Ahemfo
Nhoma A Edi Kan
1Dawid Nkwakoraabere
1Bere a Ɔhene Dawid bɔɔ akwakoraa posoposo no, sɛ wɔde ntama ahe kuru ne ho koraa a, entumi nka no hyew koraa. 2Enti nʼafotufo kae se, “Momma yɛmpɛ ɔbabun bi mma ɔhene na ɔtena ne ho nhwɛ no. Ɔbɛda ne kokom, na ama yɛn wura ɔhene ho ayɛ no hyew.”
3Enti wokyin ɔman no mu nyinaa, hwehwɛɛ ɔbea hoɔfɛfo bi. Wokonyaa Abisag a ofi Sunam, na wɔde no brɛɛ ɔhene no. 4Na ɔyɛ ɔbabea hoɔfɛfo, na ɔno na ɔbɛhwɛɛ ɔhene. Nanso ɔhene no amfa ne ho anka no.
Adoniya Si Ne Ho Hene
5Saa bere no mu Dawid babarima Adoniya1.5 Adoniya na na ɔyɛ Dawid babarima a ɔto so anan (2 Sam 3.4) a na wadi bɛyɛ mfe aduasa anum. Na Amnon, Absalom ne Kileab (a owui ne mmofraase no) nyinaa awuwu. a na wɔfrɛ ne na Hagit no yɛɛ ahomaso kaa se obesi ne ho hene, ahyɛ nʼagya a wabɔ akwakoraa no anan mu. Enti ɔyɛɛ nteaseɛnam, pɛɛ apɔnkɔ kaa ho. Ɔpɛɛ mmarima aduonum, twee nteaseɛnam no ne apɔnkɔ no dii nʼanim. 6Na nʼagya, ɔhene Dawid, nteɛɛ no da, mpo sɛ obebisa no se, “Dɛn na woreyɛ yi?” Na Adoniya yɛ ɔbarima hoɔfɛfo. Ɔno na na odi Absalom akyi wɔ awo mu.
7Adoniya gyee Seruia1.7 Na Seruia yɛ Dawid nuabea. babarima Yoab ne ɔsɔfo Abiatar1.7 Na Abiatar yɛ Ahimelek nenabarima. too mu, na wɔn nso penee sɛ wɔbɛboa no ama wadi ɔhene. 8Na wɔn a wɔtaa Dawid akyi, na wɔampɛ sɛ wɔboa Adoniya na odi hene no bi ne ɔsɔfo Sadok, Yehoiada babarima Benaia, odiyifo Natan, Simei, Rei ne Dawid ho bammɔfo.
9Adoniya kɔɔ Sohelet Bo a ɛbɛn En-Rogel asuti ho. Ɛhɔ na ɔde nguan, anantwi ne anantwi mma bɔɔ afɔre. Ɔtoo nsa frɛɛ ne nuabarimanom nyinaa, ɔhene Dawid mmabarima no, ne Yuda adehye mpanyimfo. 10Nanso wamfrɛ odiyifo Natan anaa Benaia anaa ɔhene ho bammɔfo anaa ne nuabarima Salomo.
11Na odiyifo Natan kɔɔ Batseba a ɔyɛ Salomo na no nkyɛn kobisaa no se, “Wunim sɛ Hagit babarima Adoniya asi ne ho hene a yɛn wura Dawid mpo nnim ho hwee? 12Sɛ wopɛ sɛ wunya wo ti didi mu, na wugye wo babarima Salomo nso nkwa a, tie mʼafotu yi. 13Kɔ ɔhene Dawid nkyɛn ntɛm so, na kobisa no se, ‘Me wura, ɛnyɛ wo na wohyɛɛ me bɔ sɛ, me babarima Salomo na da bi obedi wʼade sɛ ɔhene, na watena wʼahengua no so? Na adɛn nti na Adoniya ayɛ ɔhene?’ 14Na bere a wugu so ne no rekasa no, mɛba abesi asɛm biara a woaka no so dua.”
15Na Batseba kɔɔ ɔhene pia mu. Afei, na wabɔ akwakoraa posoposo a Abisag na na ɔhwɛ no. 16Batseba kotow no, na ɔhene no bisaa no se, “Dɛn na menyɛ mma wo?”
17Obuaa no se, “Me wura, wugyina Awurade, wo Nyankopɔn, anim hyɛɛ me bɔ sɛ, me babarima Salomo na obedi wʼade, na watena wʼahengua so. 18Nanso mprempren de, Adoniya na wabɛyɛ ɔhene foforo a mpo, wunnim ho hwee. 19Ɔde anantwi ne anantwi mma a wɔadodɔ srade ne nguan abɔ afɔre. Na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmabarima nyinaa ne ɔsɔfo Abiatar ne Yoab a ɔyɛ asraafo no sahene no. Nanso wanto nsa amfrɛ wo somfo Salomo bi. 20Na me wura ɔhene, Israel nyinaa retwɛn nea wobɛkyerɛ sɛ onni wʼade sɛ ɔhene. 21Na sɛ woanyɛ biribi na sɛ wunya kɔ wo kra akyi pɛ a, wɔbɛyɛ me ne me ba Salomo sɛ amumɔyɛfo.”
22Ogu so ne no rekasa no ara pɛ na, odiyifo Natan beduu hɔ. 23Ɔhene afotufo no ka kyerɛɛ no se, “Odiyifo Natan aba ha, na ɔpɛ sɛ ohu wo.” Natan kɔɔ mu kɔkotow ɔhene no.
24Obisae se, “Me wura, woayɛ wʼadwene sɛ Adoniya na onni wʼade, na ɔntena wʼahengua so ana? 25Nnɛ, ɔde anantwi, anantwi mma a wɔadodɔ srade ne nguan abɔ afɔre, na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmabarima nyinaa maa wɔbaa afahyɛ no ase. Ɔfrɛɛ Yoab a ɔyɛ asraafo so sahene no ne ɔsɔfo Abiatar nso. Merekasa yi, wɔne no redidi, nom, teɛteɛ mu se, ‘Ɔhene Adoniya nkwa so!’ 26Na me a meyɛ wo somfo no, wanto nsa amfrɛ me; saa ara nso na wamfrɛ ɔsɔfo Sadok, Yehoiada babarima Benaia ne Salomo nso. 27Ɛyɛ nokware sɛ me wura ayɛ saa a wamma nʼasomfo no mu biara ante onipa a obedi nʼade sɛ ɔhene no ho hwee?”
Dawid Si Salomo Ɔhene
28Dawid kae se, “Momfrɛ Batseba mma me.” Na ɔbaa ɔhene anim begyinaa hɔ.
29Na ɔhene hyɛɛ bɔ se, “Mmere dodow a Awurade a ogyee me fii ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu da so te ase yi, 30nnɛ, mehyɛ mmara sɛ, wo babarima Salomo na obedi ade sɛ ɔhene, na ɔbɛtena mʼahengua so, sɛnea mekaa ntam kyerɛɛ wo wɔ Awurade, Israel Nyankopɔn, anim no.” 31Na Batseba san kotow no bio, na ɔteɛɛ mu se, “Me wura, ɔhene Dawid, ntena ase afebɔɔ!”
32Na ɔhene Dawid hyɛɛ se, “Momfrɛ ɔsɔfo Sadok, odiyifo Natan ne Yehoiada babarima Benaia mma me.” Wɔbaa ɔhene anim no, 33ɔhene ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa Salomo ne me mpanyimfo no nkɔ Gihon asuti no ho. Salomo ntena mʼafurumpɔnkɔ so. 34Ɛhɔ na ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan bɛsra no ngo sɛ Israelhene. Monhyɛn torobɛnto, na monteɛteɛ mu se, ‘Ɔhene Salomo nkwa so!’ 35Na sɛ mosan de no ba ha a, ɔbɛtena mʼahengua so. Obedi mʼade sɛ ɔhene, efisɛ mayi no sɛ ɔnyɛ ɔhene wɔ Israel ne Yuda so.”
36Yehoiada babarima Benaia gyee so se, “Amen! Awurade a ɔyɛ me wura, ɔhene Nyankopɔn no mmara no mmra mu saa. 37Na Awurade nka Salomo ho sɛnea ɔkaa wo ho no, na Salomo ahenni nyɛ yiye nkyɛn wo de no mpo.”
38Enti ɔsɔfo Sadok, odiyifo Natan ne Yehoiada babarima Benaia ne ɔhene ho bammɔfo faa Salomo de no kɔɔ Gihon asuti no ho a, na Salomo te ɔhene Dawid afurumpɔnkɔ so. 39Ɛhɔ na ɔsɔfo Sadok faa ngotoa1.39 Ngo a wɔbɔ din wɔ ha yi yɛ ngo a wɔbɔɔ din wɔ Ɛksodɔs mu (2 Mose 30.22-33) no. fii ntamadan1.39 Ntamadan no yɛ ntamadan a Dawid yɛ maa Apam Adaka no. Nhyiamu Ntamadan a wosii no nweatam so no da so wɔ Gibeon (3.4; 2 Sam 6.17). kronkron mu hɔ behwie guu Salomo tirim. Afei, wɔhyɛn torobɛnto maa nnipa no nyinaa teɛteɛɛ mu se, “Ɔhene Salomo nkwa so!” 40Na nnipa no nyinaa san ne Salomo kɔɔ Yerusalem a wɔrebɔ mmɛn, di ahurusi. Na anigye ne ahosɛpɛw ne nteɛteɛmu no ano yɛɛ den ara kosii sɛ, wɔn nne no wosow asase.
41Adoniya ne nʼahɔho tee osebɔ ne nteɛteɛmu bere a wɔreyɛ awie wɔn aponto no. Yoab tee torobɛnto nne no, obisae se, “Na asɛm bɛn na asi? Na adɛn nso na kurow no mu ayɛ gyegyeegye yi?”
42Bere a ogu so rekasa no, Yonatan a ɔyɛ ɔsɔfo Abiatar babarima no kɔɔ hɔ. Adoniya ka kyerɛɛ no se, “Bra mu, efisɛ woyɛ onipa papa. Minim sɛ asɛm pa wɔ wʼano.”
43Yonatan buae se, “Dabi da! Mprempren ara, yɛn wura ɔhene Dawid, asi Salomo ɔhene. 44Ɔhene no maa ɔne ɔsɔfo Sadok, odiyifo Natan, Yehoiada babarima Benaia a ɔhene ho bammɔfo rebɔ wɔn ho ban, kɔɔ Gihon asuti ho. Wɔmaa no tenaa ɔhene afurumpɔnkɔ so, 45na Sadok ne Natan sraa no ngo sɛ ɔhene foforo. Wɔreba ara ni, na kurow mu no nyinaa agye bum ahokeka so. Gyegyeegye no nkyerɛase ara ne no. 46Afei, mprempren, Salomo te ahengua so sɛ ɔhene. 47Adehye mpanyimfo nyinaa kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn, kɔmaa no mo, kae se, ‘Onyankopɔn mma Salomo ahenni nhyeta nkyɛn wo de no, na Salomo ahemman nso nyɛ kɛse nsen wo de no!’ Na ɔhene sii ne ti ase yii Awurade ayɛ, bere a na ɔda ne mpa mu, 48na ɔkaa saa nsɛm yi, ‘Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn, a nnɛ da yi wayi obi sɛ ɔntena mʼahengua so wɔ bere a mete ase, na mihu nea ɛrekɔ so nyinaa.’ ”
49Ɛhɔ ara, Adoniya ahɔho no nyinaa de hu gyee bum, fii aponto no ase, na ntɛm so, obiara kɔɔ ne kwan. 50Na Adoniya no ankasa suro Salomo, enti oguan kɔɔ ntamadan kronkron no mu kosusoo mmɛn a esisi afɔremuka no so no mu. 51Ankyɛ na Salomo tee sɛ Adoniya akosuso mmɛn a esisi afɔremuka no so, na ɔresrɛ se, “Momma Salomo nsua nkyerɛ nnɛ yi ara, na wankum me!”
52Salomo buae se, “Sɛ obedi me nokware de a, wɔrenhaw no. Na sɛ wanyɛ saa de a, wobekum no.” 53Enti ɔhene Salomo frɛɛ Adoniya, na wɔde no fi afɔremuka no so kɔe. Ɔkotow ɔhene no, na Salomo ka kyerɛɛ no se, “Kɔ fie.”
2Dawid Ma Salomo Afotu A Etwa To
1Dawid rebewu no, ɔde adwuma hyɛɛ Salomo nsa sɛ:
2“Merekɔ faako a ɛsɛ sɛ da bi ɔteasefo biara kɔ, enti yɛ den na kyerɛ wo mmaninyɛ, 3na yɛ nea Awurade, wo Nyankopɔn, hwehwɛ sɛ woyɛ. Nantew nʼakwan so, na di ne mmara ne nʼahyɛde so sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose mmara no mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so wɔ biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkɔ nso. 4Sɛ woyɛ eyi a na Awurade bedi ne bɔ a ɔhyɛɛ me no so se, ‘Sɛ wʼasefo hwɛ wɔn asetena, na wofi wɔn koma ne wɔn kra nyinaa mu nantew nokware mu wɔ mʼanim a, wɔn mu baako bɛtena Israel ahengua no so.’
5“Wunim se Seruia babarima Yoab kum mʼakofo asahene baanu no a ɛyɛ Ner babarima Abner ne Yeter babarima Amasa no. Okunkum wɔn, hwiee wɔn mogya gui, asomdwoe bere mu a ɛnyɛ ɔko bere mu, na ɔde wɔn mogya kekaa nʼabɔso a ɛbɔ nʼasen mu ne ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan so. 6Wo ne no nni, na mma no mfa ne ti dwen nkɔ ɔda mu asomdwoe mu.
7“Na yɛ Barsilai a ofi Gilead no mmabarima adɔe, na ma wɔnka wɔn a wodidi wɔ wo didipon so no ho. Bere a miguan fii wo nuabarima Absalom ho no, wɔyɛɛ me adɔe.
8“Kae Gera Benyaminni a ofi Bahurim no babarima Simei. Ɔdomee me denneennen, da a mereguan akɔ Mahanaim no. Na obehyiaa me wɔ Yordan no, mede Awurade din kaa ntam sɛ, Merenkum no. 9Nanso ntam no mma onni bem. Woyɛ onyansafo na wubehu ɔkwan a wobɛfa so aka ne mogya agu.”
10Na Dawid wui, na wosiee no wɔ Dawid kurom. 11Odii hene wɔ Israel mfe aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, odii Hebron so mfe ason na Yerusalem nso, odii ade mfe aduasa abiɛsa. 12Enti Salomo tenaa nʼagya Dawid ahengua so, na nʼadedi ase timii yiye.
Salomo Yɛ Nʼahenni Nhyehyɛe
13Na Hagit babarima Adoniya kɔɔ Salomo ne na Batseba nkyɛn. Batseba bisaa no se, “Wobaa no asomdwoe so ana?”
Obuaa no se, “Ɛyɛ asomdwoe so.” 14Na ɔka kaa ho se, “Mepɛ sɛ woyɛ me adɔe bi.”
Na Batseba bisae se, “Adɔe bɛn.”
15Adoniya kae se, “Sɛnea wunim no, na ahemman no yɛ me dea. Na Israel nyinaa hwɛ me kwan sɛ wɔn hene. Nanso nneɛma sesae, na ahemman no kɔɔ me nuabarima nkyɛn, efisɛ Awurade pɛ no saa. 16Mprempren, ade baako na mepɛ sɛ mesrɛ wo. Mfa nkame me.”
Ɔkae se, “Wutumi ka.”
17Na ɔtoaa so se, “Kɔsrɛ ɔhene Salomo ma me, na ɔremfa dekode no nkame wo. Ka na ɔmfa Abisag Sunamni no mma me sɛ me yere.”
18Na Batseba buae se, “Eye mɛka ho asɛm akyerɛ ɔhene ama wo.”
19Enti Batseba kɔɔ ɔhene Salomo nkyɛn sɛ ɔrekɔkasa ama Adoniya. Ɔhene no sɔree sɛ ɔrebehyia no, bɔɔ ne mu ase ansa na ɔretena nʼahengua so. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa agua mmrɛ ɔhene na, na ɔtenaa ɔhene nifa so.
20Ɔka kyerɛɛ ɔhene se, “Mewɔ ade ketewaa bi srɛ wo, na mfa nkame me.”
Ɔhene no buaa no se, “Ka, me na. Meyɛ ama wo.”
21Enti ɔkae se, “Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nuabarima Adoniya aware.”
22Ɔhene Salomo bisaa ne na se, “Adɛn nti na wopɛ sɛ Adoniya ware Sunamni Abisag? Ɛno de, sɛ wubebisa ahemman nso ama no. Wunim sɛ ɔyɛ me nua panyin na ɔsɔfo Abiatar ne Seruia babarima Yoab nso boa no!”
23Na ɔhene Salomo de Awurade din kaa ntam se, “Sɛ Adoniya amfa ne nkwa antwa saa abisade yi so a, Onyankopɔn ne me nni no dennen so pa ara. 24Na mprempren de, mmere dodow a Awurade te ase yi, ɔno a watim mʼase wɔ mʼagya Dawid ahengua so, na wabɔ me fie ahenni mu nnidiso atenase ama me, sɛnea ɔhyɛɛ me bɔ no, Adoniya de, twa ara na etwa sɛ owu nnɛ yi ara.” 25Enti, Salomo hyɛɛ Yehoiada babarima Benaia sɛ onkum no, na okum Adoniya.
26Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar se, “San kɔ wo kurom Anatot. Wofata sɛ wuwu, nanso merenkum wo mprempren, efisɛ, wosoaa Awurade Tumfo Adaka no maa mʼagya, na wo ne no nyinaa na muhuu amane wɔ nʼabɛbrɛsɛ nyinaa mu.” 27Enti Salomo nam so dii mmara a Awurade hyɛɛ wɔ Silo fa Eli asefo ho no so.
28Ɛwɔ mu, mfiase no na onni Absalom akyi, nanso Yoab de ne ho kɔdɔm Adoniya atuatew no. Bere a Yoab tee Adoniya wu no, otuu mmirika kɔɔ Awurade ntamadan kronkron no mu, na okosusoo mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no mu. 29Bere a ɔhene Salomo tee asɛm yi, ɔsomaa Yehoiada babarima Benaia sɛ onkokum no.
30Na Benaia kɔɔ Awurade ntamadan kronkron no mu kɔka kyerɛɛ Yoab se, “Ɔhene se fi adi.”
Nanso Yoab buae se, “Dabi, mewu wɔ ha.”
Enti Benaia san kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkaa asɛm a Yoab aka no kyerɛɛ no.
31Ɔhene no tee asɛm a Yoab kae no, ɔka kyerɛɛ Benaia se, “Yɛ nea ɔkae no. Kum no wɔ afɔremuka no ho, na sie no. Eyi beyi adwenhare mogyahwiegu ho afɔdi afi me ne mʼagya fifo so. 32Na Awurade betua no kum a okum mmarima atreneefo ankasa baanu a na woye sen no no so ka. Na mʼagya nnim Ner babarima Abner a na ɔyɛ Israel asraafo so sahene ne Yeter babarima Amasa a na ɔno nso yɛ Yuda asraafo so sahene no wu ho hwee. 33Yoab ne nʼasefo de, saa awudi ahorow yi ho afɔdi ntena wɔn so, na Awurade mma Dawid ne nʼasefo ne nʼahengua asomdwoe afebɔɔ!”
34Enti Yehoiada babarima Benaia san kɔɔ ntamadan kronkron no mu, kokum Yoab, na wosiee Yoab2.34 Na wosie nnipa wɔ wɔn ankasa nsase so, efisɛ na ɔman amusiei nni hɔ saa bere no. wɔ ne kurom wuram baabi. 35Na ɔhene no yii Yehoiada babarima Benaia sɛ onsi Yoab anan sɛ ɔsahene. Na oyii ɔsɔfo Sadok de no sii Abiatar anan mu.
36Ɔhene no soma ma wɔkɔfrɛɛ Simei ka kyerɛɛ no se, “Si ofi wɔ Yerusalem ha na tena mu. Na mfi kurow no mu nkɔ baabiara. 37Na da a wubetwa Kidron bon no, wubewu; na wo mogya begu wʼankasa wo ti so.”
38Na Simei buae se, “Wʼatemmu no yɛ kronkron. Biribiara a me wura ɔhene bɛhyɛ sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” Enti Simei tenaa Yerusalem kyɛe yiye.
39Na mfe abiɛsa akyi no, Simei asomfo baanu guan kɔɔ Gathene2.39 Gat wɔ Filisti. Akis, Maaka babarima nkyɛn. Bere a Simei huu faako a wɔwɔ no, 40ɔhyehyɛɛ nʼafurum, kɔɔ Gat, kɔhwehwɛɛ wɔn. Ohuu wɔn no, ɔde wɔn san baa Yerusalem.
41Salomo tee sɛ Simei afi Yerusalem akɔ Gat asan aba no, 42ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Simei bae, na obisaa no se, “Mamma woanka ntam Awurade din mu sɛ, worenkɔ baabiara, na sɛ anyɛ saa a, wubewu? Na wubuae se, ‘Atemmu no yɛ kronkron; na medi asɛm a woaka no so.’ 43Adɛn nti na woanni wo ntam no so amma Awurade, na woanyɛ mʼahyɛde?”
44Na ɔhene no ka kaa ho se, “Akyinnye biara nni ho sɛ wokae amumɔyɛ a woyɛɛ mʼagya, ɔhene Dawid. Awurade bɛtwe wʼaso wɔ ho. 45Na me de, menya Awurade nhyira, na daa Dawid aseni atena ahengua no so.”
46Na ɔhene no hyɛɛ Yehoiada babarima Benaia ma ɔfaa Simei de no fii adi kokum no.
Enti ahemman no tim wɔ Salomo nsam.
3Salomo Srɛ Nyansa
1Salomo ne Misraimhene Farao yɛɛ apam, nam so waree ne babea. Ɔde no bɛtenaa Dawid kurom, kosii sɛ osii nʼahemfi sii Awurade Asɔredan, na ɔtoo Yerusalem ho fasu nso wiei. 2Saa bere no mu, na Israelfo bɔ afɔre wɔ sorɔnsorɔmmea, efisɛ na wonsii asɔredan, mfaa Awurade din ntoo so ɛ. 3Salomo kyerɛɛ ne dɔ a ɔwɔ ma Awurade, efisɛ na ɔnam nʼagya Dawid nkyerɛkyerɛ anammɔn so pɛpɛɛpɛ. Mmom na ɔbɔ afɔre wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, hyew aduhuam wɔ hɔ nso.
4Gibeon na na afɔremuka no mu atitiriw wɔ, ɛhɔ na Salomo kɔbɔɔ ɔhyew afɔre apem wɔ afɔremuka so. 5Anadwo no, Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Salomo wɔ dae mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Dɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo.”
6Salomo kae se, “Woada adɔe kɛse pa ara adi akyerɛ mʼagya Dawid, efisɛ na odi wo nokware, yɛ ɔtreneeni a ne koma mu nso da hɔ. Woatoa so ayɛ no saa adɔe kɛse yi ara, na nnɛ yi ara, woama no ɔbabarima sɛ ɔntena nʼahengua nso so.
7“Afei, Awurade, me Nyankopɔn, woasi wʼakoa ɔhene,3.7 Salomo dii ade sɛ ɔhene no, na wadi bɛyɛ mfe aduonu. sɛ minsi mʼagya Dawid anan mu, nanso meyɛ abofra ketewaa bi a minnim sɛnea mesi ayɛ mʼadwuma. 8Ɛha na wʼakoa abedu wɔ nnipa a woapaw wɔn no mu; nnipa a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn. 9Ɛno nti, ma wʼakoa nhumu koma a obetumi de adi wo nkurɔfo so, na obetumi ahu papa ne bɔne ntam nsonoe. Na hena koraa na ɔno nko ara betumi adi saa ɔman a wodi mu, a wɔyɛ wo de yi so?”
10Awurade ani sɔɔ Salomo mmuae no, na nʼani gyee sɛ obisaa nyansa. 11Enti Awurade buae se, “Esiane sɛ woabisa nyansa a wode bedi me manfo so, na woammisa nkwa tenten anaa sika amma wo ho anaa woammisa sɛ wo tamfo bi nwu no nti, 12mede nea woabisa no bɛma wo. Mɛma wo nyansa ne ntease a obiara nnyaa bi da, na obiara nso renya bi da. 13Na nea woammisa no nso, mede bɛka wo ho—sika ne anuonyam. Na ɔhene biara a ɔwɔ wiase nso rentumi mfa ne ho nto wo ho, wo nkwa nna nyinaa mu. 14Na sɛ wudi mʼakyi, na wudi me mmara so sɛ wʼagya Dawid a, mɛma wo nkwa tenten.” 15Na Salomo nyanee, na ohuu sɛ ɛyɛ dae. Ɔkɔɔ Yerusalem kogyinaa Awurade Apam Adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na ohyiaa ne mpanyimfo nyinaa, too wɔn pon.
Salomo Bu Atɛntrenee
16Akyiri no, mmea nguamanfo baanu bi baa ɔhene no nkyɛn, pɛɛ sɛ ɔka wɔn asɛm bi ma wɔn. 17Wɔn mu baako fitii ase se, “Me wura, mesrɛ wo meka se, saa ɔbea yi ne me te fi koro mu. Mewoo ɔba bere a ɔne me te fie hɔ. 18Nnansa akyi no, ɔno nso woo ba. Na yɛn nko ara na yɛte fie hɔ a obiara nka yɛn baanu no ho.
19“Nanso anadwo no, ɔpere kɔdaa ne ba no so, kum no. 20Na ɔsɔree anadwo no faa me ba fii me nkyɛn bere a mada no. Ɔde ne ba a wawu no too me basa so, na ɔfaa me de no kɔtoo ne nkyɛn, ma ɔdae. 21Ade kyee a mepɛɛ sɛ mema me ba no nufu no, na wawu. Nanso anim tetew kakra a mehwɛɛ abofra no yiye no, mihuu sɛ ɛnyɛ me ba no koraa.”
22Ɛhɔ ara na ɔbea baako no gyee hwanyan kae se, “Abofra a wawu no yɛ wo ba no, ɛnna nea onwui no nso yɛ me de no.”
Ɛnna ɔbea a odi kan no nso se, “Dabi da, nea wawu no yɛ wo ba no, na nea onwui no nso yɛ me de no.” Enti wɔtwee asɛm no saa ara wɔ ɔhene no anim.
23Ɔhene no kae se, “Momma yɛmpɛ asɛm no mu nokware yiye. Mo baanu nyinaa, obiara se abofra a onwui no yɛ ne dea, na abofra a wawu no de, ɔnyɛ obiara dea.
24“Sɛ saa na ɛte de a, mommrɛ me afoa.” Enti wɔde afoa brɛɛ ɔhene no. 25Afei, ɔkae se, “Mompae abofra a onwui no mu abien, na momfa fa mma mmea no mu biara.”
26Na ɔbea a nokware, ɔyɛ abofra a ɔte ase no na a ɔpɛ ne ba yi asɛm yiye no teɛteɛɛ mu se, “Ao! Dabi me wura! Fa abofra no ma no. Mesrɛ wo nkum no!”
Nanso ɔbea baako no kae se, “Eye, ɛbɛbɔ yɛn baanu nyinaa. Kyɛ ne mu ma yɛn!”
27Ɛhɔ na ɔhene no kae se, “Munnkum no, na mmom, momfa abofra no mma ɔbea a ɔpɛ sɛ abofra no tena ase no, na ɔno ne ne na no.”
28Ɔhene yi atemmu no trɛw faa Israel mmaa nyinaa, na ɔmanfo no ho dwiriw wɔn wɔ nyansa a Onyankopɔn de ama no, a ɛma no bu atɛntrenee no ho.
4Salomo Mpanyimfo Ne Amradofo
1Enti Ɔhene Salomo dii Israel nyinaa so hene.
2Na eyinom ne ne mpanyimfo:
Sadok babarima Asaria4.2 Na Asaria yɛ Ahimaas babarima na Ahimaas nso yɛ Sadok a na ɔyɛ ɔsɔfo no babarima.
3Sisa mmabarima Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ asennii akyerɛwfo no.
Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehye abakɔsɛm kyerɛwfo.
4Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ asraafo so sahene no;
Sadok ne Abiatar na na wɔyɛ asɔfo.
5Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansin amradofo titenani.
Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfo no, na na ɔyɛ ɔhene fotufo a ɔde ne ho to ne so.
6Ahisar na na ɔyɛ ahemfi sohwɛfo.
Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfo so.
7Na Salomo wɔ amansin amradofo dumien wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wogye nnuan fi ɔmanfo nkyɛn de kɔma ahemfifo. Wɔn mu biara hwɛ di saa dwuma yi ɔsram baako wɔ afe biara mu.
8Saa amradofo dumien no din na edidi so yi:
Na Ben-Hur wɔ Efraim bepɔw asase so.
9Na Ben-Deker hwɛ Makas, Saalbim, Bet-Semes ne Elon-Bet-Hanan so.
10Na Ben-Hesed hwɛ Arubot a Soko ne nsase a ɛwɔ Hefer nyinaa ka ho no so.
11Na Ben-Abinadab wɔ Nafat-Dor. (Ɔwaree Salomo babea Tafat).
12Na Ahilud babarima Baana hwɛ Taanak ne Megido ne Bet-Sean a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel anafo ne nkurow a efi Bet-Sean, de kosi Abel-Mehola, tra kosi Yokmeam akyi no so.
13Na Ben-Geber wɔ Ramot-Gilead, a Yair nkurow a wɔde too Manase babarima Yair a ɛwɔ Gilead ka ho, wɔ Argob mantam a ɛwɔ Basan a nkuropɔn aduosia a wɔde kɔbere apon asisi ano no ka ho.
14Na Ido babarima Abinadab wɔ Mahanaim.
15Na Ahimaas wɔ Naftali. Ɔno nso waree Salomo babea Basmat.
16Na Husai babarima Baana wɔ Aser ne Alot.
17Na Parua babarima Yehosafat wɔ Isakar.
18Na Ela babarima Simei wɔ Benyamin.
19Na Uri babarima Geber wɔ Gilead asase so a Amorihene Sihon ne Basanhene Og amantam ka ho. Na amrado baako pɛ na ɔhwɛ Yuda asase so.
Salomo Nkɔso Ne Nyansa
20Na nnipa a wɔwɔ Yuda ne Israel no dodow te sɛ mpoano nwea. Nea wonya di ne nea wonya nom no, na wɔn ani sɔ. 21Salomo dii ahemman4.21 Salomo ahemman ahye no ano kɔka faako a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no (1 Mose 15.18-21; 5 Mose 1.7; 11.24; Yos 1.4). nyinaa so, fi Asubɔnten Eufrate kosi Filistifo asase so, de kosi Misraim hye so. Na nnipa a wadi wɔn so wɔ saa nsase no so no de sonkahiri brɛ Salomo, na wɔkɔɔ so som no ne nkwanna nyinaa.
22Nnuan a na wohia daa wɔ Salomo ahemfi no yɛ asikresiam pa susukoraa ɔha ne aduonum ne atokosiam susukoraa ahaasa, 23anantwi a wɔadodɔ wɔ buw mu du, anantwi a wɔde wura ayɛn wɔn aduonu, nguan anaa mmirekyi ɔha, atwe, nnowa, awansan ne nkokɔ a wɔadodɔ. 24Na Salomo amantow no yɛ ahenni ahorow a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate atɔe fam nyinaa de fi Tifsa4.24 Tifsa yɛ kurow titiriw bi a ɛbɛn Asubɔnten Eufrate. Na saa kurow no hye ano si amantow no atifi apuei fam. Na Gasa ne Filistia a ɛbɛn Po Kɛse no nso yɛ anafo apuei hye ano. kosi Gasa. Na asomdwoe wɔ asase no so mmaa nyinaa. 25Salomo nkwa nna mu nyinaa, Yuda ne Israel nyaa bammɔ tenaa ase asomdwoe mu. Na efi Dan kosi Beer-Seba no, na abusua biara wɔ ne fi ne ne bobe ne borɔdɔma mfikyifuw.
26Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem anan ma ne nteaseɛnam apɔnkɔ ne apɔnkɔ mpem dumien.
27Amansin mu amradofo na na wɔma ɔhene Salomo ne nʼasennii nnuan pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn ɔsram ɔsram nnuanma no mu. 28Na wɔde atoko ne sare a ɛho hia brɛ adehye apɔnkɔ no wɔ wɔn nnae.
29Onyankopɔn maa Salomo nyansa, ntease ne nhumu a emu nni hwehwɛbea. 30Nokware, na ne nyansa no boro anyansafo a wɔwɔ apuei ne anyansafo a wɔwɔ Misraim nyinaa nyansa so. 31Na onim nyansa sen obiara a Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mmabarima no ka ho. Na ne din hyetaa wɔ aman a atwa ne ho ahyia no so. 32Obuu mmɛ mpem abiɛsa, na ɔkyerɛw nnwom apem ne anum. 33Na otumi ka afifide biara ho nsɛm, efi Lebanon sida so de kosi adwerɛ a efifi ɔfasu mpaapae mu so. Na otumi ka mmoa, nnomaa, mmoa a wɔwea fam ne nsumnam ho nsɛm nso. 34Enti na ahemfo a wɔwɔ aman afoforo so tu wɔn ananmusifo ba Salomo nkyɛn betie ne nyansasɛm no bi.
5Asɔredansi Ho Ahoboa
1Na Tirohene Huram yɛ ɔhene Dawid adamfo nokwafo, enti bere a ɔtee sɛ wɔasra Salomo ngo sɛ ɔhene sɛ onni nʼagya Dawid ade no, ɔsomaa nʼasomafo kɔɔ Salomo nkyɛn, kɔmaa no tirinkwa. 2Salomo de saa nkra yi maa sɛ wɔnsan mfa nkɔma Huram:
3“Wo ara wunim sɛ mʼagya Dawid antumi ansi asɔredan anhyɛ Awurade ne Nyankopɔn din anuonyam, esiane akokoakoko a ɔne aman a wɔatwa ne ho ahyia no dii nti. Wantumi anyɛ kosii sɛ Awurade de nʼatamfo hyɛɛ nʼanan ase. 4Nanso mprempren, Awurade, me Nyankopɔn ama me ahotɔ wɔ afa nyinaa, minni ɔtamfo biara na biribiara rekɔ yiye. 5Ne saa nti, mayɛ adwene sɛ mesi asɔredan ama Awurade, me Nyankopɔn sɛnea Awurade ka kyerɛɛ mʼagya Dawid se me na mɛyɛ no. ‘Wo ba a mede no bɛtena ahengua so, asi wʼanan mu no besi asɔredan ahyɛ me din anuonyam.’
6“Ɛno nti, hyɛ ma wonkotwa sida a efi Lebanon mmrɛ me. Me mmarima ne wo mmarima bɛyɛ adwuma, na akatua biara a wubegye ama wɔn no, metua. Wo ara wunim sɛ, obiara nkyɛn Sidonfo wɔ nnuabu mu.”
7Bere a Huram tee Salomo nkra no, nʼani sɔɔ yiye kae se, “Ayeyi nka Awurade nnɛ, efisɛ wama Dawid ɔba nyansafo sɛ ommedi saa ɔman kɛse Israel yi so.”
8Enti Huram de nkra kɔmaa Salomo se,
“Me nsa aka nkra a wode brɛɛ me no, na mɛyɛ wʼabisade a ɛfa nnua no ho no. Metumi de sida nnua ne ɔpepaw nnua abrɛ wo. 9Mʼasomfo de nnua no befi Lebanon mmepɔw so aba Po Kɛse so, na mɛma atentɛn afa po ani sɛnea wɔde ayɛ ɔkorow no, de akɔ baabiara a wobɛkyerɛ. Ɛno akyi no, yɛbɛsan mu na yɛde nnua no abrɛ wo. Wobɛma me fifo aduan, sɛnea mehwehwɛ no.”
10Huram faa saa ɔkwan yi so maa Salomo sida ne ɔpepaw nnua sɛnea ɔpɛ, 11na Salomo maa Huram fifo atoko tɔn 3,600 ne ngo kronkron galɔn 120,000. 12Na Awurade maa Salomo nyansa a emu dɔ, sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no. Na Huram ne Salomo yɛɛ asomdwoe apam.
13Na ɔhene Salomo kyerɛw adwumayɛfo mpem aduasa a wofi Israel nyinaa din. 14Ɔsomaa wɔn akuwakuw kɔɔ Lebanon. Ɔsram biara mu, nnipa mpem du kɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbarima baako biara bedi ɔsram baako wɔ Lebanon, na wadi asram abien wɔ fie. Adoniram na na ɔhwɛ saa adwumayɛfo yi so. 15Salomo nso faa nnesoasoafo mpem aduɔson; faa abopaefo mpem aduɔwɔtwe fi bepɔw asase no so, 16ne wɔn so sohwɛfo mpem ahaasa ne ahansia a wɔbɛhwɛ adwuma no so. 17Ɔhene no hyɛ ma abotwafo no paee, twaa aboɔdemmo no, yiyii ho sɛnea wɔde bɛhyɛ Asɔredan no fapem. 18Mmarima a wofi Gebal kuropɔn mu boaa Salomo ne Huram adansifo no, ma wosiesiee nnua ne abo no maa Asɔredan no si.
6Salomo Si Asɔredan No
1Mfe ahannan aduɔwɔtwe a wogyee Israelfo fii nkoasom mu wɔ Misraim no a na Salomo nso adi Israel so hene mfe anan no ɔsram Sif6.1 Ɔsram Sif no yɛ Kɔtɔnimma. Sif no yɛ ɔsram a ɔto so abien wɔ Yudafo asram mu. mu no, ofii ase sii Awurade Asɔredan no.
2Asɔredan a ɔhene Salomo si maa Awurade no tenten mu yɛ anammɔn aduɔkron, ne trɛw yɛ anammɔn aduasa na ne sorokɔ yɛ anammɔn aduanan anum. 3Ntwironoo a ɛda asɔredan no anim no tenten yɛ anammɔn aduasa, a ɛne asɔredan no ntrɛwmu yɛ pɛ. Na ne trɛw nso yɛ anammɔn dunum. 4Salomo yɛɛ mfɛnsere wɔ ɔfasu no soro hyiae. 5Asɔredan no fasu no akyi no nso, wosisii adan bebree bataa ho hyiae. 6Na ɛyɛ aban a ɛtoa so abiɛsa a ase dan no trɛw mu yɛ anammɔn ason ne fa. Aban a ɛto so abien no trɛw yɛ anammɔn akron na apampamu dan no trɛw yɛ anammɔn du ne fa. Wɔde mpuran a egugu dannua bi a ɛhyehyɛ ɔfasu no mu na aka adan no abatabata ɔfasu no ho. Enti ɛkyerɛ sɛ wɔamfa mpuran no anhyehyɛ ɔfasu no ankasa mu.
7Na abo a wɔde sii asɔredan no nso, wosiesiee ho wɔ abopaebea hɔ nti, ɔdan no si no, obi ante asae, pɛe anaa dade biara nnyigyei wɔ ɔdansibea hɔ.
8Na ɔkwan a wɔde kɔ ase adan no mu no da Asɔredan no anafo fam. Atrapoe kyinkyimii na wɔforo kɔ ɔdan a ɛto so abien no so na foforo nso wɔ adan a ɛto so abien ne abiɛsa no ntam. 9Wowiee asɔredan no si no, Salomo de nnua ne sida mpuran yɛɛ ani nsamso no. 10Sɛnea wɔaka no, na adan wowɔ ɔdan no afanan nyinaa a wɔnam sida so de abata Asɔredan no afasu no ho. Ɔdan no mu biara sorokɔ yɛ anammɔn ason.
11Na Awurade de saa asɛm yi brɛɛ Salomo se, 12“Saa Asɔredan a woresi yi de, sɛ woyɛ osetie ma me mmara nyinaa ne me nhyehyɛe, na wudi me hyɛ nsɛm so a, menam wo so bedi bɔ a mehyɛɛ wʼagya Dawid no so. 13Mɛtena Israel manfo mu, na merempa me nkurɔfo akyi da.”
Asɔredan No Mu Asiesie
14Na Salomo wiee asɔredan no si. 15Na emu nyinaa, efi fam kosi nsamso no, wɔde nnua na ɛkataa fasu no anim. Wɔde sida na ɛkataa ɔfasu no anim, na wɔde ɔpepaw kataa abrannaa no so. 16Otwaa mu, nyaa kronkronbea a ɛhɔ yɛ kronkron mu kronkron wɔ asɔredan no ti mu hɔ pɛɛ. Na ɛhɔ ntwemu yɛ anammɔn aduasa a wɔde sida asam fam hɔ, de kosi ani nsɛmee no so. 17Asɔredan no ankasa a na ɛwɔ kronkron mu kronkron no akyi no, na ne tenten mu yɛ anammɔn aduosia. 18Wɔde sida na ɛsam abo afasu a ɛwɔ asɔredan no nyinaa so, na wosen ntoa fɛfɛ ne nhwiren de dii nsɛmee no ani adwinni.
19Salomo siesiee kronkron mu kronkron a ɛtoa asɔredan no so; faako a wɔde Awurade Apam Adaka no besi. 20Saa kronkron mu kronkron no, na ne tenten mu yɛ anammɔn aduasa na ne trɛw yɛ anammɔn aduasa, na ne sorokɔ nso yɛ anammɔn aduasa. Na Salomo de sikakɔkɔɔ6.20 Sikakɔkɔɔ no kyerɛ Onyankopɔn anuonyam. ankasa duraa nʼafasu ne ne nsamso no ho nyinaa. Saa ara na oduraa afɔremuka a wɔde sida ayɛ no ho. 21Afei, asɔredan no mu nkae no, ɔde sikakɔkɔɔ ankasa sam hɔ nyinaa, na ɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn de guu ɔkwan a wɔde kɔ kronkron mu kronkron hɔ, de bɔɔ hɔ ano ban. 22Enti ɔde sikakɔkɔɔ duraa Asɔredan no ho nyinaa,6.22 Ɔde sikakɔkɔɔ duraa aduhuamyɛfo afɔremuka no mu (7.48; 2 Mose 37.25-28). kronkron mu kronkron ne afɔremuka no nyinaa ho, de wiei.
23Kronkronbea mu hɔ, ɔde ngodua sen kerubim abien a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn dunum, de sisii hɔ. 24Kerubim baako biara ntaban mu trɛw yɛ anammɔn dunum a, ntaban baako biara tenten yɛ anammɔn ason ne fa. 25Na kerubim abien no nyinaa tebea ne wɔn kɛse yɛ pɛ 26a ɔbaako biara sorokɔ yɛ anammɔn dunum. 27Salomo de wɔn sisi bɛnee wɔn ho wɔn ho wɔ asɔredan kronkronbea mu hɔ. Wɔn ntaban mu trɛw no fi ɔfasu baako kɔka ɔfasu baako. Na wɔn ntaban a ɛwɔ ntam no hyia ɔdan no mfimfini. 28Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa kerubim abien no ho.
29Na kronkronbea mu afasu ne ɔdan mu no, odii adwinni a ɛyɛ kerubim mmedua ne nhwiren guu ho. 30Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa adan abien no abrannaa so.
31Ɔkwan a wɔfa so kɔ kronkronbea mu hɔ no, Salomo de ngodua yɛɛ apon abien a emu biara wɔ twɔtwɔw anum. 32Saa apon no ho nso, na wɔadi kerubim, mmedua ne nhwiren adwinni, na ne nyinaa nso, ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho. 33Afei, ɔde ngodua yɛɛ apongua a emu biara wɔ twɔtwɔw anan a wɔfa hɔ kɔ asɔredan no mu. 34Ɔde ɔpepaw nnua yɛɛ apon abien a wɔbobɔw, na wosii ɔpon no biara wɔ ɔkwan bi so sɛ, emu biara tumi bobɔw gu ɛno ara so. 35Wɔde kerubim, mmedua ne nhwiren adi saa apon yi ho adwinni, na wɔde sikakɔkɔɔ adura ho.
36Wosii adiwo hɔ afasu no a sida nnua mmeaso baako wɔ abo a wɔatwa ntotoso abiɛsa biara so.
37Wɔtoo Awurade Asɔredan fapem no ɔsram Sif (a ɛte sɛ Kɔtɔnimma) mfimfini a saa bere no na Salomo adi hene mfe anan no. 38Wowiee ɔdan no ho biribiara ɔsram Bul6.38 Ɔsram Bul no yɛ Yudafo ɔsram awotwe a ɛrekɔ Ahinime mu. mfimfini no a na wadi hene mfe dubaako. Enti mfe ason na wɔde sii asɔredan no.
7Salomo Si Nʼahemfi
1Salomo san sii ɔno ankasa nʼahemfi. Na mfirihyia dumiɛnsa na ɔde wiee ahemfi no si. 2Na wɔfrɛ Salomo adan no mu baako Lebanon Kwae Ahemfi.7.2 Na wɔfrɛ no Lebanon Kwae Ahemfi, efisɛ na wɔahyehyɛ sida adum no te sɛ kwae nnua. Na sida no fi Lebanon. Na ne tenten mu yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Ne trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum, na ne sorokɔ yɛ anammɔn aduanan anum. Na sida nsamso no mpuran no deda sida fadum anan a wɔatoto ahyehyɛ no tee no so. 3Na wɔabɔ sida nsɛmso a etweri mpuran aduanan anum a ɛno nso gugu afadum a wɔatoto, ahyehyɛ no ntentenso abiɛsa mu a, dunum na ɛwɔ ntentenso baako biara mu. 4Afasu no fa biara, mfɛnsere sesa so abiɛsa abiɛsa a edidi nhwɛanim. 5Apon no akwan nyinaa, wɔayɛ no ahinanan abiɛsa abiɛsa a edidi nhwɛanim.
6Osii afadum asa a ne tenten mu yɛ anammɔn aduɔson anum, na ne trɛw yɛ anammɔn aduanan anum. Na ntwironoo a wɔakuru so wɔ anim a esi afadum so.
7Na ahengua asa a na wonim no sɛ atemmu asa nso wɔ hɔ. Ɛhɔ na na Salomo tena di nsɛm. Na wɔde sida asam mu fi fam, de kosi nsamso so. 8Faako a na Salomo te no twa asennii a ɛwɔ asa no akyi no ho hyia. Ɔkwan koro no ara so na wɔfa de sii. Osii ne dan no sɛso de maa Farao babea a na ɔyɛ ne yerenom no mu baako.
9Abo akɛse a wɔatwa no pɛpɛɛpɛ a ne bo yɛ den yiye na wɔde sii saa adan no. 10Abo a wɔde too ɔdan no fapem no tenten mu yɛ anammɔn dunum, na bi nso tenten mu yɛ anammɔn dumien. 11Abo a ne bo yɛ den yiye a wɔde sii afasu no nso, na wɔasusuw, atwa no pɛpɛɛpɛ a sida mpuran nso ka ho. 12Adiwo kɛse no afasu no nso, wɔto de sida mpuran ntaaso baako biara too abo a wɔatwa ntaaso abiɛsa biara so, te sɛ afasu a ɛwɔ Awurade Asɔredan mfimfini mu hɔ a ntwironoo kwan ka ho.
Nneɛma A Wɔde Siesie Asɔredan No Mu
13Ɔhene Salomo bisaa ɔbarima bi a ofi Tiro a ne din de Huram ase sɛ omfi Tiro mmra, 14efisɛ na ɔyɛ odwumfo a onim kɔbere mfrafrae ho adwinne yiye. Na ne fa yɛ Israelni, efisɛ ne na yɛ okunafo a ofi Naftali abusua mu. Na nʼagya nso yɛ adwuma wɔ baabi a wɔnan nnade wɔ Tiro. Enti ɔbɛyɛɛ adwuma maa ɔhene Salomo.
15Huram twaa kɔbere mfrafrae afadum abien a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn aduonu ason, na ne afefarem nso yɛ anammɔn dunwɔtwe. 16Ɔde kɔbere mfrafrae yɛɛ afadum no apampam ntaaso a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn ason ne fa. 17Ntaaso biara nso, wɔde ɔtan a wɔanwen ason ne nkɔnsɔnkɔnsɔn na ahyehyɛ ho. 18Na ɔyɛɛ atoaa nsɛso a ɛsesa so tee abien bebaree ɔtan a wɔanwen no de siesiee ntaaso a ɛwɔ afadum no atifi. 19Ntaaso a ɛwɔ afadum a ɛwɔ ntwironoo no mu no, na wɔayɛ no sɛ sukooko a ne sorokɔ yɛ anammɔn asia. 20Ntaaso biara a na ɛwɔ afadum abien no so no nso, na atoaa nsɛso ahannu a wɔahyehyɛ no tee abien atwa ho ahyia a, ɛyɛ kurukuruwa a ɛtoa ɔtan a wɔanwen no so. 21Huram de afadum no sisii Asɔredan no kwan ano a baako kyerɛ anafo fam na baako nso kyerɛ atifi fam. Ɔtoo baako a ɛkyerɛ anafo fam no din Yakin (Ɔde tim) na nea ɛkyerɛ atifi fam no, ɔtoo no Boas (Ne mu na ahoɔden wɔ). 22Afadum no ntaaso no, wɔyɛɛ no sɛ sukooko. Saa na ɔyɛ de wiee afadum no ho adwuma.
23Afei, Huram twaa nsukorade kurukuruwa kɛse bi a efi ano kɔka ano no yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo ne din Po. Na emu tenten yɛ anammɔn ason ne fa, nʼafefare mu nso yɛ anammɔn aduanan anum. 24Na Po no wɔ nsɛsode a ɛte sɛ anantwi a atwa afa ano no ase ahyia. Anammɔn baako biara mu no, na anantwi sɛso asia wɔ so a wɔagu ama afra nsukorade no.
25Na Po no si nsiase a ɛyɛ kɔbere mfrafrae anantwi dumien sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔnten. Abiɛsa ani kyerɛ atifi fam. Abiɛsa ani kyerɛ atɔe fam. Abiɛsa kyerɛ anafo fam, na abiɛsa nso ani kyerɛ apuei fam. 26Na Po no afasu mu piw bɛyɛ nsateaato abiɛsa, na ano no trɛw te sɛ kuruwa, na na ɛte sɛ sukooko a apae. Na ebetumi akora nsu bɛyɛ galɔn mpem dubaako.
27Huram san yɛɛ nteaseɛnam du a wɔde twe nsu a emu biara tenten mu yɛ anammɔn asia na ne trɛw mu nso yɛ anammɔn asia, na ne sorokɔ yɛ anammɔn anan ne fa. 28Na sɛnea wɔyɛɛ nteaseɛnam no ne sɛ, ɛwowɔ ntetareho ntrantraa a wɔabram so. 29Wɔde gyata, anantwi ne kerubim a wɔasen siesiee ntetareho no ne nnade a wɔde bram ɔpon akyi no. Gyata no ne anantwi no so ne wɔn ase na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ, de asiesie wɔn. 30Na saa nteaseɛnam no mu biara wɔ kɔbere mfrafrae ntwahonan anan ne kɔbere mfrafrae ntwahodade. Na nteaseɛnam biara twɔtwɔw no wɔ nnyinaso afadum de ma kɔbere mfrafrae nsukorade no; saa nnyinaso no ho na wɔadi nhwiren a wɔahyehyɛ adwinni. 31Nteaseɛnam no biara wɔ nnyinaso kurukuruwa bi wɔ nʼatifi ma nsukorade no. Na ehwirew mu, kɔ soro bɛyɛ ɔnammɔn baako ne fa wɔ teaseɛnam no atifi te sɛ ntaamude kurukuruwa bi. Na ano a abue no yɛ anammɔn abien ne nsateaa abiɛsa. Ɛho no na wɔde nhwiren a wɔahyehyɛ adwinni asiesie. Na nteaseɛnam no ntetareho no yɛ ahinanan na ɛnyɛ kurukuruwa. 32Ntetareso no ase na ntwahonan anan a wɔde atoa ntwahodade so a wɔagu ne nyinaa atoa mu ayɛ baako no hyehyɛ. Na efi ntwahonan no dantaban ano kosi ano yɛ anammɔn abien ne nsateaa abiɛsa, 33a na ɛte sɛ teaseɛnam a ɛwɔ ntwahonan abien. Emu ntwahodade, mparow, hankare ne nea ɛhyɛ mfimfini no nyinaa, wɔde kɔbere mfrafrae na ɛyɛe.
34Na nsusomu nsa anan wowɔ nteaseɛnam no atwɔtwɔw anan no biara so a epuepue fi nteaseɛnam no so. 35Nteaseɛnam no mu biara atifi no na na hankare bi a ne trɛw yɛ nsateaa akron wɔ. Nsusomu no ne nkyɛnkyɛn ntetareho no nso, wɔagu ama ɛne teaseɛnam no atoa mu. 36Wɔde kerubim, gyata ne mmedua a wɔasen siesiee ntetareho no ne nnyinaso ahorow no ho baabiara a kwan wɔ. Na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ atwa ho nyinaa ahyia. 37Nsu nteaseɛnam du no, na ne nyinaa akɛse yɛ pɛ, na ne nyinaa sesɛ, na woguu ne nyinaa wɔ ade koro mu.
38Huram san yɛɛ kɔbere mfrafrae nsukorade du de maa nteaseɛnam no mu biara. Na nsukorade no mu trɛw yɛ anammɔn asia a etumi kora nsu gyare ahannu aduonu. 39Ɔhyehyɛɛ nsu nteaseɛnam no anum wɔ Asɔredan no anafo fam, na anum nso wɔ atifi fam. Wɔde Po no sii Asɔredan no anafo apuei fam twɔtwɔw so. 40Afei, ɔyɛɛ nkuku, sofi ne nsukorade a ɛho hia.
Ne korakora no, Huram wiee biribiara a ɔhene Salomo kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ wɔ Awurade Asɔredan no ho:
41Afadum abien,
afadumti a wɔayɛ no sɛ asuhina abien a esisi afadum no atifi,
ntweaban a wɔayɛ no sɛ atena abien a wɔde asiesie afadumti no,
42atoaa nsɛso ahannan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu ntaaso no so (atoaa a wɔahyehyɛ no ntenten so abien a biara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn ntaaso a egu afadum no atifi no so no),
43nsu nteaseɛnam du a nsukorade du sisi so,
44Po no ne anantwi dumien a ɛhyehyɛ ase,
45Nkuku, sofi ne nsukorade.
Na nkuku ne nkaka a Huram yɛ maa ɔhene Salomo de guu Awurade Asɔredan mu no nyinaa yɛ kɔbere mfrafrae a wɔapɔw ho. 46Ɔhene no ma woguu no wɔ kankua a na ɛwɔ Yordan tataw a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no so. 47Salomo ankari nkuku ne nkaka no, efisɛ na ɛdɔɔso dodo; na kɔbere mfrafrae no mu duru nso, wɔantumi ankari.
48Na Salomo de saa nneɛma yi nyinaa siesiee Awurade Asɔredan no mu:
sikakɔkɔɔ afɔremuka,
sikakɔkɔɔ kyerɛwpon a Ne Daa Nwɔhɔ brodo gu so,
49sikakɔkɔɔ kaneadua7.49 Na kaneadua baako a ɛwɔ mman ason na na ɛwɔ ntamadan no mu (2 Mose 25.31-40; 26.35). Salomo de akaneadua du sii anan. a anum sisi anafo fam,
na anum sisi atifi fam wɔ kronkron mu kronkron anim hɔ;
nhwiren a wɔde asiesie hɔ, akanea ne mpiakyiri a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ,
50nkuruwa, akanea adabaw, nsiso, nsanka ne nkankyee a wɔnoa mu nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ nko ara;
ɔkwan ano apon a ɛkɔ kronkron mu kronkron ne Asɔredan no mu ne anim nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho.
51Ɔhene Salomo wiee Awurade asɔredan no ho adwuma nyinaa. Na Salomo de akyɛde a nʼagya Dawid ato din no nyinaa a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nkuku ne nkaka ba bɛkoraa wɔ adekoradan mu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.
8Wɔde Apam Adaka No Ba Asɔredan Mu
1Afei, Salomo frɛɛ Israel mmusuakuw ne mmusua biara mu ntuanofo nyinaa, sɛ wonhyia wɔ Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ wɔfa Awurade Apam Adaka no fi baabi a ɛwɔ wɔ Dawid kurow a wɔfrɛ no Sion no mu, de ba baabi foforo wɔ Asɔredan mu hɔ. 2Wɔn nyinaa behyiaa wɔ ɔhene anim wɔ afirihyia afahyɛ a wɔfrɛ no Guankɔbea Afahyɛ no ase wɔ ɔsram Bul (bɛyɛ Ahinime) mu.
3Bere a ntuanofo no duu Israel no, asɔfo no maa adaka no so. 4Afei, asɔfo no ne Lewifo maa Awurade Adaka no ne Ntamadan no so, soa de kɔɔ Asɔredan no mu a ɛho nkuku ne nkaka a wɔatew ho no ka ho. 5Ɔhene Salomo ne Israelfo no nyinaa twaa nguan ne anantwi a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn, de bɔɔ afɔre wɔ adaka no anim.
6Afei, asɔfo no maa Awurade Apam Adaka no so, de kɔɔ Asɔredan no Kronkron mu Kronkron hɔ. Wɔde sii kerubim no ntaban ase. 7Kerubim no trɛw wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so, ma ɛyɛɛ sɛ kyinii wɔ Adaka no ne ne nnua a esuso mu no so. 8Na nnua a esuso mu no woware ara kosi sɛ, sɛ obi gyina Asɔredan no kwan a ɛwɔ anim dan kɛse a ɛyɛ kronkronbea no ano a, ohu, nanso sɛ ogyina akyi de a, onhu. Ne nyinaa da so wɔ hɔ besi nnɛ. 9Na biribiara nni Adaka no mu ka abo apon abien a Mose de guu mu wɔ Horeb no, faako a Awurade ne Israelfo yɛɛ apam, bere a wofii Misraim no.
10Asɔfo no refi Kronkron mu Kronkron hɔ no, omununkum bɛhyɛɛ Awurade Asɔredan no ma. 11Asɔfo no antumi antoa wɔn dwumadi no so, efisɛ Awurade anuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma.
Salomo Hyira Nnipa No
12Na Salomo bɔɔ mpae se, “Awurade, woaka se wobɛtena omununkum kabii mu. 13Nanso masi Asɔredan a ɛwɔ anuonyam ama wo a wubetumi atena mu afebɔɔ.”
14Na ɔhene no dan ne ho de kyerɛɛ Israelfo a wogyinagyina nʼanim no, hyiraa wɔn se, 15“Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn a wadi bɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so. 16Na ɔka kyerɛɛ mʼagya se, ‘Efi da a mede me nkurɔfo Israel fi Misraim bae no, manyi kurow biara wɔ Israel mmusuakuw no mu a ɛsɛ sɛ wosi asɔredan, de hyɛ me din anuonyam. Nanso mprempren, mayi Dawid sɛ onni hene wɔ me nkurɔfo so.’ ”
17Na Salomo kaa se, “Mʼagya Dawid pɛɛ sɛ osi Asɔredan yi de hyɛ Awurade, Israel Nyankopɔn din anuonyam. 18Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, ‘Eye sɛ wopɛ sɛ wusi Asɔredan de hyɛ me din anuonyam, 19nanso ɛnyɛ wo na wobɛyɛ. Mmom, wo mmabarima no mu baako na obesi.’
20“Na mprempren, Awurade ayɛ nea ɔhyɛɛ ho bɔ no, efisɛ madi ade sɛ ɔhene, asi mʼagya anan mu. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ Awurade, Israel Nyankopɔn din anuonyam. 21Na masiesie baabi wɔ hɔ ama Adaka a Awurade Apam a ɔne yɛn agyanom yɛɛ wɔ bere a oyii wɔn fii Misraim no.”
Salomo Mpaebɔ
22Na Salomo gyinaa hɔ, pagyaw ne nsa kyerɛɛ ɔsoro wɔ Awurade afɔremuka no anim wɔ Israelfo no nyinaa anim. 23Ɔbɔɔ mpae se,
“Awurade, Israel Nyankopɔn, Onyame biara nni hɔ a ɔte sɛ wo wɔ ɔsoro anaa asase so. Wudi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a enni awiei adi kyerɛ wɔn a wotie wo, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ wʼapɛde nso. 24Wo bɔ a wohyɛɛ wo somfo Dawid a ɔyɛ mʼagya no, woadi so. Wʼankasa wʼano na wode hyɛɛ bɔ no, na nnɛ, wonam wʼankasa wo nsa so ama aba mu.
25“Afei, Awurade, Israel Nyankopɔn kɔ so di wo bɔ a woahyɛ wo somfo, mʼagya Dawid, no so. Efisɛ woka kyerɛɛ no se, ‘Sɛ wʼasefo hwɛ wɔn abrabɔ yiye, sɛnea woayɛ yi a, daa wobedi Israel so.’ 26Enti afei, Israel Nyankopɔn, di bɔ a woahyɛ wo somfo, mʼagya Dawid no so.
27“Ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa mu wɔ asase so? Ɔsorosoro nohɔ mpo ntumi nkora wo, na ɛbɛyɛ dɛn na Asɔredan a masi yi betumi akora wo. 28Tie me mpaebɔ ne mʼadesrɛ, Awurade, me Nyankopɔn. Tie sufrɛ a wo somfo resu ne mpae a wo somfo rebɔ akyerɛ wo nnɛ. 29Hwɛ saa Asɔredan yi so, baabi a woaka sɛ wode wo din bɛto so no, awia ne anadwo. Daa, tie me mpae a mebɔ wɔ ha no. 30Tie mʼahobrɛase ne nokware abisade a efi me ne wo nkurɔfo Israelfo nkyɛn, bere a yɛrebɔ mpae wɔ beae ha no. Yiw, tie yɛn fi ɔsoro a wote hɔ no, na sɛ wote a, fa kyɛ.
31“Sɛ obi fom obi, na ɛho hia sɛ ɔka ho ntam sɛ onnim ho hwee wɔ afɔremuka no anim wɔ Asɔredan no mu a, 32ɛno de, tie fi ɔsoro, na bu wʼasomfo baanu no a ɛyɛ nea wɔabɔ no sobo no ne sobobɔfo no ntam atɛn. Nea odi fɔ no, twe nʼaso na gyaa nea odi bem no.
33“Sɛ atamfo di wo nkurɔfo Israel so, efisɛ wɔayɛ bɔne atia wo, na sɛ wɔdan ba wo nkyɛn, na wɔbɔ wo din frɛ wo, na wɔbɔ wo mpae wɔ Asɔredan mu ha a, 34ɛno de, tie fi ɔsoro, na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ma wɔnsan nkɔ asase a wode maa wɔn agyanom no so.
35“Sɛ ɔsoro mu to, na osu ntɔ, efisɛ wo nkurɔfo ayɛ bɔne atia wo, na afei, wɔbɔ mpae wɔ Asɔredan mu ha, bɔ wo din, ka wɔn bɔne, na wɔdan fi wɔn bɔne ho, efisɛ woatwe wɔn aso a, 36ɛno de, tie fi ɔsoro, na fa wʼasomfo, wo nkurɔfo Israelfo, bɔne kyɛ wɔn. Kyerɛ wɔn nea eye, na ma osu ntɔ ngu wʼasase a wode ama wo nkurɔfo sɛ wɔn agyapade sononko no so.
37“Sɛ ɔkɔm si asase no so anaa ɔyaredɔm ba so anaa nnɔbae nyarewa ba anaa mmoadabi ne asa begu nnɔbae so, anaa wo nkurɔfo atamfo ba asase no so betua wɔn nkurow a, sɛnea ɔhaw no te biara no, 38sɛ wo nkurɔfo bɔ mpae wɔ wɔn haw ne awerɛhow ho, na wɔpagyaw wɔn nsa wɔ asɔredan yi mu a, 39tie fi ɔsoro, nea wote hɔ, na fa kyɛ. Fa biribiara a eye ma wo nkurɔfo ma wɔn, na wo nko ara na wunim onipa koma mu. 40Na wobesuro wo, na wɔanantew wʼakwan so, mmere dodow a wɔte asase a wode maa yɛn agyanom no so.
41“Na sɛ ananafo te wo nka, na wofi akyirikyiri nsase so ba bɛsom wo din kɛse no a, 42wɔbɛte wo nka, wo nsɛnkyerɛnne akɛse no ne wo tumi ho asɛm, na sɛ wɔbɔ mpae wɔ saa asɔredan yi mu a, 43tie fi ɔsoro hɔ a wote no, na yɛ wɔn abisade ma wɔn. Na ɛbɛma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ahu, na wɔasuro wo, sɛnea wo ara wo nkurɔfo Israelfo yɛ no. Wɔn nso behu sɛ, wo din da saa Asɔredan a masi yi so.
44“Sɛ wohyɛ wo nkurɔfo ma wopue, kɔko tia wɔn atamfo, na sɛ wɔbɔ mpae, srɛ Awurade fa saa kurow yi a woayi yi, ne saa Asɔredan a masi de wo din ato so yi ho a, 45ɛno de, tie wɔn mpaebɔ fi ɔsoro, na yɛ wɔn abisade ma wɔn.
46“Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo a, na hena na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo befuw wɔn, na woama wɔn atamfo adi wɔn so, na wɔafa wɔn nnommum de wɔn akɔ ananasase a ɛwɔ akyiri anaasɛ ɛbɛn so. 47Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu san ba wo nkyɛn, bɔ mpae se, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumɔyɛsɛm ne atirimɔdensɛm,’ 48na sɛ wɔde wɔn koma ne wɔn kra nyinaa dan ba wo nkyɛn, na wɔbɔ mpae ma asase a wode maa wɔn agyanom no ho, saa kurow a woayi ne saa Asɔredan a masi de ahyɛ wo din anuonyam yi a, 49ɛno de, tie wɔn mpaebɔ fi ɔsoro baabi a wote hɔ. Yɛ wɔn apɛde ma wɔn, 50na fa wo nkurɔfo a wɔayɛ bɔne atia wo no bɔne kyɛ wɔn. Ma wɔn nnommumfafo nhu wɔn mmɔbɔ, 51efisɛ wɔyɛ wo nkurɔfo, wʼagyapade sononko a wuyii wɔn fii Misraim dadenan nyansramma mu.
52“Bue wʼani ma mʼabisade ne wo nkurɔfo Israelfo abisade. Bere biara a wobesu afrɛ wo no, tie wɔn, na gye wɔn so. 53Efisɛ bere a wuyii yɛn agyanom fii Misraim no, Otumfo Awurade, woka kyerɛɛ wo somfo Mose se, woatew Israel afi aman a aka nyinaa a ɛwɔ asase yi so ho sɛ, wɔnyɛ wʼagyapade sononko.”
Asɔredan No Anobue
54Bere a Salomo wiee saa mpaebɔ ne nʼabisade a ɔde dan Awurade no, ogyinaa Awurade afɔremuka anim, faako a na ɔtaa bu nkotodwe no, na ɔmaa ne nsa so kyerɛɛ ɔsoro. 55Ogyinaa hɔ teɛɛ mu, hyiraa Israelfo no se,
56“Ayeyi nka Awurade a wama ne nkurɔfo Israelfo ɔhome, sɛnea ɔhyɛɛ ho bɔ no. Trenee bɔ a ɔnam Mose so daa no adi no mu baako koraa nni hɔ a amma mu. 57Awurade, yɛn Nyankopɔn, nka yɛn ho sɛnea ɔkaa yɛn agyanom ho no; ɔrennyaw yɛn da biara da. 58Ɔmma yenya ɔpɛ a yɛde bɛyɛ nʼapɛde wɔ biribiara mu, na yenni mmara ne ahyɛde a ɔhyɛ de maa yɛn agyanom no nyinaa so. 59Na ma ɔnkae saa nsɛm a magyina so de abɔ saa mpae wɔ Awurade anim yi daa awia ne anadwo, sɛnea Awurade, yɛn Nyankopɔn, betie me ne Israelfo, na wayɛ nea ehia yɛn daa ama yɛn. 60Ma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa nhu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn, na onyame foforo biara nni hɔ. 61Na mo a moyɛ ne nkurɔfo no, nni Awurade, yɛn Nyankopɔn, no nokware daa. Munni ne mmara ne nʼahyɛde so daa, sɛnea moyɛ no nnɛ yi.”
62Na ɔhene no ne Israelfo a wɔka ne ho no bɔɔ afɔre maa Awurade. 63Salomo bɔɔ asomdwoe afɔre maa Awurade. Nʼafɔrebɔde no yɛ anantwi mpem aduonu abien ne nguan mpem ɔha aduonu. Na ɔhene no ne Israel nyinaa daa Asɔredan no adi, de maa Awurade.
64Saa da no ara, ɔhene no tew Asɔredan no adiwo no mfimfini a ɛka Awurade Asɔredan ho no ho. Ɔbɔɔ ɔhyew afɔre, atoko afɔre ne asomdwoe afɔre ho srade no wɔ hɔ, efisɛ na kɔbere mfrafrae afɔremuka a ɛwɔ Awurade anim no sua dodo sɛ ebetumi akora afɔrebɔde bebree.
65Na Salomo ne Israel nyinaa bɔɔ mu, dii Guankɔbea Afahyɛ wɔ Awurade, wɔn Nyankopɔn, anim. Nnipadɔm no fi Lebo Hamat8.65 Lebo Hamat: Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ɛha ase sɛ, na nnipadɔm aboaboa wɔn ho ano akyirikyiri baabi te sɛ Lebo Hamat a ɛwɔ atifi fam kosi asuwa bi a ɛwɔ Misraim a ɛkɔ anafo fam no. wɔ atifi fam kosi Misraim asuwa wɔ anafo fam, na wɔbae. Afahyɛ yi kɔɔ so ara nnafua dunan. Emu nnanson na wɔde daa afɔremuka no adi, na wɔde mu nnanson nso dii Guankɔbea Afahyɛ no. 66Afahyɛ no twaa mu no, Salomo maa ɔmanfo no kɔɔ wɔn kurom. Wɔrekɔ no nyinaa na wɔrehyira ɔhene no. Na wɔn nyinaa nyaa ahosɛpɛw ne ahotɔ, efisɛ Awurade ne ne somfo Dawid ne Israelfo adi no yiye.
9Awurade Mmuae
1Bere a Salomo wiee Awurade asɔredan no ne ahemfi no si no, ohuu sɛ wayɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ no nyinaa awie. 2Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ no ne mprenu so, sɛnea na wada ne ho adi akyerɛ no wɔ Gibeon dedaw no. 3Awurade ka kyerɛɛ no se:
“Mate wo mpaebɔ ne wʼadesrɛ. Matew saa asɔredan yi a woasi no ho, sɛnea wɔbɛhyɛ me din anuonyam wɔ hɔ afebɔɔ. Mɛhwɛ so na mama mʼani aku ho.
4“Na wo, sɛ wode nokware ne nyamesuro di mʼakyi, sɛnea wʼagya Dawid yɛe, na odii me mmara ne mʼahyɛde nyinaa so no a, 5metim wʼahenni nnidiso ase wɔ Israel afebɔɔ, sɛnea meka kyerɛɛ wʼagya Dawid se, ‘Ɛremma sɛ worennya ɔbarima bi ntena Israel ahengua no so da no.’
6“Na sɛ wo anaa wo mmabarima dan fi me ho, na wubu mmara ne mʼahyɛde a mede ama mo no so, na sɛ wofi akyi kɔsom anyame afoforo, sɔre wɔn a, 7ɛno de, metwa Israel afi asase a mede ama wɔn no so, na mapo saa asɔredan a matew ho wɔ me din mu no. Ɛbɛma Israel atɔ sin, na ayɛ aserewde wɔ nnipa nyinaa mu. 8Na ɛwɔ mu sɛ saa Asɔredan yi yɛ fɛ de, nanso wɔn a wobetwa mu wɔ ho no betwiri no, adi ho abooboo, abisa se, ‘Adɛn nti na Awurade ayɛ asase yi ne Asɔredan yi saa?’ 9Nnipa bebua se, ‘Efisɛ wɔapa Awurade, wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn agyanom fii Misraim no akyi, na wɔde wɔn ho akɔdan anyame afoforo a wɔresom wɔn, sɔre wɔn. Ɛno nti na Awurade ama saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi aba wɔn so no.’ ”
Salomo Ne Huram Nhyehyɛe
10Mfe aduonu a Salomo de sii Awurade asɔredan no ne ahemfi no akyi, 11ɔhene Salomo de nkurow aduonu a ɛwɔ Galilea maa Tirohene Huram, efisɛ Huram maa no sida nnua ne ɔpepaw nnua ne sikakɔkɔɔ a na ohia. 12Huram fii Tiro kɔhwɛɛ nkurow a Salomo de ama no no, nanso nʼani ansɔ koraa. 13Obisae se, “Me nua, na nkurow bɛn na wode ama me yi? Saa nkurow yi nni mu!” Enti ɔfrɛɛ hɔ Kabul, “Nea enni mu” de besi nnɛ. 14Na Huram asoma ma wɔde sikakɔkɔɔ tɔn anan akɔma Salomo.
Salomo Nkɔsodwuma
15Ɔkwan a ɔhene Salomo faa so tintim, hyɛɛ nnipa, ma wosii Awurade asɔredan no ne nʼahemfi, Milo, Yerusalem fasu ne Hasor, Megido ne Geser nkurow no ni: 16Misraimhene kotuaa Geser, gyee hɔ fae. Okum Kanaanfo a wɔte kurow no mu nyinaa, hyew hɔ pasaa. Ɔde kuropɔn no maa ne babea no sɛ akyɛde bere a ɔwaree Salomo no. 17Enti Salomo san kyekyeree Geser kuropɔn no. Afei, ɔsan kyekyeree nkurow a ɛwɔ Bet-Horon anafo, 18Baalat ne Tamar wɔ sare so, nʼasase so. 19Ɔkyekyeree nkurow a na wɔkora nnuan wɔ hɔ, kyekyeree nkuropɔn nso a na wɔkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree Yerusalem ne Lebanon ne nʼaheman nyinaa, sɛnea ne koma pɛ.
20Na nnipa bi da so te asase no so a wɔnyɛ Israelfo. Wɔne Amorifo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo. 21Eyinom ne aman a na Israel nwiee wɔn asetɔre korakora no asefo. Enti Salomo hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ nʼadwumayɛfo, na wɔda so yɛ de besi nnɛ. 22Nanso Salomo anhyɛ Israelfo amma wɔanyɛ ɔhyɛ nnwuma. Mmom, ɔma wɔyɛɛ asraafo, aban adwumayɛfo. Ɔmaa ebinom yɛɛ nʼakofo, ne nteaseɛnam ne ne nteaseɛnamkafo so asahene. 23Afei, oyii wɔn mu ahannum ne aduonum ma wɔhwɛɛ ne nkɔsodwuma ahorow so.
24Bere a Salomo yii ne yere a ɛyɛ Farao babea no fii Dawid kurow no mu, de no kɔɔ ahemfi foforo a wasi ama no no mu no, ɔkyekyee Milo.
25Na Salomo bɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre ma Awurade afe biara wɔ afɔremuka a osii no so mprɛnsa. Na ɔne wɔn hyew aduhuam nso ma Awurade sɛ asodi a ɛda hɔ ma no wɔ asɔredan no.
26Ɔhene Salomo yɛɛ po so ahyɛn nso wɔ Esion-Geber,9.26 Salomo nsa a ɛkaa hyɛngyinabea a ɛwɔ Esion kurow a ɛwɔ Edom no na ɛma onyaa kwan kɔɔ Po Kɔkɔɔ no ne India Pohahanaa no so. hyɛngyinabea a ɛbɛn Elot a ɛwɔ Edom asase so hɔ a ɛwɔ Po Kɔkɔɔ no mpoano. 27Na Huram maa nʼahyɛn mu adwumayɛfo a wonim hyɛn mu adwuma yiye no, ne Salomo nkurɔfo de ahyɛn no yɛɛ adwuma. 28Wɔyɛɛ adwuma kɔɔ Ofir,9.28 Nnipa bebree akyerɛ wɔn adwene afa baabi a Ofir da nnɛ yi ho. Ebi se ɛwɔ Arabia mpoano anaa Somalia anaa India anaa Zimbabwe. na wɔsan de sikakɔkɔɔ nsania ani nkaribo tɔn 16 brɛɛ Salomo.
10Sebahemmea Nsrahwɛ
1Bere a Sebahemmea tee Salomo din a ahyeta na ɛhyɛ Awurade din anuonyam no, ɔde nsɛmmisa a anoyi yɛ den bɛsɔɔ Salomo hwɛe. 2Ɔde nʼasomfo a wɔdɔɔso yiye kaa ne ho baa Yerusalem. Na yoma a wɔsoso nnuhuam, sikakɔkɔɔ bebree ne aboɔden abo ka wɔn ho. Bere a ohyiaa Salomo no, wodwinnwen nsɛm bebree a na ɛwɔ ɔhemmea ani so no ho. 3Salomo yii ne nsɛmmisa nyinaa ano sɛnea ɛsɛ. Asɛmmisa biara ankyere nʼadwene. 4Bere a Sebahemmea huu sɛnea Salomo adwene mu dɔ, ne ahemfi a wasi no, 5ne ho dwiriw no. Nnuan a ohuu sɛ esisi ne didipon so no yɛɛ no nwonwa. Sɛnea na wahyehyɛ ne fi so ahwɛfo no ne wɔn ntade papa bi a ɛhyehyɛ wɔn, ne sɛnea nkuruwakurafo ne wɔn ntade yuu ne ɔhyew afɔre a Salomo bɔɔ no Awurade Asɔredan mu hɔ no yɛɛ no ahodwiriw.
6Ɔhemmea no fii ahodwiriw mu ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Nsɛm a metee wɔ me man mu a ɛfa dwuma a woatumi adi ne wo nyansa ho no nyinaa yɛ nokware! 7Na minnye nni kosii sɛ mibeduu ha a mʼankasa mede mʼani abehu yi. Nokware, sɛɛ na mante asɛm no mu fa mpo. Wo nyansa ne wo nkɔso no boro nea wɔka kyerɛɛ me no so koraa. 8Migye di sɛ ɛsɛ sɛ wo nkurɔfo yi ani gye! Ɛyɛ adom ma wʼadwumayɛfo yi sɛ wotumi bɛn wo adekyee biara na wotie wo nyansasɛm. 9Awurade, wo Nyankopɔn no yɛ ɔkɛse ampa. Nʼani gye wo ho, na ɔde wo asi Israel ahengua so. Efisɛ ɔdɔ a Awurade de dɔ Israel no yɛ ɔdɔ a ɛnsa da. Wasi wo hene sɛ wode atɛntrenee ne treneeyɛ bebu ɔman no.”
10Na ɔkyɛɛ ɔhene no sikakɔkɔɔ tɔn anan ne fa, nnuhuam bebree ne aboɔden abo. Obiara amfa nnuhuam dodow saa ammɛkyɛ Salomo bio, sɛnea Sebahemmea de bɛkyɛɛ no no.
11Huram ahyɛn no fi Ofir de sikakɔkɔɔ bae a na asamfono nnua bebree ne aboɔden abo ka ho. 12Ɔhene de asamfono nnua no yɛɛ atrapoe wɔ Awurade Asɔredan ne ahemfi no mu, na ɔde bi yɛɛ asanku ne mmɛnta maa nnwontofo. Ebesi saa bere no ne saa bere no, na obiara mfaa asamfono nnua a ɛyɛ fɛ saa nkɔɔ hɔ da, na akyiri no nso wɔanhu bi saa da.
13Biribiara a Sebahemmea bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no kaa nea amanne nti, ɔnam ayamye so de maa no no ho. Ɛno akyi, Sebahemmea ne nʼasomfo no san kɔɔ wɔn kurom.
Salomo Ahonya Ne Nʼanuonyam
14Afe biara, na sikakɔkɔɔ a ɛba Salomo nsam no yɛ tɔn aduonu anum, 15a na sika a onya fi aguadifo, Arabia ahemfo ne asase no so amradofo no nkyɛn nka ho.
16Ɔhene Salomo ma wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ akyɛm akɛse ahannu a emu biara sikakɔkɔɔ a ɛwɔ mu no mu duru yɛ kilogram ason. 17Bio, ɔyɛɛ akyɛm nketewa bi a ɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛe a, emu biara mu duru bɛyɛ kilogram abiɛsa ne fa. Ɔhene no de saa akyɛm yi nyinaa kosiee ahemfi hɔ baabi bi a wɔfrɛ hɔ Lebanon Kwae Ahemfi.
18Na ɔhene no de asonse yɛɛ ahengua kɛse bi, na ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho. 19Na ahengua no wɔ atrapoe ntiaso asia na nʼakyi yɛ kurukuruwa. Ahengua no wɔ nsa wɔ benkum ne nifa, na wɔayɛ gyata sɛso abien asisi hɔ. 20Salomo san yɛɛ gyata sɛso dumien a ɔbaako biara gyina atrapoe ntiaso asia no mu biara benkum ne nifa. Ahengua biara nni wiase a wobetumi de atoto Salomo de no ho. 21Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ na wɔde yɛe. Saa ara na nneɛma ahorow a ɛwɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu no nso te. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, efisɛ Salomo bere so no, na wobu dwetɛ ade teta bi. 22Na ɔhene no wɔ po so aguadihyɛn bebree a ɛne Huram de no yɛ adwuma bɔ mu. Mfe abiɛsa biara, ahyɛn no ba prɛko a sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nsorommoa ne asibe ahyehyɛ wɔn ma.
23Enti ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefo ne onyansafo sen ɔhene biara wɔ asase so nyinaa. 24Na nnipa fifi aman ahorow so bɛsra no, na wotie nyansa a Onyankopɔn de adom no no bi. 25Afe biara mu, obiara a ɔbɛba abɛsra no no brɛ no akyɛde te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntade, akode, nnuhuam, apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ.
26Salomo nyaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ bebree. Na ɔwɔ nteaseɛnam apem ahannan ne apɔnkɔ mpem dumien. Ɔde emu fa kɛse guguu nteaseɛnam nkuropɔn no so na ɔmaa bi nso kaa Yerusalem. 27Ɔhene no maa dwetɛ buu te sɛ abo wɔ Yerusalem. Na sida nnua a ɛsom bo no nso buu so sɛ ankye nnua a efifi wɔ mmepɔw ase wɔ Yuda asase so. 28Na Salomo tɔɔ apɔnkɔ fii Misraim ne Kilikia, efisɛ na ɔhene no aguadifo nya wɔn fi Kilikia a wɔn bo no ye. 29Saa bere no, na wotumi tɔ Misraim teaseɛnam a wɔde abedu Yerusalem no dwetɛ kilogram awotwe, na apɔnkɔ nso, na wotumi tɔ baako dwetɛ kilogram abien. Na wɔsan tɔn wɔn mu pii ma Hetifo ahemfo ne Aram ahemfo.
11Salomo Ware Mmea Bebree
1Farao babea no akyi no, ɔhene Salomo dɔɔ ananafo mmea bebree a na wɔyɛ Moabfo, Amonfo, Edomfo, Sidonfo ne Hetifo. 2Na Awurade aka no pefee akyerɛ ne nkurɔfo se, wɔne saa aman no nni aware, efisɛ mmea a wɔbɛware wɔn no bɛtwetwe wɔn ama wɔakɔsom wɔn anyame. Nanso Salomo waree wɔn ara. 3Na ɔwɔ yerenom ahanson ne mpenanom ahaasa. Na ampa ara wɔtwee ne kra fii Awurade ho. 4Bere a Salomo bɔɔ akwakoraa no, wɔtwee ne koma kɔɔ anyame afoforo so, na wamfa ne ho anto Awurade, ne Nyankopɔn so, sɛnea nʼagya Dawid yɛe no. 5Salomo dii Sidonfo bosombea Astoret ne Amonfo nyame Molek a na wokyi no no akyi. 6Enti Salomo yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wanni Awurade akyi, sɛnea nʼagya Dawid yɛe no.
7Salomo sii abosonnan maa Moabfo nyame Kemos, a na ɔyɛ akyiwade, wɔ Ngo Bepɔw a ɛwɔ Yerusalem apuei fam, na osii bi nso maa Amonfo nyame Molek, a na ɔyɛ akyiwade. 8Salomo sisii abosonnan yi maa nʼananayerenom nyinaa, sɛ wɔnhyew nnuhuam, na wɔmmɔ afɔre mma wɔn anyame wɔ hɔ.
9Na Awurade bo fuw Salomo, efisɛ ne koma adan afi Awurade, Israel Nyankopɔn, a wada ne ho adi akyerɛ no mprenu no ho. 10Ɔbɔɔ Salomo kɔkɔ sɛ onni anyame afoforo akyi, nanso Salomo anni Awurade ahyɛde so. 11Enti Awurade ka kyerɛɛ Salomo se, “Esiane sɛ woanni mʼapam so, na woapo me mmara nti, ampa ara, mɛtew ahemman no afi wo ho, na mede ama wʼasomfo no mu baako. 12Nanso esiane wʼagya Dawid nti, merenyɛ saa bere a wote ase. Megye ahemman no afi wo babarima nsam. 13Ɛno mpo, mɛma wadi abusuakuw baako so, esiane me somfo Dawid ne kuropɔn Yerusalem a mayi asi hɔ no nti.”
Salomo Atamfo
14Na Awurade pagyaw Edomni Hadad a na ofi Edom adehyebusua mu, sɛ ɔnyɛ ɔtamfo ntia Salomo. 15Mfe bi a atwa mu no, Dawid ne Yoab a na ɔyɛ nʼakofo so sahene no kɔɔ Edom kosiee Israelfo bi a wɔtotɔɔ akono no. Bere a wɔwɔ hɔ no, anka Israel asraafo no reyɛ akunkum mmarima a wɔwɔ Edom nyinaa. 16Yoab ne asraafo no tenaa hɔ asram asia kunkum wɔn. 17Nanso Hadad ne nʼagya adehye ntuanofo no mu kakra guanee. (Saa bere no na Hadad yɛ abofra ketewa bi.) 18Woguan fii Midian kɔɔ Paran. Paran hɔ na ebinom kɔkaa wɔn ho. Afei, wɔkɔɔ Misraim, Farao nkyɛn, na ɔmaa wɔn baabi a wɔbɛtena, aduan ne asase.
19Farao pɛɛ Hadad asɛm yiye, na ɔmaa no ɔyere a na ɔyɛ ɔhemmea Tapanhes nuabea. 20Ɔne no woo ɔbabarima a wɔtoo no din Genubat, na wɔtetew no fraa Farao mmabarima mu wɔ Farao ahemfi.
21Bere a Hadad tee wɔ Misraim sɛ Dawid ne ne sahene Yoab awuwu no, ɔka kyerɛɛ Farao se, “Ma mensan nkɔ mʼankasa me man mu.”
22Farao bisaa no se, “Adɛn? Dɛn na ɛho hia wo wɔ ha? Dɛn ho na yɛadi wo huammɔ a nti wopɛ sɛ wokɔ wo kurom?”
Obuae se, “Biribiara nkɔɔ bɔne, nanso kɔ ara na mepɛ sɛ mekɔ fie.”
23Onyankopɔn pagyaw Eliada babarima Reson nso ma ɔbɛyɛɛ ɔtamfo tiaa Salomo. Reson guan fii ne wura ɔhene Hadadeser a ofi Soba nkyɛn 24bɛyɛɛ atuatewfo panyin. Dawid dii Hadadeser so nkonim no, Reson ne ne mmarima guan kɔɔ Damasko, kodii hene wɔ hɔ. 25Reson bɛyɛɛ Israel tamfo kɛse wɔ Salomo ahenni nkae no nyinaa mu; na ɔyɛɛ ɔteeteefo sɛnea Hadad yɛe no. Reson kɔɔ so tan Israel denneennen, na ɔtoaa so dii hene wɔ Aram.
Yeroboam Tew Salomo So Atua
26Otuatewfo panyin foforo bi nso ne Nebat babarima Yeroboam. Na ɔyɛ Salomo ankasa mpanyimfo no mu baako. Na ofi kurow Sereda a ɛwɔ Efraim mu. Na wɔfrɛ ne na se Senua; na ɔyɛ okunafo.
27Nʼatuatew no nkyerɛase ni: Na Salomo rekyekyere Milo, na ogu so resiesie nʼagya Dawid kurow no afasu no, 28na Yeroboam yɛ nsiyɛfo. Salomo huu no sɛ ɔyɛ mɔdemmɔfo no, ɔde no tuaa adwumayɛfo a wofi Efraim ne Manase mmusuakuw mu no ano.
29Da bi a Yeroboam refi Yerusalem no, ohyiaa odiyifo Ahiya, Siloni, wɔ kwan so a ɔhyɛ atade foforo. Na wɔn baanu nko na wɔwɔ wuram hɔ. 30Ɛhɔ na Ahiya worɔw nʼatade foforo a na ɛhyɛ no no, tetew mu asinasin dumien. 31Na ɔka kyerɛɛ Yeroboam se, “Fa asinasin yi mu du, na sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, reka: ‘Merebegye ahemman no afi Salomo nsam, na mede mmusuakuw no mu du bɛma wo. 32Na esiane me somfo Dawid ne Yerusalem a mayi afi Israel mmusuakuw no nyinaa mu no nti, megyaw no abusua baako. 33Efisɛ Salomo agyaw me hɔ, akɔsom Astoret a ɔyɛ Sidonfo bosombea ne Kemos a ɔyɛ Moabfo nyame ne Amonfo nyame Molek. Wamfa mʼakwan so anyɛ nea ɛsɔ mʼani. Wanni me mmara ne mʼahyɛde so te sɛ nʼagya Dawid.
34“ ‘Nanso merennye ahemman no nyinaa mfi Salomo nsam saa bere yi. Esiane me somfo Dawid, nea miyii no no, na otiee mʼahyɛde, dii me mmara so no nti, mɛma Salomo adi ade mfe a aka no wɔ ne nkwa mu. 35Na megye ahemman no afi ne babarima nsam, na mede mmusuakuw no mu du ama wo. 36Ne babarima benya abusuakuw baako, sɛnea ɛbɛyɛ a me somfo Dawid asefo bɛkɔ so adi hene wɔ Yerusalem, kurow a mayi sɛ me din nna so no. 37Na mede wo besi Israel ahengua no so, na wubedi ade no sɛnea wʼankasa wo koma pɛ. 38Sɛ wutie asɛm a meka kyerɛ wo, na wonantew mʼakwan mu, na woyɛ nea midwen sɛ eye, na wutie me mmara, di mʼahyɛde so, sɛnea me somfo Dawid yɛe no a, ɛno de, daa mɛka wo ho. Metim wo fi adedi ase, sɛnea meyɛ maa Dawid no, na mede Israel bɛma wo. 39Nanso esiane Salomo bɔne a wayɛ nti, mɛtwe Dawid asefo aso, nanso ɛrenyɛ afebɔɔ.’ ”
40Salomo pɛɛ sɛ okum Yeroboam, nanso oguan kɔɔ Misraim, Misraimhene Sisak11.40 Sisak na ɔyɛɛ Farao a ɔto so aduonu abien wɔ Misraim mpanyin nnidiso mu efi 945 Ansa na wɔrewo Kristo (AWK) kosi 924 Ansa na wɔrewo Kristo (AWK). nkyɛn, kosii sɛ Salomo wui.
41Na Salomo ahenni ho nsɛm nkae, nea ɔyɛe ne ne nyansa no de, wɔankyerɛw wɔ Salomo Ho Nsɛm Nhoma no mu ana? 42Salomo dii hene wɔ Yerusalem ne Israel nyinaa so mfirihyia aduanan. 43Bere a Salomo wui no, wosiee no wɔ nʼagya Dawid kurom. Na ne babarima Rehoboam na odii nʼade sɛ ɔhene foforo.
12Atifi Fam Mmusuakuw No Tew Atua
1Rehoboam kɔɔ Sekem, efisɛ na Israelfo nyinaa akɔ hɔ sɛ wɔrekosi no hene. 2Bere a Nebat babarima Yeroboam tee sɛ Salomo awu no, ofi Misraim bae, efisɛ oguan fii ɔhene Salomo nsam kɔtenaa Misraim. 3Enti Israel mpanyimfo soma ma wɔkɔfaa Yeroboam, na Israel nnipadɔm no nyinaa kɔɔ Rehoboam nkyɛn, ne no kɔkasae se, 4“Wʼagya hyɛɛ yɛn ma yɛyɛɛ adwumaden. Yɛsrɛ wo, tew saa adwumaden ne sonkahiri adesoa duruduru a wʼagya de soaa yɛn no so. Woyɛ saa a, yɛbɛsom wo nokware mu.”
5Rehoboam buae se, “Momma me nnansa na menwene mo asɛm yi ho. Ɛno akyi, mommra mmegye me mmuae.” Enti nnipa no san kɔe.
6Na Ɔhene Rehoboam kɔɔ ne mpanyimfo bi a na wotu nʼagya Salomo fo ne wɔn kosusuw asɛm no ho. Obisaa wɔn se, “Moka asɛm no ho dɛn? Mmuae bɛn na memfa mma saa nnipa yi?”
7Wobuaa no se, “Sɛ nnɛ yi, wopɛ sɛ woyɛ ɔsomfo ma saa nnipa yi, na woma wɔn mmuae pa a, ɛno de, daa wɔbɛsom wo nokware mu.”
8Nanso Rehoboam amfa afotu a mpanyimfo no maa no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfo mmabun bi a ɔne wɔn sii so a na wotu no fo no nkyɛn. 9Okobisaa wɔn se, “Mo nso, mo afotu ne dɛn? Mmuae bɛn na memfa mma saa nnipa a wɔpɛ sɛ metew adesoa duruduru a mʼagya de soaa wɔn no so?”
10Mmerante no buae se, “Asɛm a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn ne se, ‘Me nsateaa ketewa no mu piw sen mʼagya asen mu. Na sɛ modwene sɛ na ɔyɛ den wɔ mo so a, montwɛn na mubehu sɛnea mete.’ 11Yiw, mʼagya yɛɛ den wɔ mo so, na mɛyɛ aboro saa. Mʼagya hwee mo mpire na me de, mede nkekantwɛre na ɛbɛhwe mo.”
12Nnansa akyi no, Yeroboam ne nnipa no nyinaa san baa sɛ wɔrebetie Rehoboam mmuae sɛnea ɔkae no. 13Ɔhene no buaa nnipa no abufuw so. Wamfa mpanyimfo no afotu no; 14ɔfaa mmabun no afotu. Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, “Mʼagya yɛɛ den wɔ mo so, na mɛyɛ aboro saa. Mʼagya hwee mo mpire na me de mede nkekantwɛre bɛkeka mo.” 15Enti ɔhene no anyɛ nnipa no abisade no ho hwee. Saa nsɛm a esisii yi yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe, efisɛ ɛmaa Awurade nkɔm a ɔnam odiyifo Ahiya a ofi Silo no hyɛɛ Nebat babarima Yeroboam no baa mu.
16Bere a Israel nyinaa huu sɛ ɔhene anyɛ wɔn abisade amma wɔn no, wɔteɛteɛɛ mu se, “Yɛne Dawid nni hwee yɛ! Yɛne Yisai babarima no nni hwee yɛ! Israel, momma yɛnkɔ yɛn nkyi! Dawid, hwɛ wʼankasa wo fi so!” Enti Israelfo no san kɔɔ wɔn fi. 17Na Rehoboam kɔɔ so dii Israelfo a na wɔtete Yuda nkurow so no so hene.
18Ɔhene Rehoboam somaa Adoram a na ɔhwɛ adwumayɛfo so no sɛ ɔnkɔhwɛ mma ɔman no nyɛ dinn, nanso Israelfo no siw no abo kum no. Bere a ɔhene Rehoboam tee saa asɛm no, ntɛm ara, ohuruw tenaa ne teaseɛnam mu, guan kɔɔ Yerusalem. 19Israel mmusuakuw a wɔwɔ atifi fam no ampene sɛ Dawid aseni biara bedi wɔn so, de besi nnɛ.
20Bere a Israelfo tee sɛ Yeroboam fi Misraim asan aba no, wɔyɛɛ nhyiamu, sii no hene wɔ Israel nyinaa so. Enti Yuda abusuakuw no nko ara na wɔkae, som Dawid fi nokware mu.
Semaia Nkɔmhyɛ
21Bere a Rehoboam duu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin asraafo ano. Oyii akofo mpem ɔha ne aduɔwɔtwe, sɛ wɔrekɔko atia Israel asraafo, na wɔafa ahemman no adi so.
22Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ Semaia, Onyankopɔn nipa no se, 23“Ka kyerɛ Salomo babarima Rehoboam, Yudahene ne nnipa a wofi Yuda ne Benyamin se, 24‘Sɛnea Awurade se ni, Mo ne mo nuanom Israelfo nntwa mo ho nko. Monsan nkɔ mo akyi, na nea asi no nyinaa fi me!’ ” Enti wotiee Awurade asɛm no, san kɔɔ wɔn fi sɛnea Awurade hyɛe no.
Yeroboam Yɛ Sika Anantwi
25Yeroboam kyekyeree Sekem kurow wɔ Efraim bepɔw asase so ma ɛbɛyɛɛ ne kuropɔn. Akyiri no, ɔkɔkyekyeree kurow Penuel. 26Yeroboam dwenee ho dinn, see ne koma mu se, “Sɛ manhwɛ yiye a, ahemman no bɛsan akɔ Dawid fifo adedifo nsam. 27Na sɛ wɔkɔ Yerusalem, kɔbɔ afɔre wɔ Awurade Asɔredan mu nso a, wɔbɛsom Yudahene Rehoboam. Ɛba saa a, wobekum me, de ɔno mmom asi wɔn so hene.”
28Enti otiee nea nʼafotufo ka, na ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ anantwi mma abien. Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, “Ɛyɛ ɔbrɛ bebree sɛ mobɛforo akɔ Yerusalem akɔsom. Ɛno nti, Israel, eyinom ne anyame a woyii mo fii Misraim!” 29Ɔde nantwi mma ahoni yi sisii Israel anafo ne atifi, wɔ Bet-El ne Dan. 30Eyi bɛyɛɛ bɔne kɛse, efisɛ nnipa no som ahoni no, a na mpo wotwa kwan kɔ Dan.
31Yeroboam12.31 Yeroboam yii asɔfo a wɔnyɛ Lewifo, efisɛ na Lewifo bebree ne Rehoboam aguan kɔ Yerusalem akɔpɛ guankɔbea (2 Be 11.13-17). sisii abosonnan wɔ nkoko so, na ɔpaw asɔfo fii nnipa no mu a na womfi Lewi asɔfo abusua mu. 32Yeroboam hyehyɛɛ nyamesom dapɔnna wɔ Bet-El a na wodi saa nna no Bul ɔsram (bɛyɛ Ahinime) mu a na ɛte sɛ Yuda Guankɔbea Afahyɛ no ara. Bet-El hɔ na ɔno ankasa bɔɔ afɔre maa nantwimma ahoni a wayɛ no. Na Bet-El hɔ ara nso na ɔpaw asɔfo maa abosomfi a osisii no. 33Na ɔno ankasa yii da bi too hɔ, Bul ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) mfimfini mu hɔ, na Yeroboam kɔbɔɔ afɔre wɔ afɔremuka so wɔ Bet-El. Ɔhyɛɛ anyamesom afahyɛ ase maa Israel, na ɔforo kɔɔ afɔremuka no so kɔhyew aduhuam.
13Odiyifo Bi Ka Tia Yeroboam
1Awurade hyɛɛ Onyame nipa bi ma ɔkɔɔ Bet-El, na oduu hɔ bere a na Yeroboam rekɔ afɔremuka no ho akɔbɔ afɔre. 2Na ɔde Awurade nsɛm mu teɛɛ mu guu afɔremuka no so se, “Afɔremuka! Afɔremuka! Sɛnea Awurade se ni: ‘Wɔbɛwo ɔbabarima bi a wɔbɛto no din Yosia ato Dawid fi, na wo so na ɔde asɔfo a wofi nsɔree so ha a wɔhyew aduhuam ne nnipa nnompe no bɛbɔ afɔre!’ ” 3Da no ara, Onyankopɔn nipa no yɛɛ nsɛnkyerɛnne, na ɔkae se, “Eyi ne nsɛnkyerɛnne a Awurade ada no adi. Afɔremuka no mu bɛpae abien, na nsõ a egu so no ahwie agu.”
4Ɔhene Yeroboam bo fuw Onyame nipa yi sɛ wakasa atia afɔremuka yi. Enti ɔteɛɛ ne nsa wɔ ne so, teɛɛ mu se, “Monkyere no!” Nanso ne nsa a ɔteɛɛ wɔ ɔbarima no so no sinsenii a wantumi anyɛ ho hwee. 5Na afɔremuka no mu paee abien, na nsõ a egu so no hwie gui, sɛnea nsɛnkyerɛnne a Onyankopɔn nipa nam Awurade nsɛm so daa no adi kyerɛɛ no.
6Afei, ɔhene no srɛɛ Onyankopɔn nipa no se, “Srɛ Awurade, wo Nyankopɔn, ma me na me nsa no nya ahoɔden.” Enti Onyankopɔn nipa no srɛɛ Awurade maa no, na ɔhene no nsa nyaa ahoɔden ma ɛyɛɛ sɛnea na ɛte kan no.
7Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no se, “Ma yɛnkɔ fie, na kodidi, na mɛma wo akyɛde bi.”
8Nanso Onyankopɔn nipa no buaa no se, “Mpo, sɛ wode wʼagyapade mu fa bɛkyɛ me koraa a, me ne wo renkɔ, na brodo nso, merenni na manom nsu wɔ ha. 9Awurade asɛm so na wɔnam hyɛɛ me se, ‘Ɛnsɛ sɛ wudi brodo anaa wonom nsu wɔ hɔ. Afei, nsan mfa ɔkwan a wofaa so kɔɔ Bet-El no so.’ ” 10Enti ofi Bet-El faa ɔkwan foforo so sɛ ɔrekɔ fie.
11Na ɛbaa sɛ na odiyifo akwakoraa bi te Bet-El. Ne mmabarima bɛkaa nea Onyankopɔn nipa no ayɛ wɔ Bet-El da no nyinaa kyerɛɛ no. Afei, wɔkaa asɛm a waka akyerɛ ɔhene no nyinaa kyerɛɛ wɔn agya no. 12Odiyifo akwakoraa no bisaa wɔn se, “Na ɔfaa he?” Na ne mmabarima no kyerɛɛ no ɔkwan a Onyankopɔn nipa no faa so kɔe. 13Ɔka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Monhyehyɛ afurum no mma me ntɛm.” Na wɔhyehyɛɛ afurum no maa no no, ohuruw tenaa ne so 14tiw Onyankopɔn nipa no. Ɔkɔtoo no sɛ ɔte odum bi ase, na odiyifo akwakoraa no bisaa no se, “Wone Onyankopɔn nipa a wufi Yuda no ana?”
Obuaa no se, “Yiw, ɛyɛ me.”
15Afei, odiyifo no ka kyerɛɛ no se, “Ma yɛnkɔ fie, na kodidi.”
16Onyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ no se, “Merentumi nsan mʼakyi. Minni ho kwan sɛ mididi anaa menom nsu wɔ ha. 17Awurade hyɛɛ me se, ‘Ɛnsɛ sɛ wudi aduan biara anaa wonom nsu bere a wowɔ hɔ, anaa wofa ɔkwan a wofaa so kɔɔ hɔ no so san wʼakyi.’ ”
18Odiyifo akwakoraa no buae se, “Me nso, meyɛ odiyifo sɛ wo ara. Na ɔbɔfo bi kaa Awurade asɛm kyerɛɛ me se, ‘Fa no san bra wo fi, na ommedidi na ɔnnom nsu.’ ” Nanso na odiyifo akwakoraa no redaadaa no. 19Enti Onyankopɔn nipa no ne no san kɔe, kodidi nomee wɔ ne fi.
20Bere a wɔte didipon ho redidi no, nkra fi Awurade nkyɛn baa odiyifo akwakoraa no so. 21Ɔteɛɛ mu guu Onyankopɔn nipa a ofi Yuda no so se, “Sɛɛ na Awurade ka: Woabu Awurade asɛm so, na woanni ahyɛde a Awurade, wo Nyankopɔn, hyɛɛ wo no so. 22Wosan baa ha bedii aduan, nom nsu, nanso ɔka kyerɛɛ wo se nni hwee, nnom hwee. Esiane eyi nti, wɔrensie wʼamu wɔ wʼagyanom da mu.” 23Na Onyankopɔn nipa no didi nom wiei no, odiyifo no hyehyɛɛ nʼafurum no maa no, 24na Onyankopɔn nipa no sii kwan so bio. Na ɔrekɔ no ara, gyata bi ba bekum no. Nʼamu no daa ɔkwan mu a, na afurum no ne gyata no gyinagyina ho. 25Nnipa ba bɛtoo so sɛ amu no da ɔkwan mu a gyata no gyina ho. Enti wɔkɔbɔɔ amanneɛ wɔ Bet-El baabi a odiyifo akwakoraa no te hɔ.
26Bere a odiyifo akwakoraa no tee asɛm no, ɔkae se, “Ɛyɛ Onyankopɔn nipa no a wanni Awurade ahyɛde so no. Awurade ama nʼasɛm no aba mu sɛ ɔmaa gyata tow hyɛɛ no so, kum no.”
27Na odiyifo no ka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Monhyehyɛ afurum no mma me.” Na wɔhyehyɛɛ afurum no. 28Ɔkɔ kohuu sɛ amu no da ɔkwan mu. Na afurum no ne gyata no da so gyinagyina ne ho, a gyata no nwee amu no, nto nhyɛɛ afurum no nso so. 29Enti odiyifo no faa Onyankopɔn nipa no amu no de no too nʼafurum no so, san de no kɔɔ kurom, kosuu no, siee no. 30Ɔde amu no too nʼankasa ne da mu, fii awerɛhow mu, suu no se, “Ao, me nua!”
31Akyiri no, odiyifo no ka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Sɛ mewu a, munsie me wɔ ɔda a woasie Onyankopɔn nipa wɔ mu no mu. Momfa me nnompe ngu ne nnompe ho. 32Na asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no se ɔnka ntia afɔremuka a ɛwɔ Bet-El ne abosomfi no a ɛwowɔ Samaria nkurow so no, ɛbɛba mu.”
33Nanso eyi akyi koraa no, Yeroboam annan ne ho amfi nʼakwammɔne no so. Ɔkɔɔ so yii asɔfo fi nnipa no mu. Obiara a ɔpɛ no, otumi yɛɛ ɔsɔfo wɔ abosomfi hɔ. 34Eyi bɛyɛɛ bɔne kɛse, na ɛnam so sɛee Yeroboam ahemman, maa ne fifo nyinaa wuwui.
14Ahiya Nkɔmhyɛ A Etia Yeroboam
1Saa bere no, Yeroboam babarima Abia yaree denneennen. 2Enti Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere se, “Sesa wo ho, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara renhu wo sɛ wone ɔhemmea no. Na kɔ odiyifo Ahiya, ɔbarima a ɔka kyerɛɛ me se medi hene no nkyɛn wɔ Silo. 3Fa brodo mua du, ɔfam ne ɛwo tumpan kɔkyɛ no, na bisa no nea ɛbɛba abarimaa no so.”
4Na Yeroboam yere no kɔɔ Ahiya fi wɔ Silo. Saa bere no na wabɔ akwakoraa a onhu ade. 5Nanso na Awurade aka akyerɛ Ahiya se, “Yeroboam yere bɛba ha, na ɔbɛhyɛ da ayɛ ne ho sɛ obi foforo. Obebisa wo ne babarima no ho asɛm, efisɛ ɔyare denneennen. Sɛ ɛba saa a, fa mmuae a mede bɛma wo no ma no.”
6Na Ahiya tee ne nan ase wɔ pon ano no, ɔfrɛe se, “Yeroboam yere, bra mu! Adɛn nti na woahyɛ da ayɛ wo ho sɛ obi foforo?” Na ɔka kyerɛɛ no se, “Mewɔ asɛmmɔne ka kyerɛ wo. 7Fa saa nkra yi a efi Awurade, Israel Nyankopɔn, nkyɛn kɔma wo kunu Yeroboam se, ‘Mepagyaw wo fi mpapahwekwa mu, de wo besii me nkurɔfo Israel so hene. 8Mituu ahemman no ase fii Dawid fi, de maa wo. Nanso woammu wo bra te sɛ me somfo Dawid a odii mʼahyɛde so a ɔde ne koma nyinaa dii mʼakyi, na daa ɔyɛɛ biribiara a mepɛ sɛ ɔyɛ no. 9Bɔne a woayɛ no dɔɔso sen wɔn a wɔtenaa ase ansa na wɔrewo wo no. Woayɛ anyame afoforo ma ɛnam so ama me bo afuw wo, wo sikakɔkɔɔ nantwi mma no nti. Na esiane sɛ woadan wʼakyi akyerɛ me nti, 10mede amanehunu bɛba wo fi ahenni nnidiso so, na mekum wo mmabarima nyinaa, akoa ne nea odi ne ho so nso. Mɛhyew wʼahenni nnidiso no ase, sɛnea obi hyew wura ma ase tu koraa no. 11Me, Awurade, meka ntam se, wo fifo a wobewuwu wɔ kurow no mu no, akraman na wɔbɛwe wɔn nam, na wɔn a wobewuwu wuram no nso, apete na wɔbɛsosɔw wɔn nam.’ ”
12Na Ahiya ka kyerɛɛ Yeroboam yere se, “Kɔ fie, na sɛ wuwura kurow no mu ara pɛ a, abofra no bewu. 13Na Israel nyinaa besu no, na wɔasie no. Ɔno nko ne onipa a ofi mo fi a wobesie no yiye, na saa abofra no nko na Awurade, Israel Nyankopɔn, hu no sɛ ade pa wɔ Yeroboam fifo nyinaa mu. 14Na Awurade bɛpagyaw ne hene a obedi Israel so. Ɔno na ɔbɛtɔre Yeroboam fifo ase. Saa asɛm no besi nnɛ yi ara, saa dɔnhwerew yi ara mu. 15Na Awurade bɛwosow Israel te sɛ sibiri a ehinhim wɔ asuwa ani. Obetutu Israelfo ase afi saa asase pa a ɔde maa wɔn agyanom no so. Na ɔbɛbɔ wɔn apete, atra Asubɔnten Eufrate, efisɛ wɔnam som a wɔsom Asera nnua no so ahyɛ Awurade abufuw. 16Ɔbɛto Israel asaworam, efisɛ Yeroboam yɛɛ bɔne, nam so maa Israel nyinaa ne no yɛɛ bɔne.”
17Na Yeroboam yere san kɔɔ Tirsa. Na bere a owuraa ne fi no, abofra no wui. 18Bere a Israelfo siee no no, wosuu no sɛnea Awurade nam odiyifo Ahiya so hyɛe no.
19Yeroboam ahenni ho nsɛm nkae, nʼakodi nyinaa ne ɔkwan a ɔfaa so buu ɔman no nyinaa no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma Mu. 20Yeroboam dii ade wɔ Israel mfe aduonu abien. Owui no, ne babarima Nadab na odii nʼade sɛ ɔhene.
Rehoboam, Yuda Hene
21Na Salomo babarima Rehoboam na na odi hene wɔ Yuda. Bere a odii ade no, na wadi mfe aduanan baako, na odii ade mfe dunson wɔ Yerusalem, kurow a na Awurade ayi wɔ Israel mmusuakuw no nyinaa mu, sɛ ɔde rehyɛ ne din anuonyam no. Na Rehoboam ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. 22Bere a na Rehoboam di ade no, nnipa a wɔwɔ Yuda no yɛɛ bɔne Awurade anim, maa ne bo fuw wɔ wɔn bɔne no ho. Na saa bɔne no sen nea wɔn agyanom no yɛe mpo. 23Wosisii abosomfi, gyinaa dannua a wɔatew ho ne Asera nnua wɔ bepɔw biara so ne dutan frɔmfrɔm biara ase. 24Mpo, na abosomfi mmarima nguamanfo wɔ asase no so mmaa nyinaa. Nnipa no suasuaa akyiwade ahorow a amanaman a wɔsom abosom no yɛe nti a Awurade pam wɔn fii asase no so maa Israelfo no.
25Rehoboam dii ade ne mfe anum so no, Misraimhene Sisak bɛtow hyɛɛ Yerusalem so. 26Ɔbɔ wuraa Awurade Asɔredan no mu ne ahemfi hɔ baabiara, wiaa biribiara a sikakɔkɔɔ akyɛm a Salomo yɛe no ka ho. 27Akyiri no, Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii anan, na ɔde hyɛɛ ahemfi awɛmfo no nsa sɛ wɔnhwɛ so. 28Bere biara a ɔhene no kɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no, awɛmfo no soa kɔ hɔ bi, na sɛ owie na ɔreba a, wɔsan de begu awɛmfo dan no mu.
29Na Rehoboam ahenni ho nsɛm nkae no ne dwuma a odii no de, wɔankyerɛw ne nyinaa wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 30Daa na ɔko da Rehoboam ne Yeroboam ntam. 31Bere a Rehoboam wui no, wosiee no wɔ nʼagyanom korabea wɔ Dawid kurom. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonnibea. Na ne babarima a ne din de Abiyam na odii nʼade sɛ ɔhene.
15Abiyam Di Yuda Man So
1Yeroboam dii ade wɔ Israel ne mfe dunwɔtwe so no, Abiyam bɛyɛɛ Yudahene. 2Odii hene wɔ Yerusalem mfe abiɛsa. Na ne na din de Maaka a ɔyɛ Absalom babea.
3Nʼagya bɔne a ɔyɛe nyinaa no, ɔyɛɛ bi. Na ne koma nni Awurade ne Nyankopɔn mu; wansɛ ne nena Dawid. 4Nanso esiane Dawid nti, Awurade, ne Nyankopɔn maa nʼasefo kwan ma wɔkɔɔ so dii ade, na ɔmaa Abiyam ɔbabarima a obedi nʼade wɔ Yerusalem. 5Na Dawid ayɛ nea eye wɔ Awurade ani so. Odii Awurade ahyɛde so ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria no ho asɛm no nko ara.
6Abiyam nkwa nna mu nyinaa, na akokoakoko da ɔno ne Yeroboam ntam. 7Nsɛm a aka a esisii wɔ Abiyam ahenni mu ne nea ɔyɛe no, wɔankyerɛw wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Ɔko daa Abiyam ne Yeroboam ntam bere biara. 8Na Abiyam wui no, wosiee no wɔ Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Asa dii nʼade sɛ ɔhene.
Asa Di Yuda Man So
9Yeroboam dii hene wɔ Israel ne mfe aduonu so no, Asa bedii hene wɔ Yuda. 10Odii hene Yerusalem mfe aduanan baako. Na wɔfrɛ ne nenabea Maaka a na ɔyɛ Absalom babea. 11Asa yɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, sɛnea ne nena Dawid yɛe no. 12Ɔpam nsɔree so so nguamanfo nyinaa fii asase no so, na oyiyii ahoni a nʼagyanom yɛe no nyinaa. 13Na mpo, otuu ne nenabea Maaka fii ahemmeagua no so, efisɛ na wayɛ Asera ahoni dua a na ɛyɛ akyiwade. Asa twaa dua no na ɔhyew no wɔ Kidron bon mu. 14Ɛwɔ mu sɛ wɔantutu abosonsom nsɔre so no nyinaa amfi Israel de, nanso Asa kɔɔ so de ne koma hyɛɛ Awurade mu nʼasetena nyinaa mu. 15Ɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a ɔno ne nʼagya too din de maa Awurade Asɔredan no bae.
16Na akokoakoko wɔ Yudahene Asa ne Israelhene Baasa ntam. 17Israelhene Baasa kɔko tiaa Yuda, na ɔmaa Rama bammɔ sɛnea obi ntumi nni ahyɛmfiri wɔ Yudahene Asa asase so. 18Asa tasee dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no a ɛkaa wɔ Awurade Asɔredan no adekoradan mu ne nea na ɛwɔ ahemfi no adekoradan no mu. Ɔde hyɛɛ ne mpanyimfo no mu bi nsa, na ɔsomaa wɔn ma wɔkɔɔ Hesion babarima Tabrimon babarima Siriahene Ben-Hadad a na odi hene wɔ Damasko no nkyɛn, na ɔde saa nsɛm yi kaa ho: 19“Ma yɛnyɛ apam a na ɛda wʼagya ne mʼagya ntam no foforo. Tie, mede akyɛde a ɛyɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ resoma de abrɛ wo. Twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛnea ɔremfa ne nsa nka me.”
20Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisade no so, na ɔsomaa nʼakofo, ma wɔkɔtow hyɛɛ Israel so. Wodii nkurow Iyon, Dan, Abel-Bet-Maaka ne Kineret a Naftali nsase nyinaa ka ho no so. 21Na Israelhene Baasa tee asɛm a asi no, ogyaee nʼadwuma a na ɔreyɛ de abɔ Rama ho ban no, kɔɔ Tirsa kɔtenaa hɔ. 22Afei, ɔhene Asa soma kɔɔ Yuda mmaa nyinaa, kɔkaa se ɔhwehwɛ sɛ obiara bɛboa asoa adansi abo ne nnua a na Baasa de reyɛ bammɔdwuma wɔ Rama no afi hɔ. Asa de saa bammɔ nneɛma no kyekyeree kurow Geba a ɛwɔ Benyamin ne Mispa nso.
23Asa ahenni ho nsɛm nkae ne nea ne tumi kodui no, ne nkurow a ɔkyekyeree no nyinaa din no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Mmom, ne nkwakorabɔ mu no, ɔyaree ne nan. 24Bere a Asa wui no, wosiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Yehosafat bedii nʼade sɛ ɔhene.
Nadab Di Hene Wɔ Israel
25Yeroboam babarima Nadab fii ase dii ade wɔ Israel bere a na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe abien mu. Odii ade wɔ Israel mfe abien. 26Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Odii nʼagya anammɔn akyi, toaa so yɛɛ bɔne, som abosom sɛnea na Yeroboam adi Israel anim ama wɔayɛ no.
27Na Ahiya babarima Baasa a ofi Isakar abusuakuw mu no pam Nadab ti so, kum no bere a na ɔne Israel asraafo akyere nsraban, retua Filistifo kurow Gibeton ano no. 28Baasa kum Nadab wɔ ɔhene Asa adedi wɔ Yuda mfe abiɛsa mu no so, na ɔbɛyɛɛ Israelhene a odi hɔ.
29Ntɛm ara, okunkum ɔhene Yeroboam asefo nyinaa a adehye abusua no mu baako koraa anka, sɛnea Awurade nam odiyifo Ahiya a ofi Silo ahyɛ bɔ afa Yeroboam ho no. 30Saa asɛm yi sii, efisɛ Yeroboam di a odii Israel anim ma wɔyɛɛ bɔne no hyɛɛ Awurade, Israel Nyankopɔn abufuw.
31Nadab ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 32Na akokoakoko wɔ Asa ne Israelhene Baasa ntam.
Baasa Di Israel So Hene
33Ahiya ba Baasa fii ase dii Israel so wɔ ɔhene Asa adedi wɔ Yuda no mfe abiɛsa mu. Baasa dii ade fii Tirsa mfe aduonu anan. 34Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Odii Yeroboam anammɔn akyi, som abosom, sɛnea Yeroboam dii Israel anim yɛe no.
161Na Awurade asɛm baa Hanani babarima Yehu so tiaa Baasa sɛ, 2“Mepagyaw wo fii mfutuma mu, de wo tuaa me nkurɔfo Israel ano. Nanso wofaa Yeroboam kwan bɔne no so, maa me nkurɔfo Israel yɛɛ bɔne, maa wɔn bɔne a wɔyɛɛ no hyɛɛ me abufuw. 3Enti merebɛsɛe Baasa ne ne fi, na mɛyɛ wo fi te sɛ Nebat babarima Yeroboam de. 4Wɔn a wobewuwu wɔ kurow no mu a wɔyɛ Yeroboam dea no de, akraman bɛwe wɔn nam. Na wim nnomaa na wɔbɛsosɔw wɔn a wobewuwu wɔ wuram no.”
5Na Baasa adedi ne ɛho nsɛm nkae, nea ɔyɛe ne ne nkɔso no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu. 6Baasa wui no, wosiee no wɔ Tirsa. Na ne babarima Ela dii nʼade sɛ ɔhene.
7Na Awurade asɛm nam Hanani babarima odiyifo Yehu so baa Baasa ne ne fifo so, esiane bɔne dodow a na wayɛ wɔ Awurade ani so no nti. Saa nneyɛe no hyɛɛ Awurade abufuw. Na ɔyɛɛ sɛnea ɔyɛɛ Yeroboam fi no ara pɛ, efisɛ Baasa nso sɛee Yeroboam fi.
Ela Di Israel So Hene
8Baasa babarima Ela fitii ase dii Israel so wɔ Tirsa a saa bere no, na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduonu asia. Odii hene wɔ Israel mfe abien.
9Na Simri, a na ɔyɛ ɔsafohene wɔ adehye nteaseɛnam no mu fa so, bɔɔ ne tirim pɔw sɛ obekum Ela. Da bi, Ela bow nsa wɔ Arsa a na ɔyɛ ahemfi sohwɛfo no fi wɔ Tirsa. 10Simri kɔɔ hɔ de ade kɔbɔɔ no ma ɔhwee fam wui. Saa asɛm yi sii wɔ ɔhene Asa adedi wɔ Yuda no afe a ɛto so aduonu ason mu. Enti Simri bɛyɛɛ ɔhene a odi so.
11Ɛhɔ ara, Simri kunkum Baasa adehye abusua no mu nnipa nyinaa a wannyaw ɔbarima baako koraa; na wanhwɛ sɛ ɔyɛ obusuani anaa adamfo mpo. 12Simri sɛee Baasa ahenni nnidiso no, sɛnea na Awurade afa odiyifo Yehu so ahyɛ no. 13Eyinom sii esiane Baasa ne ne babarima Ela bɔne ne wɔn bɔne dodow a wodii Israel anim ma wɔyɛɛ no nti. Wɔde wɔn abosom huhuw hyɛɛ Onyankopɔn abufuw.
14Ela ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
Simri Di Israel So Hene
15Simri tenaa Tirsa dii ade wɔ Israel, bere a na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduonu ason mu, nanso odii ade nnanson pɛ. Bere a Israel asraafo a na wɔrekɔtow ahyɛ Filistifo kurow Gibeton so no 16tee sɛ Simri akum ɔhene no, woyii ɔsahene Omri de no dii ade sɛ wɔn hene foforo. 17Enti Omri dii Israel asraafo anim, fi Gibeton kotuaa Tirsa a ɛyɛ Israel ahenkurow no. 18Bere a Simri huu sɛ wɔafa kurow no, ɔkɔɔ ɔhene atenae hɔ wɔ ne fi, na ɔhyew hɔ ne ne ho frae, maa owui wɔ ogyatannaa no mu. 19Na ɔno nso ayɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Odii Yeroboam anammɔn akyi, toaa bɔne a Yeroboam dii Israel anim yɛe no so.
20Simri adedi ho nsɛm nkae ne ne pɔw bɔne a ɔbɔe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
Omri Di Israel So
21Na afei, na Israelfo no mu akyɛ abien. Na nnipa no mu fa pɛ sɛ wɔma Ginat babarima Tibni di wɔn so hene, na ɔfa a aka no nso gyinaa Omri akyi. 22Nanso Omri akyidifo no bu faa Ginat babarima Tibni akyidifo no so. Enti wokum Tibni, maa Omri dii ɔhene.
23Omri fi ase dii hene wɔ Israel, bere a ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduasa baako mu. Ne nyinaa mu, odii ade mfe dumien a ɔde emu asia tenaa Tirsa. 24Na Omri tɔɔ bepɔw bi a mprempren wɔfrɛ no Samaria fii ne wura Semer nkyɛn, dwetɛ kilogram aduosia awotwe. Ɔkyekyeree kurow wɔ so, na ɔtoo kurow no din Samaria, de hyɛɛ Semer anuonyam. 25Nanso Omri yɛɛ bɔne Awurade ani so, na mpo, ne bɔne no so sen ahemfo a wodi nʼanim no de. 26Odii Yeroboam anammɔn akyi, kɔɔ so som abosom, sɛnea Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛɛ no. Ɔde eyi hyɛɛ Awurade, Israel Nyankopɔn, abufuw.
27Omri adedi ho nsɛm nkae no ne nea ne tumi ano kosi ne ne dwuma a odii no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 28Omri wui no, wosiee no wɔ Samaria. Na ne babarima Ahab na odii nʼade sɛ ɔhene.
Ahab Di Israel So Hene
29Omri ba Ahab fii ase dii Israel so hene bere a na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduasa awotwe mu. Odii ade wɔ Samaria mfe aduonu abien. 30Nanso Ahab yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Mpo, na ne bɔne no so sen ahemfo a wodi nʼanim no nyinaa mu biara de. 31Na ɔyɛɛ nea Yeroboam yɛɛ wɔ bɔneyɛ mu no bi. Wamma no anso hɔ ara. Ɔwaree Isebel a na ɔyɛ Sidonfohene Etbaal babea, na ofii ase som Baal, sɔree no. 32Nea edi kan no, osii abosomfi ne afɔremuka maa Baal wɔ Samaria. 33Afei, osii Asera dua. Ɔkɔɔ so yɛɛ pii de hyɛɛ Awurade, Israel Nyankopɔn abufuw sen ahemfo a wɔadi nʼanim wɔ Israel no nyinaa.
34Ahab ahenni so na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hiel a ofi Bet-El san kyekyeree Yeriko. Ɔtoo fapem no, nʼabakan Abiram wui. Na otintim abɔntenpon de wiee no nso, ne kaakyiri Segub nso wui. Eyi nyinaa sisii, sɛnea asɛm a efi Awurade nkyɛn fa Yeriko ho a Nun babarima Yosua kae no te.
17Kwaakwaadabi Ma Elia Aduan
1Afei, Elia a ofi Tisbi a ɛwɔ Gilead no ka kyerɛɛ ɔhene Ahab se, “Mmere dodow a Awurade, Onyankopɔn a mesɔre no som no, Israel Nyankopɔn te ase yi, ɛbɔ rensi, na osu nso rentɔ mfe kakraa bi mu, gye sɛ ɛnam mʼasɛm so.”
2Na Awurade ka kyerɛɛ Elia se, 3“Kɔ asu Kerit a ɛwɔ apuei fam no a ɛbɔ Asubɔnten Yordan mu no, na kohintaw hɔ. 4Nom asu no mu nsu, na di nea kwaakwaadabi no de bɛbrɛ wo, efisɛ, mahyɛ sɛ wɔmmrɛ wo aduan.”
5Enti Elia yɛɛ sɛnea Awurade aka akyerɛ no no. Ɔbɔɔ atenae wɔ asu Kerit ho. 6Kwaakwaadabi no brɛɛ no brodo ne nam anɔpa ne anwummere biara, na ɔnom nsu fii asu no mu. 7Akyiri no, asu no yowee, efisɛ na osu ntɔ wɔ asase no so baabiara.
Elia Ne Sarefat Ɔbea Kunafo No
8Na Awurade ka kyerɛɛ Elia se, 9“Kɔ na kɔtena akuraa Sarefat a ɛbɛn Sidon kurow no mu. Okunafo bi wɔ hɔ a ɔbɛma wo aduan adi. Makyerɛ no nea ɔnyɛ.”
10Na Elia kɔɔ Sarefat. Oduu kurow no abɔntenpon no ano no, ohuu okunafo bi a ɔrehwehwɛ mmabaa. Obisaa no se, “Mesrɛ wo, wubetumi ama me nsu kuruwa ma bi?” 11Ɔrekɔsaw nsu no aba no, ɔsrɛɛ no se, “Ɛyɛ a fa brodo sin bi nso ka ho.”
12Okunafo no kae se, “Meka Awurade, wo Nyankopɔn no ntam se, minni brodo sin koraa wɔ fie. Na nea mewɔ wɔ fie yɛ asikresiam kakra ne ngo toa ase kakraa bi. Mekɔpɛɛ mmabaa kakra a mede bɛnoa aduan a etwa to, na me ne me babarima adi, na afei yɛawuwu.”
13Nanso Elia ka kyerɛɛ no se, “Nsuro! Kɔ na kɔnoa aduan a etwa to no. Nanso ɛyɛ a, to brodo ketewa bi di kan ma me ansa. Na ɛno akyi no, aduan bebree bɛka ama wo ne wo ba no. 14Na sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn ka, ‘Daa asikresiam ne ngo pii bɛka wɔ wo adekorade no mu kosi bere a Awurade bɛma osu atɔ, ama nnɔbae anyin bio.’ ”
15Na ɔyɛɛ sɛnea Elia kae no. Enti ɔno, Elia ne ne ba no kɔɔ so dii asikresiam ne ngo a na ɔwɔ no ara nna bebree. 16Bere biara na wɔwɔ asikresiam ne ngo a ɛbɛso wɔn di wɔ wɔn adekorade mu sɛnea Awurade nam Elia so hyɛɛ ho bɔ no.
17Akyiri no, ɔbea no babarima no yaree. Ɔyare no kɔɔ so ara kosii sɛ abofra no wui. 18Ɔbea no bisaa Elia se, “Onyankopɔn nipa, dɛn na woayɛ me yi? Wobaa ha sɛ worebɛtwe mʼaso wɔ me bɔne a mayɛ ho nti na woakum me ba yi?”
19Nanso Elia ka kyerɛɛ no se, “Fa wo ba no ma me.” Na ogyee abarimaa no fii ne nsam. Ɔde no kɔɔ soro dan17.19 Abansoro dan no yɛ ahɔhodan na wɔkora aduan wɔ hɔ. bi a wɔsoɛɛ mu no mu. Ɔde owufo no too ne mpa so. 20Elia su guu Awurade so se, “Awurade, adɛn nti na wode saa awerɛhow yi abɛto okunafo yi a ɔde ne fi asom me hɔho yi so, na wama ne ba awu yi?” 21Obutuw abofra no so mprɛnsa, su guu Awurade so se, “Ao Awurade, me Nyankopɔn, mesrɛ, ma abofra yi nnya nkwa bio.”
22Awurade tiee Elia mpaebɔ, na abofra no nyaa nkwa bio. 23Enti Elia de no fi soro hɔ brɛɛ ne na, ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ, wo ba no anyan.”
24Na ɔbea no ka kyerɛɛ Elia se, “Afei, mahu pefee sɛ woyɛ Onyankopɔn nipa, na Awurade kasa fa wo so ampa.”
18Karmel Bepɔw So Akansi
1Mfe abiɛsa akyi no, Awurade asɛm baa Elia nkyɛn se, “Fa wo ho kɔkyerɛ ɔhene Ahab na ka kyerɛ no se ɛrenkyɛ biara, mɛma osu atɔ asase no so.” 2Elia de ne ho kɔkyerɛɛ ɔhene Ahab.
Na ɔkɔm no ano yɛɛ den yiye wɔ Samaria. 3Ahab frɛɛ Obadia a na ɔhwɛ nʼahemfi so no. Na Obadia gye Awurade di yiye. 4Bere a na Isebel rekunkum Awurade adiyifo no, Obadia faa adiyifo no ɔha de wɔn kosiee abodan abien mu a, wɔn mu aduonum biara da ɔbodan baako mu. Na ɔmaa wɔn aduan ne nsu. 5Ahab ka kyerɛɛ Obadia se, “Kɔ na kɔhwehwɛ asase no so mmura ne abon nyinaa sɛ ebia yebenya sare ama apɔnkɔ ne mfurum yi awe sɛnea wɔrenwuwu.” 6Enti wɔkyɛɛ asase no mu maa wɔn ho. Ahab faa fa na Obadia nso faa fa.
7Obadia nam no, Elia hyiaa no. Obadia huu no, kaee no nti, ɔkotow no wɔ fam kae se, “Enti wo ni, me wura Elia?”
8Elia buae se, “Yiw, kɔka kyerɛ wo wura se, ‘Elia wɔ ha.’ ”
9Obadia bisae se, “Me wura, dɛn bɔne na mayɛ a enti woresoma me Ahab nkyɛn ama wɔakum me yi? 10Mmere dodow a Awurade, wo Nyankopɔn te ase yi, ɔman anaa ahemman biara nni hɔ a me wura nsomaa obi wɔ so sɛ ɔnhwehwɛ wo. Na ɔman anaa ahemman biara a wɔbɛka sɛ wunni so no, ɔma wɔka ntam, ka se wɔanhu wo. 11Na afei, woka kyerɛ me sɛ menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, ‘Elia wɔ ha.’ 12Minnim baabi a sɛ migyaw wo hɔ kɔ a, Awurade honhom bɛpagyaw wo akosi. Sɛ mekɔka kyerɛ Ahab, na wanhu wo a, obekum me. Nanso me, wo somfo, masom Awurade fi me mmofraase. 13Me wura, wontee nea meyɛɛ bere a na Isebel rekunkum Awurade adiyifo no ana? Mede Awurade adiyifo no ɔha siee abodan abien mu a, na wɔn mu aduonum wɔ ɔbodan baako biara mu. Memaa wɔn aduan ne nsu nso. 14Na afei, woka kyerɛ me se menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, ‘Elia wɔ ha!’ Obekum me!”
15Elia kaa se, “Mmere dodow a Awurade a mesom no te ase yi, nea ɛbɛyɛ biara, mede me ho bɛma Ahab nnɛ.”
16Enti Obadia kohyiaa Ahab, ka kyerɛɛ no, na Ahab kohyiaa Elia. 17Ohuu Elia no, obisaa no se, “Wo ni, wo a wohaw Israelfo?”
18Elia buae se, “Menhaw Israel ɔkwan biara so. Na mmom, wo ne wʼagya fifo na moahaw Israel. Moagyae Awurade mmara so di, akodi Baal akyi. 19Enti frɛ Israel nnipa nyinaa na wommehyia me Karmel bepɔw so. Na fa Baal adiyifo ahannan aduonum ne Asera adiyifo ahannan a wodidi Isebel didipon so no nso bra.”
20Na Ahab soma kɔɔ Israel nyinaa kɔboaboaa adiyifo no ano wɔ Karmel bepɔw so. 21Elia dii nnipa no anim kae se, “Moadwene bɛyɛ ntanta wɔ saa asɛm yi ho akosi da bɛn? Sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a, munni nʼakyi, na sɛ Baal nso yɛ Onyankopɔn a, munni nʼakyi.” Nanso nnipa no yɛɛ dinn.
22Elia ka kyerɛɛ ɔman no se, “Me nko ara ne Awurade odiyifo a maka, nanso Baal wɔ adiyifo ahannan aduonum. 23Momma yɛn anantwinini abien. Momma wonyi mu baako, na wontwitwa no asinasin mfa ngu nnyina so, nsɔ wɔn mu gya. Nantwinini baako a waka no, mɛyɛ ne ho adwuma de agu nnyina so a merento mu gya. 24Na mobɛfrɛ mo nyame na me nso mafrɛ Awurade. Onyame a ɔnam ogya so gye so no, ɔno ne Onyankopɔn.”
Ɔmanfo no nyinaa penee so.
25Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifo no se, “Momfa anantwinini no baako, na munni kan nsiesie no, efisɛ mo dɔɔso. Momfrɛ mo nyame a, monnto mu gya.” 26Enti wɔfaa nantwinini a wɔkae se wɔmfa no no, siesiee no too afɔremuka no so. Afei, wɔfrɛɛ Baal, frɛɛ no, frɛɛ no fi anɔpa mu nyinaa se, “Ao, Baal! Tie yɛn oo!” Wɔteɛteɛɛ mu saa ara, nanso wɔannya mmuae biara! Afei wɔde anibere saw faa afɔremuka a wɔasi no ho hyiae.
27Eduu owigyinae no, Elia dii wɔn ho fɛw se, “Monteɛteɛ mu den! Ɔyɛ onyame! Ebia, ɔredwen biribi ho denneennen anaa ɔregye nʼahome, onyaa adagyew anaa watu kwan. Ebi nso a, na wada a ɛsɛ sɛ wonyan no.” 28Enti wɔteɛteɛ mu den, de afoa twitwaa wɔn ho wɔn ho, wowɔɔ wɔn ho wɔn ho peaw sɛnea wɔn amanne te, maa mogya pram wɔn. 29Owigyinae no twaa mu mpo no wɔtoaa wɔn nkɔmhyɛ no so, kosii anwummere afɔrebɔ bere no mu. Nanso mmuae biara amma. Wɔante obiara nne na obiara annye wɔn so.
30Afei, Elia ka kyerɛɛ ɔmanfo no nyinaa se, “Mommra me nkyɛn ha.” Wɔkɔɔ ne nkyɛn, na osiesiee Awurade afɔremuka a na abubu no. 31Elia faa abo dumien a baako biara gyina hɔ ma Israel abusuakuw baako, 32na ɔde abo no san sii Awurade afɔremuka no. Na otwaa amoa a ne trɛw bɛyɛ anammɔn abiɛsa faa afɔremuka no ho hyiae. 33Ɔde nnyansin guu afɔremuka no so, twitwaa nantwinini no asinasin guu so. Afei ɔkae se, “Monhyɛ nhina akɛse no nsu ma ma, na munhwie ngu afɔrebɔde no ne nnyansin no so.”
Wɔyɛɛ nea ɔkae no wiei no, 34ɔkae se, “Monyɛ saa ara bio!”
Na wɔyɛɛ saa wiei no, ɔkae se, “Monyɛ saa ne mprɛnsa so.” Wɔyɛɛ sɛnea ɔkae no, 35maa nsu no sen faa afɔremuka no ho, maa mpo, ebu faa amoa no so.
36Eduu bere a ɛsɛ sɛ wɔbɔ anwummere afɔre, sɛnea wɔn amanne kyerɛ no, odiyifo Elia kɔɔ afɔremuka no so, bɔɔ mpae se, “Awurade, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn, kyerɛ nnɛ sɛ woyɛ Nyankopɔn wɔ Israel, na meyɛ wo somfo. Kyerɛ sɛ, nea mereyɛ yi nyinaa fi wo. 37Awurade, tie me! Tie me na saa nnipa yi nyinaa nhu sɛ, Awurade, woyɛ Onyankopɔn a woatwe wɔn asan aba wo nkyɛn.”
38Nʼano sii pɛ, na ogya a efi Awurade nkyɛn tew fii soro bɛhyew nantwinini ba no, nnyansin no, abo no ne mfutuma no. Mpo, ɛyow amoa no mu nsu no nyinaa.
39Nnipa no hui no, wɔde wɔn anim butubutuw fam, teɛteɛɛ mu se, “Awurade yɛ Onyankopɔn! Awurade yɛ Onyankopɔn!”
40Na Elia hyɛe se, “Monkyere Baal adiyifo no nyinaa. Mommma wɔn mu baako koraa nguan.” Enti ɔmanfo no kyekyeree wɔn nyinaa. Na Elia de wɔn kɔɔ Kison bon mu kokunkum wɔn wɔ hɔ.
Elia Bɔ Osutɔ Ho Mpae
41Elia ka kyerɛɛ Ahab se, “Kɔ na kodi aduan pa, ma wo ho ntɔ wo! Na mate sɛ osu kɛse bi rebɛtɔ.” 42Enti Ahab too pon. Na Elia foro kɔɔ Karmel bepɔw atifi, kobutuw fam, bɔɔ mpae.
43Na ɔka kyerɛɛ ne somfo se, “Kɔ na fa wʼani kyerɛ po so.”
Ɔsomfo no kɔ kɔhwɛɛ hɔ, na ɔba bɛka kyerɛɛ Elia se, “Manhu hwee.”
Elia kaa saa kyerɛɛ no mpɛn ason sɛ ɔmfa nʼani nkɔkyerɛ hɔ. Ɔno nso kɔɔ mpɛn ason.
44Ne mpɛn ason so no, ne somfo no ka kyerɛɛ no se, “Mihuu omununkum bi a ɛte sɛ onipa abasa a apue afi po no so reforo.”
Ɛhɔ ara na Elia teɛɛ mu se, “Ntɛm! Kɔ Ahab nkyɛn kɔka kyerɛ no. ‘Foro wo teaseɛnam no, na san kɔ fie. Sɛ woanka wo ho a, osu no besiw wo kwan.’ ”
45Ankyɛ biara na osu munaa tumm. Osuframa bɔe, na osu kɛse tɔe, na ntɛm so, Ahab kɔɔ Yesreel. 46Afei, Awurade maa Elia ahoɔden sononko bi. Ɔkekaa nʼatade hyɛɛ nʼabɔso mu, na odii Ahab teaseɛnam no kan ara kosii Yesreel kwan ano.
19Elia Guan Kɔ Bepɔw Sinai So
1Bere a Ahab duu fie no, ɔkaa nea Elia ayɛ nyinaa ne sɛnea wakunkum Baal adiyifo nyinaa no kyerɛɛ Isebel. 2Enti Isebel de saa nkra yi kɔmaa Elia se, “Sɛ ɔkyena sesɛɛ na minkum wo, sɛnea woakum nkurɔfo yi a, anyame no nkum me bi.”
3Elia tee nkra no, osuroe, enti oguan de peree ne ti. Ɔkɔɔ kurow bi a ɛwɔ Yuda a wɔfrɛ no Beer-Seba, gyaw ne somfo wɔ hɔ, 4na nʼankasa nantew da mu nyinaa kɔɔ sare so. Ɔkɔtenaa dutan bi a na ayɛ frɔmfrɔm ase, na ɔbɔɔ mpae sɛ anka onwu. Ɔkae se, “Nea mahu no ara dɔɔ me so, Awurade. Twa me nkwa so na minnye nsen mʼagyanom.”
5Na ɔdaa dua no ase.
Na ne nna mu no, ɔbɔfo bɛkaa no, ka kyerɛɛ no se, “Sɔre na didi.” 6Ɔhwɛɛ ne ho hyia huu brodo bi a wɔato no nnyansramma so, ne kuruwa a nsu wɔ mu. Enti odidii, nom nsu no, san daa bio.
7Na Awurade bɔfo no san baa bio bɛkaa no kae se, “Sɔre na didi pii ka ho, na ɔkwan a ɛda wʼanim no ware.” 8Enti ɔsɔre didi nomee. Aduan no maa no nyaa ahoɔden a ɔde betwa kwan adaduanan, awia ne anadwo akɔ Horeb19.8 Herob yɛ Sinai Bepɔw no din foforo a ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Mose. a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔw no so. 9Okoduu ɔbodan bi ho, na ɔdaa mu anadwo no.
Awurade Kasa Kyerɛ Elia
Na Awurade bisaa no se, “Elia, dɛn na woreyɛ wɔ ha?”
10Elia buae se, “Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Nyankopɔn. Nanso Israelfo abu apam a wɔne wo hyehyɛe no so, nam so abubu wʼafɔremuka nyinaa, akunkum wʼadiyifo a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrehwehwɛ me akum me nso.”
11Awurade ka kyerɛɛ no se, “Fi adi kogyina mʼanim wɔ bepɔw no so.” Na bere a Elia gyina hɔ no, Awurade bɛfaa hɔ, na mframa dennen bi bɔ sii bepɔw no mu.
Na mframa no ano den no twitwaa abotan no mu. Nanso na Awurade nni mframa no mu. Mframa no akyi no, asase wosowee. Nanso na Awurade nni asasewosow no mu. 12Na asasewosow no akyi, ogya puei. Nanso na Awurade nni ogya no mu. Na ogya no akyi, nne bi a ɛyɛ bɔkɔɔ te sɛ nea wɔde ka asomsɛm bae. 13Elia tee nne no, ɔde nʼatade kataa nʼanim19.13 Elia kataa nʼanim, efisɛ obiara nhu Onyankopɔn mma onnya nkwa na ofi ɔbodan no mu, kogyinaa ano kwan no ano.
Na nne bi bisae se, “Elia, dɛn na woreyɛ wɔ ha?”
14Obuaa bio se, “Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Nyankopɔn. Nanso Israelfo abu apam a wɔne wo hyehyɛe no so, nam so abubu wʼafɔremuka nyinaa, akunkum wʼadiyifo a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrehwehwɛ me akum me nso.”
15Na Awurade ka kyerɛɛ no se, “San wʼakyi kɔ faako a wufi bae, na kɔ Damasko sare so. Na sɛ wudu hɔ a, sra Hasael ngo, si no Aramhene. 16Afei, sra Nimsi babarima Yehu, na ɔnyɛ Israelhene, na sra Safat babarima Elisa a ofi Abel-Mehola, na onsi wʼanan mu sɛ me diyifo. 17Obiara a obeguan afi Hasael ho no, Yehu bekum no, na obiara a obeguan afi Yehu ho nso no, Elisa bekum no. 18Eyinom akyi no, mɛbɔ nnipa afoforo mpem ason bi a wɔwɔ Israel a wɔnkotow Baal, mfew nʼano da, no ho ban.”
Elisa Frɛ
19Na Elia fii hɔ kɔ kohuu Safat babarima Elisa, na ɔde anantwi mpamho dumien refuntum afuw a nʼankasa reka mpamho a ɛto so dumien no. Elia kɔɔ ne nkyɛn kɔtow nʼatade guu ne so. 20Elisa gyaw anantwi no hɔ, tuu mmirika dii Elia akyi, ka kyerɛɛ no se, “Ma menkɔkra mʼagya ne me na ansa na me ne wo akɔ.”
Elia buae se, “San kɔ. Dɛn na mayɛ wo?”
21Afei, Elisa san kɔɔ anantwi no ho kokunkum wɔn. Ɔde funtumfiri no ho nnua no yɛɛ nnyansin de noaa nam no de maa mmarima no ma wɔwee. Afei ɔkɔ kodii Elia akyi ma ɔbɛyɛɛ ne somfo.
20Ben-Hadad Tow Hyɛ Samaria So
1Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakofo nyinaa ano, a nteaseɛnam ne apɔnkɔ a wɔyɛ ahemfo aboafo aduasa abien de ka ne ho. Wokotuaa Israel kuropɔn Samaria ano, tow hyɛɛ so. 2Ben-Hadad somaa abɔfo kɔɔ kurow no mu, sɛ wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Ahab se, “Ben-Hadad se, 3‘Mo dwetɛ ne mo sikakɔkɔɔ yɛ me de. Saa ara na mo yerenom ne mo mma mu apapa no nso yɛ me de.’ ”
4Ahab buae se, “Mate, me wura! Nea mewɔ nyinaa yɛ wo de.”
5Ankyɛ biara Ben-Hadad abɔfo san baa bio bɛkae se, “Ben-Hadad se, ‘Maka dedaw sɛ momfa mo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, mo yerenom ne mo mma mma me. 6Ɔkyena sesɛɛ, mɛsoma me mpanyimfo, na wɔabɛhwehwɛ mo ahemfi ne mo nkurɔfo afi. Na biribiara a ɛsom bo ma mo no, wɔbɛfa de akɔ.’ ”
7Na Ahab frɛɛ asase no so ntuanofo no nyinaa, ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ sɛnea saa ɔbarima yi pɛ sɛ ɔde ɔhaw ba. Mapene so dedaw sɛ mede me yerenom, me mma, me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ bɛma no.”
8Ntuanofo ne nnipa no nyinaa kae se, “Ntie no, na nnye nʼabisade no nto mu.”
9Enti Ahab ka kyerɛɛ abɔfo a wofi Ben-Hadad nkyɛn bae no se, “Monkɔka saa asɛm yi nkyerɛ me wura ɔhene se, ‘Biribiara a obisaa kan no de, mede bɛma no. Na nea obisaa no akyiri yi de, merentumi mfa mma no.’ ” Enti Ben-Hadad abɔfo no san kɔbɔɔ no amanneɛ.
10Na Ben-Hadad soma kɔka kyerɛɛ Ahab se, “Sɛ mansɛe Samaria pasaa, na emu mfutuma dodow bi ka a ɛbɛboro asraafo no mu biara nsa ma a, anyame no ntwe mʼaso nea ɛyɛ den.”
11Israelhene nso soma ma wɔkɔka kyerɛɛ no se, “Ɛnsɛ sɛ ɔkofo kɛse a ɔrefa nʼafoa akɔ akono tu ne ho sɛ ɔkofo kɛse a wadi nkonim dedaw.”
12Ahab mmuae yi duu Ben-Hadad ne ahemfo a wɔaka no asom bere a na wɔrenom nsa wɔ wɔn ntamadan mu. Ɔhyɛɛ ne mmarima no se, “Munsiesie mo ho nkɔko.” Enti wosiesiee wɔn ho sɛ wɔrekɔtow ahyɛ kuropɔn no so.
Ahab Di Ben-Hadad So Nkonim
13Na odiyifo bi behuu ɔhene Ahab ka kyerɛɛ no se, “Sɛnea Awurade se ni, ‘Wuhu saa atamfo dɔm yi? Nnɛ, mede wɔn bɛhyɛ wo nsa. Na wubehu sɛ mene Awurade.’ ”
14Ahab bisae se, “Na dɛn na ɔbɛyɛ no?” Na odiyifo no buae se, “Sɛnea Awurade se ni, ‘Asraafo so asahene a wotuatua amansin ano no na wɔbɛyɛ.’ ”
Ahab bisae se, “Enti yenni kan ntow nhyɛ wɔn so ana?”
Odiyifo no buae se, “Yiw.”
15Enti Ahab boaboaa asraafo so asahene nkumaa ahannu aduasa abien wɔhyehyɛ amansin asahene ase ano. Afei, ɔfrɛɛ Israel akofo a wɔaka a wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ason no. 16Ɛbɛyɛ owigyinae a Ben-Hadad ne nʼapamfo ahemfo aduasa abien gu so rebow nsa wɔ wɔn ntamadan mu no, 17amansin asahene asraafo no tuu teɛe, fii kurow no mu. Wɔrebɛn no, Ben-Hadad akwansrafo ka kyerɛɛ no se, “Asraafo dɔm bi fi Samaria reba.”
18Ben-Hadad hyɛe se, “Sɛ wɔbaa asomdwoe anaa ɔko so a, monkyere wɔn anikann.”
19Nanso saa bere no, na Ahab amansin asahene nkumaa no adi kan a asraafo no bɔ wɔn kyidɔm 20a Israel ɔsraani biara kum ne tamfo Aram ɔsraani a ɔne no dii asi. Ɛno nti, amono mu hɔ ara, Aram asraafo no bɔɔ hu, guanee. Israelfo no taa wɔn, nanso ɔhene Ben-Hadad ne ne nkurɔfo kakra bi de, wɔtenaa apɔnkɔ so guanee. 21Nanso wɔsɛee apɔnkɔ ne nteaseɛnam a ɛkaa hɔ no nyinaa, kunkum Aramfo no.
22Akyiri no, odiyifo no ka kyerɛɛ Ahab se, “Siesie wo ho ma ɔko foforo na Aramhene bɛba asusowbere mu.”
Ben-Hadad Ɔtow A Ɛto So Abien
23Wodii Ben-Hadad so no, ne mpanyimfo no ka kyerɛɛ no se, “Israel anyame no yɛ mmepɔw anyame, na ɛno nti na ɛma wodii nkonim no. Na sɛ wodu tataw so a, yebedi wɔn so nkonim a yɛremmrɛ ho koraa. 24Nea ɛho hia ara ne sɛ, saa bere yi, ɛsɛ sɛ wode akono asahene sisi ahemfo no anan mu. 25Momfa asraafo foforo a wɔn dodow te sɛ wɔn a wohweree wɔn no ara. Ma yɛn apɔnkɔ no dodow, nteaseɛnam ne mmarima dodow saa ara, na yebetumi ne wɔn adi asi wɔ tataw so. Akyinnye biara nni ho sɛ yebedi wɔn so.” Enti ɔhene Ben-Hadad yɛɛ wɔn abisade maa wɔn.
26Na afe so no, ɔfrɛɛ Aram asraafo, tuu teɛ kɔɔ Israelfo so wɔ Afek sɛ wɔne wɔn rekɔko. 27Israel boaboaa nʼasraafo ano, twaa sa, de wɔn ho hyɛɛ ɔko no mu. Na sɛ wɔde Israel asraafo no toto Aram asraafo no dodow a wɔahyɛ hɔ ma no ho a, na Israel asraafo no dodow te sɛ mmirekyikuw nketewa abien bi.
28Onyankopɔn nipa no kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Sɛnea Awurade se ni: Aramfo no aka se, ‘Awurade yɛ mmepɔw Awurade na ɔnyɛ tataw so Awurade. Enti mɛboa wo ama woadi asraafo buburugyaa yi so. Na ɛbɛma woahu sɛ, mene Awurade no.’ ”
29Asraafo dɔm abien yi bobɔɔ wɔn atenae, ma edii nhwɛanim nnanson. Na nnanson so no, ɔko no hyɛɛ ase. Da no ara, Israelfo no kunkum Aram anammɔnmufo asraafo no mpem ɔha. 30Nkae no guan kɔtɛw Afek fasu akyi, nanso ɔfasu no bu guu wɔn so, kum mpem aduonu ason. Ben-Hadad guan kɔtɛw kokoa mu dan bi mu wɔ kurow no mu.
31Ben-Hadad mpanyimfo ka kyerɛɛ no se, “Owura, yɛate sɛ Israel ahemfo wɔ ahummɔbɔ. Ɛno nti, momma yemfura atweaatam, mfa hama mmɔ yɛn ti ase mfa nkyerɛ ahobrɛase. Na ebia, ɔhene Ahab bɛma woatena ase.”
32Enti wofurafuraa atweaatam, de ahama bobɔɔ wɔn ti, kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔsrɛɛ no se, “Wo somfo Ben-Hadad se, ‘Mesrɛ wo, ma me ntena nkwa mu.’ ” Israelhene no bisae se, “Ɔda so te ase ana? Ɔyɛ me nuabarima!”
33Mmarima no yɛɛ ntɛm soo anidaso a enni nnyinaso yi mu, buae se, “Yiw, wo nua Ben-Hadad.”
Israelhene no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔfa no mmra.” Bere a wɔde Ben-Hadad bae no, Ahab ma ɔkɔtenaa ne teaseɛnam mu.
34Ben-Hadad ka kyerɛɛ no se, “Mede nkurow a mʼagya gye fii wʼagya nsam no bɛsan ama wo, na woahyehyɛ aguadi wɔ Damasko, sɛnea mʼagya yɛɛ wɔ Samaria no.”
Na Ahab kae se, “Saa nhyehyɛe yi so na megyina na magyaa wo.” Enti, wɔyɛɛ apam, na wogyaa Ben-Hadad.
Odiyifo Bi Bu Ahab Atɛn
35Bere no ara mu, Awurade see adiyifokuw no mu baako se, ɔnka nkyerɛ ɔfoforo se, “Fa wʼakode no bɔ me.” Nanso wanyɛ.
36Na saa odiyifo no ka kyerɛɛ ɔfoforo no se, “Sɛ woantie Awurade nne nti, sɛ wufi ha ara pɛ a, gyata bekum wo.” Ampa ara, ofii hɔ ara pɛ na gyata huu no kum no.
37Na odiyifo no kɔɔ ɔbarima foforo nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Fa wʼakode yi bɔ me.” Ɔno de, ɔbɔɔ odiyifo no, piraa no.
38Odiyifo no twɛn ɔhene no wɔ ɔkwankyɛn a ɔde ntamabamma akyekyere nʼani, de pɛɛ sɛ ɔsakra ne ho. 39Ɔhene no retwa mu no, odiyifo no frɛɛ no se, “Owura, na mewɔ akono na ɔbarima bi de odeduani brɛɛ me. Ɔkae se, ‘Wɛn saa ɔbarima yi, na sɛ biribi nti oguan a, wobekum wo anaasɛ wɔbɛbɔ wo ka dwetɛ kilogram aduasa awotwe.’ 40Na bere a mʼani abere redi dwuma bi no, odeduani no guanee. Na ɔhene no kae se, ‘Ɛyɛ wʼankasa wo mfomso. Wo ara woabu wo ho atɛn.’ ”
41Ɛhɔ ara na odiyifo no san ntamabamma no fii nʼani, na Israelhene no huu no sɛ ɔyɛ adiyifo no mu baako. 42Na odiyifo no ka kyerɛɛ no se, “Sɛnea Awurade se ni: Esiane sɛ woagyaa ɔbarima a mekae se, ɛsɛ sɛ wokum no no nti, ɛsɛ sɛ wokum wo mprempren si nʼanan mu. Na anka ɛsɛ sɛ ne nkurɔfo na mukunkum wɔn, na mmom, wo nkurɔfo na wobekunkum wɔn.” 43Israelhene no de abufuw kɔɔ nʼahemfi wɔ Samaria.
21Nabot Bobeturo
1Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Nabot a ofi Yesreel wɔ bobeturo bi a ɛbɛn Samariahene Ahab ahemfi. 2Ahab ka kyerɛɛ Nabot se, “Fa wo bobeturo no ma me, na memfa asase no nyɛ atosodeturo, efisɛ ɛbɛn mʼahemfi pɛɛ. Sɛ wopene so de ma me a, mɛma wo bobeturo papa, na sɛ nso wopɛ a, bo biara a asase no di no, metua.”
3Nanso Nabot buae se, “Awurade mma ɛmpare me sɛ mede mʼagyanom agyapade bɛma wo.”
4Enti Ahab san kɔɔ ahemfi hɔ a ne bo afuw ne ho pɔtɔɔ. Ɔkɔdae a wannidi, de nʼanim kyerɛɛ ɔfasu.
5Ne yere Isebel bebisaa no se, “Adɛn nti na woayɛ bosaa saa? Adɛn nti na wompɛ sɛ wudidi?”
6Obuaa no se, “Meka kyerɛɛ Nabot, Yesreelni no se, ɔntɔn ne bobeturo no mma me anaasɛ, mɛma no bi ahyɛ anan, nanso wampene.”
7Ne yere Isebel bisae se, “Wonyɛ Israelhene ana? Sɔre na didi! Mma eyi nhaw wo. Megye Nabot bobeturo no ama wo!”
8Na Isebel kyerɛw nkrataa wɔ Ahab din mu, de ne nsɔwano sɔw ano, de kɔmaa mpanyimfo ne akunini a wɔne Nabot te kuropɔn no mu no. 9Krataa no mu nsɛm ne sɛ:
“Yi da bi to hɔ a wɔde bɛyɛ akɔnkyen, na ma Nabot ntena anuonyambea wɔ nnipa no mu. 10Monhwehwɛ ahuhufo baanu na wɔmmɔ no kwaadu sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Na afei, momfa no mfi adi, nkosiw no abo nkum no.”
11Enti mpanyimfo ne atitiriw a wɔte Nabot kurow no mu no yɛɛ nea Isebel kaa wɔ nkrataa no mu sɛ wɔnyɛ no. 12Wofii akɔnkyen no ase, de Nabot tenaa anuonyambea wɔ nnipa no mu. 13Na ahuhufo baanu no bɛbɔɔ Nabot kwaadu wɔ nnipa no anim sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Enti wɔde no kɔɔ kurotia, kosiw no abo kum no. 14Na wɔsoma kɔɔ Isebel nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no se, “Wɔasiw Nabot abo, ama wawu.”
15Bere a Isebel tee sɛ wɔasiw Nabot abo, akum no no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ Ahab se, “Sɔre na kɔfa Nabot, Yesreelni no bobeturo no a ɔde kamee wo sɛ ɔrentɔn mma wo no. Ɔnte ase bio, na wawu.” 16Enti ɛhɔ ara, Ahab sian kɔfaa Nabot bobeturo no.
17Na Awurade asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ, 18“Kɔ na kohyia Israelhene Ahab a odi Samaria so no. Mprempren ara ɔwɔ Nabot bobeturo no mu a ɔrebɛfa. 19Ka kyerɛ no se, ‘Ɛnnɔɔso sɛ wukum Nabot? Ɛsɛ sɛ wobɔ no korɔn nso? Nea woayɛ yi nti beae a akraman taforoo Nabot mogya no, ɛhɔ ara na akraman bɛtaforo wo mogya, Yiw, wʼankasa wo mogya!’ ”
20Ahab ka kyerɛɛ Elia se, “Woahu me, me tamfo.”
Obuae se, “Yiw maba bio efisɛ woatɔn wo ho ama ɔbɔnefo no wɔ Awurade ani so. 21‘Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛbrɛ wo. Mɛhyew wʼasefo nyinaa, na matwa ɔbarima a otwa to koraa wɔ Israel, sɛ ɔyɛ akoa anaa ɔdehye, afi Ahab ho. 22Mɛma wo fi ayɛ sɛ Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afi, efisɛ woahyɛ me abufuw ama Israel ayɛ bɔne!’
23“Na Isebel nso, Awurade ka se, Yesreel akraman bɛwe ne nam wɔ kuropɔn no afasu ho.
24“Wɔn a na wɔwɔ Ahab afa a wowuwuu wɔ kurow no mu no nso, akraman bɛwe wɔn nam, na apete nso asosɔw wɔn a wowuwuu wɔ wuram no nam.”
25(Obiara nni hɔ a ɔtɔn ne ho maa bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea Ahab yɛe no, efisɛ ne yere Isebel tuu no fo bɔne. 26Ɔyɛɛ bɔne ara, kosii sɛ ɔkɔɔ ahoni so, te sɛ Amorifo21.26 Din Amorifo no gyina hɔ ma Palestinafo a na wɔte hɔ dedaw ansa na Israelfo reba no (1 Mose 15.15; 2 Mose 23.23; 5 Mose 1.7). a Awurade pam wɔn wɔ Israelfo anim no).
27Ahab tee saa asɛm yi no, osunsuan ne ntade mu, furaa atweaatam, kyenee kɔm. Ofuraa atweaatam no saa de awerɛhow a emu yɛ den kyinkyinii.
28Na Awurade asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ, 29“Woahu sɛnea Ahab brɛɛ ne ho ase wɔ mʼanim? Esiane sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase nti, meremfa saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi a ɛwɔ hɔ ma no nnɛ yi mmrɛ no. Ɛbɛba ne mmabarima so; mɛsɛe nʼasefo nyinaa.”
22Yehosafat Ne Ahab
1Ɔko biara ansi Aram ne Israel ntam mfe abiɛsa. 2Na mfe abiɛsa no mu, ɔhene Yehosafat a odi ade wɔ Yuda kɔɔ Israelhene Ahab nkyɛn. 3Na Ahab abisa ne mpanyimfo se, “Moahu sɛ Aramfo da so te yɛn kurow Ramot Gilead mu ana? Nanso yɛnyɛɛ ho hwee!”
4Enti obisaa Yehosafat se, “Wobɛka me ho na yɛako atia Ramot Gilead ana?”
Na Yehosafat buaa ɔhene Ahab se, “Adɛn? Ɛyɛ asɛm a ɛda ne kwan mu. Wo ne me yɛ anuanom, na mʼakofo yɛ wo de sɛ wobɛka asɛm a wopɛ akyerɛ wɔn. Mpo, mʼapɔnkɔ da wo da.” 5Na Yehosafat ka kaa ho se, “Nea edi kan no, ma yemmisa Awurade hɔ afotu.”
6Enti ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifo a wɔn dodow bɛyɛ ahannan no nyinaa, bisaa wɔn se, “Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?”
Wɔn nyinaa buae se, “Kɔ so! Awurade bɛma woadi nkonim anuonyam so.”
7Nanso Yehosafat bisae se, “Enti Awurade diyifo biara nso nni ha? Anka mepɛ sɛ mibisa no saa asɛm koro no ara.”
8Ɔhene Ahab buae se, “Awurade diyifo baako da so wɔ ha, nanso metan no. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ nkɔm bɔne na ɔhyɛ fa me ho. Ne din de Mikaia a ɔyɛ Imla babarima.”
Na Yehosafat kae se, “Nkasa saa. Momma yentie asɛm a ɔwɔ ka.”
9Enti Israelhene frɛɛ ne mpanyimfo no mu baako, ka kyerɛɛ no se, “Ka wo ho kɔfa Imla babarima Mikaia bra.”
Mikaia Hyɛ Nkɔm Tia Ahab
10Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntade, tenaa wɔn ahengua mu wɔ apongua a ɛbɛn Samaria kwan no ano. Saa bere no, na Ahab adiyifo no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim. 11Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnade yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi se, “Sɛnea Awurade se ni: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfo yi ama wɔawuwu!”
12Adiyifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so kae se, “Yiw, monkɔ Ramot-Gilead, na munkodi nkonim, efisɛ Awurade bɛma moadi nkonim.”
13Na ɔbɔfo a ɔkɔfaa Mikaia no ka kyerɛɛ no se, “Tie, adiyifo no nyinaa hyɛ nkonimdi ho nkɔm ma ɔhene. Hwɛ sɛ wo ne wɔn adwene bɛyɛ baako, na wo nso, wobɛhyɛ nkonimdi ho nkɔm.”
14Nanso Mikaia buae se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, nea Awurade aka akyerɛ me sɛ menka no, ɛno na mɛka.”
15Bere a Mikaia beduu ahemfi no, Ahab bisaa no se, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?”
Na Mikaia buae se, “Monkɔ! Na Awurade bɛma ɔhene adi nkonim anuonyam so.”
16Ɔhene amma nʼano ansi, na obuaa no se, “Mpɛn ahe na menka nkyerɛ wo se, sɛ worekasa ama Awurade a, ka nokwasɛm?”
17Na Mikaia ka kyerɛɛ no se, “Anisoadehu mu, mihuu sɛ Israel abɔ apete mmepɔw no so, te sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo. Na Awurade kae se, ‘Wɔakum wɔn wura. Ma wɔnkɔ fie asomdwoe mu.’ ”
18Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Manka saa ankyerɛ wo ana? Da biara saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ atoro nkɔm na ɔhyɛ fa me ho.”
19Mikaia toaa so se, “Tie nea Awurade ka. Mihuu Awurade sɛ ɔte nʼahengua so a ne ɔsorofo asraafo nyinaa atwa ne ho ahyia wɔ ne nifa ne ne benkum so.” 20Na Awurade bisae se, “Hena na obetumi adaadaa Ahab, ama wakɔ ɔko atia Ramot Gilead, a ebetumi aba sɛ wobekum no wɔ hɔ?”
Wosusuw nsɛm ahorow bebree ho wɔ hɔ, 21kosii sɛ ne koraa no, honhom bi bɛnee Awurade kae se, “Metumi ayɛ!”
22Awurade bisae se, “Ɔkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ eyi?”
Na honhom no buae se, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifo, ama wɔadi atoro.”
Awurade kae se, “Kɔ so yɛ, na wubedi nkonim.
23“Enti woahu sɛ Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifo no anom. Awurade adwene sɛ ɔde amanehunu bɛba wo so.”
24Afei Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ nʼani so. Obisaa no se, “Da bɛn na Awurade honhom fii me mu bɛkasa kyerɛɛ wo?”
25Na Mikaia buae se, “Ɛrenkyɛ biara, wubehu nokware no, bere a wubeguan akɔtetɛw kokoa mu dan bi mu.”
26Israelhene Ahab hyɛe se, “Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kurow no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn. 27Monka saa asɛm a efi ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn se, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduan biara sɛ brodo ne nsu, kosi sɛ mefi akono bɛba asomdwoe mu.’ ”
28Nanso Mikaia buae se, “Sɛ wosan ba asomdwoe mu a, na ɛkyerɛ sɛ, Awurade amfa me so ankasa.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina hɔ, atwa ne ho ahyia no se, “Saa asɛm a maka yi, monhyɛ no nsow.”
Ahab Wu
29Na Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn asraafo anim, kɔtow hyɛɛ Ramot-Gilead so. 30Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsakra me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara renhu me. Nanso, wo de, hyɛ wʼahentade.” Enti Ahab sakraa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no.
31Saa bere no, na Aramhene aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafo aduasa abien no sɛ, “Monkɔtow nhyɛ Israelhene nko ara so!” 32Enti bere a Aramhene nteaseɛnamkafo no huu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentade no, wɔtaa no. Wɔteɛteɛɛ mu se, “Israelhene no ne no.” Nanso, bere a Yehosafat teɛɛ mu no, 33nteaseɛnamkafo no huu sɛ ɛnyɛ ɔno ne Israelhene no nti, wogyaw nʼakyidi.
34Aram sraani bi de anibiannaso tow agyan kyerɛɛ Israel asraafo no so, maa ɛkɔwɔɔ Israelhene wɔ ne nkatabo ahyiae so. Ahab teɛɛ mu kyerɛɛ ne teaseɛnamkafo no se, “Fa me fi ha ntɛm, na wɔapira me pa ara.” 35Ɔko no kɔɔ so saa ara da mu no nyinaa, na wɔde Ahab twerii biribi wɔ ne teaseɛnam mu a nʼani kyerɛ Aramfo no. Mogya tuu no fi nʼapirakuru no mu, guu teaseɛnam no mu, na onwini dwoe no, owui. 36Onwini reyɛ adwo no, wɔteɛteɛɛ mu faa asraafo no nyinaa mu se: “Ɔko no aba awiei. Monsan nkɔ fie!”
37Na ɔhene no wui no, wɔde nʼamu no kɔɔ Samaria, kosiee no wɔ hɔ. 38Na wɔhoroo ne teaseɛnam no ho wɔ asubura bi a ɛwɔ Samaria a nguamanfo guare hɔ, na akraman bɛtaforoo ɔhene no mogya no, sɛnea Awurade aka ato hɔ no.
39Nsɛm a ɛfa Ahab ahenni ho ne asonse ahemfi ho asɛm ne nkurow a ɔkyekyeree nyinaa no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu. 40Bere a Ahab wui no, wosiee no wɔ nʼagyanom mu. Na ne babarima Ahasia dii nʼade sɛ ɔhene.
Yehosafat Di Hene Wɔ Yuda
41Asa babarima Yehosafat bedii Yuda so bere a na Ahab adi ade wɔ Israel ne mfe anan so no. 42Odii ade no, na wadi mfe aduasa anum, na odii ade Yerusalem mfirihyia aduonu anum. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi babea. 43Na Yehosafat yɛ ɔhene papa a odii nʼagya Asa anammɔn akyi. Ɔyɛɛ ade a ɛsɔ Awurade ani. Nanso, nʼahenni mu no, wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no. 44Yehosafat ne Israelhene tenaa ase asomdwoe mu.
45Nsɛm a ɛfa Yehosafat ahenni ho nkae no, faako a ne tumi kodui ne ako a odii no nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu. 46Ɔpam abosomfi so nguamanfo a na wogu so bɔ aguaman fii nʼagya Asa bere so no nyinaa. 47Saa bere no, na ɔhene nni Edom gye kurow no sohwɛfo nko.
48Yehosafat yɛɛ aguadihyɛn bebree sɛ ɛnkɔ Ofir nkɔhwehwɛ sikakɔkɔɔ. Nanso ahyɛn no antumi anyɛ adwuma. Ɛsɛee wɔ Esion-Geber. 49Saa bere no, Ahab babarima Ahasia susuw ho kyerɛɛ Yehosafat se, “Ma me mmarima ne wo mmarima nkɔ po so akwan nsrahwɛ.” Nanso Yehosafat ampene so.
50Yehosafat wui no, wosiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Ne babarima Yehoram na odii nʼade sɛ ɔhene.
Ahasia Di Hene Wɔ Israel
51Ahab babarima Ahasia fii ase dii Israel so bere a na Yehosafat adi ade mfe dunson wɔ Yuda. Odii ade wɔ Samaria mfe abien. 52Na ɔfaa nʼagya ne ne na ne Nebat babarima Yeroboam anammɔn so, som ahoni, yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. 53Ɔsom Baal, sɔree no, nam so fuw Awurade, Israel Nyankopɔn, bo sɛnea nʼagya yɛe no.