sɛnea ɛbɛma makyerɛ mʼahokeka a mewɔ wɔ Awurade mu. 22Yiw, na mepɛ sɛ meyɛ ɔkwasea koraa sen eyi, na mmeawa koro yi ara a woreka wɔn ho asɛm yi bɛhyɛ me anuonyam.”
23Na Saulo babea Mikal anwo ba da wɔ ne nkwa nna nyinaa.
7Onyankopɔn Hyɛ Dawid Bɔ
1Bere a wɔbɔɔ ɔhene no atenase wɔ nʼahemfi na Awurade ama asomdwoe aba asase no so no, 2Dawid frɛɛ odiyifo Natan se, “Hwɛ, mete ahemfi a wɔde sida asi mu, na Onyankopɔn Adaka no nso si ntamadan mu.”
3Na Natan buaa ɔhene no se, “Biribiara a woadwene ho sɛ wobɛyɛ no, kɔ so na yɛ, na Awurade ka wo ho.”
4Na anadwo no, Awurade ka kyerɛɛ Natan se,
5“Kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Wone obi a ɛsɛ sɛ wusi dan ma me na metena mu ana? 6Efi bere a mede Israelfo fi Misraim bae de besi nnɛ no, mentenaa ɔdan mu da. Daa wotu mʼase fi baabi kɔ baabi. 7Bere biara a wotu mʼase a Israelman nyinaa ka me ho no, motee sɛ mibisaa wɔn sodifo, wɔn a mehyɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ me nkurɔfo Israelfo no se, “Adɛn nti na momfaa sida nsii ofi mmaa me da?” ’
8“Afei, kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Asafo Awurade se ni: Miyii wo fii mmoa adidibea ne nguan akyidi mu, de wo besii me nkurɔfo Israel so hene. 9Na baabiara a wokɔ no, meka wo ho, na matwa wʼatamfo nyinaa afi wʼanim. Na mɛma woagye din wɔ asase yi nyinaa so. 10Na mama me nkurɔfo Israelfo no baabi a wɔbɛtena afebɔɔ. Beae bi a ɛwɔ bammɔ a obiara renhaw wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumɔyɛfo renhyɛ wɔn so, sɛnea wɔyɛɛ bere bi a atwa mu no, 11efi bere a mepaw atemmufo sɛ wonni me nkurɔfo so no. Mɛsan ama mo bammɔ afi mo atamfo nyinaa nsam.
“ ‘Na Awurade aka akyerɛ wo se, ɔno Awurade na ɔbɛkyekyere ofi ama wo; ahemfo ntoatoaso fi. 12Na sɛ wo nna to twa a, mɛma wʼaseni a ofi wʼasen mu adi wʼade, na matim nʼaheman ase. 13Ɔno ne obi a obesi dan de me din ato so. Na matim nʼaheman mu ahengua ase afebɔɔ. 14Mɛyɛ nʼagya, na wayɛ me Ba. Sɛ ɔyɛ bɔne a, mɛma aman bi atwe nʼaso. 15Nanso, merenyi me dɔ mfi ne so da, sɛnea miyi fii Saulo a miyii no fii wʼanim no so ansa na wubedii nʼade no. 16Wo fi ne wʼahenni betim wɔ mʼanim afebɔɔ; na wʼahengua betim daa nyinaa.’ ”
17Enti Natan san kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa nsɛm a Awurade aka no nyinaa kyerɛɛ no.
Dawid Aseda Mpaebɔ
18Na ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpae se,
“Awurade Tumfo, me ne hena, na me fifo yɛ dɛn a wode me abedu nnɛ? 19Na afei Otumfo Awurade, eyinom nyinaa akyi no, woka sɛ wobɛma me ahenni a ɛte hɔ daa. Woyɛ nnipa nyinaa sɛɛ ana, Awurade Tumfo?
20“Dɛn bio na metumi aka? Efisɛ wunim wʼakoa, Awurade Tumfo. 21Wʼasɛm ne wo pɛ mu nti, woayɛ nneɛma kɛse yi nyinaa akyerɛ wo somfo.
22“Wo kɛseyɛ yɛ kokuroo, Awurade Tumfo! Obiara nte sɛ wo, Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ wo, na yɛntee onyame foforo bi mpo ho asɛm ɛ! 23Ɔman bɛn na ɛwɔ asase yi so a ɛte sɛ Israel? Ɔman foforo bɛn na woayi no afi nkoasom mu de wɔn ayɛ wo man? Bere a wuyii wo nkurɔfo fii Misraim no, wugyee din. Woyɛɛ anwonwade a ɛyɛ hu de pam aman ne ahoni ahorow a na wɔyɛ akwanside ma wo nkurɔfo no. 24Woasi wo nkurɔfo Israel sɛ wʼankasa wʼade afebɔɔ, na wo, Awurade, woabɛyɛ wɔn Nyankopɔn.
25“Na afei, Awurade Nyankopɔn, di bɔ a wohyɛ faa wʼakoa ne ne fi ho no so. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ɛbɛtena hɔ daa, 26na ama wo din akorɔn afebɔɔ. Na nnipa bɛka se, ‘Asafo Awurade yɛ Israel so Nyankopɔn.’ Na ma wo somfo Dawid ahenni ase ntim wɔ wʼanim.
27“Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpae yi efisɛ woakyerɛ sɛ wobɛkyekye ofi a ɛyɛ daa ahenni ama me. 28Awurade Tumfo, woyɛ Onyankopɔn! Wo nsɛm mu wɔ ahotoso, na woahyɛ wo somfo nnepa ho bɔ. 29Afei, ma ɛnyɛ wo pɛ sɛ wubehyira wʼakoa fi so, na atoa so afebɔɔ wɔ wʼanim, na wo, Awurade, woakasa, na wo nhyira a wode behyira wo somfo fi no bɛyɛ daapem nhyira.”
8Dawid Akodi Mu Nkonimdi
1Akyiri no, Dawid dii Filistifo no so, brɛɛ wɔn ase. Ɔko gyee Gat a ɛyɛ wɔn kuropɔn kɛse no.
2Dawid san dii Moabfo8.2 Na Moabfo no yɛ Lot asefo (1 Mose 19.37) a wɔtenaa Nkyene Po no apuei fam. Saa bere no na Saulo adi wɔn so dedaw (1 Sam 14.47). Bere a Dawid wɔ asutwa mu no, ɔmaa nʼabusuafo kɔtenaa Moab (1 Sam 22.3-4). Dawid agyanom fi Moab (Rut 1.22; 4.22). so. Ɔmaa nnipa no dedaa fam, na ɔde hama susuw wɔn. Osusuw hama no abien a, na wakyerɛ sɛ wonkum saa nnipa no. Ɛnna osusuw hama no baako a, na wakyerɛ sɛ wonnyaa saa nkurɔfo no. Enti Moabfo a wonyaa wɔn ti didii mu no bɛyɛɛ Dawid asomfo a na afe biara woyi tow brɛ no.
3Dawid sɛe Rehob babarima Hadadeser a na odi hene wɔ Soba no akofo, bere a Hadadeser kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho, pɛe sɛ ɔkɔhyɛ ne nniso mu den no. 4Dawid kyeree ne nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafo mpem ason ne asraafo a wɔnam mpem aduonu. Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa nantin ntin, na ogyaw mu ɔha pɛ.
5Bere a Aramfo a wofi Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kum wɔn mu mpem aduonu. 6Na ɔde asraafo a wɔyɛ bansifo kɔtenaa Damasko, maa Aramfo bɛyɛɛ Dawid nkurɔfo a na woyi tow brɛ no. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim.
7Dawid de Hadadeser asraafo mpanyimfo sikakɔkɔɔ nkatabo no baa Yerusalem. 8Ɔde Beta ne Berotai a na ɛyɛ Hadadeser nkurow no mu kɔbere bebree kaa ne ho kɔe.
9Bere a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Hadadeser asraafo no ase pasaa no, 10ɔsomaa ne babarima Yoram kɔɔ Dawid nkyɛn, kokyiaa no maa no mo. Na Hadadeser ne Toi yɛ atamfo fi teteete a wɔako atia wɔn ho wɔn ho mpɛn pii. Yoram kɔkyɛɛ Dawid nneɛma bebree a ɛyɛ, dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne kɔbere mfrafrae.
11Ɔhene Dawid too akyɛde no nyinaa din de maa Awurade a, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a onya fii aman bi a odii wɔn so no nyinaa ka ho. 12Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia, Amalek ne nea efi Sobahene Rehob babarima Hadadeser nkyɛn nso.
13Eyi maa Dawid gyee din. Ɔsan nʼakyi kɔe no, okunkum Edomfo mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bon mu. 14Ɔde asraafo bansifo tuatuaa Edom nyinaa ano. Na Edomfo nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Eyi yɛ nhwɛso foforo a ɛkyerɛɛ nkonim a Awurade maa Dawid dii wɔ baabiara a ɔkɔe no.
15Dawid dii Israel nyinaa so hene, a wanhyɛ obiara so na wansisi obiara nso. 16Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehye abakɔsɛmkyerɛwni. 17Sadok8.17 Sadok yɛ Eliesar aseni. Odii Dawid nokware na akyiri no, ɔsraa Salomo ngo sɛ onni Dawid ade sɛ ɔhene. a na ɔyɛ Ahitub babarima ne Abiatar babarima Ahimelek na na wɔyɛ asɔfo. Na Seraia yɛ asennii kyerɛwfo. 18Yehoiada babarima Benaia na na odi Keretifo8.18 Na Keretifo ne Peletifo yɛ ahɔho asraafo a wɔbɔ wɔn paa ma wɔko. Keretifo no ase fi Krete na Peletifo no nso ase fi Filisti. Wɔtaa bɔ saa akuw abien yi din sɛ awɛmfo a wɔwɛn adehye. ne Peletifo so, na Dawid mmabarima tua asɔfodɔm ano.
9Dawid Yɛ Mefiboset Adɔe
1Da bi, Dawid pɛɛ sɛ obehu sɛ obi aka wɔ Saulo fi ana. Efisɛ na wahyɛ Yonatan bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔn adɔe.
2Ɔfrɛɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Siba a na anka ɔfra Saulo asomfo mu. Na ɔhene bisaa no se, “Wo na wɔfrɛ wo Siba no ana?”
Obuaa no se, “Yiw, me ne Siba no.”
3Ɔhene no bisaa no se, “Obi aka wɔ Saulo fi ana? Sɛ ɛte saa a mepɛ sɛ mɛyɛ wɔn adɔe a efi Onyankopɔn wɔ ɔkwan biara a metumi so.”
Siba buaa ɔhene se, “Yonatan babarima obubuafo bi da so wɔ hɔ.”
4Ɔhene bisae se, “Ɔwɔ he?”
Siba buae se, “Ɔwɔ Amiel babarima Makir fi wɔ Lo-debar.”
5Na ɔhene Dawid ma wɔkɔfaa no fii Amiel babarima Makir fi wɔ Lo-debar, de no brɛɛ no.
6Ne din de Mefiboset, a ɔyɛ Yonatan babarima ne Saulo nena. Ɔbaa Dawid anim no, ɔde ahopopo kotow no, kae se, “Meyɛ wo somfo.”
7Dawid ka kyerɛɛ no se, “Nsuro, na nea ɛbɛyɛ biara no, esiane wʼagya Yonatan nti, mɛyɛ wo adɔe. Nsase a na ɛyɛ wo nena Saulo agyapade no nyinaa, mɛsan de ama wo, na woadidi me didipon so daa daa.”
8Mefiboset bɔɔ ne mu ase kae se, “Hena ne me, ɔkraman funu a ɛsɛ sɛ wɔyɛ me saa adɔe yi?”
9Ɔhene frɛɛ ne somfo Siba, ka kyerɛɛ no se, “Mede biribiara a na ɛyɛ Saulo ne ne fifo agyapade no nyinaa ama wo wura Saulo nenabarima no. 10Wo ne wo mmabarima ne mo asomfo na mobɛdɔw asase no, ayɛ so mfuw ama no, na wanya aduan ama ne fifo. Na Mefiboset de, ɔne me bɛtena mʼahemfi ha.”
Na Siba a na ɔwɔ mmabarima dunum ne asomfo aduonu no buae se, 11“Me wura pa, asɛm a woaka akyerɛ me no nyinaa, medi so.” Na efi saa bere no, Mefiboset ne Dawid didii daa te sɛnea ɔyɛ nʼasen mu ba.
12Na Mefiboset wɔ ɔba abarimaa bi a ne din de Mika. Na efi saa bere no, Siba fifo nyinaa bɛyɛɛ Mefiboset asomfo. 13Na Mefiboset a ɔyɛ obubuafo no tu kɔɔ Yerusalem kɔtenaa ahemfi hɔ.
10Dawid Di Amonfo So Nkonim
1Akyiri no, Amonfo10.1 Amonfo yɛ nnipa a na wɔte nweatam a na ɛwɔ Yordan apuei fam no so. hene Nahas wui. Ne babarima Hanun na odii nʼade sɛ ɔhene. 2Dawid kae se, “Mɛyɛ Nahas babarima Hanun adɔe, sɛnea nʼagya yɛɛ me adɔe no.” Nʼagya wu nti, Dawid tuu abɔfo kɔɔ ne nkyɛn kɔmaa no hyɛden.
Bere a Dawid abɔfo baa Amonfo asase so no, 3Amonfo atitiriw no kobisaa wɔn wura Hanun se, “Wugye di sɛ ba a Dawid somaa nʼabɔfo baa wo nkyɛn bɛmaa wo hyɛden no kyerɛ nidi ampa ara ana? Wunnye nni sɛ Dawid somaa wɔn akwansra so, sɛ wɔmmɛhwɛ wo kuropɔn na wɔabetu agu?” 4Ɛno nti, Hanun kyeree Dawid abɔfo no, yii obiara abogyesɛ fa, twitwaa wɔn ntade to mfimfini hɔ, tutuu mu, na wogyaa wɔn kwan, ma wɔde animguase kɔe.
5Bere a wɔbɔɔ Dawid amanneɛ no, otuu abɔfo ma wokohyiaa mmarima no, efisɛ woguu wɔn anim ase yiye. Ɔhene ka kyerɛɛ wɔn se, “Montena Yeriko kosi sɛ mo abogyesɛ befuw ansa na moasan aba.”
6Bere a Amonfo huu sɛ wɔahyɛ Dawid abufuw no, wɔkɔbɔɔ Aramfo asraafo mpem aduonu paa fii Bet-Rehob ne Soba. Saa ara na Maakahene nso maa wɔn mmarima apem fii ne nkyɛn, na Tob nso wonyaa mmarima mpem dumien. 7Dawid tee saa no, ɔkaa Yoab ne akofo asraafo guu mu. 8Amonfo no gyinaa wɔn kurow pon ano. Saa bere no na Aramfo a wofi Soba ne Rehob ne mmarima a wofi Tob ne Maaka no wɔ mfikyiri baabiara retwɛn ɔtamfo no.
9Bere a Yoab huu sɛ ɔrebɛko akofanu no, oyii asraafo a wɔyɛ nnam. Ɔno ara dii wɔn so safohene, dii wɔn anim, kɔko tiaa Aramfo no wɔ mfikyiri hɔ. 10Ogyaw asraafo no nkae hɔ, de wɔn hyɛɛ ne nuabarima Abisai nsa sɛ ɔsafohene a ɔbɛkɔ akotua Amonfo no. 11Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no se, “Sɛ Aramfo no yɛ den dodo ma me a, ɛyɛ a, bɛboa me. Na sɛ Amonfo no nso yɛ den dodo ma wo a, me nso, mɛba abɛboa wo. 12Ma wo bo nyɛ duru. Ma yɛnko akokoduru so mfa nnye yɛn nkurɔfo ne Onyankopɔn nkurow. Awurade pɛ nyɛ hɔ.”
13Bere a Yoab ne nʼakofo no tow hyɛɛ Aramfo no so no, wofii ase guanee. 14Na Amonfo no huu sɛ Aramfo no reguan no, woguan fii Abisai ho kɔhyɛɛ kurow no mu. Ɔko no gui no, Yoab san kɔɔ Yerusalem.
15Afei, Aramfo no huu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfo. Enti wɔboaa wɔn ho ano bio. 16Aram asraafo foforo bi bɛkaa wɔn ho a Hadadeser na ɔsoma ma wɔkɔfaa wɔn fii Asubɔnten Eufrate fa nohɔ bae. Saa asraafo no beduu Helam a Sobak na na ɔyɛ wɔn ɔsahene, na ɔyɛ ɔsahene a otua Hadadeser asraafo nyinaa ano nso.
17Bere a Dawid tee nea ɛreba no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, dii asraafo no anim, koduu Helam. Ɛhɔ na Aramfo no fifii wɔn mpasua so tow hyɛɛ Dawid so. 18Nanso Aramfo no guan fii Israelfo no anim bio. Saa bere no, Dawid asraafo no kunkum nteaseɛnamkafo ahanson ne apɔnkɔsotefo mpem aduanan a Sobak a na ɔyɛ wɔn sahene no ka ho. 19Bere a ahemfo a wɔhyɛ Hadadeser ase no huu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, na wɔbɛyɛɛ Israelfo nkoa.
Ɛno akyi no, Aramfo suroo sɛ wɔbɛboa Amonfo.
11Dawid Ne Batseba
1Asusowbere a edi so no mu, bere a ɛsɛ sɛ ahemfo kɔ ɔsa no, Dawid somaa Yoab ne Israel asraafo nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfo. Wokotuaa kuropɔn Raba ano, na Dawid de, ɔkaa Yerusalem.
2Da bi anwummere a Dawid ayi nʼani so kakra no, ɔsɔre fii ne mpa so nantew faa nʼahemfi no atifi. Ogyina hɔ no, ohuu ɔbea bi sɛ ɔreguare. Na ɔbea no ho yɛ fɛ yiye; 3na Dawid somaa obi sɛ onkobisa ne ho nsɛm. Ɔbarima no bɛkae se, “Ɛyɛ Eliam babea Batseba, a ɔyɛ Hetini Uria yere.” 4Na Dawid tuu abɔfo sɛ wɔnkɔfrɛ no mmrɛ no. Ɔbaa Dawid nkyɛn. Dawid ne no dae. (Odwiraa ne ho fii ne nsabu mu no, na ɛnkyɛe.) Afei, ɔsan kɔɔ fie. 5Bere a Batseba huu sɛ wanyinsɛn no, ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ Dawid.
6Enti Dawid soma kɔɔ Yoab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Fa Hetini Uria brɛ me.” 7Bere a Uria duu Dawid nkyɛn no, obisaa gyinabea a Yoab ne asraafo no wɔ mu ne sɛnea ɔko no rekɔ so. 8Na ɔka kyerɛɛ Uria se, “Kɔ fie na kɔhome.” Na mpo, Uria fii ahemfi hɔ no, Dawid soma ma wɔde akyɛde bi kɔmaa no. 9Nanso Uria ankɔ fie. Ɔne ɔhene asomfo no bi tenaa ahemfi pon no ano.
10Bere a Dawid tee nea Uria ayɛ no, ɔfrɛɛ no bisaa no se, “Dɛn na ɛhaw wo? Wufii fie akyɛ na adɛn na woankɔ hɔ nnɛra anadwo?”
11Uria buae se, “Apam Adaka no ne Israel asraafo ne Yuda tete ntamadan mu, na Yoab nso ne ne mpanyimfo abɔ atenae wɔ wuram baabi petee mu. Na ɛbɛyɛ dɛn na matumi akɔ fie akɔnom nsa, adidi na me ne me yere akɔda? Meka ntam se merenyɛ eyi na madi ho fɔ.”
12Na Dawid ka kyerɛɛ no se, “Eye, tena ha anadwo yi, na ɔkyena wobɛkɔ asraafo no mu.” Enti Uria tenaa Yerusalem da no ne nʼadekyee. 13Na Dawid frɛɛ no adidi ne ɔnom aponto, na ɔmaa no nsa ma ɔbowee. Na ɛno mpo, Uria ankɔ fie ankohu ne yere. Ɔdaa ahemfi no kwan ano bio.
Dawid Hyehyɛ Uria Wu Ho
14Ade kyee anɔpa no, Dawid kyerɛw krataa maa Uria sɛ ɔmfa nkɔma Yoab. 15Krataa no mu nsɛm kyerɛɛ Yoab se, “Ma Uria nkɔ akono baabi a ɔko no ano yɛ den pa ara. Wo de, san wʼakyi, sɛnea ɛbɛyɛ a, wobekum no.”
16Enti Yoab maa Uria kogyinaa baabi a ɛbɛn kurow no fasu, a ɛhɔ na onim sɛ atamfo no mmarima a wɔyɛ den no reko. 17Ɛhɔ na wokum Hetini Uria ne Israel asraafo no bebree.
18Na Yoab de ɔsa mu amanneɛ kɔbɔɔ Dawid. 19Ɔka kyerɛɛ nʼabɔfo no se, “Monka ɔsa mu nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔhene. 20Nanso ebia ne bo befuw, ama wabisa se, ‘Adɛn nti na asraafo no kɔbɛn kurow no pɛɛ saa? Na wonnim sɛ wɔbɛtow agyan afi afasu no mu? 21Ɔbeabasia antow awiyammo ammɔ Gideon babarima Abimelek wɔ Tebes ankum no?’ Afei, monka nkyerɛ no se, wɔakum Hetini Uria nso.”
22Enti abɔfo no kɔɔ Yerusalem kɔbɔɔ ɔsa no mu amanneɛ kyerɛɛ Dawid sɛnea Yoab somaa no sɛ ɔnkɔka no. 23Abɔfo no ka kyerɛɛ Dawid se, “Mmarima no bu faa yɛn so, na wotiaa yɛn petee mu de, nanso yepiaa wɔn kɔɔ kurow no pon ano. 24Ɛhɔ na agyantowfo tow wʼasomfo fii ɔfasu ho, maa ɔhene mmarima no bi wuwui. Na wo somfo Hetini Uria nso awu.”
25Dawid ka kyerɛɛ abɔfo no se, “Monka nkyerɛ Yoab se ɔmmma nʼaba mu mmu, na ɔko mu de obiara tumi wu. Monyere mo ho nko ɔkoden na munni kuropɔn no so nkonim.”
26Bere a Batseba tee sɛ ne kunu awu no, osuu no. 27Na osu no akyi no, Dawid soma ma wɔkɔfaa no baa ne fi. Ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo ɔbabarima. Na nea Dawid yɛe no ansɔ Awurade ani.
12Natan Ka Dawid Anim
1Awurade somaa odiyifo Natan kɔɔ Dawid nkyɛn. Oduu hɔ no ɔkae se, “Na mmarima baanu bi te kurow bi so. Na mmarima no mu baako yɛ ɔdefo, na nea ɔka ho no nso yɛ ohiani. 2Na ɔdefo no wɔ nguan ne anantwi bebree, 3ohiani no de, na onni hwee ka oguan bere ketewa bi a ɔtɔɔ no no ho. Ɔyɛn no maa ɔne ɔno ankasa mma nyin bɔɔ mu. Na ɔne aboa no di nʼaduan, nom fi ne kuruwa mu, na nna mu nso, na daa ɔda nʼabasa so. Na ɔte sɛ ne babea.
4“Da koro bi, ɔhɔho bi baa ɔdefo no nkyɛn, nanso wankum ne nguan anaa ne nantwi annoa aduan amfa ansom no hɔho. Na mmom, ɔkɔkyeree ohiani no guanbere no, de yɛɛ aduan maa ɔhɔho a wabɛsoɛ no no.”
5Dawid tee asɛm no, ne bo fuw saa ɔbarima no yiye, na ɔka kyerɛɛ Natan se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, ɛfata sɛ ɔbarima a ɔyɛɛ saa no wu. 6Ɛsɛ sɛ otua oguan bere no ka mmɔ ho anan sɛ ɔyɛɛ bɔne saa a wannya ahummɔbɔ biara.”
7Ɛhɔ ara, Natan ka kyerɛɛ Dawid se, “Wone saa ɔbarima no! Awurade, Israel Nyankopɔn, se, ‘Mesraa wo sɛ Israelhene, gyee wo fii Saulo tumi ase. 8Mede ne fi ne ne yerenom ne Israel ne Yuda ahemman maa wo. Na sɛ na ɛno nnɔɔso a, anka mɛma wo bebree aka ho. 9Adɛn nti na woabu Awurade asɛm animtiaa, na woayɛ bɔne a ɛte saa? Woakum Hetini Uria, awia ne yere. 10Efi nnɛ rekɔ, afoa na ɛbɛyɛ ahunahunade ama wo fifo, efisɛ woabu me animtiaa, afa Hetini Uria yere de no ayɛ wo yere.’
11“Esiane nea woayɛ yi nti, me Awurade, mɛma wʼankasa fi mufo asɔre atia wo. Mede wo yerenom bɛma ɔbarima foforo, na ɔne wɔn bɛda ama obiara ahu. 12Woyɛɛ eyi wɔ kokoa mu, nanso mɛma nea ɛreba wo so no ada gua, ama Israel nyinaa ahu.”
Dawid Gye Ne Bɔne To Mu
13Na Dawid ka kyerɛɛ Natan se, “Mayɛ bɔne atia Awurade.”
Natan buae se, “Awurade ayi wo bɔne no afi wo so. Worenwu. 14Nanso sɛ woama Awurade atamfo kwan sɛ wommu no animtiaa, ngu ne din ho fi nti, ɔba a wɔbɛwo no ama wo no bewu.”
15Natan kɔɔ ne fi ara pɛ, Awurade maa abofra a Uria yere Batseba wo maa Dawid no yaree denneennen. 16Dawid srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma abofra no ntena ase. Ɔkyen ho kɔm, na ɔkɔɔ fi, na anadwo mu no nyinaa, furaa atweaatam, daa fam tim. 17Mpanyimfo a wɔwɔ ne fi srɛɛ no sɛ ɔnsɔre na ɔne wɔn nnidi, nanso wampene. 18Ne nnanson so, abofra no wui. Na Dawid afotufo no suro sɛ wɔbɛbɔ no amanneɛ sɛ abofra no awu, efisɛ na wɔn adwene ne se, “Bere a na abofra no te ase no, yɛkasa kyerɛɛ Dawid, nanso wantie yɛn. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aka akyerɛ no se abofra no awu? Anhwɛ a, ɔbɛyɛ ne ho biribi.”
19Na Dawid huu sɛ nʼafotufo no reyɛ huhuhuhu no, ɔtee nka sɛ abofra no awu. Obisae se, “Abofra no awu ana?”
Wobuae se, “Yiw, wawu.”
20Na Dawid sɔre fii fam hɔ. Afei, oguare wiee a ɔpetee ne ho aduhuam, na ɔsesaa ne ntade no, ɔkɔɔ Awurade fi kɔsɔree. Afei, ɔkɔɔ nʼankasa fi, na ɔno ankasa ka ma wɔbrɛɛ no aduan, na odidii.
21Nʼafotufo no bisaa no se, “Nea woreyɛ yi, ase ne dɛn? Bere a abofra no te ase no, wudii mmuada, twaa agyaadwo. Na afei a wawu no mmom na woasɔre adidi!”
22Obuae se, “Bere a na abofra no da so te ase no de, midii abuada, twaa agyaadwo. Medwenee sɛ, ‘Hena na onim? Ebia, Awurade behu me mmɔbɔ ama abofra no atena.’ 23Na afei a wawu yi, adɛn nti na ɛsɛ sɛ midi abuada? Metumi asan de no aba nkwa mu bio ana? Mɛkɔ ne nkyɛn da bi, na ɔno de, ɔrensan mma me nkyɛn ha da.”
24Na Dawid kyekyeree ne yere Batseba werɛ, na ɔne no dae. Onyinsɛnee, woo ɔbabarima, na wɔtoo no din Salomo. Awurade pɛɛ abofra no asɛm, 25na ɔde asɛm faa odiyifo Natan so se, ɛsɛ sɛ abofra no din yɛ Yedidia, efisɛ na Awurade dɔ no.
Dawid Ko Fa Raba
26Saa bere no, na Yoab ne Israel asraafo no ako afa Amon ahenkurow Raba no nnommum. 27Yoab somaa abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no se, “Mako atia Raba, afa nea wonya wɔn nsu fi. 28Afei, fa asraafo a wɔaka no bra na wonwie adwuma no, sɛnea ɛbɛyɛ a, wubenya nkonimdi anuonyam no sen sɛ ɛbɛyɛ me de.”
29Enti Dawid dii nʼakofo a wɔaka no anim kɔɔ Raba kɔfaa hɔ. 30Dawid tuu ɔhene no ahenkyɛw, na nnipa no de hyɛɛ Dawid. Wɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ahenkyɛw no a aboɔdenmmo bobɔ mu a, na ɛkari nsania ani kilogram aduasa anan. Dawid fow asade bebree wɔ kuropɔn no mu. 31Ɔsan faa nnipa a wɔwɔ Raba no sɛ nkoa, hyɛɛ wɔn, ma wɔde ɔwan, pinkase ne mmonnua yɛɛ adwuma wɔ ntayaa fononoo ho. Saa ara na ɔne nnipa a wɔwɔ Amon nkurow nyinaa so dii no. Na Dawid ne nʼakofo san kɔɔ Yerusalem.
13Amnon To Tamar Mmonnaa
1Na Dawid babarima Absalom wɔ nuabea bi a na ne ho yɛ fɛ yiye. Na saa ɔbea no din de Tamar.13.1 Na Tamar yɛ Maaka babea. Na Maaka yi yɛ Gesurhene babea (3.3). Amnon nso na ɔyɛ Ahinoam babarima. Na Ahinoam yɛ Dawid yere a odi kan na Amnon nso, na ɔyɛ Dawid abakan barima a amanne mu no, obedi ade daakye. Na Amnon a ɔyɛ ne nuabarima no kɔn dɔɔ no.
2Amnon tuu nʼani sii Tamar so ara kosii sɛ ɛbɔɔ no yare. Na ɔyɛ ɔbabun nti, na na ɛyɛ sɛ Amnon rentumi nyɛ no hwee.
3Na Amnon wɔ adamfo onifirifo bi a wɔfrɛ no Yonadab. Na ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima. 4Da koro bi, Yonadab bisaa Amnon se, “Asɛm bɛn na aba? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔhene babarima yɛ bosaa anɔpa biara saa?” Na Amnon buaa no se, “Medɔ Tamar, Absalom nuabea no.”
5Yonadab kae se, “Eye, mɛkyerɛ wo nea wobɛyɛ. San kɔ na kɔda wo mpa so, na hyɛ da yɛ sɛnea woyare no. Sɛ wʼagya behu wo a, ka kyerɛ no se ɔnka nkyerɛ Tamar, na ɔmmɛyɛ aduan bi mma wo nni. Ka kyerɛ no se, sɛ ɔno brɛ wo aduan di a, wo ho bɛtɔ wo.”
6Enti Amnon patuw yaree. Na ɔhene no bɛsraa no no, Amnon ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, ma Tamar mmɛhwɛ me, na ɔnnoa biribi mma minni.” 7Dawid penee so, somaa Tamar kɔɔ Amnon fi, kɔnoaa aduan maa no.
8Bere a Tamar duu Amnon fi hɔ no, ɔkɔɔ ɔdan a na ɔda mu no mu, sɛnea sɛ Tamar refɔtɔw asikresiam a obehu. Enti ɔtoo brodo sononko bi maa no. 9Nanso ɔde aduan no guu apampaa so besii nʼanim no, wampɛ sɛ odi. Na Amnon ka kyerɛɛ nʼasomfo a wɔwɔ hɔ no se, “Obiara mfi ha nkɔ!” Enti wɔn nyinaa kɔe.
10Afei, ɔka kyerɛɛ Tamar se, “Fa aduan no brɛ me wɔ me pia mu, na bubu hyɛ mʼano.” Enti Tamar maa so de kɔɔ hɔ. 11Na bere a ogu so de rema no no, ɔtow hyɛɛ ne so, na ɔkae se, “Wo ne me nna, me nuabea ɔdɔfo.”
12Na Tamar teɛɛ mu se, “Dabi da, onuabarima! Nyɛ saa amumɔyɛde yi! Nyɛ me saa! Wunim sɛ, sɛ woyɛ a, ɛyɛ bɔne kɛse wɔ Israel. 13Na ɛhe na anka mede saa aniwu no bɛfa? Na wɔbɛka sɛ, wo nso woyɛ nkwaseafo akɛse a wɔwɔ Israel no mu baako. Mesrɛ wo, ka biribi kɛkɛ kyerɛ ɔhene, na ɔbɛma woaware me.” 14Nanso Amnon ampene so. Na esiane sɛ ɔwɔ ahoɔden sen Tamar nti, ɔtoo no mmonnaa.
15Ɛhɔ ara, Amnon dɔ no dan ɔtan. Ɔtan no mu yɛɛ den sen ɔdɔ a na ɔdɔ no no. Ɔteɛteɛɛ mu se, “Fi ha kɔ ntɛm!”
16Tamar nso teɛteɛɛ mu se, “Dabi da. Sɛ worepam me afi ha mprempren no yɛ bɔne kɛse koraa sen nea woayɛ me dedaw no.”
Nanso Amnon ampɛ sɛ obetie no. 17Ɔteɛɛ mu frɛɛ ne somfo hyɛɛ no se, “Pam saa ɔbea yi fi ha, na to pon no mu!” 18Enti ɔsomfo no pam no. Na ɔhyɛ batakari tenten fɛfɛ bi sɛnea na amanne kyerɛ wɔ ɔhene babea a ɔyɛ ɔbabun ho no. 19Nanso Tamar sunsuan ne batakari no mu, de nsõ guu ne ti mu. Afei, ɔde ne nsa kataa nʼani, de osu sii kwan so.
20Ne nuabarima Absalom huu no bisaa no se, “Wo nuabarima Amnon ne wo ada ana? Yɛ dinn, me nuabea; ɔyɛ wo nuabarima. Mfa saa asɛm yi nhyɛ wo koma mu.” Na Tamar tenaa ase sɛ ankonam werɛhonibea wɔ Absalom fi.
21Bere a ɔhene Dawid tee asɛm no, ne bo fuw yiye. 22Absalom nso anka ho hwee ankyerɛ Amnon. Nanso ɔtan Amnon yiye, efisɛ wagu ne nuabea Tamar anim ase.
Absalom Tɔ Amnon So Were
23Mfe abien akyi, da koro bi a na wɔretwitwa Absalom nguan ho nwi wɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim hye so no, Absalom too nsa frɛɛ ɔhene mmabarima nyinaa sɛ wɔmmra hɔ. 24Absalom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Me nguan nwitwitwafo reyɛ adwuma. Ɔhene ne nʼasomfo bɛba abɛka me ho ana?”
25Ɔhene buae se, “Dabi, me ba. Ɛnsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ; yɛbɛyɛ ɔhaw ama wo.” Ɛwɔ mu sɛ Absalom hyɛɛ no de, nanso wampene sɛ ɔbɛkɔ, na ohyiraa no kosɛkosɛ.
26Na Absalom kae se, “Sɛ saa na ɛte de a, ma me nuabarima Amnon mmɛka yɛn ho.”
Ɔhene no bisaa no se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔbɛka mo ho?” 27Nanso ɔhyɛɛ no nti, ɔmaa Amnon ne ahenemma no nyinaa bɛkaa ne ho.
28Absalom ka kyerɛɛ ne nkurɔfo no se, “Muntie! Montwɛn na Amnon mmow nsa, na afei mɛyɛ nsɛnkyerɛnne na moakum no. Munnsuro. Me ara na mahyɛ mo sɛ monyɛ saa. Momfa akokoduru nyɛ.” 29Enti Absalom mmarima no yɛɛ Amnon saa, sɛnea Absalom hyɛɛ wɔn no. Afei, ahene mmabarima no nyinaa sɔre tenatenaa wɔn mfurum so, na woguanee.
30Bere a wɔresan akɔ Yerusalem no, saa asɛm yi duu Dawid asom se, “Absalom akunkum wo mmabarima no nyinaa a anka ɔbaako koraa.” 31Ɔhene no huruw sii fam, sunsuan nʼatade mu, daa fam. Nʼafotufo nyinaa de ahodwiriw ne awerɛhow sunsuan wɔn ntade mu, dedaa fam saa ara.
32Nanso ankyɛ biara na Yonadab a ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima no beduu hɔ kae se, “Dabi, ɛnte saa. Ɛnyɛ wo mma no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nko ara na wɔakum no. Efi bere a Amnon too ne nuabea Tamar mmonnaa no, na Absalom yɛɛ nʼadwene saa. 33Dabi, wo mma no nyinaa nwuwui saa. Ɛyɛ Amnon nko ara.”
34Saa bere no, na Absalom aguan.
Ɔwɛmfo a ɔwɔ Yerusalem fasu so no huu sɛ dɔm kɛse fi atɔe fam reba kurow no mu. Otuu mmirika kɔbɔɔ ɔhene amanneɛ se, “Mahu sɛ dɔm fi Horonaim kwan a ɛda bepɔw no nkyɛn mu hɔ no so reba.”
35Yonadab ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Wɔn na wɔreba no! Wo mma no reba sɛnea mekae no.”
36Ankyɛ na wobedui a, wɔretwa adwo, tew nisu, na ɔhene ne ne mpanyimfo nso twaa agyaadwo.
37Na Dawid suu ne babarima Amnon nna bebree. Na Absalom guan kɔɔ ne nena barima Talmai a na ɔyɛ Amihud a na ɔyɛ ɔhene Gesur no babarima nkyɛn.
38Ɔkɔtenaa Gesur hɔ mfe abiɛsa. 39Na Dawid a afei wagyae Amnon wu no ho asɛm no pɛɛ sɛ ɔne ne babarima Absalom san ka bɔ mu.
14Absalom San Ba Yerusalem
1Na Yoab huu sɛ ɔhene pɛ sɛ ohu Absalom. 2Enti ɔsoma ma wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbea nyansafo bi a wagye din yiye brɛɛ no. Yoab ka kyerɛɛ no se, “Hyɛ da yɛ wo ho sɛ wowɔ ayi mu, na fura ayitam. Nguare anaa mfa aduhuam mpete wo ho nso. Yɛ wo ho sɛ ɔbea a wadi awerɛhow nna bebree. 3Na kɔ ɔhene nkyɛn kɔka asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi kyerɛ no.” Na Yoab kaa asɛm a ɔpɛ sɛ ɔbea no kɔka no kyerɛɛ no.
4Na Tekoani bea no duu ɔhene no anim no, ɔhwee fam de nʼanim butuw fam teɛɛ mu se, “Ao Nana! Boa me!”
5Ɔhene no bisaa no se, “Ɛyɛ asɛm bɛn?”
Obuaa no se, “Meyɛ okunafo. 6Me mma baanu twaa wɔn ho koe, a na obiara nni hɔ a ɔbɛpata wɔn. Ɔbaako bɔɔ ɔbaako kum no. 7Nanso abusua no nkae no kae se, ‘Ma yɛn nsa nka wo ba no a okum ne nua no na yenkum no bi na wammedi agyapade so.’ Na sɛ meyɛ saa nso a, na minni obiara a waka, na me kunu din ne me fi bɛyera wɔ asase so ha.”
8Ɔhene ka kyerɛɛ no se, “Gyae asɛm no ma me. Kɔ fie na mɛhwɛ sɛ obiara remfa ne nsa nka no.”
9Ɔkae se, “Me wura, meda wo ase. Mmoa a wode ama me yi nti, sɛ obi kasa tia wo a, mɛfa ho sobo no.”
10Ɔhene no kae se, “Mma eyi nhaw wo. Sɛ nnipa bi mpene a, fa wɔn brɛ me wɔ ha. Na metumi ama wo awerehyɛmu sɛ, obiara renwiinwii wɔ ho bio.”
11Afei, ɔbea no kae se, “Fa Awurade, wo Nyankopɔn, no din ka ntam kyerɛ me sɛ, woremma obiara ntɔ me babarima no so were. Menhwehwɛ mogyahwiegu bio.”
Ɔhene no nso kae se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, wo ba no tinwi a ɛwɔ ne ti so mu baako mpo ho renka.”
12Afei, ɔbea no kae se, “Ma wo somfo nka biribi nkyerɛ me wura ɔhene.”
Obuae se, “Kɔ so kasa.”
13Ɔbea no bisae se, “Adɛn nti na wonyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfo sɛnea wɔahyɛ bɔ sɛ wobɛyɛ ama me no. Woabu wo ho fɔ sɛ woasi saa gyinae yi. Wompɛ sɛ woma wʼankasa wo ba a wɔatwa no asu no ba fie. 14Nea ɛte biara no, obiara bewu. Na sɛnea nsu hwie gu fam a wosesaw a ɛnyɛ yiye no, saa ara na nkwa te. Ɛno nti na Onyankopɔn san de yɛn ba ne nkyɛn bere a yɛatew yɛn ho afi ne ho no. Wɔn a ɔhwɛ wɔn no, ɔmma wɔnnhwere wɔn kra; enti wo nso, ɛnsɛ sɛ woyɛ saa.
15“Na maba sɛ merebedi ama me babarima, efisɛ wɔde owu hunahuna me ne me ba no. Meka kyerɛɛ me ho se, ‘Ebia, ɔhene betie me, 16na wagye yɛn afi wɔn a wobetwa yɛn afi Onyankopɔn nkurɔfo ho no nsam.’
17“Yiw, ɔhene no bɛma yɛn asomdwoe bio. ‘Minim sɛ wote sɛ Onyankopɔn bɔfo a wubetumi ahu papa ne bɔne ntam nsonoe. Awurade, wo Nyankopɔn, nka wo ho.’ ”
18Ɔhene no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Mepɛ sɛ mihu ade baako; mfa nhintaw me.”
Ɔbea no kae se, “Ɛyɛ dɛn asɛm, me wura?”
19“Yoab na ɔsomaa wo ha ana?”
Ɔbea no buae se, “Me wura, Daasebrɛ, ɛbɛyɛ dɛn na matwa eyi ho atoro? Obiara ntumi mfa biribiara nhintaw wo. Ɛyɛ nokware sɛ Yoab na ɔsomaa me, na ɔkyerɛɛ me asɛm a menka. 20Ɔyɛɛ saa, sɛnea mɛfa ɔkwan foforo so de saa asɛm yi ato wʼanim. Na wo nso, wunim nyansa te sɛ Onyankopɔn bɔfo, na biribiara a esi yɛn ntam ha no nso, wote ase.”
21Enti ɔhene no soma ma wɔkɔfaa Yoab bae, na ɔka kyerɛɛ no se, “Eye, kɔ na kɔfa aberante Absalom bra.”
22Yoab hwee ɔhene no nan ase, hyiraa no se, “Ne korakora mu no, woapene me so, na woayɛ mʼabisade ama me.”
23Na Yoab kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem. 24Nanso ɔhene hyɛe se, “Absalom tumi kɔ ɔno ankasa ne fi, nanso ɔnhwɛ na wamma mʼanim ha.” Enti Absalom anhu ɔhene no.
Absalom Ne Dawid Nkabom
25Israel nyinaa, na obiara nni hɔ a ne ho yɛ fɛ, te sɛ Absalom. Efi ne ti so kosi ne nan ase, na wuhu sɛ ɔyɛ ɔbarima ankasa. 26Afe biara, na oyi ne ti pɛnkoro, efisɛ ne nwi no yɛ adesoa ma no. Na sɛ oyi na ɔkari a, na ɛyɛ kilogram abien ne fa.
27Na ɔwɔ mmabarima baasa ne ɔbabea baako. Na ne babea no din de Tamar. Na Tamar nso wɔ ahoɔfɛ a ɛmma ɔka.
28Absalom tenaa Yerusalem mfe abien a wanhu ɔhene no da. 29Afei, Absalom soma kɔfrɛɛ Yoab sɛ ɔnkɔka bi mma no, nanso Yoab ankɔ. Absalom somaa ne mprenu so, nanso Yoab ankɔ. 30Ɛno nti, Absalom ka kyerɛɛ nʼasomfo se, “Monkɔ na momfa ogya nkɔto Yoab atokofuw a ɛbɛn me de no ho mu.” Na wɔde ogya kɔtoo afuw no mu, sɛnea Absalom hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
31Na Yoab baa Absalom nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn nti na wʼasomfo akɔto mʼafuw mu gya?”
32Na Absalom buaa no se, “Efisɛ na mepɛ sɛ wukobisa ɔhene ma me sɛ, adɛn nti na ɔmaa me san fii Gesur bae, nanso ɔmpɛ sɛ ohu mʼanim koraa? Ɛno de, sɛ anka metenaa me dedaw mu hɔ ara a, anka eye. Ma minhu ɔhene no, na sɛ midi fɔ wɔ biribi ho a, otumi kum me.”
33Enti Yoab kaa asɛm a Absalom aka akyerɛ no no kyerɛɛ ɔhene no. Afei, Dawid frɛɛ ne ba a watew ne ho no, ma ɔbaa nʼanim. Absalom beduu ɔhene no anim no, ɔbɔɔ ne mu ase, na Dawid few nʼano.
15Absalom Atuatew
1Eyi akyi no, Absalom tɔɔ teaseɛnam ne apɔnkɔ, na ɔbɔɔ mmarima aduonum paa sɛ wobedi nʼanim. 2Adekyee biara, ɔsɔre ntɛm na wakɔtena kuropɔn no pon ano. Na sɛ nnipa bi de asɛm bɛto ɔhene no anim sɛ ommu ho atɛn a, Absalom bebisa faako a wofi, na wɔakyerɛ abusuakuw a wofi mu. 3Na Absalom bɛka se, “Wʼasɛm yɛ dɛ de, nanso ɔhene nni obiara a obetie. 4Sɛ meyɛ otemmufo anka mepɛ. Anka nnipa de wɔn nsɛm bɛba mʼanim, na mabu wɔn atɛn.”
5Sɛ nnipa pɛ sɛ wɔkotow no a, Absalom remma wɔn nyɛ saa na mmom obeso wɔn nsa, ayɛ wɔn atuu. 6Absalom yɛɛ saa de nyaa Israelfo no nyinaa wɔ nʼafa.
7Mfirihyia anan akyi no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ma menkɔ Hebron na menkɔbɔ afɔre mma Awurade sɛnea mahyɛ no bɔ no. 8Bere a na mewɔ Gesur no na mehyɛɛ saa bɔ no se, ‘Sɛ Awurade de me san ba Yerusalem a, mɛbɔ afɔre ama no wɔ Hebron.’ ”
9Ɔhene no kae se, “Eye, kɔ na kodi wo bɔhyɛ so.” Enti Absalom kɔɔ Hebron.
10Bere a ɔwɔ hɔ no, ɔfaa sum ase somaa abɔfo kɔɔ Israel mmaa nyinaa kɔhwanyan ɔmanfo de tiaa ɔhene no. Ne nkra ne se, “Sɛ mote torobɛnto nne pɛ a, monka se, ‘Absalom adi hene wɔ Hebron.’ ” 11Absalom faa mmarima ahannu fii Yerusalem kaa ne ho a na wonnim Absalom nsusuwii yi ho hwee. 12Bere a Absalom rebɔ afɔre no, ɔsoma ma wɔkɔfaa Giloni Ahitofel a na ɔyɛ Dawid fotufo fi ne kurom Gilo bae. Enti pɔwbɔ no mu yɛɛ den na nnipa bebree no ara bɛkaa Absalom ho.
Dawid Guan Fi Yerusalem
13Ankyɛ, ɔbɔfo bi baa Yerusalem bɛka kyerɛɛ ɔhene Dawid se, “Israel nyinaa atu di Absalom akyi sɛ wɔayɛ adɔm atia wo.”
14Ɛhɔ ara, Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima se, “Monyɛ no ntɛm na yenguan mfi ha, ansa na wadu ha, sɛnea amanehunu bɛpare yɛn ne Yerusalem kurow mu no nyinaa.”
15Nʼafotufo no buae se, “Yegyina wʼakyi. Biribiara a wugye di sɛ eye no, yɛ.”
16Enti ɔhene no ne ne fifo sii mu kɔɔ prɛko pɛ a wannyaw biribiara wɔ akyi sɛ ne mpenanom du bi a wɔbɛhwɛ nʼahemfi no so. 17Ɔhene no ne ne nkurɔfo no faa fam, na wɔfaa kuropɔn no fa bi, 18maa Dawid asraafo no betwaa wɔn ho dii wɔn anim. Nnipa a wɔkaa Dawid ho kɔe no yɛ Gitifo ahansia a wofi Gat a ne bammɔfo nso ka ho.
19Na ɔhene no bisaa Gatni Itai a ɔyɛ ɔsafohene no se, “Adɛn nti na woka yɛn ho rekɔ? San kɔka wo nkurɔfo ho, na monkɔ ɔhene Absalom nkyɛn, efisɛ woyɛ ɔhɔho wɔ Israel ne ɔmamfrani a wɔatwa wo asu. 20Wuduu ha nnɛra nko ara. Na ɛsɛ sɛ mehyɛ wo na wo ne yɛn kyin ana? Me mpo, minnim baabi a yɛbɛkɔ. San wʼakyi na kɔfa wo asraafo ka wo ho, na Awurade nkyerɛ wo ne dɔ ne ne nokware.”
21Nanso Itai ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Mede Awurade din ne wo ara wo nkwa ka ntam se, baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ bi a nea ebesi biara mfa me ho; sɛ ɛyɛ nkwa anaa owu.”
22Dawid buaa no se, “Eye, ka yɛn ho.” Ɛno nti, Itai ne ne mmarima ahansia ne wɔn fifo kaa wɔn ho kɔe.
23Awerɛhow kɛse sii asase no so, bere a ɔhene ne nʼakyidifo retwa mu no. Wotwaa Kidron Bon no de wɔn ani kyerɛɛ sare so.
24Abiatar ne Sadok ne Lewifo no faa Apam Adaka no, na wɔde sii kwankyɛn. Na wɔbɔɔ afɔre wɔ hɔ kosii sɛ obiara senee.
25Na ɔhene no ka kyerɛɛ Sadok se, “San fa Onyankopɔn Adaka no kɔ kuropɔn no mu. Sɛ minya Awurade anim adom a, ɔbɛsan de me aba ama mahu Adaka no ne ne ntamadan no bio. 26Nanso sɛ ɔka se, ‘Mʼani nnye wo ho’ a mepɛ, ma ɔmfa me mfa ɔkwan a onim sɛ eye ma no no so.”
27Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfo Sadok se, “Me nhyehyɛe ni: Wo ne Abiatar nyɛ komm nsan nkɔ kuropɔn no mu a wo babarima Ahimaas ne Yonatan a ɔyɛ Abiatar babarima ka ho. 28Mɛtwɛn wɔ faako a wotwa Asubɔnten Yordan kɔ sare no so hɔ akosi sɛ mɛte mo nkra. Momma mente asɛm a ebesi wɔ Yerusalem, ansa na makɔ sare so.” 29Enti Sadok ne Abiatar faa Onyankopɔn Adaka no de san kɔɔ Yerusalem, na wɔtenaa hɔ.
30Dawid faa ɔkwan a ɛkɔ Ngo Bepɔw so no so a ɔrekɔ no nyinaa, na ɔretwa adwo. Na wakata ne ti so, na ne nan sisi fam saa ara a ɛkyerɛ awerɛhowdi. Na nnipa a wɔka ne ho no nso katakataa wɔn ti so, twaa adwo bere a wogu so reforo bepɔw no. 31Bere a obi ka kyerɛɛ Dawid se, afei de ne fotufo Ahitofel taa Absalom akyi no, Dawid bɔɔ mpae se, “Awurade, ma Ahitofel afotu nnan nkwaseasɛm.”
32Woduu Ngo Bepɔw no atifi baabi a nnipa som Onyankopɔn no, Dawid huu Husai a ofi Arki a ɔretwɛn no. Na Husai asunsuan nʼatade mu, de dɔte asra ne tirim, de kyerɛ awerɛhowdi. 33Na Dawid ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wo ne me kɔ a, wobɛyɛ adesoa ama me. 34San kɔ Yerusalem, na ka kyerɛ Absalom se, ‘Afei, mɛyɛ wo fotufo sɛnea da bi hɔ no na meyɛ wʼagya fotufo no.’ Ɛba saa a, wubetumi atia Ahitofel afotu mu, asɛe no. 35Asɔfo Sadok ne Abiatar wɔ hɔ. Ka adwene a wɔafa wɔ me ho, pɛ sɛ wɔkyere me no kyerɛ wɔn, 36na wɔbɛsoma wɔn mmabarima Ahimaas ne Yonatan na wɔabɛhwehwɛ me, aka nea ɛrekɔ so akyerɛ me.”
37Enti Dawid adamfo Husai san kɔɔ Yerusalem, koduu hɔ bere koro a Absalom nso duu hɔ no mu.
16Dawid Ne Siba
1Dawid sian bepɔw no pɛ na ɔne Mefiboset somfo Siba hyiae. Na ɔwɔ mfurum abien a wɔahyehyɛ brodo mua ahannu, bobe aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ɔha ne nsa nhoma kotoku ma wɔ wɔn so. 2Ɔhene no bisaa Siba se, “Na eyinom nso ɛ?” Na Siba buae se, “Mfurum no, mo nkurɔfo ntena wɔn so, na brodo no ne aduaba no, wɔmfa mma mmerante no na wonni. Na nsa no nso, momfa nkɔ sare so hɔ, na wɔn a ɔbrɛ nti wɔbɛtɔ beraw no anom.”
3Na ɔhene no bisaa no se, “Na Mefiboset wɔ he?” Siba buae se, “Ɔkaa Yerusalem. Ɔkae se, ‘Nnɛ, mɛsan agye me nena Saulo ahemman no.’ ”
4Ɔhene no ka kyerɛɛ Siba se, “Sɛ saa na ɛte de a, mede biribiara a ɛyɛ Mefiboset dea no rema wo.”
Siba buae se, “Meda wo ase awura. Bere biara, biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.”
Simei Dome Dawid
5Bere a ɔhene Dawid ne ne nkurɔfo retwa mu wɔ Bahurim no, ɔbarima bi pue fii akuraa no ase bɛdomee wɔn. Na saa ɔbarima no din de Simei, Gera a ɔyɛ Saulo busuani babarima. 6Ɔpaa Dawid ne ne mpanyimfo ne asraafo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa abo. 7Ɔteɛɛ mu guu Dawid so se, “Fi ha kɔ! Mogyapɛfo a ɔte sɛ wo! Ohuhuni! 8Awurade atua wo ka sɛ wuhwiee Saulo ne ne fifo mogya gui. Wuwiaa nʼahengua, na afei Awurade de ahemman no ahyɛ wo babarima Absalom nsa. Wobɛnom wʼankasa wʼaduru, mogyapɛfo.”
9Na Seruia babarima Abisai bisaa ɔhene no se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔkraman funu yi tumi dome me wura ɔhene? Ma menkɔ na minkotwa ne ti.”
10Nanso ɔhene no kae se, “Dɛn na me ne mo Seruia mmabarima bɛyɛ? Sɛ Awurade aka akyerɛ no se, ɔnnome me a, me ne hena a metumi aka akyerɛ no se onnyae?”
11Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne mpanyimfo se, “Me babarima a ɔyɛ mʼankasa mogya pɛ sɛ okum me. Na dɛn na esiw Saulo busuani ho kwan sɛ ɔnyɛ saa ara. Munnyaa no, momma ɔnnome, efisɛ Awurade na waka akyerɛ no se ɔnyɛ saa. 12Ebia Awurade behu sɛ wɔreyɛ me bɔne, na ɔde papa atua me nnome a me nsa aka no nnɛ yi no so ka.”
13Enti Dawid ne ne mmarima toaa so kɔɔ wɔn kwan a saa bere no, na Simei nso nam bepɔw bi a ɛbɛn wɔn so. Ɔrekɔ no nyinaa, na ɔredome, totow abo bɔ Dawid, tu mfutuma gu wim. 14Ɔhene ne ne nkurɔfo nyinaa brɛɛ wɔ ɔkwan so nti, woduu Asubɔnten Yordan ho no, wogyee wɔn ahome.
Ahitofel Ma Absalom Afotu
15Absalom ne Israel mmarima nyinaa baa Yerusalem a Ahitofel ka wɔn ho. 16Na Husai a ofi Arki a ɔyɛ Dawid adamfo no, kɔɔ Absalom nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Ɔhene nkwa so! Ɔhene nkwa so!”
17Na Absalom bisaa Husai se, “Eyi ne ɔkwan a wode wʼadamfo Dawid fa so? Adɛn nti na wo ne wʼadamfo ankɔ?”
18Husai ka kyerɛɛ Absalom se, “Mewɔ ha efisɛ meyɛ adwuma ma ɔbarima a Awurade ne Israel ayi no. 19Nea ɛka ho bio ne sɛ, hena na ɛsɛ sɛ mesom no? Sɛnea mesom wʼagya no, saa ara na mɛsom wo.”
20Absalom dan ne ho bisaa Ahitofel se, “Dɛn bio na menyɛ?”
21Ahitofel buaa no se, “Kɔ na wo ne wʼagya mpenanom no nna, efisɛ wagyaw wɔn hɔ sɛ wɔnhwɛ ahemfi hɔ. Ɛno bɛma Israel nyinaa ahu sɛ, woabu no animtiaa a ɛboro nkabom so, na wɔde wɔn ho bɛma wo.” 22Enti wosii ntamadan wɔ ahemfi no atifi baabi a obiara behu, na Absalom kɔɔ ntamadan no mu, na ɔne nʼagya mpenanom no dae.
23Absalom tiee Ahitofel afotu sɛnea Dawid yɛe no pɛpɛɛpɛ. Na asɛm biara a efi Ahitofel anom bae no mu nyansa no yɛɛ sɛnea efi Onyankopɔn anom.
171Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom se, “Meyi asraafo mpem dumien, na mafi ha anadwo yi akɔtaa Dawid. 2Mɛto no wɔ bere a ɔbrɛ nti, nʼaba mu abu. Ɔne nʼakofo nyinaa bɛbɔ hu na wɔaguan. Ɔhene no nko ara na mɛbɔ no ahwe, 3na mede nnipa no asan abrɛ wo. Onipa a wohwehwɛ no no wu bɛma wɔn nyinaa asan aba; nnipa no mu biara ho rentɔ kyima.” 4Saa nhyehyɛe yi sɔɔ Absalom ne Israel mpanyimfo nyinaa ani.
Husai Tia Ahitofel Afotu Mu
5Nanso Absalom kae se, “Momfrɛ Husai a ofi Arki no mmra na yentie nea ɔwɔ ka.” 6Husai bae no, Absalom kaa nea Ahitofel aka no kyerɛɛ no. Afei obisaa no se, “Wʼadwene ne dɛn? Yɛmfa Ahitofel afotu no ana? Na sɛ ɛnte saa a, kyerɛ yɛn wʼadwene.”
7Husai buaa Absalom se, “Afotu a Ahitofel ama wo no nnye saa bere yi. 8Wunim wʼagya ne ne dɔm; wɔyɛ akofo akɛse, na wɔn ho yɛ hu sɛ sisi a wɔawia ne mma. Ɛno da nkyɛn a, wʼagya nim de wɔ akodi mu; ɔne nʼakofo no rentena anadwo yi. 9Sesɛɛ mpo, wakɔtɛw ɔbodan bi mu anaa baabi foforo. Na sɛ odi kan tow hyɛ mo so a, nea ɔbɛte biara no bɛka se, ‘Wɔakunkum asraafo a wodi Absalon akyi no.’ 10Na sɛ ɛba saa a, ɔsraani a ɔyɛ nnam a ne koma te sɛ gyata no koraa, ehu bɛma wabɔ hu. Na Israel nyinaa nim sɛ wʼagya yɛ ɔkofo, na wɔn a wɔka ne ho no nso koko yɛ duru.
11“Enti mitu wo fo sɛ, boa Israel nyinaa ano, efi Dan kosi Beer-Seba. Woyɛ saa a wubenya asraafo a wɔn dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea. Na migye di sɛ wʼankasa bedi asraafo no anim. 12Na sɛ yehu Dawid a, yɛbɛtow ahyɛ no so, sɛnea obosu gu asase so, a ɔno ne mmarima no mu baako mpo nka. 13Na sɛ Dawid aguan kɔ kuropɔn bi so a, wode Israel asraafo nyinaa bɛkɔ hɔ. Afei, yebetumi afa ntampehama de atwe kurow no afasu, akogu obon a ɛbɛn mu, kosi sɛ ɔbo biara a ɛwɔ mu no bɛyam.”
14Afei, Absalom ne Israel mpanyimfo nyinaa kae se, “Husai afotu no ye sen Ahitofel de no.” Efisɛ Awurade ahyehyɛ sɛ Ahitofel afotu pa a ɔde ama no bɛsɛe, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛba Absalom so.
Husai Bɔ Dawid Kɔkɔ Sɛ Onguan
15Na Husai kɔkaa asɛm a Ahitofel aka ne ɔno ankasa adwenkyerɛ no kyerɛɛ asɔfo Sadok ne Abiatar. 16Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ntɛm! Monkɔhwehwɛ Dawid, na monka nkyerɛ no se, ɔnntena Asubɔnten Yordan aworoe so hɔ anadwo yi. Ɛsɛ sɛ otwa kɔ sare no so akyi, anyɛ saa a, ɔne nʼakofo nyinaa bewuwu.”
17Yonatan ne Ahimaas tenaa En-Rogel, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔrenkɔ kurow no mu na wɔnnsan mpue. Na wɔayɛ nhyehyɛe bi sɛ abaawa bi de nkra a ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔhene Dawid no bɛbrɛ wɔn. 18Nanso abarimaa bi huu wɔn sɛ wɔrefi En-Rogel akɔ Dawid nkyɛn nti, ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na woguan kɔɔ Bahurim, maa ɔbarima bi de wɔn kosiee abura bi a ɛwɔ nʼadiwo mu. 19Ɔbarima no yere de ntama kataa abura no so, de atoko guu so te sɛnea ɔrehata no owia so, na obiara ansusuw sɛ nnipa hyɛ abura no mu.
20Bere a Absalom mmarima no duu hɔ no, wobisaa ɔbea no se, “Woahu Ahimaas ne Yonatan ana?”
Obuaa wɔn se, “Na wɔwɔ ha de, nanso wɔatwa asuwa no kɔ.” Absalom mmarima no hwehwɛɛ wɔn, nanso wɔanhu wɔn nti, wɔsan kɔɔ Yerusalem.
21Afei mmarima baanu no fii abura no mu, de mmirika kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn kɔbɔɔ no amanneɛ se, “Fi ha twa asu no ntɛm anadwo yi!” Wɔkaa Ahitofel afotu a ɛbɛma wɔakyere no akum no no kyerɛɛ no. 22Enti Dawid ne nnipa no nyinaa tutuu so, kotwaa Yordan. Eduu adekyee no, na obiara atwa Yordan kɔ nʼagya.
23Ahitofel huu sɛ nʼanim agu ase, efisɛ wɔamfa nʼafotu no, ɔhyehyɛɛ nʼafurum tenaa ne so, kɔɔ ne kurom. Ɔtotoo ne nneɛma yiye, na ɔkɔsɛn ne ho. Enti owu ma wosiee no wɔ nʼagya ɔda mu.
24Ankyɛ na Dawid duu Mahanaim. Saa bere no na Absalom aboaboa Israel asraafo no nyinaa ano a odi wɔn anim rekotwa Asubɔnten Yordan. 25Absalom yii Amasa de no tuaa asraafo no ano, sii Yoab a na anka ɔyɛ Dawid sahene no anan mu. Amasa yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yitra, a ɔyɛ Israelni a ɔwaree Abigail a ɔyɛ Nahas babea, na ɔyɛ Seruia nuabea, a ɔyɛ Yoab na ba. 26Israelfo no ne Absalom tenaa Gilead asase so.
27Na Dawid duu Mahanaim no, Nahas a ofi Raba babarima Sobi Amonni no, kyiaa no fɛw so. Saa ara na Amiel a ofi Lo-debar babarima Makir17.27 Saa Makir yi ara na ogyee Mefiboset (Yonatan ba bubuafo) no ne no tenaa Lo-debar no. ne Gileadni Barsilai a ofi Rogelim nso gyee no fɛw so. 28Wɔbrɛɛ no kɛtɛ, nkuku ne nkaka, atoko, asikresiam, nkyewe, asɛ ne asedua, 29ɛwo ne nufusu ani srade ne anantwi nufusu a akyenkyen mua. Wɔde brɛɛ Dawid ne ne nkurɔfo a wɔka ne ho no. Na wɔkae se, “Mo nyinaa moabrɛbrɛ, na ɔkɔm ne osukɔm de mo efisɛ moanantew kwan tenten wɔ sare so.”
18Absalom Nkogu Ne Ne Wu
1Afei, Dawid yiyii asahene ne asafohene dii nʼakofo anim. 2Yoab na na otua wɔn mu nkyemu abiɛsa mu baako ano. Yoab nuabarima Abisai a na ɔyɛ Seruia babarima na na otua nkyemu abiɛsa mu baako nso ano. Ɛnna nkyemu abiɛsa mu baako a aka no, Gatni Itai na na otua ano. Ɔhene no ka kyerɛɛ nʼakofo no se, “Me ne mo na ɛrekɔ.”
3Nanso ne mmarima no tiaa mu denneennen se, “Ɛnsɛ se wokɔ bi. Na sɛ ɛba sɛ, ɛsɛ sɛ yegyae, na yeguan, na sɛ mpo, yɛn mu fa koraa wuwu a, ɛrennu Absalom asraafo no ho hwee. Wo ara na wɔbɛhwehwɛ. Wo nko ara yɛ yɛn mu mpem du, enti eye sɛ wobɛtena kurom na sɛ mmoa bi ho hia yɛn a, wode bɛba.”
4Ɔhene penee so se, “Sɛ modwene sɛ ɛno ne adwene pa de a, mate.”
Enti okogyinaa kurow no pon ano, bere a asraafo no rekɔ no. 5Na ɔhene no hyɛɛ Yoab, Abisai ne Itai se, “Me nti mo ne abofra Absalom nni no bɔkɔɔ.” Na asraafo no nyinaa tee saa ɔhyɛ a ɔhene hyɛɛ nʼasafohene no.
6Enti ɔko no fii ase wɔ Efraim kwae mu. 7Na Dawid mmarima no yɛɛ Israel asraafo no pasaa. Ɛyɛ afoa ano kum, na da no, mmarima mpem aduonu na wɔhweree wɔn nkwa. 8Ɔko no didi kɔɔ nkurow so, na esiane kwae no nti, nnipa pii wuwu sen wɔn a wowuwuu wɔ afoa ano no.
9Ɔko no gyina mu no, Absalom puee prɛko pɛ wɔ Dawid mmarima no bi mu. Ɔpɛɛ sɛ oguan wɔ nʼafurumpɔnkɔ so, nanso oguan kɔfaa ɔdɔtɔ bi mu wɔ odum bi ase. Ɔdɔtɔ no kyekyeree ne tinwi, ma ɔkaa mu. Nʼafurumpɔnkɔ no de, na kɔ ara na ɔrekɔ enti, ogyaw no hɔ a, ɔsensɛn ɔdɔtɔ no mu a ɔretow donko wɔ wim.
10Dawid mmarima no baako huu asɛm a asi no, ɔka kyerɛɛ Yoab se, “Mihuu Absalom sɛ ɔsensɛn dua bi so wɔ ɔdɔtɔ mu.”
11Yoab bisae se, “Asɛm pa ara? Wuhuu no na woankum no? Anka mɛma wo dwetɛ gram ɔha ne dunan (114) ne akokoduru nkyekyeremu sɛ siade.”
12Ɔbarima no buae se, “Sɛ anka wobɛma me dwetɛ kilogram dubaako ne fa koraa a, anka merenyɛ saa. Yɛn nyinaa tee sɛ, ɔhene ka kyerɛɛ wo, Abisai ne Itai se, ‘Me nti, obiara nnyɛ aberante Absalom bɔne.’ 13Na sɛ mibu ɔhene asɛm so kum ne babarima a, anka nea ɛbɛyɛ biara, ɔhene bɛhwehwɛ nea ɔyɛɛ saa. Na anka wʼankasa ne onipa a anka wubeyi me ama.”
14Yoab kae se, “Merentwentwɛn me nan ase mma wo wɔ eyi ho.” Enti, ɔtwee mpɛmɛ abiɛsa de wowɔɔ Absalom koma mu bere a na ɔsensɛn odum no so a na onwui no. 15Yoab akodekurafo no mu mmerante du twaa Absalom ho hyiae, na wokum no.
16Na Yoab hyɛn torobɛnto, maa asraafo no gyaee Israel taa. 17Wɔfaa Absalom amu no tow kyenee amoa donkudonku bi mu wɔ kwae mu hɔ, na wɔsoaa abotan guu ne so. Na Israelfo no nyinaa guan kɔɔ wɔn afi. 18Bere a Absalom te ase no, osii nkaedum bi wɔ ɔhene bon mu de kaee ɔno ara ne ho, efisɛ ɔdwenee se, “Minni ɔbabarima biara a ɔbɛyɛ nkae ade biara de akae me din.” Ɔde nkaedum no too ne ho, na wɔfrɛ no Absalom Nkaedum de besi nnɛ.
Dawid Su Absalom
19Na Sadok babarima Ahimaas kae se, “Momma mintu mmirika nkɔbɔ ɔhene amanneɛ sɛ, Awurade ayi no afi atamfo nsam.”
20Na Yoab nso ka kyerɛɛ no se, “Sɛ ɔhene ba awu a, ɛnyɛ asɛm papa mma no. Wubetumi akɔbɔ saa amanneɛ no da foforo bi, na ɛnyɛ nnɛ.”
21Na Yoab ka kyerɛɛ Kusni bi se, “Kɔ na kɔka nea woahu no kyerɛ ɔhene.” Ɛhɔ ara na Kusni no bɔɔ ne mu ase wɔ Yoab anim, na otuu mmirika kɔe.
22Bio, Sadok babarima Ahimaas ka kyerɛɛ Yoab se, “Nea ɛbɛba biara mmra, ma me ne Kusni no nkɔ.”
Nanso Yoab bisaa no se, “Me ba, adɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ? Wunni amanneɛbɔ biara a ɛbɛma wo abasobɔde biara.”
23Ɔkae se, “Mepene so, nanso ma menkɔ.”
Enti Yoab ka kyerɛɛ no se, “Kɔ!” Na Ahimaas faa tataw no so kɔ kotwaa Kusni no ho.
24Bere a Dawid te kurow no pon ano no, ne wɛmfo no kɔɔ kurow no pon no atifi wɔ ɔfasu no so. Ɔtoo nʼani no, ohuu sɛ obi de mmirika reba. 25Ɔwɛmfo no teɛɛ mu ka kyerɛɛ Dawid na ɔhene no buae se, “Sɛ ɔno nko ara na ɔnam de a, ebia, na ɔde asɛm pa nam.”
Bere a ɔsomafo no rebɛn no, 26ɔwɛmfo no huu sɛ ɔbarima foforo nso di so reba, na ɔteɛɛ mu se, “Hwɛ onipa foforo bi de mmirika reba!”
Ɔhene no kae se, “Ebia na ɔno nso de asɛm pa na ɛnam.”
27Ɔwɛmfo no kae se, “Ɔbarima a odi kan no sɛ Sadok babarima Ahimaas.”
Ɔhene no kae se, “Ɔyɛ onipa pa a, ɔde asɛm pa nam.”
28Na Ahimaas teɛɛ mu, frɛɛ ɔhene no se, “Biribiara ye!” Ɔkotow wɔ ɔhene no anim, de nʼanim butuw fam kae se, “Anuonyam nka Awurade, wo Nyankopɔn. Ɔde nnipa a wɔyɛɛ adɔm tiaa me wura ɔhene ahyɛ ne nsa.”
29Ɔhene bisae se, “Na aberante, Absalom ho ye ana?” Ahimaas buae se, “Bere a Yoab yɛɛ nʼadwene sɛ ɔpɛ sɛ ɔsoma ɔhene somfo ne me wo somfo no, mihuu sɛ nneɛma ayɛ basaa a na minhu mu yiye.”
30Ɔhene ka kyerɛɛ no se, “Gyina nkyɛn ha na twɛn.” Enti ogyinaa nkyɛn twɛnee.
31Na Kusni no bedu kae se, “Me wura, Nana, tie asɛm pa a mede nam! Nnɛ, Awurade ayi wo afi wɔn a wɔsɔre tiaa wo no nyinaa nsam.”
32Na ɔhene bisaa Kusni no se, “Na aberante Absalom ho te dɛn?” Kusni no buae se, “Me wura ɔhene, atamfo nyinaa ne wɔn a wɔsɔre tia wo, pɛ sɛ wɔyɛ wo bɔne no, nhu amane sɛ saa aberante no.”
33Ɔhene ho wosowee. Ɔfaa ɔkwan ano pon no mu kɔɔ ne dan mu kosui, twaa adwo. Ɔrekɔ no, ɔkae se, “Ao, me ba Absalom! Me ba, me ba Absalom! Anka minwu nnya wo! Ao, Absalom, me ba, me ba!”
19Yoab Ka Ɔhene Anim
1Ankyɛ na nkra duu Yoab nkyɛn se ɔhene no resu, redi awerɛhow wɔ Absalom ho. 2Bere a asraafo no tee ɔhene no awerɛhow a ɔredi wɔ ne ba no ho no, nkonimdi mu anigye a na wɔwɔ mu saa da no dan awerɛhow. 3Wowiaa wɔn ho kɔɔ kurow no mu sɛnea wɔn a wɔadi nkogu de aniwu guan fi ɔko mu. 4Ɔhene de ne nsa kataa nʼanim, kɔɔ so twaa adwo se, “Ao, me ba Absalom! Ao, Absalom, me ba, me ba!”
5Na Yoab kɔɔ ɔhene no dan mu kɔka kyerɛɛ no se, “Nnɛ yɛagye wo, ne wo mmabarima, ne wo mmabea, ne wo yerenom, ne wo mpenanom nkwa. Nanso woreyɛ eyi de gu yɛn anim ase te sɛ nea yɛayɛ bɔne bi. 6Wodɔ wʼatamfo, na wotan wʼadɔfo. Woada no adi nnɛ sɛ, yɛnsɛ hwee mma wo. Sɛ Absalom te ase, na yɛn nyinaa awuwu a, anka wopɛ no saa. 7Afei, fi kɔ mprempren, na kɔma asraafo no mo, na mebɔ Awurade din, ka ntam se, sɛ woanyɛ saa a, wɔn mu baako koraa nka ha anadwo yi. Na ɛbɛma woagyigya asen kan no.”
8Na ɔhene no fii adi kɔtenaa kurow no abɔntenpon no ano. Na asɛm no trɛw kurow no mu nyinaa sɛ ɔwɔ hɔ no, obiara kɔɔ ne nkyɛn. Saa bere no na Israelfo a wɔtaa Absalom akyi no nyinaa aguan kɔ wɔn afi mu. 9Na Israel mmusuakuw no nyinaa mu, na wɔredi abooboo, gye akyinnye. Na nnipa no reka se, “Ɔhene no gyee yɛn fii atamfo a wɔyɛ Filistifo nsam, nanso Absalom taa no, pam no fii ɔman no mu. 10Na mprempren Absalom a wɔsraa no sɛ ommedi yɛn so hene no nso awu. Momma yɛnkɔka nkyerɛ Dawid na ɔnsan mmra mmedi yɛn so.”
11Na ɔhene Dawid somaa asɔfo Sadok ne Abiatar, ma wokobisaa Yuda mpanyimfo se, “Adɛn nti na mo de, mompɛ sɛ mode ɔhene ahenni bɛsan ama no? Na mate sɛ Israel nyinaa ayɛ krado, na mo nko ara na motwentwɛn mo anan ase. 12Moyɛ mʼabusuafo, mʼabusuakuw, mʼankasa me honam ne me mogya. Na ɛno nti, adɛn nti na mutwa to wɔ wɔn a wɔpene sɛ mɛsan aba no mu?” 13Dawid ma wɔkɔka kyerɛɛ Amasa se, “Sɛ woyɛ me wɔfaase yi, sɛ manyɛ wo ɔsahene ansi Yoab anan mu a, Onyankopɔn ne me nni no nwenweenwen.”
14Afei, Amasa bɔɔ Yuda ntuanofo no nyinaa adafa, ma wotiee no sɛ nnipa koro. Wɔde saa asɛm yi kɔtoo ɔhene anim se, “Wo ne wɔn a wɔne wo wɔ hɔ no nyinaa mmra yɛn nkyɛn.”
Dawid San Kɔ Yerusalem
15Na ɔhene no de nʼani kyerɛɛ Yerusalem. Oduu Asubɔnten Yordan ho no, Yudafo behyiaa no sɛ wɔde no retwa asu no. 16Gera a ɔyɛ Benyaminni a ofi Bahurim babarima Simei ne Yuda mmarima yɛɛ ntɛm kohyiaa ɔhene Dawid. 17Ɔrekɔ no, na Benyaminfo apem ka ne ho, a na Siba a na ɔyɛ Saulo fi mu soodoni ne ne mmabarima dunum ne nʼasomfo aduonu ka ho. Wɔyɛɛ ntɛm dii ɔhene no kan koduu Yordan hɔ. 18Wotwa kɔɔ baabi a ɛhɔ nnɔ kɔfaa ɔhene fifo no de wɔn twaa asu no, na wɔyɛɛ nea wɔpɛ biara maa wɔn.
Bere a Gera ba Simei twaa asu no, kɔkotow ɔhene no, 19srɛɛ no se, “Me wura ɔhene, fa me bɔne kyɛ me. Nkae bɔne a wʼakoa yɛe bere a wufii Yerusalem no Ɔhene yi fi wʼadwene mu. 20Mahu bɔne a mayɛ, enti na madi kan wɔ Yosef abusua nyinaa mu rebekyia wo yi.”
21Na Seruia babarima Abisai kae se, “Simei sɛ owu, efisɛ ɔdomee nea Awurade asra no no.”
22Na Dawid bisae se, “Mo Seruia mma, dɛn na me ne mo wɔ yɛ? Nnɛ nyɛ da a wokum obi. Ɛyɛ anigye da! Masan mabedi hene wɔ Israel so bio!” 23Enti ɔhene no kaa ntam kyerɛɛ Simei se, “Wɔrenkum wo.”
Dawid Yɛ Mefiboset Adɔe
24Mefiboset a ɔyɛ Saulo nena nso kohyiaa ɔhene no bi. Efi bere a ɔhene kɔe no, na onsiesiee ne nan ase, nyii ne hweneanonwi, nhoroo ne ntade da, kosii sɛ ɔhene san baa asomdwoe mu no. 25Ɔhene no bisaa no se, “Mefiboset, adɛn nti na wo ne me ankɔ?”
26Obuae se, “Nana, me somfo Siba daadaa me. Meyɛ obubuafo nti, mekae se, ‘hyehyɛ mʼafurum ma me, na mentena ne so, sɛnea metumi ne ɔhene akɔ.’ 27Siba abɛsɛe me akyerɛ me wura ɔhene sɛ mampɛ sɛ meba. Nanso minim sɛ wote sɛ Onyankopɔn bɔfo; ne saa nti, yɛ nea wugye di sɛ eye. 28Biribiara mfata me ne me nenabarima asefo sɛ owu a ebefi me wura, ɔhene, nanso, woahyɛ me anuonyam wɔ wɔn a wodidi wo pon so no mu. Enti tumi bɛn na mewɔ sɛ mibisa ɔhene nea mehwehwɛ?”
29Ɔhene ka kyerɛɛ no se, “Adɛn nti na wʼasɛm aware? Mehyɛ mo sɛ, wo ne Siba nkyɛ nsase no mu.”
30Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Sɛ me wura ɔhene asan aba fie dwoodwoo yi, ma Siba mfa biribiara.”
Dawid Yɛ Barsilai Adɔe
31Gileadni Barsilai nso fi Rogelim baa sɛ ɔrebɛboa ama ɔhene atwa Yordan. 32Na Barsilai abɔ akwakoraa a wadi mfe aduɔwɔtwe, na ɔyɛ ɔdefo kɛse. Ɔno na ɔmaa ɔhene biribi dii bere a na ɔte Mahanaim no. 33Ɔhene no ka kyerɛɛ Barsilai se, “Wo ne me ntwa, na wo ne me nkɔtena Yerusalem, na mɛhwɛ wo.”
34Nanso, Barsilai buaa ɔhene se, “Aka me nna ahe a ɛsɛ sɛ me ne wo kɔtena Yerusalem, Nana? 35Madi mfirihyia aduɔwɔtwe, na biribiara nyɛ me akɔnnɔ. Aduan ne nsa nyɛ me dɛ. Nnwontofo nne nso, merente na adesoa nko ara na mɛyɛ ama Nana. 36Anuonyam a mepɛ ara ne sɛ me ne Nana betwa asu no. 37Ma wo somfo nsan nʼakyi, sɛnea mewu wɔ me ara me kurom faako a wosiee mʼawofo. Na me babarima Kimham ni. Ma ɔne me wura ɔhene nkɔ na ade pa biara a wopɛ no, yɛ ma no.”
38Ɔhene no gye too mu kae se, “Eye, Kimham ne me bɛkɔ, na nea anka mɛyɛ ama wo no, mɛyɛ ama no.”
39Enti nnipa no nyinaa ne ɔhene twaa Yordan, ɔhene no yɛɛ Barsilai atuu, hyiraa no. Na Barsilai san kɔɔ ne kurom. 40Ɔhene faa Kimham kaa ne ho kɔɔ Gilgal. Yuda asraafo nyinaa ne Israel asraafo no mu fa de ɔhene twaa asu no.
Ɔhene Ho Akyinnyegye
41Ankyɛ, Israel mmarima nyinaa baa ɔhene hɔ bebisaa no se, “Adɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima wiaa ɔhene kɔe, na wɔde Ɔhene ne ne fifo ne Dawid mmarima nyinaa a wɔka ne ho no akotwa Yordan aba?”
42Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima no se, “Yɛyɛɛ saa, efisɛ, ɔhene no yɛ yɛn busuani pɛɛ. Adɛn nti na mo bo afuw wɔ saa asɛm yi ho? Yɛannye no hwee na ɔno nso amma yɛn aduan anaa akyɛde biara nso.”
43Na Israel mmarima buaa Yuda mmarima no se, “Yɛwɔ mmusuakuw du wɔ Israel na ɛno nti yɛwɔ ɔhene no mu kyɛfa du. Na adɛn nti na mubu yɛn abomfiaa? Ɛnyɛ yɛn na yedii kan kae se, wɔmfa yɛn hene nsan mmra?”
Na Yuda mmarima no ano yɛɛ den sen Israel mmarima no.
20Seba Atuatew
1Ɔtɔkwapɛfo bi a na wɔfrɛ no Seba na ɔyɛ Bikri a ofi Benyamin babarima, hyɛn torobɛnto teɛɛ mu se,
“Yɛne Dawid nni hwee yɛ.
Yenni agyapade biara wɔ Yisai babarima no nkyɛn. Israel mmarima,
mommra na yɛn nyinaa nkɔ yɛn kurom!”
2Enti Israel mmarima gyaw Dawid hɔ, kodii Seba akyi. Nanso Yuda mmarima no de, wɔtenaa wɔn hene nkyɛn, na wɔwowaw no fi Asubɔnten Yordan ho, kosii Yerusalem.
3Bere a oduu nʼahemfi hɔ wɔ Yerusalem no, ɔhyɛɛ sɛ ne mpenanom du a ogyaw wɔn hɔ no, wɔmfa wɔn nkɔhyɛ kokoa mu baabi. Na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn wɔn ahiade nyinaa, nanso ɔne wɔn renna bio. Enti wɔn mu biara tenaa ase sɛ okunafo, kosii ne wuda.
4Ɔhene no hyɛɛ Amasa sɛ ɔmfa nnansa mmoaboa Yuda asraafo ano, na ɔmmɛka biribi nkyerɛ no saa bere no mu. 5Enti Amasa kɔbɔɔ asraafo no amanneɛ, nanso nʼahoboa no boroo nnansa no.
6Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai se, “Saa ɔtɔkwapɛfo Seba no rebɛhaw yɛn asen sɛ nea Absalom haw yɛn no. Fa mʼakofo no, na taa no ansa na waguan akɔbɔ ne ho aguaa wɔ hintabea nkurow no mu baabi a yɛn nsa renka no.” 7Enti Abisai ne Yoab yiyii awɛmfo a wodi mu fii Yoab asraafo ne ɔhene no ankasa de mu de tiw Seba.
8Na woduu Gibeon ɔbo kɛse no ho no, Amasa hyiaa wɔn. Na Yoab hyɛ nʼakotade a ɔde afoa abɔ nʼataaso. Otuu nten kɔɔ nʼanim sɛ ɔrekokyia Amasa no, afoa no fii boha no mu tɔɔ fam. 9Yoab bisaa no se, “Me nua, wo ho te dɛn?” Ɛhɔ ara na Yoab de ne nsa nifa soo nʼabogyesɛ mu, sɛ nea ɔrefew nʼano. 10Amasa anhu sɛ afoa no hyɛ ne nsa benkum mu. Na Yoab de afoa no wɔɔ ne yam, maa ne nsono tu guu fam. Ɛho anhia sɛ Yoab betia ne so koraa, na Amasa wui. Yoab ne ne nuabarima Abisai gyaw no hɔ, toaa so tiw Bikri babarima Seba.
11Yoab asraafo no mu aberante a ɔyɛ panyin wɔ nsraadɔm no so no mu baako teɛɛ mu kyerɛɛ Amasa asraafo no se, “Obiara a ɔtaa Yoab akyi ne obiara a ɔwɔ Dawid afa no, ommedi Yoab akyi.” 12Amasa daa ne mogyabura mu wɔ ɔkwan no mfimfini. Na ɔbarima no huu sɛ asraafo no adu hɔ a wɔagyina rehwɛ Amasa no, ɔtwee no fii ɔkwan no mu, de no too wuram, de atade kataa ne so. 13Woyii Amasa fii ɔkwan no mu akyi no, mmarima no nyinaa dii Yoab akyi sɛ wɔrekɔkyere Bikri babarima Seba.
14Saa bere no, Seba kyinii Israel nyinaa boaboaa ne fifo Bikrifo ano wɔ Abel-Bet-Maaka. 15Yoab asraafo no duu hɔ no, wɔtow hyɛɛ Abel-Bet-Maaka so. Wosisii mpie wɔ kurow no akyi, de bɔɔ wɔn ho ban fii atamfo ho na wɔpempem afasu no, pɛɛ sɛ wodwiriw gu. 16Na ɔbea nyansafo bi teɛɛ mu fi kurow no mu se, “Muntie! Muntie! Monka nkyerɛ Yoab se ɔmmra ha, na menka asɛm bi nkyerɛ no.” 17Yoab kɔɔ ne nkyɛn, na obisaa no se, “Wo na wɔfrɛ wo Yoab no?”
Obuae se, “Yiw.”
Ɔkae se, “Tie asɛm a wʼafenaa pɛ sɛ ɔka no.”
Obuae se, “Meretie.”
18Ɔkae se, “Tete no, na yɛka se, ‘Yɛrekɔpɛ afotu wɔ Abel.’ 19Yɛpɛ asomdwoe ne nokware wɔ Israel. Wopɛ sɛ wosɛe kurow a adi nokware wɔ Israel. Adɛn nti na wopɛ sɛ wosɛe ade a ɛyɛ Awurade dea?”
20Yoab buae se, “Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ mesɛe wo kuropɔn. 21Nea merehwehwɛ no ara ne ɔbarima bi a ne din de Seba a ɔyɛ Bikri babarima a ofi Efraim bepɔw so, na wama ne ho so atia ɔhene, ɔhene Dawid. Fa saa ɔbarima no bra, na mefi kurow no mu.”
Ɔbea no ka kyerɛɛ Yoab se, “Wɔbɛtow ne ti afi ɔfasu no so ama wo.”
22Afei, ɔbea no kɔkaa nʼafotu pa no kyerɛɛ nnipa no nyinaa. Na wotwaa Bikri babarima Seba ti, tow maa Yoab. Enti ɔhyɛn torobɛnto maa ne mmarima no bɔ hwetee, maa obiara kɔɔ ne fi. Na Yoab san kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem.
23Yoab bɛyɛɛ Dawid asraafo no so sahene bio.
Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔhene bammɔfo so panyin.
24Adoram na na ɔhwɛ adwumayɛfo so,
na Yehosafat a ɔyɛ Ahilud babarima no kyerɛw ahemfo ho abakɔsɛm.
25Na Sewa yɛ asennii kyerɛwfo.
Na Sadok ne Abiatar nso yɛ asɔfo.
26Ɛnna Yairini Ira nso yɛ Dawid sɔfo.
21Dawid Tɔ Were Ma Gibeonfo
1Bere a Dawid di hene no, ɔkɔm baa asase no so mfe abiɛsa, enti Dawid bisaa Awurade ɔkɔm no ho asɛm. Na Awurade kae se, “Esiane fɔ a Saulo ne ne fifo di wɔ kunkum a wokunkum Gibeonfo no ho nti na ɔkɔm saa aba no.”
2Enti ɔhene Dawid frɛɛ Gibeonfo no nyinaa. Na wɔnka Israelfo no ho, na mmom, wɔyɛ Amorifo21.2 Din Amorini yɛ din a wɔde frɛ Kanaanfo nyinaa ansa na wɔredi wɔn so (1 Mose 15.16; Yos 24.18). Nokware, Gibeonfo yɛ Hiwifo (Yos 9.7; 11.19). nkaefo bi. Israel kaa ntam se, wɔrenkum wɔn, nanso esiane Saulo ahopere nti, ɔpɛɛ sɛ ɔtɔre wɔn ase. 3Dawid bisaa Gibeonfo no se, “Dɛn na metumi ayɛ de apata mo? Monka, sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade behyira ne nkurɔfo bio.”
4Gibeonfo no buae se, “Anokwa, sika rentumi, na yɛmpɛ nso sɛ wobekunkum Israelfo aweretɔ wɔ so.”
Enti Dawid kɔɔ so bisaa wɔn se, “Enti dɛn na menyɛ? Monka nkyerɛ me, na mɛyɛ ama mo.”
5Na wobuae se, “Ɛyɛ Saulo na ɔdwenee ho sɛ ɔbɛsɛe yɛn, sɛnea yɛrennya afa biara wɔ Israel. 6Enti wonyi Saulo mmabarima anaa ne nananom mmarima baason mma yɛn, na yebekum wɔn wɔ Awurade anim wɔ Gibea bepɔw no so.”
Ɔhene no kaa se, “Eye. Mɛyɛ.”
7Dawid gyaee Yonatan babarima Mefiboset a na ɔyɛ Saulo nena no, esiane ntam a na Dawid ne Yonatan aka wɔ Awurade anim no nti. 8Nanso ɔde Saulo mmabarima baanu a na wɔn din de Armoni ne Mefiboset a na wɔn mama Rispa no yɛ Aia babea no maa wɔn. Ɔsan de Saulo babea Mikal a na ɔyɛ Adriel a na ɔyɛ Barsilai a ofi Mehola no yere mmabarima baanum no mae. 9Na Gibeon mmarima no kunkum wɔn wɔ bepɔw no so wɔ Awurade anim. Enti nnipa baason no nyinaa, wokunkum wɔn wɔ bere a wɔrefi atokotwa afahyɛ no ase no.
10Rispa a ɔyɛ mmarima no mu baanu mama no de atweaatam sɛw ɔbotan bi so, tenaa hɔ otwabere no nyinaa mu. Wamma nnomaa ammɛsosɔw wɔn amu no awia, na anadwo nso, osiw nkekaboa ho kwan. 11Bere a Dawid tee nea Rispa a na ɔyɛ Saulo mpena no ayɛ no, 12ɔkɔɔ nkurɔfo a wofi Yabes Gilead nkyɛn, kobisaa wɔn Saulo ne ne babarima Yonatan nnompe ase. (Bere a Saulo ne Yonatan totɔɔ ɔko a wɔne Filistifo koe no ano no, Yabes Gileadfo na wɔkɔtasee wɔn amu wɔ Filistifo kurow Bet-San abɔnten so.) 13Enti Dawid de Saulo ne Yonatan nnompe bae. Saa ara na ɔde mmarima a Gibeonfo kunkum wɔn no nso nnompe bae.
14Osiee wɔn nyinaa wɔ Saulo agya Kis ɔboda a ɛwɔ kurow Sela a ɛwɔ Benyamin asase so no mu. Ɛno akyi, Onyankopɔn twaa ɔkɔm no so wɔ Israel asase so.
Israel Ne Filistifo Akokoakoko
15Bio, Filistifo ne Israel koe. Na bere a ɔko no duu ne mpɔmpɔnso no, Dawid brɛe. 16Na Yisbi-Benob yɛ abran no asefo mu baako. Na ne peaw mu duru kari boro kilogram abiɛsa ne fa, a wɔde afoa foforo ahyehyɛ ne ho. Na waka Dawid ahyɛ a anka ɔrebekum no. 17Nanso Seruia babarima Abisai begyee Dawid, na okum Filistini no. Ɛno akyi, Dawid mmarima no kaa ntam se, “Wo ne yɛn renkɔ ɔko bio na amma Israel kanea annum no.”
18Eyi akyi, ɔko foforo ba de tiaa Filistifo no wɔ Gob. Wogu so reko no, Sibekai21.18 Na Sibekai da Dawid asraafokuw a ɛto so awotwe no ano (1 Be 27.11). a ofi Husan, kum Saf a na ɔno nso yɛ abran no asefo no bi.
19Ɔko foforo bi a wɔkoo wɔ Gob no nso, Yair babarima Elhanan a ofi Betlehem kum Gatni Goliat nuabarima bi. Na ne peaw mu duru te sɛ ntamanwemfo abaa. 20Ɔko bi a esii bio wɔ Gat nso, ɔbarima bran bi a na ɔyɛ nsansia ne nansia a ɔyɛ abran no aseni no 21pɛɛ sɛ obu fa Israel so, gu nʼanim ase. Ɔno nso, Dawid nuabarima Simei babarima Yonatan na okum no.
22Saa Filistifo abran baanan yi yɛ Gat abran no asefo. Na Dawid ne nʼakofo na wokunkum wɔn nyinaa.
22Dawid Ayeyi Dwom
1Bere a Awurade gyee Dawid fii nʼatamfo nyinaa ne Saulo nsam akyi no, ɔtoo saa dwom yi de yii Awurade ayɛ.
2Nsɛm a ɛwɔ dwom no mu ni:
“Awurade yɛ me botan, mʼaban ne mʼagyenkwa;
3me Nyankopɔn yɛ me botan; ne mu na minya guankɔbea.
Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagye mu ahoɔden,
mʼabandennen, mʼagyenkwa, nea ogye me fi basabasayɛ mu.
4“Misu frɛ Awurade; ɔno na ayeyi sɛ no,
efisɛ ogye me fi mʼatamfo nsam.
5Owu asorɔkye twaa me ho hyiae;
ɔsɛe yiri faa me so.
6Ɔda mu hama kyekyeree me;
mihyiaa owu mfiri.
7“Na mʼamanehunu mu no, misu frɛɛ Awurade.
Yiw, mefrɛɛ me Nyankopɔn pɛɛ mmoa.
Ɔtee me nne fii ne kronkronbea.
Me sufrɛ duu nʼasom.
8Na asase wosowee na ehinhimii;
ɔsoro fapem wosowee;
wɔwosowee, nʼabufuw nti.
9Wusiw fii ne hwene mu;
ogyaframa fii nʼanom;
na nnyansramma dɛw fii mu.
10Ofii ɔsoro baa fam;
na omununkum kabii duruu nʼanan ase.
11Ɔte kerubim so tui;
gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so.
12Ɔde sum kataa ne ho hyiae,
ɔde osu mununkum dii nʼanim kan.
13Hann kɛse hyerɛn wɔ nʼanim,
na anyinam pa fii mu.
14Awurade bobɔɔ mu fi ɔsoro;
Ɔsorosoroni no teɛɛ mu dennen.
15Ɔtow nʼagyan maa nʼatamfo hwetee;
anyinam twa ma wɔyɛɛ basaa.
16Awurade kasae,
na wiase nnyinaso no nyinaa daa hɔ.
Wotumi huu ɛpo ase,
na asase fapem ho daa hɔ.
17“Ofi ɔsoro baa fam besoo me mu;
ɔtwee me fii asu a emu dɔ mu.
18Ogyee me fii mʼatamfo a wɔyɛ den nsam,
atamfo a wokyi me na wɔn ho yɛ den pa ara sen me.
19Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da,
nanso Awurade pagyaw me.
20Ɔde me baa baabi a bammɔ wɔ;
ogyee me, efisɛ nʼani kum me ho.
21“Awurade atua me papayɛ so ka;
me bem a midi no, wahyɛ me anan mu.
22Efisɛ manantew Awurade akwan so;
mentwee me ho mfii me Nyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne.
23Ne mmara nyinaa gu mʼanim;
mentwee me ho mfii ne nhyehyɛe ho.
24Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim;
matwe me ho afi bɔne ho.
25Awurade tuaa me papayɛ so ka,
efisɛ minni fɔ wɔ nʼanim.
26“Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafo kyerɛ wɔn a wodi nokware,
wɔn a wodi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu.
27Wuyi wo kronkronyɛ kyerɛ ɔkronkronni,
nanso amumɔyɛfo de wukyi wɔn.
28Wugye ahobrɛasefo,
nanso wʼani kɔ ahantanfo so sɛ wobɛbrɛ wɔn ase.
29Wo Awurade, woyɛ me kanea.
Yiw, Awurade woma me sum dan hann.
30Wʼahoɔden mu, metumi aka asraafokuw agu;
me Nyankopɔn nti, mitumi foro ɔfasu.
31“Onyankopɔn de, nʼakwan yɛ pɛ;
Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu.
Ɔyɛ nkatabo
ma wɔn a wɔhwehwɛ bammɔ wɔ ne mu.
32Hena ne Onyankopɔn, gye sɛ Awurade?
Hena ne ɔbotantim no, gye sɛ yɛn Nyankopɔn?
33Onyankopɔn ne mʼaban a ɛyɛ den;
wagye me, na wama me kwan so ayɛ pɛ.
34Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforote de;
Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea.
35Osiesie me ma ɔko;
na me basa tumi kuntun kɔbere mfrafrae tadua.
36Woama me wo nkwagye kyɛm.
Wo mmoa ama mayɛ ɔkɛse.
37Woabɔ kwan tɛtrɛɛ ama mʼanan
sɛnea me nkotodwe rengurow.
38“Metaa mʼatamfo sɛee wɔn;
mannyina kosii sɛ wodii nkogu.
39Meyam wɔn, mebɔɔ wɔn hwee fam, na wɔantumi ansɔre;
wɔhwehwee ase wɔ mʼanan ase.
40Wohyɛɛ me ahoɔden maa ɔko;
woaka mʼatamfo ahyɛ mʼanan ase.
41Womaa wɔdan wɔn ani guanee,
na mesɛe wɔn a wɔtan me nyinaa.
42Wosu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammegye wɔn.
Wosu frɛɛ Awurade, nanso wannye wɔn so.
43Meyam wɔn ma wɔyɛɛ sɛ asase so mfutuma;
mepraa wɔn guu suka mu sɛ wura.
44“Womaa me nkonimdi wɔ wɔn a wɔbɔ me kwaadu so.
Woahwɛ sɛ mɛyɛ amanaman sodifo;
na nnipa a minnim wɔn som me.
45Ananafo brɛ wɔn ho ase ma me;
wɔte me nka pɛ ara a, wɔde wɔn ho ma me.
46Wɔn nyinaa bɔ huboa,
na wɔde ahopopo fi wɔn nsraban mu ba.
47“Awurade te ase! Ayeyi nka me botan,
ma wɔmma Onyankopɔn, me nkwagye botan so.
48Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ wɔn a wɔhaw me so were;
ɔka amanaman no hyɛ mʼase
49na ogye me fi mʼatamfo nsam.
Wode me si baabi a mʼatamfo nnu,
wugye me fi atutuwpɛfo a wotia me nsam.
50Awurade eyi nti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu, Ao Awurade.
Mɛto ayeyi dwom ama wo din.
51“Wode nkonimdi akɛse ama wo hene;
woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ nea woasra no ngo,
wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefo afebɔɔ.”
23Dawid Nsɛm A Etwa To
1Eyi ne Dawid nsɛm a etwaa to:
“Dawid, Yisai ba barima a
Onyankopɔn maa no nkɔso a ɛyɛ nwonwa,
na Yakob Nyankopɔn sraa no ngo no,
Israel nnwomhyehyɛfo mu otiban:
2“Awurade honhom kasa fa me mu;
ne nsɛm wɔ me tɛkrɛma so.
3Israel Nyankopɔn kasae.
Israel botan ka kyerɛɛ me se:
‘Onipa a odi hene trenee mu,
na ɔde Onyamesuro di hene no,
4ɔte sɛ anɔpa hann,
ɔte sɛ anɔpa a omununkum nni hɔ apueiwia hann;
ɔte sɛ osutɔ akyi hyerɛn,
na ɛma sare foforo pue fi asase mu.’
5“Ɛyɛ me fi na Onyankopɔn ayi.
Yiw, ɔne me ayɛ apam a ɛwɔ hɔ daa.
Ne nhyehyɛe yɛ afebɔɔ, bi nni hɔ bio, na wɔasɔw ano.
Ɔbɛhwɛ me yiyedi ne me nkɔso daa.
6Na wɔn a wonnim Onyame no te sɛ nsɔe a wɔbɛtow agu,
efisɛ wɔwowɔ nsa a eso mu no.
7Ɛsɛ sɛ obi kɔ amia mu ansa na watwa wɔn agu;
wɔde ogya bɛhyew wɔn dwerɛbee.”
Dawid Dɔmmarima
8Din a edidi so yi yɛ Dawid dɔmmarima:
Nea odi kan ne Yoseb-Basebet a ofi Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofo akɛse Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne peaw kum atamfo akofo ahanwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu no.
9Nea ɔto so abien wɔ baasa no mu no ne Dodo babarima Eleasar a ɔyɛ Ahohi aseni. Bere bi Eleasar ne Dawid ka bɔɔ mu, tew gyinae, de tiaa Filistifo bere a Israel asraafo no nyinaa aguan no. 10Okunkum Filistifo no ara kosii sɛ afei, na ontumi mpagyaw ne peaw. Nanso Awurade maa no dii nkonim saa da no. Asraafo a wɔaka no ansan amma kosii bere a ɛsɛ sɛ wɔkɔtase wɔn asade no.
11Nea odi hɔ yɛ Sama a ɔyɛ Agee a ofi Harar babarima. Da koro bi, Filistifo no boaa wɔn ho ano wɔ Lehi, na wɔtow hyɛɛ Israelfo no so wɔ aseduafuw bi mu. Israel asraafo no guanee, 12nanso Sama gyinaa ne nan so pintinn wɔ afuw no mfimfini, kaa Filistifo no gui. Enti Awurade ma odii nkonim.
13Twabere bi a na Dawid wɔ Adulam ɔbodan mu no, Filisti asraafo bɛkyeree nsraban wɔ Refaim bon mu. Dawid akofo nimdefo aduasa no mu baasa sian kohyiaa no wɔ hɔ. 14Saa bere no na Dawid te nsraban mu hɔ a na Filistifo asraafo no fa bi nso akɔtena Betlehem. 15Dawid daa nʼakɔnnɔ adi se, “Ao, sɛ minya nsu pa a ɛwɔ Betlehem abura a ɛwɔ kurow no pon no ano hɔ no bi a, anka mɛnom.” 16Enti baasa no bu faa Filistifo no mu kɔsaw nsu no bi fii abura no mu, de brɛɛ Dawid. Nanso wannom. Mmom, ohwie guu Awurade anim. 17Ɔteɛɛ mu se, “Awurade ma ɛmpare me sɛ mɛnom eyi! Saa nsu yi som bo te sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn nkwa too hɔ, kɔsaw nsu yi brɛɛ me yi mogya.” Enti Dawid annom. Mmarimasɛm a Baasa no dii no nhwɛso bi ni.
Dawid Akofo Akɛse Aduasa
18Na Yoab nua Seruia babarima Abisai nso dii Aduasa no anim. Da bi, ɔde ne peaw kum atamfo akofo ahaasa wɔ ɔsa baako pɛ mu. Saa akokodurusɛm yi nti ne din hyetaa sɛ Baasa no. 19Abisai na ogyee din pa ara wɔ Aduasa no mu. Ɛwɔ mu, wannye din sɛ Baasa no ho de, nanso na ɔno ne Aduasa no safohene.
20Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔkofo kokodurufo a ofi Kabseel. Odii mmarimasɛm bebree a bi ne sɛ, okum Moab akofo akɛse baanu. Bere bi nso, ɔtaa gyata, ma wɔkɔtɔɔ amoa mu. Na sukyerɛmma atɔ, ama fam ayɛ toro de, nanso ɔkyeree gyata no, kum no. 21Bere bi nso, ɔde abaaporiwa a na okura no kum Misraimni ɔkofo kɛse bi a na ɔno kura peaw. Benaia hwim peaw no fii Misraimni no nsam, na ɔde kum no. 22Eyinom na Yehoiada babarima Benaia yɛe, ma ogyee din te sɛ Baasa no. 23Na ɔwɔ anuonyam sen wɔn a na wɔfra Aduasa no mu no biara, nanso na ɔnka Baasa no ho. Na Dawid yɛɛ no nʼawɛmfo no so sahene.
24Wɔn a aka a na wɔfra Aduasa no mu no ni:
Yoab nuabarima Asahel;
Dodo a ofi Betlehem babarima Elhanan;
25Sama a ofi Harod;
Elika a ofi Harod;
26Heles a ofi Palti;
Ira, Ikes a ofi Tekoa babarima;
27Abieser a ofi Anatot;
Sibekai a ofi Husa;
28Salmon a ofi Ahoa;
Maharai a ofi Netofa;
29Heleb, Baana a ofi Netofa babarima;
Itai, Ribai a ofi Gibea (Benyamin abusuakuw mu) babarima;
30Benaia a ofi Piraton;
Hidai a ofi Nahale-Gaas;
31Arbatini Abi-Albon;
Asmawet a ofi Bahurim;
32Eliahba a ofi Saalbon;
Yaasen mmabarima;
33Yonatan, Sama a ofi Harar babarima;
Sarar, Ahiam a ofi Maaka babarima;
34Elifelet, Ahasbai a ofi Maaka babarima;
Eliam, Ahitofel a ofi Gilo babarima;
35Hesro a ofi Karmel;
Paarai a ofi Arba;
36Igal, Natan a ofi Soba babarima;
Bani a ofi Gad;
37Selek a ofi Amon;
Naharai a ofi Beerot (Yoab akodekurafo);
38Ira a ofi Yitri;
Gareb a ofi Yitri;
39Hetini Uria.
Wɔn nyinaa dodow yɛ aduasa ason.
24Dawid Kan Nnipa
1Bio, Awurade abufuw baa Israel so nti, ɔhyɛɛ Dawid sɛ ɔmfa nnipakan so nhaw wɔn a wɔwɔ Israel ne Yuda nyinaa. Awurade see Dawid sɛ, “Kɔ na kɔkan Israelfo ne Yudafo nyinaa.”
2Enti ɔhene no ka kyerɛɛ ne sahene Yoab se, “Kan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa, efi Dan a ɛwɔ atifi fam, de besi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam, na ama mahu nnipa dodow a wɔwɔ ha.”
3Na Yoab buaa ɔhene no se, “Awurade mma wo ntena ase kosi sɛ nnipa a wɔwɔ wʼahenni yi mu ase bɛterɛw mmɔho ɔha. Na adɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ eyi?”
4Na ɔhene no hyɛɛ no ketee sɛ, wɔnkan nnipa nti, Yoab ne nʼadwumayɛfo kɔkan nnipa a wɔwɔ Israel.
5Nea edi kan no, wotwaa Yordan kɔtenaa Aroer, kurow a ɛwɔ obon no anafo a ɛkyerɛ Gad no. Afei, wɔkɔɔ Yaser, 6toaa so koduu Gilead a ɛwɔ Tatim-hodsi, toaa so kɔɔ Dan Yaan ne Sidon fa mu. 7Afei, wɔbaa Tiro aban mu ne Hewifo ne Kanaanfo24.7 Hewifo ne Kanaanfo nyinaa tenaa Kanaan ansa na Israelfo rebedi ɔman no so. nkuropɔn nyinaa mu. Wɔkɔɔ Yuda anafo, koduu Beer-Seba de wiei.
8Wowurawuraa asase no nyinaa so, de asram akron ne nnafua aduonu wiee nnipakan no, san kɔɔ Yerusalem.
9Yoab de ne nnipa dodow a wonyae brɛɛ ɔhene no. Na mmarima a wɔadu sogyadi mfe so wɔ Israel no dodow yɛ mpem ahanwɔtwe, na mpem ahannum nso wɔ Yuda.
Dawid Bɔne So Atemmu
10Dawid kan nnipa no nyinaa wiei no, nʼahonim buu no fɔ, nti ɔka kyerɛɛ Awurade se, “Nea meyɛe yi nti, mayɛ bɔne. Enti Awurade, mesrɛ wo, yi saa afɔbu yi fi wo somfo so. Mayɛ nkwaseade.”
11Ade kyee no, Awurade asɛm baa odiyifo Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehufo nkyɛn se: 12“Kɔka kyerɛ Dawid sɛ, Sɛnea Awurade se ni: ‘Mede nsɛm abiɛsa reto wʼanim. Yi mu baako na menyɛ ntia wo.’ ”
13Enti Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kobisaa no se, “Ɔkɔm mmra wʼasase yi so mfe abiɛsa ana? Anaa, atamfo a wogu wo so no wubeguan wɔn asram abiɛsa? Anaa, ɔyaredɔm mmra wo man yi mu nnansa? Enti afei, dwene ho yiye, na ma minhu mmuae a memfa nkɔma Awurade.”
14Dawid ka kyerɛɛ Gad se, “Yɛwɔ ahohiahia mu. Momma yɛmfa yɛn ho nhyɛ Awurade nsa, efisɛ nʼadɔe dɔɔso; nanso mma me nkɔtɔ nnipa nsam.”
15Enti Awurade tow ɔyaredɔm guu Israel so anɔpa no ma edii nnansa. Na nnipa mpem aduɔson fii Dan kosi Beer-Seba wuwui. 16Bere a ɔbɔfo no reyɛ ahoboa akɔsɛe Yerusalem no, Awurade nuu ne ho wɔ asɛm no ho, na ɔka kyerɛɛ no se, “Eye! Gyae.” Saa bere no na Awurade bɔfo no adu Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.
17Bere a Dawid huu ɔbɔfo no, ɔka kyerɛɛ Awurade se, “Me na mayɛ bɔne. Eyinom de wonnim ho hwee, dɛn na wɔayɛ? Ma wo bɔfo nsɛe me ne me fifo.”
Dawid Si Afɔremuka
18Da no, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Kɔ na kosi afɔremuka ma Awurade wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.”
19Na Dawid kɔyɛɛ nea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. 20Bere a Arauna huu sɛ ɔhene ne ne mmarima reba no, opue bɛkotow ɔhene, de nʼanim butuw fam.
21Arauna bisae se, “Adɛn nti na woaba, me wura?”
Dawid buae se, “Merebɛtɔ awiporowbea hɔ, na masi afɔremuka wɔ hɔ ama Awurade, sɛnea Awurade bɛma ɔyaredɔm no agyae.”
22Arauna ka kyerɛɛ Dawid se, “Me wura fa na fa yɛ nea wopɛ. Nantwi a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre ni. Wubetumi de awiporowbea nnua ne nantwi mpamho nnua no ayɛ nnyina wɔ afɔremuka no so. 23Mede ne nyinaa bɛma wo, na mesrɛ se, Awurade, wo Nyankopɔn nnye afɔre yi.”
24Na ɔhene no buaa Arauna se, “Dabi da, mepɛ sɛ mɛtɔ, na merentumi mmɔ ɔhyew afɔre mma Awurade, me Nyankopɔn, a mammɔ ho ka biara.”
Enti Dawid tuaa dwetɛ bɛyɛ gram ahannum aduoson anum (575) de tɔɔ awiporowbea ne nantwi no. 25Dawid sii afɔremuka wɔ hɔ maa Awurade, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre hɔ. Na Awurade tiee ne mpaebɔ maa ɔyaredɔm no gyaee.